بِسْمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحْمَـٰنِ ٱلرَّحِيمِ
    Al-Quran Multilingual
    The Holy Quran
    Twi
    Translation: twi-sheikhharounism
    Author: Sheikh Haroun Ismaeel
    Source: https://quranenc.com/en/browse/asante_harun
    Generated on February 15, 2026
    Free • Open Source • Ad-Free
    About Al-Quran Multilingual

    Our Mission: We're on a mission to make the Holy Quran accessible to every Muslim worldwide, regardless of their native language, technical expertise, or economic situation.

    Al-Quran Multilingual is a free, open-source, and ad-free application offering 470+ editions in 90+ languages from verified Islamic scholars and institutions.

    Core Values:

    • ✓ Free Forever - No premium features or paywalls
    • ✓ Ad-Free Experience - Your spiritual journey uninterrupted
    • ✓ Open Source - Complete transparency and community contributions
    • ✓ Privacy & Respect - No data collection, no tracking
    Support This Project

    This app is maintained by volunteers dedicated to serving the Muslim community. If you find this helpful, please consider supporting our mission to keep it free and accessible for everyone.

    UPI Payment (India)
    8870358783@ybl
    Every contribution, no matter how small, helps us serve the Muslim Ummah better. May Allah reward you.
    Table of Contents
    1.Al-Faatiha
    2.Al-Baqara
    3.Aali-Imraan
    4.An-Nisaa
    5.Al-Maa’ida
    6.Al-An’aam
    7.Al-A’raaf
    8.Al-Anfaal
    9.At-Tauba
    10.Yunus
    11.Hud
    12.Yusuf
    13.Ar-Ra’d
    14.Ibrahim
    15.Al-Hijr
    16.An-Nahl
    17.Al-Israa
    18.Al-Kahf
    19.Maryam
    20.Taa-Haa
    21.Al-Anbiyaa
    22.Al-Hajj
    23.Al-Mu’minuun
    24.An-Nuur
    25.Al-Furqaan
    26.Ash-Shu’araa
    27.An-Naml
    28.Al-Qasas
    29.Al-Ankabuut
    30.Ar-Ruum
    31.Luqman
    32.As-Sajda
    33.Al-Ahzaab
    34.Saba’
    35.Faatir
    36.Yaa-Siin
    37.As-Saaffaat
    38.Saad
    39.Az-Zumar
    40.Ghaafir
    41.Fussilat
    42.Ash-Shuuraa
    43.Az-Zukhruf
    44.Ad-Dukhaan
    45.Al-Jaathiya
    46.Al-Ahqaaf
    47.Muhammad
    48.Al-Fath
    49.Al-Hujuraat
    50.Qaaf
    51.Adh-Dhaariyaat
    52.At-Tuur
    53.An-Najm
    54.Al-Qamar
    55.Ar-Rahmaan
    56.Al-Waaqi’a
    57.Al-Hadiid
    58.Al-Mujaadila
    59.Al-Hashr
    60.Al-Mumtahana
    61.As-Saff
    62.Al-Jumu’a
    63.Al-Munaafiquun
    64.At-Taghaabun
    65.At-Talaaq
    66.At-Tahriim
    67.Al-Mulk
    68.Al-Qalam
    69.Al-Haaqqa
    70.Al-Ma’aarij
    71.Nuh
    72.Al-Jinn
    73.Al-Muzzammil
    74.Al-Muddaththir
    75.Al-Qiyaama
    76.Ad-Dahr
    77.Al-Mursalaat
    78.An-Naba’
    79.An-Naazi’aat
    80.‘Abasa
    81.At-Takwiir
    82.Al-Infitaar
    83.Al-Mutaffifiin
    84.Al-Inshiqaaq
    85.Al-Buruuj
    86.At-Taariq
    87.Al-A’laa
    88.Al-Ghaashiya
    89.Al-Fajr
    90.Al-Balad
    91.Ash-Shams
    92.Al-Lail
    93.Ad-Duhaa
    94.Ash-Sharh
    95.At-Tiin
    96.Al-‘Alaq
    97.Al-Qadr
    98.Al-Bayyina
    99.Az-Zalzala
    100.Al-‘Aadiyaat
    101.Al-Qaari’a
    102.At-Takaathur
    103.Al-‘Asr
    104.Al-Humaza
    105.Al-Fiil
    106.Quraish
    107.Al-Maa’uun
    108.Al-Kauthar
    109.Al-Kaafiruun
    110.An-Nasr
    111.Al-Masad
    112.Al-Ikhlaas
    113.Al-Falaq
    114.An-Naas
    Surah 1
    Al-Faatiha

    [1] (Me hyj asej wc) Onyankopͻn din mu, Ahummͻborͻ Hene, Ɔdεεfoͻ Hene

    [2] Aseda wͻ Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no

    [3] Ahummͻborɔ Hene, Ɔdεεfoͻ Hene

    [4] Atemmuda Hene no

    [5] (Awurade), Wonko ara na yε’resom Woͻ, na Wonko ara Wohͻ na yε’hwehwε mmoa

    [6] (Yεsrε Wo sε) Kyerε yεn kwan tenenee no

    [7] Wͻn a Wode W’adom no maa wͻn no kwan no; na εnyε wͻn a Wobo afu wͻn no, anaasε wͻn a wͻ’ayera no (kwan no)

    Surah 2
    Al-Baqara

    [1] Alif--Laam--Miim

    [2] Woi ne Nwoma no; akyinnyeε biara nni mu, εyε kwankyerε (Nwoma) de ma Nyamesurofoͻ no

    [3] Wͻn a wͻ’gye deε asuma no die, na wͻ’frε Nyame wͻ nebrε mu, na deε yεde akyε wͻn no wͻ’yi mu bi dema

    [4] Ne wͻn a, wͻ’gye (Adiyisεm) a, y’asiane ama wo (Nkͻmhyεni Muham-mad) no die, ne deε yesiane dii w’anim kan no nso die, na wͻn adwen si wͻn pi wͻ Daakye no ho

    [5] Saa nkorͻfoͻ no na wͻn wɔ kwan tenenee no a efiri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no soͻ, na saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no

    [6] Nokorε sε, wͻn a wͻ’po (nokorε) no deε, εyε asεm korͻ ma wͻn; sε wotu wͻn fo o, anaasε w’anntu wͻn fo o, wͻ’nnye nni

    [7] Nyankopͻn asi wͻn akoma ne wͻn aso, na wͻn ani nso akatasoͻ kata so; na wͻn wͻ asotwee kεseε paa

    [8] Nnipa no mu bi nso wͻhͻ a, wͻ’ka sε: “Yε’gye Nyankopͻn ne Da a etwa toͻ no di, aberε nso a wͻ’nnyε agyidiefoͻ

    [9] (Wͻn adwen ne sε) wͻ’redaadaa Nyankopͻn ne wͻn a wͻ’agye adie no; wͻn ara na wͻ’redaadaa wͻn ho nanso wͻ’nnim

    [10] Yadeε wͻ wͻn akoma mu, enti Nyankopͻn de yadeε no bio aka wͻn ho; na asotwee a εyε ya paa da hͻ ma wͻn, εnam atorͻsεm a wͻ’die no ho nti

    [11] Sε yεka kyerε wͻn sε: “Monhwε na moanni nsεmmͻne wͻ asaase no so a”, deε wͻ’ka ne sε: “Yεn mmom na yεreyε ntotoeε pa.”

    [12] Ampa sε, wͻ’ne nsεmmͻnedifoͻ no, nanso wͻ’nhunu saa

    [13] Sε yεka kyerε wͻn sε: “Monye ni sεdeε nnipa no agye adie no a”, deε wͻ’ka nesε, yεnye ni sεdeε nkwaseafoͻ no agye adie no?” Nokorε nso sε, wͻn mmom ne nkwaseafoͻ no, nanso wͻ’nnim

    [14] Sε wͻ’hyia wͻn a wͻ’agye adie no a, wͻ’ka (de daadaa wͻn) sε: ”Yε’gye di”. Sε wͻ’san kͻ wͻn abonsamfoͻ no hͻ na εka wͻ’ne wͻn nko ara a, deε wͻ’ka nesε: “Nokorε sε yε’ka mo ho, na mmom yεredi (wͻn ho) fεw kwa”

    [15] Nyankopͻn betua wͻn fεw die no so ka, na W’ama wͻn kwan wͻ wͻn asoͻden no mu ama wͻn adi akͻneaba wᴐ anifira mu

    [16] Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’de tenenee no akͻtͻ yera; na mfasoͻ biara amma wͻn adwadie no so, na wͻ’nnyε ateneneefoͻ

    [17] Wͻn mfatoho tesε obi a ͻsͻͻ gya, na εberε a εhyerεn twaa neho hyiaeε no, Nyankopͻn faa wͻn nhyerεnee no kͻeε, na ogyaa wͻn wͻ esum mu. Enti wͻ’nnhu (Nokorε no)

    [18] Asosifoͻ, emumfoͻ, anifirafoͻ enti wͻ'nnsan wͻn akyi nnkͻ (tenenee kwan no so)

    [19] Anaasε (wͻn mfatoho bio) tesε brampͻn nsuo a εretͻ firi soro, na esum ne agradaa ne ayerεmo wͻ mu. Owuo ho suro ma wͻ’de wͻn nsa teaa tuatua wͻn aso εnam agradaa no mobͻmuu no nti. Nanso Nyankopͻn atwa boniayεfoͻ no ho nyinaa ahyia

    [20] Ayerεmo no reyε afira wͻn ani. Sε εhyerεn ma wͻn a, wͻ’nante mu; na sε esum to wɔn nso a, na wͻ’agyina. Sε Nyankopͻn pε a, anka Ɔbεma wͻn aso asi, na W’ama wͻn ani nso afira. Nokorε sε Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi

    [21] Adasamma, monsom mo Wura Nyankopͻn no a Ɔbͻͻ mo ne wͻn a wͻ’dii moanim kan no sεdeε (εbεma) mo asuro Nyame ayε ahwεyie

    [22] (Mo Wura Nyankopͻn) no a, W’ayε asaase de asε hͻ ama mo, εna (W’ayε) ͻsoro (sε εdan) nkurusoͻ, εna Osiane nsuo firi soro de ma mo, san de ma nnͻbaeε a εyε akͻnhoma ma mo no fifire. Enti monhwε na moamfa biribi ammata Nyankopͻn ho wͻ aberε a monim (sε obiara nnka ne ho)

    [23] Sε moadwen nnsi mopi wͻ adeε a Y’asiane ama Y’akoa (Muhammad) no ho nso a, εneε monfa Suura bi a εte saa mmra, na monfri Nyankopͻn akyi mfrε mo adansefoͻ, sε moyε nokwafoͻ ampa a

    [24] Na sε moanyε a-, na montumi nyε mpo! Ɛneε na monsuro Ogya no a, nnipa ne aboͻ na εyε ne nyentia no a, y’asiesie ato boniayεfoͻ no hͻ no

    [25] Na fa anigyesεm no ho bͻhyε ma wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no sε, nokorε, wͻn wͻ ͻsoro Aheman a nsubͻnten nenam aseε. Ɛberε biara a yεde emu aduaba no bi bεbͻ wͻn akͻnhoma no, deε wͻ’bεka ne sε: “Yεde woi bi abͻ yεn akͻnhoma pεn.” Yama wͻn nesεso. Wͻ’wͻ ayerenom ahotewfoͻ wͻ mu; na (Aheman no) mu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [26] Nokorε sε εnyε Nyankopͻn aniwu sε, Ɔde ntontom anaa deε εkyεn saa anaa deԑ ennuru saa bεyε mfatoho. Wͻn a wͻ’agye adie no deε wͻ’nim sε εyε Nokorε a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. Na wͻn a wͻ’yi boniayε no nso, deε wͻ’ka ne sε: “Ɛdeεn na Nyankopͻn de saa mfatoho yi rehwehwε akyerε?” (Nyankopͻn) deyera (nnipa) pii, εna Ɔde kyerε (nnipa) pii nso kwan. Na Ɔmfa nnyera obiara gyesε abͻneεfoɔ no

    [27] (Wͻn a wͻ’to Nyankopͻn apam wͻ akyire yi a )apam) no agyina; Na wͻ’tete deε Nyankopͻn ahyε sε yεnka mmom no ntεm, na wͻ’di nsεmmͻnee wͻ asaase soɔ no, saa nkorͻfoɔ no ne berεguofoɔ no

    [28] Ɛdeεn nti na εsεsε moyi Nyankopͻn boniayε wͻ aberε a na anka moyε awufoͻ εna Ɔmaa mo nkwa, na Ɔbεsan ama mo awu, na afei W’asan anyane mo, na afei Nehͻ na mobεsan akͻ

    [29] Ɔno na Ɔbͻͻ deε εwͻ asaase so nyinaa demaa mo. Afei Ɔdanee N’ani kyerεε soro, εna Ɔyεε no ͻsoro nson. Ɔno ne biribiara ho Nimdefoͻ

    [30] Na kae εberε a wo Wura Nyankopͻn kakyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Merebεbͻ obi a, obedi asaase no soͻ, (anaasε anaanmusini). (Abͻfoͻ no) kaa sε: “Worebεbͻ obi a obedi nsεmmͻne wͻ (asaase no) so asan ahwie mogya aguo wͻ aberε a, yεtontom Woͻ san bͻ Wo abodin? (Nyankopͻn) kaa sε: “Menim adeε a monnim”

    [31] Nyankopɔn kyerεε Adam biribiara din; Afei Ɔde baa Soro abɔfoɔ no anim, Ɔkaa sε: “Monkyerε Me saa nneεma yi din, sε moyε nokwafoɔ ampa a”

    [32] (Soro abͻfoͻ no) kaa sε: ”Kronkron Hene ne Wo. Y’enni nimdeε biara, gyesε deε W’akyerε yεn. Nokorε ampa sε, Wone Onimdefoͻ, Onyansafoͻ no

    [33] Nyankopɔn kaa sε: “Adam, bobɔ din kyerε wͻn. Ԑberε a ɔbobɔɔ din kyerεε wͻn no, (Nyankopɔn) kaa sε: “Menka nkyerεε mo sε, Menim ɔsoro ne asaase so ahuntasεm (nyinaa), εna Menim deε moda no adie ne deε mode suma (nyinaa)?”

    [34] Kae εberε a Yε’ka kyerεε soro abͻfoͻ no sε: “Monfa moanim mutu fͻm (nyε Sujud) ma Adam (Wͻn nyinaa) de wͻn anim butuu fͻm yεε Sujud no, gyesε Iblis, w’annyε, na ͻyεε ahomasoͻ, na ͻbεkaa boniayεfoͻ no ho

    [35] Y’εkaa sε: “Adam, wo ne woyere montena Turo no mu, na moni emu nneεma a, abusoͻ no nkͻpem faako a mopε biara, na monhwε yie na moammεn saa dua yi, anyε saa a mobεka abͻneεfoͻ no ho

    [36] Nanso ͻbonsam maa wͻn watrii wͻ hͻ, maa wͻ’frii (tebea pa) a, na wͻn wͻ mu no mu. Yε’kaa sε: ”Monfa moho moho tan nsiane nkͻ; asetena ne akͻnhoma wͻ asaase no so ma mo kͻpem εberε awieε

    [37] Enti Adam nyaa nsεm bi fri ne Wura Nyankopͻn hͻ (desrεε bͻnefakyε). Enti (Nyankopͻn) tiee (Adam) adwen sakra no, εna Ɔde ne bͻne kyεε no. Nokorε sε, Ɔno na Otie adwen sakra, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [38] Yε’kaa sε; “Mo nyinaa monsiane mfri (Turo no) mu nkͻ. Nokorε sε, ͻkwan kyerε befri Me nkyεn aba mo hͻ, na obiara a, obedi Me kwan kyerε no akyi no, ͻmmͻ hu na ne werε nso nnho

    [39] Na wͻn a wͻ’yi boniayε, na wͻ’po Yεn Nsεm no, wͻ’ne Amanehunu gya no mu foͻ no. Emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [40] Israel mma, monkae M’adom a Mede adom mo, na moni mo bͻhyε so ma Me, na Menso Medi Me bͻhyε so ama mo, na Menko ara na monsuro Me

    [41] Na monye Adiyisεm no a, M’asiane de refoa (Adiyisεm) no a, εwͻ mo hͻ no soᴐ no ni, na monhwε na moankͻyε nnipa a mobedikan apo (saa Adiyisεm no), na monhwε na sika kakra bi ho nti moantͻn Mensεm no anni, na Menko ara na monsuro Me

    [42] Monhwε na moanfa nkontompo ankata Nokorε no so, na moanfa Nokorε no ansie wͻ aberε a monim

    [43] Na monfrε Nyame wͻ nebrε mu, na monyi Zaka, na monka wͻn a wͻ’bͻ wͻn mu aseε no ho ne wͻn mͻ mo mu ase

    [44] Enti mohyε nnipa ma wͻ’di dwuma pa ma mowerεfi mo ara mo ho, wͻ aberε a mo na mokenkan Nwoma no (kyerε wͻn)? Adεn monnwen

    [45] Monfa aboterε ne mpaebͻ nhwehwε (Nyankopͻn hͻ) mmoa; nokorε sε, εyε (adeε a εyε) den, na mmom (εnyε den) mma ahobraseεfoͻ no

    [46] Wᴐn a, wͻ’dwen sε, ampa wͻ’behyia wͻn Wura Nyankopͻn, na nokorε sε Nehͻ na wͻ’bεsan akͻ no

    [47] Israel mma, monkae M’adom a Mede adom mo, na nokorε sε M’ahyε mo animuonyam akyεn amansan no nyinaa

    [48] Na monsuro Ɛda no a, ͻkra bi ho mma mfasoͻ mma ͻkra bi wͻ hwee ho, na (saa Da no) yε’nnye nehᴐ dwaatoa, na yεnnye mpatadeε mfri nehͻ, na obiara mmoa wͻn no

    [49] Monkae εberε a, Yε’gyee mo firii Farao nkorͻfoͻ no a na wͻ’de ͻhaw bͻne ato mo so, kunkum mo mma mmarima, na wͻ’ma mo mmaa no tena aseε no nsam. Woi nom yε nsͻhwε kεse a na efri mo Wura Nyankopͻn hͻ

    [50] Na monkae εberε a, Yε’paee ͻpo no mu maa mo, na Yε’gyee mo, na Yε’maa nsuo faa Farao nkorͻfoͻ wͻ εberε a na moani tua

    [51] Na monkae εberε a Yε’hyεε nna ada-duanan demaa Mose (maa no bεgyee mmra nsεm no), na n’akyi mofaa nantwi bedeε (a mode sika kͻkͻͻ ayε som no) na moyεε bͻne

    [52] Afei εno akyiri no, Yε’de mo bͻne firii mo, sεdeε mobeyi (Nyankopͻn) ayε

    [53] Na monkae sε, Yε’de Nwoma no ne Nkyerεkyerεmu no maa Mose, sεdeε mobenya kwankyerε

    [54] Na monkae εberε a, Mose ka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Menkorͻfoͻ, nokorε sε moayε bͻne atia mo ara mokraa sε moafa nantwi-bedeε (asom no), enti monsakra moadwen nkͻ mo (Wura a) Ɔbͻͻ mo no hͻ; na monkum moho. Woi na εyε papa ma mo wͻ mo (Wura) a Ɔbͻͻ adeε no hͻ; na Ɔde mo bͻne kyεε mo. Nokorε sε Ɔno na Otie adwen sakra, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [55] Na monkae εberε a mokaa sε: ”Mose, yεnnye wo nni, gyesε yehunu Nyankopͻn pefee (ansa), εnam so maa agradaa dwidwa sɔɔ mo mu wͻ εberε a na moani tua

    [56] Afei Yenyanee mo wͻ mo wuo no akyi sεdeε mobeyi (Me) ayε

    [57] Na Yε’de mununkum yεε nyunu kataa mo so, εna Yesianee Mana ne Salwa maa mo. (Yε’kaa sε): “Moni nnepa wɔ deε Yε’de abɔ mo akͻnhoma no mu”. Wͻn annyε bͻne antia Yεn, na mmom wͻ’yεε bͻne de tiaa wͻn ara wͻn kraa

    [58] Monkae εberε a, Yε’kaa sε: ”Mo nwura saa kuro yi mu, na moni deε abu so wͻ mu no bi sεdeε mopε, na monfa ahobraseε nwura (kuro no) pono no mu, na monka sε: “(Awurade) fafri (yεn)”. Yε’de mo mfomsoͻ bεkyε mo, na Yε’de (akatua pa no) bi bεsan aka apapafoͻ no ho

    [59] Nanso wͻn a, wͻ’dii bͻne no sesaa asεm no a yε’ka kyerεε wͻn no kͻfaa foforͻ. Enti Y’esianee ͻyare dͻm asotwee (anaa ͻhaw ahodoͻ) fri soro baa wͻn a wͻ’dii bͻne no so εnam bͻne a na wͻ’die no ho nti

    [60] Na kae εberε a, Mose bͻͻ mpaeε srεε nsuo maa nenkorɔfoɔ. Yε’kaa sε: “Fa wo poma no bͻ ͻbotan no mu”. Nsuo aniwa du mmienu pue fri mu. Abusua koro biara hunuu wͻn anomoeε. (Yε’ka kyerεε wɔn) sε: “Monidi na monom wͻ Nyankopͻn akͻnhoma no mu, na monhwε na moanni nsεmmͻnee wͻ asaase no so”

    [61] Na monkae εberε a mokaa sε: “Mose, yentumi nnya aboterε wͻ aduane korͻ ho, enti srε wo Wura Nyankopͻn ma yεn na Ɔma asaase no mu nnͻbaeε a, εyε emu nhahan, ne emu εferε, ne emu aburoo, ayuo ne atokoͻ, ne emu asedua, ne emu aborͻfo gyeene, ne emu gyeene pa no bi mpuepue ma yεn. (Mose) kaa sε. “Mode deε εyε no resesa deε εnyε? Monsiane nkͻ kuro mu, na monsa bεka deε morebisa no”. Animguaseε ne ohia ne ͻhaw too wͻn, na wͻ’twee Nyankopɔn abufuo (baa wͻn ho so). Deε εmaa no baa saa ne sε, nokorε, na wͻ’po Onyankopɔn Nsεm, san kunkum nkͻmhyεfoɔ no wɔ aberε a εnyε ne kwan soɔ, deε εmaa no baa saa nesε wͻ’tee atua, na wͻ’too mmra

    [62] Nokorε sε wͻn a wͻ’agye adie no, ne wͻn a wͻ’yε Yudafoͻ, ne Kristofoͻ ne Sabianfoͻ no, obiara a, ͻgye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no die na w’adi dwuma pa no, wͻn wͻ wͻn akatua wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, na ehuu biara mmͻ wͻn, na awerεhoͻ nso nnto wͻn

    [63] (Israel mma), monkae εberε a Yε’ne mo yεε Apam, na Yε’pagyaa bepɔ no wɔ moapampamu (kaa sε): “Monfa ahoͻden nsͻ deε Yε’de ama mo no mu, na monkaekae deε εwͻ mu no sεdeε ԑbԑma mo asuro Nyame asan ayԑ ahwԑyie”

    [64] Afei εno akyi no, modanee moakyi mae; sε εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummɔborɔ na εwͻ mo so a, anka mobεka berεguofoͻ no ho

    [65] Ampa sε (Yudafoͻ), monim mo mu wͻn a wͻ’too Sabbat ho mmara no. Yε’ka kyerεε wɔn sε. “Monyε nnoe (nkaatia, anaa nsoroboa) wͻ animguaseε mu”

    [66] Enti Yε’yεε wͻn asotwee no adesua demaa wͻn a wͻ’hunuuiε ne wͻn a wͻ’baa akyire, (san yεε no) afutusεm demaa Nyame-surofoͻ no

    [67] Kae εberε a Mose ka kyerεε nenkorͻfoɔ no sε: “Nokorε sε Nyankopͻn rehyε mo sε monkum nantwie. Wͻ’kaa sε: “(Mose) woredi yεn ho fεw anaa?” (Mose) kaa sε: “Mehwehwε ntwitwagyeε wͻ Nyankopͻn hͻ sε mεka abagyimifoͻ no ho“

    [68] Wͻ’kaa sε: “(Mose) Frε wo Wura Nyankopͻn ma yεn na Ɔnkyerεkyerε mu nkyerε yεn sεdeε (nantwie) no siteε”. (Mose) kaa sε: “Nokorε, Ɔse ͻyε nantwi-bedeε a onyinii pii, na ͻnyε ababaawa nso, ɔda woi mmienu ntεm; enti monyε deε y’ahyε mo no”

    [69] Wͻ’kaa sε: (Mose), frε wo Wura Nyankopͻn ma yεn na Ɔnkyerε yεn sεdeε neho siteε. (Mose) kaa sε: “Ɔse ͻyε natwie a nehonam tesε akokɔ sradeɛ, na neho akokɔ sradeɛ no ani da hͻ; na obiara a obehu no no anigye neho

    [70] Wͻ’kaa sε: “(Mose), frε wo Wura Nyankopɔn ma yεn na Ɔnkyerε yεn sεdeε osi teε, efrisε anantwie nyinaa sesε ma yεn, na sε Nyankopɔn pε a, ampa sε yebenya kwankyerε“

    [71] (Mose) kaa sε: “Ɔse ɔyε nantwi-bedeε a yεmmerε n’ase mma no mfuntam asaase na onngugu mfudeε so nsuo, neho tua no, εdεm biara nni neho”. (Mose nkorɔfoɔ no) kaa sε: “Afei na wode nokorε no aba”. Enti wͻ’kum (nantwie) no wͻ aberε a na anka wɔ’mpεsε wͻ’yε

    [72] Na monkae εberε a mokum onipa bi na afei mogyee ho akyinnyeε (wͻ nea okum no no ho) abrԑ a Nyankopͻn bεda deε mode asuma no adi

    [73] Enti Yε’kaa sε: “Monfa (nantwie no nam no) bi mɔ (owufoɔ) no honam. Saa ara na Nyankopͻn nyane awufoͻ no; na Ɔkyerεkyerε Nensεm no mu dema mo sεdeε mobεte aseε

    [74] Afei ԑno akyiri no moakoma yεε den tesε boͻ; anaa εyεε den mpo kyεn saa. Nokorε sε εboͻ no bi wɔhɔ a nsubɔnten puepue fri mu, ebi nso wͻ hͻ a etumi dwidwa ma nsuo fri mu, ebi nso wͻ hͻ a Nyamesuro nti esiane (kͻ fͻm). Onyankopͻn deε Ommuu N’ani nguu deε moyε no so

    [75] (Agyidiefoͻ), enti mowͻ anidaasoᴐ sε (Yudafoͻ) no bεgye mo adi aberε a wͻn mu fekuo bi tie Nyankopͻn asεm no wie, te aseε a afei wͻ’sesa (asεm) no wͻ aberε a wͻ’nim

    [76] Sε wͻ’hyia wͻn a wͻ’agye adie no a deε wͻ’ka ne sε: “Yεgye di”. Sε εka wͻn ho wͻn ho nko ara nso a, deε wͻ’ka ne sε: “Mone wͻn redi (Muhammad ho Adiyisεm) a Nyankopͻn ayi ama mo (wͻ mo Nwoma no mu) no ho nkͻmmͻ ama wͻ’de ayε nyinasoͻ atia mo wͻ mo Wura Nyankopͻn anim (wͻ Atemmuda)? Adεn monni adwen

    [77] Anaa (Yufafoͻ yi) wͻ’nnim sε, nokorε sε Nyankopͻn Nim deε wͻ’de suma ne deε wͻ’da no adie (nyinaa)

    [78] Wͻn mu (Yudafoͻ no) bi yε firatamfoͻ, wͻ’nnim Nwoma no (mu), na mmom apεdeε hunu (na wͻ’di akyire), na deε wͻn adwen kyerε wͻn na wͻ'yε

    [79] Enti due nka wͻn a wͻ’de wͻn ara wͻn nsa twerε Nwoma no, na afei wͻ’ka sε: “Woi firi Nyankopͻn hͻ (abrε a εnte saa), sεdeε wͻ’bεtͻn wͻ sika kakra bi (a wͻ’benya no) ho nti. Due nka wͻn wͻ deε wͻ’de wͻn nsa atwerε no ho, due nsan nka wͻn bio wͻ deε wͻn nsa aka no ho

    [80] Deε wͻ’ka ne sε: “Egya no nnka yεn (Yudafoͻ), gyesε nna kakra bi pε”. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Moanya bͻhyε bi afiri Nyankopͻn hͻ (saa)?” (Sε Nyame ne mo ahyε bͻ bi saa deε a) εneε Nyankopͻn mmu Nebͻhyε so. Anaasε moka deε monnnim deto Nyankopͻn so

    [81] Daabi (εnte saa), obiara a ͻbenya (anaa obedi) bͻne ama nebͻne no atwa ne ho ahyia (anaa afa no domum) no, saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no, na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [82] Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no nso, wͻn ne ͻsoro Ahemman no mu foͻ no, emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [83] Kae εberε a Yε’gyee Apam frii Israel mma no hͻ sε: “Monhwε na moansom (obiara) gyesε Nyankopͻn (nko ara). Na monyε ayεmyε ma (mo) awofoͻ ne abusua ne nyanka ne ahiafoͻ; na monka kasa pa nkyerε nnipa, na monfrε Nyame wͻ nebrε mu, na monyi Zaka”. Nanso modanee moakyi demaa (saa Apam no), gyesε momu kakraa bi (na wͻ’dii soͻ), na mo (mu dodoͻ no ara) twi faa so

    [84] Na monkae sε Yε’gyee Apam frii mohͻ sε: “Monhwε na moanhwie mo (ho moho) mogya anngu, na monhwε na moantu moho-moho anfri moafie mu”. Mofoaa so gyee (saa nsεm no) too mu aberε a na modi ho adanseε

    [85] Afei mone amanfoͻ a morekunkum mo ho, na motu momu fekuo bi fri wͻn afie mu, (san) boa (wͻn atamfo) wͻ bͻne ne ͻtan so ma wͻ’ko tia wͻn. Nasε wͻ’bedi mohͻ sε nneduafoͻ a mogye wͻn mpata-deε, abrε a monni ho kwan sε anka motu wͻn. Anaasε mogye Nwoma no mu fa baabi di, εna monnye emu fa baabi nnie? Enti akatua bεn na εfata ma mo mu (nnipa a) wͻ’yε saa? (Deε εfata wͻn ne) wiase asetena yi mu animguaseε, na Owusͻreε da no Y’asan de wͻn akͻ asotwee a ano yε den paa no mu. Nyankopͻn deε Ommuu n’ani nguu dwuma a modie no (mu biara) so

    [86] Saa nkorͻfoͻ no na w’atͻ wiase asetena yi de akͻsesa Daakye deε no no, na (saa Da no) yεnngo asotwee no mu mma wͻn koraa na yεmmoa wͻn nso

    [87] Ampa sε, Yε’de Nwoma no maa Mose, na Yε’somaa asomafoͻ toa toaa so wͻ n’akyi. Mar’yam ba Yesu nso Yε’maa no nsεnkyerεnee pefee, εna Yε’de Honhom Kronkron hyεε no den. Na εberε biara a Ɔsomafoͻ bi de adeε a εnyε deε moakoma pε bεberε mo no, moyε ahomasoͻ; mobuu (asomafoͻ no bi) atorofoͻ, ebinom nso mokum wͻn

    [88] Deε wͻ’ka nesε: “Yakata y’akoma ho (enti yenhia asεm foforͻ biara bio). ”Daabi, wͻn boniayε ho nti Nyankopͻn adome wͻn, enti (wͻn mu) kakraa bi (anaasε asεm no mu kakraa bi) na wͻ’gye die

    [89] Ɛberε a Nwoma a efiri Nyankopͻn hͻ baa wͻn hͻ rebεfoa deε εwͻ wͻn hͻ (dada) no soa no-, na kane no (ansa na Muhammad rebεba no) na (Yudafoͻ no) de no (bͻ mpaeε srε Nyankopͻn hͻ) nkonimdie de tia wͻn a wͻnnye nnie no- Nanso εberε a adeε a wͻ’nim no baa wͻn hͻ no, wͻ’annye anni. Enti Nyankopͻn nnomee nka boniayεfoͻ no

    [90] Ade bͻne paa na wͻn atͻn wͻn kraa de ama no, sε wͻ’bεpo deε Nyankopͻn asianee no; (wͻ’reyε) ahoͻyaa sε Nyankopͻn asiane N’adom ama N’akoa no mu bi a Ɔpε nti. Wͻ’twe abufuo defoa abufuo so (dema wͻn ho). Na boniayεfoͻ no deε wͻn wͻ animguaseε asotwee

    [91] Sε yεka kyerε wͻn sε: “Monye adeε a Nyankopͻn asiane aba no ni a, deε wͻ’ka ne sε: “Yε’gye deε yasiane ama yεn no di”. Na wͻ’po deε εwͻ εno akyi no, aberε nso a εno mmom ne nokorε a εrefoa deε εwͻ wͻn hͻ no soᴐ. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε moyε agyidiefoͻ ampa a afei adεn na mokunkum Nyankopͻn nkͻmhyεfoͻ a wͻ’dii kan no

    [92] Nokorε sε, Mose de nkyerεkyerεmu pefee no brεε mo (Israelfoͻ), εna afei n’akyi mofaa nantwi bedeε (som no) εna moyεε bͻne

    [93] Monkae εberε a Yε’ne mo yεε Apam, na Yε’pagyaa bepͻ no wͻ mo apampamu, (ka kyerεε mo sε): “Monfa ahoͻden nsͻ deε Yε’de ama mo no mu yie, na monyε sotie”. Wͻ’kaa sε: “Y’ate nanso ye’nni so”. Wͻn boniayε ho nti nantwie bedeε (som no ho dͻ) awura wͻn akoma mu. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Sε moyε agyidiefoͻ ampa a, εneε ade bͻne paa na mogyidie rehyε mo (ma mo yε) no”

    [94] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε Daakye asetena a εwͻ Nyankopͻn nkyεn no wͻ mo (Yudafoͻ) nko ara, εna nnipa a aka no biara nka ho deε a, εneε moma mokͻn nnͻ owuo, sε moyε nokwafoͻ ampa a

    [95] Wͻn kͻn nnͻ (owuo no) da, εnam dwuma a wͻ’nsa adi ato wͻn anim no ho nti, Nyankopͻn deε Onim abͻneεfoͻ no

    [96] (Nkͻmhyεni), nokorε sε wobehu wͻn (Yudafoͻ no) sε wͻ’yε nnipa adefodepεfoͻ wͻ nkwa ho, (wͻ'yε adefodepε) kyεn abosomsomfoͻ no a wͻ’de biribi bata Nyankopͻn ho no mpo. Wͻn mu bi pεsε anka obenya nkwa adi mfie apem, na nkwa tenten a yεde bεma no no nso ntumi nnyi no mfiri asotwee no mu. Nyankopͻn deε Ohu dwuma a wͻ’die )no nyinaa

    [97] (Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Obi a netamfo ne Gabriel no, εyε ɔno na Nyankopͻn akwamma mu no osiane (Adiyisεm) no ba w’akoma mu defoa (Adiyisεm) a edi n’anim kan no soͻ a εyε kwan kyerε, ne anigyesεm dema agyidiefoͻ no

    [98] Obi a ᴐtan Nyankopͻn ne N’asoro abͻfoͻ ne N’asomafoͻ ne Gabriel ne Makael no, nokorε sε Nyankopͻn yε tamfo ma boniayεfoͻ no

    [99] Nokorε sε Y’asiane Nsεm a εda adi pefee na ama woͻ, na obiara nnihͻ a ͻbεpo (saa Nsεm no) gyesε abͻneεfoͻ no

    [100] Anaasε εnte saa sε εberε biara a wͻn (Yudafoͻ no) bεyε Apam no, na wͻn mu fekuo no bi ato (Apam no) atwene? Aane, wͻn mu dodoͻ no ara nnye nni

    [101] Ɛberε a Ɔsomafoͻ a ofiri Nyankopͻn hͻ a ͻrebεfoa deε εwͻ wͻn hͻ no soᴐ baa wͻn hͻ no, wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu fekuo bi too Nyankopͻn Nwoma no twenee wͻ wͻn akyi sεdeε wͻ’nnim

    [102] Na wͻ’di (atorͻsεm) a abonsamfoͻ no keka fa Solomon ahennie no ho no nso akyi. Solomon annyi boniayε, na mmom abonsamfoͻ no na wͻ’yii boniayε, kyerεε nnipa nkonyaa yie. Ne dej Yj siane maa Soro Abcfoc mmienu wc Babel ( a na yjfrj wcn ) Haruuta ne Maaruuta. Na wcn nkyerj obiara (biribi) gyesj wc ka kyerj(wcn) sj nokorj yjn (mmienu yi) yj nschwj enti mo nhwj na mo anyi boniayj. Na wcn sua firii wcn mmienu nkyjn adej a yj de tete onipa ne neyere ntam. Na wͻ’ntumi mfa (wͻn ntafowa no) nnha obiara gyesε Nyankopͻn mma ho kwan. Wɔ’sua deε εde ͻhaw bεberε wͻn na εnfa mfasoͻ biara mma wͻn. Wɔ’nim yie nso sε obi a ͻtͻ (ntafowa biara) nni kyεfa wͻ Daakye no mu, na ade bͻnee paa ara na wͻn atͻn wͻn ho ama no, sε anka wͻ‘nim a

    [103] Nokorε sε wͻ’regye adi na wͻ’asuro Nyame a, anka akatua a efri Nyankopͻn hͻ no yε paa (ma wͻn), sε anka wͻ‘nim a

    [104] Mo a moagye adie, monhwε na moanka sε: ‘Raa’inaa’ na (mmom) monka sε: ‘Unzur’naa’ na monyε sotie, na boniayεfoͻ no deε wͻn wͻ asotwee a εyε ya paa

    [105] Wͻn a wͻ’po (nokorε) no a wͻn wͻ wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu, ne abosomsomfoͻ no mpε sε anka adepa biara besiane afiri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ. Onyankopͻn deε Oyi N’adom no dema N’akoa mu nea Ɔpε. Nyankopͻn na adom kεseε no yε Nedea

    [106] Nsεm no mu biara a Y’εbetwa mu anaasε awerεfire bεba ho no, Yε’de deε εyε kyεn εno anaasε deε εte saa pεpεεpε bεba. Anaasε wonnim sε Nyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi

    [107] Anaasε wonnim sε ͻsoro ne asaase so ahennie nyinaa wͻ Nyankopͻn, na Nyankopɔn akyi no monni okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ biara

    [108] Anaasε mopε sε mobisa mo Somafoͻ (Muhammad) sεdeε (Israelfoͻ no) dii kan bisaa Mose (sε yi Nyankopͻn adi pefee kyerε yεn) no? Obi a ɔde gyidie bεsesa boniayε no, nokorε sε w’ayera afiri ɔkwan tenenee no so

    [109] Nyamesom ho Nwomanimfoͻ no mu dodoͻ no ara pε sε anka εbetumi a mogyidie akyi no wͻ’bεsan mo aba (Kaafir) boniayε mu, εnam ahoͻyaa a εwͻ wͻn mu no nti, aberε nso a nokorε no ada adi pefee ama wͻn. Nanso fafiri (wͻn), na fa (wͻn) bͻne kyε (wͻn) kosi sε Nyankopͻn de N’ahyεdeε anaa N’atemmuo no bεba. Nokorε sε Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi

    [110] Na monfrε Nyame wͻ neberε mu na monyi Zaka, na papa biara a mobεyε de ato moanim ama mo kraa no monsa bεka no wͻ Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε, Nyankopͻn ani tua dwuma a modie (nyinaa)

    [111] Deε wͻ’ka ne sε: ”Obiara nnkͻ Soro Aheman no mu gyesε obi a ͻyε Yudani anaasε Kristoni”. Woi nom ne wͻn apεdeε hunu no. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Sε moyε nokwafoͻ ampa a, εneε monfa mo nyinasoͻ (a mode ka saa asԑm no ) mmra”

    [112] Daabi (εnte saa), obiara a ͻbεbrε neho nyinaa ase ama Nyankopͻn, na ͻyε ayεmyε (dema ne nua) no, ͻwͻ akatua wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ, na ehuu bͻ biara mma wͻn so, na wͻn werε nso nnho (wͻ Atemmuda)

    [113] Yudafoͻ no ka sε: “Kristofoͻ no nni hwee (a wͻ’gyina so desom Nyame), εna Kristofoͻ no nso se: “Yudafoͻ no nni hwee (a wͻ’gyina so desom Nyame)” aberε nso a wͻn nyinaa kenkan Nwoma (baako) no. Saa ara na wͻn a wͻ’nnim no keka wͻn nsεm no ara bie. Enti Nyankopͻn bebu deε wͻ’gye ho akyinnyeε no ho atεn Atemmuda

    [114] (Onipa) bͻneni bεn na ͻkyεn obi a, osi (nnipa) kwan wͻ Nyamedan ho sε yεbεbͻ Nyankopͻn din wɔ hɔ, na ɔbɔ mmͻden (biara) sε ͻbεgu no anaa ͻbεsεe no? Saa nkorͻfoɔ no na wͻ’nni ho kwan sε wͻ’wura (Nyamedan) no mu, gyesε ehuu mu. (Saa nkorͻfoͻ no) wͻ animguaseε wͻ wiase, na Daakye no nso wͻ’wͻ asotwee kεseε paa

    [115] Apueε ne Atͻeε wͻ Nyankopͻn, enti babiara a mode moani bεkyerε no Nyankopͻn anim wͻ hͻ. Nokorε sε, Nyankopͻn deε N’adom so, na Ɔne Onimdefoͻ

    [116] Wͻ’ka sε: Nyankopͻn awo ba. Kronkron Hene ne no. Daabi, (εnte saa), deε εwͻ soro ne asaase so nyinaa yε Nedea. Biribiara berε neho ase ma no

    [117] (Otumfoͻ Nyankopͻn) a Ɔhyεε ͻsoro ne asaase mmͻeε aseε, sε Ɔpεsε Odi dwuma bi a deε Ɔka ara ne sε: “Yε!” na ayε

    [118] Deε wͻn a wͻ’nnim no keka ne sε: “Yεn deε adεn na Nyankopͻn ne yεn nnkasa, anaasε nsεnkyerεnee bi mma yεn hͻ?” Saa ara na wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no kekaa wͻn nsεm yi ara bie. Wͻn nyinaa akoma yεpε. Ampa sε Y’akyerεkyerε Nsεm no mu pefee ama amanfoͻ a wͻn adwen si pie no

    [119] Ampa sε, Yε’de Nokorε no na asoma wo (Muhammad), sε anigyesεm ne kͻkͻbͻ ho dawubͻfoͻ . Yemmisa wo Amanehunu gya no mu foͻ no ho asεm

    [120] (Nkͻmhyεni), Yudafoͻ no ne Kristofoͻ no nnye wo nto mu (da), gyesε wodi wͻn som no akyi. Ka sε: “Nyankopͻn kwankyerε no ne ͻkwan tenenee no. Sε wodi wͻn apεdeε akyi wͻ akyire yi a nimdeε aba wo hͻ yi a, εneε wonnya okyitaafoͻ anaa ɔboafoͻ biara a ɔbεboa wo (ako atia) Nyankopͻn

    [121] Wͻn a Y’ama wͻn Nwoma no a wᴐ’kenkan no kenkan paa (anaasε wͻ’di emu mmra no so paa wͻ) nokorε mu sεdeε εfata sε yedisoͻ no, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’gye die. Na wͻn a wͻ’poͻ no wͻ’ne berεguofoͻ no

    [122] Israel mma, monkae M’adom a Mede adom mo, nokorε sε, Mehyεε mo animuonyam kyεn amansan no nyinaa

    [123] Na monsuro Ɛda no a, ͻkra bi ho nni mfasoͻ wͻ hwee ho dema ͻkra bi, na yεnnye mpata wͻ mu, na ntwitwagyeε ho mma mfasoͻ mma no, na obiara mmoa wͻn no

    [124] Kae εberε a Abraham Wura (Nyankopͻn) de nsεm bi sɔɔ no hwεeε na odii ne nyinaa soɔ, Nyankopͻn kaa sε: “Mereyε wo nnipa nyinaa (Imam) kandifoͻ”. Abraham kaa sε: “M’asefoͻ no mu nso (Imam foͻ befri wͻn mu?)” Nyankopͻn kaa sε: “Abͻneεfoͻ no nka Me bͻhyεε ho”

    [125] Kae berԑ a Yε’yεε (Ka’aba) Fie no hyia bea ne abodweԑ bea demaa adasamma. Enti monfa Abraham gyinabea hͻ nyε mpaebͻ bea. Yε’ne Abraham ne Ismail yεε Apam sε: “Monte Me Fie no ho ma wͻn a wͻ’ba hͻ nsrahwε betwa ho hyia, ne wͻn a wͻ’te hͻ, ne wͻn a wͻ’bͻ wͻn mu aseε ne wͻn a wͻ’de wͻn anim butu fͻm (dema Nyankopͻn) no

    [126] Kae εberε a Abraham kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, (mesrε wo sε), ma saa (Maka) kuro yi nyε abodweε (kuro), na fa nnuaba no bi bͻ emufoͻ no akͻnhoma, {titiriw} wͻn mu wͻn a wͻ’agye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie no. Nyankopͻn kaa sε: “Obiara a obeyi boniayε no, Mεma no kwan ama no agye n’ani kakra, na afei M’aka no so de no akͻ Amanehunu gya no mu. Na εhͻ yε nnkyi bͻne paa

    [127] Kae εberε a Abraham ne Ismail repagya (Ka’aba) Fie no fapem no, (mpaeε a wͻ’bͻeԑ ne sε): “Ye’ Wura Nyankopͻn, tie yεn efrisε Wone Mpaebͻ Tiefoͻ, Wone Onimdefoͻ no

    [128] Ye’Wura, (yε’san srε Wo sε), ma yεn mmienu nyε Muslimifoͻ mmerε yεn ho ase ma Wo, na yεn nkyiri mma no mu nso (yε wͻn) ͻman Muslimifoͻ a wͻ’bεbrε wͻn ho ase ama woͻ, na kyerε yεn yε’som ho mmra, na gye yεn adwen sakra. Nokorε sε, Wo na Wotie obia ͻsakra n’adwen, na Wo ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [129] Ye’Wura, (yεsan srε Wo sε) yi Ɔsomafoͻ fri wͻn mu a, ͻbεkenkan Wo Nsεm no akyerε wͻn, na w’akyerε wͻn Nwoma no ne Nyansa no, na wate wͻn ho (afri abosomsom fii ne abrabͻ bͻne ho). Nokorε sε, Wo ne Otumfoͻ a Wotumi ade nyinaa yε, na Wone Nyansafoͻ no

    [130] Hwan na ͻmpε Abraham som no, gyesε obi a wabu ne ho kwasea. Ampa sε, Y’eyii no sii hͻ wͻ wiase ha, na nokorε sε, Daakye no ͻka apapafoͻ no ho

    [131] Ɛberε a ne Wura Nyankopͻn ka kyerεε no sε: “(Abraham) yε Muslim berε wo ho ase.“ Ɔkaa sε: “Mayε Muslim aberε me ho ase ama Abɔdeε nyinaa Wura no’’

    [132] (Islam som) no ara na Abraham deyεε nsamanseε maa ne mma; Ya’aquub nso (saa ara, ͻkaa sε): ‘’Memma, Nyankopͻn ayi (Islam) som no de ama mo, enti monhwε na moanwu, gyesε moayε Muslimifoͻ (ansa)

    [133] (Yudafoͻ), ɛberε a owuo baa Yakobo soͻ no na mo wͻ hͻ anaa? Ԑberε a ͻka kyerεε ne mma sε; ‘’Ɛdeεn na mobεsom no wͻ m’akyi? Wͻ’kaa sε: ”Yεbεsom wo Nyankopͻn ne wa’gya Abraham ne Ismail ne Is’haaq Nyankopͻn baako no, na Ɔno na yεyε Islam brε yεn ho ase ma no

    [134] Woi nom yε amanfoͻ a, wͻ’atwa mu kͻ. Deε wͻ’nsa kaeε no yε wͻn dea, εna deε monso monsa bεka no yε mo dea; na yemmisa mo wͻ deε wͻ’yͻeε no ho asεm

    [135] Deԑ wͻ’ka ne sε: ’’Sε mopε sε monya tenenee a εneε monyε Yudafoɔ anaasε Kristofoɔ. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Daabi (εnte saa), (yedi) Abraham, ͻteneneeni no som no (akyi), na ɔnka abosomsomfoͻ no ho

    [136] (Agyidiefoͻ), monka sε: “Yε’gye Nyankopͻn, ne deε yasiane ama yεn ne deε yesiane maa Abraham ne Ismail, ne Is’haaq, ne Ya’aquub ne wᴐn asefoᴐ no di, (yε’san nso gye) deε yεde maa Mose ne Yesu ne deε yεde maa nkͻmhyεfoͻ a wͻ’fri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no nyinaa di. Yεnyε wͻn mu nyiyimuu; na Nyankopͻn na yεbrε yεn ho ase ma no

    [137] Enti sε (Yudafoͻ no ne Kristofoͻ no) gye di sεdeε moagye adie no a, εneε na ampa sε wͻn wɔ kwan tenenee so, na mmom sε wͻ’dane wͻn akyi ma a, εneε na wͻn wɔ ɔkotia mu (anaa mpaapaamu) paa mu; nanso (Nkͻmhyεni), Nyankopͻn som bo ma wo sε Ͻbͻ woho ban fri wͻn (adwen bͻne mu), na Ɔne Otiefoͻ no, biribiara ho Nimdefoͻ no

    [138] Nyankopͻn som no, hwan na ͻwͻ som pa kyεn Nyankopͻn? Ɔno na yεsom no

    [139] Ka sε: “Enti moregye yεn akyinnye wͻ Nyankopͻn ho aberε a Ɔne yεn Wura, εna Ɔno ara nso ne mo Wura? Yεn nyuma (ho akatua) wͻ yεn, εna monso mon’yuma (ho akatua) wͻ mo, na Nyankopͻn na yede yɛho ma no nokorɛ mu

    [140] Anaa moka ampa sε, na Abraham ne Ismail ne Is’haaq ne Ya’aqub ne (wͻn) asefoͻ no yε Yudafoͻ anaasε Kristofoͻ? Ka sε: “Mona monim anaasε Nyankopͻn (na Onim}?” Nipa bͻneni bεn na ͻkyεn obi a ͻde adansedie a onim no wͻ Nyankopͻn hͻ no sie? Nyankopͻn deε Ommu n’ani nngu dwuma a modie no so

    [141] Woi nom (a yεbobͻͻ wͻn din yi) yε nnipa a wͻ’atwa mu kͻ, deε wͻ’nyaeε no yε wͻn dea, εna deε monso monyaeε yε monso modea. Na yemmisa mo deε na wͻ’yε no ho asεm

    [142] Nnipa mu agyimifoͻ no bεka sε: “Ɛdeεn na ama (Muslimifoͻ) no adane wͻn anim afri Qibla a, na wͻn ani kyerε no soͻ no?” (Nkͻmhyεni), ka sε: “Apueε ne Atͻeε nyinaa wͻ Nyankopͻn; Ɔkyerε obi a Ɔpε kwan kͻ kwan tenenee no so”

    [143] Saa ara na Y’ayε mo (Muslimifoͻ no) ɔman adantamu (anaa ͻman a mosom bo, anaa modi mmu yie), sεdeε mobedi adasamma ho adanseε, na Ɔsomafoͻ no nso bedi moho adanseε. Y’annyε Qibla no a na w’ani kyerε no (wͻ biribiara ho nti, na mmom) sεdeε Yε’de behunu obi a odi Ɔsomafoͻ no akyi ne obia ͻdane ne ho wͻ nenantin soͻ (anaa ͻtwe ne ho firi Islam som no mu). Ԑyε nsakraeε a εyε den (ma wͻn a wͻn gyidie sua), na mmom (εnyε den mma) wͻn a Nyankopͻn akyerε wͻn kwan no. Nyankopͻn mma mogyidie no nnyε kwa. Nokorε sε, Onyankopͻn yε Ayεmyε Hene, ne Mmͻborͻhunufoͻ ma adasamma

    [144] Ampa sε Ye’hunuu sε woretoto w’ani kyerε ewiem (sεdeε Nyankopͻn bεkyerε wo Qibla), enti nokorε sε, Yε’bεkyerε wo Qibla a wopε. “Dane w’ani kyerε (Maka) Nyamedan Kronkron no. Baabiara a mowͻ no monfa moanim nkyerε hͻ. Wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no nim yie sε, εno mmom ne nokorε a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. Onyankopͻn deε Omuu n’ani nguu dwuma a wͻ’die no so.“

    [145] Sε wode nsεnkyerεnee nyinaa mpo brε wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no a, wͻ’nni wo Qibla no akyi da; na wonso wonni wͻn Qibla no akyi, na monni moho-moho nso Qibla akyi. Nokorε sε, sε wodi wͻn apεdeε akyi wͻ akyire yi a wonsa aka nimdeε yi a, εneε na nokorε sε woka abͻneεfoͻ no ho

    [146] Wͻn a Y’ama wͻn Nyamesom ho Nwoma no nim (Muhammad) tesε deε wͻ’nim wͻn ara wͻn mma. Nokorε sε, wͻn mu fekuo bi de nokorε no sie wͻ aberε a wͻ’nim

    [147] (Woi) ne Nokorε no a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ, enti hwε na w’ankͻka wͻn a wͻn adwen nnsi wͻn pie no ho

    [148] Ɔman biar a wͻ faako a wͻ’de wͻn anim kyerε (wͻ aberε a wͻ’refrε Nyame). Enti monsi akan wͻ dwumadi pa ho. Faako a mowͻ biara no Nyankopͻn de monyinaa bεba (wͻ Atemmuda). Nokorε sε Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi

    [149] Baabi a wobefiri (ahyε Nyamefrε ase) biara no fa w’anim kyerε (Ka’aba) Nyamedan Kronkron no. Ampa sε, εno ne nokorε a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Onyankopͻn muu n’ani nnguu dwuma a modie no so

    [150] Baabi a wobefiri (ahyε Nyamefrε aseε) no fa w’ani kyerε (Ka’aba) Nyamedan Kronkron no, na baabi a mowͻ biara monfa moani nkyerε hͻ, sεdeε amanfoͻ no nnya nyinasoͻ biara ntia mo, gyesε wͻn mu abͻneεfoͻ no. Enti monhwε na moansuro wͻn, na mmom monsuro Me, sεdeε Mede M’adom no bewie mosoͻ ne sεdeε mobenya kwankyerε

    [151] Sεdeε (Yε’de y’adom bewie mosoͻ no nti) Y’asoma Ɔsomafoͻ wͻ mo hͻ a ofiri mo mu a, ͻrekenkan Yεn Nsεm no kyerε mo, na ͻrete moho (fri abosomsom fii ne abrabͻ bͻne ho), εna ͻrekyerε mo Nwoma no ne Nyansa no, san kyerε mo adeε a na anka monnnim

    [152] Enti monkae Me (na) Mεkae mo, na monyi M’ayε, na monnnyi Me boniayε

    [153] Mo a moagye adie, monfa aboterε ne mpaebͻ nhwehwε mmoa (wͻ Nyankopͻn hͻ); nokorε sε Nyankopͻn ka aboterεfoͻ no ho

    [154] Monhwε na moanka amfa wͻn a yaku wͻn wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no ho sε: “Wͻn awu”. Daabi, wͻn wͻ nkwa mu, nanso monnhu nti

    [155] Ampa sε, Yεde biribi a εyε huu, ne ͻkͻm, ne agyapadeε ne nkwa (hwereε) ne nnuaba (sεeε) bεyε mo nsͻhwε. Na fa anigyesεm no hyε aboterεfoͻ no bͻ

    [156] Wͻn a sε mmusuo bi to wͻn a deε wͻ’ka ne sε: “Yε’yε Nyankopͻn dea, na Nehͻ na yεbεsan akͻ ”

    [157] Saa nkorͻfoͻ no na nhyira ne ahummͻborͻ a efiri wͻn Wura (Nyankopͻn) hͻ no wͻ wͻn soɔ, na saa nkorͻfoͻ no ne ateneneefoͻ no

    [158] Nokorε sε, Safa ne Marwa ka Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho, enti obi a ͻbεyε (Ka’aba) Fie no ho Haji, anaa ɔbεkͻ hͻ akɔyɛ Umura no, bɔne biara nni ne so sε ɔbetwa ne mmienu no ho ahyia. Na obi a, ɔbefiri ɔno ara ne pε mu ayε papa bi no, nokorε sε Nyankopͻn na Oyi ayε, na Ɔne Onimdefoɔ

    [159] Nokorε sε, wͻn a wͻ’de adeε a Y’asiane aba a εyε nyinasoͻ pefee ne kwankyerε no sie wͻ akyire yi a Y’ada no adi akyerε nnipa wͻ Nwoma no mu no, saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn nnomee ne obiara a ͻdome no nnomee wͻ wͻn soͻ

    [160] Gyesε wͻn a wͻ’sakra wͻn adwen na wͻ’toto ntotoeε pa, na wͻ’da (Nsεm no) adi (kyerε amanfoͻ), saa nkorͻfoͻ no deε Metie wͻn adwen sakra no (efrisε) Me na Metie obi a ͻsakra n’adwen no adwen sakra, (na Mene) Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [161] Nokorε sε wͻn a wͻ’po nokorε no, na wͻ’wu wͻ (Kaafir) boniayε mu no, saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn ne Soro abͻfoͻ ne nnipa nyinaa nnomee wͻ wͻn soͻ

    [162] Emu na wͻ’bεtena, na asotwee no mu nnyε mmerε mma wͻn koraa, na yεmma wͻn (ahomegye) berε nso

    [163] Mo Awurade Nyankopͻn no Ɔyε Awurade baako, Awurade (foforͻ) biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Ɔne Ahummͻborͻ Hene no, Ɔdεεfoͻ Hene no

    [164] Nokorε sε, ͻsoro ne asaase mmͻeε, ne adesaeε ne adekyeε a εbͻ abira, (adeεsa na adeε akye), ne nsuomu-hyεn a εde nneεma a nnipa nya ho mfasoͻ nam ͻpo soͻ, ne nsuo a Nyankopͻn siane firi soro de nyane asaase wͻ (asaase) wuo akyi, ne mmoadoma ahodoͻ a w’apete wͻ asaase soͻ, ne mframa a, edi adane-adane, ne mununkum a εberε neho ase wͻ ewiem ne asaase no ntεm no (nyinaa) yε nsεnkyerεnee dema nnipa a wͻ’dwen

    [165] Nnipa no mu bi wᴐ hᴐ a w’afiri Nyankopͻn akyi afa nneεma bi detoto Nyame ho (som wͻn). Wͻ’de ᴐdͻ a εsεsε wͻ’de dͻ Nyankopͻn no dͻ wͻn. Wͻn a wͻ’agye adie no nso wͻ Nyankopͻn ho dͻ papaapa (kyεn biribiara). Sε abͻneεfoͻ no rehunu (sεdeε) εberε a wͻ’behunu asotwee no (besi ayε) a, anka (wͻ’behunu sε) tumi nyinaa wͻ Nyankopͻn; nokorε nso sε, Nyankopͻn asotwee ano yε den paa

    [166] Ɛberε a wͻ’behunu asotwe no (mpanimfoͻ bi a, nnipa bi) dii wͻn akyi (na wͻ’yera wͻn) no beyi wͻn a wͻ’dii wͻn akyi no ama (anaasε wͻ’bεtwe wͻn ho afri wͻn ho saa berε no) wͻn abusua bͻ (anaasε twaka a εda wͻn ntεm) no nyinaa to betwa

    [167] Wͻn a wͻ’dii (mpanimfoͻ no) akyi no bεka sε: ‘’Sε yenya kwan bio asan (akͻ wiase a) anka yebeyi wͻn ama sεdeε wͻn ayi yεn ama (wͻ nnε da yi). Saa ara na Nyankopͻn beyi wͻn dwumadie ho berεguo akyerε wͻn, na wͻnnya kwan mfiri wͻ Ogya no mu

    [168] Adasamma, moni deε εwͻ asaase so a εkwan wͻ ho, na εyε (anaasε εho teε); na monhwε yie na moanni ͻbonsam anamͻn akyi, nokorε sε ͻyε motamfo a ͻda adi pefee

    [169] Deε ͻrehyε mo (sε monyε) ne bͻne, ne (sɛ mobebu) ahohwi bra, ne sε mobεka (nsεm) a monnim ato Nyankopͻn soͻ

    [170] Sε yεka kyerε wͻn sε: “Moni deε Nyankopͻn asiane aba no akyi a, deε wͻ’ka ne sε: “Daabi, yedi deε yε’bεtoo sε y’agyanom reyε no akyi”. Sε na wͻn agyanom nni hwee ho nteaseε, na sε wͻ’nyε ateneneefoͻ mpo a

    [171] Wͻn a wͻ’po (nokorε) no mfatoho tesε obi a ͻretea mu frε adeε a εnte hwee, gyesε εnee ne nteamu (kεkε na ͻteε). Asosifoͻ, emum ne anifirafoͻ, enti wͻ’nni adwen

    [172] Mo a moagye adie, monidi mfiri nnepa a yεde abͻ mo akͻnhoma no mu, na monfa aseda ma Nyankopͻn, sε Ɔno mmom na moresom no ampa a

    [173] Adeε a yabra mo (ne die) ne aboa funu anaa aboa a wawu wͻ nemogyaa mu, εne mogya, ne prako-nam ne (aboa a) edin foforͻ bi a εnyε Nyankopͻn din mu na y’abͻ (de aku no). Na mmom obi a ahokyerε nti (εbεma no akͻwe nnam ahodoͻ a yabra yi bie) na εnyε anidaaho anaasε asoͻden no, bͻne biara nni no so. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [174] Nokorε sε, wͻn a wͻ’de Adiyisεm a Nyankopͻn asiane no wͻ Nwoma no mu no sie, na sika kakra bi ho nti wͻ’tͻn no, deε saa nkorͻfoͻ no di gu wͻn yafunu mu yε ogya. Wusͻreε Da no Nyankopͻn nnkasa wͻn ho na Ɔnnte wͻn ho nso, na wͻ’benya asotwee a εyε ya paa

    [175] Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’de tenenee no akͻtͻ ͻyera, εna wͻ’de (Nyankopͻn) bͻnefakyε akͻtͻ asotwee. Ei, Akokoͻduro (anaasε aboterε) a wͻ’benya no wͻ Amane hunu gya no mu

    [176] Ԑnesε, Nyankopͻn de nokorε na asiane Nwoma no, nanso nokorε sε, wͻn a wͻn adwen nnsi wͻn pi wͻ Nwoma no ho no ko tia paa kͻ akyirikyiri

    [177] Ɛnyε papa yε no nesε, mode moanim bεkyerε Apueε anaasε Atͻeε, na mmom papayε no ne obi a, w’agye Nyankopͻn, ne Soro abͻfoͻ, ne (Adiyisεm) Nwoma no, ne Nkͻmhyεfoͻ no adie, na w’agyina Nyankopͻn ho dͻ so ayi agyapadeε bi aboa abusua, ne nyanka, ne ahiafoͻ, ne akwantufoͻ, ne adesrεfoͻ anaa wᴐn a wᴐ’hia mmoa, ne nneduafoͻ; na w’afrε Nyame wͻ nebrε mu, na w’ayi Zaka; ne wͻn a wͻ’hyε bͻ a wͻ’di wͻn bͻhyε no soͻ, ne wͻn a wͻ’si aboterε wͻ ͻhaw ne ahokyerε mu ne berε a ͻkoo wͻ mu. Saa nkorͻfoͻ no na wɔ’di nokorɛ, na wͻ’ne Nyame-surofoͻ no

    [178] Mo a moagye adie, yahyehyε awudie so akatua (ho mmara) ama mo: Ɔdehyeε (na odii awuo a, saa) ͻdehyeε no ara (na yenku no), na ͻdͻnkͻ nso a ͻdͻnkͻ (no ara), ͻbaa nso a, ͻbaa (no ara). Na mmom sε obi a yaku no no nua de bͻne no kyε na obisa biribi (anaasε mpata deε a), moni so wͻ kwan pa so, na mompata no wͻ ayεmyε mu. Woi yε adeε a emu dwoͻ san yε mmͻborͻhunu a efiri mo Wura Nyankopͻn hͻ. Na obi a woi akyi no ͻbeyi ͻtan adie no, εneε (saa nipa no) wͻ aso twee a εyε ya paa

    [179] Amanfoͻ a mote asεm aseε, nkwa wͻ awudie so akatua ho mmara no mu ma mo, sεdeε ԑbεma mo asuro Nyame ayε ahwεyie

    [180] Y’ahyehyε ama mo sε, sε owuo ba obi so na ogya agyapadeε a, ͻnyε nsamanseε ma awofoͻ ne abusua wͻ kwan pa so. (Saa asεm yi yε) asεdeε a, εda Nyame-surofoͻ no soͻ

    [181] Na obi a ͻbεsesa (saa asεm yi) wͻ akyire yi a wateε no, εso bͻne no da wͻn a wͻ’sesaa no no so. Nokorε sε Nyankopͻn ne Otiefoͻ na Ɔne Onimdefoͻ

    [182] Obi a osuro mfomsoͻ anaa anidaho bͻne bi wͻ nea ɔreyε nsamanseε no hͻ (anaa nea ɔregye nsamanseε no hͻ), na sε ͻtoto wͻn ntεm ntotoeε pa a, bͻne biara nna ne so. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [183] Mo a moagye adie, yayε akyiriwia nhyε ama mo sεdeε yεyεε no nhyε maa (agyidiefoͻ) no a wͻ’dii moanim kan no sεdeε mobesuro Nyame ayε ahwεyie

    [184] (Akyiriwia nna no) yε nna dodoᴐ bi a yatu asi hɔ. Na momu obi a ɔyareε, anaa ͻwͻ akwantuo mu (na εno nti w’antumi annyε akyiriwia no), ͻbεyε akyiriwia (a yadeε anaa akwantuo nti wannyε no) wͻ nna foforͻ mu. Wͻn nso a (akyiriwia no) yε den ma wͻn (tesε nkɔkora ne mmerewa ne wɔn a wɔ’yare yadeε koankorɔ ne apemfoɔ ne mmaa a wɔn awo foforɔ na wɔ’rema wɔn mma nufoɔ) no, bεma ohiani aduane de ayε mpata. Obi nso a ͻbefiri ͻno ara nepε mu ayε papa bi no, εyε papa ma ɔno ara. Na sε moyε akyiriwia no a εyε ma mo paa sε anka monim (εho mfasoͻ) a

    [185] Ramadaan bosome no mu na yesianee Qur’aan baeε demaa adasamma sԑ kwan kyerεdeε, ne nkyerεkyerԑmu a ԑkyerԑ kwankyerε no mu pefee, da nokorε ne nkontompo adie. Enti mo mu biara a, ɔwɔ hɔ wɔ Bosome no mu no, ɔnyε akyiriwia wɔ mu. Na obi a ᴐyareԑ anaa ɔwɔ akwantuo mu (a wantumi anyε no,) ontua nna dodoɔ no pεpεεpε wɔ nna foforɔ mu. Onyankopɔn pεsε (biribiara) yε bɔkɔɔ ma mo, na Ɔmpεsε moho bεkyere mo, ne sεdeε mobetumi awie mmerε no, na mobɛbɔ Onyankopɔn abodin sεdeε wakyerε mo kwan, ne sεdeε mobeyi no ayɛ

    [186] Sε Menkoa no bisa wo fa Meho a, (yi wɔn ano sε): Nokorε, Mebεn (wɔn) paa; obiara a osu frε Me no Megye no so, sε osu frε Me a. Enti wɔn nso wɔnye Me so na wɔnye Me nni, sεdeε wɔ’benya kwankyerɛ

    [187] Yama mo kwan sε (mobetumi) akɔ moyerenom ho wɔ akyiriwia (bosome) anadwo no mu. Wɔ’yɛ moakatasoɔ, monso moyε wɔn akatasoɔ, Onyankopɔn nim yie sε nokorε modi moho hwammɔ, enti Ɔde mobɔne akyε mo, demo mfomsoכ afiri mo, enti afei deε monkɔ wɔn ho, na monhwehwε deε Nyankopɔn ahyehyε ama mo no. Na monidi na monom nkosi sε ahomakye ahoma fufuo no bεda adi afiri (anadwo) ahoma tuntum no ho; na afei montoa akyiriwia no so nkosi anadwo. Na mmom moreyε I’itikaaf wɔ Nyamedan mu a, monhwε na moankɔ wɔn ho (wɔ awia ne anadwo no mu biara mu). Saa ara na Nyankopɔn kyerεkyerε Ne Nsεm no mu kyerε adasamma sεdeε wɔ’bεsuro Nyame ayε ahwεyie

    [188] Monhwε na moanfa kwan bɔne so anni montεm sika; anaa monfa nnyε nyinasoכ nntwe (mo ho) nkכma atemmufoɔ sεdeε mobedi amanfoɔ sika mu bi wɔ kwan bɔne so wɔ aberε a monim

    [189] (Nkכmhyεni), wɔ’rebisa wo (deε nti Nyame bɔɔ) abosome foforɔ no ho asεm. Ka sε: ‘’Ɛyε (nsεnkyerεnee a εkyerε) nnipa εberε (ahodoɔ) ne Haji (berε)”. Na εnyε papa yε no ne sε, wobεfa mfikyire akכ fie, na mmom papa yε no ne sε obi besuro Nyame. Enti monfa efie no aboboano nkɔ afie mu, na monsuro Nyankopɔn sεdeε mobedi nkonim

    [190] Monko wɔ Nyankopɔn kwan so ntia wɔn a wɔ’ko tia mo, na mmom monhwε na moanto mmara. Nokorε sε, Nyankopɔn mpε mmaratofoɔ no asεm

    [191] Baabiara a mobenya wͻn no monku wͻn, na montu wͻn mfiri deε wͻ’tuu mo firiε no, (ewom sε nnipa kum nnyε, nanso) aniεyaa hyε yεya kyεn okum. Na monhwε na mone wͻn anko wͻ (Ka’aba) Nyamedan kronkron no ho, kosi sε wͻ’ne mo bεko wͻ hͻ (ansa); na sε wͻ’ne mo ko (wͻ hͻ) a, εneε monku wͻn. Saa na εsεsε yεde tua boniayεfoͻ no so ka

    [192] Na sε wͻ’gyae (mo haw) a, nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [193] Monko ntia wͻn nkosi sε, ͻhaw biara nnihͻ bio, na Nyamesom no bεyε Nyanko-pͻn (nko ara) dea. Enti sε wͻ’gyae (sε wͻ’rekotia mo no) a, εneε ͻtan (biara) nnihͻ (bio) gyesε abͻneεfoͻ no so

    [194] (Sε wͻ’de ͻkoo toa mo wͻ) Bosome kronkron no mu a, (mo ne wͻn nko wͻ) Bosome kronkron no mu. Bͻne so akatua no ho mmra wͻhͻ dema (berε) kronkron nso. Enti obi a ͻbεto mmra atia mo no, monto mmra ntia no bi pεpεεpε sεdeε ͻtiaa mo no ara. Na monsuro Nyankopͻn na monhunu yie sε nokorε, Nyankopͻn ka Nyame-surofoͻ no ho

    [195] Monyi (moagyapadeε) ma wͻ Nyankopͻn kwan so, na monhwε na moamma mo ara monsa anto mo antwene ᴐseε mu. Na monyε ayԑmyԑ. Nokorε sε, Nyankopͻn pε wͻn a wͻ’yε ayԑmyԑ no asεm

    [196] Monwie Haji ne Umura no ma Nyankopͻn. Sε (biribi tesε yadeε) si mo kwan (na amma mo antumi anwie Haji anaa Umra no a) monfa mo afͻrebͻdeε (odwan, nantwie, anaa yoma) a monsa bεso soͻ mmra. Na monhwε na moanyi motri nwi kͻpem sε, afͻrebͻdeε no beduru faako a εrekͻ. Sε mo mu bi yare, anaa ͻwͻ ͻhaw bi wͻ ne ti a (εno bεma ahia sε oyi neti no a) ͻbεyε akyiriwia nnansa, anaa ͻbεyε adͻeε anaasε ͻbεbͻ okum afͻdeε de ayε mpata. Na sε mo wͻ abotͻyεmu mu na mo mu bi pε sε ͻyε Umra de foa Haji no so a, ͻbεbͻ okum afͻdeε a nensa bεso soͻ, na sε onnya nso a ͻbεyε akyiriwia nnansa wͻ Haji no mu, na sε mosan ba (mo kuro mu nso) a wayε nna nson, na nenyinaa ayε dadu pεpεεpε. Woi gyina hͻ ma obi a na’busuafoͻ nni Nyame-dan kronkron no ho (anaasε obia ͻyε hͻhoͻ a omfri Maka hͻ). Na monsuro Nyankopͻn na monhunu sε, nokorε Nyankopͻn asotwee ano yε den paa

    [197] (Ɛberε a yεde yε) Haji no yε abosome a εda adie (anaasɛ yenim), enti obi a ͻbεyε n’adwen wͻ mu sε ͻbεyε Haji (na wafa ‘Harami’) no, εnsεsε ͻkͻ ͻbaa ho, anaa ͻbu ahohwi bra biara anaa ͻko ntͻkwa wͻ Haji no mu. Papa biara a mobεyε no nso nokorε sε Nyankopͻn Nim. Na monyε (Haji akwantuo no ho) ahoboa, na mmom ahoboa papa ne Nyamesuro ne ahwεyie. Enti mo a mowͻ nteaseε, monsuro Me

    [198] (Haji korͻ no mu no) εnyε bͻne ma mo sε mobεhwehwε adom a efri mo Wura Nyankopͻn hͻ. Nasε mopia moho firi Arafa a momͻ Nyankopͻn abodin wͻ ‘Mash’arul Haraam‘ hͻ, na momͻ no abodin sεdeε W’akyerε mo kwan a anka kane no na moka ayerafoͻ no ho no

    [199] Afei monka moho nkͻ faako a amanfoͻ reka wͻn ho korͻ no, na monsrε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [200] Sɛ mowie mo Nyamesom ho amaneε no a, momͻ Nyankopͻn abodin sεdeε mobͻ mo agyanom abodin no, anaasε (momͻ Nyankopͻn abodin) ma εnkyεn saa. Nnipa no bi wͻhͻ a deε wͻ’ka nesε: “Ye’Wura Nyankopͻn, ma yεn wiase ”. (Saa nkorͻfoͻ a wͻbͻ mpaeε srε wiaseε no) nni kyεfa wͻ Daakye no mu

    [201] Wͻn mu bi nso ka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn ma yεn wiase yi mu papa, na san ma yεn Daakye no nso mu papa, na bͻ yεn ho ban fri Amanehunu gya no asotwee no mu

    [202] Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’benya kyεfa afri dwuma a wͻ’diiε no mu. Onyankopͻn deε Neho yε hare wͻ akontabuo ho

    [203] Na momͻ Nyankopͻn abodin wͻ nna a y’atu asihͻ no mu. Na obi a ͻbεpε ntεm (afri Mina wͻ) nna mmienu (mu no), εnyε bͻne ma no. Obi nso a ͻbεka akyire no nso bͻne biara nni neso dema obia ͻbesuro Nyame. Enti monsuro Nyankopͻn na monhunu sε, sε εteε biara Nehͻ na mobεkͻ akohyia

    [204] (Nkͻmhyεni), obi wͻ nnipa no mu a w’ani gye ne kasaa ho wͻ wiase ha, na ͻfrε Nyankopͻn di nse wͻ deε εwͻ n’akoma mu ho, aberε nso a ͻyε otiafoͻ kεseε paa

    [205] Sε ͻbrekyi anaa onya tumi a, ͻbɔ mmͻden sε obedi nsεmmͻne wͻ asaase no so asεe mfudeε ne awoͻ ntoatoasoͻ. Nanso Nyankopͻn mpε nsεmͻnee

    [206] Sε yεka kyerε no sε: “Suro Nyame” a, tumi hyε no so ma no yε bͻne. Enti (saa nipa no) Amanehunu gya no som bo ma no, na ampa sε εhͻ yε ahomegye bea bͻne paa

    [207] Nnipa no mu bi wͻ hͻ a ͻtͻn ne ho de hwehwε Nyankopͻn nyetomu. Nyankopͻn yε Ayεmyε ne Ntimmͻborͻ Hene dema Nenkoa

    [208] Mo a moagye adie, monfa moakoma nyinaa nwura Islam mu, na monhwε yie na moanni ͻbonsam anamͻn akyi. Nokorε sε ͻyε motamfo a ͻda adi pefee

    [209] Sε mowatri wͻ akyire yi a nyinasoͻ pefee aba monkyεn yi a, εneε monhunu sε, nokorε sε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, na Ɔne Onyansafoͻ

    [210] Enti deε wᴐ’retwεn ne sε Nyankopɔn ne Soro Abɔfoɔ befri mununkum nyunu mu aba wᴐn hᴐ? (Saa berε no) deε na asεm no anya asa. Na Nyankopɔn hɔ na nsεm nyinaa kowie

    [211] Bisa Israel mma no sε, nsεnkyerεnee pefee dodoɔ sεn na Yε’de maa wɔn? Obiara a ɔbεsesa Nyankopɔn adom wɔ akyire yi a abeduru ne hɔ no, nokorε sε Nyankopɔn asotwee ano yε den paa

    [212] Wiase asetena yi ayε wɔn a wɔ'po nokorε no fε, ma wɔ’di wɔn a w’agye adie no ho fεw. Nanso wɔn a wɔ’suro Nyame no bεkyεn wɔn wɔ Wusɔreε da no. Onyankopɔn na Ɔkyε obi a Ɔpε adeε a enni ano, anaa akontabuo biara nni ho

    [213] Na anka nnipa nyinaa yε ɔman baako, na Nyankopɔn somaa asomafoɔ a wɔ’kuta anigyesεm ne kɔkɔbɔ ho dawubɔ (baa wɔn nkyεn), san sianee Nwoma no kaa wɔn ho wɔ nokorε mu, sεdeε wɔ’de bebu nnipa ntεm atεn wɔ deε wɔ’nnte wɔn ho ase wɔ ho no ho. Wɔn a yεde Nyamesom ho Nwoma maa wɔn no, εnyε sε wɔ’nnte wɔn ho ase wɔ ho wɔ akyire yi a wɔ’nyaa nkyerεkyerεmu no, na mmom ahoɔyaa a εda wɔn ntεm nti. Enti nokorε no a wɔ’gye akyinnye wɔ ho no, Nyankopɔn akyerε wɔn a wɔ’gye die no wɔ Nepε mu. Onyankopɔn deε Ɔkyerε obi a Ɔpε kwan kɔ kwan tenenee no so

    [214] Anaasε moadwen yε mosε mobεkɔ soro Aheman no mu wͻ aberε a (nsɔhwε) tesε deε εtoo wɔn a wɔ’dii moanim kan no sεso ntoo mo? Ɔhaw ne ahokyerε too wɔn; wɔn ho wosoo papaapa kosii sε Ɔsomafoכ no ne wɔn a w’agye adi aka ne ho no kaa sε: ‘’Na εberε bεn na Nyankopɔn mmoa no bεba?” Aane, nokorε sε Nyankopɔn mmoa no abεn

    [215] (Nkͻmhyεni), wͻ’rebisa wo sε: “Ɛdeεn na wͻnyi mfa ma?” Ka sε: “Adepa a mobeyie no wͻ awofoͻ ne abusua ne nyanka ne ahiafoͻ ne akwantufoͻ. Papa a mobεyε biara no nso nokorε sε, Nyankopͻn Nim ho asεm”

    [216] Y’ahyehyε ͻkoo ama mo, εwom sε mompε, na adeε bi wͻhͻ a ebia mompε, nanso na εyε nhyira ma mo; εna adeε bi nso wͻ hͻ a ebia na mopε nanso εyε ade bͻne ma mo. Nyankopͻn na Onim na modeε monnnim

    [217] Wͻ’rebisa wo fa ͻkoo wͻ bosome kronkron no mu. Ka sε: “Ɔkoo wͻ (bosome kronkron no) mu yε (bͻne) kεse. Na wͻ’resi (obi kwan) afri Nyankopͻn kwan soͻ na w’apo Nyankopͻn, asan asi (Muslimifoͻ no) kwan wͻ Nyamedan kronkron no ho atu εhͻfoͻ no afiri hͻ no yε bͻne kεseε paa wͻ Nyankopͻn anim. Aniεyaa hyε yεya kyεn okum. (Kaafirfoͻ no) nnyae sε wͻ’bεko atia mo, gyesε wͻ’ma mo san moakyi fri mosom no mu, sε anka wͻ’betumi a. Momu biara a ͻbεsan n’akyi afri nesom no mu na obewuo na ᴐyε Kaafir no, saa nkorͻfoͻ no na wͻn-nyuma ayε kwa wͻ wiase ne Daakye no mu no, na wͻ’ne Amanehunu gya no mu foͻ no, na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [218] Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie, ne wͻn a wͻ’tuu amantuo na wͻ’koo wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’rehwehwε Nyankopͻn ahummͻborͻ no. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [219] Wͻ’rebisa wo nsa ne dehu toͻ ho asεm. “Ka sε: ”Bͻne kεse wͻ ne mmienu (nyinaa) mu, εna mfasoͻ nso wͻ mu dema nnipa, na bͻne a εwͻ ne mmienu no mu no so kyεn mfasoͻ a εwͻ ne mmienu mu. Wͻ’resan bisa wo sε: “Ɛdeεn na wͻ’nyi mfa ma? “Kasε: “Deε mobenya”. Saa ara na Nyankopͻn kyerεkyerε Nsεm no mu kyerε mo sεdeε mobεfa adwen

    [220] Wͻ wiase ne Daakye no ho. Na wͻ’rebisa wo nyanka no ho asεm. Ka sε: “Ɛyε sε mobεtoto wͻn ntotoeε ama wͻn, na sε mone wͻn di afra nso a (εyε), efrisε wͻ’yε mo nuanom. Nyankopͻn nim wͻn a wͻn wͻ adwen pa (wͻ nyanka no ho) ne wͻn a wͻn wͻ wͻn ho) adwen bͻne. Sε εyε Nyankopͻn pε a anka Ɔbεma moho akyere mo. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ

    [221] Monhwε na moanware abosomsom foͻ mmaa no kosi sε wͻ’bεgye adi ansa. Afenaa gyidieni yε kyεn (ͻdehyeε) bosomsomni baa, sε moani gye neho mpo a. (Momma agyidiefoͻ mmaa nso) nnware abosomsomfoͻ mmarima, gyesε wͻn agye adi ansa. Akoa gyidieni yε kyεn (ͻdehyeε) bosomsomni sε moani gye ne ho mpo a. Woi nom refrε mo akͻ Amanehunu gyem; Nyankopͻn nso refrε mo akͻ ͻsoro Aheman ne Nebͻnefakyε a εyε Nepε mu. Ɔkyerεkyerε Nensεm no mu dekyerε nnipa sεdeε wͻ’bεkaekaeε

    [222] (Nkͻmhyεni), Wͻ’rebisa wo fa (mmaa) afikyi kͻ ho asεm. Ka sε: “Ɛyε fii, enti montwe moho mfiri mmaa no ho wͻ afikyi kͻ (berε no) mu, na monhwε na moankͻ wͻn ho kosi sε wͻn ho bεteε; na sε wͻ’te wͻn ho wie a, εneε monkͻ wͻn ho sɛdeɛ Nyankopɔn ahyɛ mo no. Nokorε sε, Nyankopͻn pε wͻn a wͻ’sakra wͻn adwen no asεm, Ɔsan nso pε wͻn a wͻ’di wͻn ho nni no nso asεm

    [223] Moyerenom yε afuo ma mo, enti monkͻ moafuo mu sεdeε mopε; na monfa (biribi pa) nto moanim, na monsuro Nyankopͻn, na monhunu sε, sε εteε biara no mobehyia no. Enti fa anigyesεm no ho amaneε no bͻ agyidiefoͻ no

    [224] Monhwε na moanfa nsedie a mode Nyankopͻn die no anyε nyinasoͻ ansi papa anaa ahwεyie anaa nnipa ntεm nsiesie ho kwan. Nyankopͻn ne Otiefoͻ Ɔne Onimdefoᴐ

    [225] Nyankopͻn mfrε mo akontabuo wͻ monsedi hunu no ho, na mmom Ɔbεfrε mo akontabuo wͻ deε moakoma nyaeε no ho. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ntoboaseε Hene

    [226] Wͻn a wͻ’di nse sε wͻ’nnkͻ wͻn yerenom ho bio no, wͻntwεn abosome nnan. Sε wͻ’san wͻn akyi, (anaasε wͻ’nu wͻn ho wͻ deε wͻ’kaeε no ho a), nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [227] Sε wͻyε wͻn adwen sε wͻ’begyae awadeε nso a, nokorε sε, Nyankopͻn te biribiara, Ɔne Onimdefoͻ

    [228] Mmaa awaregyaefoͻ no ntwentwεn wͻn ho so nkosi bosome mmiεnsa afikyikͻ mu; na εmfata mma wͻn sε wͻ’de deε Nyankopͻn abͻ ahyε wͻn awodeε mu (nyinsεn) no besuma, sε wͻ’gye Nyankopↄn ne Da a edi akyire no di ampa a. Wͻn kununom wͻ ho kwan sε wͻ’san wͻn (ba awadeε aseε) wͻ saa (Idda) berε no mu, sε wͻ’pε nsiesie a. Mmaa no nso wͻ ho kwan wͻ kwan pa so sεdeε mmarima no wͻ no ara pεpεεpε, nanso mmarima no na εwͻ mmaa no so tumi. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, na Ɔne Onyansafoͻ

    [229] Awaregyaeε (a yεma kwan ma saa awaregyaefoͻ no san ware bio) yε mprenu; (Ͻbarima no) nsͻ (ͻbaa) no mu wͻ kwan pa so, anaa wͻ’nfa ayεmyε nni ntetemu. Ɛmfata mma mo (mmarima no) sε mobεgye deε mode ama wͻn no mu biribi; sε mosuro nso sε anhwε a na wͻn mmienu antumi anni Nyankopͻn mmara no so a, εno deε bͻne biara nni wͻn mmienu no so fa deε ͻbaa no de bεma (ͻbarima) no na wanya ne ho. Woi ne Nyankopͻn mmra, monhwε yie na moannto. Obi a ͻbεto Nyankopͻn mmra no saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no

    [230] Sε ogyae no (mprεnsa a) εno akyiri no onni ho kwan (sε ͻsan ware saa ͻbaa no bio) kosi sε ͻbaa no bεkͻ akͻware barima foforͻ. Nasε ͻbarima (foforͻ no) gyae no a, εneε εnyε bͻne mma wͻn mmienu sε wͻ’bεsan aware bio, sε wͻn mmienu adwen yε wͻn sε wͻ’betumi adi Nyankopͻn mmara no so a. Woi nom ne Nyankopͻn mmra a ͻrekyerεkyerεmu akyerε amanfoͻ sεdeε wͻ’behunu

    [231] Sε mogyae mmaa no na wͻn (Idda) berε no reyε aso, (na sε mosan pε wͻn a), monsͻ wͻn mu ͻkwan pa so, (sε mompε wͻn so a), monyae wͻn wͻ ayεmyε mu; na (mo mmoa pa) nnye wͻn sε moreha wͻn na monnkͻto mmara. Obi a ͻbεyε saa no nokorε sε wasisi ͻno ara ne ho. Na monhwε yie na moanfa Nyankopͻn nsεm no anni fεw, na monkae Nyankopͻn adom a εwͻ mo so ne deε yasiane ama mo wͻ Nwoma no mu ne Nyansa no a Ɔde retu mofoͻ no. Na monsuro Nyankopͻn na monhunu sε, Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ

    [232] Sε mogyae mmaa no na wͻn (Idda) berε (bosome mmiεnsa) no so a, monhwε na moansi wͻn kwan sε wͻ’ware wͻn kunu nom, sε wͻ’agye wͻn ho atom wͻ kwan pa so a. Woi na Nyankopͻn detu obi a ͻwͻ momu a w’agye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie no foͻ. Woi na εyε nhyira ne kronkron dema mo. Onyankopͻn na Onim wͻ aberε a monnim

    [233] Mmaa awofoͻ no mfa mfie mmienu nwie wͻn mma nufu ma; (woi) gyinahͻ ma obi a ͻpεsε owie nufu ma berε no. Mmaa no akͻnhoma, ne wͻn ataadehyε da agya no so wͻ nhyehyεε pa so. Yε’nnfa adesoa nnsoa ͻkra bi, gyesε deε n’ahoͻden betumi. Ɛnsεsε (agya) no ma maame no nya ͻhaw wͻ ne ba no ho, εna εnsεsε (maame no nso) ma agya no nya ͻhaw wͻ ne ba no ho, Saa ara nso na saa sodie yi da obi a ͻbedi adeε no nso soᴐ. Sε wͻn mmienu pε nufumafoᴐ na wͻ’dwene ho na wͻ’te wͻn ho ase a, bͻne biara nna wͻn so. Sε mopε sε mode mo mma ma mmaa nufumafoͻ a wͻ’bεtete wͻn a, εnyε bͻne ma mo, (deε ehia ne) sε mode wͻn akatua bεma wͻn wͻ kwan pa soͻ. Na monsuro Nyankopͻn na monhunu sε, nokorε, dwuma a modie no (nyinaa) Nyankopͻn ani tua

    [234] Momu wͻn a wͻ’wu gya yere nom no, (saa mmaa no) ntwentwεn wͻn ho so (wͻ kunayε mu) bosome nnan ne dadu; na sε wͻn berε no so a, bͻne biara nni moso fa deε wͻ’bεyε wͻn ho wͻ kwan pa soͻ no ho. Dwuma a modie biara no Nyankopͻn bεbͻ mo ho amaneε

    [235] Ɛnyε bͻne ma mo nso sε (mobεfa nyansa kwan bi so) ase mmaa (akunafoͻ) no pε, anaasε mode bεhyε moakoma mu. Nyankopͻn Nim yie sε, mowͻ wᴐn ho adwen wͻ moakoma mu. Monhwε na moanhyε wͻn (awadeε) ho bͻ wͻ nsumaeε mu (aberε a wͻn wͻ kunaeε mu), mmom kasa pa (na monka nkyerε wͻn). Monhwε na moanware wͻn kͻpem sε (Idda) berε a yahyε no bεso ansa. Na monhunu sε Nyankopᴐn nim deԑ ԑwᴐ moakoma mu enti monyԑ Neho ahwԑyie. Na monhunu sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ntoboaseε Hene

    [236] Ɛnyε bɔne ma mo sε mobegyae mmaa a monfaa moho nkaa wɔn no awadeɛ, anaa montuaa wͻn tiri aseda, na mmom monsum wɔn sumpa. Osikani (nsum no) sεdeε na’hoͻden siteε, εna ohiani nso sεdeε na’hoͻden siteε, (woi) ne asεdeε a εda apapafoͻ no soͻ

    [237] Sε mogyae wͻn wͻ εberε a monya mfaa moho nkaa wͻn nasε moahyε wͻn etire aseda bi ho bͻ a, (montua) deε moahyε ho bͻ no mu fa (ma wͻn); gyesε ebia wͻ’dekyε (mo), anaasε obi a nensa hyε awadeε no aseε no dekyε. Sε mode kyε a, εno mmom na εbεn Nyamesuro. Na monhwε na mowerε amfi sε mobεma adͻeε ada montεm. Nokorε sε, Nyankopͻn ani tua dwuma a modie nyinaa

    [238] Monhwε mo Nyamefrε (mprε num no) so yie, titiriw adantamu (Asr) Nyamefrε no, na monfa anidie ne ahobraseε nyina hͻ ma Nyankopͻn

    [239] Sε mosuro a monfrε Nyame wͻ εberε a monam monan soͻ anaa mote pᴐnkᴐ soͻ; na sε moakoma tͻ moyεm a, εneε momͻ Nyankopͻn abodin sεdeε W’akyerε mo no a (kanee no) na anka monnim no

    [240] Wͻn a wͻ’wu wͻ mo mu na wͻ’gya ayerenom no, nyε afe akͻnhoma bͻ nsamanseε ma wͻn yerenom, na monhwε na moanntu (wͻn amfri moafie mu). Nasε wͻn ara (de wͻn pε) tu a, εneε bͻne biara nni mo so fa deε wͻn ara bεyε wͻn ho wͻ kwan pa soͻ no ho. Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ

    [241] Mmaa awaregyaefoͻ no nso monsum wͻn wͻ kwan pa so. (Woi) yε asεdeε a εda Nyame-surofoͻ no soͻ

    [242] Saa ara na Nyankopͻn kyerεkyerε Nensεm no mu dekyerε mo sεdeε mobεte aseε

    [243] (Nkͻmhyεni), wonhunuu nnipa mpem-pem bi a owuo a na wͻ’suro nti wͻ’frii wͻn afie mu no? Nyankopͻn kaa sε: “Monwuwu”. Akyire no Onyanee wͻn. Ampa sε Nyankopͻn adom a εwͻ nnipa soͻ no so paa, nanso nnipa pii na enyi (Nyame) ayε

    [244] Monko wͻ Nyankopͻn kwan no so, na monhu yie sε, Nyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, na Ɔno ara ne Onimdefoͻ

    [245] Hwan na ͻbεbͻ Nyankopͻn bosea a εyε bosea pa ama Ɔde abͻho mmͻhoo bebree ama no? Nyankopͻn na Ɔgyeε εna Ɔde bͻ hoo. Na Nehͻ na mobεsan akͻ

    [246] Wonhunuu Israelfoͻ mpanimfoͻ no a, (wͻ’baa) Mose akyi no? Ɛberε a wͻ’ka kyerεε wͻn Nkͻmhyεni (Samuel) sε: ”Yi ͻhene ma yεn sεdeε (obedi y’anim) ama ya’ko wͻ Nyankopͻn kwan no soͻ”. (Nkͻmhyεni Samuel)) kaa sε: “Anhwε a na yεhyehyε ͻkoo ma mo a na moanko”. Wͻ’kaa sε: “Ɛdeεn nti na yε’nnko wͻ Nyankopͻn kwan no soͻ aberε a yatu yεn ne yε’mma afiri y’afie mu?” Nanso εberε a yεhyehyεε ͻkoo maa wͻn no (wͻn mu dodoͻ no) danee wͻn ho, gyesε wͻn mu kakraabi. Onyankopͻn deε Onim abͻneεfoͻ no

    [247] Wͻn Nkͻmhyεni no ka kyerεε wͻn sε: “Nyankopͻn ayi Taaluut (Saul) ama mo sε oni moso hene”. Asεm a wͻ’kaeε ne sε: “Ɛyε dεn na watumi adi yεn so hene aberε a yεn na ahennie no fata yεn kyεn no, afei onni sika a εboro soͻ?” Nkͻmhyεni no kaa sε: “Nyankopͻn ayi no sε oni mo so (hene), asan de nimdeε aka no ho (ama no) honam mu (ahoͻden). Onyankopͻn deε Ɔde N’ahennie ma obi a Ɔpε. Onyankopͻn deε N’adom so paa, na Ɔne Onimdefoͻ

    [248] Wͻn Nkͻmhyεni no ka kyerεε wͻn sε: “N’ahennie no ho nsεnkyerεnee ne sε: “Yε’bεsan de Apam adaka a awerεkyekyerε a efri mo Wura Nyankopͻn hͻ no wͻ mu a εyε agyapadeε a Mose nkorͻfoͻ ne Aaron nkorɔfoɔ no de gyaaeε no ama Soro Abͻfoͻ asoa abrε mo. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema mo, sε moyε agyidiefoͻ ampa a

    [249] Ɛberε a (Toaaluut) Saul ne n’asraafoͻ no sii mu no, ͻka kyerεε wͻn sε: “Nokorε sε Nyankopͻn de asubͻnten bi bεsͻ mo ahwε. Enti obi a ͻbεnom bi (ameε) no, na ͻnka me ho, na obi a w’anka anhwε koraa no ͻka me ho, na mmom obia nensa mma pε (na ͻbεnom) no nso nokorε sε ͻka me ho. Nanso (dodoͻ no ara) na wͻ’nom (meeε) gyesε wͻn mu kakraabi. Enti εberε a ͻno ne wͻn a wͻ’ka neho no a wͻ’agye adie no twaa asuo no, wͻ’kaa sε: “Ɛnnε yentumi Goliat ne n’asraafoͻ”. Wͻn a wͻ’gye di sε wͻ’behyia Nyankopͻn no kaa sε: “Mprε pii na Nyankopͻn akwamma mu no ekuo ketewaa bi atumi adi ekuo kεseε so nkonim. Onyankopͻn deε Ɔka aboterεfoͻ no ho

    [250] Ɛberε a wͻ’pue kohyiaa Goliat ne ne dͻm no, (wͻ’bͻͻ mpaeε) kaa sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε), siane aboterε gu yεn so, na ma yenyina y’anamͻn so pintinn, na boa yεn ma yentumi nni boniayεfoͻ no so nkonim”

    [251] Onyankopͻn akwamma mu no wͻ’kaa wͻn (dͻm no) gui, na Dawid kum Goliat. Onyankopͻn maa no ahennie ne nyansa, san kyerεε no deε Ɔpε mu biara. Sε εnyε sε Nyankopͻn de nnipa no bi (sihͻ ma) wͻ’bͻ nnipa no bi ho ban a, anka asaase no asεe. Nanso Nyankopͻn adom a εwͻ abͻdeε soͻ no so

    [252] Woi yε Nyankopͻn nsεm na Yεrekenkan kyerε wo wͻ nokorε mu; na nokorε sε, woka Asomafoͻ no ho

    [253] Saa Asomafoͻ no Yε’maa ebinom so kyεn bi. Wͻn mu bi wͻ hͻ a Nyankopͻn ne wͻn kasae, na Ɔpagyaa ebinom de wͻn gyinaa gyinaberε a εkorͻn so. Mar’yam ba Yesu nso Yε’maa no nyinasoͻ pefee san de Honhom Kronkron hyεε no den. Sε εyε Nyankopͻn pε a, anka wͻn a wͻ’baa (asomafoͻ) no akyi no annko wͻ berε a nkyerεkyerεmu pefee baa wͻn hͻ no, nanso wͻ’ante wͻn ho ase, enti ebinom gye dii, na ebinom nso poo (nokorε no). Sε Nyankopͻn pε a, anka wͻn annko, na mmom Nyankopͻn deε Ɔyε deε Ɔpε

    [254] Mo a moagye adie, monyi deε Yε’de akyε mo no mu bi ma ansa na εda bi a adwadie ne ayͻnkofa ne ntwitwagyeε (anaa dwaatoa) nni mu no aba. (Kafirfoɔ) aboniayεfoͻ no deε wͻ’ne abͻneεfoͻ no

    [255] (Otumfoͻ) Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara); (Ɔne) Otumfoͻ a Ɔde Ne ho te Neho ase daa, kuta abͻdeε nyinaa mu, san bͻ wͻn ho ban. Ɔnto nko na kampεsε Wada. Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa yε Ne dea. Hwan ne obi a obetwitwa agye obi wͻ Nehͻ? Gyesε Ɔma kwan. Onim deε εwͻ wͻn anim ne deε εwͻ wͻn akyi. (Adasamma) nnim Ne nimdeε ho hwee gyesε deε Ɔpε (sε wͻ’hunu). N’ahennie so wͻ ͻsoro ne asaase so; (na ͻsoro ne asaase no) mmienu so hwε no nnyε ͻberε (anaasε εnyε den) mma no. Ɔne Okokroko no, na Ɔne Ɔkεseε no

    [256] Nhyε nni Nyamesom mu. Ampa sε, tenenee no ada adi pefee afiri nkontompo ho. Enti obi a ͻbεpo ͻbonsam (ne abosomsom) na w’agye Nyankopͻn adie no, nokorε sε, w’asͻ gyidie homa a εnte da no mu. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ

    [257] Nyankopͻn ne wͻn a wͻ’agye adie no Kyitaafoͻ, Oyi wͻn firi (abosomsom anaa bͻnee) sum no mu de wͻn kͻ (Islam) hyεn no mu; wͻn a wͻ’po (Nokorε) no nso akyitaafoͻ ne abonsamfoͻ no; wͻ’yi wͻn firi εhyεn no mu de wͻn kͻ esum no mu. Saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no, na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [258] (Nkͻmhyεni), wonhunuu obi a ͻgyee Abraham akyinnyeε wͻ ne Wura Nyankopͻn ho, sε Nyankopͻn ama no ahennie nti no? Ɛberε a Abraham kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn na Ɔma nkwa εna Okum”. (Ɔhene no) kaa sε: “Mema nkwa san kum”. Abraham kaa sε: “Ɛneε nokorε sε, Nyankopͻn na Ɔma awia pue firi apueε, enti ma no mpue mfri atͻeε. Enti (ͻhene) no a ͻpo nokorε no ho dwirii no a onhu asεm a ͻnka. Onyankopͻn deε Ɔnkyerε abͻneεfoͻ no kwan

    [259] Anaasε ne mfatoho tesε obi a ͻkͻtwaa mu wͻ kuro bi a na abͻ korakora no mu. Ɔkaa sε: “Ɔkwan bεn so na Nyankopͻn bεfa so asan de saa kuro-dua yi aba nkwa mu bio wͻ ne wuo yi akyi?” Enti Nyankopͻn maa no wuu mfie ͻha, εna Ɔsan nyanee no. Nyankopͻn kaa sε: “Mmerε tenten sεn na wo diiε?” Ɔkaa sε: “Dakoro, anaasε dakoro mu kyεfa bi”. Ɔka kyerεε no sε: Daabi, w’adi mfie ͻha; nanso hwε w’aduane ne wo nsuo sε mfie nyεε no hwee; na hwε wa’funumuu no. Sεdeε yεde wo bεyε nsεnkyerɛnee ama adasamma. Na hwε nnompe no sεdeε Y’esi keka sisi animu, san de nam kata ho”. Enti εberε a (nokorε yi) daa adi pefee maa no no, ͻkaa sε: “M’ahunu sε nokorε, Nyankopͻn wͻ tumi wͻ biribiara so”

    [260] Kae εberε a Abraham kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, kyerε me sεdeε wosi nyane awufoͻ ba nkwa mu”. Nyankopͻn kaa sε: “Wonnye nni anaa?” Abraham kaa sε: “Ɛnyε saa, na mmom sεdeε m’akoma bεtͻ meyεm nti”. Nyankopͻn kaa sε: “Ɛneε fa nnomaa nnan na yεn wͻn ma wͻ’nhu wo yie (na twitwa wͻn asin-asin) na fa wͻn asin-asin no kͻ bepͻ sononko biara so, na afei frε wͻn, wͻ’de ntεmpε na εbεba wo hͻ, na w’ahunu sε, nokorε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ

    [261] Wͻn a wͻ’yi wͻn sika wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no, mfatoho tesε aburoo aba fua (a y’adua ama no abͻ) mmεtem nson, na bεtem fua biara nso aba ͻha na εwͻ hoo. Nyankopͻn deε Ɔde bͻho mmͻhoo-mmͻhoo ma obi a Ɔpε. Nyankopͻn deε N’adom trε, na Ɔne Onimdefoͻ

    [262] Wͻn a wͻ’yi wͻn sika dema wͻ Nyankopͻn kwan soͻ na wͻ’mmfa deε wͻ’de maaeε no nkae anumuu anaa (wͻmfa) ͻhaw nni akyire no, wͻn wͻ akatua wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ; ehuu mmͻ wͻn na wͻn werε nso nnho (wͻ Atemmuda)

    [263] Kasa pa ne bͻnefakyε yε kyεn adͻeε a ͻhaw di akyire. Nyankopͻn deε Ɔne Otumfoͻ a Ɔde Neho na Wanya Neho a Onhia obiara biribiara, Ɔne Ntoboaseε Hene

    [264] Mo a moagye adie, monhwε na moanfa anum kaeε ne ͻhaw ansεe moadͻeε (na moankͻyε) tesε obi a oyi n’agyapadeε dema sεdeε nnipa behunu, na mmom ͻnnye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no nnie no. (Saa nnipa no) mfatoho tesε ͻbotan bi a εso kokwakokwa a nεteε kata soͻ, εna nsu kεseε bi tͻ guu soͻ, enti εmaa (ͻbotan) no so bεdaa hͻ kwatrekwa; wͻn annya hwee wͻ dwuma a wͻ’diiε no mu. Onyankopͻn deε Ɔntene nnipa boniayεfoͻ no

    [265] Wͻn a wͻ’yi wͻn sika dema, dehwehwε Nyankopͻn ho dͻ, san dehyε wͻn kraa den no, wͻn mfatoho tesε turo bi a εwͻ asaase bi a εpagya soͻ, na nsu kεseε tͻ gu soͻ na emu nnͻbaeε no bͻ mmͻhoo-mmͻhoo; na sε osu kεseε anntͻ anngu so mpo a, bosuo (ma no gyina). Na Nyankopͻn deε N’ani tua dwuma a modie nyinaa

    [266] Enti momu bi pεsε ͻwͻ akyiresua ne bobe-turo a nsubͻnten nenam aseε, na ͻwͻ nnuaba ahodoͻ nyinaa bi wͻ mu, na w’abͻ akͻkora na ͻwͻ mma a wͻn susua anaa wͻ’nni ahoͻden, na mframa den bi a egya wͻ mu abεhye (afuo) no? Saa ara na Nyankopͻn kyerεkyerε Nensεm no mu dekyerε mo sεdeε mobεfa adwen

    [267] Mo a moagye adie, εneεma pa a moanya, ne deε Y’ama no apuepue asaase no so ama mo no, monyi bi mfa ma. Na monhwε na moanyε moadwen sε deε εnyε wͻ mu no na mode bεma, wͻ εberε a sε mo (na obi dema mo) a, anka gyesε mokata moani wͻ ho. Monhunu nso sε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔde Neho Ɔne Ayeyie Wura

    [268] Ɔbonsam de ohia hunahuna mo, san hyε mo ma mobͻ ahohwi bra; Onyankopͻn deε Ɔde bͻne fakyε a εwͻ Nehͻ ne adom na Ɛrehyε mo bͻ. Onyankopͻn deε N’adom so paa, Ɔne Onimdefoͻ

    [269] (Nyankopͻn) de adwen ne Nyansa ma obi a Ɔpε, na obi a yεbεma no adwen ne Nyansa no, nokorε sε na yama no adepa a εsombo paa. Obi a ͻde (nsεm yi) tu (neho) foͻ ne nnipa mu mmadwen mmafoͻ no

    [270] Adͻeε anaa bͻhyε biara a mobεhyε no Nyankopͻn Nim ho asεm. Abͻneεfoͻ no deε wͻ’nnya boafoͻ

    [271] Sε moda adͻeε adi a, εyε paa; na sε mode suma na mode ma ahiafoͻ nso a, εno nso yε ma mo. Na εbεpepa monfomsoͻ no bi afri moso. Na dwuma a modie biara no Nyankopͻn ne εho amanebͻfoͻ

    [272] (Nkͻmhyεni), sε wͻ’bεfa ͻkwan tenenee no soͻ no deε, εho asεm nna wo so; Nyankopͻn deε Ɔkyerε obia Ɔpε kwan. Adepa a mobeyi de ama biara no, εwͻ mo ara mokraa; na deε mobeyi ama no, εnyε sε mode hwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam, na adepa biara a mode bεma no yε’betua moso ka pεpεεpε na yensisi mo

    [273] (Zaka no) wͻ ahiafoͻ no a Nyankopͻn kwan so (nnyuma) asi wͻn kwan na εmma wͻ’ntumi nkͻ baabiara wͻ asaase no soͻ. Sεdeε wͻ’kuta wͻn ho no nti, εma wͻn a wͻ’nnim no dwene wͻn ho sε wͻ’anya wͻn ho; wode wͻn nsohyεε na εbehu wͻn, wͻ’nfaa amanfoͻ hͻ adeserε nyεε wͻn adwuma. Na adepa biara a mobeyi de ama no, nokorε sε, Nyankopͻn Nim ho asεm

    [274] Wͻn a w’ͻyi wͻn sika dema (wͻ Nyankopͻn kwan so) anadwo ne adekyeε, kokoam ne badwa mu no, wͻn akatua wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, na ehu (biara) mmͻ wͻn na wͻn werε nso nnho

    [275] Wͻn a w’ͻdi bosea nsihoo no nnsͻre (wͻ papa mu wͻ Atemmuda), na (mmom) wͻ’bεsͻre (afri adakamena mu) tesε ͻbͻdamfoͻ a ͻbonsam de εdam abͻ no. Ԑnesε, deε wͻ’ka nesε: “Adwadie tesε nsihoo”, aberε nso a Nyankopͻn ama adwadie ho kwan εna W’abra nsihoo. Enti obi a afutusεm yi a efri ne Wura Nyankopͻn hͻ abeduru nehͻ na εnam so ͻbεtwe neho afri (nsihoo gyeε) no ho no, (nsihoo a w’agye ama) atwa mu (ansa na saa mmara yi reba no deε) ne dea; na n’asεm deε εwͻ Nyankopͻn hͻ. Na obi a ͻbεtͻ akͻ soͻ no, saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no. Emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [276] Nyankopͻn betwa bosea nsihoo mu, na W’ama adͻeε anya nkͻsoͻ. Onyankopͻn deε Ɔmpε onipa biara a onni nkaeε na ͻyε nnipa bͻneni no asεm

    [277] Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa, na wͻ’frε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻ’yi Zaka no, (saa nkorͻfoͻ no) wͻ wͻn akatua wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ na ehu mmͻ wͻn na wͻn werε nso nnho (wͻ Atemmuda)

    [278] Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn, na bosea nsihoo ka a aka no monyae ma no nka, sε moyε agyidiefoͻ ampa a

    [279] Sε moanyε (deε Nyankopͻn aka yi a), εneε na yεrema moate sε mone Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no anya ͻkoo. Sε mosakra moadwen firi (nsihoo no) ho a, mosika tenenee no deε modea. Monni amim na yanni mo amim

    [280] Sε (ͻkafoͻ no) ho kyere no a, ma no berε kͻpem sε neho bεyε yie. Nasε mode εka no kyε sε adͻeε a, (εno nso) yε ma mo, sε anka monim a

    [281] Na monsuro Ɛda no a emu na mo bεsan akͻ Nyankopͻn hͻ no; na yebetua dwuma a ͻkra biara diiε so ka pεpεεpε, na yensisi wͻn

    [282] Mo a moagye adie, sε mobͻ bosea dehyε εberε bi a, montwerε nto hͻ. Ma ͻtwerεfoͻ no ntwerε deε εda montεm no pεpεεpε; ͻtwerεfoͻ no nhwε na biribiara ansi no kwan sε ͻnntwerε (nwoma) no sεdeε Nyankopͻn akyerε no no, enti ͻntwerε (no saa ara). Na ͻkafoͻ no nka (mma ͻtwerεfoͻ no ntwerε), na onsuro Nyankopͻn, ne Wura no; εmma no nyi biribi mfiri mu. Sε ͻkafoͻ no yε obi a n’adwen mu nnɔ papa, anaa ͻyε mmerε, anaasε Ɔno ara ntumi nka (mma ͻtwerεfoͻ no ntwerε a), ne kyitaafoͻ no nka no pεpεεpε. Na moma momu mmarima mmienu ni ho adanseε. Sε mmarima mmienu nnihͻ a moma ͻbarima baako ne mmaa mmienu a mogye wͻn adansedie die (ni ho adanseε), na sε wͻn mu baako yε mfomsoͻ a ͻbaako akae ͻbaako no. Na adansefoͻ no nhwε sε, sε yεfrε wͻn (adansedie a) w’anka sε wɔ’nnkɔ. Monhwε na moammu moani angu so sε mobεtwerε (εka) kεseε anaa ketewa ama neberε a yεde ahyε, εno na εtene wͻ Nyankopͻn anim, na εma adansedie no di mmu, na εno ne (ͻkwan) pa a εmma monnye (moho) akyinnyeε. Na mmom sε εyε adwadie a modi no hͻ ara na εredi akͻ-ne-aba wͻ montεm deε a, εno deε sε moantwerε a, bͻne biara nna moso. Na mmom sε moreyε adwadie ho nhyehyεε ama moho a monya adansefoͻ. Na monhwε yie na moanha ͻtwerεfoͻ no, anaa adansefoͻ no. Sε moyε saa a, εyε bͻne ma mo. Na monsuro Nyankopͻn, na Nyankopͻn bεkyerε mo (nimdeε ahodoᴐ pii), na Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ

    [283] Na sε mo wͻ akwantuo mu na sε monnya ͻtwerεfoͻ a, yεgye awowa deε (dedi agyinamuu). Na sε mogye moho moho di a, deε (onua) no gyee no diiε no mfa deε yεde hyεε nensa no ma, na onsuro ne Wura Nyankopͻn. Monhwε na moanfa adansedie ansuma; na obi a ͻde besuma no, nokorε sε, n’akoma yε bͻne akoma. Onyankopͻn ne dwuma a modie no nyinaa ho Nimdefoͻ

    [284] Adeε a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa wͻ Nyankopͻn. Sε moda deε εwͻ mo akoma mu adi o, anaa mode suma o, Nyankopͻn bebu mo ho akonta. Na Ɔde obi a Ɔpε bͻne kyε no, εna Ɔtwe obi a Ɔpε nso aso; efrisε Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi

    [285] Ɔsomafoͻ (Muhammad), gye deε y’asiane firi ne Wura Nyankopͻn hͻ ama no no di, agyidiefoͻ no nso (gye di); wͻn nyinaa gye Nyankopͻn ne N’asoro abͻfoͻ, ne Ne Nwoma ne N’asomafoͻ (nyinaa) di. “Yεnyε Nyankopͻn asomafoͻ no mu biara ho nyiyimu (sε yε’gye woi di na asomasi deε yεnnye no nni). Deε wͻ’ka ne sε: “Y’ate na yε’bεyε sotie. Ye’Wura Nyankopͻn, (yεsrε) Wohͻ bͻnefakyε, na Wohͻ na yε’bεsan aba

    [286] Onyankopͻn mmfa adesoa nnsoa ͻkra bi, gyesε deε n’ahoͻden betumi. Dwuma pa a (ͻkra) no adie no ho nhyira yε nedea, εna dwuma bͻne nso a w’adie no nso ho asotwee da ͻno ara so. “Ye’Wura Nyankopͻn, sε ye’werεfi anaasε yε’yε mfomsoͻ a, εntwe y’aso. Ye’Wura Nyankopͻn, εnfa adesoa nnsoa yεn sεdeε Wode soaa wͻn a wͻ’dii y’anim kan no, na εmfa deε ya’hoͻden ntumi nnsoa nso nsoa yεn; na fa yεn mfomsoͻ firi yεn na fa yεn bͻne kyε yεn, na hu yεn mmͻbͻ, na Wone yεn Kyitaafoͻ, na boa yεn ma yeni boniayεfoͻ no so nkonim

    Surah 3
    Aali-Imraan

    [1] Alif Laam Miim

    [2] Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara); (Ɔne) Otumfoͻ a Ɔde Ne ho te Neho ase daa, kuta abͻdeε nyinaa mu, san bͻ wͻn ho ban

    [3] Ɔde nokorε no na asiane Nwoma no ama wo sε εmεhyε (Nwoma a) edi n’anim kan no mma; na (Odii kan) sianee Tora1ne Injeel nso

    [4] Kane, na εyε kwan kyerε (Nwoma) dema adasamma; εna W’asiane Fur’qaan: Nokorε sε, wͻn a wͻ’po Nyankopͻn nsεm no, wͻ asotwee a ano yε den paa. Nyankopͻn na Otumi ade nyinaa yε, Ɔno na Otua bͻne so ka

    [5] Nokorε sε, biribiara nsuma Nyankopͻn wͻ asase so anaasε ͻsoro

    [6] Ɔno ne Nea Ɔnwenee mo wͻ (mo maame nom) awodeε mu sεdeε Ɔpε; awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, na Ɔne Onyansafoͻ no

    [7] Ɔno na W’asiane Nwoma no ama woͻ; emu nsεm no bi nteaseε da adi pefee (εnyε den) εno ne Nwoma no (mu nsεm no) titriw, na deε aka no nso yε abebuo anaasε mfatoho, (nenteaseε no nna fͻm). Wͻn a wͻn akoma adane afri nokorε no soͻ no di (Nwoma no mu) abebuo anaasε mfatoho (a, nenkyeraseε nna fͻm) no akyi dehwehwε mmusuo, san depε n’asekyerε (sεdeε wͻn ara pε). Obiara nnim nenkyeraseε gyesε Nyankopͻn. Wͻn a wͻ’aben wͻ nimdeε mu no ka sε: “Yε’gye di sε ne nyinaa fri ye’Wura Nyankopͻn hͻ”. Obi a ͻdwen ho ne nnipa mu mmadwemmafoͻ no

    [8] Ye’Wura Nyankopͻn, εmma y’akoma mmane (mfri ͻkwan pa no so) wͻ akyire yi a W’akyerε yεn kwan tenenee no, na fa ahummͻborͻ a efri Wo hͻ no dom yεn, nokorε sε, Wone Ɔkyε adeε Hene no

    [9] Ye’Wura Nyankopͻn, nokorε sε, Wobεboa nnipa (nyinaa) ano wͻ Da no a akyinnyeε biara nni ho no mu, nokorε sε, Nyankopͻn deε Ɔmmu bͻhyε no so

    [10] Nokorε sε, wͻn a wͻ’po Nokorε no, wͻn agyapadeε ne wͻn mma ho mma mfasoͻ biara mma wͻn nntia Nyankopͻn; saa nnipa no wͻ’ne Amanehunu gya no nyentia no

    [11] (Wͻn sεso) tesε Farao nkorͻfoͻ ne wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no. Wͻ’faa Yε’nsεm no atorͻsεm, enti Nyankopͻn de wͻn bͻne twee wͻn aso. Onyankopͻn asotwee deԑ ano yε den paa

    [12] (Nkͻmhyεni), ka kyerε wͻn a wͻ’po nokorε no sε: “Yε’bedi moso nkonim na y’aboaboa moano demo akͻgu Amanehunu-gyem, na εhͻ yε ahomegye bea bͻne paa

    [13] Ampa sε, na nsεnkyerεnee wͻ akuo mmienu a wͻ’hyia koo (wͻ Badar) no mu ma mo. Na ekuo no mu baako reko wͻ Nyankopͻn kwan so, εna ͻbaako nso (reko) de apo (Nyankopͻn asεm). (Agyidiefoͻ no) hunuu no ani-kann sε (atamfoͻ no dͻm no) boro (wͻn deε no) so mprenu. Onyankopͻn deε Ɔde ne mmoa no hyε obi a Ɔpε den. Nokorε sε, adesua wͻ woi mu dema wͻn a wͻ’wͻ ani

    [14] Ԑmaa ho akɔnɔ, ne mma ne agyapadeε bebrebe (tesε) sika kɔkɔɔ, ne dwetε, ne mpɔnkɔ a yayεn wɔn ama wɔn ho ayε fε, ne nyεmmoa, ne mfuo ayε nnipa aniso fε. Woi nom yε wiase asetena yi mu anigye deε. Onyankopͻn hͻ na nnkyi pa no wͻ

    [15] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Menkyerε mo deε εyε kyεn woi nom?” Wͻn a wͻ’suro Nyame no wͻ ͻsoro Aheman a nsubͻnten nenam aseε, emu na wͻ’ne wͻn yerenom ahotewfoͻ no bεtena, na wͻ’benya Nyankopͻn nyetumuu. Onyankopͻn deε N’ani tua Nenkoa

    [16] Wͻn na wͻ’ka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, yε’deε nokorε sε y’agye adi, enti fa yεn bͻne kyε yεn, na bͻ yεn ho ban firi Amanehunu gya asotwee no mu

    [17] (Wͻ’ne) Aboterεfoͻ no, ne nokorεfoͻ no, ne ahobraseεfoͻ no, ne wͻn a wͻ'wͻ tema, ne wͻn a wͻ’srε (Nyankopͻn hͻ) bͻnefakyε wͻ ahomakye

    [18] Nyankopͻn di ho adanseε sε: Nokorε, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Soro abͻfoͻ ne Nwomanimfoͻ no a wͻ’gyina nokorε so pintinn no (nso di ho adanseε sε), awurade (foforͻ) biara nni hͻ gyesε Ɔno Tumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε no, Onyansafoͻ no

    [19] Nokorε sε, εsom a εwͻ Nyankopͻn hͻ deε εne Islam. Wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no, na anka akyinnyeε biara nni wͻn ntεm kͻpem akyire yi a wͻ’nyaa nimdeε, εnam ahoͻyaa a εda wͻn ntεm no nti. Obi a ͻbεpo Nyankopͻn nsεm no deε nokorε sε, Nyankopͻn ho yε hare wͻ akontabuo mu paa

    [20] Enti sε wͻ’gye wo akyinnye a, ka sε: “Medeε mene wͻn a wͻ’ka me ho no ayε (Muslim) aberε yεn ho ase ama Nyankopͻn”. Na ka kyerε wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no ne firatamfoͻ no nso sε: ‘’Monso moayε Muslim?” Sε wͻ’ayε Muslim a, εneε na wͻn wͻ kwan tenenee so; nasε wͻ’dane wͻn akyi ma (Nokorε) no a, εneε (Nkͻmhyεni) w’adwuma ara ne sε wobεbͻ (asεm no) ho dawuro. Onyankopͻn deε N’ani tua Nenkoa no

    [21] Nokorε sε wͻn a wͻ’po Nyankopͻn nsεm no, na wͻ’nam kwan bͻne so kunkum Nkͻmhyεfoͻ, na wͻ’kunkum nnipa no mu wͻn a wͻ’hyε amanfoͻ ma wͻ’yε ntotoeε pa no, fa asotwee a εyε ya paa hyε wͻn bͻ

    [22] Saa nkorͻfoͻ no na wͻn dwumadie (ho mfasoͻ no) ayε kwa wͻ wiase ne Da a etwa toͻ no, na wͻ’nnya boafoͻ

    [23] (Nkͻmhyεni), wonhunuu wͻn a yama wͻn Nwoma no mu kyεfa bi no? (Ɛberε a) yεfrεε wͻn kͻͻ Nyankopͻn Nwoma no mu sεdeε yεde bebu wͻn ntεm atεn no, wͻn mu fekuo bi danee wͻn akyi mae twi faa so

    [24] (Deε nti wͻ’yεε) saa ne sε, wͻ’ka sε: “Amanehunu gya no nnka yεn, (na sε εbεka yεn mpo a) εbεyε nna bi a yahyԑ ato hᴐ”. Wͻn atorͻsεm a wͻ’ka fa wͻn Nyamesom ho no na adaadaa wͻn

    [25] Enti sε Yε’boa wͻn ano wͻ Da no a akyinnyeε biara nni mu no, na yε’tua ͻkra biara dwuma a odiiε so ka pεpεεpε a yenni wͻn amim no a, sεn (na yεbεyε saa nkorͻfoͻ no)

    [26] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Otwieduampͻn Nyankopͻn a Ahennie yε Wo dea, Wona Wode ahennie no ma obi a Wopε, εna Wogye ahennie no firi obi a Wopε nsam, εna Woma obi a Wopε soͻ, εna Woberε obi a Wopε aseε. Wonsa mu na adepa (nyinaa) wͻ. Nokorε sε Wona Wowͻ biribiara so tumi

    [27] Wona Wode adesaeε wura adekyeε mu, εna wode adekyeε wura adesaeε mu; εna Woyi ͻteasefoͻ firi awufoͻ mu, εna Woyi awufoͻ firi ateasefoͻ mu, Wona Wokyε obia Wopε adeε a enni ano, (anaasε akontabuo biara nni ho)

    [28] Ɛnsεsε agyidiefoᴐ befri agyidiefoᴐ akyi akͻfa (Kaafirfoᴐ) boniayεfoᴐ no ayͻnkoͻ. Obi a ͻbεyε saa no, ͻne Onyankopͻn nni hwee, gyesԑ moyε deyԑԑ wͻn ho ahwεyie. Onyankopͻn rebͻ mo kͻkͻ sԑ monyԑ neho ahwԑyie. Onyankopͻn hͻ na dwumadie nyinaa bɛsan akɔ

    [29] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε mode deε εwͻ moakoma mu no suma o, anaa moda no adi o, Nyankopͻn deε Onim. Onim deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so (nyinaa). Onyankopͻn na ͻwͻ biribiara so tumi

    [30] Ɛda no a ͻkra biara behunu papa a ͻyͻeε ne bͻne a ͻyͻeε sε abεtͻ n’anim no, (saa Da no abͻneεfoͻ no) bεpε sε anka εkwan tenten bi bεda ͻne (ne dwumadi bͻne) no ntεm. Enti Nyankopͻn rebͻ mo kͻkͻ sԑ monyԑ Neho ahwԑyie. Onyankopͻn ne Mmͻborͻhunufoͻ a Ohu Nenkoa mmͻbͻ

    [31] (Nkͻmhyεni), ka sε; ‘’Sε mopε Nyankopͻn asεm a, εneε moni m’akyi. (Sε modi makyi a), Nyankopͻn bεpε moasεm na Ɔde mo bͻne akyε mo. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoɔ Hene

    [32] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Monyε sotie ma Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no; nasε wͻ’dane wͻn akyi ma (Nokorε no a), εneε nokorε sε Onyankopͻn deε Ɔmpε boniayεfoͻ no asεm”

    [33] Nokorε sε, Nyankopͻn yii Adam, ne Noah ne Abraham asefoͻ ne Imraan asefoͻ maa wͻ’kyεn amansan no nyinaa

    [34] (Wͻ’yε) awoͻ ntoatoasoͻ a wͻ’firi wͻn ho wͻn ho mu. Onyankopͻn ne Otiefoͻ, Onimdefoͻ

    [35] Kae εberε a Imraan yere (Hanna) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε, mede deε εwͻ meyafunu mu yi hyε Wo bͻ wͻ Wosom ho; enti gye me so, Nokorε sε, Wo ne (Mpaebͻ) Tiefoͻ no, Onimdefoͻ no

    [36] Enti εberε a ͻwoo no, ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, mawo no (na ͻyε) ͻbaa. Onyankopͻn Nim deε wawo no no yie; ͻbarima ntesε ͻbaa; na m’ato ne din sε: “Mar’yam, na mehwehwε Wohͻ ntwitwagyeε ama ͻne n’asefoͻ wͻ ͻbonsam a y’adome no anaa yato no atwene no nsam”

    [37] Enti ne Wura Nyankopͻn tiee no tie pa, εna Ɔmaa no nyinii nyin pa; εna Ɔde no maa Zakariya hwεε no soͻ. Ԑberε biara a (Zakariya) bεkͻ nehͻ wͻ pie (a εwͻ Nyamedan no mu) hͻ (akͻhwε) no no obehunu sε akͻnhoma wͻ nenkyεn. (Zakariya) bisaa sε: “Mar’yam, wonyaa woi wͻ hen?” Ɔkaa sε: “Woi firi Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε, Nyankopͻn na Ɔkyε obi a Ɔpε adeε a enni ano, (anaasε akontabuo biara nni ho)

    [38] Ɛhͻ na Zakariya bͻͻ mpaeε sufrεε ne Wura Nyankopͻn, ᴐkaa sε: ‘’Me Wura Nyankopͻn, dom me na kyε me ba pa a ofiri Wonkyεn. Nokorε sε, Wone Mpaebͻ Tiefoͻ no

    [39] Ɛberε a ogyina hͻ rebͻ mpaeε wͻ pie no mu no, Soro abͻfoͻ frεε no (kakyerεε no sε: ”Nokorε sε Nyankopͻn de (Yahaya) Yohane hyε wo bͻ; ͻbedi asεm a efiri Nyankopͻn hͻ no ho adanseε, na ͻyε onimuonyamfoͻ, na ͻhyε neho so wͻ mmaa ho, na ͻyε Nkͻmhyεni, na ͻka apapafoͻ no ho”

    [40] (Zakariya) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, εbεyε dεn na manya ba wͻ abrε a akͻkorabͻ aduru me, na meyere nso yε bonini? Ɔkaa sε: “Saa ara na Onyankopͻn yε deε Ɔpε”

    [41] (Zakariya) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, mame ho nsεnkyerεnee”. Ɔkaa sε: “Wo nsεnkyerεnee ne sε, (wonntumi) nkasa nnipa ho nnansa, na mmom nsεnkyerεnee (na wobεyε ne wͻn de akasa). Na bͻ wo Wura Nyankopͻn abͻdin bebree, na tontom no wͻ anyumerε ne anͻpa

    [42] Na kae εberε a Soro abͻfoͻ no kaa sε: “Mar’yam, Onyankopͻn ayi wo, ate wo ho, εna W’ayi wo ama woso akyεn wiase mu mmaa no nyinaa”

    [43] Mar’yam, berε woho ase ma wo Wura Nyankopͻn na fa w’anim butu fͻm, na ka wͻn a wͻ’bͻ wͻn mu aseε no ho ne wͻn mͻ momu ase

    [44] (Nkͻmhyεni), woi ka nsεm bi a asuma a Yε’reyi kyerε woͻ no ho. Na wonka wͻn ho wͻ εberε a na wͻ’reto wͻn twerεdua agu (asuo Yordan mu) ahwehwε obia ͻbεhwε Mar’yam soͻ no; na εberε nso a na wͻ’regye wͻn ho akyinyeε no nso na wonka wͻn ho

    [45] Kae εberε a Soro abͻfoͻ no kaa sε: “Mar’yam, nokorε sε, Onyankopͻn de Asεm a efiri Nehͻ a ne din de Masiah, Yesu, Mar’yam ba no rehyε wo bͻ. Ɔbεyε Onimuonyamfoͻ wͻ wiase, na Daakye no nso, ͻka wͻn a wͻ’bεn (Onyankopͻn) no ho

    [46] Ͻbεkasa akyerε nnipa wͻ εberε a ͻda tanaa mu, (anaasε ͻyε abͻfra), ne εberε a ͻbεyε panin, na ͻbεka apapafoͻ no ho

    [47] (Mar’yam) kaa sε: “Awurade, εbεyε dεn na manya ba wͻ aberε a ͻbarima mfaa neho nkaa me? ” Ɔkaa sε: “Saa ara na Nyankopͻn bͻ deε Ɔpε. Sε Ɔreyε biribi a deε Ɔka kyerε (adekodeε) no ara ne sε: “Yε!” Na ayε

    [48] (Onyankopͻn) bεkyerε no Nwoma no ne Adwen no, ne Tora ne Injeel

    [49] Na (Ɔbɛyε no) Ɔsomafoͻ akͻ Israel mma no nkyεn sε: “Nokorε, mede nsεnkyerεnee firi mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo; mede nεteε bεyε (biribi) tesε anomaa sεso na mahome agu ne mu ama no ayε anomaa wͻ Nyankopͻn akwamma mu ama mo, na masa anifirafoͻ ne akwatafoͻ yadeε, na manyane owufoͻ wͻ Onyankopͻn akwamma mu, na maka deε modie ne deε mode sie wͻ moafie mu akyerε mo. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema mo, sε moyε agyidiefoͻ ampa a

    [50] Na merebεhyε Tora a edii m’anim kan no mma, na (nneεma bi a) yabra mo (na εnyε nokorε) no nso m’ama mo ho kwan. Mede nsεnkyerεnee nso fri mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo; enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me

    [51] Nokorε sε, me Wura ne Nyankopͻn, εna monso mo Wura ne no, enti monsom no; woi ne ͻkwantenenee no”

    [52] Ɛberε a Yesu nyaa atenka bi wͻ (Yudafoͻ no mu) sε wͻ’nnye nnie no, ͻkaa sε: “Hwan na ͻbεyε me boafoͻ wͻ Nyankopͻn (kwan no soͻ)?” Asuafoͻ no kaa sε: “Yεne Nyankopͻn aboafoͻ, y’agye Nyankopͻn adi, enti di ho adanseε (ma yεn) sε nokorε, yε’yε Muslimifoͻ.”

    [53] “Ye’Wura Nyankopͻn, y’agye adeε a W’asiane aba no adi, na yedi Ɔsomafoͻ no akyi, enti twerε ye’din ka adansefoͻ no ho

    [54] Na (Yudafoͻ no) bͻͻ (Yesu ho) pͻ, na Nyankopͻn nso bͻͻ pͻ, na Onyankopͻn pͻ bͻ na εyε kyεn apͻbͻfoͻ nyinaa pͻbͻ

    [55] Kae εberε a Nyankopͻn kaa sε: “Yesu, “Mεfa wo na M’apagya wo aba Me nkyεn, na Mate woho afiri boniayεfoͻ no ho, na M’ama wͻn a wͻ’di w’akyi no so akyεn wͻn a wͻ’yi boniayε no akosi Atemmuda. Afei Mehͻ na mobεsan aba na M’abu montεm atεn wͻ deε monte moho ase wͻ ho no ho

    [56] Na wͻn a wͻ’po (Nokorε no) deε, Mede asotwee a ano yε den paa bεtwe wͻn aso wͻ wiase (ha) ne Daakye, na wͻ’nnya aboafoͻ

    [57] Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no nso, Ɔbεtua wͻn akatua no pεpεεpε (anaasε Ɔbεhyε no mma) ama wͻn. Onyankopͻn deε Ɔmpε abͻneεfoͻ no asεm

    [58] Deε Yε’rekenkan kyerε woͻ yi yε nsεnkyerεnee ne afutusεm a adwen wͻ mu

    [59] Nokorε sε, Yesu mfatoho a εwͻ Nyankopͻn hͻ no tesε Adam deε no ara pεpεεpε. (Nyankopͻn) bͻͻ no firi mfuturo mu, εna afei Ɔka kyerεε no sε: Yε (onipa)! ” Ɛna ͻyεε (nipa)

    [60] (Woi ne) nokorε no a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ (fa Yesu ho); enti hwε na woankͻka wͻn a wͻn adwen nnsi wͻn pie no ho

    [61] Enti obiara a ͻbεgye wo akyinnye wͻ ho wͻ akyire yi a nimdeε no aba wo hͻ no, ka sε: ”Momra ma yεnfrε yε’mma ne mo mma, ne yεn yerenom ne mo yerenom, ne yεn ara yεn ho, ne mo ara moho na afei yεmͻ mpaeε nni nse mpae yεn ho sε: “Nyankopͻn nnomee nka nkontompofoͻ no”

    [62] Ampa sε, woi ne abakͻsεm no mu nokorε (fa Yesu ho); Awurade foforͻ biara nni hͻ ka Nyankopͻn ho. Nokorε nso sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no

    [63] Sε wͻ’dane wͻn ho a, nokorε sε Nyankopͻn Nim nsεmmͻnedifoͻ no

    [64] Ka sε: Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, momra (ma yenyina) asεm baako pε a εda yεn ne mo ntεm no so: (Ɛnesε), εmma y’εnnsom (obiara) gyesε Nyankopͻn nko ara, na εmma yεnnnfa biribiara nso mmata Neho, na εmma yennnfiri Nyankopͻn akyi mmfa yεn ho-yεn-ho nnyε awuranom (nnsom wͻn). Na sε wͻ’dane wͻn akyi dema (Nokorε no) a, εneε monka nkyerε wͻn sε: “Moni ho adanseε sε, yε’deε yε’yε Muslimifoͻ”

    [65] Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, adεn nti na mogye Abraham ho nkyinnyeε wͻ aberε a n’akyi ansa na yεresiane Tora ne Injeel? Adεn, monni nteaseε

    [66] Hwε, mo na mogye adeε a mowͻ ho nimdeε ho akyinnyeε; adεn na mogye adeε a monni ho nimdeε ho akyinnyeε? Nyankopͻn na Onim na modeε monnim

    [67] Na Abraham nyε Yudani anaa Kristoni, na mmom na ͻyε Muslimini a ͻtenee; na na ͻnka abosomsomfoͻ no ho

    [68] Nokorε sε onipa paa a ͻbεn Abraham deε, ͻne wͻn a wͻ’di Abraham ne saa Nkͻmhyεni yi (Muhammad), ne wͻn a wͻ’agye adie no akyi. Onyankopͻn ne agyidiefoͻ no Kyitafoͻ

    [69] Nyamesom ho Nwomanimfoͻ no mu fekuo bi wͻ hͻ a wͻ’pε sε anka wͻ’yera mo, nanso wͻ’nnyera obiara na mmom (wͻ’yera) wͻn ara wͻn ho, nanso wͻ’nnim

    [70] Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, adεn nti na mopo Nyankopͻn nsεm no aberε nso a mo na modi ho adanseε

    [71] Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, adεn nti na mode nkontompo kata Nokorε no soͻ de Nokorε no sie wͻ aberε a monim

    [72] Deε wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu fekuo bi ka kyerε (wͻn mu bi) ne sε: ‘’Monye deε yasiane ama wͻn a wͻ’agye adie no ni wͻ adekyeε berε a edikan no mu, na mompo wͻ adekyeε berε a edi akyire no mu sεdeε εbεma (agyidiefoͻ no) asan wͻn akyi (afiri Islam-som no mu)

    [73] Monhwε na moanye obiara anni, gyesε obi a obedi mosom no akyi”. (Nkͻmhyεni), Ka sε: “Nokorε sε, ͻkwan tenenee no deε εne Nyankopͻn kwan tenenee no. (Anaa) sε yεde deε yεde maa mo no sεso ama obi foforɔ nti, anaasε (wͻ’begyina saa Adiysεm no so) abͻ mo kwaadu wͻ mo Wura Nyankopͻn anim nti (na monni Muhammad) akyi)? Ka sε: “Adom no deε Nyankopͻn nsam na εwͻ na Ɔde ma obi a Ɔpε. Onyankopͻn na Ɔwͻ adom a εsoo paa, Ɔne Onimdefoͻ

    [74] (Nyankopͻn) yi obi a Ɔpε de N’adom dom no, na Onyankopͻn na Ɔwͻ adom a εsoo paa

    [75] Wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu bi wͻ hͻ a, sε wode sika a εdͻͻso paa bi hyε nensa a ͻbεsan de ama wo; wͻn mu bi nso wͻ hͻ a, sε wode Dinar (koraa) hyε nensa a ontua mma wo, gyesε wogyina neso dan no ka paa. Saa na εteε efrisε, deε wͻ’ka ne sε: “Firatamfoͻ deε (sε yedi wͻn amim mpo a) bͻne biara nni yεn so wͻ wͻn ho wͻ ͻkwan (biara) so. Na nkontomposεm na wͻ’ka to Nyankopͻn soͻ aberε a wͻ’nim

    [76] Daabi, obiara a ͻbedi ne bͻhyε soͻ, na w’asuro (Onyankopͻn) no, Onyankopͻn deε Ɔpε wͻn a wͻ’suro Nyame, yε ahwεyie no asεm

    [77] Nokorε sε, wͻn a wͻ’tͻn Nyankopͻn bͻhyε (a Ɔne wͻn ahyε), ne wͻn gyidie no die, εnam sika kakraa bi ho nti no, wͻn na wͻ’nni kyεfa wͻ Daakye no mu no; na Nyankopͻn nnkasa wͻn ho na Ɔnnhwε wͻn anim, na Ɔnyε wͻn kronkron wͻ Atemmuda, na wͻn wͻ asotwee a ano yε ya papaapa (Daakye Atemmuda)

    [78] Nokorε sε yεwͻ fekuo bi wͻ (Yudafoͻ) no mu a wͻ’dane wͻn kεtrεma wͻ Nwoma no mu nsεm no ho, sεdeε mobεdwen sε efri Nwoma no mu, nanso enfri Nwoma no mu. Wͻ’san kasε, efri Nyankopͻn hͻ, aberε nso a enfri Nyankopͻn hͻ; wͻ’ka atorͻsεm to Nyankopͻn so wͻ aberε a wͻ’nim (sε εnyε nokorε)

    [79] Ɛmma sε onipa a Nyankopͻn ama no Adiyisεm, ne adwen ne nkͻmhyε (adwuma), na afei ͻbεka akyerε amamfoͻ sε, monfiri Nyankopͻn akyi na momεyε me (mmom) m’asomfoͻ; na mmom (deε ͻbεka ne sε): “Monyε Awurade Nyankopͻn asomfoͻ εnam deε mo kyerεkyerε (amanfoͻ) wͻ Nwoma no mu, ne deε (mo ara) mosua (no wͻ mu no) nti

    [80] Ͻnnhyԑ mo nso sε monfa Soro abͻfoͻ ne Nkͻmhyεfoͻ nyε awuranom (nsom wͻn). Enti ᴐbεhyε mo ama mo akͻyε (Kaafir) boniayεfoͻ wͻ akyire yi a mo abεyε Muslimfoͻ

    [81] Kae εberε a Nyankopͻn nam Nkͻmhyεfoͻ no so (ne mo) yεε Apam sε: “Ɛberε a Mama mo Adiyisεm Nwoma ne Adwen yi, na εba sε afei Ɔsomafoͻ a ͻrebedi Nwoma a εwͻ mohͻ no ho adanseε no ba a, mobεgye no adi na moaboa no? Nyankopͻn kaa sε: “Mopene so gye M’apam yi tum sε εkyekyere mo?” Wͻ’kaa sε: “Yεpene so”. Na Nyankopͻn kaa sε: “Ɛneε moni adanseε, na Menso Mene mo ka wͻn a wͻ’di (saa asεm yi ho) adanseε no ho”

    [82] Na mmom woi akyi obiara a ͻbεdane n’akyi no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no”

    [83] Enti εsom a εnyε Nyankopͻn som no na wͻ’pε? Ɔno na adeε a εwͻ asaase so ne ͻsoro (nyinaa) berε wͻn ho ase ma no, sε wͻ’pε o, sε wͻn mpε o, na Nehͻ na wͻn nyinaa bεsan akͻ

    [84] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Yε’deε yε’gye Nyankopͻn ne deε y’asiane ama yεn no di, (san) gye deε yesiane maa Abraham ne Ismail ne Is’haaq ne Ya’aquub ne n’asefoͻ, ne deε yεde maa Mose ne Yesu ne Nkͻmhyεfoͻ no a wͻ’fri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no (nyinaa) di; na yεnnyε Asomafoͻ no mu biara mu nyiyimu. Yε’deε Nyankopͻn na yε’yε (Muslim) berε yεn ho ase ma no”

    [85] Obi a obefiri Islam akyi ahwehwε ͻsom foforͻ bi no yenntie no; (saa nnipa no) bεka berεguofoͻ no ho wͻ Awieε da no mu

    [86] Sεn na Nyankopͻn besi atene amanfoͻ no a wͻn gyidie akyi wͻ’abεyε (Kaafir) boniayεfoͻ, na wͻn adi ho adanseε pεn sε, ampa Ɔsomafoͻ (Muhammad) yε nokwafoͻ, na wͻn anya nsεnkyerεnee pefee no? Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan

    [87] Saa nkorͻfoͻ no akatua ne sε: “Nyankopͻn ne Soro abͻfoͻ ne nnipa nyinaa nnomee wͻ wͻn so

    [88] Wͻ’bεtena (nnomee no) mu (afe bͻͻ); na yεnngo asotwee no mu mma wͻn koraa, na yεmma wͻn berε a wͻ’de bεgye wͻn ahome nso

    [89] Gyesε wͻn a ԑno akyiri no wͻ’sakra wͻn adwen (ba Nyankopͻn hͻ), na wͻ’di dwuma pa, εneε nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [90] Nokorε sε, wͻn a wͻn gyidie akyi wͻ’san dane (Kaafir) boniayεfoͻ, na afei wͻn boniayε no kͻ soͻ no, Nyankopͻn nntie wͻn adwen sakra no, na saa nkorͻfoͻ no ne ayerafoͻ no

    [91] Nokorε sε, wͻn a wͻ’yε (Kaafir) boniayεfoͻ, na wͻ’wu wͻ aberε a wͻ’daso yε (Kaafir) boniayεfoͻ no, sε wͻ’de sika kͻkͻͻ asaase mma mpo bεyε mpata koraa a, yεnnye wͻn (mpata) no. Saa nkorͻfoͻ no na asotwe yaaya no wͻ wͻn no, na wͻ’nnya aboafoͻ

    [92] Monsa ntumi nka papa no da, gyesε moyi adeε a mopε paa dema (Nyankopͻn). Na deε mobeyi ama biara no Nyankopͻn ne ɛho Nimdefoɔ

    [93] Na anka Israel mma no wͻ aduane biara ho kwan (sε wͻ’die), ansa na yεrebesiane Tora no, gyesε (nnuane bi a) Israel (anaasε Ya’aquub) no ara braa ͻno ara ne ho. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Monfa Tora no mmra na monkenkan, sε moyε nokwafoͻ ampa a

    [94] Enti obi a obetwa nkontompo ato Nyankopͻn so wͻ woi akyi no, saa nkorͻfoͻ no ne nnipa bͻnefoͻ no

    [95] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Nyankopͻn na Ɔka nokorε. Enti moni Abraham, ͻteneneeni no kwan no so; na ͻnka abosomsomfoͻ no ho

    [96] Nokorε sε, (Nyamesom) Fie a edikan a yεde sii hͻ maa adasamma ne deε εwͻ Bakata (Maka) no; εyε nhyira ne tenenee dema amansan nyinaa

    [97] Emu na nsεnkyerεnee a εda adi pefee wͻ, (titiriw) Abraham gyinabea hͻ. obiara a ͻbewura mu no anya akomatͻyamu. Nyankopͻn ayε Efie hͻ nsrahwε no nhyε de ato adasamma so (titiriw) obi a ͻbenya (εho kwan. Na obi a ͻbεpo (Haji) no, Nyankopͻn deε Wanya Neho wͻ abͻdeε nyinaa so

    [98] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Mo a yama mo Nyamesom ho Nwoma, adεn nti na mopo Nyankopͻn nsεm no, aberε a Nyankopͻn ne Ɔdanseni a odi dwuma a modie nyinaa ho adanseε

    [99] Ka sε: Mo a yama mo Nyamesom ho Nwoma, adεn nti na mosi wͻn a wͻ’agye adie no kwan firi Nyankopͻn kwan no so hwehwε sε anka (ͻkwan no) bεkyea, aberε a modi ho adanseε? Nyankopͻn deε Ɔmuu N’ani nguu dwuma a modie no so

    [100] Mo a moagye adie, sε moyԑ sotie ma wͻn a y’ama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu fekuo no bi a, mogyidie akyi no wͻ’bεma mo asan aba moakyi abεyε (Kaafir) boniayεfoͻ

    [101] Na εbεyε dεn na moakͻyε (Kaafir) boniayεfoͻ wͻ aberε a mo na yεkenkan Nyankopͻn Nsεm no kyerε mo, na momu nso na Nyankopͻn Somafoͻ (Muhammad) wͻ? Obi a ͻbεsͻ Nyankopͻn mu yie no, ampa sε w’anya kwan kyerε a εkͻ (Nyankopͻn) kwan tenenee no soͻ

    [102] Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn sεdeε Ɔfata sε yesuro no kͻpem biara; na monhwε yie na moanwu gyesε moyε Muslimifoͻ

    [103] Monkuta Nyankopͻn ahoma (anaasε nesom no ne emu mmra ne ahyεdeε) no nyinaa mu yie, na monhwε na momu ampaepae; na monkae Nyankopͻn adom a Ɔde adom mo wͻ εberε a na anka moyε atamfoͻ εna Ɔkaa mo akoma bͻͻ mu wͻ ͻdͻ mu, εna n’adom mu no mobεyεε anuanom; na anka mowͻ Amanehunu gya amena no ano, εna Oyii mo firii ho. Saa ara na Nyankopͻn kyerεkyerε Nensεm no mu de kyerε mo sεdeε mobenya kwan kyerε

    [104] Ԑsεsε yenya fekuo bi firi momu a, wͻ'bεfrε (amanfoͻ) akͻ papa no mu na w’ahyε (wͻn) ama wͻn ayε deε εyε, na wͻ’abra (amanfoͻ) ama wͻ’atwe wͻn ho afri amumuyε ho. Saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no

    [105] Monhwε na moankͻ yε sε wͻn a akyire yi a wͻ’nsa kaa nkyerεkyerεmu ne nyinasoͻ pefee no na wͻn ntεm paepaeε na nkyinnyeԑ baa wͻntԑm no; saa nkorͻfoͻ no wͻ asotwee kεseɛ paa

    [106] Ɛda no a (ebinom) anim bεyε fitaa na (ebinom) nso anim bεyε tumm no; (yεbεka akyerε) wͻn a wͻn anim tumm no sε: “Mogyidie akyi no mopoo nokorε no. Enti monka asotwee no nhwε, εnam nokorε a mopoeε no ho nti.”

    [107] Wͻn nso a wͻn anim (ahyerεn) fitaa no deɛ, wɔ’bεkͻ Nyankopͻn Ahummͻborͻ no mu. Na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [108] Woi yε Nyankopͻn Nsεm a Yεde nokorɛ no na ɛrekenkan kyerε woͻ. Nyankopͻn deε Ɔmpε bͻne mma abͻdeε no

    [109] Nyankopͻn na deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so (nyinaa) yε Nedea. Nyankopͻn hͻ na nsεm no nyinaa san kͻ

    [110] Mone amanfoͻ papa a yayi mo ama adasamma. Mohyε (nnipa) ma wͻ‘di dwuma pa, san bra (wͻn) amumuyε, san gye Nyankopͻn di. Sε wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no regye adi a, anka εyε ma wͻn. Wͻn mu bi yε agyidiefoͻ deε, nanso wͻn mu dodoͻ no ara yε abͻneεfoͻ

    [111] Wͻ’nntumi nyε mo hwee na mmom atεm na wͻ’bedi mo, sε wͻ’ne mo ko nso a wͻ’bεdane wͻn akyi (adwane). Na wͻ’nnya ͻboafoͻ

    [112] Faako a wͻn wͻ biara no animguaseε na εbεka wͻn, gyesε wͻ’hyε Nyankopͻn Apam ase ne amanfoͻ apam ase; wͻ’atwe Nyankopͻn abufuo aba wͻn ho so, na aniwuo aka wͻn efirisε, na wͻ’po Nyanko-pͻn Nsεm, san kunkum Nkͻmhyεfoͻ no1 wͻ aberε a εnyε kwan pa soͻ. Efrisε na wͻ’yε asoͻdenfoͻ na na wͻ’to mmra nso

    [113] Wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no, nyinaa nyε pε. Wͻn mu bi yε nnipa a wͻ’gyina (nokorε) so pintinn, kenkan Nyankopͻn Nsεm no anadwo berε, de wͻn anim butu fͻm (ma Nyankopͻn)

    [114] Wͻ’gye Nyankopͻn ne Ɛda a edi akyire no di, wͻ’hyε (amanfoͻ) ma wͻ’di dwuma pa, na wͻ’bra (wͻn) amumuyε, na wͻ’si akan wͻ papa yε ho. Woi nom na wͻ’ka apapafoͻ no ho no

    [115] Papa biara a wͻ’bεyε no yε’mmpo. Nyankopͻn deε Onim Nyame-surofoͻ no

    [116] Nokorε sε, wͻn a wͻ’po nokorε no, wͻn agyapadeε ne wͻn mma ho mma mfasoͻ biara mma wͻn ntia Nyankopͻn, na wͻn ne Amanehunu gya no mu foͻ no, emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [117] Deε wͻ’yi dema wͻ wiase (de hwehwε din ne nkamfoͻ) no mfatoho tesε mframa kεseε bi a εrebͻ na awͻ a ano yε den wͻ mu, na abͻ asεe amanfoͻ a wͻ’dii wͻn ho amim no mfuo. Ԑnyε Nyankopͻn na Ɔyεε wͻn bͻne, na mmom wͻn ara na wͻ’yεε wͻn ho bͻne

    [118] Mo a moagye adie, monhwε na moanfri moho akyi amfa ayͻnkoͻ, (efrisε boniayεfoͻ no) mpaa aba sε wͻ’pεsε wͻ’bεsεe mo. Deε wͻ’pε mo ne sε anka ͻhaw kεseε bi beto mo. Ɔtan paa apue afiri wͻn ano, na deε asuma wͻ wͻn akoma mu no na εsoo paa. Ampa sε, Y’akyerεkyerε nsεm no mu akyerε mo, sε mowͻ adwene a

    [119] Hwε, mona mopε wͻn asεm na wͻn deε wͻ’mpε moasεm. Mogye Nwoma no nyinaa di. Sε wͻ’hyia mo a, asεm a wͻ’ka ne sε: “Yε’gye di”. Sε εka wͻn nko ara nso a, wͻ’de abufuo ka wɔnsa teaa ano gu mo so. Ka sε: “Monwu wͻ mo abufuo no mu!” Nokorε sε, Nyankopͻn ne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ

    [120] Sε asεmpa bi to mo a na εyε wͻn ya, sε bͻne bi nso to mo a wͻ’di ho ahurusie. Nanso sε monya aboterε na moyε ahwεyie (suro Nyame) a, wͻn pͻ (bͻne a wͻn abͻ biara) ntumi nyε mo hwee. Nokorε sε, Nyankopͻn atwa dwuma a wͻ’die no nyinaa ho ahyia

    [121] (Nkͻmhyεni), kae sε wopue gyaa w’abusuafoͻ hͻ anͻpa tutuutu (kͻͻ Uhud) akono hͻ kͻhyehyεε faako a agyidiefoͻ no begyina ako. Na Nyankopͻn deε Ɔte biribiara, na Ɔne Onimdefoͻ

    [122] Kae εberε a momu fekuo mmienu bi (Banu Salima ne Banu Haaris) yεε wͻn adwen sε anka wͻ’reyi ehuu adie no, na Nyankopͻn ne wͻn mmienu Kyitaafoͻ. Na Nyankopͻn so na εsεsε agyidiefoͻ no de wͻn ho toͻ

    [123] Nokorε sε, Nyankopͻn boaa mo wͻ Badar (koo no mu) εberε a na monni ahoͻden. Enti monsuro Nyankopͻn sεdeε mobeyi (no) ayε

    [124] Kae εberε a wo ka kyerεε agyidiefoͻ no sε: “Enti εnsom bo mma mo sε, mo Wura Nyankopͻn besiane Soro abͻfoͻ mpem mmiεnsa abεboa mo?”

    [125] Aane, sε monya aboterε na mo suro Nyame, na sε atamfoᴐ no de wͻn abufuhyeε ba moso a, mo Wura Nyankopͻn de Soro abͻfoͻ mpem nnum a wɔ’ko wɔ anibere soɔ, (anaa) yahyε wɔn nso bεboa mo

    [126] Onyankopͻn yεε (saa bͻhyε yi) anigyesεm demaa mo, sεdeε moakoma bεtͻ moyεm wͻ ho. Na nkonimdie deε Nyankopͻn Tumfoͻ a Ɔso ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no hͻ nko ara na ɛwɔ

    [127] Sεdeε Ɔbetwa boniayεfoͻ no bi atwene, anaasε Ɔbεma wͻn adi nkoguo na wͻ’asan akͻ na wͻn botaeε ayε kwa

    [128] Sε Nyankopͻn de wͻn bͻne bεkyε wͻn, anaasε Ɔbεtwe wͻn aso, εno deε εnyε w’asεm. Nokorε sε, wͻ’yε abͻneεfoͻ

    [129] Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn; Ɔde obi a Ɔpε bͻne kyε no, εna ͻtwe obi a Ɔpε nso aso. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [130] Mo a moagye adie, monhwε na moani bosea nsihoo mmͻhoo-mmͻhoo; na monsuro Nyankopͻn sεdeε mobedi nkonim

    [131] Na monsuro Amanehunu gya no a yasiesie ama boniayεfoͻ no

    [132] Na monyε sotie ma Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no sεdeε (Nyankopͻn) behu mo mmͻbͻ

    [133] Na moma moho nyε hare nkͻ bͻnefakyε a efiri mo Wura (Nyankopͻn) hͻ no mu, εne Aheman no a ne kεseε anaa netεtrεtε tesε ͻsoro ne asaase a, yasiesie ama Nyame-surofoͻ no

    [134] Wͻn a ahotͻ (berε) ne ahokyerε (berε mu nyinaa no) wͻ’yi wͻn agyapadeε dema; na wͻ’hyε wͻn abufuo soͻ, na wͻ’de amanfoͻ (a wͻn afom wͻn) mfomsoͻ kyε wͻn. Nyankopͻn deε Ɔpε wͻn a wͻ’yε papa no asεm

    [135] Wͻn a sε wͻ’bu ahohwi bra bi, anaasε wͻ’yε bͻne tia wͻn kraa a wͻ’kae Nyankopͻn na wͻ’srε wͻn bͻne no ho bͻnefakyε;- Hwan na ͻde bͻne kyε; gyesε Nyankopͻn-; na wͻ’nnsan nntͻ nkͻ bͻne a wͻ’yͻeε no so bio wͻ aberε a wͻ’nim

    [136] Saa nkorofoͻ no akatua ne bͻne fakyε a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, εna ͻsoro Aheman a nsubͻnten nenam aseε; emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ. Akatua pa paa wͻhͻ ma wͻn a wͻ’dii dwuma pa no

    [137] Mfatoho anaasε asεm nnahͻͻ (pii) na adi moanim kan atwa mu kͻ; enti montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻ’poo nokorε no awieε si wieε

    [138] (Qur’aan) woi yε nkyerεkyerεmu pefee dema adasamma, na εyε kwankyerε ne afutusεm dema Nyame-surofoͻ no

    [139] Enti mommpa aba, na mommma mowerε nso nnho, na mona mo wͻ soͻ (anaasε mone nkonimdifoͻ no), sε moyε agyidiefoͻ ampa a

    [140] Sε moapira pira bi (wͻ Uhud koo no mu) a, ampa sε nkorͻfoͻ no nso apira saa ara bi pεn (wͻ Badar koo no mu). Saa ara na Yedi nna no adane-adanee wͻ nnipa ntεm, sεdeε Nyankopͻn de (bεyε nyinasoͻ) ahunu wͻn a wͻ’gye die, na Obenya mogya ho adansefoͻ afri mo mu. Na Nyankopͻn deε Ɔmpε abͻneεfoͻ no asεm

    [141] Na Nyankopͻn debɛte wͻn a wͻ’agye adie no ho, na W’ayi boniayεfoͻ no afiri hͻ nkakrankakra

    [142] Enti moadwen yε mo sε mobεkͻ soro Aheman no mu wͻ aberε a Nyankopͻn nhunuu momu wͻn a wͻ’reko (wͻ ne kwan no soͻ), nhunuu aboterεfoͻ no

    [143] Ampa sε, na anka mopε owuo no ansa na morebehyia no; ampa sε afei deε moahu (owuo) no aberɛ a moani tua

    [144] Muhammad gyinaberε ara ne sε, ͻyε Ɔsomafoͻ. Asomafoͻ no pii na adi n’anim kan atwa mu kͻ. Enti sε owu, anaasε yeku no a, mobεdane moho wͻ monantini so (anaa mobegyae Islam asan akͻ moakyi)? Obi a ͻbεdane ne ho wͻ nenantini soͻ no, ontumi nyε Nyankopͻn hwee. Na Nyankopͻn deε Ɔbetua wͻn a wͻ’yi (no) ayε no (dwumadi pa) no so ka

    [145] Na εmma sε ᴐkra bi bewu, gyesε Nyankopͻn ma ho kwan, (owuo) yε berε a yahyehyε ato hͻ. Obi a ͻpε wiase akatua no Yε’de ma no, obi a ͻpε Daakye akatua no nso Yε’de bεma no, na Y’ebetua wͻn a wͻ’yi (Nyame) ayε no ka

    [146] Nkͻmhyεfoͻ pii na wͻn ako (wͻ Nyame kwan so) a nwomanimfoͻ Nyame-somfoͻ pii ka wͻn ho. Nanso wͻn ampa aba wͻ deε εtoo wͻn wͻ Nyame kwan soͻ no ho, na amma wͻn ammrε wͻn ho ase nso (amma abͻneεfoͻ no). Nyankopͻn deε Ɔpε aboterεfoͻ anaa wͻn a wͻ’gyina pintinn no asεm

    [147] Wͻn asεm a wͻ’kaeε ara nesε: “Ye’ Wura Nyankopͻn, fa yεn bͻne, ne yεn nyuma a aboro soͻ ne deε atͻ sin (ho mfomsoͻ) kyε yεn, na ma yenyina pintinn wͻ yεn nnan so, na boa yεn ma yeni boniayεfoͻ no so nkonim”

    [148] Enti Nyankopͻn maa wͻn wiase yi mu akatua ne Daakye no nso akatua pa paa no nso. Onyankopͻn deε Ɔpε ayεmyεfoͻ no asεm

    [149] Mo a moagye adie, sε moyε sotie ma wͻn a w’apo nokorε no a wͻ’bεma moasan moakyi abεfa monantin so na moadane moho aberε agu

    [150] Aane, Nyankopͻn ne mo Kyitaafoͻ, na Ɔne Ɔboafoͻ papa a Ɔkyεn aboafoͻ nyinaa

    [151] Yε’bεbͻ ehuu agu wͻn a wͻ’po nokorε no akoma mu, εnam deε wͻ’de bata Nyankopͻn ho a yensianee nyinasoͻ anaa tumi biara (maa wͻn) wͻ ho no nti. Wͻn fie ne Amanehunu gyem, na εhͻ yε efie bͻne paa ma abͻneεfoͻ no

    [152] Ampa sε, Nyankopͻn dii Ne bͻhyε so maa mo, εberε a N’akwamma mu no mokunkum (abosomsomfoͻ no) kͻpem sε mogooeε, na mogyee akyinnye wͻ nhyehyεε (anaa dwumadie) no ho, na moyεε ho asoͻden wͻ akyire yi a Nyankopͻn de adeε a na anka mopε no kyerεε mo. Momu bi wͻhͻ a na wͻ’pε wiase, εna na momu bi nso pε Daakye no. Afei Ɔdanee mo firii wͻn so sεdeε Ɔbεsͻ mo ahwε; na ampa sɛ Ɔde (mo mfomsoɔ no) afri mo. Nyankopɔn adom a ɛwɔ agyidiefoɔ no soɔ no so paa

    [153] Monkae εberε a na moredwane kͻ (bepͻ no) soro no a moantwa moani anhwε obiara mpo, wͻ εberε a na Ɔsomafoͻ no wͻ moakyi retea mu frε mo no; εhͻ na Nyankopͻn de awerεhoͻ foaa awerεhoͻ so detuaa moka, sεdeε monni awerεhoͻ (pii) wͻ deε ahwere mo anaasε deε ato mo no ho. Na Nyankopͻn ne dwuma a modie no ho Amanebͻfoͻ

    [154] Afei awerεhoͻ no akyiri no Osianee awerεkyekyerε baa mo so maa momu fekuo bi ani kumui, aberε nso a na fekuo bi nso wͻn nkwa (ho asεm) na na ehia wͻn, maa wͻ’dwene Nyankopͻn ho abagyimifoͻ adwen a εmfata. Deε na wͻ’reka ne sε: “Enti yεwͻ ano bi wͻ dwumadie yi mu anaa? (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Dwumadie no nyinaa wͻ Nyankopͻn.” Wͻ’de nsεm bi sie wͻ wͻn akoma mu a wͻ’nna no adi nkyerε woͻ. Deε wͻ’ka ne sε. “Sε yε wͻ ano bi wͻ dwumadie yi mu a anka yammε kunkum yεn wͻ ha”. Ka sε: “Sε mowͻ moafie mu mpo a anka wͻn a yahyehyε ama wͻn sε yεbeku wͻn no bepue akͻ bea a wͻ’bewu ada hͻ. Nyankopͻn (maa no baa saa) sε Ɔde bεsͻ deε εwͻ moakoma mu no ahwε, na W’ate deε εwͻ moakoma mu no ho. Na Nyankopͻn ne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ

    [155] Nokorε sε wͻn a wͻn wͻ mo mu a wͻ’danee wͻn akyi maeε wͻ da no a εdͻm mmienu no hyiaeε no, ͻbonsam na ͻmaa wͻn watriiε, εnam dwuma bi a wͻ’diiε ho nti. Nanso Nyankopͻn de wͻn mfomsoͻ afri wͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Ntoboaseε Hene

    [156] Mo a moagye adie, monhwε na moankͻyε sε boniayεfoͻ no a wͻ’ka kyerεε wͻn nuanom εberε a wͻ’tuu kwan wͻ asaase no so (na wͻ’kͻ wuiε), anaasε wͻ’kͻͻ εsa (na wͻ’wuiε) no sε: “Sε anka wͻn wͻ yεn hͻ a, anka wͻn annwu anaasε anka yannku wͻn no”. Nyankopͻn yεε no sεdeε wͻ’bedi (wͻn awufoͻ no ho) yaw kεse wͻ wͻn akoma mu. Nyankopͻn na Ɔma nkwa εna okum. Nyankopͻn deε N’ani tua dwuma a modie biara

    [157] Nasε yeku mo anaa mowu wͻ Nyankopͻn kwan so a nokorε sε, bͻnefakyε ne ahummͻborͻ a efri Nyankopͻn hͻ no yε paa kyεn (wiase ahonyadeε) no a wͻ’reboaboa ano no

    [158] Na sε mowu, anaasε yeku mo a, Nyankopͻn hͻ na mobehyia

    [159] Ahummͻborͻ a efri Nyankopͻn hͻ no bi ne sε, wone wͻn adi no yie wͻ abodweε mu, nasε woyεε wensee maa akoma yεε dendeenden a anka wͻn a wͻ’atwa woho ahyia no gu gyaa wo. Enti fafri wͻn, na srε bͻnefakyε ma wͻn, na wone wͻn mmom mfa adwen wͻ dwumadie no ho. Nasε wode botae bi si w’ani so a, fa woho to Nyankopͻn so

    [160] Sε Nyankopͻn boa mo a, obiara ntumi nni moso nkonim, nasε Ɔpa moakyi a εneε Ɔno N’akyi hwan na ͻbεboa mo? Enti agyidiefoͻ no mfa wͻn ho nto Nyankopͻn so

    [161] Ɛmma sε Nkͻmhyεni bi begu neho fi; enti obi a obegu neho fii no, ͻde adeε a oguu neho fii wͻ ho no bεba wͻ Wusͻreε da no. Afei ͻkra biara nsa bεka dwuma a odiiε so akatua pεpεεpε, na yennsisi wͻn

    [162] Obi a odi Nyankopͻn apεdeε akyi no, enti (saa nipa no) tesε obia ͻtwe Nyankopͻn hͻ abufuo ba neho soͻ na n’asetena mu ne Amanehunu gyem? Nkyi bͻne paa ne hͻ

    [163] Wͻn gyinaberε (bͻ abira wͻ) Nyankopͻn anim. Nyankopͻn ani tua dwuma a wͻ’die nyinaa

    [164] Ampa sε Nyankopͻn de adom (kεse) adom agyidiefoͻ no, sε W’ayi Ɔsomafoͻ a ͻfri wͻn mu aba wͻn hͻ, ma ͻrekenkan Nensεm kyerε wͻn, na ͻrete wͻn ho (firi abosomsom fii ho), san kyerε wͻn Nwoma no ne Nyansa no, aberε a anka kanee no na wͻn wͻ ͻyera pefee paa mu

    [165] Ɛdeεn nti na εberε biara a mmusuo bi bεto mo no, moka sε: “Woi fri hen?” (Mmusuo a εtoo mo wͻ Uhud koo no mu no), mode nesεso mmienu adi (Quraishfoͻ no wͻ Badar koo no mu pεn). Ka sε: “(Mmusuo a ato mo no) fri mo ara. Nokorε sε, Nyankopͻn wͻ tumi wͻ biribiara so

    [166] Deε εtoo mo wͻ εda no a εdͻm mmienu no hyiaeε no yε Nyankopͻn akwamma mu, sεdeε (Ɔbεgyina so) de ahunu agyidiefoͻ no

    [167] Na Ɔde behu wͻn a wͻ’yε nkͻnkͻnsafoͻ no. Yεka kyerεε (nkͻnkͻnsafoͻ no) sε: “Momra mεko wͻ Nyankopͻn kwan no so, anaasε momͻ (mokuro Madina) ho ban (mfiri Atamfoͻ nsam). Asεm a wͻ’kaeε ne sε: “Sε yenim sε ͻkoo nti a, anka yedii mo akyi. Saa da no na boniayε (kaafir) bεn wͻn kyεn gyidie. Wͻ’de wͻn ano ka deε enni wͻn akoma mu. Onyankopͻn Nim deε wͻ’de suma (wͻ wͻn akoma mu) no

    [168] Wͻn a wͻ’tenaa (fie na w’ankͻ ͻkoo no bie) na wͻ’ka faa wͻn nuanom (a yaku wͻn) no ho sε: “Sε motiee yεn a, anka yanku mo no”, (Nkͻmhyεni), ka sε: “Ɛneε moma owuo mpare mo, sε moyε nokwafoͻ ampa a”

    [169] Ԑmma moadwen nnyε mo sε wͻn a yaku wͻn wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no awuwu. Daabi, wͻ’te ase wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ a yεbͻ wͻn akͻnhoma

    [170] Wͻn ani agye deε Nyankopͻn firi N’adom mu de ama wͻn no ho; na wͻn anigye nso ma wͻn a wͻn wͻ wͻn akyi a wͻ’nnya (nwuu sε mogya ho adansefoͻ) mεkaa wͻn ho (na wͻ’reko Nyame kwan soͻ no sε: “(Sε wͻn wu a) ehu biara mma wͻn so, na wͻn werε nso nnho”

    [171] Wͻn ani agye akyεdeε ne adom a efiri Nyankopͻn hͻ no ho. Nokorε sε, Nyankopͻn mma agyidiefoͻ no akatua nnyε kwa da

    [172] Wͻn a pira a ԑtoo wᴐn no akyi wͻ’gyee Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no (frε) soͻ no. Wͻn a wͻ’yεε papa wͻ wͻn mu na wͻ’suroo Nyame no, wͻn wͻ akatua kεseε paa

    [173] Wͻn a amanfoͻ bi ka kyerεε wͻn sε: “Nokorε sε, nnipa bi (Quaraishfoͻ) aboa εdom (kεseε) bi ano (rebεko) atia mo, enti monsuro wͻn. Nanso (saa ahunahuna yi) maa gyidie foforͻ bεkaa wͻn gyidie ho, na wͻ’kaa sε Onyankopͻn som bo ma yεn, na Ɔne Okyitaafoͻ papa paa no

    [174] Enti wͻ’de adom ne akyεdeε a efri Nyankopͻn hͻ na εsan baeε, na bͻne biara anto wͻn, efirisε wͻ’dii Nyankopͻn apεdeε no so. Onyankopͻn na adom kεseε yε Nedea

    [175] Ɛyε ͻbonsam na ͻrehunahuna n’akyitaafoͻ no, enti monhwε na moansuro wͻn, na monsuro Me, sε moyε agyidiefoͻ ampa a

    [176] (Nkͻmhyεni), εmma wͻn a wͻ’pere wͻn ho kͻ (kaafir) boniayε mu no asεm nnyε wo awerεho. Nokorε sε, wͻ’nntumi nyε Nyankopͻn hwee. Nyankopͻn mpε sε Ɔma wͻn kyεfa wͻ Daakye no mu. Wͻn wͻ asotwee kεseԑ paa (da hͻ)

    [177] Nokorε sε, wͻn a wͻ’de gyidie kͻtͻ boniayε no, wͻ’ntumi nha Nyankopͻn wͻ kwan biara so, na mmom wͻn wͻ asotwee a εyε ya paa (da hͻ)

    [178] Ɛmma wͻn a wͻ’po nokorε no adwen nnyε wͻn sε ntoboaseε a Y’anya ama wͻn no yε ma wͻn. Y’ato Yε’boase na ama wͻn sεdeε wͻn bͻne bεdͻͻso. Na mmom wͻn wͻ animguaseε asotwee (da hͻ)

    [179] Ɛmma sε Nyankopͻn bεgya agyidiefoͻ no wͻ tebea a mowͻ mu no mu saa ara, na mmom gyesε ͻsa mu yi bͻne no firi papa no mu; εmma nso sε Nyankopͻn beyi asumasεm no adi akyerε mo, na mmom Nyankopͻn yi N’asomafoͻ no mu nea Ɔpε. Enti monye Nyankopͻn ne N’asomafoͻ no ni. Sε mogye di, na mosuro Nyame a mobenya akatua kεseε paa

    [180] Ɛmma wͻn a wͻ’yε pεpεε (anaasε wͻbͻ ayεmuͻnyono) wͻ deε Nyankopͻn firi N’adom mu de ama wͻn no ho no adwen nnyε wͻn sε (pεpεε no) yε ma wͻn. Daabi, εyε bͻne ma wͻn. Yε’de deε wͻ’yεε ho pεpεε no bεsεn wͻn kͻn mu wͻ Wusͻreε da. Nyankopͻn na ͻsoro ne asaase so adedie nyinaa yε Nedea; Onyankopͻn ne dwuma a modie nyinaa ho amanebͻ Wura

    [181] Nokorε sε Nyankopͻn ate wͻn a wͻ’ka sε Nyankopͻn yε ohiani na yεn ne adefoͻ no asεm no; Yε’bεtwerε deε wͻ’ka no, ne Nkͻmhyεfoͻ a wͻ’nam kwan bͻne so kunkum wͻn no. (Atemmuda no) Yε’bεka akyerε wͻn sε monka ͻhyeε asotwee no nhwε

    [182] Ɛnam dwuma a monsa adi ato moanim no ho nti. Onyankopͻn deε Onsisi Nenkoa

    [183] Wͻn a wͻ’ka sε Nyankopͻn ne yεn ahyε bͻ sε yεnnye ͻsomafoͻ biara nni gyesε ͻde afͻrebͻdeε a yεde ogya hyeε ba ansa. Ka sε: “Asomafoͻ bi dii m’anim kan de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee ne deε moreka yi brεε mo, na afei εdeεn nti na mokunkum wͻn, sε moyε nokwafoͻ ampa a?”

    [184] (Nkͻmhyεni), sε wͻ’bu wo ɔtorofoɔ a, saa ara na wͻ’buu asomafoͻ a wͻ’dii w’anim kan no atorofoɔ. Asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee ne Nyamesεm ne Nwoma pefee no bae

    [185] Ɔkra biara bεka owuo ahwε, na yεbetua mo ka pεpεεpε wͻ Owu sͻreε da no. Na obi a yεbεma no ne Amane-hunu gya no ntεm kwan aware, na yεde no bεkͻ Soro Aheman no mu no, nokorε sε na w’adi nkonim. Wiase asetena yi mu anigyeε nyε hwee na mmom εyε nnaadaa

    [186] Ampa sε Yε’de mosika (anaa moagyapadeε) ne mo nipadua bεsͻ mo ahwε. Mobεte atεm didie pii nso afiri wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no a wͻ’dii moanim kan no, ne wͻn a wͻ’som abosom no hͻ. Sε monya aboterε na moyε ahwεyie, suro Nyame a nokorɛ sɛ, ɛno ne dwumadie no nyinaa botaeε

    [187] Kae εberε a Nyankopͻn gyee apam firii wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no hͻ sε: “Mona (Nwoma no mu nsεm no) adi (nkyerε amanfoͻ), na monhwε yie na moanfa ansuma”. Nanso wͻ’to twenee wͻ wͻn akyi, na wͻ’tͻnee εnam sika karaa bi nti. Adwadi bͻne paa na wͻn adie no

    [188] Ɛmma moadwen nyε mo sε, wͻn a wͻ’de deε wͻn ayε tu wͻn ho, na wͻ’pε sε yεkamfo wͻn wͻ adeε a wͻn nyͻeε ho no benya wͻn ho afa adi afiri asotwee no mu, na mmom wͻn wͻ asotwee a εyε ya paa

    [189] Ɔsoro ne asaase so ahennie nyinaa wͻ Nyankopͻn. Onyankopͻn na ͻwͻ biribiara so tumi

    [190] Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ ͻsoro ne asaase mmͻeε, ne adesaeε ne adekyeε a εbͻ abira no mu dema nnipa mu mmadwemmafoͻ no

    [191] Wͻn a, sε wͻ’gyina hͻ o, anaasε wͻ’te hͻ o, anaasε wͻ’da wͻn nkyεn mu mpo o, wͻ’kae Nyankopͻn na wͻ’dwendwen ͻsoro ne asaase mmͻeε ho (ka sε): “Ye’Wura Nyankopͻn, W’ammͻ woi nom (nyinaa) kwa. Kronkron Hene ne Wo (Awurade)! (Yεsrε Wo sε): Bͻ yεn ho ban fri Ogya no amanehunu no mu

    [192] Ye’Wura Nyankopͻn, nokorε sε, obi a Wode no bewura Amanehunu gya no mu no deε ampa sε na wagu n’anim ase. Na abͻnneεfoͻ no deε wͻ’nnya aboafoͻ

    [193] Ye’Wura Nyankopͻn, nokorε sε yε’deε yεtee sε ͻfrεfrεni bi refrε (amanfoͻ) akͻ gyidie no mu sε: “Monye mo Wura Nyankopͻn ni, εna yε’gye diiε. Ye’Wura Nyankopͻn, enti fa yεn bͻne kyε yεn, na pepa yεn mfomsoͻ fri yεn so, na ma yεnwu nkͻka apapafoͻ no ho

    [194] Ye’Wura Nyankopͻn, fa deε wonam W’asomafoͻ no so ahyε yεn ho bͻ no nso ma yεn, na enngu y’anim ase wͻ Wusͻreε da no. Nokorε sε, Wommu Wo bͻhyε so”

    [195] Enti wͻn Wura Nyankopͻn gyee wͻn (mpaebͻ no) so sε: “Memma momu biara a odii dwuma bi adwuma nnyε kwa, (sε saa nipa no yε) barima anaasε ͻbaa, mofri moho-moho mu. Enti wͻn a w’atu amantuo na yatu wͻn afiri wͻn afie mu, na yεretan wͻn ani wͻ Mekwan soͻ, na wͻ’reko na yεreku wͻn no, Mεpepa wͻn bͻne afri wͻn so, na Mede wͻn awura Soro Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu. (Woi yε) akatua a efiri Nyankopͻn hͻ. Onyankopͻn hͻ na akatua pa paa no wͻ

    [196] Ɛmma wͻn a wͻ’po nokorε no akͻneaba (ne tumi) a wͻ’di no asaase soͻ no nnaadaa wo

    [197] (Wͻn wiase) anigyeε no yε ketewaabi, na akyire no wͻn asetena mu ne Amanehunu gyem, na ahomegye bea bͻne paa ne hͻ

    [198] Na mmom wͻn a wͻ’suro wͻn Wura Nyankopͻn no, wͻn wͻ Soro Aheman a nsubͻnten nenam aseε, emu na wͻ’bεtena. (Woi yε) anigye deε a ԑwᴐ Nyankopͻn hͻ, na adeε a ԑwᴐ Nyankopͻn hͻ no yε ma apapafoͻ no

    [199] Nokorε sε wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu bi wͻhͻ a, wͻ’gye Nyankopͻn die, ne deε yasiane ama mo, ne deε yasiane ama wͻn no, na wͻ’brε wͻn ho ase ma Nyankopͻn, na wͻ’nntͻn Nyankopͻn asεm εnam sika ketewaa bi ho nti. Saa nkorͻfoͻ no wͻ wͻn akatua wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. Na Nyankopͻn deε Neho yε hare wͻ nkontabuo mu

    [200] Mo a moagye adie, monsi aboterε na monyina pintinn na monwεn, na monsuro Nyankopͻn sεdeε mobedi nkonim

    Surah 4
    An-Nisaa

    [1] Adasamma, monsuro mo Wura Nyankopͻn no a Ɔbͻͻ mo firi honam baako mu, na Ɔbͻͻ ne yere nso firii (honam korͻ no ara) mu, na W’ama mmarima pii ne mmaa (ase atrε) afiri wͻn mmienu no mu; na monsuro Nyankopͻn no a mode no bisa (anaa mode no srɛ); na (monyε ahwε yie wͻ) abusua ho, efirisε Nyankopͻn deε Ɔrewεn mo

    [2] Monfa nyanka no nso sika (anaa agyapadeε) ma wͻn. Na monhwε na moanfa deε εnyε ansesa deε εyε, na monhwε na moanfa wͻn agyapadeε anka mo agyapadeε ho ammͻ mu anni. Nokorε sε εno yε bͻne kεseε paa

    [3] Sε mosuro sε montumi nyε (biribiara) pεpεεpε mma nyanka no a, εneε monware mmaa no deε εyε anisͻ ma mo; mmienu, mmiεnsa ne εnnan. Nasε mosuro sε montumi nyε (biribiara) pεpεεpε wͻ mmaa no ntεm a, εneε (monware) baako, anaasε (monware nneduafoͻ mmaa no a), wͻn wͻ monsa mu a wͻ’yε modea no bi; εno mmom na εyε, sεdeε monnkͻ fom

    [4] Na monfri akoma pa mu mfa mmaa no (awadeε ho) tiri aseda a εyε akyεdeε no ma wͻn. Nasε wͻn ara de wͻn pε mu ma mo emu biribi a, εneε monfa anigyeε ne ahosεpε nni

    [5] Na Monhwε na moanfa wͻn a wͻn adwen nyinniiε no sika (anaa agyapadeε) a Nyankopͻn de abͻ mo dwetire no annhyε wͻn nsa; na emu na momͻ wͻn akͻnhoma, na monfira wͻn ntoma, na monka kasa pa (a abodweε wͻ mu) nkyerε wͻn

    [6] Na monsc nyanka no nhwj nkcsi sj wc’bjduru awadej soc. Nasj mohunu sj wcn adwene anyin a jnej monfa wcn sika ( anaa agyapadej ) no nhyj wcn nsa. Na monhwj na moanni no wc kwan bcne ne ntjmtjm so ( amma ankcba sj ) wc’bjnyini no ( na agyapadej no asa ). Na obia ne nsamu yj no, wcmc mmcden sj wc bjhyj ne ho so ( wc agyanka sika die no ho ), na obi a ahia no no nso (sj wcredi bi a) wc ni no kwan pa so. Nasj mode wcn sika (anaa agyapadej) no rehyj wcn nsa a, moma adansefoc mjdi wcn ho adansej. Na Nyankopcn som bo wc akontabuo mu

    [7] Mmarima wc dej awofoc ne abusuafoc (awu) agya no mu kyjfa, na mmaa nso wc dej awofoc ne abusuafoc (awu) agya no mu kyjfa, sj (adej a wcn wugyaej no) jsua anaa sj jdccso (wcn wc) kyjfa a Nyankopcn ahyehyj (ama wcn)

    [8] Sε abusua ne nyanka ne ahiafoͻ ba faako a yεrekyε agyapadeε no a monkyε wͻn bi, na monka kasapa (a abodweε wͻ mu) nkyerε wͻn

    [9] Wͻn a anka (wͻn na wͻ’rewu) agya (wͻn) mma nketewa wᴐ wᴐn akyi a anka wͻn yεm bεhyehye wͻn wͻ wͻn ho no, wͻ’ma wͻn yεm nhyehye wͻn nso (ma obi nyanka nso), na wͻ’nsuro Nyankopͻn, na wͻ’nka asεm a εtene (ma obi nyanka no)

    [10] Nokorε sε, wͻn a wͻ’nam kwan bͻne so di nyanka sika (anaa agyapadeε) no, ogya mmom na wͻ’di gu wͻn yafunu mu. Yεbεhye wͻn wͻ Ogyatanaa no mu

    [11] Nyankopͻn retu mofo fa mo mma ho: Ɔbarima (baako) kyεfa (wͻ awugyadeε mu) tesε mmaa mmienu kyεfa. Sε mmaa no boro mmienu a, wͻn kyεfa yε nkyεmu mmiεnsa mu mmienu wͻ deε (owufoͻ no awu) agya no mu. Nasε ͻbaa no yε baako pε a, εneε ͻbenya (emu) fa. Sε (owufoͻ no) wͻ ba a, n’awofoͻ no mu biara kyεfa wͻ deε (owufoͻ no awu agya no mu) yε nkyεmu nsia mu baako. Nasε onni ba εna n’awofoͻ na εredi n’adeε a, εneε ͻmaame kyεfa yε nkyεmu mmiεnsa mu baako. Sε (owufoͻ) no wͻ nuanom a, εneε ͻmaame kyεfa yε nkyεmu nsia mu baako, wͻ akyire yi a yayi nsamanseε a ͻyͻeε afiri mu, anaasε yatua εka biara awie. Moawofoͻ ne mo mma, monnim nea neho mfasoͻ bεn mo paa. (Woi yε) ahyεdeε a efiri Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ

    [12] Deε moyerenom bewu agya no nso, sε wͻ’nni ba a, εfa yε modea; nasε wͻn wͻ ba nso a, εneε mokyεfa yε deε wͻn awu agya no mu nkyεmu nnan mu baako, wͻ akyire yi a y’ayi nsamanseε a ͻyͻeε, anaasε (y’atua) εka (biara) awie. Deε monso (mobewu) gya no sε monni ba a, wͻn kyεfa a εwͻ mu yε nkyεmu nnan mu baako; nasε mowͻ ba nso a wͻn kyεfa wͻ deε moagya no mu yε nkyεmu nwͻtwe mu baako, wͻ akyire yi a y’ayi nsamanseε afiri mu anaasε y’atua εka biara awie. Sε ͻbarima anaa ͻbaa a yɛredi n’adeɛ no nni agya anaa ͻba, na sε ͻwͻ nua-barima anaasε nua-baa a (wcn yj nna mma a), εneε ( cbarima baako no anaa cbaa baako no) kyεfa yε nkyεmuu nsia mu baako; na sε wͻn dodoͻ boro saa a, εneε wͻ’mͻmu nkyε nkyεmu mmiεnsa mu baako, wͻ akyire yi a yayi nsamanseε afiri mu, anaasε yatua εka biara awie, aberε a monnha obi. Woi yε ahyεdeε a efiri Nyankopͻn hͻ. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Ntoboaseε Hene

    [13] (Deε yaka akyerε mo yi) yε Nyankopͻn mmra. Obi a ͻbεyε sotie ama Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no, Ɔde no bεkͻ Soro Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, emu na ͻbεtena, na εno ne nkonimdie kεseε paa no

    [14] Obi nso a ͻbεyε Nyankopͻn ne Nesomafoͻ asεm ho asoͻden, na ͻbεto Nyankopͻn mmra no, Ɔde no bεkͻ Amane-hunu gyem, εhͻ na ͻbεtena afe bͻͻ, na ͻbenya animguaseε asotwee

    [15] Momu mmaa no mu biara a ͻbebu ahohwi bra bi no, monya momu (nnipa) nnan ma wͻ’ni wͻn ho adanseε. Nasε wͻ’di adanseε no (tia wͻn a) εneε moma wͻ’nhyε fie nkosi sε owuo bεba abεfa wͻn, anaasε Nyankopͻn bebue kwan (foforͻ) bi ama wͻn

    [16] Momu mmarima mmienu nso a, wͻ’bεbu saa (ahohwi bra) no bie no, montwe wͻn mmienu aso; nasε wͻ’sakra wͻn adwen na wͻ’yε ntotoeε pa a, εneε monyae wͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn na Otie adwen-sakra, Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene

    [17] Adwensakra a εwͻ Nyankopͻn hͻ, (anaasε adwen sakra a Nyakopͻn tie,) εwͻ wͻn a wͻ’yε bͻne wͻ aberε a wͻ’nnim, na afei (w’ahunu) na w’asakra wͻn adwen ntεm. Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn tie wͻn adwensakra. Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ͻne Nyansafoͻ

    [18] Adwensakra (anaasε bͻne fakyε) nnihͻ mma wͻn a wͻ’kͻso yε bͻne kosi sε owuo bεba wͻn mu bi soͻ, na εhͻ na ͻbεka sε: “Afei deε m’asakra m’adwen, anaasε wͻn a wͻ’wu aberε a wͻ’yε (Kaafir) boniayεfoͻ no. Y’asiesie asotwee a εyε ya paa ama saa nkorͻfoͻ no

    [19] Mo a moagye adie, monni ho kwan sε mobεfa (mmaa akunafoͻ no sε awugyadeε) adi adeε wͻ aberε a εnyε wͻn pε; anaasε mobεma wͻn ho akyere wͻn sε mobεgye deε mode ama wͻn no mu biribi, gyesε wͻ’bu bra bͻne bi a εda adie. Mone wͻn ntena wͻ kwan pa so efrisε, sε mompε wͻn a, ebia deε mompε no mmom mu na Nyankopͻn de nhyira kεseε paa ahyε mu

    [20] Nasε mopεsε mode ͻyere (foforͻ) bεhyε ͻyere (dadaa) anan mu, nasε moama wͻn mu baako bi dwetire bi a, monhwε na moanye emu biribiara. Mobεfa animguaseε ne kwan bͻne pefee so na agyeε

    [21] Deεn nti na εsεsε mogyeε wͻ aberε a mode moho aka moho na wͻn agye bͻhyε a emu yε den afri mo hͻ

    [22] Monhwε na moanware mmaa a moagyanom aware wͻn, gyesε deε atwa mu, efrisε, εyε ahohwisεm ne akyiwadeε ne ͻkwan bͻne

    [23] Y’abra mo (sε mobεware) mo maamenom, ne mo mma mmaa, ne monua mmaa, ne mosewaanom, ne mo maame nua mmaa, ne monua mmarima mma mmaa, ne mo nua mmaa mma mmaa, ne mo maamenom a wͻn ama mo nufoͻ anom, ne monua mmaa a (monfri eni anaasε sekorͻ na mmom) mone wͻn anom nufu korͻ, ne moyere nom maamenom, ne momma nnoma mmaa a mona mohwε wͻn soͻ a wͻ’yε moyere nom a moakͻ wͻn ho mma mmaa; nasε monkͻͻ wͻn (maame) ho deε a, εneε bͻne biara nni moso; εna mo mma mmarima a wͻ’firi moara mosisi mu yere nom. (Y’abra mo nso) sε mobεka nnua mmaa mmienu abom (aware wͻn), gyesε deε atwa mu. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunu Hene

    [24] Y’asan (abra mo sε mobεware) mmaa a wͻn wͻ kunu, gyesε (nneduafoͻ mmaa) no a wͻ’yε mo ara modea no. Woi yε Nyankopͻn ahyεdeε a εda mo soͻ. (Mmaa a ya’kyerε mu) yi akyi, yεma mo ho kwan sε, mode moagyapadeε bεhwehwε wͻn aware wͻn, na εnyε mpena twee anaasε adwamammͻ mu. Na wͻn a moani gye wͻn ho (sε moware wͻn no), monfa wͻn tiri aseda a εyε ahyεdeε no mma wͻn. Na (etire aseda a) εyε ahyεdeε no akyi no, εnyε bͻne mamo fa deε mobεgye ato mu ho. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, na Ɔne Onyansafoͻ

    [25] Momu obi nso a ontumi nware agyidiefoͻ mmaa a wͻ’de wͻn ho no, (ͻnware) monfenaa agyidiefoͻ a wͻ’yε modea no (mu bi). Onyankopͻn Nim sεdeε mogyedie siteε. Mofiri moho-moho mu. Enti monware wͻn wͻ wͻn Wura nom akwamma mu, na monfa wͻn tiri aseda ma wͻn wͻ kwan pa so wͻ awadeε mu; wͻnyε mmaa a wͻ’di wͻn ho nni na wͻ’nnyε adwamanfoͻ, anaa wͻ’nntwe mpena. Nasε wͻ’ware na wͻ’kͻbu bra bͻne bi a, yεnfa ͻbaa a ͻde ne ho asotwee no mu fa ntwe wͻn aso. Saa (mfenaa awadeε nkyerεkyerεmu yi) gyina hͻ ma momu obia osuro sε ͻbεkͻ akͻtͻ bͻne mu. Nasε mosi aboterε a εno mmom na εyε ma mo. Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunu Hene

    [26] Nyankopͻn pεsε Ɔkyerεkyerε (ͻsom no ho mmra) mu pefee kyerε mo, na Ɔkyerε mo wͻn a w’ͻdii moanim kan no kwan no, na Ɔgye moadwen sakra. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ

    [27] Nyankopͻn pεsε Ɔgye moadwen sakra, nanso wͻn a wͻ’di akͻnnͻ akyire no hwehwε sε anka mobεmane (afri kwan tenenee no so) akͻ akyirikyiri paa

    [28] Nyankopͻn pε sε Ɔgo (mmra) no mu ma mo, efirisε onipa mmͻeε anaa onipa suban mu no ͻyε abͻdeε a ͻyε mmrε (onni ahoͻden)

    [29] Mo a moagye adie, monhwε na moanfa nkontompo kwan so anni montεm sika, na mmom εnyε sε adwadie a moate moho aseε; na monhwε na moankunkum moho. Nokorε sε Nyankopͻn hu mo mmͻbͻ

    [30] Na obi a ͻnam ͻtan ne asisie so bεyε saa no, Yε’de no bεkͻ Amanehunu gyem . Na εno deε εyε adeε a εyε mmerε koraa ma Nyankopͻn

    [31] Sε motwe mo ho firi bͻne akεseε a y’abra mo no ho a, Y’εbεpepa mo bͻne afri mo so, na Yε’de mo akͻwura Animuonyam bea no mu

    [32] Na monhwε na moanyε aniberebereε wͻ deε Nyankopͻn de ama ebinom akyεn ebinom no ho. Mmarima wͻ dwuma a wͻ’die ho akatua, εna mmaa nso wͻ dwuma a wͻ’die ho akatua. Enti momisa adom mfiri Nyankopͻn (adom) no mu. Na Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ

    [33] Y’ahyehyε (obi a odi adeε) ama obiara fa agyapadeε a awofoͻ ne abusuafoͻ bi (bewu) agya ho. Wͻn a mode monsa nifa ahyε (nkrataa) ase ne wͻn ahyε bͻ wͻ adedie ho no nso, monfa wͻn kyεfa ma wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne biribiara ho Dansefoͻ

    [34] Mmarima na wͻ’di mmaa soͻ (anaasε wͻ’hwε wͻn soͻ), εnam sε Nyankopͻn ama ebinom so akyεn bi, εnam sε mmarima no na wͻ’yi wͻn sika anaa wͻn agyapadeε wͻ mmaa no ho. Ɛmmaa papa no brε wͻn ho ase, bͻ (wͻn kununom) kokoa mu adeε a Nyankopͻn abͻ ho ban no ho ban (wͻ berε a wͻn kununom nni hͻ). Na mmaa no a mosuro sε wͻ’yε asobrakyeε no, montu wͻn fo, (sε εno annyε yie a) montu nya wͻn wͻ kεtε so, (sε εno nso anyε yie a) montea wͻn. Nasε wͻ’tie mo a, monhwε na moanhwehwε kwan bi anfa antia wͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Okokroko, Ɔso kyεn biribiara

    [35] Nasε mosuro ntotoo bi a asi (ͻbaa no ne okunu) mmienu ntεm a, mompε osenifoͻ baako mfiri ͻbarima no abusua mu, εna osenifoͻ baako nso mfri ͻbaa no abusua mu. Sε wͻn mmienu pε nsiesie a Nyankopͻn besiesie wͻn mmienu ntεm. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Nimdefoͻ, Ɔne (dwuma a onipa die ho) Amanebᴐfoᴐ

    [36] Monsom Nyankopͻn na monhwε na moanfa biribi ammata Neho; na monyε ayεmyε ma awofoͻ ne abusua ne nyanka ne ahiafoͻ ne abusuafoͻ a mone wͻn bͻ afipam, ne afipamfoͻ a wͻ’nnyε abusuafoͻ, ne akwantuo mu yͻnkoͻ (anaa y’ahokafoͻ) ne ͻkwantuni ne nkoa ne mfenaa a wͻ’hyε monsa. Nokorε sε, Nyankopͻn mpε obi a ͻyε ahomasoͻ na otu neho no asεm

    [37] Wͻn a wͻ’bͻ ayεmuͻyono anaa wͻ’yε pεpε na wͻ’hyε amanfoͻ ma wͻ’bͻ ayεmuͻnyono, na wͻ’de adom a Nyankopͻn de ama wͻn no asie no, boniayεfoͻ no deε Y’asiesie animguaseε asotwee ato wͻn hͻ

    [38] Wͻn nso a wͻ’yi wͻn sika (anaa agyapadeε) dema sεdeε nnipa behu, na wͻ’nnye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no nnie no; na obi a neyͻnko ne ͻbonsam deε, ͻyͻnko bͻne paa ne no

    [39] Sε anka wͻ’regye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adi, ayi deε Nyankopͻn de ama wͻn no mu bi ama (wͻ Nyame kwan so) a, anka deεn na εbεyε wͻn? Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim wͻn yie paa

    [40] Nokorε sε Nyankopͻn nsisi (obi) ketekete tesε aboboaa (a ani ntumi nhunu); sε papa bi (na obi bεyε a), Ɔde (n’akatua no) bͻ ho, na W’ama no akatua a efri Ne hͻ a εsom bo

    [41] Sε Yε’de ͻman biara adansefoͻ ba, na (saa Da no) Yε’de wo (Muhammad) nso ba bedi woi nom ho adanseε a, (saa Da no abͻneεfoͻ no) bεyε dεn

    [42] Saa Da no, wͻn a wͻ’poo nokorε no, na wͻ’tee Ɔsomafoͻ no so atua no bεpεsε anka yεnfa asaase nkata wͻn so korakora. (Saa Da no) wͻ’ntumi mfa asεm biara nnsuma Nyankopͻn

    [43] Mo a moagye adie, monhwε na moammεn Nyamefrε ho wͻ berε a moaborͻ, kͻpem sε (moadwene mu bεda hͻ na) moahunu deɛ moreka; (saa ara nso na sε) ahosen fii (ka mo a montumi nkͻ Nyamedan mu) gyesε obi a ͻretwa mu (wͻ Nyamedan no mu kεkε), kosi sε mobedwareε, na mmom sε moyare anaasε mowͻ akwantuo mu, anaasε momu bi fri baabi so aba, anaa mode moho aka mmaa εna monnya nsuo a, monfa nεteε a εho teε mpepa moanim ne monsa. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefafri Hene, Ɔno na Ɔde bͻne kyε

    [44] Wonhunuu wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu kyεfa bie no? (Saa nkorͻfoͻ no) de nokorε kͻtͻ yera, na wͻ’pε sε moyera firi ͻkwan (tenenee) no soͻ

    [45] Nyankopͻn deε Onim moatamfoͻ no; Nyankopͻn yε Okyitaafoͻ a Ɔsom bo, na Nyankopͻn yε Ɔboafoͻ a Ɔsom bo

    [46] Yudafoͻ no mu bi wͻhͻ a wͻ’sesa (Nyankopͻn) asεm no firi netobea; na deε wͻ’ka nesε: Y’ate nanso yenni so, na tie na wonte (aseε) na (wͻ’ka) ‘Raaa’ina’ dane wͻn kεterεma, na wͻ’to ͻsom no ho. Nasε wͻ’kaa sε: Y’ate na yε’bedi so enti wodeε tie na hwε yεn a’’ anka εyε ma wͻn, na εno nso na anka edi mmu paa. Nanso wͻn boniayε nti Nyankopͻn adome wͻn, enti wͻ’nnye (asεm no) nni gyesε (emu) kakraabi

    [47] Mo a yama mo Nyamesom ho Nwoma, monye deε y’aisane a εrehyε Nwoma a εwͻ mohͻ no mma no ni ansa na Y’apepa animu na Y’adane no aba akyire (agu moanim ase); anaasε, ansa na Y’adome wͻn sεdeε Yε’domee Sabat’foͻ no. Onyankopͻn ahyεdeε deε εyε hͻ

    [48] Nokorε sε, sε (obi) de biribi bata Nyankopͻn ho a, εno deε Ɔnnfa (saa nipa no) bͻne nnkyε (no), na εno akyiri no Ɔde obi a Ɔpε biara bͻne kyε no. Obi a ͻde biribi bεbata Nyankopͻn ho no, ampa sε (saa nipa no) abͻ netrim atwa nkontompo ayε bͻne kεseε paa

    [49] Wonhunuu (Yudafoͻ no ne Kristofoͻ no) a, wͻ’yε wͻn ho sε wͻne ahotewfoͻ no? Daabi, Nyankopͻn na Ɔte obi a Ɔpε ho, na Onni (obiara) amim ketekete koraa

    [50] Hwε sεdeε wͻ’si bͻ wͻn tirim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ. Woi yε bͻne a εsom bo na εda adi pefee

    [51] Wonhunuu wͻn a yεmaa wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu kyεfa bi no? Wͻ’gye abosom ne asumansεm di; wͻ’ka kyerε wͻn a wͻ’po nkorε no sε: “Woinom (Quraishfoͻ abosomsomfoͻ no mmom) nam ͻkwan tenenee so kyεn wͻn (Muslimifoͻ) no a wͻ’agye adie no”

    [52] Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn adome wͻn no; na obi a Nyankopͻn adome no no nso deε wonnya ͻboafoͻ mma no

    [53] Anaasε wͻn wͻ kyεfa bi wͻ (Nyankopͻn) ahennie no mu? Ɛneε anka wͻ’mma onipa biara hwee

    [54] Anaasε wͻ’yε deε Nyankopͻn afiri N’adom mu de ama amanfoͻ bi no ho ahoͻyaa? Ɛneε ampa sε, Yε’maa Abraham asefoͻ no Nwoma ne Adwen, na Yε’maa wͻn ahennie a εsoo paa

    [55] Wͻn mu bi wͻhͻ a wͻ’gye no (Muhammad) die, na wͻn mu bi nso wͻhͻ a wͻ’dane wͻn ho firi neho. Na Amanehunu gya no som bo (sε yεde hye wͻn)

    [56] Nokorε sε, wͻn a wͻ’po Yεn Nsεm no, Yε’de wͻn bεkͻ Amanehunu gyem. Na εberε biara a wͻn ho wedeε no bεhyeε no Yε’bεsesa wedeε foforͻ ama wͻn, sεdeε wͻ’bεka asotwee no ahwε paa. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, na Ɔne Onyansafoͻ

    [57] Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, Yε’de wͻn bεkͻ Soro Aheman no a nsubͻten nenam aseε no mu, emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ. Wͻ’benya yerenom ahotewfoͻ wͻhͻ; na Yεde wͻn bewura enyunu paa mu

    [58] Nokorε sε, Nyankopͻn rehyε mo sε, monsan mfa adeε a obi de ahyε monsa sε nhwεsodeε no nsan ma ne wura; na sε mobu nnipa ntεm atεn a momu atεn tenenee. Nokorε sε, afutupa paa na Nyankopͻn retu mo no. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otiefoͻ N’ani nso tua biribiara

    [59] Mo a moagye adie, monyε sotie ma Nyankopͻn na monyε sotie nso ma Ɔsomafoͻ no, ne wͻn a wͻ’kuta tumi wͻ mo mu no nso. Nasε ntotoo bi ba montεm wͻ biribi ho a, monsan nkͻyε εho nhwehwε mu wͻ Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no hͻ, sε mogye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no di ampa a, εno na εyε, na εno nso na edi mmu na εma awie pa

    [60] (Nkͻmhyεni), wonhunuu wͻn a wͻ’kyerε sε wͻ’agye deε yasiane ama woͻ no die, na wͻ’san gye deε yedii w’anim kan sianeε no nso die no? (Saa nkorͻfoͻ no) hwehwε ͻbonsam atemmuo, abrε nso a yahyε wͻn sε wͻ’mpo ͻbonsam. Nanso ͻbonsam pεsε ͻyera wͻn de wͻn kͻ akyirikyiri

    [61] Sε yεka kyerε wͻn sε, momra ma yεnkͻ deε Nyankopͻn asiane no hͻ ne Nesomafoͻ no hͻ a, wobehunu sε nkͻnkͻnsafoͻ no adane wͻn ho dane paa afri wo ho

    [62] Afei adεn nti na sε mmusuo bi to wͻn wͻ dwuma a wͻ’nsa adi ato wͻn anim no ho a, wͻ’ba wo hͻ frε Nyankopͻn di nse sε: “Yεn deε, deε yεrehwehwε ara ne deε εyε, εna koroyε?”

    [63] Nyankopͻn Nim deε εwͻ saa nkorͻfoͻ woi nom akoma mu, enti twe woho firi wͻn ho, na tu wͻn fo, na ka asεm a εkͻ aso muu paa a εbεkͻ wͻn mu kyerε wͻn

    [64] Deε nti Yε’soma Ɔsomafoͻ ne sε (amanfoͻ) bεyε sotie ama no wͻ Nyankopͻn pε mu. Sε (nkͻnkͻnsafoͻ no) yε bͻne tia wͻn kraa nasε wͻ’reba wo hͻ abεsrε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, εna Ɔsomafoͻ no resrε bͻnefakyε ama wͻn a, anka wͻ’behunu sε Nyankopͻn na Ɔde bͻne kyε, na Ɔne Mmͻborͻhunu Hene no

    [65] Nanso daabi, Mede wo Wura Nyankopͻn di nse sε: “Wͻ’nnyε agyidiefoͻ, gyesε (wͻ’ma kwan ma) woyε wͻn temmufo wͻ deε asi wͻn ntεm (biara) ho, na afei wͻ’nnya ͻyaw die biara wͻ wͻn akoma mu wͻ deε wobuu (wͻn) ho atεn no ho, na wͻ’brε wͻn ho ase brε paa

    [66] Nokorε sε, sε anka Y’ahyε wͻn sε, monkunkum mo ho, anaasε montu mfri moafie mu a anka wͻn mu kakraabi na wͻ’bεyε. Sԑ wͻ’reyε deε yԑde atu wᴐn foᴐ no a, anka εyε papa ma wͻn; na anka εbεhyε wͻn (gyidie nso) den

    [67] Na anka Y’ama wͻn akatua kεseε a efiri Yεn kyεn

    [68] Na anka Y’akyerε wͻn kwan tenenee no

    [69] Na obi a ͻbεyε sotie ama Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no, saa nkorͻfoͻ no ka wͻn a Nyankopͻn de adom adom wͻn no ho; (saa nkrͻfoͻ no ne): Nkͻmhyεfoͻ no, ne Nokwafoͻ no, ne Mogya ho adansefoͻ no, ne apapafoͻ a wͻ’dii dwuma pa no. Na wͻn ne ayͻnkofoͻ pa paa no

    [70] Saa adom no firi Nyankopͻn hͻ, na Nyankopͻn som bo sε Ɔne (biribiara ho) Nimdefoͻ

    [71] Mo a moagye adie, monyε ahoboa (ntwεn moatamfoͻ no), na mompue (nkͻ no) akuo-akuo, anaa momͻ mu nkͻ (Nyame koo)

    [72] Momu binom wͻhͻ a wͻ’gye wͻn ho ka akyire. Sε mmusuo bi to mo a, deε wͻ’ka ne sε: “Nyankopͻn adom me sε, mannka wͻn ho wͻhͻ bie”

    [73] Sε monya Nyankopͻn hͻ adom bi nso a w’ͻka (nsεm bi) tesε deε ͻdͻ nni mo ne wͻn ntεm sε: “Sε meka wͻn ho a anka manya sadeε a εsom bo”

    [74] Enti ma wͻn a wͻ’tͻn wiase asetena dekͻtͻ Daakye no nko wͻ Nyame kwan so; na obi a ͻbεko wͻ Nyame kwan soͻ no, sε yeku no o, anaasε odi nkonim o, Yε’bεma no akatua a εsom bo paa

    [75] Deɛn na ɛha mo a enti εnsεsε moko wͻ Nyankopͻn kwan soͻ aberε a mmarima ne mmaa ne nkͻdaa a wͻ’nni ahoͻden resu sε: “Yε’Wura Nyankopͻn, yi yεn firi kuro a emufoͻ yε abͻneεfoͻ no mu, na ma yεn Okyitaafoͻ firi Wo hͻ, na ma yεn ͻboafoͻ nso firi Wo hͻ”

    [76] Wͻn a wͻ’agye adie no reko Nyankopͻn kwan so, εna wͻn a wͻ’po nokorε no nso reko wͻ ͻbonsam kwan soͻ. Enti monko ntia ͻbonsam akyitaafoͻ no. Nokorε sε, ͻbonsam pͻ (a ͻbͻ) deε ahoͻden biara nnim

    [77] Wonhunuu wͻn a yεka kyerεε wͻn sε: “Montwe monsa (mfiri ͻkoo ho), na monfrε Nyame wͻ nebrε mu, na monyi Zaka no? Afei εberε a yεyεε ͻkoo nhyε maa wͻn no, afei hwε, na wͻn mu bi suro nnipa sεdeε anka εsεsε wͻ’si suro Nyankopͻn anaasɛ wͻ’suro (nnipa) mpo kyεn saa. Asεm a wͻ’kaeε ne sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, adεn na W’ahyehyε ͻkoo ama yεn? Sε anka Wode kͻͻ animu kakra maa yεn a?”. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Wiase mu anigyeε no yε ketewaa bi, na Daakye no yε ma obi a osuro Nyankopͻn. Na Ye’nsisi mo ketekete koraa

    [78] Faako a mowͻ biara no owuo bεto mo wͻ hͻ; sε mowͻ aban tenten a εyε den mu mpo a. Na sε papa bi to wͻn a, deε wͻ’ka nesε: “Woi deε efiri Nyankopͻn hͻ;” nasε bͻne bi to wͻn nso a, deε wͻ’ka nesε: “Woi deε efri wo (Muhammad( hͻ”. Ka sε: “Ne nyinaa firi Nyankopͻn hͻ”. Na deεn na εha saa nkorͻfoͻ no a anka wͻ’nnyε ate asεm aseε yi)

    [79] Adepa biara a εbεto mo no firi Nyankopͻn hͻ, εna ade bͻne biara nso a εbεto mo no firi mo ara mohͻ. Enti na Y’asoma wo wͻ adasamma hͻ sε Ɔsomafoͻ. Onyankopͻn yε Ɔdanseni a Ɔsom bo

    [80] Obi a ͻbεyε sotie ama Ɔsomafoͻ no, ampa sε w’ayε sotie ama Nyankopͻn, na obi a ͻbεdane n’akyi ama no no, Y’ansoma wo (Muhammad) sε bεhwε wͻn so

    [81] (Nkͻnkͻnsafoͻ no) kasε: “(Y’ayε) sotie (ama wo)”. Nanso sε wͻ’firi wohͻ kͻ a, wͻn mu fekuo bi fa adwen anadwo dane deε wͻ’kaaeε no ani. Nyankopͻn retwerε adwen a wͻ’faa no anadwoͻ no. Enti twe woho firi wͻn ho na fa woho to Nyankopͻn so. Na Nyankopͻn yε Okyitaafoͻ a Ɔsom bo

    [82] Anaasε wͻ’nnwenee anaa wͻnfaa Qur’aan yi ho asεm nkͻͻ adwendwen mu yie anaa? Sε anka efiri obi foforͻ hͻ a εnyε Nyankopͻn hͻ a, anka wͻ’benya abirabͻ pii wͻ mu

    [83] Sε asomdweε asεm bi anaa ehu asεm bi ba wͻn hͻ a wͻ’de tene (anaasε wͻ’de bͻ dawuro). Sε anka wͻ’dane maa Ɔsomafoͻ no ne wͻn mu wͻn a tumi hyε wͻ’nsa no a, anka wͻn mu wͻn a wͻ’repε ho nimdeε no behunu (nokorε a εwͻ mu). Sε εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻbͻrͻ na εwͻ mosoͻ a, anka (momu dodoͻ no ara) bedi ͻbonsam akyi, gyesε kakraa bi

    [84] Enti (Nkͻmhyεni), ko wͻ Nyankopͻn kwan no so; na yεnnfa adesoa bi nsoa wo, na mmom gyesε deε εfa wo ara woho. Na hyε agyidiefoͻ no nkuran. Ebia Nyankopͻn besi boniayεfoͻ no koo ho kwan. Onyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ, N’asotwee mu yε den paa

    [85] Obi a obedi agyinamuu pa no benya emu kyεfa, na obi nso a obedi agyinamuu bͻne no nso benya emu kyεfa. Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi

    [86] Sε obi de nkyea kyea mo a, monkyea no ma εnyε dε nkyεn nkyea a ͻkyeaa mo no, sε nyesoͻ nso a monye so ma εnyε dε nkyεn nenyesoͻ no. Nokorε sε Nyankopͻn deε obu biribiara ho akonta

    [87] Onyankopͻn, Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Nokorε sε Ɔbεboa moano wͻ Wusͻreε da no a akyinnyeε biara nni ho no mu; na hwan na na’sεm yε nokorε kyεn Nyankopͻn

    [88] (Agyediefoͻ), εdeεn na εha mo a enti momu akyε mmienu wͻ nkͻnkͻnsafoͻ no ho yi? Wͻn nneyεε nti Nyankopͻn ama wͻn asan kͻ wͻn boniayε no mu. Mopε sε mokyerε obi a Nyankopͻn ayera no no kwan? Obi a Nyankopͻn ayera no no deε wonnya kwan (kyerε) mma no

    [89] Wͻ’pε sε anka mopo (nokorε) no sεdeε wͻn apoͻ no, na moyε pε; enti monhwε yie na moanfa wͻn mu bi ayͻnkoͻ kosi sε wͻ’betu amantuo wͻ Nyankopͻn kwan so. Sε wͻ’dane wͻn akyi dema nokorε no a, εneε baabiara a mobenya wͻn no monkye wͻn na monku wͻn, na monhwε na moanfa wͻn mu bi adamfoͻ anaasε aboafoͻ

    [90] Gyesε wͻn a wͻ’dͻm ekuo bi a asomdwiε apam da mone wͻn ntεm, anaasε wͻ'ba mohͻ a enni wͻn akoma mu sε wͻ’ne mo bεko, anaasε wͻ’ne wͻn ara nkorͻfoͻ bεko. Sε Nyankopͻn pε a anka Ɔbεma wͻn tumi wͻ moso na wͻ’ne mo ako. Enti sε wͻ’twe san firi moho na wͻ’ne mo anko na wͻ’de asomdwiε hyia mo a, εno deε Nyankopͻn mmaa mo wᴐn ho kwan (sε mone wͻn koo)

    [91] (Nkͻmhyεni) wobehunu ebinom nso (tesε Asad ne Gatfaanfoͻ) no sε wͻ’hwehwε ahotᴐ wͻ mo hͻ san hwehwε ahotᴐ nso fri wͻn nkorͻfoͻ nso hͻ. Ԑberε biara a yεbεfrε wͻn akͻ mmusuo bi mu no ntεm ara na wͻn wͻ mu. Sε (saa nkorͻfoͻ yi) antwe wͻn ho anfiri mo ho anfa asomdwiε anhyia mo annyi wͻ’nsa wͻ moso a, εneε faako a mobehyia wͻn biara no monkye wͻn na monku wͻn, na woi nom na Y’ama mo tumii pefee wͻ wͻn so (sε motumi ko tia wͻn) no

    [92] Mmra mma ho kwan sε gyidieni bekum gyidieni, gyesε mfomsoͻ (na εmaa no baa saa). Obia εnam mfomsoͻ so bεma no akum gyidieni no ͻnfa ͻdͻnkͻ a ͻyε gyidieni ho nkyε no, na ontua mogya hwieguo ho mpata ma owufoͻ no abusuafoͻ, gyesε (abusuafoͻ no) dekyε. Sε owufoͻ no firi nnipa bi a mo ne wͻn wͻ ͻkoo mu, εna na ͻyε gyidieni a, εneε ͻdͻnkͻ gyidieni na mode neho bɛkyε no. Sε owufoͻ no fri nnipa bi a mone wͻn wͻ apam da montεm εna ͻyε gyidieni a, montua mogya hwieguo ho mpata ma na’busuafoͻ na monfa ͻdͻnkͻ a ͻyε gyidieni ho nkyε no. Na obi a onnya no, ͻnyɛ akyiriwia bosome mmienu a εtoatoa soͻ (a εkyerε) adwen sakra a efiri Nyankopͻn hͻ. Na Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, na Ɔne Onyansafoͻ

    [93] Obi a ͻde anidaaho bekum gyidieni deε, n’akatua ne Amanehunu gyem, emu na ͻbεtena, na Nyankopͻn abufuo ne Nenomee wͻ no so, na yasiesie asotwee kεse ato hͻ ama no

    [94] Mo a moagye adie, sε motu kwan (kͻ ͻkoo) wͻ Nyankopͻn kwan so a, (monya ntoboaseε) nyε nhwehwεmuu, na monhwε na moanka ankyerε obi a ͻde asomdweε (nkyea) no behyia mo no sε: “Wonyε gyidieni”. Moreyε de ahwehwε wiase asetena mu agyapadeε a enni hͻ daa no, εneε Nyankopͻn hͻ na asadeε pii wͻ. Saa ara na kanee no na moteε, εna Nyankopͻn de N’adom no dom mo (maa mobεyεε agyidiefoͻ), enti εyε a monyε nhwehwεmuu (na moankͻkum monua gyidieni). Nokorε sε, Nyankopͻn na dwuma a modie biara no Ɔbεbͻ (mo) ho amaneε

    [95] Agyidiefoͻ no mu wͻn a (wannkͻ ͻsa no bie) na wͻ’tenaa fie (wͻ aberε a) na biribiara nnha wͻn no, wͻ’ne wͻn a wͻ’de wͻn agyapadeε ne wͻn kraa bͻͻ mmͻden wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no gyina berε nnyε pε. Nyankopͻn apagya wͻn a wͻ’de wͻn agyapadeε ne wͻn kraa reboa wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no kyεn wͻn a wͻ’tenaa (fie no) wͻ gyinaberε mu. (Agyidiefoͻ) no nyinaa Nyankopͻn de adepa no na ahyε wͻn bͻ. Onyankopͻn de akatua kεseε paa abͻ mmͻdemmͻfoͻ no abaso kyεn wͻn a wͻ’tenaa (fie no)

    [96] (Ͻde) abasobͻ (a, ekorͻn paa) ne bͻnefakyε ne ahummͻborͻ a efiri Nehͻ (na abᴐ wᴐn abasoᴐ). Onyankopͻn ne Bͻnefakye Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ

    [97] Nokorε sε, wͻn a Soro abͻfoͻ yi wͻn nkwa a wͻn ayε bͻne atia wͻn kraa no, (abͻfoͻ) no ka kyerε wͻn sε: “Dwuma bεn na na moredie (a enti moansom Nyame?)” Wͻ’bεka sε: “Na yenni ahoͻden wͻ asaase no so”. Abͻfoͻ no bεka sε: “Enti na Nyankopͻn asaase no nyε tεtrεtεε (anaasε εsoo) sεdeε mobetumi atu amantuo wͻ soͻ?” Saa nkorͻfoͻ no asetena mu bεyε Amane-hunu gyem, na εhͻ yε nnkyi bͻne paa

    [98] Gyesε (wͻn) mu mmarima ne mmaa a na wɔ’nni ahoɔden, ne nkͻdaa a wͻ’ntumi ntu amantuo anaa wͻ’nni kwan biara a wͻ’bεfa soͻ no

    [99] Saa nkorͻfoͻ no na ebia Nyankopͻn de wͻn mfomsoͻ befiri wͻn. Nyankopͻn ne Bͻnefafri Hene, na Ɔno na Ɔde Bͻne kyε

    [100] Obia a obetu amantuo wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no, obenya dwanekͻbea pii ama no abuso wͻ asaase no so. Obi a obefri nefie sε ͻretu amantuo akͻ Nyankopͻn ne Nesomafoͻ hͻ, na owuo bεto no no, ampa sε n’akatua abεda Nyankopͻn so. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [101] Sε motu kwan wͻ asaase no so na mosuro sε boniayεfoͻ no bεha mo na mote Nyamefrε (a εyε Rakaa nnan no) so (yε no mmienu-mmienu) a, bͻne biara nni mo so. Nokorε sε, boniayεfoͻ no yε moatamfo pefee

    [102] (Nkͻmhyεni), sε wowᴐ wͻn mu (wͻ ͻkoo mu) na wode wͻn refrε Nyame a, ma wͻn mu fekuo bi nka woho ne wo mfrε Nyame no, na ma wͻ’nfa wͻn akodeε; sε wͻ’de wͻn anim butu fͻm (frε Nyame no wie a), ma wͻn megyina moakyi, na ekuo baako a aka no a wͻ’nya mfrεε Nyame no nso mmra mεne wo mfrε Nyame no, na wͻ’ma wͻn ani na wͻn ho so yie na wͻnfa wͻn akodeε. Wͻn a wͻ’po nokorε no pε sε anka moadwen befiri moakodeε ne mo nneεma soͻ na wͻ’abεto ahyε moso prεko pε. Bͻne biara nni moso sε, sε nsuo reha mo anaasε moyare a mode moakodeε no bεgu hͻ. Na mmom moma moani na moho so yie. Nokorε sε, Nyankopͻn asiesie animguaseε asotwee ato boniayεfoͻ no hͻ

    [103] Sε mofrε Nyame no wie a, monkae Nyankopͻn wͻ (εberε a mo) gyina hͻ ne (εberε a mo) te hͻ ne (εberε) a moda monkyεn mu no mu. Nasε monya ahotᴐ a, εneε monfrε Nyame no (sεdeε yakyerε mo dada no). Nokorε sε, Nyamefrε yε adeε a yahyehyε no brε-ano-brε-ano ato agyidiefoͻ no soͻ

    [104] Mommma moaba mu mmu sε mobεhwehwε nkorͻfoͻ no. Sε morebrε a, saa ara na wͻ’nso rebrε sεdeε morebrε no ara; moani da biribi so wͻ Nyankopͻn hͻ a, wͻ’nni saa anidaasoͻ no. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ

    [105] (Nkͻmhyεni), nokorε mu na Y’εde asiane Nwoma no ama woͻ, sεdeε wode deε Nyankopͻn ayi akyerε woͻ no bebu nnipa ntεm atεn. Enti hwε yie na woanni amma wͻn a wͻ’di hwammͻ no

    [106] Na srε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [107] Enti hwε na woanko amma wͻn a wͻ’di wͻn ara wͻn kraa hwammͻ no. Nokorε sε, Nyankopͻn mpε obia odi hwammͻ, yε (nipa) bͻneni no asεm

    [108] (Wͻ’yε) desuma nnipa na (wͻ’nnyε) mfa nsuma Nyankopͻn, efrisε anadwo berε no a na wͻ’rebͻ pͻ wͻ asεm a Nyankopͻn ani nnye ho no ho no, na Ɔne wͻn na εwͻ hͻ. Onyankopͻn deε Watwa dwuma a wͻ’redie no nyinaa ho ahyia

    [109] Hwε, woi nom ne nnipa a moreko ama wͻn wͻ wiase asetena yi mu; na Wusͻreε da no nso hwan na ͻbεko ama wͻn wͻ Nyankopͻn anim, anaasε hwan na ͻbεyε wͻn kyitaafoͻ

    [110] Obi a ͻbεyε bͻne, anaasε ͻbedi ne kraa amim na ͻbεsrε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε no, obenya Nyankopͻn sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [111] Obi a ͻbεyε bͻne no, ͻyε detia ne kraa. Onyankopͻn deε Ɔne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ

    [112] Obi a ͻbεyε mfomsoͻ anaasε bͻne bi na ͻde bεhyε obi a onnim ho hwee no, nokorε sε (saa nipa no) asoa adanse kurumuu ne bͻne a εso paa (ho asotwee)

    [113] Sε εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻbͻrͻ na εwͻ wo soͻ a, anka (Yudafoͻ no) mu fekuo bi ayε wͻn adwen sε wͻ’bεma wo ayera (afiri kwan tenenee no so), nanso wͻ’ntumi nyera obiara, na mmom (wͻ’yera) wͻn ara wͻn ho. Wͻ’ntumi nyε wo bͻne nso wͻ ͻkwan biara so. Efrisε Nyankopͻn asiane Nwoma no ne Nyansa no ama wo, εna W’akyerε wo adeε a na anka wonnim. Onyankopͻn adom a εwͻ wo soͻ no so paa

    [114] Papa biara nni wͻn agyinatuo bebrebe no mu, mmom (agyinatuo a papa wͻ mu ne) obi a ͻrehyε (amamfoͻ) ama w’ayε adͻeε anaa wayε papa, anaa (wͻ’rehyε amanfoͻ) ama wasiesie nnipa ntεm. Na obi a ͻbεyε woi nom de ahwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam no, Yε’bεma no akatua a εsom bo paa

    [115] Obi a ͻbεko atia Ɔsomafoͻ no wͻ akyire yi a tenenee no ada adi pefee ama no, na ͻnam ͻkwan a εnyε agyidiefoͻ no kwan no soͻ no, Yε’begyae no ama ͻkwan a ͻno ara apε ama neho no, na Yε’de no akͻ Amanehunu gyem, na εhͻ yε nkyi bͻne paa

    [116] Nokorε sε, Nyankopͻn mmfa (obi a) ͻde biribi bεbata Neho bͻne nnkyε no, na mmom εno akyiri no Ɔde bͻne biara a Ɔpε kyε. Obi a ͻde biribi bεbata Onyankopͻn ho no, nokorε sε wayera (afiri ͻkwan tenenee no so) kͻ akyirikyiri paa

    [117] Sε (Quraishfoͻ abosomsomfoͻ no) firi Nyankopͻn akyi sufrε biribi mpo a εyε abosom mmaa; na nea wͻ’frε no no ne ͻbonsam otuateɛni no

    [118] Nyankopͻn abͻ no dua. Asεm a ͻbonsam kaeε ne sε: “(Awurade), mεfa Wo nkoa no mu kyεfa bi a yatwa ato hͻ no

    [119] Na mayera wͻn, na mama nsεm hunu a εho nni mfasoͻ ayε wͻn apεdeε, na mama wͻn apaepae nyεmmoa aso (ayε no nsohyεdeε a εkyerε sε, saa aboa no wͻ wͻn abosom), na wͻn asesa Onyankopͻn abͻdeε. Obia ͻbefiri Nyankopͻn akyi afa ͻbonsam ayε kyitaafoͻ no, nokorε sε wabrԑ berԑguo a εda adi pefee

    [120] (Ɔbonsam) hyε wͻn bͻ, na ͻma nsεm hunu yε wͻn apεdeε, na deε ͻbonsam hyε wͻn ho bͻ biara no yε nnaadaa

    [121] Saa nkorͻfoͻ no asetena ne Amane hunu gyem, na wͻ’nnya kwan biara a wͻ’de bedwane afiri hͻ

    [122] Wͻn a w’agye adie na wͻ’di dwuma pa no deε, Y’εde wͻn bεkͻ Aheman no a nsubͻnten nenam aseε no mu, emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ. Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε. Hwan na n’asεm yε nokorε kyεn Nyankopͻn

    [123] Ɛnyε mo (agyidiefoͻ no) apεdeε sԑdeԑ modwene no, anaasε wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no apεdeε sԑdeԑ wᴐ’dwene no (na εbεyε hͻ). Na mmom obi a obedi dwuma bͻne no yεbetua no so ka, na onnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ wͻ Nyakopכn akyi

    [124] Obi nso a obedi dwuma pa, sε ͻyε ͻbarima anaasε ͻbaa, na sε ᴐyε gyidieni a, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’bεkͻ Aheman no mu no, na yenni wͻn amim ketekete koraa

    [125] Hwan na ͻwͻ ͻsompa mu kyεn onipa a, w’abrε neho nyinaa ase ama Nyankopͻn na ͻyε ayεmyε (anaasε ͻyε papa) na ͻnam ͻteneneeni Abraham kwan no soͻ? Nyankopͻn faa Abraham adamfoͻ

    [126] Adeε a εwͻ soro ne deε a εwͻ asaase soͻ (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Nyankopͻn deε Watwa biribiara ho ahyia

    [127] (Nkͻmhyεni), wͻ’rebisa wo mmaa no nso ho asεm. Ka sε: “Deε Nyankopͻn rehyε mo fa wͻn ho ne deε yakenkan akyerε mo a εwͻ Nwoma no mu no a εfa mmaa nyanka no a monfaa wͻn kyεfa a yahyehyε ama wͻn no mmaa wͻn, nanso mopεsε moware wͻn no; εna (ͻresan hyε mo sεdeε mode) nkͻdaa a wͻ’nni ahoͻden no (nso kyεfa bεma wͻn), na afei mobedi nokorε ama nyanka no. Dwumadi papa biara a mobedie no, nokorε sε Nyankopͻn ne εho Nimdefoͻ

    [128] Sε ͻbaa bi suro ateeteε bi wͻ okunu hͻ, anaa nso sε ͻnte n’anim nkyerε no a, εnyε bͻne mma wͻn mmienu sε wͻ’bεsiesie wͻn ntεm nsiesie pa; nsisie na εyε paa, εwom sε adefodepε atwe nnipa adwen. Sε moyε ayεmyε na mosuro Nyame a, Nyankopͻn deε Ɔne dwuma a modie ho amanebͻfoͻ

    [129] Sε moyere moho sεn ara mpo a mo’ntumi nyε pεpεεpε wͻ mmaa no ntεm. Na mmom monhwε na moantwe moho amfiri (ͻbaa baako ho) korakora anyε no sεdeε ͻsensεn hͻ, (ͻno a onni kunu, ͻno nso a onyaee awadeε). Sε mosiesie montεm na mosuro Nyame a, nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [130] Sε wͻ’ntεm tete (gyae awadeε) nso a, Nyankopͻn bεma N’adom kεseε no aso wͻn mu biara so. Nyankopͻn na Ɔwͻ adom a εsoo paa, Ɔne Onyansafoͻ

    [131] Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ampa sε, Yε’kasa kyerεε wͻn a yεmaa wͻn Nyamesom ho nwoma a wͻ’dii moanim kan no, εna monso (yakasa akyerε mo) sε: ‘’Monsuro Nyankopͻn. Sε mopo (Nyankopͻn nsεm no a), nokorε sε, deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa wͻ Nyankopͻn; na Nyankopͻn deε W’anya Neho a Onhia obiara hwee, na Ɔne Ayeyie, Nkamfoͻ ne Aseda Wura no

    [132] Nyankopͻn na deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase soͻ nyinaa wͻ no. Nyankopͻn ne Okyitaafoͻ a Ɔsom bo

    [133] Adasamma, sε (Nyankopͻn) pε a Obeyi mo afiri hͻ na Ɔde abodeε foforͻ abεhyε mo anan mu, na Nyankopͻn wͻ εno ho tumi

    [134] Obi a ͻpε wiase mu akatua no, Nyankopͻn hͻ na wiase mu akatua ne Daakye no nyinaa wͻ. Onyankopͻn na Ɔte biribiara na Ohu biribiara nso

    [135] Mo a moagye adie, monyina pintinn wͻ nokorε so sε Nyankopͻn adansefoͻ; sε (asεm a woredi ho adanseε ama Nyame no) tia wo ara, anaa awofoͻ, anaa obusuani bi; sε (asεm no) tia osikani anaa ohiani bi mpo a, (hunu sε) Nyankopͻn na Ɔyε wͻn mmienu Kyitaafoͻ. Monhwε na moanni apεdeε akyi ankͻmane (amfiri kwan tenenee no so). Sε mokyea (atemmuo) anaa modane moho (firi nokorε) ho a, nokorε sε Onyankopͻn ne dwuma a modie no nyinaa ho Amanebͻfoͻ

    [136] Mo a moagye adie, monye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no ni, na (monye) Nwoma no a y’asiane ama Nesomafoͻ no, ne Nwoma no a yedii kan sianeε no nso ni. Obi a ͻbεpo Nyankopͻn ne N’asoro abͻfoͻ, ne Ne Nwoma ne N’asomafoͻ, ne Da a etwa toͻ no, nokorε sε (saa nipa no) ayera kͻ akyirikyiri paa

    [137] Nokorε sε, wͻn a wͻ’gye die, na afei wͻ’san po wͻn gyidie no, na wͻ’san gyidie na wͻ’san po bio, na wͻ’san gyedie na wͻ’san po wͻn gyidie no bio, na afei wͻn boniayε no kͻsoͻ (anaasε emu yε den) no, (saa nkorͻfoͻ no) deε Nyankopͻn mmfa wͻn bͻne nnkyε wͻn, na Ɔnkyerε wͻn kwan tenenee no nso

    [138] Enti hyε nkͻnkͻnsafoͻ no bͻ sε nokorε, wͻn wͻ asotwee a εyεya (paa da hͻ retwεn wͻn)

    [139] Wͻn a wͻ’fri agyidiefoͻ no akyi kͻfa boniayεfoͻ no ayͻnkoͻ no, tumi bi na wͻ’rehwehwε afri wͻn hͻ anaa? Nokorε sε tumi nyinaa wͻ Nyankopͻn

    [140] Nokorε sε, Y’asiane no wͻ Nwoma no mu ama mo sε, sε mote sε wᴐ’po Nyankopͻn Nsεm no na wͻ’redi ho fεw a, εmma mone wͻn nntena faako, kᴐpem sε wᴐ’bedi nkᴐmmᴐ foforᴐ a ԑnyԑ (Nyame asԑm no ho fԑw die; sԑ motena wᴐn nkyԑn a,) εneε nokorԑ sԑ motesε wͻn ara pεpεεpε. Nokorε sε, Nyankopͻn bεboa boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no nyinaa ano wͻ Amane hunu gyem

    [141] Wᴐn na wͻ’retwεn mo no. Sε monya nkonimdie bi firi Nyankopͻn hͻ a, deε wͻ’ka nesε: “Adεn, yεnnka moho anaa?” Sε boniayεfoͻ no nya kyεfa bi nso a, deε wͻ’ka kyerε wͻn nesε: “Y’aanni moso nkonim, εna yesii agyidiefoͻ no kwan wͻ mo ho (amma wͻn antumi annyε mo bͻne)?” Enti Nyankopͻn bebu montεm atεn wͻ Wusͻreε da no. Ԑmma sε Nyankopͻn bεma boniayεfoͻ no anya agyidiefoͻ no ho kwan

    [142] Nokorε sε, nkͻnkͻnsafoͻ no (adwen ne sε), wͻ’redaadaa Nyankopͻn, Ɔno nso bεdaadaa wͻn

    [143] Sε wͻ’gyina hͻ sε wͻ’refrε Nyame a, wͻ’gyina hͻ wͻ akwadworͻ so, (wͻ’yε) dekyerε nnipa; sε wͻ’bεkae Nyankopͻn mpo a wͻ’kae no ketewaa bi

    [144] Wͻn adwen nnsi pi wͻ woi ne woi ntεm. Wͻ’nnka (agyidiefoͻ) woi nom ho, εna wͻ’nnka (boniayεfoͻ) woi nom nso ho. Na obi a Nyankopͻn ayera no no wonnya ͻkwan (kyerε) mma no

    [145] Mo a moagye adie, monhwε na moanfiri agyidiefoͻ no akyi ankͻfa boniayεfoͻ no ayͻnkoͻ. Anaasε mopε sε moma Nyankopͻn nyinasoͻ pefee ma Ɔde tia mo anaa

    [146] Nokorε sε, (Daakye Atemmuda no) nkͻnkͻnsafoͻ no bεkͻ Amanehunu gya no mu aseε hͻ paa, na wonnya ͻboafoͻ mma wͻn

    [147] Gyesԑ wͻn a wͻ’sakra wͻn adwen, na wͻ’toto ntotoeε pa, na wͻ’sͻ Nyankopͻn mu yie, na wͻ’di wͻn Nyamesom ho nokorε ma Nyankopͻn no, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’ka agyidiefoͻ no ho. Nyankopͻn bεma agyidiefoͻ no akatua kεseε paa

    [148] Ɛdeεn mfasoͻ na εwͻ so ma Nyankopͻn sε Ɔtwe moaso; sε moreyi no ayε na moagye no adi a? Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Oyi ayε, na Ɔno ara nso ne Onimdefoͻ

    [149] Nyankopͻn mpε sε kasa bͻne bεda adi wͻ badwam, gyesε nea obi ayԑ no bᴐne. Onyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ

    [150] Sε moda papa yε adi, anaasε moyε desie, anaasε mode bͻne fri a, nokorɛ sɛ Nyankopͻn ne Bͻnefafri Hene, Ɔno na Otumi ade nyinaa yε

    [151] Nokorε sε, wͻn a wͻ’po Nyankopͻn ne N’asomafoͻ no, na wͻ’pε sε wͻ’paepae Nyankopͻn ne N’asomafoͻ no ntεm, na wͻ’ka sε: Yε’gye ebinom di, na yεnnye ebinom nso nnie, na wͻ’hwehwε kwan wͻ (gyidie ne boniayε) ntεm no

    [152] Woi nom ne boniayεfoͻ paa no. Y’asiesie animguaseε asotwee ato boniayεfoͻ no hͻ

    [153] Wͻn a wͻ’agye Nyankopͻn ne N’asomafoͻ no adie, na wͻ’mpaepae wͻn mu biara ntεm no, wͻn na Nyankopͻn de wͻn akatua bεma wͻn no. Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [154] Nyamesom ho Nwomanimfoͻ no rebisa wo sε: “Ma Nwoma nsiane mfri soro ma wͻn”. Ampa sε wͻ’bisaa Mose deε εso kyεn saa. Wͻ’kaa sε: “Yi Nyankopͻn adi pefee kyerε yεn“. Ɛnam wͻn bͻne nti agradaa ne ayerεmo (asotwee) too wͻn. Akyire yi a wͻ’nyaa nyinasoͻ pefee no, wͻ’faa nantwi bedeε som no, nanso Yε’de ԑno firii wͻn. Y’εde nyinasoͻ pefee anaasε tumi maa Mose

    [155] Wͻn Apam no ho no, Yε’pagyaa bepͻ no wͻ wͻn apampamu, Yε’ka kyerԑԑ wᴐn sε: “Monfa ahobraseε nwura ͻpono no mu”. Yε’ka kyerεε wͻn nso sε: “Monhwε na moammu Sabat (mmara no) so;” na Yε’gyee Apam a emu yε duro paa frii wͻn hͻ

    [156] Ԑnam sε wͻ’buu wͻn Apam no soͻ, na wͻ’poo Nyankopͻn nsεm no, na wͻ’kunkum Nkͻmhyεfoͻ no wͻ aberε a εnyε nekwan soͻ, ne wͻn kasaa bi a wͻ’ka no sε: “Yakata y’akoma ho no nti“, Nyankopͻn asi (wͻn akoma) ano εnam wͻn boniayε ho nti, na (asεm) no mu, anaa wͻn mu nnipa kakraabi na wͻ’gye die

    [157] Ԑnam wͻn boniayε ho nti, ne wͻn abususεm akεseε a wͻ’ka deto Mar’yam soͻ no

    [158] Ɛne wͻn nsεm keka bi sε: “Nokorε sε y’akum Yesu Kristo, Mar’yam ba, Nyankopͻn Somafoͻ no. Wͻn anku no, na wͻn ammͻ no asennua mu nso, na mmom asε saa ama wͻn. Nokorε sε, wͻn a wͻ’regye ho akyinnyeε no nyinaa adwen nnsi wͻn pi (wͻ ho); na wͻ’nni ho nimdeε na mmom deε wͻn adwen yε wͻn no na wͻ’di akyire. Nokorε paa deε y’anku no

    [159] Daabi, Nyankopͻn pagyaa no kͻͻ Nenkyεn. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ

    [160] Wͻn a y’ama wͻn Nyame som ho Nwoma no mu biara bεgye (nsԑm a Qur’aan aka fa Yesu ho) no adi ansa na w’awu; Na wusͻreε da no (Yesu) bεyε ͻdanseni atia wͻn

    [161] Ɛnam wͻn (Yudafoͻ no) bͻne, na wͻ’sii nnipa pii kwan firii Nyankopͻn kwan no soͻ nti, Yε’braa wͻn nnepa a na y’ama wͻn ho kwan no

    [162] (Wͻn bͻne no bi ne sε), na wͻ’gye bosea nsihoo wͻ aberε nso a y’abra wͻn, na wͻ’di amanfoͻ sika wͻ kwan bͻne so. Y’asiesie asotwee a εyε ya paa ato wͻn mu (Kaafirfoᴐ) boniayεfoͻ no hͻ

    [163] Mmom wͻn a w’aben wͻ nimdeε mu wͻ wͻn mu no, ne agyidiefoͻ no gye deε y’asiane ama woͻ no di, san gye deε yesiane dii w’anim kan no di. Na wͻn a wͻ’frε Nyame wͻ nebrε mu na wͻ’yi zaka, na wͻ’gye Nyankopͻn ne Da a etwa toͻ no die no, saa nkorͻfoͻ no Yε’bεma wͻn akatua a εsoo paa

    [164] (Nkͻmhyεni), nokorε sε Y’asiane Adiyisεm ama wo sεdeε Yesianee Adiyisεm maa Noa ne Nkͻmhyεfoͻ a wͻ’baa n’akyi no. Yesianee Adiyisεm nso maa Abraham ne Ismail ne Is'haaq ne Ya’aquub ne mmusua-mmusua no, εna (Yesianee bi maa) Yesu ne Hiob ne Aaron ne Solomon; na Dawid nso Yε’maa no Zabuur

    [165] Asomafoͻ no mu bi wͻ hͻ a, ampa sε Y’adi kan aka wͻn ho asεm akyerε wo, na ebi nom nso Yε’nkaa wͻn ho asεm nkyerεε wo. Onyankopͻn ne Mose kasaa ano ne ano paa

    [166] Asomafoͻ (yi de) anigyesɛm, ne kɔkɔbɔ (brɛɛ amanfoͻ) sεdeε Asomafoͻ no (mmaeε no) akyi adasamma nnya nyinasoͻ bi nntia Nyankopͻn. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ

    [167] Mmom Nyankopͻn no ara di deε Wasiane ama woͻ no ho adanseε sε, Osianee no wͻ Ne nimdeε mu; na Soro abͻfoͻ nso di (ho) adanseε. Onyankopͻn som bo wͻ adansedie mu

    [168] Nokorε sε wͻn a wͻ’po nokorε na wͻ’si amanfoͻ kwan firi Nyankopͻn kwan no soͻ no, ampa sε wͻn ayera kͻ akyirikyiri paa

    [169] Nokorε sε wͻn a wͻ’po nokorε na wͻ’di bͻne no, Nyankopɔn mmfa wͻn bͻne nnkyε wͻn na Ɔnkyerε wͻn kwan (tenenee) no nso

    [170] Na mmom Amanehunu gya no kwan (na Ɔbεkyerε wͻn), emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ. Ԑno yε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn

    [171] Adasamma, ampa sε Ɔsomafoͻ no de Nokorε no a efiri mo Wura Nyankopͻn hͻ no abrε mo. Enti sε mogye di a, εyε ma mo ara, nasε mopo nso a, εneε εyε nokorε sε deε εwͻ soro ne asaase so nyinaa wͻ Nyankopͻn. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ

    [172] Mo a yama mo Nyamesom ho Nwoma, monhwε yie na moanyε (nneεma bi) amma no antra so wͻ mo Nyamesom no mu; na monhwε na moanka biribi anto Nyakopͻn so, na mmom (monka) deε εyε nokorε. Yesu Kristo, Mar’yam ba no, ͻyε Onyankopͻn Somafoͻ ne N’asεm a Ɔto maa Mar’yam, ne honhom a efiri Nehͻ. Enti monye Nyankopͻn ne N’asomafoͻ no ni. Monhwε na moanka sε: (Anyame) Mmiεnsa. Sε motwe moho (firi saa asԑm no ho a), εyε ma mo. Nyankopͻn deε Ɔyε Awurade baako, Kronkron Hene ne no sε Ɔbεwo ba. Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa wͻ no. Onyankopͻn ne Okyitaafoͻ a Ɔsom bo paa

    [173] Ɛnyε Kristo no aniwu sε ͻyε Nyankopͻn akoa, (saa ara nso na) εnyε Soro abͻfoͻ a wͻ’bεn (Nyame no nso aniwuo). Obi a n’ani wu wͻ Nesom ho na ͻyε ahomasoͻ no, Ɔbεboa wͻn nyinaa ano wͻ N’anim

    [174] Wɔn a wɔ’gye die na wɔ’di dwuma pa no, Ɔbεhyε wɔn akatua no mma ama wɔn, na Ɔde N’adom no bebree ama wɔn. Na wɔn a (Nesom) yε wɔn aniwuo na wɔ’yε ahomasoͻ no, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe wɔn aso. Onyankopɔn akyi no wɔ’nnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ mma wᴐn ho

    [175] Adasamma, nokorε sε, nyinasoͻ pefee firi mo Wura Nyankopɔn nkyεn aba mo hͻ, εna Y’asiane nhyerεnee pefee ama mo

    [176] Enti wɔn a wɔ’bεgye Nyankopɔn adie na wɔ’bεsͻ Nemu yie no, Ɔde wɔn bεkͻ N’ahummͻborɔ ne adom a efiri Nehɔ no mu, na W’akyerε wɔn kwan akͻ ͻkwan tenenee no so

    Surah 5
    Al-Maa’ida

    [1] Wɔ’rebisa wo nsεm bi ho atemmuo a. Ka sε: “Onyankopɔn rekyerε mo fa onipa a onni awofoͻ anaa εmma. Sε obi wu na onni ba na ͻwͻ nua baa a, ( cyj n’agya ne nna ba, anaasj cyj n’agya ba a) onua baa no kyεfa yε deε (owufoͻ no) wugyaeε no mu fa; na sε onua baa no nso nni ba (na owu a na ne nua barima – a cyj n’agya ne ne nna ba anaa sjcyj n’agya ba - te ase a), ͻno na obedi (ne nua baa no) adeε. Na sε (nnua mmaa) mmienu na εwͻ hͻ a, wɔn mmienu bεfa nkyemu mmiεnsa mu mmienu. Nasε wɔ’kɔyε anuanom a mmarima ne mmaa wɔ mu a, εneε ͻbarima (baako) kyεfa tesε mmaa mmienu kyεfa”. Onyankopɔn rekyerεkyerε (mmra no) mu akyerε mo sεdeε εmma monkɔyera. Onyankopɔn ne biribiara ho Nimdefoͻ

    [2] Mo a moagye adie, moni bͻhyε anaa ahyεdeε no (nyinaa) so. Mo wͻ ho kwan sε modi ntͻte-boaa no (nyinaa bie), gyesε deε yakenkan akyerε mo no; monni ahayͻ nso ho kwan wͻ εberε a mowͻ Harami (ntoma fufuo no) mu. Nokorε sε, Nyankopͻn deε Ɔhyε mmara sεdeε Ɔpε

    [3] Mo a moagye adie, monhwε na moanto Nyankopͻn (kronkron bea hͻ) nsεnkyerεnee no ho mmra, anaa abosome kronkron no ho mmra, anaa okum afͻdeε no ho mmara, anaa (mmoa no) kͻn-mu-ade no ho mmara anaa wͻn a wͻ’ba Nyamedan kronkron no ho bεhwehwε Nyankopͻn adom ne ne nyetomu no ho mmra. Sε mowie Haji asεdeε no a, motumi yε ha. Na monhwε na moamma nnipa bi ho tan, sε wͻ’sii (mo) Nyamedan kronkron no ho kwan no nti mma monnkͻyε bͻne. Na momoa moho wͻ papayε ne Nyamesuro ho, na monhwε na moammoa moho wͻ bͻne ne ͻtan ho. Na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn awerԑtᴐ ano yε den paa

    [4] (Ɛnam a) y’abra mo ne aboa funu, εna mogya, εna prako-nam, εna deε edin foforͻ bi a εnyε Nyankopͻn din na y’abͻ (aku no), εna deε yakyikyim ne kͻn (aku no), εna deε yabo no aku no, εna deε wate ahwe awuo, εna deε (aboa bi de) na’bεbεn awͻ no (aku no), εna (aboa a) akyere boa bi awe (agya bie), gyesε (mokͻtoo no) twaa ne mene; εna deε yakum agu bosom soͻ, εna (εnam a) mode agyan kyekyε. Ɛno yε fii. Ɛnnε da yi wͻn a wͻ’yi boniayε no anya abamu buo wͻ mosom no (nkͻsoͻ) ho. Enti monhwε na moansuro wͻn, na monsuro Me. Ɛnnε da yi Mama mosom no awie pεyε ama mo, εna Mede M’adom no awie mo soͻ, εna M’agye Islam atum ama mo sε εnyε ɔsom (ma mo). Na mmom obi a εkͻm ahokyerε nti (obedi deε yabra yi bie), na εnyε bͻne bi na ͻrepε ayε nti, nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [5] (Nkͻmhyεni), wͻ’rebisa wo sε, adeε bεn na wͻn wͻ ho kwan? Ka sε: “Mowͻ ade pa biara ho kwan, afei (motumi di nnam a) mmoa ne ntakraboa a moakyerε wͻn ahayͻ no (kye wͻn ma mo) sεdeε Nyankopͻn akyerε mo no. Enti moni deε wͻ’bεkyere ama mo no, na momͻ Nyankopͻn din ngu so, na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn ho yε hare paa wͻ akontabuo mu

    [6] Ɛnnε da yi, yama mo adepa a εho teε biara ho kwan. Mowͻ wͻn a yama wͻn Nyamesom Nwoma (Yudafoͻ ne Kristofoͻ) no aduane ho kwan, na wͻn nso wͻ mo aduane ho kwan. Mowͻ agyidiefoͻ mmaa a wͻ’da hͻ kwa na wͻ’kuta wͻn ho yie no ho kwan (sε motumi ware wͻn), εna mosan wͻ wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no a wͻ’dii moanim kan no mmaa a wͻ’da hͻ kwa, na wͻ’kuta wͻn ho yie no ho nso ho kwan (sε motumi ware wͻn), sε mode wͻn tiri aseda ma wͻn a, (na mmom) εnyε adwammammͻ mu anaa mpena twee mu. Na obi a ͻbεpo gyidie no, ampa sε ne dwuma die ayε kwa, na ᴐbεka berεguofoͻ no ho Daakye

    [7] Mo a moagye adie, sε mosͻre (anaasε moyε moadwen) sε morekͻfrε Nyame a, monhohoro moanim ne monsa mεpem (mo) abatwε, na (monfa nsuo) nsra motri so na (monhohoro) monan ase mεpem (mo) nanpͻso. Sε mowͻ ahosen fii mu a, εno deε (monfa nsuo ndware) nte moho. Sε moyare anaa mowͻ akwantuo mu anaa momu bi firi baabi so aba, anaa mode moho aka mmaa εna monnya nsuo a, monfa nεteε a εho teε (mmͻ Tayammam) nsra moanim ne monsa ho. Nyankopͻn mpε sε Ɔde adesoa bεsoa mo, na mmom Ɔpεsε Ɔte moho na Ɔde N’adom no wie moso sεdeε mobeyi (no) ayε

    [8] Monkae Nyankopͻn adom nso a Ɔde adom mo, ne N’apam a monsa hyε aseε no, εberε a mokaa sε: “Y’ate na yε’bedi soͻ no”. Enti monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn ne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ

    [9] Mo a moagye adie, monyina nokorε so pintinn ma Nyankopͻn, na moni adanseε wͻ nokorε mu. Monhwε yie na moamma amanfoͻ bi ho tan ansi mo kwan sε mobεka nokorε; monka nokorε, na εno na εbεn Nyamesuro, na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne dwuma a modie no nyinaa ho amanebͻfoͻ

    [10] Nyankopͻn ahyε wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no bͻ sε: “Wͻn wͻ bͻnefakyε ne akatua a εsoo paa”

    [11] Wͻn a wͻ’po nokorε no na wͻ’fa Yεn nsεm no atorᴐsԑm no, saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no

    [12] Mo a moagye adie, monkae Nyankopͻn adom a Ɔde adom mo, εberε a amanfoͻ bi yεε wͻn adwen sε wͻ’bεtene wͻnsa wͻ mo soͻ no, nanso Nyankopͻn twee wͻn nsa firii moso. Enti monsuro Nyankopͻn. Onyankopͻn na εsεsε agyidiefoͻ no de wͻn ho to Nesoͻ

    [13] Ampa sε Nyankopͻn gyee apam fri Israel mma no hͻ, na Yeyii atitriwfoͻ (nnipa) du-mmienu frii wͻn mu. Nyankopͻn kaa sε: “Sε mofrε Nyame wͻ nebrε mu na moyi Zaka, na mogye M’asomafoͻ no di, na moboa wͻn de anidie ma wͻn, na mobͻ Nyankopͻn bosea pa a, εneε na Meka moho; Mεpepa mo mfomsoͻ afri moso, na Mede mo akͻ Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu. Na εno akyiri no momu biara a ͻbεpo nokorε no, nokorε sε w’ayera afri ͻkwan tenenee no so

    [14] Ԑnam sε wͻ’buu wͻn apam no soͻ no nti, Yε’domee wͻn, na Yε’maa wͻn akoma yεε den (efrisε) na wͻ’sesa Nyankopͻn nsεm no firi netobea, na (nsεm) no a yesiane berεε wͻn no nso wͻn werε fri emu fa (kεseε no). (Nkͻmhyεni), wobεkͻso ahu nnaadaa wͻ wͻn mu, gyesε wͻn mu (nnipa) kakraabi. Enti fafiri wͻn, na bu w’ani gu (wͻn mfomsoͻ) no bi so. Nokorε sε Nyankopͻn pε wͻn a wͻ’yε ayεmyε anaa papa no asεm

    [15] Wͻn a wͻ’ka sε: “Yԑyԑ Kristofoͻ” no nso Yε’gyeee apam fri wͻn hͻ, nanso wͻn werε frii nsεm a yεde tuu wͻn foͻ no mu fa (kεseε no). Enti Yε’duaa ͻtan ne ahii wͻ wͻn ntεm dekosi Wusͻreε da. Onyankopͻn bεbͻ dwuma a wͻ’diiε no nyinaa ho amaneε akyerε wͻn (wͻ Atemmuda)

    [16] Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, ampa sε Yε’somafoͻ no aba mohͻ a ͻreda nsεm pii a mode asie afiri Nwoma no mu no adi kyerε mo, na ͻbͻfa pii mpo so. Ampa sε nhyerεnee ne Nwoma pefee fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ

    [17] Nyankopͻn dekyerε obi a odi N’apεdeε a εkͻ Asomdweε kwan no soͻ no akyi no kwan, na Oyi wͻn firi esum no mu de wͻn kͻ εhyεn no mu wͻ Nepε mu, na Ɔkyerε wͻn kwan kͻ ͻkwan tenenee no so

    [18] Nokorε sε, wͻn a wͻ’ka sε Mar’yam ba Kristo no ne Nyankopͻn no nyinaa yε (Kaafir) boniayεfoͻ. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Sε anka Nyankopͻn pεsε Ɔsεe Mar’yam ba Kristo ne ne maame, ne deε εwͻ asaase so nyinaa a, anka hwan na ͻwͻ tumi bi a ͻde betia Nyankopͻn? Ɔsoro ne asaase so ahennie ne deε εwͻ mfinfii nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔbͻ deε Ɔpε. Nyankopͻn na Ɔwͻ tumi wͻ biribiara soͻ

    [19] Yudafoͻ no ne Kristofoͻ no ka sε: “Yεn deε yεyε Nyankopͻn mma, na N’adɔfo paa ne yεn”. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Afei adεn nti na Ɔde mo bɔne twe moaso?” Daabi, monso moyε nnipa ka deε W’abͻ no ho. Ɔde obi a Ɔpε bɔne kyε no, εna Ɔtwe obi a Ɔpε nso aso. Onyankopɔn na ͻsoro ne asaase so ahennie ne deε εwͻ mfinfii nyinaa yε Nedea na Nehͻ ne (obiara) nnkyi

    [20] Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, ampa sε Yεn Somafoͻ no aba monkyεn a ͻrekyerεkyerε (Mensεm no) mu kyerε mo, wͻ εberε a asomafoͻ no a wɔ’didisoͻ no to twaeε, sεdeε (Daakye no) moankͻka sε: “(Ɔsomafoͻ a) ͻde anigyesεm ho amaneε ne kͻkͻbͻ ho amaneε (nam) biara amma yεn hɔ. Enti (Ɔsomafoͻ a) ͻde anigyesεm ho amaneε ne kͻkͻbͻ ho amaneε aba mohͻ. Onyankopɔn na ͻwͻ biribiara so tumi

    [21] Monkae εberε a Mose ka kyerεε nenkorכfoͻ no sε: “Menkorɔfoͻ, monkae Nyankopͻn adom a Ɔde adom mo; sε W’ama Nkɔmhyεfoͻ afri mo mu, na W’ayε mo nhemfo, na Ɔde deε Ɔmfa mmaa amansan no mu biara ama mo

    [22] Menkorͻfoͻ, monkͻ asaase kronkron a mo Wura Nyankopɔn ahyehyε ato hͻ ama mo no so, na monhwε na moanane moakyi, na modane moakyi a mobεberε agu

    [23] Wͻ‘kaa sε: “Mose, nnipa abranee ahoͻdenfoͻ bi wͻ asaase no so, enti yε’deε yεnnkͻ hͻ kͻpem sε wͻ’befiri soͻ ansa, nasε wͻ’fri so deε a, εneε yε’bεkͻ hͻ “

    [24] Mmarima mmienu bi a wͻ’ka wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn ho, na Nyankopͻn de adom adom wͻn no kaa sε: “Monfa ͻpono no mu na monkͻto nhyε wͻn so, nasε mo Wura mu a, nokorε sε mobedi nkonim. Nasε moyε agyidiefoͻ a εneε Nyankopͻn na monfa moho nto no soͻ

    [25] Wͻ’kaa sε: “Mose, nokorε paa sε aberε a wͻn wͻ (asaase no) so nko ara deε yεnnkͻ da, enti kͻ na wo ne wo Wura no ne wͻn nkͻko na yεn deε yεte ha ara retwεn

    [26] Mose kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, deε metumii kͻduro ara ne mene me nua (Aaron) so, enti (mesrε Wo sε), paepae yεn ne nnipa bͻnefoͻ no ntεm “

    [27] (Nyankopͻn) kaa sε: “Nokorɛ sɛ yεbesi wͻn (asaase no) ho kwan mfie aduanan na wͻn adi akͻneaba wͻ asaase no so. Enti hwε na w’anni awerεhoͻ amma nnipa bͻnefoͻ no

    [28] (Nkͻmhyεni), ka Adam mma mmienu no ho (asεm no mu) nokorε kyerε (Yudafoͻ) no; εberε a wͻ’bͻͻ ͻhyeε afͻdeε na yε’gyee baako deε, na baako deε no deε yannyeε. (Nea yannye nedeε no) ka kyerεε (nea yεgyee ne deε no) sε: “Sε εteε biara no meku wo. (Deε yεgyee n’afͻrebͻ no) ka kyerεε (ne nua no) sε: “Wͻn a wͻ’suro Nyame no deε na Nyankopͻn gyeε”

    [29] “Nasε wotene wonsa tia me sε wobeku me a, medeε mentene mensa ntia wo sε meku wo da, efrisε mesuro Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no”

    [30] “ Mepε sε wobεsoa me bͻne ne wo ara nso wo bͻne na w’akͻka Amanehunu gya no mu foͻ no ho. Na εno ne abͻneεfoͻ no akatua “

    [31] Enti nekraa apεdeε hyεε no nkuran maa no kum nenua no maa no bεkaa berεgufoͻ no ho

    [32] Enti Nyankopͻn somaa kwaakwaadabi maa no bεhwetee fͻm, sεdeε ͻbεkyerε no sεdeε ͻbεfa so asie ne nua no funu no. Ɔkaa sε: ”Menue, enti mantumi anyε sε saa kwaakwaadabi yi ansie menua funu?” Na onuu neho (sε ͻyε onipa na wantumi annya adwen na anomaa mmom na abεkyerε no deε εsεsε ͻyε)

    [33] Ɛnam saa nti, Yε’hyehyε maa Israel mma no sε: “Obi a ͻbekum onipa bi na εnyε sε (saa nipa no akum) onipa bi ho nti no, anaa obedi nsεmͻnee wͻ asaase no soͻ no, εtesε deε wa’kum nnipa nyinaa, saa ara nso na obi a ͻbεgye obi nkwa no tesε deε w’agye nnipa nyinaa nkwa. Ampa sε Y’asomafoͻ no de nyinasoͻ pefee no baa wͻn hͻ, nanso nokorε sε, εno akyiri no wͻn mu dodoͻ no ara na wͻ’kͻͻ so dii nsεmͻne wͻ asaase no soͻ

    [34] Akatua a εwͻ hͻ ma wɔn a wɔ’tu Nyankopɔn ne Nesomafoͻ no so sa, na wͻ’bͻ mmɔden sε basabasa yε bεkɔso wͻ asaase soͻ no ne sε: “Mobeku wɔn anaa mobεbͻ wɔn asεnnua mu, anaasε mobetwitwa wɔ’nsa ne wɔn nnan abͻ no abira, anaa mobetwa wɔn asuo afiri asaase no so. Ɛno yε animguaseε a yεdegu wɔn wɔ wiase. Daakye no nso wɔn wͻ asotwee kεseε paa

    [35] Gyesԑ wᴐn a wɔ’sakra wɔn adwen ansa na moretumi adi wɔn soͻ (anaa monsa reka wɔn) no; εneε monhu sε Onyankopɔn ne Bɔnefakyε Hene, na Ɔne Mmɔborɔhunufoɔ Hene

    [36] Mo a moagye adie, monsuro Nyankopɔn, na monhwehwε ͻkwan a εde mo bεbεn no, na momͻ moho mmɔden wͻ Ne kwan no so sεdeε mo bedi nkonim

    [37] Nokorε sε, wɔn a wɔ’yi (Nyankopɔn) boniayε no, sε wɔn wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa ne nesεso mpo kaho sε wɔ’de bεyε mpata anya wɔn ho afiri Wusɔreε da no asotwee no mu a, yentie wɔn anaasε yεnnye. Wɔn wͻ asotwee a εyε ya paa

    [38] (Saa Da no) wɔ’bεpε sε wɔ’befiri Amanehunu gya no mu. Nanso wɔ’mmfri mu, wɔn wᴐ asotwee a ԑwᴐ hᴐ daa

    [39] Ɔkrͻmfoͻ barima ne ͻkrͻmfoͻ baa, montwa wɔn nsa; εyε dwuma a wɔ’diiε no so akatua, na asotwee no nyε adesua a efiri Onyankopɔn hɔ (mma amanfoͻ). Onyankopᴐn ne Otumfoᴐ, Onyansafoᴐ

    [40] Obi a nebͻne no akyi ͻbεsakra n’adwen na w’ayε ntotoeε pa no, Nyankopͻn betie n’adwen sakra no. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [41] Wonnnim sε ͻsoro ne asaase so ahennie nyinaa wͻ Nyankopͻn? Ɔtwe obi a Ɔpε aso, εna Ɔde obi a Ɔpε nso bͻne kyε no. Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi

    [42] Ɔsomafoͻ (Muhammad), εmma wͻn a wͻ’pε ntεm kͻ boniayε mu no a wͻn wͻ wͻn a wͻ’de wͻn ano na εka sε wͻn agye adie, na wͻn akoma nnye nniiε no asεm nnyε wo awerεho. Yudafoͻ no mu bi wͻhͻ a wͻ’tie nkontompo biara, (san) tie dema afoforͻ a wͻn maa deε wo wͻ hͻ mpo, na akyire yi wͻ’sesa asεm no firi netobea. Deε wͻ’ka ne sε: “Sε yεde woi ma mo a monsͻ mu nasε yammfa amma mo nso a εneε monyε ho ahwεyie”. Obi a Nyankopͻn pεsε mmusuo bi ba nesoͻ no, wontumi nyε hwee mma no ntia Nyankopͻn. Woi nom na Nyankopͻn mpε sε Ɔte wͻn akoma ho no. Wͻn wͻ animguaseε wͻ wiase, na Daakye no nso wͻn wͻ asotwee kεseε paa

    [43] (Wͻn a) nkontompo na wͻ’tie, (anaasε wͻ’betwa nkontompo ato Nkͻmhyεni so nti na wͻ’tie), wͻn a wͻ’di akyiwadeε a yabra. Sε wͻ’ba wohͻ (sε bu wͻn ntεm atεn a), bu wͻn ntεm atεn, anaasε dane woho firi wͻn ho. Sε wodane woho firi wͻn ho a, wͻ'ntumi nnyε wo hwee. Sε worebu wͻn ntεm atεm a, bu no wͻ nokorε mu. Nokorε sε Nyankopͻn pε wͻn a wͻ’di nokorε no asεm

    [44] Ԑdeεn nti koraa na εsεsε wͻ’ba wo hͻ bεhwehwε atemmuo wͻ aberε a Tora no wͻ wͻn hͻ na Nyankopͻn atemmuo wͻ mu, na εno mpo akyiri no wͻ’dane wͻn akyi dema? Efirisε, saa nkorͻfoͻ no nnyε agyidiefoͻ

    [45] Nokorε sε Yesianee Tora no a na kwan kyerε ne nhyerεnee wͻ mu, na εno na na Nkͻmhyεfoͻ no a wͻ’brε wͻn ho aseε no debu Yudafoͻ no atεn. Na (εno ara nso na Nkͻmhyεfoͻ no akyi no) Rabbifoͻ no ne asͻfoͻ no (debu atεn), εnam sε yεde Nyankopͻn Nwoma no hyεε wͻ’nsa sε wͻnhwε so, na na wͻ’di ho adanseε. Enti monhwε na moansuro nnipa, na mmom mo nsuro Me; na monhwε na moantͻn Me’nsεm (no anni) εnam sika kakra bi (a mobenya ho) nti. Obi a w’ammfa deε Nyankopͻn asiane aba no ammu atεn no, saa nkorͻfoͻ no ne (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no

    [46] Yε’hyehyεε no (wͻ Tora) no mu maa wͻn sε: “Ɔkra nsi ͻkra anan mu, ani nsi ani anan mu, εhwene nsi εhwene anan mu, asoo nsi asoo anan mu, na εsee nso nsi εsee anan mu, na pira nso so akatua nyε saa ara pεpεεpε. Na mmom obi a ͻde bεkyε no, εbεyε bͻnefakyε ama no. Obi a wannfa deε Nyankopͻn asiane aba ammu atεn no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻneɛfoͻ no

    [47] Wͻn anamͻn so na Yε’maa Mar’yam ba Yesu bεfaeε sε, ͻmεhyε Tora a edii n’anim kan no mma, na Y’εmaa no Injeel a na kwankyerε ne nhyerεnee wͻ mu dehyεε Tora a edi n’anim kan no mma; na εyε kwankyerε ne afutusεm dema Nyame-surofoͻ no

    [48] Enti ma wͻn a Injeel yε wͻn dea no mfa deε Nyankopͻn asiane wͻ mu no mmu atεn. Na obi a wannfa deε Nyankopͻn asiane aba no ammu atεn no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no

    [49] Yε’de Nokorε no na asiane Nwoma no ama woͻ, sεdeε εbεhyε Nwoma a edii n’anim kan no mma, na adi ho adanseε na abͻ ho ban. Enti gyina deε Nyankopͻn asiane aba no so na bu wͻn ntεm atεn. Na enni wͻn apεdeε hunu no akyi wͻ akyire yi a wonsa aka Nokorε no. Y’εyεε mmra maa momu (ͻman biara) ne kwan (a mobεfa so de asom Nyame asan de abu mo man). Sε εyε Nyankopͻn pε a, anka Ɔyεε mo nyinaa ͻman baako, na mmom sεdeε Ɔde deε Ɔde ama mo no bεsͻ mo ahwε nti. Enti moni akansie wͻ papa yε ho. Nyankopͻn hͻ na mo nyinaa bεsan akͻ na deε monte moho aseε wͻ ho no W’abͻ mo ho amaneε

    [50] Enti fa deε Nyankopͻn asiane aba no bu wͻn ntεm atεn, na hwε yie na w’anni wͻn apεdeε akyi, na yε ahwεyie wͻ wͻn ho na w’anntwe wo anfri deε Nyankopͻn asiane ama woͻ no bi ho. Nasε wͻ’dane wͻn ho (fri Nokorε no ho) a, εneε hunu sε, Nyankopͻn na Ɔpεsε Ɔde wͻn bͻne no mu bi twe wͻn aso. Na nokorε sε, nnipa no mu pii yε abͻneεfoͻ paa

    [51] Anaasε abagyimifoͻ no atemmuo no bi na wͻ’rehwehwε? Hwan na onim atemmuo pa kyεn Nyankopͻn dema amanfoͻ a wͻn gyidie si pie no

    [52] Mo a moagye adie, monhwε na moanfa Yudafoͻ no ne Kristofoͻ no ayͻnkoͻ, wͻ’yε wͻnho-wͻnho ayͻnkofoͻ, na mo mu biara a ͻbεfa wͻn yͻnkoͻ no na ͻka wͻn ho. Nokorε sε, Nyankopͻn deε ͻnkyerε abͻneεfoͻ no kwan

    [53] Wobehunu wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no sε wͻ‘de ntεmpε kͻ wͻn hͻ, na deε wͻ’ka nesε: “Yesuro sε anhwε a na nsakraeε bi de mmusuo bi aberε yεn”. (Nkͻmhyεni), ebia Nyankopͻn de nkonimdie bi anaa asεm bi befri Nenkyεn aba ama wͻn anu wͻn ho wͻ deε wͻ’de asie wͻ wͻn (akoma) mu no ho

    [54] Wͻn a wͻ’agye adie no ka sε: “Enti saa nkorͻfoͻ (nkͻnkͻnsafoͻ) woi nom na wͻ’de Nyankopͻn adi nse sε wͻ’ka mo (Muslimifoͻ) ho yi?” Wͻn nyuma ayε kwa, enti wͻn akͻyε berεguofoͻ

    [55] Mo a moagye adie, momu biara a ͻbεdane n’akyi ama nesom (Islam) no, Nyankopͻn de amanfoͻ bi bεba a Ɔbεdͻ wͻn paa na wͻnso adͻ Nyankopͻn paa, na wͻ’bεbrε wͻn ho ase ama agyidiefoͻ no na wͻ’ayε dendeenden atia boniayεfoͻ no. Wͻ’bεbɔ mmɔden paa wͻ Nyankopͻn kwan so, na wͻ’nsuro sε obi a onunu (nnipa) benunu wͻn. Saa na Nyankopͻn adom no teε, Ɔdema obi a Ɔpε. Onyankopͻn na N’adom trε (duru biribiara soͻ), Ɔne Onimdefoͻ

    [56] Nokorε sε, mo Kyitaafoͻ deɛ Ɔne Nyankopͻn, ne Ne Somafoͻ, ne wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’frε Nyame wͻ neberε mu, na wͻ’yi Zaka, na wͻ’bͻ wͻn mu ase (ma Nyankopͻn)

    [57] Obi a ͻbεfa Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ ne wͻn a wͻ’agye adie no sε wͻn Kyitaafoͻ no, nokorε sε Nyankopͻn kuo no ne nkonimdifoͻ no ampa

    [58] Mo a moagye adie, monhwε na moanfa wͻn a wͻn wͻ wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no a wͻ’dii moanim kan no, ne boniayεfoͻ (Kaafirfoͻ) no a wͻ’fa mosom no sε fεwdie ne agorͻ no ayͻnkoͻ, sε moyε agyidiefoͻ ampa a

    [59] Sε morebͻ Nyamefrε ho dawuro afrε (nnipa ama wͻn abεsom Nyame a) wͻ’fa no fεw ne agodie; saa na εteε efrisε wͻ’yε nnipa a wͻ’nnwen

    [60] Kasε: “Mo a yama mo Nyamesom ho Nwoma, enti bͻne ho akatua a mode tua yεn ka (nyinaa) ne sε y’agye Nyankopͻn, ne deε yasiane ama yεn, ne deε yedii kan sianeε no adie nti? Nokorε sε momu dodoͻ no ara yε abͻneεfoͻ

    [61] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Menkyerε mo nea n’akatua yε ade bͻne kyԑn saa wͻ Nyankopͻn hͻ?” (Saa nipa no ne) obi a Nyankopͻn adome no, na N’abufuo wͻ nesoͻ, na Ɔmaa wͻn mu bi danee nnoe ne mprako, na wͻ’som ͻbonsam; saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ gyinaberε bͻnee paa mu, asan ayera afri ͻkwan tenenee no soͻ

    [62] Sε wͻ’ba mohͻ a deε wͻ’ka nesε: ‘’Yεgye di’’, aberε nso a wͻ’de boniayε (Kaafir adwen) na εbewura (mo hͻ), na saa (adwen korͻ) no ara na wͻ’de pue korͻ. Nyankopͻn deε Onim deε wͻ’de sie no nyinaa

    [63] Wobehunu wͻn mu (Yudafoͻ no) pii sε wͻ’pε ntεm kͻ bͻne ne ͻtan mu, na wͻ’di akyiwadeε (tesε nsihoo ne kεtε ase hyε anaa adan mu deε). Nokorε sε bͻne paa na wͻ’die no

    [64] Adεn na asͻfoͻ no ne Nyamesom ho mmranimfoͻ no mmra wͻn atͻfosεm a wͻ’keka no, ne akyiwadeε die? Nokorε sε dwumadi bͻnee paa na wͻ’redie no

    [65] Deε Yudafoͻ no ka ne sε: ‘’Yakyekyere Nyankopͻn nsa (anaasε Nyankopͻn nyε tema)’’. Wͻ’nsa nkyekyere, na yadome wͻn wͻ asεm a wͻ’kaeε no ho. Daabi, Nensa mmienu no nyinaa mu trε, (anaasε Nyankopͻn yε tema) na Oyi dema sεdeε Ɔpε. (Nkͻmhyεni), Adiyisεm a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ aba wo hͻ no ama wͻn mu dodoͻ no kͻso te atua, san yi boniayε. Na yεde ͻtan ne ahii ato wͻn ntεm dekosi Atemmuda. Ɛberε biara a wͻ’bεsͻ ͻkoo ho gya ano no na Nyankopͻn adum no; wͻ’bͻ nsεmmͻnee ho mmͻden paa wͻ asaase so. Na Nyankopͻn deε Ɔmpε nsεmmͻnedifoͻ no asεm

    [66] Sε Nyamesom ho Nwomanimfoͻ no regye adi, asuro Nyame a, anka Yε’bεpepa wͻn bͻne afri wͻn so na Yε’de wͻn akͻ anigyeε Aheman no mu

    [67] Sε anka wͻ’de Tora ne Injeel no ne deε yasiane afri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ aberε wͻn no reyε adwuma a, anka wͻ’bedidi afri wͻn apampamu ne wͻn nan ase. Wͻn mu bi wͻhͻ a wͻ’yε apapafoͻ, na wͻn mu dodoͻ no deε dwuma bͻne paa na wͻ’die

    [68] Ɔsomafoͻ (Muhammad), bͻ deε yasiane fri wo Wura Nyankopͻn hͻ ama woͻ no ho dawuro. Sε woannyε a, εneε na wommͻͻ N’asεm no ho dawuro. Onyankopͻn bεbͻ wo ho ban afri nnipa (nsam). Nokorε sε, Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa boniayεfoͻ no kwan

    [69] (Nkͻmhyεni) ka sε: “Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, monni nyinasoͻ biara (wͻ Nyamesom mu), gyesε mode Tora no ne Injeel no ne deε yasiane afri mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo no yε adwuma. Nanso Adiyisεm a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ aba wͻn hͻ no ma wͻn mu dodoͻ no ara kͻso te atua, san yi boniayε. Enti hwε na woanni amanfoͻ boniayεfoͻ no ho awerεhoͻ

    [70] Nokorε sε wͻn a wͻ’agye adie no, ne wͻn a wͻ’yε Yudafoͻ ne Sabianfoͻ1 ne Kristofoͻ no, obiara a ͻgyee Nyankopͻn ne Da a etwatoͻ no diiε, na odii dwuma pa no, (Daakye Atemmuda no) ehu biara mma wͻn so na wͻn werε nso nnho

    [71] Ampa sε Yε’gyee apam fri Israel mma no hͻ, na Yε’somaa asomafoͻ baa wͻn hͻ. Ԑberε biara a ͻsomafoͻ bi de deε εnyε wͻn akoma apεdeε bεbrε wͻn no (asomafoͻ no mu) fekuo bi wͻ hͻ a wͻ’buu wͻn sε atorofoͻ, na fekuo bi nso deε wͻ’kum wͻn

    [72] Wͻn adwen yεε wͻn sε mmusuo biara nnihͻ, enti wͻ’maa wͻn ani firae, sisii wͻn aso nso. Na Nyankopͻn de wͻn bͻne kyεε wͻn; na bio dodoͻ no ara maa wͻn ani firae, sisii wͻn aso nso. Na Nyankopͻn deε Ohunu deε wͻ’yε nyinaa

    [73] Ampa sε wͻn a wͻ’ka sε: Nyankopͻn ne Kristo, Mar’yam ba no yɛ (Kaafir) boniayεfoͻ. Asεm a Kristo kaeɛ ne sε: “Israel mma, monsom Nyankopͻn a Ɔyε me (Yesu) Wura na Ɔyε monso mo Wura no, na nokorε sε, obiara a ͻde biribi bεbata Nyankopͻn ho no deε, ampa sε (Nyame) abra sε (saa nipa no bεkͻ) soro Aheman mu, na nefie ne Amanehunu gyem. Abͻneεfoͻ no deε wͻ’nni aboafoͻ

    [74] Ampa sε wͻn a wͻ’ka sε: “Nokorε sε Nyankopͻn ka (anyame) baasa no ho no” yε (Kaafir) boniayεfoͻ. Awurade foforͻ biara nnihͻ ka Nyankopͻn Baako pε no ho. Sε wͻn anntwe wͻn ho anfri nsεm a wͻ’keka no ho a, asotwee a εyε ya paa bεto wͻn mu wͻn a wͻ’po nokorε no

    [75] Enti wͻ’nnnsakra wͻn adwen nnkͻ Nyankopͻn hͻ na wͻ’nnsrε Nehͻ bͻnefakyε? Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene Ɔne Ahummͻborͻ Hene

    [76] Mar’yam ba Kristo no gyinaberε ara ne sε ͻyε Somafoͻ. Asomafoͻ pii na adi n’anim kan atwamu kͻ, na ne maame nso yε ͻbaa nokwafoͻ, na wͻn mmienu nyinaa di aduane. Hwε sεdeε Yεrekyerεkyerε nsεm no mu (pefee) kyerε wͻn, na afei hwε sεdeε wͻ’si dane wͻn ho (fri Nokorε no ho)

    [77] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Enti mofri Nyankopͻn akyi som adeε a entumi mfa ͻhaw anaasε mfasoͻ biara mma mo?” Nyankopͻn deε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara, na Ɔno ara nso ne Onimdefoͻ no a Onim biribiara no

    [78] Kasε: “Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, monhwε na moanyε biribi amma no antra so wͻ mo som no mu aberε a εnyε nokorε, na monhwε na moanni amanfoͻ bi a, ampa sε kanee no wͻ’yeraeε na wͻ’yeraa (nnipa) pii na wͻn ayera afri ͻkwan pa no soͻ no apɛdeɛ akyi

    [79] Dawud ne Mar’yam ba Yesu kεterεma so na yεnam bͻͻ wͻn a wͻ’yi boniayε no a wͻn wͻ Israel mma no mu no dua, εnam wͻn asoͻden ne wͻn mmra too ho nti

    [80] Na wͻ’nnsi bͻne ne amumuyε (a amanfoͻ) yε no ho kwan, na dwumadi bͻne paa na na wͻ’die

    [81] Wobehunu sε wͻn mu pii de wͻn ho ato wͻn a wͻ’yi boniayε no so. Ade bͻne paa na wͻn ayε ato wͻn anim no na εnam so ama Nyankopͻn abufuo aba wͻn so, na asotwee no mu na wͻ’bεtena

    [82] Sε wͻ’gye Nyankopͻn ne Nkͻmhyεni no ne deε y’asiane ama no no di a, anka wͻ’nnfa wͻn ayͻnkoͻ, nanso wͻn mu dodoͻ no yε abͻneεfoͻ

    [83] Nokorε sε, wobenya nnipa a wͻ’tan agyidiefoͻ no paa a, (wͻne): Yudafoͻ no, ne wᴐn a wᴐ’de biribi bata Nyame ho no; nokorε nso sε, sε wobenya wͻn nso a wͻn dͻ bεn wͻn a wͻ’agye adie no a, wͻn nso ne wͻn a wͻ’ka sε yεn yεyε Kristofoͻ no. Deε εma no ba saa ne sε, wͻn mu bi yε asͻfoͻ, εna wͻn mu bi nso apa wiase akyi de Nyamesom nko ara na asi wͻn ani soͻ na nokorε sε, wͻ’nnyε ahomasoͻ

    [84] Sε (saa Kristofoͻ no) te deε yasiane ama Ɔsomafoͻ no a, wobehunu sε nisuo refri wͻn ani εnam nokorε no a wͻn akaeε no ho nti. Deε wͻ’ka ne sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, y’agye adi enti twerε ye’din ka adansefoͻ no ho

    [85] Deεn na esi yԑn kwan sԑ εnsεsε yε’gye Nyankopͻn ne nokorε a aba yεn hͻ no die? Yε’wͻ awerεhyem sε Ye’Wura Nyankopͻn de yεn bεka nnipa papafoͻ no ho”

    [86] Ԑnam deε wͻ’kaaeε no ho nti, Nyankopͻn de Aheman a nsubͻnten nenam aseε no tuaa wͻn ka, emu na wͻ’bεtena. Ԑno ne obi a odi papa no akatua

    [87] Na wͻn a wͻ’yii boniayε na wͻ’faa Yε’nsεm no atorͻsεm no, saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no

    [88] Mo a moagye adie, monhwε na moammra nnepa a yama mo ho kwan wͻ ho no, na monhwε na moanto mmra. Nokorε sε, Nyankopͻn mpε mmra tofoͻ no asεm

    [89] Na monidi mfri nnepa a Nyankopͻn de abͻ mo akͻnhoma a εho wͻ kwan (sε modie no) mu, na monsuro Nyankopͻn no a mogye no die no

    [90] Ɛnyε monsedie hunu no na Nyankopͻn bεtwe moaso wͻ ho, na mmom nsedie a Ɔbεtwe moaso wͻ ho ne deε na moadwene mu dahͻ (na modiiε); (saa nsedie no) nedanee nesε, wobεbͻ ahiafoͻ (nnipa) du akͻnhoma, na (akͻnhoma no) nsusueε bεyε sε akͻnhoma a mode bͻ moabusuafoͻ, anaasε mobefira wͻn ntoma, anaasε mode ͻdͻnkͻ ho bεkyε no. Obi a onnya no, ͻnkyiri akyiriwia nnansa. Woi ne monsedie no adanee, sε modi nse a. Saa ara na Nyankopͻn kyerεkyerε Nensεm no mu kyerε mo sεdeε mobeyi (no) ayε

    [91] Mo a moagye adie, nsa (anaasε adeε biara a εma onipa borͻ), ne dehu toͻ, ne abosomsom ne abisa a yεde agyan bisa no ka ͻbonsam adwuma ho, enti montwe moho mfri ho sεdeε mobedi nkonim

    [92] Deε ͻbonsam pε ne sε, ͻbεfa nsa ne dehu toͻ so de ͻtan ne ahii ato montεm na w’asi mo Nyankopͻn nkaekaeε ne Nyame frε nso ho kwan, enti monntwe moho mfri (ho) anaa

    [93] Monyε sotie ma Nyankopͻn na monyε sotie ma Ɔsomafoͻ no, na monyԑ ahwԑyie, na sε modane moakyi (dema saa afutusεm yi a), εneε monhunu sε, Yε’somafoͻ no asεdeε ara nesε ͻbεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu pefee

    [94] Bͻne biara nni wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwumapa no so fa aduane a wͻdiiε (a atwa mu no) ho, sε wͻ’suro Nyame na wͻ’gye di na wͻ’di dwuma pa na (wͻ’kͻso) suro Nyame na wͻ’gye di na wͻ’yε papa a. Nyankopͻn deε Ɔpε apapafoͻ no asεm

    [95] Mo a moagye adie. Nyankopͻn de biribi fri ahayͻ mu a monsa ne mo pea betumi aka bεyε mo nsͻhwε, sεdeε Nyankopͻn debehunu obi a osuro no wͻ kokoa mu. Na akyire yi, obi a ͻbεto mmra no (saa nipa no) wͻ asotwee a εyε ya paa

    [96] Mo a moagye adie, monhwε na moanyε ha ankum aboa wͻ εberε a moafa ‘Harami’ (ntoma fufuo no afira) rekͻyε Haji, na momu obi a ͻde anidaaho bekum (aboa) bi no, ͻde ayεmmoa a ͻtesε nyεmmoa a yεde wͻn ba Ka’aba ho no sεso a ͻtesε aboa a okum no no, bεyε mpata; sεdeε momu nokwafoͻ mmienu gye to mu, anaasε εho mpata ne sε, ͻbεbͻ ahiafoͻ akͻnhoma, anaasε akyiriwia a εne no bεyε pε, sεdeε ͻbεka nedwuma a odiiε no so asotwee ahwε. Deε atwa mu no deε Nyankopͻn de afri (mo), na mmom obi a ͻbεsan akͻyε bio no deε Nyankopͻn bεtwe n’aso wͻ ho. Na Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, na Ɔno na Otua bͻne so ka

    [97] Yεma mo nsuo mu ahayͻ ne emu nnam ho kwan sε εnyε akɔnhoma ma mo ne akwantufoɔ no. Asaase so ahayͻ no deε, mowͻ ‘Harami’ (ntoma fufuo no mu) nko ara deε, monni ho kwan (sε moyε ha). Enti monsuro Nyankopͻn no a Nehͻ na mobehyia

    [98] Nyankopɔn ayε Ka’aba Efie kronkron no Asoeε ama adasamma; (saa ara nso na W’ayε) abosome kronkron no ne afɔrebɔdeε no ne nyεmmoa a kɔn-muade da wɔn kɔn mu no, sεdeε mobehunu sε, nokorε Nyankopɔn Nim deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa. Nokorε sε Nyankopͻn yε biribiara ho Nnimdefoͻ

    [99] Monhunu sε, nokorε Nyankopͻn asotwee ano yεden paa, nokorε nso sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [100] Ɔsomafoͻ no deε n’asεdeε ara nesε, ͻbεbͻ asεm no ho dawuro; na Nyankopͻn deε Onim deε moda no adi wͻ badwa mu εna Onim deε mode suma nso

    [101] (Nkͻmhyεni), kasε: “Bͻne ne papa nsε, sε w’ani gye bͻne a εdͻͻso no ho mpo a”. Enti nnipa mu mmadwemmafoͻ, monsuro Nyankopͻn sεdeε mobedi nkonim

    [102] Mo a moagye adie, monhwε na moammisa nneεma bi a, sε yεda no adi kyerε mo a εbεha mo no ho nsεm; sε mo (kͻso) bisa wͻ abrε a Qur’aan (mu nsεm) resiane ba yi a, yεbεda no adi akyerε mo. Nyankopͻn de woi afri mo. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Ntoboaseε Hene

    [103] Ampa sε amanfoͻ bi a wͻ’dii moanim kan no bisaa nsεm saa maa εnam so maa wͻ’kͻyεε (Kaafir) boniayεfoͻ

    [104] Nyankopͻn nyεε (amaneε biara a εma) yεpaepae yoma-bedeε aso, anaa yoma a ͻno ara kͻ adidi na onni ho kwan sε ͻsoa nnoͻma, anaa mmoa a yawo wͻn nta na yeku wͻn gu bosom soͻ. Na mmom nkontompo na (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no twa to Nyankopͻn soͻ, na wͻn mu dodoͻ no ara nso nni adwen

    [105] Sε yεka kyerε wͻn sε: “Momra ma yεnkͻ deε Nyankopͻn asiane no mu, na yεnkͻ Ɔsomafoͻ no hͻ a, asεm a wͻ’ka nesε: “Deε yεbεtoo yεn agya nom sε wͻn wͻ soͻ no ara som bo ma yεn”. Enti sε na wͻn agyanom nnim hwee anaa wͻn annya kwankyerε mpo a (wͻ’bedi wͻn akyi saa ara)

    [106] Mo a moagye adie, monhwε moho so yie, na sε mofa ͻkwan tenenee no so a, nea wayera no ntumi nyε mo hwee. Na Nyankopͻn hͻ na mo nyinaa mobεsan akͻ na W’abͻ mo dwumadie a modiiε no ho amaneε

    [107] Mo a moagye adie, sε owuo ba mo mu bi so a, moma mo mu nnipa mmienu a wͻ’di nokorε anaasε nnipa foforͻ mmienu bi a wͻnnka moho nni montεm adanseε wͻ εberε a (owufoͻ no) reyε nsamanseε no. Sε moretu kwan wͻ asaase no so na owuo mmusuo no ho asεm siiε a. moma wͻn mmienu ntwεn wͻ Nyamefrε (berε) akyi. Nasε moadwen nnsi mo pi (wͻ wͻn ho) a, moma wͻn mmienu mfa Nyankopͻn nni nse (nka) sε: “Ye’nni nse nhwehwε wiase dwetire biara, sε (onipa no) yε ye’busuani mpo a, na ye’ntumi nso mmfa Nyankopͻn adansedie nnsie, (sε yε’yε saa a,) nokorε sε, na yεka abͻneεfoͻ no ho

    [108] Nasε εda adi sε wͻn mmienu di bͻne bi ho fͻ (wͻ adansedie no mu a), moma nnipa foforͻ mmienu a wͻn wͻ (awugya-deε no) ho kwan kyεn wͻn mmienu (a wͻ’dii kan dii adanseε no) nsi wͻn anan mu na wͻnfa Nyankopͻn nni nse sε: “Adanseε a yεredie yi yε nokorε kyεn wͻn mmienu adansedie no, na yε’nnyε bͻne (wͻ y’adanse die yi mu,) efrisε, sε yε’yε saa a), εneε na yε’ka abͻneεfoͻ no ho

    [109] Ɛno mmom na εtenee sεdeε wͻ’bedi adanseε no wͻ nekwan soͻ, anaasε, εbεma wͻn asuro sε, wͻn nsedie no akyi no nsedie foforͻ nso bεsan aba. Monsuro Nyankopͻn na monyε sotie, na Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan

    [110] Ɛda no a Nyankopͻn bεboa Asomafoͻ no nyinaa ano aka akyerε wͻn sε: “Sεn na (amanfoͻ a yε’somaa mo wͻ wͻn hͻ no) si gyee mo soᴐ?” Wͻ’bεka sε: “Yε’deε ye’nni ho nimdeε. Nokorε sε Wone Kokoa mu asεm ho Nimdefoͻ no’’

    [111] Kae εberε a Nyankopͻn bεka (no wͻ Atemmuda) sε: “Mar’yam ba Yesu, kae M’adom a εwͻ wo soͻ ne wo maame nso soͻ, εberε a Mede Honhom Kronkron no hyεε wo den, maa wo kasaa wͻ tanaa mu ne wopanin berε mu, na Mekyerεε wo Nwoma no ne Nimdeε ne Tora ne Injeel, ne εberε a na wode nԑteε yε anomaa sε anomaa sεso home gu ne mu ma εdane anomaa wͻ M’akwamma mu, na wote anifirafoͻ ani, sa akwatafoͻ nso yadeε wͻ M’akwamma mu, ne εberε a wonyanee owufoͻ no wͻ M’akwamma mu, ne εberε a Metwee Israel mma no nsa frii wo soͻ wͻ berε a wode nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee brεε wͻn, na wͻn mu boniayεfoͻ no kaa sε: “Nokorε sε, woi deε εyε nkonyaa pefee”

    [112] Kae εberε a Meyi kyerεε Asuafoͻ no sε: “Monye Me ni na monye Me Somafoͻ no nso ni. Wͻ’kaa sε: “Y’agye adi, enti di ho adanseε sε, yε’deε yε’yε Muslimifoͻ”

    [113] Kae εberε a Asuafoͻ no kaa sε: “Mar’yam ba Yesu, enti wo Wura Nyankopͻn betumi asiane aduane afri soro abrε yεn?” (Yesu) kaa sε: “Monsuro Nyankopͻn, sε moyε agyidiefoͻ ampa a”

    [114] Wͻ’kaa sε: “Yεpε sε yedi bie ma y’akoma tͻ yεn yεm na yehunu sε ampa, nokorε na w’aka akyerε yεn no, sεdeε yεn nso yε’bedi ho adanseε”

    [115] Mar’yam ba Yesu kaa sε: “Ye’Wura Tumfoͻ Nyankopͻn, (yεserε Wo sε), siane didi pono a aduane wͻ soͻ fri soro brε yεn, na εnyε anigyeε afahyεε ma yεn a ye’di kan ne wͻn a wͻ’bedi yεn akyi sε nsεnkyerεnee a efri Wo hɔ; Na bͻ yεn akͻnhoma. Nokorε sε, Wo na Wobͻ (abͻdeε nyinaa) akͻnhoma pa

    [116] Nyankopͻn kaa sε: “Meresiane de abrε mo, na momu obi a εno akyi no ͻbeyi boniayε no deε nokorε sε, Mεtwe n’aso bi a Mentwe obiara (aso saa) wͻ amansan no nyinaa mu

    [117] Na kae εberε a Nyankopͻn bεka no wͻ (Atemmuda) sε: “Mar’yam ba Yesu, wona woka kyerεε adasamma sε: “Monfa me (Yesu) ne me maame nyε anyame mmienu nka Nyankopͻn ho no?” Yesu bεka sε: “Kronkron Hene ne Wo (Awurade). Menni ho kwan sε mεka asεm a menni ho kwan sε meka. Sε mekaae a, anka ampa sε Wonim. Wonim deε εwͻ m’akoma mu (nyinaa), na medeε mennim deε εwͻ W’akoma mu. Nokorε sε Wone (Otumfoͻ) a Wonim Asumade no nyinaa

    [118] Mannka hwee ankyerε wͻn ka deε Wohyεε me, (sε menka) sε: “Monsom Nyankopͻn, Me Wura ne monso mo Wura. Medi wͻn ho adanseε wͻ mmerε tenten a na mewͻ wͻn mu, na mmom εberε a Wofaa me no deε, Wona na Wowεn wͻn, na Wo na Wodi biribiara ho adanseε.”

    [119] Sε Wobεtwe wͻn aso a, nokorε sɛ Wo nkoa ne wͻn, sε Wode wͻn bͻne bεkyε wͻn nso a, εyε nokorε sε, Wone Otumfoͻ a Wotumi ade nyinaa yε, na Wone Onyansafoͻ no

    [120] Nyankopͻn bεka sε: “Ɛnnε ne Ɛda a Nokorεfoͻ no nokorεdie no ho bεba mfasoͻ ama wͻn wͻ Aheman a nsubͻnten nenam aseε (no mu); emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ. Nyankopͻn agye wͻn atom, εna wͻn nso agye no atom, na εno ne nkonimdie kεseε no

    Surah 6
    Al-An’aam

    [1] Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ mu no nyinaa ahennie wͻ Nyankopͻn, na Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumi

    [2] Aseda wͻ Nyankopͻn no a Ɔbͻͻ soro ne asaase, na W’ayε esum ne εhyεn; 1 nanso (Kaafrifoͻ) no a wͻ’yi boniayε no de biribi toto wͻn Wura Nyankopͻn ho

    [3] Ɔno na Ɔbͻͻ mo fri nεteε mu, εna W’ahyehyε berε (a mode bewuo), εna (W’ahyehyε) berε foforͻ nso bio a εwͻ Nehͻ (a mode bεsͻre afri owuo mu), nanso moadwen nnsi mo pi (wͻ Owu-sͻreε no ho)

    [4] Ɔne Nyankopͻn wͻ soro, εna asaase so nso saa ara; Onim mo asumasεm ne monsεm a εda dwa nyinaa, na Onim deε monsa ka

    [5] Nsεnkyerεnee biara a εbεba wͻn hͻ a εyε nsεnkyerεnee a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no, gyesε wͻ’twi faso

    [6] Ampa sε, εberε a nokorε no baa wͻn hͻ no wͻ’pooe, na deε wͻ’di ho fεw no ho asεm bεba wͻn so

    [7] Wͻ’nhunuu awoͻ ntotoasoͻ dodoͻ a wͻ’dii wͻn anim kan a Y’asεe wͻn? Yε’maa wͻn dii asaase no so a, Yε’mmaa monnii so saa, Yesianee nsuo fri soro maa wͻn maa no buu so, na Yε’maa nsubͻnten nenam wͻn ase; nanso Yε’de wͻn bͻne sεee wͻn, εna wͻn akyi no Yε’maa awoɔ ntotoasoɔ foforͻ sͻre (bεhyεε wͻn anan mu)

    [8] Sε anka Yesianee Nwoma no maa wo wͻ krataa so, εna wͻ’de wͻn nsa tumi sͻ mu mpo a, anka (Kaafrifoͻ) boniayεfoͻ no bεka sε: “Nokorε, woi deε εyε nkonyaa pefee”

    [9] Deε wͻ’ka nesε: “Adεn na yensiane soro abͻfoͻ mma no?” Sε Yesiane Soro abͻfoͻ a, εneε na anka asεm no asi awie, na yεmma wͻn berε

    [10] Sε Y’εyεε Soro abͻfoͻ maa no a, anka Yε’bεyε no onipa, na Y’ama wͻn adwen ayε wͻn basaa sεdeε wͻn adwen ayε wͻn basaa no

    [11] Ampa sε, wͻ’dii Asomafoͻ a wͻ’dii w’anim kan no ho fεw nanso deε aserefoͻ no de dii wͻn ho fεw no betwaa wͻn ho hyiae

    [12] Ka sε: “Monante (anaasε montu kwan) wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻ’poo nokorε no awieε si wieε “

    [13] Kasε: “Hwan na nneεma a εwͻ soro ne asaase so yε ne dea?” (Nkͻmhyεni) ka sε: “Ɛwͻ Nyankopͻn”. W’ahyehyε Ahummͻborͻ ama Neho.1 Ampa sε, Ɔbεboa moano wͻ Wusͻreε Da no a akyinnyeε biara nni ho no mu, wͻn a w’abrε aguo no ne wͻn a wͻ’nnye nnie no

    [14] Adeε a εte anadwo ne adekyeε mu nyinaa nso wͻ no. Ɔne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ no

    [15] Ka sε: “Menfri Nyankopͻn, ͻsoro ne asaase Yεfoͻ no, (Otumfoͻ a) Ɔbͻ (abͻdeε nyinaa) akͻnhoma, na obi mmͻ no akͻnhoma no akyi mfa okyitaafoͻ (foforͻ)?” Ka sε: “Medeε yahyε me sε menyε onipa a odikan a wayε Muslim aberε neho ase ama Nyankopͻn”, na hwε yie na w’ankͻka wͻn a wͻ’de biribi bata Nyankopͻn ho no ho

    [16] Kasε: “Medeε mesuro sε mεyε me Wura Nyankopͻn asεm no ho asoͻden εnam Da kεseε no asotwee no ho nti

    [17] Obi a yεbeyi (saa asotwee no) afri neso wͻ saa Da no mu no, nokorε sε na yahu no mmͻbͻ. Na εno ne nkonimdie a εda adi pefee no

    [18] Sε Nyankopͻn de ͻhaw bi to woso a, obiara nnihͻ a obetumi ayi afri hͻ, gyesε Ɔno ara, sε Ɔma papa bi nso to wo a, Ɔno ara na Ɔwͻ biribiara so tumi

    [19] Ɔne Opumpuni a Ɔkorͻn wͻ Nenkoa soͻ, na Ɔne Onyansafoͻ no, Ɔne Amanebͻfoͻ no (a Ɔbεbͻ mo dwuma a modiiε nyinaa ho amaneε (wͻ Atemmuda)

    [20] (Nkͻmhyεni), kasε: “Adansedie bεn na εsoo paa? “Kasε: “Nyankopͻn ne mene montεm Ɔdanseni. Y’ayi saa Qur’aan yi ama me sε menfa mmͻ mo, ne obiara a (saa Qur’aan yi) bεto no no kͻkͻ.1 Enti mobetumi adi adanseε sε anyame foforͻ bi wͻ hͻ ka Nyankopͻn ho?’’ Kasε: “Medeε menni (saa asεm no ho) adanseε”. Kasε: “Nokorε mu deε Nyankopͻn baako pε na Ɔwͻ hͻ; na medeε m’atwe meho afri deε mode bata Neho no ho”

    [21] (Yudafoͻ ne Kristofoͻ) no a Yε’maa wͻn Nyamesom ho Nwoma no nim (Muhammad paa) tesε deε wͻ’nim wͻn mma.1 Wͻn a w’ayera wͻn kraa no na wͻ’nnye nnie

    [22] (Onipa) bͻneni bεn na ͻkyεn obi a otwa torͻ to Nyankopͻn soͻ, anaasε ͻpo Nensεm?1 Nokorε sε abͻnefoͻ no deε wͻ’nni nkonim da

    [23] Ɛda a Yε’bεboa wͻn nyinaa ano no, ɛhɔ na Yε’bεka akyerε wͻn a wͻ’de biribi bataa (Nyankopͻn) ho no sε: “Wͻn a mode wͻn bataa (Nyankopͻn) ho a na modwen sε (wͻ’yε mo anyame no) wͻ hen

    [24] Wͻ’nnya nyinasoͻ anaa anoyie biara, na mmom deε wͻ’bεka nesε: “Yεdͻ Nyame, Yεn Awurade no sε, na yεnnka wͻn a wͻ’de biribi bata Nyankopͻn ho no ho “

    [25] Hwε sεdeε wͻ’resi twa nkontompo to wͻn ho soͻ! Atorͻ a wͻ’twaeε no bεyera afri wͻn ho (saa Da no)

    [26] Wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻ’retie woͻ, nanso yε’de akatasoͻ akata wͻn akoma ho sεdeε wͻ’nnte aseε, na wͻn aso mu nso akraa wͻ mu, sε wͻ’hunu nsεnkyerεnee nyinaa mpo a wͻ’nnye nni kͻpem sε wͻ’bεba wohͻ ne wo abεgye akyinnyeε, na deε boniayεfoͻ no ka ne sε: ‘’Nokorε sε woi deε εyε tetefoͻ no anansesεm.”

    [27] Wͻ’si (amanfoͻ) kwan wͻ (Nkͻm-hyεni) ho, εna wͻ’si wͻn ara nso ho kwan wͻ neho. Sε (wͻ’yε saa a), wͻn ara na wͻ’redi wͻn ho awuo nanso wͻ’nhunu saa

    [28] Sε anka worehunu (sεdeε wͻ’bεyε) wͻ εberε a yεde wͻn begyina Ogya no mu no a, (saa Da no) wͻ’bεka sε: ‘’Na anka yasan kͻ wiase bio, anka yεn mfa Ye’Wura Nyankopͻn asεm no atorͻsεm, na anka yε’bεka agyidiefoͻ no ho“

    [29] Daabi, deε kane no na wͻ’de asuma no ada adi akyerε wͻn. Sε wͻ'san ba (wiase) bio mpo a wͻ’bεsan akͻ deε yε’braa wͻn no ara so (akͻyε).1 Nokorε sε wͻ’yε nkontompofoͻ

    [30] Deε wͻ’ka ne sε: “Asetena no ara ne yεn wiase ha ara, na εmma sε yε benyane yεn (wͻ yewuo akyi.)“

    [31] (Nkͻmhyεni), sε anka worehunu (sεdeε wͻ’besi ayε) wͻ berε a yεde wͻn begyina wͻn Wura Nyankopͻn anim no a. Nyankopͻn bεka sε: “(Wusͻreε) woi nyε nokorε?” Wͻ’bεka sε: “Aane. “Yεdͻ yeWura (Nyankopͻn)!” Nyankopͻn bεka akyerε wͻn sε: “Monka asotwee no nhwε, εnam sε moanye anni nti“

    [32] Ampa sε, wͻn a wͻ’nnye nni sε wͻ’ne Nyankopͻn behyia mu no aberε agu dekosi sε (Owuo) dͻnhwere no bεba wͻn so mpofirem. (Saa Da no) wͻ’bεka sε: ‘’Y’εbͻ ye’tri so sε Yebuu Y’ani guu soͻ’’ na wͻ’bεsoa wͻn adesoa wͻ wͻn akyi. Ԑyε adesoa bͻne paa na wͻ’bεsoa no

    [33] Wiase asetena yi deε εyε agodie ne ahuhudeε. Daakye fie no na εyε paa dema wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn. Enti monni nteaseε

    [34] (Nkͻmhyεni), ampa sε Y’enim sεdeε nsεm a wͻ’rekeka no si fa ha woͻ. Na εnyε wo na wͻ’nnye wo nnie, na mmom Nyankopͻn nsεm no na abͻneεfoͻ no reko tia

    [35] Ampa sε wͻ’buu asomafoͻ a wͻ’dii w’anim kan no atorofoͻ, nanso wͻ’nyaa aboterε wͻ atorͻsεm a wͻ’de too wͻn soͻ, ne aniεyaa a wͻ’hyεε wͻn no ho, kosii sε Y’εmmoa baa wͻn hͻ. Obiara nnihͻ a ͻbetumi asesa Nyankopͻn Asεm (ne ne nhyehyεε). Ampa sε asomafoͻ no nsεm no mu bi aba wo hͻ

    [36] (Nkͻmhyεni), sε twe a wͻ’retwe wͻn ho (fri wo ho, ne nsεm a Yε’de asoma woͻ no) ho no na εha woͻ, na sε wobetumi anya tokuro bi wͻ asaase mu (awura mu), anaa atwedeε bi (aforo akͻ) soro na wode nsεnkyerεnee abrε wͻn a-; (na εnyε yie enti si aboterε). Sε Nyakopͻn pε a, anka Ɔbεboa wͻn nyinaa ano wͻ tenenee (kwan) no so. Enti hwε na w’ankͻka abagyimifoͻ no ho

    [37] Wͻn a wͻ’gye (wo) soͻ no, wͻn na wͻ’tie (asεm no). Na awufoͻ no nso Nyankopͻn benyane wͻn na afei w’asan akͻ Nehͻ

    [38] Deε wͻ’ka ne sε: ‘’Adεn na nsεnkyerεnee mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mma ne hͻ?“ (Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Nokorε sε, Nyankopͻn wͻ tumi sε Osiane nsεnkyerεnee, nanso wͻn mu pii nnim

    [39] Ntͻteboa a εwͻ asaase soͻ ne ntakra boa a wͻ’tu wͻ wͻn ntaban soͻ nyinaa gu akuo-akuo tesε mo ara. Y’annya biribiara akyire wͻ Nwoma no mu, na yεbεboa wͻn nyinaa ano wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ

    [40] Wͻn a wͻ’po Yεn nsεm no yε asosifoͻ ne mmum (na wͻn) wͻ esum paa mu. Nyankopͻn yera obi a Ɔpε, na obia Ɔpε no nso, Ɔde no fa kwan tenenee no so

    [41] Ka sε. “Modwene ho sεn?“ Sε Nyankopͻn asotwee anaasε Dͻnhwere no ba mo so a, moyε nokwafoͻ ampa sε mobεfri Nyankopͻn akyi asu afrε obi foforͻ?”

    [42] Daabi, Ɔno nko ara na mobesu afrε no, na sε εyε Nepε a W’ayi deε enti moresu frε no no afri mo so, na (saa berε no) mowerε befri deε mode bataa Neho no

    [43] Ampa sε Yε’somaa asomafoͻ kͻͻ aman-aman a wͻ’dii w’anim kan no hͻ. Na Yε’de ͻhaw ne ahokyerε too wͻn so sεdeε wͻ’bεbrε wͻn ho aseε

    [44] Adεn na Yε’haw no baa wͻn soͻ no w’ammerε wͻn ho aseε, na mmom wͻn akoma yεε den? Ɔbonsam maa dwuma a na wͻ’die no yεε wͻn (ani so) fε

    [45] Na εberε a wͻn werε frii (afutuo) a yεde tuu wͻn no, Ye’buee (anigyedeε) biara ho pono (kwan) maa wͻn, kosii εberε a wͻn wͻ anigyeε mu wͻ deε yεde ama wͻn no mu no, Yε’sͻͻ wͻn mu mpofire mu, na hwε, wͻ’nuu wͻn ho dii awerεhoͻ

    [46] Enti yεmaa amanfoͻ no a wͻ’dii bͻne no akyiri kwan yerae. Aseda wͻ Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no

    [47] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Modwen ho sεn? “Sε Nyankopͻn si mo aso na Ofira moani na Otua moakoma ano a, Awurade bεn na ͻwͻ Nyankopͻn akyi a anka ͻde (aso ne ani ne akoma) bεma mo?” Hwε sεdeε Yε’si kyerεkyerε nsεm no mu nanso wͻ’dane wͻn ho fri ho

    [48] Ka sε “Modwene ho sεn?“ sε Nyankopͻn asotwee ba moso (anadwo) mpofire mu, anaa (awia) pefee mu a, εnyε amanfoͻ abͻneεfoͻ no na yεbεsεe wͻn?”

    [49] Deε nti Yε’soma asomafoͻ no ne sε, wͻ’de (Soro Aheman no mu) anigyesεm no ho anohoba bεbͻ (amanfoͻ) na (wͻ’de Amanehunu gya no nso ho asεm) bεbͻ wͻn kͻkͻ. Enti obi a ͻbεgye adie na w’atoto ntotoeε pa no (saa Da no) ehu biara mma wͻn so, na wͻn werε nso nnho

    [50] Wͻn nso a wͻ’po Yεn nsεnkyerεnee no deε, asotwee no bεka wͻn, εnam wͻn bɔne a wͻ’diiε ho nti

    [51] (Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Mennka nkyerεε mo sε, Nyankopͻn akoradeε wͻ me hͻ, anaasε menim nsumaeε mu asεm, na menka nkyerεε mo nso sε, meyε Soro abͻfoͻ. Deε yasiane ama me no na medi akyire”. Ka sε: “Enti onifirani ne obia ohunu adeε na εsε, enti wͻn nnwen anaa?”

    [52] Enti fa (Qur’aan yi) tu wͻn a wͻ’suro sε yεbεboa wͻn ano wͻ wͻn Wura Nyankopͻn anim no fo sε, wͻ’nni okyitaafoͻ anaa otwitwagyefoͻ biara (wͻ Nyankopͻn) akyi, sεdeε wͻ’bεyε ahwεyie

    [53] Hwε na w’ampamo wͻn a wͻ'su frε wͻn Wura Nyankopͻn ahomakye ne anyumerε hwehwε N’anim animuonyam no. Wͻn nkontabuo nna wo so koraa, na wo nso w’akontabuo nna wͻn so koraa, enti sε wopamo wͻn a wobεka abͻneεfoͻ no ho

    [54] Saa ara na Yε’de wͻn mu bi ayε nsͻhwε ama wͻn mu bie sεdeε wͻ’bεka sε: ‘’Woi nom (ahiafoͻ yi) na Nyankopͻn adom wͻn wͻ yεn mu?” Ɛnyε Nyankopͻn na Onim wͻn a w’ͻyi ayε no anaa

    [55] Sε wͻn a wͻ’gye Yεn nsεm no die no ba wo hͻ a kasε: ‘Salaamu alaikum’ (Asomdwiε nka mo). Nyankopͻn ahyehyε Ahummͻborͻ ama Neho, enti momu biara a onnnim na ͻbεyε bͻne bi, na εno akyi no ͻbεsakra n’adwen na wa’atoto ntotoeε pa no, nokorε sε (Nyankopͻn) ne Bͻnefakyε Hene, Ɔno ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [56] Saa ara na Yε’kyerεkyerε nsεm no mu pefee sεdeε abͻneεfoͻ no kwan no bεda adie

    [57] (Nkͻmkyεni), ka sε: “Medeε yabra me sε mεsom wͻn a mofri Nyankopͻn akyi su frε wͻn no“. Kasε: “Medeε menni moapεdeε no akyi, sε meyε saa a εneε na ampa sε m’ayera, εneε na menka wͻn a w’atene no ho

    [58] Ka sε: ‘’Megyina nyinasoͻ pefee a efri me Wura (Nyankͻpͻn) hͻ no so, nanso monnye nni. Deε morepε no ntεm no, εnyε me hͻ na εwͻ. Nokorε sε Atemmuo no deε Nyankopͻn na εwͻ no. Ɔno na Ɔka nokorε na Ɔne Otemmufoͻ papa no”

    [59] Ka sε: “Sε deε morepε no ntεm no wͻ me hͻ a, anka (yadi) me ne montεm asεm no awie”. Nyankopͻn na Onim abͻneεfoͻ no

    [60] Nehͻ na ahuntasεm no ho safoa wͻ, obiara nnihͻ a onim, gyesε Ɔno (nko ara). Onim deε εwͻ asaase so ne (deε) εwͻ ͻpo mu (nyinaa); (ansa na) ahahan bi bεte atͻ no na Onim ho asεm, anaa aduaba bi a εwͻ asaase mu sum mu, anaa deε εyε mono anaasε deε adwan, (no nyinaa) wͻ Nwoma pefee no mu

    [61] Ɔno na Ɔma mo wu anadwo (wͻ εberε a moadeda) na Onim deε moyε no adekyeε no mu; afei na W’anyane mo afri (monna no mu ama moasan aba nkwa mu) akosi εberε a yahyehyε ato hͻ (ama mo sε mode bewuo). Afei Nehͻ ne monnkyi. Na afei W’abͻ mo dwuma a na modie no ho amaneε

    [62] Ɔne Opumpuni a Ɔkorͻn wͻ Nenkoa soͻ, Ɔsoma (Soro abͻfoͻ) awεnfoͻ (ma wͻ’wεn mo san twerε dwuma a modie biara) dekosi sε, owuo bεba momu bi so, na Y’asomafoͻ (Soro abͻfoͻ) ama wᴐn ayi nenkwa. Wͻ’mmu wͻn ani nngu wͻn adwuma so

    [63] Afei na wͻn asan kͻ Nyankopͻn a Ɔne wͻn nokorε Kyitaafoͻ no hͻ. Nokorε sε, Ɔno na atemmuo yε Ne dea, na Ɔno na Neho yε hare wͻ akontabuo mu

    [64] (Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Hwan na ͻgye mo fri asaase ne ͻpo so sum mu (ͻhaw ne mmusuo mu), εberε a mode ahobraseε sufrε no wͻ kokoa mu sε: ‘’Sε wogye yεn fri woi mu a yε’beyi (Wo) ayε?”

    [65] Ka sε: “Nyankopͻn na Oyi mo fri (saa mmusuo no) ne mmusuo biara mu, nanso mode biribi bata Neho

    [66] Ka sε: “Ɔwͻ tumi sε Ɔsoma asotwee fri moapampamu anaasԑ monan ase brε mo, anaa Ɔbεma ntotoo aba montεm na W’ama moaka moho-moho ͻkoo ahwε. Hwε sεdeε Y’esi kyerεkyerε nsεm no mu sεdeε anka wͻ’bεte aseε

    [67] Nanso (Nkͻmhyεni), wo nkorͻfoͻ no faa no atorɔsɛm, aberε nso a εno ne Nokorε no. Ka sε: “Mennyε okyitaani (anaaa ͻwεmfoͻ) wͻ mo so”

    [68] Asεm biara wͻ neberε, na sεdeε εteε biara no mobehunu

    [69] Sε wohunu wͻn a wͻ’keka nsεm hunu fa Yεn Nsεm no ho no a, twe wo ho fri wͻn ho kosi sε wͻ’bεfa asεm foforͻ. Sε bonsam ma wo werε fi na akyire yi wokae a, hwε na wone abͻneεfoͻ no ammom antenna ase

    [70] Wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn na wͻ’yε ahwεyie no akontabuo nna wͻn (boniayεfoͻ) no so koraa, (na mmom wͻn asεdeε nesε) wͻ’bεkaekae (wͻn) sεdeε wͻ’bεyε ahwεyie

    [71] Gyae wͻn a wͻ’afa wͻn som sε agodie ne ahuhusεm, na wiase asetena yi adaadaa wͻn no, na fa (Qur’aan) tu (wͻn) fo na ͻkra bi ankͻ sopa wͻ deε ͻyͻeε ho, (wͻ εberε a) onni kyitaafoͻ anaa otwitwagyefoͻ wͻ Nyankopͻn akyi no, na ͻma mpata biara mpo a yεnngyeε no. Saa nkorͻfoͻ no na deε wͻn nsa kae no asopa wͻn. Wͻn wͻ anomdeε a εyε nsuohyeε hyeehyeehye ne asotwee a εyε ya paa, εnam (nokorε a) wͻ’poeԑ nti

    [72] Ka sε: ‘’Enti yenfri Nyankopͻn akyi nsu mfrε adeε a εho nni mfasoͻ mma yεn, na (entumi) mma yεn ͻhaw biara; na yεnsan nkͻ y’akyi wͻ aberε a Nyankopͻn atene yεn? Tesε obi a ͻbonsam ayera no wͻ asaase bi soͻ na ͻnhunu deε ͻnyε, na ͻwͻ ayͻnkofoͻ na wͻ’refrε no sε: ‘’Bra yεn hͻ’’ Ka sε: “Nokorε, Nyankopͻn (kwan) tenenee no ne (kwan) tenenee. Yahyε yεn sε, yε’mrε yεn ho ase ma Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no

    [73] Na yεnfrε Nyame wͻ ne berε mu, na yensuro Nyankopͻn. Nehͻ na mobεkͻ akohyia.73. Ɔno na Ɔde nokorε bͻͻ soro ne asaase; saa Da no Ɔbεka sε: ‘’Yε!” Na ayε, na N’asεm na εyε nokorε. Ɔno na Tumi no wͻ no wͻ Da a yεbεbͻ totorobεnto no mu no. Nsumaeε mu ne Badwamu Nimdefoͻ no, Ɔne Nyankopͻn Nyansafoͻ no, Ɔne biribira ho Amanebͻ Wura no

    [74] Kae εberε a Abraham ka kyerεε nepapa Aazar sε: ‘’Wafa abosom na wode ayε anyame? Nokorε, m’ahunu sε wone wo nkorͻfoͻ no wͻ ͻyera pefee paa mu “

    [75] Saa (kwan yi so na yεfa) kyerεε Abraham soro ne asaase so ahennie sεdeε ͻbεka wͻn a wͻn adwen si pie no ho

    [76] Ɛberε a adeε sa kataa ne soͻ no, ohunu nsoromma. Ɔkaa sε:” Woi ne me Wura no”. Ԑberε a εkͻtͻeε no ͻkaa sε: ‘’Mempε wͻn a wͻ’kͻtͻ’’

    [77] Ɛberε nso a ohunu bosome sε adwa hann no, ͻkaa sε: “Woi ne me wura no’. Ɛberε a εkͻtͻeε no ͻkaa sε: ‘’Sε me Wura Nyankopͻn ankyerε me kwan a, nokorε sε mεka nnipa ayerafoͻ no ho”

    [78] Enti εberε a ohunu sε awia apue hyεnhyεnhyεn no, ͻkaa sε: ‘’Woi ne me wura, woi na εsoo’.’ Ɛberε a awia no kͻtͻeε no, ͻkaa sε: “Menkorͻfoͻ, nokorε sε m’atwe me ho afri deε mode bata (Nyankopͻn) ho (som no no) ho“

    [79] Medeε m’adane m’anim pεpεεpε akyerε Nea Ɔbͻͻ soro ne asaase, na medeε menka abosomsomfoͻ no ho

    [80] Nenkorͻfoͻ no gyee no akyinnye. Ɔkaa sε: “Mone me regye Nyankopᴐn ho akyinnye abrԑ a W’akyerԑ me kwan? Mensuro deε mode bata Neho no (sε εbetumi ayε me biribi), gyesε me Wura Nyankopͻn pε; me Wura (Nyankopͻn) nimdeε trε duru biribiara so. Adεn monnfa nyԑ afutuo

    [81] Ɛdeεn nti na εsεsε mesuro deε mode abata (Nyankopͻn) ho, aberε nso a monnsuro sε mode deε yensianee ho tumi (biara) mma mo abata Nyankopͻn ho? “Enti saa fekuo mmienu yi emu deε εwͻ hen na ͻfata ahotᴐ, sε monim ampa a

    [82] (Ɛyε) wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’nnfa bͻne mfra wͻn gyidie mu, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’wͻ ahotᴐ mu, na wͻ’ne ateneneefoͻ no

    [83] Woi yε Yεn nyinasoͻ a Yε’de maa Abraham maa no (deko) tiaa nenkorͻfoͻ no, obia Yε’pε no Yε’pagya no bͻ n’abaso. Wo Wura (Nyankopͻn) ne Onyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ

    [84] Yε’de Is’haaq kyεε no, εna (nenana) Ya’aquub, Yε’kyerεε wͻn mu biara kwan. Noah nso Ye’dii kan kyerεε no kwan, na n’asefoͻ no mu bi ne: Dawid ne Solomon ne Hiob ne Yosef ne Mose, ne Aaron. Saa ara na Ye’tua apapafoͻ no ka

    [85] Ne Zakariya ne Yohane ne Yesu ne Elia; wͻn nyinaa ka apapafoͻ no ho

    [86] Ne Ismail ne Al-Yasa’a (Elisa), ne Yuunus (Yona) ne Lut; wͻn mu biara Yε’de (adom) dom wͻn kyεn amansan a aka no nyinaa

    [87] Wͻn agyanom ne wͻn awoͻ ntoatoasoͻ ne wͻn nuanom mu nso, Ye’yii wͻn mu bi, na Yε’kyerεε wͻn kwan kͻͻ kwan tenenee no so

    [88] Woi ne Nyankopͻn kwankyerε, Ɔkyerε Nenkoa mu nea Ɔpε kwan. Sε (nkͻmhyεfoͻ a yεbobͻͻ wͻn din yi) de biribi bataa (Nyakopͻn) ho a, anka dwuma a wͻ’dieε nyinaa ayε kwa ama wͻn

    [89] Woi nom ne amanfoͻ a Yε’de Nwoma no ne Nyansa ne Nkͻmhyε adwuma maa wͻn. Enti sε woi nom annye anni a, ampa sε Yε’de (Nyamesom Nwoma no) ahyε amanfoͻ bi a wͻn deε wͻn mmpoeε nsa

    [90] Wͻ’ne nkorͻfoͻ no a Nyankopͻn atene wͻn. Enti wͻn kwan kyerε no na moni akyire. (Nkͻmhyεni), ka sε ‘’Memmisa mo εho akatua”. (Qur’aan adwuma) ara nesε, εyε afutusεm dema amansan (nyinaa)

    [91] Wͻ’mmmfa anidie (anaa obuo, anaa tumi) a εfata paa mma Nyankopͻn wͻ nokorε mu sεdeε Netumi siteε, εberε a wͻ’ka sε: ‘’Nyankopͻn nsianee hwee mmaa ͻdasani“. Ka sε: “Hwan na osianee Nwoma no a Mose de baeε a, na εyε nhyerεnee ne kwankyerε dema adasamma a mo (Yudafoͻ) motwerεε no nkrataa a yakyekyε mu soͻ, daa (emu nsεm no bi) adie de dodoͻ no ara sieε; na mokyerεε adeε a mo, anaa moagyanom mpo nnim?” Ka sε: “Nyankopͻn. Enti wodeε gyae wͻn ma wͻ’nkeka wͻ’nsεm hunu no na wͻ’ni agorͻ

    [92] Saa Nwoma yi (Qur’aan), Yε’de nhyira na asiane aba de bεhyε (Nwoma) a edii n’anim kan no mma, sԑdeԑ wode bԑbͻ Nkuro (nyinaa) maame (Maka) ne (nkuro) a atwa ho ahyia no (mufoͻ no) kͻkͻ. Wͻn a wͻ’gye Da a edi akyire no die no, gye (Quraan) di; wͻn ne wᴐn a wͻ’hwε wͻn Nyamefrε so yie no

    [93] Hwan na ͻyε onipa bͻneni kyεn obi a otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaa ͻka sε: ”Y’ayi Adiyisεm ama me, wͻ aberε nso a yenyii Adiyisεm biara mmaa no; ne obia ͻka sε: “Mesiane deε Nyankopͻn asiane aba no sεso.” Sε (anka) worehunu εberε a abͻneεfoͻ no repre wͻ owuo ahometeε mu, na soro abͻfoͻ atene wͻnsa wͻ wͻn so reka akyerε wͻn sε, ‘’Monyi mokraa no ma; εnnε da yi yεde animguaseε asotwee na εbetua moka εnam nsεm a moka too Nyankopͻn so a na εnyε nokorε, na moyεε N’asεm ho ahomasoͻ nti”

    [94] Ampa sε (monam) ankorͻ-ankotͻ (de nsansa a hwee nka mo ho) na aba Yεn hͻ sεdeε Ye’dii kan bͻͻ mo no, εna moagya deε Yε’de maa mo no (sika, εyerε, εmma, abusua, gyinaberε ne deε εkeka ho no nyinaa) wͻ moakyi. Na adεn na Ye’nnhu montwitwagyefoͻ no a na moadwen yε mo sε wͻ’ka Onyankopͻn ho no? Ampa sε mone wͻn ntεm twaka (biara) to atwa, na deε moadwen yε maa mo no (nyinaa) ayera

    [95] Nokorε sε, Nyankopͻn na Ɔma aduaba ne akyiresua aba fifre, εna Ɔma ͻteasefoͻ fri awufoͻ mu, εna Oyi awufoͻ nso fri ateasefoͻ mu. Nyankopͻn no ne no, afei adεn na modane moho (fri nokorε no ho)

    [96] (Ɔno na) Ɔma adeε kye, εna W’ayε adesae ahomegye (berε ama adasamma, εna W’ayε) awia ne bosome (nso εberε ho) akontabuo. Woi yε Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Onimdefoͻ no nhyehyεε

    [97] Ɔno na W’ayε nsoromma ama mo, sεdeε εbεkyerε mo kwan wͻ asaase so sum mu ne ͻpo soͻ. Ampa sε, Y’akyerεkyerε nsεm no mu ama amanfoͻ a wͻ’nim

    [98] Ɔno na Ɔbͻͻ mo fri honam baako mu, (εna W’ama mo) atenaeε (wͻ asaase so, anaasε momaame awodeε mu) asan (ama mo tenaberε) wͻ sie da mu (wͻ adakamena mu). Ampa sε Y’akyerεkyerε nsεm no mu ama amanfoͻ a wͻ’te (asεm) aseε

    [99] Ɔno na Osiane nsuo fri soro dema nnuaba ahodoͻ fifire, na Y’ama nͻbaeε mono apue mu, na Y’ama nuaba a εbͻ esa-sa (ne mmεtem ne aduro-aduro tesε borͻdeε, aburoo, abε ne deε εkeka ho nyinaa) apue mu, na akyiresua dua no nkͻn mu na (aduaba a εbͻ) esa-sa a moduru soͻ no wͻ, εne bobe turo ne nngo dua ne Rumaan, deε εsesε ne deε εnsesε. Ɛberε a εbεso aba, na εbεbereε no monhwε n’aduaba no. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’gye die

    [100] Wͻ’de Jinni bata Nyankopͻn ho (som wͻn) aberε a Ɔno na Ɔbͻͻ wͻn; na wͻ’ka to no so (sε Nyankopͻn wͻ) mma mmarima ne mma mmaa aberε a wͻ’nni (ho) nimdeε. Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn, so kyεn deε wͻ’de susu no no

    [101] (Otumfoͻ a) Ɔhyεε Ɔsoro ne asaase mmͻeε aseε; εbεyε dεn na W’awo ba aberε a Onni yerε? Ɔno na Ɔbͻͻ biribiara, na Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ

    [102] Mo Wura Nyankopͻn no ne no, awurade foforͻ biara nnihͻ, gyesε Ɔno (nko ara) Ɔne biribiara Bͻfo; enti monsom no. Ɔno na biribiara twere no

    [103] Ani ntumi nnhu no, na Ɔno deε Ohu (deε) ani hunu (koduru nyinaa) na Ɔne Onitefoͻ no, Ɔne Amanebͻ Wura no

    [104] Ampa sε anibue (anaa nimdeε anaasε nyinasoͻ pefee) fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ, na obia (obenya) ani de ahwε no (εyε) ma nekraa, na obia ͻbεma n’ani afira (wͻ ho no nso) etia ͻno ara, na me (Nkͻmhyεni) deε menyε moso ͻwεnfoͻ

    [105] Saa ara na Yε’kyerεkyerε nsεm no mu, sεdeε (boniayεfoͻ no) bεka sε: ‘’Wasua’’ ne sεdeε Yε’bεkyerεkyerε mu ama amanfoͻ a wͻ’nim

    [106] (Nkͻmhyεni), di adeε a yasiane fri wo Wura Nyankopͻn hͻ ama woͻ no akyi. Awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno (nko ara), na twe wo ho fri abosomsomfoͻ no ho

    [107] Sε Nyankopͻn pε a, anka wͻ’nnfa biribi mmata ne ho (nsom no), na yεnyεε wo wͻn so ͻwεnfoͻ, na wonnyε wͻn kyitaafoͻ nso

    [108] Hwε na moanni wͻn a wɔ’fri Nyankopͻn akyi som wͻn no atεm, na anhwε a na wͻ’de ͻtan akodi Nyankopͻn atεm wͻ aberε a wͻ’nnim. Saa ara na Y’ama amanfoͻ no mu biara nyuma ayε wͻn ara (ani so) fε, na wͻn Wura Nyankopͻn hͻ ne wͻn nnkyi, na Ɔbεbͻ wͻn dwuma a na wͻ’die no (nyinaa) ho amaneε

    [109] Wͻ’de Nyankopͻn di wͻn nse akεseε no sε: “Sε anka nsεnkyerεnee bi baa wͻn hͻ a anka wͻ’bεgye adi”. Ka sε: ‘’Nsεnkyerεnee deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ, na εdeεn na εbεma mo (Muslimifoͻ no) atenka sε, sε nsεnkyerεnee bi bae mpo a anka wͻ’nnye nnie?”

    [110] Sεdeε wͻ’annye anni deε edikan no, Yε’bεdane wͻn akoma ne wͻn ani (afri ͻkwan tenenee no so) na Y’agyae wͻn wͻ wͻn yera no mu ama wͻn akeka akͻ (sε anifirafoͻ)

    [111] Sε Yε’sianee soro abͻfoͻ mpo baa wͻn hͻ, anaa owufoͻ (mpo) ne wͻn kasae, εna Y’εboaboaa biribiara ano wͻ wͻn anim (mpo) a, anka wͻ’nnye nni, gyesε Nyankopͻn pε, nanso wͻn mu dodoͻ no ara nnnim

    [112] Saa ara na Yε’maa Nkͻmhyεni biara (nyaa) atamfoͻ firi nnipa ne Jinni abonsamfoͻ no mu; wͻ’wesa nnaadaasεm a εyε dε gu wͻn ho wͻn ho (asom). Sε εyε wo Wura (Nyankopͻn) pε a anka wͻn annyε saa; enti gyae wͻn ne wͻn atorͻsεm a wͻ’redie no

    [113] Sεdeε wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no akoma bεdane akͻ (wͻn nnaadaa sεm) no soͻ, na wͻn agye (nnaadaa no) ato mu, na wͻn nso benya (bͻne) no a wͻn anya no bie

    [114] Nkͻmhyεni, ka sε­: “Menfri Nyankopͻn akyi nhwehwε otemmufoͻ foforͻ, aberε a Ɔno na W’asiane Nwoma no ama mo a εkyerεkyerε nsεm mu pefee no?’’ Wͻn a Yε’maa wͻn Nwoma no (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) nim yie sε ampa sε εyε Adiyisεm a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ a εyε nokorε. Enti monhwε na moankͻka wͻn a wͻn adwen nnsi wͻn pie no ho

    [115] Wo Wura Nyankopͻn Asεm no ahyε mma wͻ nokorε mu ne pεyε mu. Obiara ntumi nsesa Nensεm no. Ɔno na Ɔte biribiara na Ɔne Onimdefoͻ a Onim biribiara

    [116] Sε wotie (nnipa no mu) dodoͻ no a wͻn wͻ asaase soͻ no a, wͻ’bεyera wo afri Nyankopͻn kwan no so. Deε wͻn adwen kyerε wͻn na wͻ’di akyire, na nkontompo dwuma na wͻ’die

    [117] (Nkͻmhyεni), nokorε sε wo Wura Nyankopͻn na Onim obi a w’ayera afri Ne kwan no soͻ, εna Onim obi nso a watene

    [118] Enti monidi mfri deε yabͻ Nyankopͻn din agu soͻ no mu, sε Nensεm na mogye die ampa a

    [119] Adεn nti na εnsεsε modi nea yabͻ Nyankopͻn din agu soͻ, wͻ aberε a W’akyerεkyerε deε yabra mo no mu pefee akyerε mo sԑ, gyesε mo wͻ ahokyerε nhyεsoͻ bi mu nti? Nokorε (nnipa mu) dodoͻ no ara na wͻ’de wͻn apεdeε yera (amanfoͻ) aberε a wͻ’nni nimdeε. Nokorԑ sԑ wo Wura Nyankopͻn na Onim abͻneεfoͻ no

    [120] (Adasamma), monyae kokoa mu ne badwa mu bͻneyε. Nokorε sε wͻn a wͻ’di bͻne no yεbetua wͻn dwuma die no so ka pεpεεpε sεdeε wͻ’yͻeε no ara

    [121] Monhwε na moanidi amfri deε ya’mmͻ Nyankopͻn din angu soͻ mu, efrisε εyε fii (anaa bɔne). Nokorε sε abonsamfoͻ no tutu gu wͻn ayͻnkofoͻ no asom ma wͻ’ne mo gye akyinnye, na sε modi wͻn akyi a, εneε na nokorε sε moyε abosomsomfoͻ

    [122] Anaasε obi a na anka wawu (wͻ gyidie mu) na Yenyanee no baa nkwa mu, na Yε’maa no nhyerεnee a ͻde nante wͻ nnipa mu no, ͻne obia ͻwͻ esum kabii mu na ͻnfrii mu no yε pε?1 Saa ara na yεma wͻn a wͻ’nnye nnie no dwumadi (bͻne no) yε wͻn (aniso) fε

    [123] Saa nso ara na Y’ayε kuro biara mu mpanimfoͻ no abͻneεfoͻ sεdeε wͻ’bεfa ho adwen bͻne.1 Adwen bͻne a wͻ’bεfa no tia wͻn ara, nanso wͻ’nnim

    [124] Sε nsεnkyerεnee bi ba wͻn hͻ a, deε wͻ’ka ne sε: ‘’Yεnye nnni, gyesε yεde deε yεde maa Nyankopͻn Asomafoͻ no ara bi ma yεn ansa. Nyankopͻn na Onim faako a εsεsε Ɔde N’asεm no toͻ. Animguaseε ne asotwee a ano yε den paa a efri Nyankopͻn hͻ bεka wͻn a wͻ’di bͻne no wͻ wͻn adwen bͻne a wͻ’fa no ho

    [125] Obia Nyankopͻn pεsε ͻtene no no, Ɔbue n’akoma dema Islam, na obia Ɔpεsε Ɔyera no no nso Ɔma n’akoma no ka moa tesε deε ͻreforo akͻ ewiem. Saa ara na Nyankopͻn de asotwee (anaa) efii to wͻn a wͻ’nnye nnie no soͻ

    [126] Woi ne wo Wura Nyankopͻn kwan tenenee no. Ampa sε Y’akyerεkyerε nsεm no mu pefee ama amanfoͻ a wͻ’de bεto wᴐn adwen mu

    [127] Wͻn wͻ Asomdwiɛ fie wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, εnam dwuma a wͻ’die no ho nti Ɔne wͻn Kyitaafoͻ

    [128] Ɛda a Ɔbεboa wͻn nyinaa ano (aka sε): “Jinnifoͻ fekuo, ampa sε moayera nnipa no mu bebree’’ Wͻn ayͻnkofoͻ a wͻn wͻ nnipa no mu no bεka sε: ‘’Ye’Wura Nyankopͻn, yenyaa yεnho-yεnho mfasoͻ, na seesei deε yaduru yεn berε a Wohyε maa yεn no’’ Nyankopͻn bεka sε: ‘’Egya no mu na εbεyε mofiee na emu na mobεtena, gyesε Nyankopͻn pε. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Onyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ

    [129] Saa ara na Yε’bεma abͻneεfoͻ no ayε wͻn ho-wͻn ho nnamfoͻ (Atemmuda) εnam dwuma a wͻ’nsa aka no ho nti

    [130] Jinnifoͻ fekuo ne adasamma, asomafoͻ amfri momu amma mohͻ a wͻ’bεkenkan Mensεm de kyerεε mo, san bͻͻ mo kͻkͻ fa monhyiamu Da woi ho? Wͻ’bεka sε: ‘’Yedi adanseε tia yεn ara yεn ho (sε nokorε, asomafoͻ no baae)’’. Ɛyε wiase asetena yi na εdaadaa wͻn, na wͻ’bedi adanseε atia wͻn ho sε na wͻ’yε (Kaafirifoͻ) boniayεfoͻ

    [131] Ɛne sε, wo Wura Nyankopͻn mfa bͻne nsεe kuro bi aberε a (kuro no) mu foͻ no nnnim (Nyankopͻn mmra)

    [132] Obiara wͻ gyinaberε anaa abaso bͻdeε (a yεde bεbͻ no) wͻ dwuma a odiiε ho ­. Na wo Wura Nyankopͻn mmuu n’ani nguu dwuma a wͻ’die no so

    [133] Wo Wura Nyankopͻn deε W’anya Neho (Onhia obiara hwee), Ahummͻborͻ ahyε no mma; sε Ɔpε a anka Ɔbeyi mo afri hͻ, na moakyi no Ɔde deε Ɔpε abεhyε moanan mu sεdeε Ɔbͻͻ mo fri amanfoͻ bi asefoͻ mu no

    [134] Nokorε sε deε yahyε mo ho bͻ no reba ampa; na monntumi nnnsi ho kwan

    [135] (Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Menkorͻfoͻ, modeε monyε moadwuma sεdeε moamamerε kyerε, menso mereyε dwuma (sεdeε Nyankopͻn ahyε me), na mobehunu yεn mu nea ͻbenya awieε pa wͻ Daakye. Nokorε sε, abͻneεfoͻ no deε wͻ’nni nkonim

    [136] Wͻ’yi deε wͻn adua wͻ mfuo mu no, ne nyεmmoa a Ɔno na Ɔbͻeε no mu kyεfa bi ma Nyankopͻn ka sε: ‘’Woi wͻ Nyankopͻn sεdeε wͻn adwen kyerε wͻn no, na woi nso wͻ wͻn a yε’de wͻn bata (Nyankopͻn) ho no”. Deε εwͻ deε wͻ’de bata (Nyankopͻn) ho no nnuru Nyankopͻn hͻ; εna deε εwͻ Nyankopͻn no deε eduru deε wͻ’de bata (Nyankopͻn) ho no hͻ. Atεmmuo bͻne paa na wͻ’rebuo no

    [137] Saa ara na deε wͻ’de abata Nyankopͻn ho no, ayε ama mma kunkum ayε abosomsomfoͻ no mu pii fε, sεdeε wͻ’de wͻn bεkͻ ͻsεeε mu, na wͻn ama wͻn adwen ayε basaa wͻ wͻn som no ho. Sε Nyankopͻn pε a, anka (abosomsomfoͻ no) nnyε saa. Enti (Nkͻmhyεni) gyae wͻn, ne wͻn atorͻsεm a wͻ’die no

    [138] Abosomsomfoͻ no ka sε: ‘’Nyεmmoa woi ne mfudeε woi y’abra; obiara nni ho kwan sε odi bie gyesε obia yεpε,-sεdeε wͻn adwen yε wͻn; ne nyεmmoa bi nso a yabra sε wͻn akyi (bεyε adwuma), ne nyεmmoa bi nso a yεmmͻ Nyankopͻn din nngu wͻn soͻ (wͻ berε a yereku wͻn).” Nkontompo na wͻ’twa to Nyankopͻn soͻ. Obetua wͻn ka wͻ wͻn atorͻsεm a wͻ’diiε no ho

    [139] Wͻ’ka sε: ‘’Adeε a εwͻ aboa woi anaa woi yafunu mu no deε, εyε yεn mmarima nko ara dea, na yεn mmaa no nni ho kwan (sε wͻ’di bie); nasε yεwo no na wawu nso a, εno deε wͻn nyinaa (mmaa ne mmarima no) kyε. Ɔbetua wͻn (nkotompo a) wͻ’de susuu no no so ka. Nokorε sε Ɔne Nyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ

    [140] Ampa sε wͻn a wͻ’de agyimisεm a nimdeε biara nni mu kunkum wͻn mma, na wͻ’bra adeε a Nyankopͻn de abͻ wͻn akͻnhoma, twa nkotompo to Nyankopͻn soͻ no aberε agu. Ampa sε wͻn ayera na wͻ’nnyε ateneneefoͻ

    [141] Ɔno na W’ayε turo (anaasε mfuo, emmu nnoͻma no) yεto bi pam, ebi nso yεnto no pam; εna akyiresua nnua ne mfudeε a nedε gu sononko-sononko, εne nngo εne Rumaan a εho sesε, ne deε εnsε. Sε (saa nnuaba yi) so a moni, na monyi emu asεdeε (zaka) no mma wͻ εda no a mobetwa (n’aba) no; na monhwε na moansεe (no). Nokorε sε, Ɔmpε nsεmͻnefoͻ no asεm

    [142] Nyεmmoa no mu bi soa nneεma, (ebinom) nso yε nnam. Moni deε Nyankopͻn de abͻ mo akͻnhoma no, na monhwε na moanni ͻbonsam anamͻn so. Nokorε sε, ͻyε motamfoͻ a ͻda adi pefee

    [143] (Nyεmmoa) nwͻtwe anini ne abedeε: Nwenini ne abedeε mmienu mmienu, εna mmirekyie anini ne abedeε mmienu mmienu. (Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’(Anini) mmienu no na Nyankopͻn abra anaasε (abedeε) mmienu noa, anaasε (aboa no ba) no a ͻhyε abedeε mmienu no awodeε mu (na yabra)? Monfa nimdeε nka nkyerε me, sε moyε nokwafoͻ ampa a”

    [144] Ɛna yoma nso mmienu (onini ne ͻbedeε) nantwie nso mmienu (onini ne ͻbedeε). Ka sε: “Anini mmienu no na Nyankopͻn abra anaasε abedeε mmienu no, anaasε (aboa no ba) no a ͻhyε abedeε mmienu no awodeε mu no (na yabra)? Anaasε na mo wͻ hͻ wͻ εberε a Nyankopͻn hyεε saa mmra no? Enti (onipa) bͻneni bεn na ͻkyεn obi a otwa torͻ to Nyankopͻn so sεdeε ͻde bεyera nnipa wͻ aberε a nimdeε biara nni mu? Nokorε sε, Nyankopͻn deε ͻntene nnipa bͻnefoͻ no (a wɔn ayɛ wɔn adwen sɛ wɔn deɛ bɔne ara na wɔ’bɛdie no)

    [145] (Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Adiyisεm a yasiane ama me no mu deε, mennya adeε a yabra wͻ aduane a obi bedie ho, gyesε aboa funu anaa mogya a yahwie anaa prako-nam, efrisε εyε fii, anaa εnam fii a yakum ama (adeε bi) a εnyε Nyankopͻn. Nanso obi a ahokyerε nti, na εnyε anidaaho, anaa asoͻden (na εbεma no akͻdi saa nnam a yabra yi no), nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [146] Wͻn a wͻ’yε Yudafoͻ no, yεbraa wͻn (aboa biara a) ͻwͻ tͻte a emu mpaeε, εna nantwie ne nnwan mu nso yεbraa wͻn (saa mmoa no) mmienu sradeε, gyesε deε εwͻ wͻn mmienu akyi ne deε εwͻ wͻn nsono mu anaa deε εne nnompe no adi afra. Saa ara na Y’etuaa wͻn asoͻden no so ka. Na ampa sε, Yεn na Yε’ka nokorε

    [147] Sε wͻ’bu wo ͻtorofoͻ a, εneε ka sε: “Mmͻborͻhunu a mo Wura Nyankopͻn wͻ no so paa, na Na’bufuhyeε nnsan n’akyi mfri nnipa bͻnefoͻ no so”

    [148] Wͻn a wͻ’de (biribi) abata Nyankopͻn ho no bεka sε ‘’Sε εyε Nyankopͻn pε (sε yεnnfa biribi mmata ne ho) a anka yεn, anaasε y’agyanom anfa (biribi) ammata Ne ho, na (sε εyε Nepε nso a) anka yammra biribiara. Saa ara na wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no twaa nkontompo kͻpem sε wͻ’kaa Y’asotwee no hwεeε. (Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Mowͻ (nsεm a mokeka no) ho nimdeε (anaa nyinasoͻ) bi a monyi ma yεn. Deε moadwen kyerε mo na modi akyire na deε moyε nso yε nkotompo

    [149] Ka sε: ‘’Nyankopͻn na nyinasoͻ pefee a εkͻ aso mu no wͻ no. Sε Ɔpε a anka ͻbεkyerε mo nyinaa kwan (tenenee no)

    [150] Ka sε: ‘’Monfa moadansefoͻ a wͻ’di adanseε sε: “Nokorε sε Nyankopͻn abra woi no mmra”. Sε wͻ’di adanseε no a hwε na woanka ho ne wͻn anni adanseε no; na hwε na woani wͻn a wͻ’po Yε’nsεm no ne wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no na wͻ’de biribi toto wͻn Wura Nyankopͻn ho no apεdeε akyi

    [151] Ka sε: ‘’Momra na menkenkan deε mo Wura Nyankopͻn abra mo no nkyerε mo: ‘’Monnfa biribiara mmata Neho, na monyε papa anaa ayεmyε ma awofoͻ, na mo’nnfa ohia nkunkum mo mma; Yεn na Yε’bͻ mo ne wͻn (nyinaa) akͻnhoma, monhwε na moammεn ahohwi bra (adwamammͻ) deε εda dwa ne deε asuma, na monhwε na moankum nipa a Nyankopͻn ayε no kronkron anaa W’abra (nekum), gyesε ne kwan so. Woi ho na Ɔrehyε mo, sεdeε mobεte aseε

    [152] Monhwε na moamεn awisiaa agyapadeε, gyesε kwan pa so, kͻpem sε ͻbeduru ne mpanin berε mu. Na moma deε mohyε ne deε mosusuo no nyε pεpεεpε. Yε’mfa adesoa nsoa onipa, gyesε deε na’hoͻden betumi. Sε mokasa (anaasε mobu atεn, anaa modi asεm bi ho adanseε) a monka nokorε, sε (asεm no) fa obusuani ho mpo a; na moni Nyankopͻn Apam so. Woi ho na Ɔrehyε mo, sεdeε mode betu moho foͻ

    [153] Nokorε sε, woi ne Me kwan tenenee no, enti monfa so, na monhwε na moankodi akwan (foforͻ) bi akyi, efrisε εbεma mo ne Ne kwan tenenee no ntεm apaepae. Woi ho na Ɔrehyε mo, sεdeε mo bεsuro Nyame ayε ahwεyie

    [154] Afei Yε’de Nwoma no maa Mose de (Y’adom ne Yεn nhyira) wiee obiara a ͻbεyε papa no so, kyerεkyerεε biribiara mu pefee, na εyε kwankyerε ne ahummͻborͻ sεdeε wͻ’bεgye (wͻ’ne) wͻn Wura Nyankopͻn nhyiamu (Da) no adie

    [155] Saa Nwoma yi nso Yε’de nhyira na asiane, enti moni akyire na monsuro Nyankopͻn nyε ahwεyie sεdeε yεbehu mo mmͻbͻ

    [156] Sεdeε (Daakye) monkͻka sε: ‘’Nwoma no deε yesiane maa (nnipa) akuo mmienu bi (Yudafoͻ ne Kristofoͻ) a wͻ’dii y’anim kan no, na yε’deε yennim deε wͻ’suaeε no ho hwee

    [157] Anaa moankͻka sε: ‘’Sε yesianee Nwoma no maa yεn a anka yε’betene akyεn wͻn”. Ampa sε nyinasoͻ pefee ne kwankyerε ne ahummͻborͻ fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ. Onipa bͻnefoͻ bεn na ͻkyεn obia ͻpo Nyankopͻn Nsεm no na ͻdane neho fri ho? Yε’de akatua bͻne betua wͻn a wͻ’dane wͻn ho fri Yεn nsεm no ho no ka, εnam dane a wͻ’danee wͻn ho (frii ho) no nti

    [158] Enti wͻ’retwεn akosi sε Soro abͻfoͻ bεba wͻn hͻ, anaasε wo Wura Nyankopͻn bεba, anaa wo Wura Nyankopͻn (atemmuo no ho) nsεnkyerεnee bi bεba? Ɛda a wo Wura Nyankopͻn (Atemmuo no ho) nsεnkyerεnee no mu bi bεba no, ͻkra biara a onii kan nye nniiε anaa onyaa mfasoͻ bi (dada) wͻ negyidie no mu no, ne gyidie ho mma mfasoͻ. Ka sε: ‘’Montwεn, na yεnso yεretwεn “

    [159] Wͻn a wͻ’paepae wͻn Nyamesom mu na wͻ’gu akuo-akuo no, nokorɛ sε (Nkͻmhyεni) wonka wͻn ho. Wͻn asεm wͻ Nyankopͻn hͻ, na Ɔbεbͻ wͻn dwuma a na wͻ’die no ho amaneε

    [160] Obi a ͻde adepa bi bεba no, ͻwͻ nesεso so nhyira mperε du; ɛna obi nso a ͻde bͻne bi bεba no, bͻne no sεsε so akatua pεpεεpε na yεde betua no ka na yensisi wͻn

    [161] (Nkͻmyεni), ka sε: ‘’Medeε me Wura Nyankopͻn atene me afa kwan tenenee no so (de ama) nokorε som (no a εyε) Abraham teneneeni no kwan no, na na (Abraham) nka abosomsomfoͻ no ho”

    [162] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Nokorε sε me Sala anaa me Nyamefrε, ne m’afͻrebͻ, ne menkwa ne me wuo (nyinaa) wͻ Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn

    [163] “Onni ͻhokafoͻ biara, woi ho na y’ahyε me sε menyε Muslimifoͻ no mu nipa a odi kan

    [164] Ka sε: ‘’Menfri Nyankopͻn akyi mfa obi foforͻ nyε awurade aberε a Ɔno na Ɔyε biribiara Wura?” Ɔkra bi nya (bͻne) bi a, ͻno ara na etia no; na obia ͻso adesoa nnsoa obi foforͻ adesoa. Mo Wura Nyankopͻn hͻ na εyε monkyi, na deε moante moho ase wͻ ho no Ɔbεbͻ mo ho amaneε

    [165] Ɔno na W’ayε mo ananmusifoͻ wͻ asaase no so,1 εna W’apagya mo mu binom akyεn ebinom wͻ gyinaberε mu sεdeε adeε a Ɔde ama mo no Ɔde bεsͻ mo ahwε. Nokorε sε wo Wura Nyanko-pͻn ho yε hare wͻ asotwee ho, na nokorε nso sε ampa, Ɔne Bͻnefakyε Hene na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    Surah 7
    Al-A’raaf

    [1] Alif - Laam - Miim - Soaad

    [2] (Nkͻmhyεni, woi yε) Nwoma a yasiane ama woͻ, enti εmma w’akoma nnha wo wͻ ho; sεdeε wode bεbͻ kͻkͻ, na ayε afutusεm anaa nkaekaeε ama agyidiefoͻ no

    [3] Moni deε yasiane fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aberε mo no akyi, na monhwε na moamfri N’akyi ankodi akyitaafoͻ biara akyi, (nanso nnipa, anaa asεm no mu) kakraa bi na mokaeε

    [4] Nkuro dodoɔ sɛn na (εnam bͻne nti) Y’asεe no? Y’asotwee baa so anadwo, anaasε awigyina berε a na wͻ’adeda regye wɔn ahome

    [5] Ɛberε a Ya’sotwee baa wͻn soͻ no, esuu a wͻ’suiε nesε: “Nokorε sε yε’yε abͻnefoͻ.“

    [6] Nokorε sε, Yebebisa wͻn a Yε’somaa (asomafoͻ) kͻͻ wͻn hͻ no asεm, na Yebebisa asomafoͻ no nso asεm

    [7] Yε’de nimdeε bεkenkan (wͻn ho nsεm) akyerε wͻn na Yenfrii (wͻn ho) da

    [8] Saa Da no nsania no bεyε nokorε (nsania); enti obi a ne kari boɔ mu bɛyɛ du (wͻ papa yε mu wɔ) nsania no soɔ no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no

    [9] Na wͻn a wͻn kariboɔ mu bεyε hare (wͻ papa yε mu wɔ nsania no soɔ) no, woi nom na wͻn kraa aberε aguo, efrisε wͻ’yεε Yεn Nsεm no ho bͻne

    [10] Ampa sε, Yε’de mo tenaa asaase no so, εna Yε’yεε akͻnhoma bͻdeε wͻ so maa mo, (nanso) ayεyie ketewaabi na moyie

    [11] Ampa sε, Yε’bͻͻ mo, εna Yε’de mo too mfonini mu, εna Yε’ka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Monyε (Sujud anaa) monfa moanim mutu fͻm ma Adam. Wͻn (nyinaa) yεε Sujud no, gyesε lblis (anaasε ͻbonsam), wannka wͻn a wͻ’de wͻn anim butuu fͻm no ho

    [12] Nyankopͻn kaa sε: “Ɛdeεn na asi wo kwan a w’annfa w’anim ammutu fͻm wͻ aberε a M’ahyε woͻ?” Ɔkaa sε: “Mekyεn no; Wo bͻͻ me fri gyem, εna Wo bͻͻ ͻno nso fri nεteε mu”

    [13] Nyankopͻn kaa sε: “Ɛneε siane fri ha kͻ, εnyε mma wo sε wobεyε ahomasoͻ wͻ ha; enti fri ha kͻ, nokorε sε woka wͻn a yabrε wͻn ase agu wͻn anim aseε no ho”

    [14] (Iblis anaasε ͻbonsam) kaa sε: “Mame berε nkͻpem Da a wͻn bewu asͻreε”

    [15] Nyankopͻn kaa sε: ”Woka wͻn a yama wͻn berε no ho “

    [16] Iblis kaa sε: “Sεdeε W’abu me ͻyerafoͻ (anaa ͻbͻneεfoͻ) nti no, mεtena ase (atwεn) wͻn wͻ Wo kwan tenenee no mu “

    [17] “Afei mefri wͻn anim ne wͻn akyi ne wͻn nifa so ne wͻn benkum so aba wͻn so, na wonnya wͻn mu pii a wͻ’beyi (Wo) ayε

    [18] Nyankopͻn kaa sε: “Fri hͻ kͻ wͻ animguaseε mu, yayi wo adi. Nokorε sε, wͻn mu obiara a ͻbedi w’akyi no, Mede mo nyinaa bεhyε Ogya no mu mma

    [19] Adam, wo ne woyere montena Turo no mu, na monidi nkͻpem faako a mopε (biara), na monhwε na moammεn saa dua yi na moankͻka abͻneεfoͻ no ho

    [20] Nanso ͻbonsam daadaa wͻn sεdeε ͻbeyi wͻn adagya a yεde asuma wͻn no adi akyerε wͻn, na ͻkaa sε: “Ɛnyε biribiara ho nti na mo Wura Nyankopͻn abra mo saa dua yi, na mmom sε anyε a na moakͻyε Soro abͻfoͻ anaa moakͻyε wͻn a wͻ’te nkwa mu afe bͻͻ no mu bi”

    [21] Odii nse kyerεε wͻn sε: “Nokorε sε, meyε ofutufo pa paa ma mo mmienu.”

    [22] Enti ͻde naadaa maa wͻn hwee ase. Ɛberε a wͻ’kaa dua no (aba no bi) hwεeε no, wͻn adagya daa adi kyerεε wͻn, na wͻ’hyεε aseε kekaa Turo no mu nhahan no bi bobͻͻ mu katakataa wͻn ho so. Wͻn Wura Nyankopͻn frεε wͻn sε: “M’ammra mo saa dua no, εna Meka kyerεε mo sε ͻbonsam yε mo tamfo pefee?”

    [23] Wͻ’kaa sε: “Ye’wura Nyankopͻn, Y’ayε bͻne atia yεn kraa, na sε W’anfa yεn bͻne ankyε yεn na W’anhu yεn mmͻbͻ a, nokorε sε yεbεka brεguofoͻ no ho “

    [24] Nyankopͻn kaa sε: “Monsiane (nkͻ asaase so), moyε moho moho atamfo. Mowͻ asetena ne akͻnhoma wͻ asaase no so kͻpem εberε bi (a yεde ama mo no) awieɛ “

    [25] Nyankopͻn kaa sε: “Emu na mobεtena (wͻ monkwa nna mu) na emu na mobewuo na emu na mobepue afire (wͻ Wusͻreε Da no)

    [26] Adasamma, nokorε sε Y’asiane ntoma a εkata moadagya soͻ ama mo, εne ahosiesie deε, εna Nyamesuro ntoma nso, εno na εyε. Woi ka Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho, sεdeε wͻ’bεfa adwen

    [27] Adasamma, monhwε na moamma ͻbonsam annaadaa mo, sεdeε otuu mo awofoͻ frii Turo no mu no, na ͻpaa wͻn ho ntoma sεdeε ͻde wͻn adagya bεkyerε wͻn no. Nokorε sε, ͻne n’abusuafoͻ no hu mo wͻ baabi a monnhu wͻn. Nokorε sε, Y’ayε abosamfoͻ no akyitaafoͻ ama wͻn a wͻ’nnye nnie no

    [28] Sε wͻ’bu ahohwi bra bi a, wͻ’se: Yε’bεtoo Y’agyanom wͻ so (sε wͻ’reyε), na Nyankopͻn na Ɔde ahyε yεn (sε yεnyε). Ka sε: “Nyankopͻn nnhyɛ (onipa) mma no mmɔ ahohwi bra; anaasε moka deε monnim deto Nyankopͻn so

    [29] Ka sε: “Deε me Wura Nyankopͻn hyε (onipa) wͻ ho ne sε obedi nokorε, εna afei mode moanim bεkyerε Ɔno (nko ara) wͻ Nyamefrε berε biara, na afei mobesu afrε no wͻ nokorεdie mu, de ͻsom ama no. Sεdeε Osi hyεε mo ase (kane no, saa ara na) mobεsan aba (nkwa mu bio)

    [30] W’akyerε fekuo bi kwan, εna fekuo bi nso ͻyera no na εfata wͻn, efrisε wͻ’afrii Nyankopͻn akyi afa abonsamfoͻ de wͻn ayε akyitaafoͻ, na wͻ’dwene sε wͻn atene

    [31] Adam mma, monfa mo afεεfεdeε nsiesie mo ho wͻ Nyamefrε berε ne Nyamefrε bea biara mu, na monidi na monom, na (mmom) εmma mo nnsεe (no), efrisε Ɔmpε nsεmͻnefoͻ no asεm

    [32] (Nkͻmhyεni) ka sε: “Hwan na w’abra Nyankopͻn afεεfεdeε ne akͻnhoma pa no a W’ayi ama ne nkoa no? Ka sε: “(Saa nnepa no) wͻ wͻn a wͻ’agye adie no wͻ wiase asetena yi mu, (na εbεwͻ agyidiefoͻ no) nko ara wͻ Owusͻreε Da no. Saa ara na Yε’kyerεkyerε nsεm no mu dema amanfoͻ a wͻ’nim

    [33] Ka sε: “Deε me Wura Nyankopͻn abra ne ahohwisεm, emu deε εda adie ne deε asuma, εna bͻne, ne asisie a enni ho kwan (sε onipa yε), εna afei mode adeε a Onsianee ho tumi bi mmaeε bεbata Nyankopͻn ho, εna mobεka asεm a monnim de ato Nyankopͻn soͻ

    [34] Nnipa kuo biara wͻ εberε (a yahyehyε ama wͻn sε wͻ’de fri wiase); enti sε wͻn berε no so a, w’ͻnnka akyi dͻnhwere baako koraa, na wͻnkͻ animu nso (dͻnhwere baako)

    [35] Adasamma, sε asomafoͻ a wͻ’fri mo mu ba mo hͻ bεkenkan Mensεm kyerε mo a, obi a ͻbεgye adie na wayε ntotoeε pa no, ehuu mmͻ wͻn na wͻn werε nso nnho

    [36] Na wͻn a wͻ’bu Yεn Nsεm no atorͻsεm, na wͻ’yε ho ahomasoͻ no, wͻ’ne egya no mufoͻ no; emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [37] Enti hwan na ͻyε (nipa) bͻneni kyεn obi a ͻbͻ ne trim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaa ɔfa N’asεm no nkontompo sɛm? Saa nkorͻfoͻ no nsa bεka wͻn kyεfa a εwͻ Nwoma no mu; kͻpem sε Y’abͻfoͻ no bεba wͻn hͻ abeyi wͻn nkwa; (Abͻfoͻ no) bεka sε: “Deε na mofri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no wͻ hen?” Wͻ’bεka sε: “Y’ahwere wͻn”. Wͻ’bedi adanseε atia wͻn ho sε nokorε, wͻ’yε (kaafirfoͻ) boniayεfoͻ

    [38] Nyankopͻn bεka sε: “Monkͻka Jinni ne nnipa kuo no a wͻ’adi moanim kan atwa mu no ho, na mo ne wͻn nkͻ egya no mu. Ɛberε biara a nnipa kuo bi bewura mu no, ͻbͻ ne nua no dua kosi sε wͻn nyinaa bedidi so akͻ mu. Wͻn mu wͻn a wͻ’twa toͻ no bεka afa akandifoͻ no ho sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, woi nom na wͻ’yeraa yεn, enti ma wͻn ogya asotwee no mmͻhoo. Yεbεka akyerε wͻn sε: “Obiara wͻ (asotwee no) mmͻhoo nanso monnim”

    [39] Wͻn mu adikanfoͻ no nso bεka akyerε wͻn mu wͻn a wͻ’twatoͻ no sε: “Monnkyεn yεn, enti monka asotwee no nhwε εnam deε monyaeε ho nti”

    [40] Nokorε sε, wͻn a wͻ’bu Yεn Nsεm no atorͻsεm, na wͻ’yε ho ahomasoͻ no, yemmue ͻsoro apono mma wͻn, na w’ͻnnya kwan nnwura ͻsoro Aheman no mu kͻpem sε yoma bewura paneε tokuro mu. Saa na Y’etua abͻneεfoͻ no so ka

    [41] Wͻn wͻ ogya mpa (a wͻ’bεda soͻ) ne (Ogya) akatasoͻ (a wͻde bεkata) wͻn ho soͻ. Saa na Y’etua abͻneεfoͻ no so ka

    [42] Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no nso –Yεmfa adesoa nsoa ͻkra bi gyesε deε n’ahoͻden betumi –saa nkorͻfoͻ no ne Aheman no mu foͻ no. Emu na wͻ’bεtena

    [43] Yε’beyi yawdie a εwͻ wͻn akoma mu biara afri hͻ; nsubͻnten nenam wͻn ase. Wͻ’bεka sε: “Ayeyie ne aseda wͻ Nyankopͻn a W’akyerε yεn kwan akͻ woi mu. Sε W’ankyerε yεn kwan a, anka yennya kwan kyerε. Ampa sε, ye’Wura Nyankopͻn asomafoͻ no de Nokorε no bae”. (Soro abͻfoͻ) bεfrε sε: “Woi ne Aheman no a morebedi adeε wᴐ mu no, εnam dwuma (pa) a modiiε no ho nti”

    [44] Soro Aheman no mu foͻ no bεfrε Ogya no mufoͻ no sε: “Nokorε sε, yεnsa aka deε ye’Wura Nyankopͻn hyεε yεn ho bͻ no ampa; enti monso monsa aka deε mo Wura hyεε mo ho bͻ no ampa?” Wͻ’bεka sε: “Aane!” Ɔfrεfrεni bi bεfrε afri wͻn mu hͻ sε: “Onyankopͻn nnomee wͻ abͻneεfoͻ no so

    [45] Wͻn a wͻ’si (amanfoͻ kwan) fri Nyankopͻn kwan no so hwehwε sε εbεkyea, na wͻ’po Daakye no

    [46] Ntwaremu bi betware wͻn mmienu no (aheman mu foͻ no ne Ogya no mu foͻ) no ntεm. Mmarima bi wͻ fasuo no sorosoro a wᴐ’de (abᴐnefoᴐ no mu) biara nsohyε deε na ebehu wͻn; na wͻ’bεfrε Aheman no mufoͻ no sε: “Asomdwiε nka mo.” Wͻ’nnya nwuraa (Aheman no) mu deε, nanso wͻn wͻ ho anidaasoͻ

    [47] Sε wͻn ani twa kͻhwε Ogya no mufoͻ no a, deε wͻ’ka nesε: “Ye’ Wura Nyanko-pͻn, (yε’srε Wo sε), εnnfa yεn nnka abͻneεfoͻ no ho “

    [48] Mmarima a wͻn wͻ (fasuo) no soro hͻ no bεfrε mmarima a wͻ’de wͻn nsohyε-deε na ehu wͻn no sε: “Moahonya dodoͻ ne ahomasoͻ a na moyε no ansi mo hwee?’’

    [49] (Saa agyidiefoͻ) woi nom ho na mokaa ntam sε: “Nyankopͻn mmfa N’ahummͻborͻ nngu wͻn soͻ no?” (Yεbεka akyerε agyidiefoͻ no sε): “Monwura ͻsoro Aheman no mu; suro biara nni moso na mowerε nso nnho”

    [50] Amanehunu gya no mu foͻ no bεfrε ͻsoro Aheman no mu foͻ no sε: “Monhwie nsuo anaa deε Nyankopͻn de ama mo no mu bi ngu yεn so!” Wͻ’bεka sε: “Nokorɛ sɛ, Nyankopͻn ayε (deε wͻ’rebisa) no mmienu (nyinaa) akyiwadeε ama (kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no

    [51] Wͻn a wͻ’faa wͻn Nyamesom ahuhu-sεm ne agodie, na wiase asetena daadaa wͻn no. Enti εnnε Da yi Yεn werε befri wͻn sεdeε wͻn werε frii wͻn Da woi no, ne sεdeε wͻ’ko tiaa Yεn Nsεm no“

    [52] Ampa sε, Yε’de Nwoma a Y’εde nimdeε akyerεkyerε mu aberε wͻn; εyε kwankyerε ne ahummͻborͻ dema amanfoͻ a wͻ’gye die

    [53] Enti deε wͻ’retwεn ara nesε εberε no bεsoo? Ɛda a saa berε no bεsoo no, wͻn a kane no wͻn werε firiiε no bεka sε: “Ampa ye’Wura Nyankopͻn asomafoͻ no de nokorε no bae. Enti yεbenya ntwitwagyefoͻ bi a wͻ’betwitwa agye yεn? Anaasε yεma yεn nsan nkͻ (wiase) na yεnkͻdi dwuma a εnnyε deε yεdii no (kanee no)?” Ampa sε, wͻn ahwere wͻn kraa, na deε wͻ’bͻͻ wͻn trim yͻeε no nso adi wͻn hwammͻ

    [54] Nokorε sε, mo Wura no ne Nyankopͻn a Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase, εna Ɔde Neho sii Animonyam Ahennwa no soͻ. Ɔno na Ɔma adesaeε kata adekyeε soͻ (εna adekyeε nso kata adesaeε nso soͻ) na εde ntεm pε tͻkͻ so (di wͻn ho wͻn ho akyi). Awia ne bosome ne nsoromma nso berε wͻn ho ase ma N’ahyεdeε. Nokorε sɛ, Ɔno na abͻdeε ne ahyεdeε wͻ no. Nhyira Wura ne Nyankopͻn Abͻdeε nyinaa Wura no

    [55] Monfa ahobraseε nsu mfrε mo Wura Nyankopͻn wͻ kokoa mu. Nokorε sε, Ɔmpε mmratofoͻ no asεm

    [56] Na monhwε na akyire yi a yasiesie asaase soͻ no moanni nsεmͻnee wͻ so, na monfa suro ne anidaasoͻ nsu mfrε no. Nokorε sε, Nyankopͻn ahummͻborͻ no bεn apapafoͻ no

    [57] Ɔno na Ɔsoma mframa sԑ anohoba ma edi N’ahummͻborͻ no anim kan; kͻpem sε (mframa no) bεsoa munumkum duruduro no; Yepia (mununkum no) de ma asaase a awuo, na Yε’de asiane nsuo no, na Yε’de ama nnuaba biara apiepie. Saa ara na Yε’ma awufoͻ no piepie sεdeε mobεfa adwen

    [58] Asaase pa no nso, εso nnuaba no fifiri wͻ ne Wura Nyankopͻn akwamma mu. Na (asaase a) εnyε no emfifiri hwee, gyesε kakraa bi. Saa ara na Yε’kyerεkyerε nsεm no mu de ma amanfoͻ a wͻ’yi (Nyame) ayε

    [59] Ampa sε, Yε’somaa Noah kͻͻ ne nkorͻfoͻ hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na monni awurade foforͻ biara wͻ N’akyi. Nokorε sε mesuro Da kεseε no asotwee no ma mo “

    [60] Nhemfo a εwͻ nenkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Yehu wo sε wo wͻ ͻyera pefee paa mu “

    [61] Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, εnyε yera na mayera, na mmom meyε Ɔsomafoͻ firi Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ

    [62] Me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro na merebɔ akyerε mo, na merema mo afutupa, na menim adeε a monnim wͻ Nyankopͻn hͻ

    [63] Anaasε εyε mo nwanwa sε Afutusεm fri mo Wura Nyankopͻn hͻ nam momu nipa bi so aba mo hͻ sεdeε ͻde bεbͻ mo kͻkͻ na mobεyε ahwεyie ama yahu mo mmͻbͻ

    [64] Nanso wͻ’buu no nkontomponi, enti Yε’gyee no, ne wͻn a wͻ’ka ne ho no wͻ εhyεn no mu no nkwa, na Yε’maa nsuo faa wͻn a wͻ’faa Yεn Nsεm no atorͻsεm no. Nokorε sε, na wͻ’yε nnipa a wͻn ani afira

    [65] Aadfoͻ nso wͻn nua Huud kͻͻ wͻn hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, (efrisε) monni awurade foforͻ biara wͻ N’akyi. Enti monnnsuro Nyankopͻn na monnyε ahwεyie?”

    [66] Nhemfo {anaa mpanimfoͻ} boniayεfoͻ a εwͻ nenkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Nokorε, yehu wo sε wo wͻ agyimisεm mu na yε’dwen sε woka nkontompofoͻ no ho

    [67] Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, εnyε gyimii na m’agyimi, na mmom meyε Ɔsomafoͻ fri Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ “

    [68] Me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro na merebɔ akyerε mo, na meyε ofutufo pa nokwafoͻ ma mo

    [69] Anaasε εyε mo nwanwa sε Afutusεm fri mo Wura Nyankopͻn hͻ nam mo mu nipa bi so aba mo hͻ sε ͻmεbͻ mo kͻkͻ? Monkae εberε a Ɔyεε mo ananmusifoͻ wͻ Noa nkorͻfoͻ no akyi, na Ɔmaa mo nkͻsoͻ wͻ abͻdeε (a atwa moho ahyia) no mu. Enti monkae Nyankopͻn adom, sεdeε mobedi nkonim

    [70] Wͻ’kaa sε: “Wobaa yεn hͻ sεdeε yεbεsom Nyankopͻn nko ara, na yεbegyae deε na y’agyanom som? Ɛneε fa deε worehyε yεn ho bͻ no bra, sε woka nokwafoͻ no ho ampa a”

    [71] Ɔkaa sε: “Nokorε asotwee ne abufuo fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo so. Moregye me akyinnye wͻ (abosom) din a mo ne moagya nom atotoͻ no ho, abrɛ a Nyankopͻn nsianee tumi biara wɔ ho? Eneɛ montwεn, na meka mo ne wͻn a wͻ’retwεn no ho

    [72] Enti Yε’de ahummͻborͻ a efiri Yεn hͻ no gyee no ne wͻn a wͻ’ka ne ho no nkwa. Na Yε’tͻree wͻn a wͻ’faa Yεn Nsεm no atorͻsεm no ase. Na (saa nkorͻfoͻ no) nyε agyidiefoͻ

    [73] Samuudfoͻ no nso (Yε’somaa) wͻn nua Soalih maa no kͻͻ wͻn hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na monni awurade foforͻ biara wͻ N’akyi. Ampa sε (Nokorε) pefee fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ; woi yε Nyankopͻn yoma bedeε a ͻyε nsεnkyerεnee ma mo; enti monyae no ma no nidi wͻ Nyankopͻn asaase no so, na monhwε na moanyε no bͻne, anyε saa a asotwee a εyε ya paa bεsͻ mo mu

    [74] Monkae εberε a Ɔyεε mo ananmusifoͻ wͻ Aadfoͻ no akyi, de mo tenaa asaase no soͻ, na mosisii mo abansoroͻ wͻ ne petee no mu, san bͻne mmepͻ mu yεε no adan. Enti monkae Nyankopͻn adom, na monhwε yie na moanni nsεmͻnee wͻ asaase no so

    [75] Nhemfo (anaa mpanimfoͻ) a wͻ’yε ahomasoͻ wͻ ne nkorͻfoͻ no mu no ka kyerεε wͻn a wͻ’yε mmrε na wͻ’agye adi wͻ wͻn mu no sε: “Monim sε Soalh yε obia ne Wura Nyankopͻn na asoma no? “Wͻ’kaa sε: “Nokorε sε yε’gye deε yεde asoma no no di”

    [76] Wͻn a wͻ’yε ahomasoͻ no kaa sε: “Nokorε sε yε’deε, yεnnye deε mogye die no nni “

    [77] Enti wͻ’kum yoma bedeε no, na wͻ’tee wͻn Wura Nyankopͻn ahyεdeε no so atua, kaa sε: “Soalh, fa deε w’ahyε yεn ho bͻ no bra, sε woka (Nyame) asomafoͻ no ho ampa a”

    [78] Enti asaase wosoͻ sͻͻ wͻn mu, na wͻ’yεε dinn wͻ wͻn afie mu

    [79] Enti (Soalh) danee ne ho fri wͻn ho kaa sε: “Menkorͻfoͻ, mebͻͻ mo me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro kyerεε mo, na metuu mo fo, nanso moampε afotuo no”

    [80] Ɛna Lut nso, εberε a ͻka kyerεε ne nkorͻfoͻ no sε: “Mobͻ ahohwi bra a amansan no mu biara nnii moanim kan nyεε bi da?”

    [81] “Nokorε sε, mofri mmaa akyi de akͻnnͻ kͻ mmarima ho. Daabi, moyε nnipa a modi nsεmᴐne.”

    [82] Ne nkorͻfoͻ no mmuaeε a wͻ’de maeε ara nesε: “Montu wͻn mfri mo kuro no mu; efrisε, wͻ’yε nipa a wͻ’pε ahoteε“

    [83] Enti Yε’gyee ͻne n’abusuafoͻ nkwa, gyesε neyere, na ͻka wͻn a wͻ’kaa akyire no ho

    [84] Na Yε’tͻͻ nsuo paa gu wͻn so. Enti hwε sεdeε abͻneεfoͻ no awieε si wieε

    [85] Ɛna Mad’yan nso wͻn nua Shua’ib kͻͻ wͻn hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, monni awurade foforͻ biara wͻ N’akyi. Ampa, nyinasoͻ pefee fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ; enti (sε morehyε adeε ama obi a) monhyε ma εnyε ma, na monsusu (biribiara nso pεpεεpε) na monhwε na moanfa nyansa kwan ante amanfoͻ nneεma so, afei εmma monni nsεmͻne wͻ asaase no so wͻ akyire yi a yatoto biribiara wͻ so pεpεεpε. Saa na εyε papa ma mo sε moyε gyidiefoͻ ampa a

    [86] Monhwε na moantenatena akwan biara so anhunahuna wͻn, annsi wͻn a wͻ’agye adie no kwan amfri Nyankopͻn kwan no so anhwehwε sε (Nyame kwan no) bεkyea. Na monkae εberε a na moyε kakraabi, na Ɔmaa mo dͻͻso; na monhwε sεdeε nsεmͻnedifoͻ no awieε si wieε

    [87] Sε mo mu fa bi agye deε yεde somaa me no adi, ɛna εfa bi nso nnye nni a, monsi aboterε nkͻpem sε Nyankopͻn bebu yεn tεm atεn; na Ɔne atemmufoɔ mu Otemmufoͻ pa no”

    [88] Nhemfo (anaa mpanimfoͻ) ahomasoͻ foͻ a εwͻ ne nkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Sε εteε biara yε’betu wo Shu’aibu ne wͻn a w’agye adi aka wo ho no afri ye’kuro yi mu, gyesε mosan ba yε’som yi mu bio. Shu’aib kaa sε: “Sε yε’mpε mpo a?”

    [89] “Nokorε sε, sε yε’san ba mosom no mu wͻ akyire yi a Nyankopͻn agye yεn nkwa afri mu yi a, εneε na anka y’abͻ yetirim atwa nkontompo ato Nyankopͻn so. Ɛnyε mma yεn sε yε’bεsan akͻ mu bio, gyesε εyε ye’Wura Nyankopͻn pε. Ye’Wura Nyankopͻn nimdeε trε duru biribiara so. Onyankopͻn so na yε’de yεn ho toͻ. Ye’Wura Nyankopͻn, fa nokorε bu yεne yεn nkorͻfoͻ yi ntεm atεn, na Wone Otemmufoɔ mu Otemmufoɔ pa no”

    [90] Ne nkorͻfoͻ no mu nhemfo (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no kaa sε: “Sε modi Shu’aib akyi a nokorε sε na moabrε agu

    [91] Enti asaase wosoͻ sͻͻ wͻn mu, na wͻ’yεε dinn wͻ wͻn afiee mu

    [92] Wͻn a wͻ’buu Shu’aib nkontomponi no, wͻ’yεε sεdeε wͻ’ntenaa (wͻn afiee) mu da; wͻn a wͻ’buu Shu’aib nkontomponi no wͻ’ne brεguofoͻ no

    [93] Enti Shuaib danee ne ho frii wͻn ho kaa sε: “Menkorͻfoͻ, ampa sε mebͻͻ me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro kyerεε mo, san tuu mo afutu pa. Na εbεyε dεn na madi amanfoͻ a wͻ’po (Nyankopͻn asεm no) ho awerεhoͻ

    [94] Kuro biara a Yε’somaa nkͻmhyεni bi kͻͻ soͻ (na wͻ’yεε asoͻden) no, Yε’de mmusuo ne ͻhaw bi (tesε ohia ne yadeε) too wͻn so sεdeε wͻ’bεbrε wͻn ho aseε

    [95] Afei na Y’asesa bͻne no, de papa ahyε anan mu, kosi sε wͻ’bεdͻͻso anya nkͻsoͻ, na wͻn aka sε: “Ampa ͻhaw ne anigyeε too y’agya nom, (saa berε no) na Y’asͻ wͻn mu mpofirem a wͻ’nnim ho hwee

    [96] Sε nkuro no sofoͻ no gye dii, εna wͻ’suroo Nyame yεε ahwεyie a, anka Yε’buee nhyira fri soro ne asaase so maa wͻn. Nanso wͻ’faa no atorͻsεm, enti Yε’twee wͻn aso εnam deε wͻ’anya no ho nti

    [97] Enti nkuro no so foͻ no ho atͻ wͻn wͻ Y’asotwee a εbεba wͻn so anadwo aberε a wͻn adeda no ho

    [98] Anaasε nkuro no sofoͻ no ho atͻ wͻn wͻ Y’asotwee a εbεba wͻn so anͻpa aberε a wͻ’redi agorͻ no ho

    [99] Enti wͻn ho atͻ wͻn wͻ Nyankopͻn trimu pͻ ho? Obi nnya abotͻyεmu wͻ Nyankopͻn trimu pͻ ho, gyesε amanfoͻ a w’abrε aguo no

    [100] Enti εnyε kwankyerε (anaa adesua) mma wͻn a wabedi adeε asaase so wͻ adeε wura nom (wuo) akyiri no sε, sε Yε’pε a yεde wͻn bͻne bεtwe wͻn aso, na yatua wͻn akoma ano a enti wͻ’ntumi nte asεm

    [101] Saa na nkuro a Y’aka ho asεm akyerε woͻ no teε. Ampa sε wͻn asomafoͻ no de nyinasoͻ pefee no brεε wͻn, nanso na wͻ’nyε (nnipa a) wͻ’bεgye deε wͻn adikan apoͻ no adie. Saa na Nyankopͻn tua boniayεfoͻ no akoma ano

    [102] Y’anhunu sε wͻn mu dodoͻ no dii wͻn apam (no ho nokorε), na Yehunuu sε wͻn mu dodoͻ no yε abᴐnefoͻ

    [103] Afei wͻn akyi no, Yε’de Yεn nsεnkyerεnee somaa Mose maa no kͻͻ Farao ne nenhemfo no hͻ, nanso w’ͻyεε (asεm) no bͻne. Enti hwε sεdeε nsεmͻnefoͻ no awieε si wieε

    [104] Mose kaa sε: “Farao, nokorε sε meyε Ɔsomafoͻ a mefri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ “

    [105] Nokorε, asεdeε a εda me soͻ ne sε mennka biribi nnto Nyankopͻn so gyesε Nokorε no nko ara. Ampa sε, mede nyinasoͻ pefee fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aberε mo, enti ma Israel mma no kwan na wͻ’ne me nkͻ

    [106] Farao kaa sε: “Sε wode nsεnkyerεnee bi aba a εneε fabra (ma yεnhwε) sε woka nokwafoͻ no ho ampa a

    [107] Enti Mose de nepoma no too hᴐ, na hwε, ͻwͻ pefee bi ni

    [108] Na oyii nensa no na ayε fitaa ama bɛhwɛɛ adeɛfoɔ no

    [109] Nhemfo {anaa mpanimfoͻ} a wͻn wͻ Farao nkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Nokorε sε, woi yε nkoyaayini a onim de (anaasε waben)

    [110] Ɔpε sε otu mo fri mo asaase no soͻ; na modwen ho sεn?”

    [111] Wͻ’kaa sε: “Ma no ne onua no nwͻ hͻ, (anaa wͻ’ntwεn) na soma dawubͻfoͻ wͻ nkuro no so (ma wͻnkͻ boaboa nkonyaayifoͻ ano)

    [112] Wͻ’de nkonyaayifoͻ a wͻ’nim de (anaasε w’aben) biara bεberε wo”

    [113] Nkonyaayifoͻ no baa Farao hͻ no, wͻ’kaa sε: “Sε εba sε yε’di nkonim a yεbenya akatua paa“

    [114] Farao kaa sε: “Aane! (Sε modi nkonim a) mobεka wͻn a wͻ’bεn (me) no ho “

    [115] (Nkonyaayifoͻ no) kaa sε: “Mose, wo na wo (bεdi kan) atoͻ anaa yεn na (yeni kan) ntoͻ?”

    [116] Mose kaa sε: “ Monto. ”Ɛberε a wͻ’toeε no wͻ’brii amanfoͻ no aniso, na wͻ’bͻͻ ehuu guu wͻn mu, na wͻ’yii nkonyaa kεseε paa adi

    [117] Yeyi kyerεε Mose sε: “Fa wo poma no to hᴐ.” Na hwε, εmemenee wͻn nkontompo deε (a wͻ’yi kyerεeε no nyinaa)

    [118] Enti nokorε no sii pi, na deε na wͻ’yε no yεε kwa

    [119] (Farao nkorͻfoͻ no) dii nkoguo wͻ hͻ, na wͻ’de animguaseε san wͻn akyi (kͻe)

    [120] Nkonyaayifoͻ no de wͻn ho kͻͻ fͻm de wͻn anim butuu fͻm

    [121] Kaa sε: “Y’agye Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no adi

    [122] Mose ne Aaron Wura Nyankopͻn no

    [123] Farao kaa sε: “Moagye no adi wͻ aberε a menya mmaa mo ho kwan? Woi yε εpͻ a moabͻ no wͻ kuro yi ho sε, mobetu emu foͻ no. Mobehunu seesei ara

    [124] Sԑ ԑteԑ biara metwitwa monsa ne monan abͻ no abira, na m’asan abͻ mo nyinaa asennua mu.”

    [125] (Farao nkonyaayifoͻ a wͻ’agye Mose adie no) kaa sε: “Nokorε sε, ye’Wura Nyankopͻn hͻ na yε’bεsan akͻ

    [126] Deε enti wode bɔne retua yɛn ka ara ne sε, εberε a ye’Wura Nyankopͻn nsεnkyerεnee baa yεn hͻ no y’agye adi nti. “Ye’Wura Nyankopͻn (yεsrε Wo sε), hwie aboterε gu yεn so na ma yεn nwu sε Muslimifoͻ”

    [127] Nhemfo a wͻn wͻ Farao nkorͻfoͻ no mu no kakyerεε Farao sε: “Wobegyae Mose ne nenkorͻfoͻ ama wͻn ayε basabasa wͻ asaase yi so na wͻ’apa wo ne w’anyame akyi? (Farao) kaa sε: “Yεbekunkum wͻn mma mmarima na yama wͻn mmaa no atena ase; na nokorε sε yεn na yεwͻ wͻn so tumi“

    [128] Mose ka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Monsrε Nyankopͻn hͻ mmoa, na monsi aboterε, efrisε, asaase no yε Nyankopͻn dea, na Nenkoa mu nea Ɔpε na Ɔde no di so adeε; na awieε pa no deε εwͻ Nyame-surofoͻ no “

    [129] Wͻ’kaa sε: “(Farao ne nenkorͻfoͻ) atane y’ani ansa na woreba yεn hͻ, na akyire yi a wobaa yεn hͻ yi nso saa ara. (Mose) kaa sε: “Ebia mo Wura Nyankopͻn bεsεe motamfoͻ no na W’ayε mo ananmusifoͻ wͻ asaase no so, na W’ahwε sεdeε (monso) mobεyε”

    [130] Ampa sε, Yε’de sukͻm anaa ͻpε, ne nnuaba sεeε twee Farao nkorͻfoͻ no aso sεdeε wͻ’de betu wͻn ho foͻ

    [131] Nanso sε papa bi ba wͻn so a, deɛ wͻ’ka ne sɛ: “Woi deε yε’dea,” na sε bͻne bi nso to wͻn a wͻ’de tibͻne no (ho soboɔ) bɔ Mose ne wͻn a wͻ’ka ne ho no. Nokorε sε, wͻn tibͻne no fri Nyanko-pͻn hͻ, nanso wͻn mu pii nnim

    [132] Wͻ’kaa sε: “Nsεnkyerεnee biara a wode bεba yεn hͻ de abebri y’ani soͻ no yεnye wo nni”

    [133] Enti Yε’de owudͻm, anaa nsutᴐ a ano yԑ den, ne mmεbε ne edwie ne mponkyerεne ne mogya baa wͻn so ; (woi nom yε) nsεnkyerεnee pefee. Nanso wͻ’yεε ahomasoͻ; na wͻ’yε nnipa nnebͻneεfoͻ

    [134] Ɛberε a ͻhaw no bεtͻͻ wͻn soͻ no wͻ’kaa sε: “Mose, frε wo Wura no ma yεn sεdeε Ɔne wo ayε apam no. Sε Oyi ͻhaw no fri yεn so a nokorε sε, yε’bεgye wo adi na yama Israel mma no ne wo akͻ “

    [135] Nanso εberε (biara) a Yε’beyi ͻhaw no afiri wͻn so akosi εberε a εsεsε wͻ’di (wͻn bͻhyε no) soͻ no pε, na wͻn abu (bɔhyɛ no) so

    [136] Enti Yetuaa wͻn so ka, maa nsuo faa wͻn wͻ ͻpo no mu, efrisε wͻ’buu Yεn nsεnkyerεnee no nkontonposεm, na wͻ’buu wͻn ani nso guu so

    [137] Yε’de nnipa a wͻ’faa wͻn sε wͻ’yε mmerε (anaa wͻ’nni ahoͻden) no dii adeε wͻ asaase a Y’ahyira soͻ no apueε ne n’atͻeε. Saa na wo Wura Nyankopͻn bᴐhyԑ anaa asԑmpa no hyεε mma wͻ Israel mma no so, εnam wͻn aboterε nti. Yε’sεee deε Farao ne ne nkorͻfoͻ no yͻeε no ne deε wͻ’sisiieε no

    [138] Yε’de Israel mma no twaa ͻpo no, wͻ’bεtoo nkorͻfoͻ bi a wͻ’de wͻn ho ama wͻn abosom. Wͻ’kaa sε: “Mose, yε nyame ma yεn sεdeε wͻn wͻ anyame no. (Mose) kaa sε: “Nokorε sε, moyε nnipa bi a moadwen awu paa“

    [139] (Mose kͻͻ so kaa sε): “Nokorε sε deԑ saa nkorͻfoͻ yi wᴐ mu yi, de wᴐn bԑkᴐ ᴐsԑeԑ mu ama wᴐn dwuma a wᴐ’redie ayԑ kwa

    [140] Ɔkaa sε: “Menfri Nyankopͻn akyi nhwehwε nyame ma mo aberε a W’adom mo akyεn amansan no nyinaa

    [141] Monkae εberε a Y’εgyee mo frii Farao ne ne nkorͻfoͻ a na wͻ’de aniεyaa ne ateeteε kεse ato mosoͻ, (na) wͻ’kunkum mo mma mmarima ma mo mmaa no tena aseε no nsam.“ Nokorԑ sԑ nsͻhwε kεseε paa a efri mo Wura Nyankopͻn hͻ wͻ woi mu ma mo”

    [142] Ye’yii adaduasa maa Mose, na Yε’de dadu hyεε no mma, enti ne Wura Nyankopͻn berε (a Ɔhyεε no) no wiee adaduanan. (Ͻrebεkͻ no) Mose ka kyerε ne nua Aaron sε: “Si manan wͻ me nkorͻfoͻ no mu na yε ntotoeε pa, na hwε na w’anni nsεmͻnedifoͻ no akyi”

    [143] Ɛberε a Mose baa εberε no mu, ne bea a Yε’hyεε no, na ne Wura Nyankopͻn ne no kasaeε, ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, yi Woho adi kyerε me na menhwε Wo”. Nyankopͻn kaa sε “(Mose), wontumi nhu Me, na mmom hwε bepͻ no, sε etumi gyina ne baabi a etim no deε a, εneε ebia wobehu Me“. Ɛberε a ne Wura Nyankopͻn yii N’animuonyam adi wͻ bepͻ no soͻ no, εmaa no bubuu gͻsͻgͻsͻgͻsͻ, na Mose twa hwee fͻm tͻree mum. Ɛberε a n’ani so teteeε no, ͻkaa sɛ: “Kronkron hene ne Wo Awurade! M’asakra m’adwen aba Wo hͻ. Na me ne agyidiefoͻ no mu nea odikan”

    [144] Nyankopͻn kaa sε: “Mose, Mede Me nsεm ne Mekasaa ayi wo, akorͻn wo wͻ nnipa no so. Enti sͻ deε Mede ama woͻ no mu yie, na ka wͻn a wͻ’yi ayε no ho”

    [145] Yε’twerεε afutusεm ahodoͻ ne biribiara nkyerεkyerεmu wͻ Twerε pono no so demaa no (ka kyerεε no sε): “Fa ahoͻden sͻ mu, na hyε wo nkorͻfoͻ no ma wͻ’nsͻ emu papa no mu. Mεkyerε mo abͻneεfoͻ no fiee

    [146] Meyi Mensεm no afri wͻn a wͻ’yε akεsesεm wͻ asaase so a wͻ’nni ho kwan sε wͻ’yε no so; sε wͻ’hunu nsεnkyerεnee biara a wͻ’nnye nni, nasε wͻ’hunu ͻkwan tenenee a w’ͻnnfa no (sε) ͻkwan (pa); na sε wͻ’hunu ͻyera kwan a wͻ’fa no ͻkwan (pa). Saa, efrisε wͻ’fa Yεn Nsεm no nkontomposεm na wͻ’bu wͻn ani gu so

    [147] Wͻn a wͻ’fa Yεn Nsεm no ne Daakye nhyiamu no nkontomposεm no, wͻn dwuma die anso aba. Enti εnyε dwuma a wͻ’diiε no so akatua na yεde betua wͻn ka

    [148] Mose nkorͻfoͻ no faa wͻn agudeε deyεε natwie sεso a εwͻ nnee bi (som no) wͻ Mose akyi. Enti na wͻ’nnhunu sε (nantwie a w’ayε no nyame no entumi) ne wͻn nkasa, anaa ͻnkyerε wͻn kwan? Wͻ’faa (sika kͻkͻͻ nantwie) no (som no) na wͻ’yε abͻneεfoͻ

    [149] Ɛberε a wͻnuu wͻn ho hunuu sε wͻn ayera no, wͻ’kaa sε: “Sε ye’Wura Nyankopͻn anhu yεn mmͻbͻ na W’anfa yεn bͻne ankyε yεn a, yεbεka berεguofoͻ no ho

    [150] Ɛberε a Mose de abufuo ne awerεhoͻ san baa ne nkorͻfoͻ no hͻ no, ͻkaa sε: “Dwuma bͻne paa na moagyina manan mu adi no wͻ m’akyi; mopε Nyankopͻn atemmuo no ntεm?” Ɔde Twerε apono no guu hͻ, na ͻpari sͻͻ nenua (Aaron) ti a ͻretwe no ba ne hͻ. (Aaron) kaa sε: “Eno ba, nokorε sε, nkorͻfoͻ no faa me sε meyε mmrε, na εkaa kakraabi sε anka wͻ’kum me. Enti εmma atamfoͻ no nsere me, na εnfa menka abͻneεfoͻ no ho “

    [151] Mose kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, fa me ne me nua (Aaron) bͻne kyε yεn na fa yεn wura W’ahummͻborͻ no mu, na Wone ahummͻborͻ mu Ahummͻborͻ Hene no

    [152] Wͻn a wͻ’faa natwie no (som no no), abufuo a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, ne wiase yi mu animguaseε bεto wͻn. Saa na Yetua obi a ͻbͻ netrim twa nkontompo no so ka

    [153] Wͻn a wͻ’yε bͻne, na εno akyi wͻ’nya adwen sakra na wͻ’gye die no, nokorε sε. εno akyi no, wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [154] Ԑberε a Mose abufuo no ano berεε aseε no, ͻfaa Twerε apono no. Na kwankyerε ne ahummͻmborͻ wͻ ntwerεeε no mu dema wͻn a wͻ’suro wͻn Wura Nyankopͻn

    [155] Mose tuu ne nkorͻfoͻ no mu mmarima aduͻson demaa Yε’brε, ne bea a Y’ahyε (sε Yε’ne no behyia). Ԑberε a asaase wosoͻ sͻͻ wͻn mu no, Mose kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, sε εyε Wopε a, anka Wosεee wͻn ne me dadaada. Wobεsεe yεn wͻ deε yεn mu nkwaseafoͻ bi ayε ho nti? Woi yε Wo nsͻhwε no bia. Wode yera obi a Wopε, εna Wode kyerε obi a Wopε nso kwan. Wone yεn Kyitaafoͻ, enti fa yε’bͻne kyε yεn na hu yεn mmͻbͻ, na Wone bͻnefakyεfoͻ nyinaa mu Bͻnefakyε Wura papa no

    [156] Na hyehyε papa ma yεn wͻ wiase yi mu ne Daakye no mu nso, nokorε sε Wo hͻ na yεdane y’ani kyerε“. Nyankopͻn kaa sε: “M’asotwee no Mede bεtwe obi a Mepε aso, na M’ahummͻborͻ atwa biribiara ho ahyia. Enti Mεhyehyε (papa) ama wͻn a wͻ’suro Nyame na wͻ’yε ahwεyie, na wͻ’yi Zaka, ne wͻn a wͻ’gye Yεn Nsεm no die

    [157] Wͻn a wͻ’di Ɔsomafoͻ Nkͻmhyεni Fratamni a wͻn ahunu sε yatwerε ne ho asεm wͻ wͻn hͻ wͻ Tora ne Injeel no mu no akyi; ͻrehyε wͻn ma wͻ’yε papa, εna ͻrebra wͻn ma wͻ’gyae amumuyε; ͻma wͻn deε εyε ho kwan, εna ͻrebra wͻn adeε a εyε fii, εna ͻreyi wͻn adesoa duruduro ne nkͻnsͻnkͻnsͻn a na εda wͻn soͻ no fri wͻn soͻ. Enti wͻn a wͻ’agye (saa Nkͻmhyεni) no adie, na wͻ’de obuo ma no, na wͻ’boa no, na wͻ’di nhyerεnee a yasiane aka ne ho no akyire no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no

    [158] (Nkͻmhyεni), kasε: “Adasamma, meyε Ɔsomafoͻ fri Nea ͻsoro ne asaase ahennie yε Nedea no hͻ dema mo nyinaa”. Awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno (nko ara); Ɔno na Ɔma nkwa εna Okum. Enti monye Nyankopͻn ne ne Somafoͻ Nkͻmhyεni Fratamni no a ͻgye Nyankopͻn ne Nensεm die no ni, na moni n’akyi sεdeε mobenya kwankyerε

    [159] Nnipa bi wͻ Mose nkorͻfoͻ no mu a wͻ’de nokorε no kyerε kwan, na wͻ’di ho nokorε nso

    [160] Yε’kyekyεε Israelfoͻ mu mmusua kuo dummienu. Ԑberε a Mose nkorͻfoͻ no bisaa no nsuo, Ye’yi kyerεε no sε: “Fa wo poma no bͻ ͻbotan no mu“. Enti asutire dummienu pue frii mu. Abusua no mu biara hunuu wͻn anomeε. Na Yε’de mununkum yεε kyinnieε wͻ wͻn so, na Ye’sianee Manna ne Salwa maa wͻn (ka kyerεε wͻn sε): “Monidi mfri nnepa a Yε’de abͻ mo akͻnhoma no mu.”. Wͻn annyε Yεn bͻne na mmom wͻ’yεε bͻne tiaa wͻn ara wͻn kraa

    [161] Kae εberε a yεka kyerεε wͻn (Israelfoͻ no) sε: ‘’Montena saa kuro yi mu na monidi nkͻpem faako a mopε, na monka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, yi yεn bͻne fri yεn so”. Na monfa ahobraseε nwura ͻpono no mu; Yε’de mo mfomsoͻ bεkyε mo na Yε’de (papa no bi) aka ho ama apapayεfoͻ no”

    [162] Nanso wͻn mu abͻneεfoͻ no sesaa asεm a yεka kyerεε wͻn no kͻfaa foforͻ. Enti Yesianee asotwee firii soro baa wͻn so, εnam wͻn bͻne ho nti

    [163] (Nkͻmhyεni), bisa wͻn (Yudafoͻ no) fa kuro bi a na εda ͻpo ho no ho asεm, εberε a wͻ’too Sabat ho mmara no, εberε a wͻn nsuo mu nnam baa wͻn hͻ wͻ wͻn Sabat da no wͻ nsuo no ani no; sε εnyε Sabat da a wͻ’mma wͻn hͻ. Saa ara na Yε’sͻͻ wͻn hwεeε εnam wͻn nsεmmͻnee nti

    [164] Ɛberε a wͻn mu fekuo bi kaa sε: ‘’Adεn na moretu amanfoͻ a Nyankopͻn bεsεe wͻn anaa Ɔde asotwe kεseε bεtwe wͻn aso no foͻ?” Wͻ’kaa sε: “Sεdeε εbεyε nyinasoͻ wͻ mo Wura Nyankopͻn hͻ nti, na afei ebia wͻ’bεsuro Nyame na wͻ’ayε ahwεyie”

    [165] Enti εberε a wͻn werε frii adeε a yetuu wͻn fo wͻ ho no, Yε’gyee wͻn a wͻ’twe wͻn ho fri bͻne ho no nkwa, εna Yε’de asotwee bͻne twee wͻn a wͻ’di bͻne no aso εfa wͻn bͻne no ho nti

    [166] Enti εberε a wͻ’tee atua wͻ deε yabra wͻn no ho no, Yε’ka kyerε wͻn sε: “Monyε nnoe (anaasε nsoroboa) wͻ animguaseε mu”

    [167] Kae εberε nso a wo Wura Nyankopͻn de too dwa sε, Ɔbεsoma wͻn a wͻ’de asotwee bͻne bεtwe wͻn (Israelfoͻ no) aso akosi Wusͻreε Da no. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ho yε hare wͻ awerεtͻ mu; na nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [168] Yε’kyekyεε wͻn mu akuo-akuo, wͻ asaase no so; wͻn mu bi yε apapafoͻ na wͻn mu bi nso nnte saa. Na Yε’de papa ne bͻne sͻͻ wͻn hwεe sεdeε wͻ’bεsan wͻn akyi (afri bͻneyε mu)

    [169] Wͻn akyi no, awoͻ ntotoasoͻ (bͻne) a yεde Nwoma no hyεε wͻn nsa bεhyεε wͻn anan mu, wͻ’faa wiase yi mu ahuhudeε no, na deε wͻ’kaeε ne sε: “Yε’de yεn bͻne bεkyε yεn.“ Sε ahuhudeε a εte saa sεso mpo baa wͻn hͻ a (anka wͻ’bεsan) agye (aka ho). Enti yεnyee apam wͻ wͻn hͻ wͻ Nwoma no mu sε: “Wͻnhwε na wͻn anka biribi annto Nyankopͻn so gyesε nokorε nko ara?” Aberε nso a wͻ’asua deε εwͻ (Nwoma no) mu no. Daakye asetena no yε ma wͻn a wͻ’suro Nyame na wͻ’yε ahwεyie. Enti monnwen anaa

    [170] Wͻn nso a wͻ’sͻ Nwoma no mu (pintinn) na wͻ’frε Nyame wͻ nebrε mu no, nokorε sε Yε’mma apapafoͻ no akatua nyε kwa

    [171] Kae εberε a Yε’pagyaa bepͻ no wͻ wͻn apampamu tesε deε εyε kyinnieε, na wͻn adwen yεε wͻn sε εrebεte ahwe wͻn soͻ: (Yε’ka kyerεε wͻn sε): “Monfa ahoͻden nsͻ deε yεde ama mo no mu yie, na monkae deε εwͻ mu no sεdeε mobesuro Nyame ayε ahwεyie”

    [172] Na kae εberε a wo Wura Nyankopͻn yii Adam mma asefoͻ firii wͻn sisi mu maa wͻ’dii adanseε faa wͻn ara ho. (Obisaa wͻn sε): “Ɛnyε Me ne mo Wura Nyankopͻn? Wͻ’kaa sε: “Aane! Yε’gye adanseε“. “Anhwε a Wusͻreε da no moakͻka sε yε’deε yennim woi ho hwee”

    [173] Anaasε anhwε a na moakͻka sε: “Y’agyanom na wͻ’dii kan yεε (Nyankopͻn ho) mmataho na yεn deε na yεyε (wͻn) asefoͻ wͻ wͻn akyi. Na (Awurade), Wobεsεe yεn wͻ deε nkontompofoͻ no yͻeε no ho nti?”

    [174] Saa ara na Yε’kyerεkyerε Nsεm no mu sεdeε wͻ’bεsan wͻn akyi (afri wͻn agyanom kwan a wͻ’resua no soͻ)

    [175] Ka obia Yεde Yεn nsεm no maa no na ͻtwee ne ho frii ho no asεm no kyerε wͻn; εnam so maa ͻbonsam dii n’akyi na ͻkͻkaa ayerafoͻ no ho

    [176] Sε Yεpε a anka Yεde (Nyame Asεm no) bεma no so (de no agyina gyinabrε a εsoo paa), nanso ͻde ne ho bataa asaase (anaa ͻde neho too wiase so) dii n’apεdeε akyi. Ne mfatoho tesε ͻkraman, sε woka ne so a ͻtwe ne kεtrεma, sε wogyae no nso a ͻtwe ne kεtrεma. Saa na wͻn a wͻ’bu Yεn Nsεm no sε atorͻsεm no mfatoho teε. Enti ka abakͻsεm no kyerε wͻn sεdeε wͻ’bεfa adwen

    [177] Mfatoho bͻne ne wͻn a wͻ’bu Yεn Nsεm no sε atorͻsεm, na wͻn asisi wͻn ara wͻn kraa no

    [178] Obi a Nyankopͻn atene no no ͻno na wanya kwankyerε, na obia W’ayera no no, saa nkorͻfoͻ no ne brεguofoͻ no

    [179] Ampa sε Y’abͻ Jinn ne nnipa no mu pii ama Amanehunu gya no, wͻn wͻ akoma (nanso) wͻ’nnfa nnte asεm ase, wͻn wͻ ani (nanso) wͻ’nnfa nnhu adeε, wͻn wͻ aso (nanso) wͻ’nnfa nnte asεm. Wͻ’te sε nyεmmoa, aane, wͻ’ayera mpo sen saa. Woi nom na wͻ’abu wͻn ani agu (afotuo no) soͻ no

    [180] Nyankopͻn na Ɔwͻ Abodin pa, enti monfa εno nsu mfrε no, na monyae wͻn a wamane anaa wato mmra wͻ N’abodin no ho no. Yε’betua wͻn deε wͻ’yͻeε no so ka

    [181] Amanfoͻ a Y’abͻ wͻn no mu bi wͻhͻ a wͻ’de nokorε no kyerε (nnipa) kwan, na wͻ’di εho nokorε nso

    [182] Wͻn nso a wͻ’fa Yεn Nsεm no sε atorͻsεm no, Yε’bεgyegye wͻn taa-taa nkakrankakra ama asotwee afri deε wͻ’nnnim abεfro wͻn

    [183] M’ama wͻn berε. Nokorε sε, Metrimu pͻ a M’abͻ no emu yε den paa

    [184] Enti (boniayεfoᴐ) no nnwene wͻn yͻnko (Muhammad) ho sε ᴐmmͻͻ dam? Ɔyε kͻkͻbͻni pefee

    [185] Anaasԑ wͻ’nnnhwε ͻsoro ne asaase so ahennie, ne biribiara a Nyankopͻn abͻ? Na (wͻn nhunuu nso) sε ampa sε ebia wͻn berε no abεn? (Nkyerεkyerεmu) woi akyi asεm bεn (bio) na wͻ’bεgye adie

    [186] Obia Nyankopͻn bεyera no no, onnya kwankyerεfoͻ; na Ogyae wͻn wͻ wͻn yera (anaa wͻn bͻne) no mu ma wͻ’keka kͻ (tesε anifirafoͻ)

    [187] (Nkͻmhyεni), wͻ’rebisa wo Dͻnhwere no ho asεm sε, εberε bεn na εbεba? Ka sε: “Ɛho nimdeε no deε, εwͻ me Wura Nyankopͻn hͻ. Obiara ntumi nkyerε εberε a εbεba gyesε Ɔno nko ara. Ԑho asεm mu yεduru wͻ soro ne asase so. Mpofirem na εbεba mosoͻ”. Wͻ’rebisa wo sεdeε wonim ho biribi. Ka sε: “Ɛho nimdeε no deε εwͻ Nyankopͻn nko ara hͻ nanso nnipa pii nnim”

    [188] Kasε: “Menni tumi a εma me yie die bi, anaasε ͻhaw bi, gyesε deε Nyankopͻn pε. Sε menim Nsumaeε no mu asεm a, anka papa na mεpε no kεse ama meho, na anka bͻne biara nnto me. Me deε m’adwuma ara ne sε, meyε kͻkͻbͻni ne anigyesεm no ho amanebͻfoᴐ de ma amanfoͻ a wͻ’gye die”

    [189] Ɔno na Ɔbͻͻ mo fri honam baako mu, εna Ɔyεε neyere nso fri (honam baako no ara) mu sεdeε ͻbenya nehͻ awerεkyekyerε. Ɛberε a ͻne no hyiaeε no, onyinsεnee adesoa a emu yε hare a ͻde nam. Ԑberε a emu yεε duro no wͻn mmienu su frεε wͻn Wura Nyankopͻn sε: ‘’Sε Woma yεn (akͻdaa) papa a yεbεka wͻn a wͻ’yi (Wo) ayε no ho

    [190] Nanso εberε a Yε’maa wͻn (akͻdaa) papa no wͻ’yεε Nyankopͻn ho mmata ho wͻ deε Yε’de ama wͻn no ho. Kokuroko ne Nyankopͻn, Ͻso br

    [191] Enti wͻ’de nneεma a wͻmmͻ hwee, na yεbͻͻ wͻn no abata (Nyankopͻn) ho

    [192] Aberε a wͻ’ntumi mma wͻn mmoa, na wͻ’ntumi moa wͻn ara wͻn ho mpo

    [193] Sε mofrε wͻn kͻ tenenee mu a wͻ’nni mo akyi. Sε mosu frε wͻn o, anaa moka moano tum o, εyε asεm korͻ ma mo

    [194] Nokorε sε, wͻn a mofri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no nso yε nkoa tesε mo ara, enti modeε monsu mfrε wͻn ma wͻnye mo so (ma yεnhwε) sε moyε nokwafoͻ ampa a

    [195] (Mo abosom no) wͻn wͻ nnan a wͻ’de nanteε? Anaasε wͻn wͻ nsa a wͻ’de sͻ adeε mu? Anaasε wͻn wͻ ani a wͻ’de hunu adeε? Anaasε wͻn wͻ aso a wͻ’de te asεm? Ka sε: “Modeε monsu mfrε wͻn a mode wͻn abata Nyankopͻn ho no, na momͻ meho pͻ, na momma me ahomegyeε koraa

    [196] Nokorε sε, me Kyitaafoͻ ne Nyankopͻn no a Osianee Nwoma no, na Ɔno na Ɔtaa apapafoͻ no akyi

    [197] Wͻn a mofri N’akyi sufrε wͻn no wͻ’ntumi mmoa mo na (wͻ’ntumi) mmoa wͻn ho

    [198] Sε wofrε wͻn kͻ deε tenenee no wͻ a wͻ’nnte; wohunu sε wͻ’hwε wo deε, nanso wͻ’nhunu adeε

    [199] (Nkͻmhyεni), fa bͻnefakyε, na hyε (amanfoͻ ma wͻ’nyε) papa, na twe wo ho fri abagyimifoͻ no ho

    [200] Sε ͻbonsam tutu nsԑm bi gu w’asom a, hwehwε ntwitwagyeε fri Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔno ne mpaebͻ Tiefoͻ, na Ɔne Onimdefoͻ

    [201] Wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn no, sε ͻbosam de adwen bͻne bi ma wͻn a, wͻ’kae Nyankopͻn, εba saa a, εma wͻn aniso da hͻ kann (kae Nyankopͻn asotwee ne N’adom a εwͻ hͻ Daakye)

    [202] Nanso wͻn nuanom (abͻneεfoͻ no, ͻbonsam) de wͻn kͻ bͻne ne ͻyera mu akyirikyiri na wͻ’nntwa (boneyε no) so

    [203] Sε woannfa nsεnkyerεnee amma wͻn a, deε wͻ’ka ne sε: ‘’Adεn na woannfa amma. Ka sε: “Medeε deε me Wura Nyankopͻn asiane amame no akyi na medie. (Qur’aan) woi yε anibue (Nwoma) anaa nyinasoͻ pefee ne kwankyerε ne ahummͻborͻ a efri mo Wura Nyankopͻn hͻ dema amanfoͻ a wͻ’gye die

    [204] Enti sε yεrekenkan Qur’aan no a, montie, na monyε komm sεdeε yεbehu mo mmͻbͻ

    [205] Na kaekae anaasε bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin wͻ wotrim wͻ ahobraseε ne ehuu mu wͻ anͻpa ne anyumerε, na εnyε kasa dendeenden mu, na hwε na w’ankͻka awirefirefoͻ no ho

    [206] Nokorε sε, wͻn a wͻn wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ (a wͻ’ne Soro abͻfoͻ) no, wͻ’nnyε ahomasoͻ wͻ Nesom ho, na mmom wͻ’bͻ no abodin na Ɔno na wͻ’de wͻn anim butu fͻm ma no

    Surah 8
    Al-Anfaal

    [1] (Nkͻmhyεni), wͻ’rebisa wo ͻkoo mu asadeε no ho asεm. Ka sε: “Asadeε no wͻ Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no. Enti monsuro Nyankopͻn na monsiesie deε abεtͻ montεm no, na monyε sotie ma Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no, sε moyε agyidiefoͻ ampa a

    [2] Agyidiefoͻ no ne wͻn a sε yεbͻ Nyankopͻn din a wͻ’nya hubͻ bi wͻ wͻn akoma mu, na sε yεrekenkan Nensεm no kyerε wͻn a εde gyidie foforͻ bεka wͻn gyidie ho, na wͻn Wura Nyankopͻn so na wͻ’de wͻn ho toͻ

    [3] Wͻn a wͻ’frε Nyame wͻ nebrε mu, na deε Yε’de akyε wͻn no wͻ’yi mu bi dema

    [4] Saa nkorͻfoͻ no ne agyidiefoͻ paa no. Wͻn wͻ gyinabrε (a εsom bo) ne bͻnefakyε ne akyεdeε a edi mmu paa wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ

    [5] Sεdeε wo Wura Nyankopͻn maa wofrii wo fiee wͻ nokorε mu no, na agyidiefoͻ no mu bi mpε

    [6] Wͻ’regye wo akyinnye wͻ nokorε no ho wͻ akyire yi a ada adi pefee, tesε deε yεreka wͻn so akͻ owuo mu a wͻn ani tua

    [7] Kae εberε a Nyankopͻn de akuo mmienu no mu baako hyεε mo (Muslimfoͻ no) bͻ sε εbεyε mo dea; na mopεε sε deε nkasεε (anaasε ͻkoo) nni ho no mmom na εnyε mo dea, na Nyankopͻn pεsε Ɔnam N’asεm so ma nokorε no si pie, na Otwa boniayεfoͻ no nhini (fri hͻ)

    [8] Sεdeε Nyankopͻn bεma Nokorε no ayε nokorε na W’asεe nkontompo no, sε abͻneεfoͻ no mpε mpo a

    [9] Monkae εberε a mohwehwεε mo Wura Nyankopͻn hͻ mmoa na Ɔgyee mo (mpae bͻ no) so sε: “Mede Soro abͻfoᴐ apem a wͻ’toatoa soͻ bεboa mo“

    [10] Nyankopͻn yεε (bɔhyɛ) no anigyesεm sεdeε moakoma bεtͻ moyεm. Na mmoa (anaa nkonim) deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ

    [11] Monkae εberε a Ɔmaa motͻͻ nko deyεε awerεkyekyerε a efri Nehͻ, εna Ɔmaa nsuo fri soro tͻ guu mo so sεdeε Ɔde bεte moho na Ɔbeyi ͻbonsam fii no afri mo ho akͻ, ne sεdeε Ɔde bεhyε moakoma den na Ɔde bεma (mo) agyina monan so pintinn

    [12] Kae εberε a wo Wura Nyankopͻn yi kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Meka mo ho, enti moma wͻn a wͻ’agye adie no nyina pintinn; Mede ehuu bεhyε wͻn a wͻ’yi boniayε no akoma mu. Enti montwitwa wͻn kͻn so na montwitwa wͻn nsa dua biara so

    [13] Saa na εteε, efrisε, wͻ’ko tia Nyankopͻn ne Nesomafoͻ, na obiara a ͻko tia Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no deε nokorε sε, Nyankopͻn awerεtͻ ano yε den papaapa

    [14] Saa na εteε, enti monka nhwε, na boniayεfoͻ no deε wͻn wͻ Ogya no asotwee

    [15] Mo a moagye adie, sε mohyia wͻn a wͻ’yi boniayε no wͻ ͻkoo mu a, monhwε na moannane moakyi amma wͻn

    [16] Obia ͻbεdane n’akyi ama wͻn wͻ saa da no no;- gyesε (ebia n’akyi a ͻredane ama wͻn no yε) ͻkoo mu akwan, anaa ͻresan akͻka fekuo bi ho – nokorε sε watwe Nyankopͻn abufuo aba ne ho so; na nefie ne Amane hunu gyem. Awieε bͻne paa ne hͻ

    [17] Ɛnyε mo na mokum wͻn, na mmom Nyankopͻn na Okum wͻn, εberε a wotoo (sekan anaa agyan anaa pea no) εnyε wo na wotoeε, na mmom Nyankopͻn na Ɔtoeε, sεdeε Ɔde bεyε agyidiefoͻ no nsͻhwε pa a efri ne hͻ. Nokorε sε Nyankopͻn ne Mpaebͻ Tiefoͻ, Ɔne Onimdefoͻ

    [18] Saa na εteε, nokorε sε Nyankopͻn bεbrε boniayεfoͻ no trim pͻ bͻne no ase

    [19] Sε mobͻͻ mpaeε srεε atemmuo a, atemmuo no na aba mo hͻ no; na sε motwe moho (fri bͻne ho) a εyε ma mo, na sε mosan (kͻto hyε agyidiefoͻ no so) a Yεn nso Yε’bεsan (ne mo de asi ani), na sε modͻm no dͻͻso mpo a ennsi mo hwee, na nokorε sε, Nyankopͻn ka agyidiefoͻ no ho

    [20] Mo a moagye adie, monyε sotie ma Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no, na monhwε na moannane mo ho amfri ne ho aberε a moretie no

    [21] Monhwε na moanyε tesε wͻn a wͻ’kasε: “Yate aberε nso a wͻ’nteeε no”

    [22] Nokorε sε abɔdeɛ bͻne wͻ Nyankopͻn hͻ ne asosifoͻ ne mmum, wͻn a wͻ’nnwen (anaa wͻ’nte asεm aseε) no

    [23] Sε Nyankopͻn ahunu papa bi wͻ wͻn mu a, anka Wama wͻn atie. Nasε Ɔma wͻn tie mpo a wͻ’bεdane wͻn ho na wͻ’atwi afa so

    [24] Mo a moagye adie, sε Nyankopͻn ne ne Somafoͻ no refrε mo akͻ deε εbεgye mo nkwa no mu a, monye wͻn so. Na monhunu sε, nokorε Onyankopͻn ba onipa ne n’akoma ntεm, na nokorε sε Nehͻ na yεbεboa moano akͻ

    [25] Na monsuro anaa monyԑ ahwԑyie wͻ mmusuo a (esi a) εnka momu abͻneεfoͻ no nko ara; na monhunu sε, nokorε Nyankopͻn awerεtͻ ano yε den papaapa

    [26] Monkae εberε a na mosua na monni ahoͻden wͻ asaase no soͻ, (na) mo suro sε amanfoͻ behwim mo afri hͻ; Nyankopͻn bͻͻ mo ho ban de Ne mmoa hyεε mo den, de nnepa no bi bͻͻ mo akonhoma sεdeε mobeyi (no) ayε

    [27] Mo a moagye adie, monhwε na moanni Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no hwammͻ, na monhwε na moanntwa (Amaana anaa) nneεma a yεde ahyε monsa no mu nkontompo aberε a monim

    [28] Monhunu sε, mosika (anaasε moagyapa deε) ne mo mma yε nsͻhwε. Na Nyankopͻn hͻ na akatua kεseε paa wͻ

    [29] Mo a moagye adie, sε mosuro Nyankopͻn a Ɔbεyε mo sononko na W’apepa mo mfomsoͻ afri moso na Ɔde (mo bͻne) akyε mo. Na Nyankopͻn na ͻwͻ adom kεseε paa no

    [30] Kae εberε a boniayεfoͻ no kͻͻ wo tri so apam sε wͻ’de wo bεto afiase, anaasε wͻ’beku wo, anaasε wͻ’betu wo (afri ͻman no mu); wͻ’bͻͻ pͻ paa, na Nyankopͻn nso bͻͻ pͻ, na Nyankopͻn pͻbͻ na εyε pͻbͻ pa kyεn apͻ bͻfoͻ nyinaa

    [31] Sε yεrekenkan Yεn Nsεm no kyerε wͻn a, deε wͻ’ka nesε: “Y’ate, sε yεpε a anka yεbetumi aka deε εte saa. Nokorε sε, woi yε tetefoͻ no anansesεm “

    [32] Kae εbrε a wͻ’kaa sε: “Otumfoͻ Nyankopͻn, sε (Qur’aan) woi yε nokorε a efri Wo nkyεn ampa a, εneε tͻ aboͻ nsuo fri soro gu yεn so, anaasε fa asotwee a εyε ya paa bra yεn so “

    [33] Ԑmma sε Nyankopͻn bεtwe wͻn aso wͻ aberε a wo (Nkͻmhyεni Muhammad) wo wͻ wͻn mu, na εmma nso sε Nyankopͻn bεtwe wͻn aso aberε a wͻ’resrε bͻnefakyε

    [34] Anoyie bεn na wͻn wͻ a enti Nyankopͻn nntwe wͻn aso, aberε a wͻ’resi (amanfoͻ) kwan fri Nyamedan kronkron no ho, aberε nso a εnyε wͻn ne εso hwεfoͻ? Ɛso hwεfoͻ no mmom deε wͻ’ne Nyamesurofoͻ no, nanso wͻn mu dodoͻ no ara nnim

    [35] (Abosomsomfoͻ no) asͻreyε wͻ (Ka’aba) Efie no ho ara ne hwerεma bͻ ne nsambͻ. Enti monka (asotwee no) nhwε εnam mo boniayε no ho nti

    [36] Nokorε sε, boniayεfoͻ no sεe wͻn sika sεdeε wͻ’besi (amanfoͻ kwan) afri Nyankopͻn kwan no soᴐ. Wͻ’bεkͻ so asεe no, ama ayε brεguo ama wͻn, na yadi wͻn so nkonim. Wͻn a wͻ’yi boniayε no, yεbεboa wͻn ano akͻ Amanehunu gyem

    [37] Sεdeε Nyankopͻn beyiyi abͻneεfoͻ no afri apapafoͻ no mu; na Ɔbεma (yahyehyε) abͻneεfoͻ no ama ebinom adeda ebinom so, aboa wͻn ano de wͻn akͻ Amanehunu gyem. Saa nkorͻfoͻ no ne brεguofoͻ no

    [38] Ka kyerε boniayεfoͻ no sε: “Sε wͻ’gyae (wͻn ko tia no) a, Ɔde deε atwamu no bεkyε wͻn, sε wͻ’san wͻn akyi nso a, nokorε sε tetefoͻ no a (wͻ’de bͻne sii wͻn ani soͻ no) kwan no atwam kͻ (a εyε adesua ma wͻn)

    [39] Enti (agyidiefoͻ) mone wͻn nko nkosi sε aniεyadeε biara to betwa, na ͻsom no nyinaa bεyε Nyankopͻn dea. Na sε wͻ’gyae a, nokorε sε Nyankopͻn ani tua dwuma a wͻ’die nyinaa

    [40] Sε wͻ’dane wͻn akyi nso a, εneε monhunu sε, Onyankopͻn ne mo Kyitaafoͻ; Okyitaafoͻ papa ne no, na Ɔne Ɔboafoͻ papa no

    [41] Monhunu sε, asadeε biara a monyaa no wͻ da no a nokorԑ ne nkontompo daa adie, εda a akuo mmienu no hyiaeε no, emu nkyεmu num mu baako wͻ Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no ne abusua (Banu Haashim ne Banu Mutalib) ne nwisiaa ne ahiafoͻ ne ͻkwantuni; sε mogye Nyankopͻn ne deε Y’asiane ama Y’akoa no di ampa a. Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi

    [42] Monkae εberε a na mobεn (ekuu no ho), na (atamfoͻ) no nso wͻ εfa akyirikyiri, na akwantufoͻ no wͻ moaseε. Sε mohyεε bͻ bi (sε mone atamfoͻ no) behyia a anka mobebu εberε a mode hyεeε no so; na mmom sεdeε Nyankopͻn bεma dwuma die no asi sεdeε W’ahyehyε no no nti; na ama obi a ͻbεsopa no asopa wͻ nyinasoͻ pefee mu, na obi a obenya nkwa nso anya nkwa wᴐ nyinasoᴐ pefee mu. Nokorε sε Nyankopͻn ne Otiefoͻ, Ɔne Onimdefoͻ

    [43] (Nkͻmhyεni), kae εberε a Nyankopͻn de atamfoͻ no kyerεε wo wͻ wo daeε mu sε wͻ’yε kakraabi; sε Ɔde wͻn dodoↄ no na εkyerεε woͻ a, nokorε sε anka moaba mu bebu, ama moagye asεm (anaa ᴐkoo) no ho akyinnye, nanso Nyankopͻn bͻͻ moho ban, efrisε Ɔne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ

    [44] Kae εberε a Ɔde atamfoͻ no kyerεε mo wͻ εberε a mohyiaeε no (Ɔyεε wͻn) kakraa bi wͻ moani so, εna Ɔmaa monso moyεε kakraabi wͻ wͻn anisoͻ, sεdeε Nyankopͻn nhyehyεε a W’ahyehyε no bewie pεyε. Onyankopͻn hͻ na dwumadie no nyinaa san kowie

    [45] Mo a moagye adie, sε mohyia (atamfoͻ) no dͻm no a, monyina pintinn, na monkae Nyankopͻn papaapa, sεdeε mobedi nkonim

    [46] Na monyε sotie ma Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no. Na monhwε na moannye moho-moho akyinnye, sε εba saa a εbεma mo ahodwo ama mosunsum anaasε moahoͻden no akͻ, na monya aboterε. Nokorε sε, Nyankopͻn ka abotrεfoͻ no ho

    [47] Monhwε na moankͻyε sε wᴐn a wͻ’de akakabensεm ne nnipa anim yεkyerε frii wͻn afie mu, na wͻ’si (amanfoͻ kwan) fri Nyankopͻn kwan no soͻ no. Nyankopͻn deε W’atwa deε w’ͻreyε no nyinaa ho ahyia

    [48] Kae εberε a ͻbonsam maa wͻn dwumadi (bͻne no) yεε wͻn ani so fε, na ͻka kyerεε wͻn sε: “Ɛnnε da yi nnipa biara ntumi nni moso nkonim. Nokorε sε mene mo kyitaafoͻ“. Nanso εberε a akuo mmienu no hunuu wͻn ho (wͻ Badar hͻ) no, (ͻbonsam) danee ne ho wͻ ne nantin so (dwanee), ͻkaa sε: “Medeε m’atwe me ho afri mo ho, efrisε m’ahunu adeε a monhunuiε. Nokorε mesuro Nyankopͻn, efrisε Nyankopͻn awerεtͻ ano yε den paa”

    [49] Ɛberε a nkͻnkͻnsafoͻ no ne wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no kaa sε: ”Saa nkorͻfoͻ (Muslimifoͻ) yi Nyamesom adaadaa wͻn”. Obi a Ɔde ne ho bεto Nyankopͻn soͻ no, nokorε sε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyasafoͻ

    [50] Sε anka wotumi hunu εberε a Soro abͻfoͻ reyi wͻn a wͻ’nnye nnie no nkwa a; wͻ’bobͻ wͻn aniso ne wͻn akyi (ka sε): ‘’Monka ͻhyeε asotwee no nhwε

    [51] Ɛnam dwuma a monsa di detoo moanim no ho nti”. Nokorε sε Nyankopͻn deε Onni Nedͻnkͻ amim

    [52] (Wͻn mfatoho) tesε Farao nkorͻfoͻ no, ne wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no, wͻ’poo Nyankopͻn Nsεm no, enti Nyankopͻn de wͻn bͻne no twee wͻn aso. Nokorε sε Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ, na n’awerεtͻ nso ano yε den paa

    [53] Saa na εteε, efrisε, Nyankopͻn nsesa adom bi a Ɔde ama amanfoͻ bi gyesε wͻn ara sesa no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ a Onim biribiara

    [54] Wͻ’tesε Farao nkorͻfoͻ no, ne wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no. Wͻ’faa wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm no atorͻsεm, enti Yε’de wͻn bͻne no sεee wͻn. Yε’maa nsuo faa Farao nkorͻfoͻ. Na wͻn nyinaa yε abͻneεfoͻ

    [55] Nokorε sε, abͻdeε bͻne wͻ Nyankopͻn anim ne wͻn a wͻ’yi boniayε na wͻ’nnye (Nyankopͻn Nsεm no) nnie

    [56] (Nkͻmhyεni), wͻn a wone wͻn yε apam a aberε biara wͻ’bu wͻn apam no soͻ no, wͻ’nnsuro Nyame

    [57] Enti sε wodi wͻn so nkonim wͻ ͻkoo mu a, twe wͻn aso papaapa na fa pamo wͻn a wͻn wͻ wͻn akyire no, sεdeε wͻ’de bεyε afutuo

    [58] (Nkͻmhyεni), sε wonya suro wͻ amanfoͻ bi ho sε wͻ’bedi wo hwammͻ a, to (wͻn apam no) san ma wͻn (wͻ nhyehyεε) pa so, efrisε Nyankopͻn mpε wͻn a wͻ’di hwammͻ no asεm

    [59] Ɛmma wͻn a wͻ’yi (Nyankopͻn Asεm no ho) boniayε no adwen nnyε wͻn sε wͻ’betumi asan (Yεn ho), nokorε sε wͻ’ntumi mma (Nyankopͻn nhyehyεε) nnyε kwa

    [60] Monfa apͻnkͻ a yεde kͻ koo (ne atuo ne akodeε ahodoͻ biara) a moahoͻden betumi nyε ahoboa ntwεn wͻn, mfa mͻ Nyankopͻn atamfoͻ ne moatamfoͻ no ne wͻn a wͻ’ka wͻn ho no hu; monni wͻn, Nyankopͻn na Oni wͻn. Biribiara a mobeyi de ama wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no, yεbetua no pεpεεpε ama mo, na yennsisi mo

    [61] Sε wͻ’dane wͻn ho kͻ asomdwiε so a, dane woho kͻ so bi, na fa woho to Nyankopͻn so, nokorε sε, Ɔne Otiefoͻ a Ɔte biribiara no, Ɔne Onimdefoͻ no

    [62] Sε wͻ’pεsε wͻ’di wo hwammͻ nso a, nokorε sε, Nyankopͻn som bo ma wo, Ɔno na Ɔde Nemmoa ne agyidiefoͻ no ahyε wo den

    [63] Ɛna W’aka wͻn akoma abͻ mu. Sε woyii deε εwͻ asaase so nyinaa mpo demae (sε wode bεka wͻn abͻ mu a,) anka wontumi nka wͻn akoma mmͻ mu da. Nanso Onyankopᴐn aka wᴐn abom. Nokorε sε, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ

    [64] Nkͻmhyεni, Nyankopͻn ne agyidiefoͻ no a wͻ’di wakyire no som bo ma wo

    [65] Nkͻmhyεni, hyε agyidiefoͻ no nkuran wͻ ͻkoo no ho. Sε aboterεfoͻ (nnipa) aduonu wͻ momu a, (wͻ’betumi) adi (kaafirfoͻ no nnipa) ahaanu so nkonim; na sε (aboterεfoͻ nnipa) ͻha wͻ momu a (wͻ’betumi) adi wͻn a wͻ’po nokorԑ no mu (nnipa) apem so nkonim, efrisε wͻ’yε nnipa a wͻ’nnte asεm aseε (anaasε wͻ’nnwen)

    [66] Sesei deε Nyankopͻn ago mu ama mo, na Onim sε, (nnipa no) bi wͻ momu a wͻ’yε mmerε (anaasε wͻ’nni ahoͻden). Enti sε aboterεfoͻ (nnipa) ͻha wͻ momu a, wͻ’bedi ahaanu so nkonim, sε apem na ԑwͻ momu a wͻ’bedi mpem mmienu so nkonim wͻ Nyankopͻn akwamma mu. Onyankopͻn deε Ɔka aboterεfoͻ no ho

    [67] Ɛkwan nni hᴐ ma Nkͻmhyεni sԑ ᴐbεfa nommum, gyesε wako adi nkonim wͻ asaase no so ansa. Mopε wiase agyapadeε, na Nyankopͻn nso pε Daakye no ma mo. Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Nyansafoͻ

    [68] Sε nhyehyεε nnii kan dada wͻ Nyankopͻn hͻ a, anka asotwe kεseε paa bεto mo wͻ (mpata) deε a mogyeε no ho

    [69] Enti moni asadeε a moanya no mu deε εkwan wͻ ho na εyε; na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [70] Nkͻmhyεni, ka kyerε nneduafoͻ a wͻn wͻ monsa mu no sε: “Sε Nyankopͻn hunu papa bi wͻ moakoma mu a, Ɔbεma mo papa a εkyεn deε yagye afri mo hͻ no, na Ɔde mo bͻne akyε mo. Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [71] Sε wͻ’pε sε wͻ’di wo hwammͻ nso a, wͻn adikan adi Nyankopͻn hwammͻ pεn, εna Ɔmaa wodii wͻn so (nkonim). Onyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ

    [72] Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’tuu amantuo, na wͻ’de wͻn agyapadeε ne wͻn kraa koo wͻ Nyankopͻn kwan soͻ, ne wͻn (Madinafoͻ) a wͻ’maa wͻn baabi tenaeε, na wͻ’boaa wͻn no, saa nkorͻfoͻ no yε wͻn ho wͻn ho akyitaafoͻ. Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’nntuu amantuo no monnyε wͻn kyitaafoͻ wͻ hwee ho, kͻpem sε wͻ’betu amantuo. Sε wͻ’hwehwε mohͻ mmoa fa Nyamesom ho a, εneε εyε moasεde sε moboa (wͻn), gyesε etia amanfoͻ bi a apam da mone wͻn ntεm. Onyankopͻn deε N’ani tua deε moyε biara

    [73] Wͻn a wͻ’ayi boniayε no nso yε wͻn ho wͻn ho akyitaafoͻ. Mmom sε moanyε (saa ammoa moho moho anka moho ammͻ mu anko antia nsεmmͻnedifoͻ no a), aniεyaa de ne nsεmͻnedie kεse bεkͻso wͻ asaase no so

    [74] Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’tuu amantuo na wͻ’koo wͻ Nyankopͻn kwan soͻ, ne wͻn a wͻ’maa (wͻn) baabi tenaeε na wͻ’boaeε no, saa nkorͻfoͻ no ne agyidiefoͻ paa no. Wͻn wͻ bͻnefakyε ne akyεdeε a animonyam wͻ mu

    [75] Wͻn nso a akyire yi wͻ’gye diiε, na wͻ’tuu amantuo, na wͻ’kaa mo ho ne mo koo (wͻ Nyame kwan soͻ) no, (saa nkorͻfoͻ) no ka mo ho. Abusuafoͻ bεn wͻn ho wͻn ho (wͻ adedie mu) wͻ Nyankopͻn nhyehyεε mu. Nokorε sε, Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ

    Surah 9
    At-Tauba

    [1] (Woi yε nkae bɔ a) efri Nyankopͻn ne ne Somafoͻ no hͻ dema abosomsomfoͻ no a (mo Muslimifoͻ) ne wͻn ayε apam no sε, (Nyankopͻn ne ne Somafoͻ) atwe wͻn ho

    [2] Enti modeε monante wͻ asaase no so bosome nnan, na mmom monhunu sε montumi nsesa Nyankopͻn nhyehyεε; na Nyankopͻn begu boniayεfoͻ no anim ase

    [3] (Woi yε) amanebͻ a efri Nyankopͻn ne Nesomafͻo no hͻ sε, εntͻ amanfoͻ anim wͻ Haji da kεseε no mu sε: “Nyankopͻn ne Nesomafoͻ atwe wͻn ho afri abosomsomfoͻ no ho. Enti sε mosakra moadwen a, εno na εyε ma mo, na sε modane moakyi dema (Nokorε no) a, εneε monhunu sε, montumi mfri Nyankopͻn akyi nnwane. Enti fa asotwee yaaya no ho anohoba bͻ wͻn a wͻ’po (nokorԑ) no “

    [4] Gyesε abosomsomfoͻ no a mone wͻn ayε apam na wͻ’mmu moapam no so koraa no, na wͻ’moaa obiara (nko) ntiaaa mo, εneε moni wͻn apam no so nkosi εberε a wͻn ahyε. Nokorε sε, Nyankopͻn pε wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn na wͻ’yε ahwεyie no asεm

    [5] Sε abosome kronkron no twa mu a, monkum abosomsomfoͻ no wͻ baabiara a mobenya wͻn, na monfa wͻn nnͻmum, na montaa wͻn so, na montena ntetε wͻn wͻ tetε bea biara mu. Sε wͻ’sakra wͻn adwen, na wͻ’frε Nyame, na wͻ’yi Zaka a, εneε monyae wͻn, efrisε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [6] Sε abosomsomfoͻ no bi hwehwε wo hͻ ahobammͻ a, bͻ neho ban kosi sε ͻbεte Nyankopͻn asεm, na fa no kͻduro n’abodwoeε bea. Ɛnesε, nokorε wͻ’yε amanfoͻ a wͻ’nnim (nokorε a εwͻ Islam som no mu)

    [7] Ɛbεyε dεn na abosomsomfoͻ no anya apam wͻ Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ hͻ? Gyesε wͻn a mone wͻn pam wͻ Nyame-dan kronkron no ho no. Mmerε a wͻ’bedi nokorε ama mo biara no, monso moni nokorε ma wͻn; efrisε Nyankopͻn pε wͻn a wͻ'suro Nyame no asεm

    [8] Ɛbεyε dεn (na apam no atumi agyina) aberε a sε wͻ’di mo so a wͻ’nnfa abusua anaa apam ho wͻ mo fam? Wͻ’de wͻn ano na εgye mo die, na wͻn akoma deε εmpene so; na wͻn mu dodoͻ no ara yε abͻneεfoͻ

    [9] Wͻn atͻn Nyankopͻn asεm agye sika kakraabi, enti wͻ’desi (amanfoͻ kwan) fri Ne kwan no so. Nokorε sε, bͻne paa ne dwuma a wͻ’redie no

    [10] Wͻ’mmfa abusua anaasε apam ho wͻ gyidieni afam. Saa nkorͻfoͻ no ne mmra to foͻ no

    [11] Enti sε wͻ’sakra wͻn adwen na wͻ’frε Nyame wͻ neberε mu na wͻ’yi Zaka no a, εneε monua ne wͻn wͻ Nyamesom mu. Yε’kyerεkyerε Nsεm no mu de ma amanfoͻ a wͻ’nim

    [12] Sε wͻ’bu wͻn nsedie so wͻ wͻn apam no akyi, na wͻ’to mosom no ho a, εneε mone boniayεfoͻ mpanimfoͻ no nko efrisε, wͻn nsedie no nyε hwee mma wͻn, sεdeε wͻ’begyae (nsεmmͻne die)

    [13] Enti mone amanfoͻ a wͻ’bu wͻn nsedie soͻ, na wͻn botaeε ne sε wͻ’betu Ɔsomafoͻ no (afiri Maka kuro no mu no) nnko? Aberε a mo (agyidiefoͻ no) na wͻ’dii kan (tohyεε) mo soᴐ? Anaa mosuro wͻn? Nyankopͻn na εsεsε mosuro no, sε moyε agyidiefoͻ ampa a

    [14] Enti mone wͻn nko, na Nyankopͻn nam monsa so bεtwe wͻn aso, na W’agu wͻn anim ase, na W’ama mo wͻn so nkonimdie, na W’adwodwo amanfoͻ no a wͻ’gyidie no akoma

    [15] Na W’ayi wͻn akoma mu abufuo afri hͻ. Nyankopͻn de nea Ɔpε bͻne bεkyε no; na Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ

    [16] Anaa modwen sε yεbegyae mo (saa ara) aberε a Nyankopͻn (nyεε mo nsͻhwε) nhunuu mo mu wͻn a wͻ’bͻ mmͻden na wͻ’mfri Nyankopͻn ne Nesomafoͻ ne agyidiefoͻ no akyi mfa yͻnkoͻ?. Onyankopͻn ne dwuma a modie no nyinaa ho Amane bͻfoͻ

    [17] Abosomsomfoͻ no nni ho kwan sε wͻ’sra anaasε wͻ’yε Nyankopͻn Nyame-dan (Ka’aba) no ho adwuma aberε a wͻ’di wͻn ara wͻn ho adanseε sε wͻn wͻ boniayε mu. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn nnyuma ayε kwa, na Ogya no mu na wͻ’bεtena

    [18] Obi a εsεsε ͻsra anaa ͻyε Nyankopͻn Nyamedan (Ka’aba) no ho adwuma ne obi a w’agye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie, na ͻfrε Nyame wͻ neberε mu, na oyi Zaka no, na ͻnsuro (obiara) gyesε Nyankopͻn. Enti ebia saa nkorͻfoͻ no na wͻ’bεka ateneneefoͻ no ho

    [19] Mode obi a ͻma Hajifoͻ no nsuo, na osiesie anaa ͻyε Nyamedan kronkron no ho adwuma no toto obia w’agye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie, na ͻko wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no ho sε wͻ’yε pεpεεpε? Wͻ’nyε pε wͻ Nyankopͻn anim. Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan

    [20] Wͻn a wͻ’agye die na wͻ’tuu amantuo na wͻ’de wͻn agyapadeε ne wͻn kraa koo Nyankopͻn kwan soͻ no wͻ gyinaberε a εsom bo wͻ Nyankopͻn hͻ. Saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no

    [21] Wͻn Wura Nyankopͻn de ahummͻborͻ ne nyetomu a efri Nehͻ ne Soro aheman a εwͻ wͻn na emu anigyeε wͻhͻ daa no hyε wͻn bͻ

    [22] Wͻ’bεtena mu daa afe bͻͻ. Nokorε sε, Nyankopͻn hͻ na akatua kεseԑ paa no wͻ

    [23] Mo a moagye adie, sε moagyanom ne monuanom dͻ (Kaafir) boniayε kyεn gyidie a, monhwε na moannfa wͻn ayͻnkoͻ. Momu nea ͻdane ne ho ma wͻn no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no

    [24] (Nkͻmhyεni), kasε: “Sε moagyanom ne momma ne monuanom ne moyerenom ne moabusuafoͻ ne sika a moanya ne adwadie na mosuro sε εbegyigya ne asetena a moagye atomu na mopε kyεn Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ, ne sε mobεbͻ mmͻden wͻ Nekwan so a, εneε montwεn nkͻpem sε, Nyankopͻn de N’ahyεdeε no bεba. Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan

    [25] Nokorε sε, Nyankopͻn aboa mo wͻ akono pii, ne Hunein da no, εberε a mo dodoͻ maa mo yεε ahomasoͻ, nanso (mo dodoͻ no) ho amma mo mfasoͻ biara, na asaase ne ne tεtrεtε yi nyinaa ka moaa mo, na modane moakyi dwanee

    [26] Afei Nyankopͻn sianee akomatͻyεmu baa ne Somafoͻ no so, ne agyidiefoͻ no nso so, na Osianee asraafoͻ a moanhu (wͻn), na Ɔtwee wͻn a wͻ’yi boniayε no aso. Na boniayεfoͻ no akatua ne no

    [27] Afei εno akyiri no sԑ Onyankopͻn pԑ a, Obԑtie obi a ᴐsakra n’adwen, efrisε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [28] Mo a moagye adie, abosomsomfoͻ no ho wͻ fii, enti εnsεsε wͻ’bεn (Ka’aba) Nyamedan kronkron no wͻ wͻn afe woi akyi. Nasε mosuro ohia a, Nyankopͻn bεma mo anya mo ho wͻ N’adom mu sε Ɔpε a. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ

    [29] Wͻn a wͻn wͻ wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu a wͻ’nnye Nyankopͻn anaasε Da a edi akyire no nnie, na wͻ’mmra adeε a Nyamkopͻn ne Nesomafoͻ no abra, na wͻ’nnsom nokorε som no, mone wͻn nko nkͻpem sε wͻ’betua εtoͻ no wͻ ahobraseε mu

    [30] Yudafoͻ no ka sε: “Uzair (Ezra) yε Nyankopͻn ba, εna Kristofoͻ no nso ka sε: “Masiah” Kristo yε Nyankopͻn ba. Woi yε nsεm a efri wͻn ara wͻn anum. Wͻ’resuasua boniayεfoͻ a wͻ’dii kan no kasaa. Nyankopͻn nnomee nka wͻn, sεdeε wͻ’dane wͻn ho (fri nokorε no ho no)

    [31] Wͻ’fa wͻn Nyamesom ho mmra kyerεfoͻ no ne wͻn asͻfoͻ no a w’apo wiase no de wͻn yε awurade wͻ Nyankopͻn akyi; san fa Masiah, Mar’yam ba no (nso de no yε nyame). Aberε nso a ahyεdeε a yεde hyεε wͻn ara ne sε, wͻnsom Nyankopͻn fua pε no; Awurade foforͻ biara nnihͻ ka Neho, Kronkron Hene ne no (Ɔkorͻn so kyεn) deε wͻ’de bata (Ne ho no)

    [32] Deε (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) hwehwε ne sε, wͻ’de wͻn ano bedum Nyankopͻn Nhyerεnee no, nanso Nyankopͻn mpene so da, na mmom gyesε Ɔma ne Nhyerεnee no tim anaa edi mmu, sε boniayεfoͻ no mpε mpo a

    [33] Ɔno na Ɔde kwankyerε ne nokorε som no asoma ne Somafoͻ (Muhammad) sεdeε ͻde bεma adi ͻsom biara soͻ, sε abosomsomfoͻ no mpε mpo a

    [34] Mo a moagye adie, nokorε sε, Nyamesom ho mmrakyerεfoͻ no ne asͻfoͻ no a wͻ’po wiase no mu pii nam nkontompo so sεdeε wͻ’bedi amanfoͻ sika na wͻ’asi (wͻn) kwan afri Nyankopͻn kwan no soͻ. Na wͻn a wͻ’boaboa sika kͻkͻͻ ne dwetε ano na wͻ’nnyi no Nyankopͻn kwan soͻ no, fa asotwee a εyε ya paa hyԑ wͻn bᴐ

    [35] Ɛda a yεbεma (wͻn sika no) ayε hyehyeehye wͻ Amanehunu gya no mu no, yεde betwi wͻn moma so ne wͻn nkyεn mu ne wͻn akyi (na yaka akyerε wͻn sε): “Woi ne deε mo boaboaa ano maa mo ho no, enti monka deε mo boaboaa ano no nhwε“

    [36] Nokorε sε, abosome dodoͻ a εwͻ Nyankopͻn hͻ yε abosome dumienu wͻ Nyankopͻn nhyehyεε mu, efiri εberε a Ɔbͻͻ ͻsoro ne asaase; emu nnan (Zul Qa’ada, Zul-Hija, Muharam, Rajab) yε kronkron, εno ne ͻsom a εtene no; enti monhwε na moanyε moho bͻne wͻ (saa abosome no) mu. Na monka moho mmom nko ntia abosomsomfoͻ no sεdeε wͻn aka abom reko tia mo no. Na monhunu sε nokorε, Nyankopͻn ka Nyame-surofoͻ no ho

    [37] (Abosome kronkron no a) yetu hyε da no ma boniayε yε nkͻsoͻ, εyera wͻn a wͻ’nnye nnie no: Wͻ’ma ho kwan afe (woi mu a), na wabra no afe (foforͻ mu) sεdeε wͻ’bεyε ama εne (abosome) dodoͻ a Nyankopͻn ayε no kronkron no ahyia, na wͻ’ama deε Nyankopͻn abra no ho kwan. Wͻn dwumadi bͻne no ayε wͻn fε. Onyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa boniayεfoͻ no kwan

    [38] Mo a mo agye adie, εdeεn (anoyie) na mowͻ a, sε yεka kyerε mo sε, mompie (nkͻ Jihaad) wͻ Nyankopͻn kwan no so a na moayε duduudu ama asaase yi? Moagye wiase asetena yi atom kyεn Daakye no? Ɛneε (monte aseε sε) wiase asetena yi (mu) anigyeε no yε ketewaa bi sε (wode) toto Daakye no ho a

    [39] Sε moampie a, Ɔbεhyε mo aniεyaa a εyε ya paa; na Ɔde nnipa foforͻ a εnyε mo abεhyε mo anan mu na (sε εba saa a) montumi nnyε no hwee; efrisε Nyankopͻn na ͻwͻ biribiara so tumi

    [40] Sε mo amoa (Nkͻmhyεni Muhammad) mpo a nokorε sε, Nyankopͻn aboa no; εberε a boniayεfoͻ no tuu no (ne wͻn) mmienu nea ͻtͻso mmienu no; εberε a wͻn mmienu wͻ ͻbodan no mu hͻ no, (Nkͻmhyεni) ka kyerεε ne yͻnko (Abubakar) sε: “Ɛmma wo werε nho efrisε Nyankopͻn ka yεn ho”. Enti Nyankopͻn sianee N’awerεkyekyerε baa ne so de asraafoͻ a moanhu wͻn hyεε no den, na Ɔbrεε boniayεfoͻ no asεm no ase, maa Nyankopͻn asεm no so. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, na Ɔne Onyansafoͻ

    [41] (Sε) emu yε hare o, (sε) emu yε duro o, monsi mu nkͻ, na monfa mosika ne mokraa nko wͻ Nyankopͻn kwan no so. Woi mmom na εyε papa ma mo, sε anka monim a

    [42] Sε εyε ahonyadeε bi a εbεn, ne akwantuo a εyε hͻ-ne-hͻ a, anka wͻ’bedi w’akyi, na mmom (Tabuuk) kwan tenten no ayε den ama wͻn. Wͻ’de Nyankopͻn bedi nse (akyerε wo) sε: “Sε yetumi a, anka yεne mo pue kͻͻ (Tabuuk koo no) “.Wͻ’resεe wͻn ara wͻn ho; Nyankopͻn nim yie sε wͻ’yε atorofoͻ

    [43] (Nkͻmhyεni), Nyankopͻn de afri wo. Adεn na womaa wͻn kwan, (na w’antwεn) ankosi sε, wͻn a wͻ’ka nokorε no bεda adi ama woͻ, na w’ahunu nkontompofoͻ no nso

    [44] Wͻn a wͻ’agye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no adie no nsrε wo kwan sε (wͻ’bεtwe wͻn ho afri sε) wͻ’de wͻn agyapadeε ne wͻn kraa bεko (wͻ Nyame kwan no soɔ). Onyankopͻn na Onim Nyame-surofoͻ no

    [45] Wͻn a wͻ’srε wo kwan (sεdeε wͻ’nnkͻ Nyame koo no bie no) wͻ’ne wͻn a wͻ’nnye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no nnie no, wͻn akoma mu yε wͻn ntanta, na wͻn adwen ntanta no mu no wͻ’hinhim kͻ animu ba akyire

    [46] Sε wͻ’pε sε wͻ’pue (kͻ bie) a, anka wͻ’bεyε ho ahoboa bi ama; nanso Nyankopͻn mpεsε wͻ’bepue akͻ bie nti na Ɔtwee wͻn saneeε, na yεkaa sε: “Mone wͻn a wͻ’te (fie) no ntena hͻ.”

    [47] Sε wͻ’kaa moho ne mo pue kͻe mpo a, anka wͻ’nfa hwee nka mo ho sε ͻhaw, na wͻ’bεpε ntεm adi akͻneaba ahwehwε sε wͻ’de mmusuo ne ntotoo bεto montεm; na momu bi wᴐhͻ a wͻ’tie wͻn. Na Nyankopͻn deε Onim abͻneεfoͻ no

    [48] Nokorε sε wͻn adikan ahwehwε mmusuo ne ͻhaw (ama mo) pεn, na wͻ’bͻͻ woho pͻ kͻpem sε, Nokorε no baeε, na Nyankopͻn ahyεdeε no daa adie, aberε a na anka wͻ’mpε

    [49] Wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻ’ka sε: ”Mame kwan (wͻ Jihaad no ho), na εnfa me nnkͻ mmusuo mu.“ Saa nkorͻfoͻ no akͻtͻ mmusuo mu dada. Nokorε sε, Amanehunu-gya no atwa boniayεfoͻ no ho ahyia

    [50] (Nkͻmhyεni), sε papa bi to wo a na εyε wͻn ya, na sε mmusuo bi nso to wo a, deε wͻ’ka ne sε: ”Nokorε yadi kan ayε ahwεyie;” na wͻn abirekyi kͻ no anigyeε mu

    [51] (Nkͻmhyεni), Kasε: ”Mmusuo biara nnto yεn gyesε deε Nyankopͻn ahyehyε ama yεn. Ɔne yεn Kyitaafoͻ, na Nyankopͻn so na εsεsε agyidiefoͻ no de wͻn ho toͻ”

    [52] Kasε: “Enti (Nkͻnkͻnsafoͻ), nneεma pa mmienu (mogya ho adanseε anaa nkonimdie) no mu baako na moretwεn ama yεn? Ɛneε yεnso yεretwεn mo sε Nyankopͻn de asotwee a efri Nehͻ bεtwe moaso, anaasε Ɔnam yεn nsa so (bεtwe moaso). Enti montwεn, yεnso yεka moho retwεn”

    [53] Kasε: “Monfa ͻpε anaa amemenemfe nyi (moagyapadeε wͻ Nyame kwan so), Nyankopͻn nnye mo so, efrisε moyε nnipa bͻnefoͻ

    [54] Ԑnyε hwee na asi kwan sε yεnnye wͻn ntoboa, na mmom wͻ’nnye Nyankopͻn ne ne Somafoͻ no nni nti, na wͻ’nnfrε Nyame gyesε akwadworͻ mu, na wͻ’nnyi ntoboa aberε a εyε wͻn pε mu

    [55] Enti εmma wͻn sika ne wͻn mma (a wͻn wͻ) no nnyε wo fԑ, deε Nyankopͻn hwehwε ne sε Ɔde bεtwe wͻn aso wͻ wiase asetena yi mu na wͻn kraa befri (wͻn mu, anaa wͻ’bewu) aberε a wͻ’yε boniayεfoͻ

    [56] Na wͻ’de Nyankopͻn di nse sε, nokorε wͻ’ka mo ho, nanso wͻ’nka mo ho, na mmom wͻ’yε amanfoͻ a wͻ’suro (mo)

    [57] Sε wͻ’nya dwanekͻbea anaasε ͻbodan bi mu, anaasε bea bi a wͻ’bewura akͻsie a, anka wͻ’bεyε ntεmtεm adane wͻn ho akͻ wura hͻ

    [58] Wͻn mu bi wͻhͻ a, wͻ’kasa tia wo wͻ (Soadaqa) akyεdeε no (nkyemuu) no ho. Sε yεma wͻn bi a na wͻn ani agye, na sε y’amma wͻn bi nso a na wͻn bo afu

    [59] Sε anka wͻn ani gyee deε Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no de maa wͻn no ho, εna wͻ’kaa sε: “Nyankopͻn som bo ma yεn; Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ bεma yεn wͻ n’adom mu, nokorε Nyankopͻn so na y’ani da (a, anka εno na εyε paa ma wͻn)”

    [60] (Zakat) no deε εwͻ ahiafoͻ no ne mmͻborͻwafoͻ no, ne wͻn a wͻ’yε ho adwuma, ne wͻn a wͻn akoma adane aba (Islam-som no soͻ), ne ᴐkoo mu nneduafoͻ, ne wͻn a wͻ’de ka, ne Nyankopͻn kwan so (adwuma), ne ͻkwantuni; (woi yε) ahyεdeε a efri Nyankopͻn hͻ. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ

    [61] Wͻn mu bi wͻhͻ a wͻ’ha Nkͻmhyεni no, na wͻ’ka (fa neho) sε: “Ɔyε aso (tie biribiara). (Nkͻmhyεni), ka sε: “Ɔyε aso tie papa ma mo; ͻgye Nyankopͻn di, gye agyidiefoͻ no nso di, na εyε ahummͻborͻ ma mo mu agyidiefoͻ no’’. Wͻn a wͻ’ha Nyankopͻn Somafoͻ no, wͻn wͻ asotwee a εyε ya paa (dahͻ retwεn wͻn)

    [62] Wͻ’de Nyankopͻn di nse kyerε mo (agyidiefoͻ no) sεdeε mobεgye (wͻn nsεm a wͻ’ka no) adie, na mmom Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no na εfata sε wͻ’ma wɔ’gye wͻn die sε wͻ’yε agyidiefoͻ ampa a

    [63] Enti wͻ’nnim sε, nokorε sε, obi a ͻko tia Nyankopͻn ne ne Somafoͻ no, ͻno na Amane-hunu gya no wͻ no a ͻbεtena mu afe bͻͻ? Woi ne animguaseε kεseε no

    [64] Nkͻnkͻnsafoͻ no suro sε anhwε a na Suura bi asiane aba a (εkasa) fa wͻn ho a εrebεkyerε deε εwͻ wͻn akoma mu. Ka sε: “Modeε monkͻ so ni fεw Nokorε sε, Nyankopͻn de deε mosuro no bεto dwa “

    [65] Sε wobisa wͻn a, deε wͻ’bεka ne sε: “Nsεm hunu ka ne agorͻ na yεredie.” Ka sε: “Mode Nyankopͻn ne Nensεm ne Ne Somafoͻ na εredi fεw?”

    [66] Monhwε na moampa kyεw; moyii boniayε wͻ mo gyedie akyi. Sε Yεde momu bi bͻne kyε wͻn a yεbεtwe εfa bi nso aso, efrisε nokorε sε na wͻ’yε abͻneεfoͻ

    [67] Nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mma no yε pεpεεpε, wͻ’hyε (amanfoͻ) ma wͻ’yε amumuyε, na wͻ’si (amanfoͻ) papa yε ho kwan, wͻ’twe wͻn nsa (fri adͻeε yε ho). Wͻn werε afiri Nyankopͻn, enti (Ɔno nso) werε afri wͻn. Nokorε sε, nkͻnkͻnsafoͻ no ara ne nsεmmͻnedifoͻ no

    [68] Nyankopͻn de Amanehunu gya no ahyε nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa, ne boniayεfoͻ no bͻ sε: “Emu na wͻ’bεtena”. Ogya no som bo ma wͻn. Nyankopͻn abͻ wͻn dua, na wͻn wͻ asotwee a εwͻ hͻ daa

    [69] (Wͻn mfatoho) tesε wͻn a wͻ’dii moanim kan no; na wͻn ahoͻden ne wͻn sika dodoͻ ne wͻn mma dͻͻso kyεn mo deε. Enti wͻ’de wͻn kyεfa gyee wͻn ani, enti monso mode mokyεfa agye moani sεdeε wͻn a wͻ’dii moanim kan no de wͻn kyεfa gyee wͻn ani no, na moka nsεm hunu sεdeε wͻ’kaa nsεm hunu no. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn nyuma ayε kwa wͻ wiase ne Daakye no, na saa nkorͻfoͻ no ne berεguofoͻ no

    [70] Enti wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no ho nsεm no mmeduruu wᴐn hᴐ anaa? Noa nkorͻfoͻ ne Aad ne Samuud ne Abraham nkorͻfoͻ no, ne Madiyanfoͻ ne nkuro a yεbͻͻ no no? Wͻn asomafoͻ de nkyerεkyerεmu ne nyinasoͻ pefee berεε wͻn. Nyankopͻn deε Wansisi wͻn, na mmom wͻn ara na wͻ’sisii wͻn ho

    [71] Agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no yε wͻn ho wͻn ho ayͻnkofoͻ. Wͻ’hyε (amanfoͻ) ma wͻ’yε papa, ԑna wͻ’bra (amanfoͻ) ma (wͻ’gyae) amumuyε, wͻ’frε Nyame wͻ ne berε mu, wͻ’yi Zaka, ԑna wͻ’yε sotie ma Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ. Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn behu wͻn mmͻbͻ, nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ

    [72] Nyankopͻn de Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε ahyε agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no bͻ sε: “Emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ”. Asetena pa paa wͻ Aheman a εwͻ hͻ daa no mu. Na deε εso kyεn ne nyinaa ne nyetomu a efri Nyankopͻn hͻ. Woi ne nkonimdie kεseε no

    [73] Nkͻmhyεni, ko tia boniayεfoͻ ne nkͻnkͻnsafoͻ no, na yε den wͻ wͻn so paa. Na wͻn fie ne Amanehunu gyem, na awieε bͻne paa ne hͻ

    [74] Wͻ’de Nyankopͻn di nse sε wͻ’nkaa hwee (a εyε bͻne). Nokorε sε, wͻn aka (Kaaafir) kasa anaa boniayεsεm, na wͻ’ayi boniayε wͻ wͻn Islam akyi, na wͻ’adwen deε wͻ’ntumi nnuro anaa wͻn nsa ntumi nka. Ԑnyε hwee ho nti na wͻ’de bͻne tua wͻn ka, na mmom sε Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ ama wͻn anya wͻn ho wͻ N’adom mu nti; enti sε wͻ’sakra wͻn adwen a, εyε ma wͻn, na sε wͻ'dane wͻn akyi ma (Nokorε no nso) a, Nyankopͻn bεhyε wͻn aniεyaa a εyε ya wͻ wiase ne Daakye, na wͻ'nnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ wͻ asaase so

    [75] Wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻ’ne Nyankopͻn hyεε bͻ sε: “Sε Nyankopͻn ma yεn (biribi) fri N’adom no mu a yεbεyε adͻeε na y’aka apapafoͻ no ho”

    [76] Nanso εberε a Nyankopͻn frii N’adom mu maa wͻn no, wͻ’bͻͻ ho ayεmuͻnyono anaasε wͻ’yεε ho pεpεε, wͻ’danee wͻn ho na wͻ’twi faa so

    [77] Enti Nyankopͻn tuaa wͻn ka wͻ nkͻnkͻnsa a wͻ’de ahyε wͻn akoma mu no ho, kͻpem εda a wͻ’behyia no, efrisε wͻ’buu wͻn bͻhyε a wͻ’ne Nyankopͻn ahyε no so, εnam nkotompo a wͻ’twa no ho nti

    [78] Enti wͻ’nnim sε Nyankopͻn Nim wͻn nsumaeε mu nsεm ne wͻn kokoa mu agyinatuo mu nsεm, na nokorε nso sε Nyankopͻn ne deε asuma ho Nimdefoͻ no

    [79] Wͻn a wͻ’kasa tia agyidiefoͻ no a wͻ’de wͻn ara pε yε adͻeε, ne wͻn a wͻ’nnya nanso wͻ’bͻ wͻn ho mmͻden, na εno ho enti wͻ’di wͻn ho fεw no, Nyankopͻn betua wͻn fεw die no so ka, wͻn wͻ asotwee a εyε ya paa

    [80] (Nkͻmhyεni), wosrε bͻnefakyε ma wᴐn o, anaasε w’ansrε bᴐnefakyԑ amma wͻn o, sε wosrε bͻnefakyε mperε aduͻson ma wͻn mpo a, Nyankopͻn mfa wͻn bͻne nnkyε wͻn. Efirisε wͻ’nnye Nyankopͻn ne ne Somafoͻ no nni. Onyankopͻn deε Ɔnkyerε abͻneεfoͻ no kwan

    [81] Wͻn a wͻ’kaa akyire no anigye wͻ wͻn asetena a, wͻ’tenaa no wͻ Nyankopͻn Somafoͻ no akyire no ho; wͻ’mpε sε wͻ’de wͻn agyapadeε ne wͻn kraa bεko wͻ Nyankopͻn kwan no soͻ. Deε wͻ’ka ne sε: “Monhwε na moampue ankͻ ͻhyew no mu“. Kasε: “Amanehunu gya no yε hye papaapa (kyεn awia a wͻ’mpε sε wͻ’kͻfa mu no), sε anka wͻ’te asεm ase a

    [82] Enti wͻnsere kakraabi na wͻ’besu pii (wͻ Atemmuda), na εbεyε akatua ama (dwumadi bͻne) a wͻn nsa kaeε no ho

    [83] Enti sε Nyankopͻn san de wo ba (nkͻnkͻnsafoͻ) no mu fekuo bi hͻ, na wͻ’srε wo kwan sε (wͻ’ne wo) bεkͻ (ͻkoo) a, kakyerε wͻn sε: “Monnnka meho ne me nnkͻ da, na monnnka me ho nso ne me nnko ntia atamfoͻ nso da, efrisε mopenee so tenaa (fie) deε edi kan no; enti mone wͻn a wͻ’kaa akyire no ntena (fie) “

    [84] (Nkͻmhyεni), hwε na w’amfrε Nyame angu wͻn mu bi a ͻbewuo so da, hwε nso na w’annyina n’adakamena ho (ammͻ mpaeε amma no). Nokorε sε wͻn apo Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no, na wͻn awu wͻ εberε a wͻ’yε abͻneεfoͻ

    [85] Na εmma wͻn agyapadeε ne wͻn mma no nnyε wo nwanwa (anaa εmma no nnyε wo fε). Deε Nyankopͻn repε ne sε Ɔde bεtwe wͻn aso wͻ wiase, na wͻn kraa befri wͻn mu (anaa wͻ’bewu) wͻ aberε a wͻ’yε (Kaafir) boniayεfoͻ

    [86] Sε Yesiane Suura bi ba sε: “Monye Nyankopͻn ni, na monka ne Somafoͻ no ho (neno mmom) nko a, wͻn mu adefoͻ no srε wo kwan, deε wͻ’ka ne sε: “Gya yεn (wͻ akyire), yε’bεka wͻn a wͻ’te (fie) no ho”

    [87] Wͻ’pene so sε wͻ’ka (mmaa ne) wͻn a wͻ’kaa akyire (wͻ fie) no ho. Yatua wͻn akoma ano enti wͻ’nte asεm ase

    [88] Nanso Ɔsomafoͻ no ne wͻn a wͻ’agye adi ka ne ho no de wͻn agyapadeε ne wͻn kraa ko (wͻ Nyankopͻn kwan so). Saa nkorͻfoͻ no na nneεma pa no wͻ wͻn no, na wͻ’ne nkonimdifoͻ no

    [89] Nyankopͻn de Aheman a nsubͻnten nenam aseε ahyε wͻn bͻ sε: “Emu na wͻ’bεtena”. Woi ne nkonimdie kεseε no

    [90] Ɛserε so Arabfoͻ no de kyԑwpa bae sεdeε yεbεma wͻn kwan. Saa ara na wͻn a wͻ’atwa Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ nkontompo no nso tenaa (fie.) Asotwee a εyε ya paa bεka wͻn mu boniayεfoͻ no

    [91] Bͻne nni obi a onni ahoͻden no so, anaa ͻyarefoͻ so, anaa wͻn a wͻ’nnya deε wͻ’beyie so sε (wͻ’ankͻ ͻkoo no bie), sε wͻ’di nokorε ma Nyankopͻn ne Nesomafoͻ a; ͻkwan biara nnihͻ sε yεbͻ apapafoͻ no (soboͻ). Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [92] (Saa ara nso) na wͻn a εberε a wͻ’baa wo hͻ sεdeε anka wobεma wͻn afro-boa bi (atena soͻ), wokaa sε: “Menni aboa a mede bεma mo atena soͻ”. Wͻ’danee wͻn akyi kͻeε, na awerεhoͻ ho nisuo atataa wͻn sε wͻn annya deε wͻ’beyi (de aboa Jihaad no) bͻne biara nna wͻn so

    [93] Wͻn a εkwan wͻ hͻ (sε yεbͻ wͻn soboͻ) ne wͻn a wͻ’bεsrεε wo kwan aberε a wͻ’yε adefoͻ. Wͻn apene so sε wͻ’bεka wͻn a wͻ’kaa akyire no ho. Nyankopͻn atua wͻn akoma ano, nanso wͻ’nnim

    [94] Sε mosan ba bεto wͻn a, wͻ’bεba abεpa mo kyεw. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Monhwε na moampa kyεw (efrisε) yεnnye mo nni; nokorε sε, Nyankopͻn abͻ moho amaneε akyerԑ yԑn. Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no behu mo nneyεε, na yεde mo bεba Nsumaeε mu ne Badwa mu Nimdefoͻ no anim, na W’aka dwuma a modiiε ho asεm akyerε mo .“

    [95] Wͻ’de Nyankopͻn bedi nse akyerε mo wͻ εberε a mobεsan abεto wͻn sεdeε mobԑgye wͻn adie. Enti gyae wͻn, efrisε wͻn ho wͻ fii, na wͻn fie ne Amanehunu gyem, deε wͻn nsa kaeε ho akatua ne no

    [96] Wͻ’bedi nse akyerε mo sεdeε mobεgye wͻn adie, sε mogye wͻn di a, nokorε sε Nyankopͻn deε Ɔnnye nnipa bͻnefoͻ no nni

    [97] Ԑserԑ so Arabfoͻ no boniayε ne (wͻn) nkͻnkͻnsa mu yε den papaapa, na εyε mmrε ma wͻn sε wͻ’bεyε sεdeε wͻ’nnim mmra ne ahyεdeε a Nyankopͻn asiane ama ne Somafoͻ no. Nyankopͻn ne Biribiara ho Nimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ

    [98] Ԑserԑ so Arabfoͻ no bi wͻhͻ a wͻ’fa deε wͻ’yi (no Nyame kwan soͻ) no sε (εyε) ka (na mode wͻn), wͻ’retwεn sε (εberε bᴐne bi) bεdane atia mo. Wͻn so na (εberε bͻne) bεdane aba. Nyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ a Onim biribiara

    [99] Ԑserԑ so Arabfoͻ no mu bi wͻ hͻ a wͻ’gye Nyankopͻn ne Da a edi akyire no di, na wͻ’fa deε wͻ’yi (no Nyame kwan soͻ no) ne Ɔsomafoͻ no mpaebͻ no sε εde wͻn bεn Nyankopͻn. Nokorε sε εde wͻn bεn (Nyankopͻn) ampa; Nyankopͻn de wͻn bewura N’ahummͻborͻ mu. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [100] (Nyame dwuma ho) Akansifoͻ a wͻ’dii kan wͻ wͻn a wͻ’tuu amantuo no mu, ne Ansoaarfoͻ no, ne wͻn a wͻ’de ayεmyε dii wͻn akyi no, Nyankopͻn agye wͻn atum, na wͻn nso agye (Nyankopͻn) atum; wͻn Wura Nyankopͻn asiesie Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε ama wͻn; emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ. Woi ne nkonimdie kεseε no

    [101] Ɛserε so Arabfoͻ a wͻ’atwa moho ahyia no mu bi yε nkͻnkͻnsafoͻ, Madinafoͻ no mu bi nso saa ara na wͻ’tͻkͻ so yε nkͻnkͻnsa. Wodeε wonni wͻn, na Yεn na Y’eni wͻn. Yε’bεtwe wͻn aso mprenu ansa na wͻn asan aba asotwee kεseε paa no mu

    [102] Na ebinom nso ahu wͻn bͻne; wͻ’de dwumadi pa ne deε εyε bͻne adi afra. Ebia na Nyankopͻn de wͻn bͻne akyε wͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [103] (Nkͻmhyεni), gye Soadaqa (Zaka) fri wͻn agyapadeε no mu, na fate wͻn ho na fa yε wͻn kronkron, na bͻ mpaeε ma wͻn. Nokorε sε, wo mpaebͻ no yε awerεkyekyerε ma wͻn; Nyankopͻn na Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ a Onim biribiara

    [104] Enti wͻ’nnim sε, Nyankopͻn na Ɔgye adwen sakra wͻ N’akoa hͻ, εna Ɔgye (Sadaqa) adͻeε, nokorε sε, Ɔno na Otie adwen sakra, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [105] Na ka sε: “Modeε monyε adwuma, na Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ ne agyidiefoͻ no nso behunu mo nnyuma. Yεbεsan de mo akͻ Nsumaeε mu ne Badwa mu Nimdefoͻ no hͻ, na W’abͻ mo dwuma a na modie no ho amaneε”

    [106] Afoforͻ bi nso wͻ hͻ a yabͻ wͻn ato hͻ ama Nyankopͻn ahyεdeε no; sε Ɔbεtwe wͻn aso, anaasε Ɔde bεkyε wͻn. Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, na Ɔne Onyansafoͻ

    [107] Wͻn a wͻ’si Nyame-dan wͻ adwen bͻne ne boniayε soͻ (depε sε) wͻ’paepae agyidiefoͻ no ntεm, de (saa Nyamedan no) yε hunta bea dema wͻn a wͻ’ne Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no ako pεn; nokorε sε (saa nkͻnkͻnsafoͻ no) bedi nse (akyerε wo) sε: “Ɛnyε adwen bͻne bi na wͻ’rehwehwε, na mmom papa”. Nyankopͻn di adanseε sε wͻ’yε nkontompofoͻ

    [108] (Nkͻmhyεni), hwε na woanyina (saa Nyame-dan no) mu da. Nokorε sε, (Qubba) Nyame-dan a yεtoo nefampem wͻ Nyame suro so wͻ εda a edi kan (a woduruu Madina) no, εno na εho wͻ kwan sε wogyina mu. (Saa Nyamedan no) mu na mmarima a wͻ’pε sε wͻ’yε kronkron te wͻn ho firi efii ho no wͻ. Nyankopͻn deε Ɔpε wͻn a wͻ’yε kronkron no asεm

    [109] Enti obi a ͻtoo ne dan fapem sii Nyame suro a efri Nyankopͻn hͻ, ne Nyankopͻn nyetomu soͻ no na εyε, anaasε obi a ͻtoo nedan fapem sii kokoͻ so a amena wͻ aseε ano, na ebu de no kͻhwee Amanehunu gya no mu (na εyε)? Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan

    [110] Ɛdan a wͻ’siiε (a yebubu guuiε) no enyae wͻn yayε wͻ wͻn akoma mu da, gyesε wͻn akoma twitwa asin-asin (anaa kͻpem da a wͻ’bewuo). Onyankopͻn ne Nimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ

    [111] Nokorε sε, Nyankopͻn atͻ agyidiefoͻ no kraa ne wͻn agyapadeε afri wͻn hͻ, efrisε Ɔsoro aheman no wͻ wͻn. Wͻ’reko wͻ Nyankopͻn kwan so, na wͻ’rekum (bi) na yεrekum wͻn (nso mu bi). (Woi) yε nokorε bͻhyε a εda Nyankopͻn so wͻ Tora ne Injeel ne Qur’aan mu. Hwan na odi ne bͻhyε so kyεn Nyankopͻn? Enti (agyidiefoͻ), moma moani nye modwadie a moredie no ho, na εno ne nkonimdie kεseε no

    [112] Wͻn a wͻ’sakra wͻn adwen, wͻn a wͻ’som (Nyame), wͻn a wͻyi (Nyame) ayε, wͻn a wͻ’kyiri akyiriwia, wͻn a wͻ’bͻ wͻn mu ase (ma Nyame), wͻn a wͻ’de wͻn anim butu fͻm (ma Nyame), wͻn a wͻ’hyε (amanfoͻ) ma w’ͻdi dwuma pa, na wͻ’bra (amanfoͻ) amumuyε, ne wͻn a wͻ’hwε Nyankopͻn mmra no so yie. (Nkͻmhyεni), fa (Ɔsoro aheman no mu) anigyesεm no hyԑ agyidiefoͻ no bᴐ

    [113] Ɛkwan nnihͻ ma Nkͻmhyεni ne wͻn a wͻ’agye adie no sε wͻ’bεsrε bͻnefakyε ama abosomsomfoͻ no a (wͻn awuo), sε wͻ’yε abusuafoͻ a wͻ’bεn mpo a, aberε a ada adi sε nokorε wͻ’yε Amanehunu gya no mu foͻ

    [114] Deε εmaa Abraham srεε bͻnefakyε maa n’agya no yε bͻhyε a na wahyε (na’gya) no ho nti; nanso εberε a εdaa adi maa no sε ͻyε Nyakopͻn tamfoͻ no (Abraham) twee neho frii ne ho. Nokorε sε, na Abraham yε onipa a ͻwͻ nti mmͻborͻ ne ntoboaseε

    [115] Ԑmma sε Nyankopͻn bεyera amanfoͻ bi wͻ akyire yi a W’akyerε wͻn kwan, efrisε Ɔkyerεkyerε deε wͻ’de bεyε ahwεyie (anaa deε εsεsε wͻ’twe wͻn ho fri ho) mu kyerε wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ

    [116] Nokorε sε, Nyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie no wͻ no. Ɔno na Ɔma nkwa εna Okum, na monni Okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ biara wͻ Nyankopͻn akyi

    [117] Nokorε sε Nyankopͻn ahu Nkͻmhyεni no ne amantufoͻ no ne (Madina) Ansoaarfoͻ no, wͻn a wͻ’dii Nkͻmhyεni akyi wͻ ahokyerε berε no mu a εkaa kakraabi maa wͻn mu fekua bi akoma mane frii (kwan tenenee no soͻ no) mmͻbͻ, na Ɔde wͻn mfomsoͻ nso afri wͻn. Nokorε sε, Ne yεm yε ma (adasamma), na Ɔne Mͻborͻhunufoͻ

    [118] (Nnipa) mmiεnsa no a wͻ’kaa akyire no a (w’annkͻ ͻkoo no bie) kͻpem sε, sεdeε asaase kεseε teε yi εka moaa wͻn, na wͻn ho kyeree wͻn, na wͻ’dwenee sε wͻ’ntumi nwane Nyankopͻn na mmom gyesε wͻ’kͻ Nehͻ no, afei Ɔde wͻn bͻne kyεε wͻn sεdeε wͻ’bεsakra wͻn adwen. Nokorε sε, Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene no, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no

    [119] Mo a moagye adie, Monsuro Nyankopͻn na monka nokwafoͻ no ho

    [120] Ɛnyε mma Madinafoͻ no ne Ԑserԑso Arabfoͻ no a wͻ’atwa wͻn ho ahyia no sε wͻ’te wͻn ho fri Nyankopͻn Somafoͻ no ho ka akyire, anaa wͻ’pε wͻn kraa (yie die) sen ne kraa. Efirisε sukͻm a εbεde wͻn, anaa ͻberε anaa εkͻm a εbεde wͻn wͻ Nyankopͻn kwan so, anaa anamͻn bi a wͻ’betu a εbεhyε boniayεfoͻ no abufuo, anaa wͻ’benya biribi afri atamfoͻ no hͻ no, (Nyankopͻn) twerε dwuma pa (ho akatua) ma wͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn mma apapafoͻ no akatua nyε kwa

    [121] Ade ketewaa bi, anaasε keseε biara a wͻ’beyie no, anaa ekuu biara a wͻ’bεtra no yεtwerε (papa) ma wͻn, sεdeε Nyankopͻn betua wͻn dwumadi pa a wͻ’diiε no so ka

    [122] Ԑnsεsε agyidiefoͻ no nyinaa bεpue prεko (akͻ Jihaad). Adεn na ebi mfri wͻn mu fekuo biara mu, sεdeε (wͻn a wͻ’bεka akyire no) benya (kwan asua adeε anya) ͻsom no ho nteaseε anaasε ͻsom no mu nkyerεkyerε na wͻ’abͻ wͻn nkorͻfoͻ no kͻkͻ aberε a wͻ’bεsan aba wͻn nkyεn, sεdeε wͻ’bεyε ahwεyie

    [123] Mo a moagye adie, mone boniayεfoͻ a wͻ’bεn mo no nko, na moma wͻn nhunu sε moyε den; na monhunu sε, nokorε Onyankopͻn ka Nyamesurofoͻ no ho

    [124] Ԑberε biara a Suura bi besiane aba no, wͻn mu (nkͻnkͻnsafoͻ no) bi wͻhͻ a deε wͻ’ka ne sε: ”Momu hwan na woi de gyedie foforͻ abεka negyidie ho?” Mmom wͻn a wͻ’agye adie no deε εde gyidie foforͻ aka wͻn gyidie ho, na wͻn anigye (ho) nso

    [125] Wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no deε, efii na wonya ka wͻn fii no ho, na wͻ’bewu aberε a wͻ’yε (Kaafir) aboniayεfoͻ

    [126] Wͻ’nhunuu sε afe biara yεsͻ wͻn hwε prεko anaasε mprenu? Nanso wͻ’nnsakra wͻn adwen na wͻ’nnfa nntu wͻn ho fo nso

    [127] Ԑberε biara a Suura bi besiane aba no, (nkͻnkͻnsafoͻ) no hwε wͻn ho wͻn ho anim (ka sε):” Obi hu mo anaa?” Afei na wadane wͻn ho. Onyankopͻn adane wͻn akoma (afri deε nokorε no wͻ no) efrisε wͻ’yε nnipa a wͻ’nte asεm aseε

    [128] Ampa sԑ, Ɔsomafoͻ fri mo mu aba mo nkyεn; deε εha no paa ne sε morekͻtͻ ͻsεeε mu, na (ͻyε) ntimmͻborͻ ne mmͻborͻhunufoͻ dema agyidiefoͻ no

    [129] Nasε wͻ’dane wͻn ho (fri Nokorε no ho) a, εneε (Nkͻmhyεni), ka sε: Onyankopͻn som bo ma me, Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Neso na mede me ho toͻ, na Ɔne Ahennie Kεseε no Wura no

    Surah 10
    Yunus

    [1] Aliif Laam Raa. Woi yε Nyansa Nwoma no mu nsεm

    [2] Enti εyε nnipa nwanwa sε, Y’ayi Adiyisεm ama onipa a ofri wͻn mu sε: “Bͻ adasamma kͻkͻ, na bͻ wͻn a wͻ’agye adie no anohoba sε, wͻn wͻ nkͻso pa bi wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ?” Deε (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no ka ne sε: ”Nokorε sε, woi deε εyε nkonyaa anaa nadaasεm pefee “

    [3] Nokorε sε, mo Wura Nyankopͻn no na Ɔbͻͻ soro ne asaase wͻ nna nsia mu, εna Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ; Ɔno na Ɔtoto ntotoeε (biara). Ͻgyefoͻ biara nnihͻ, gyesε Ɔma kwan ansa. Mo Wura Nyankopͻn no Ɔne no, enti monsom no. Enti monnfa (saa asɛm yi) nnyε afutuo

    [4] Monyinaa Nehͻ ne monkyi. Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε. Nokorε sε Ɔno na ofitii abͻdeε no aseε, εna Ɔbεsan de no aba (nkwa mu) bio, sεdeε Ɔbetua wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no ka pεpεεpε; na wͻn a wͻ’yi boniayε no wͻ nsuohyeε a wͻ’bεnom ne asotwee a εyε ya paa, εnam wͻn boniayε no ho nti

    [5] Onyankopͻn na W’ama awia nhyerεnee εna (W’ama) bosome nso nhyerεnee, εna W’ahyehyε soεbrε ama no, sεdeε mobehunu mfi dodoͻ ne nkontabuo no. Onyankopͻn ammͻ woi (kwa), na mmom (Ɔbͻͻ no) nokorε nti, Ɔkyerεkyerε Nensεm no mu dema amanfoͻ a wͻ’nim

    [6] Nokorε sε abirabͻ a εwͻ adesaeε ne adekyeε mu, ne nneεma a Nyankopͻn abͻ a εwͻ soro ne asaase soͻ no (nyinaa) yε nsεnkyerεnee dema amanfoͻ a wͻ’suro Nyame yε ahwεyie

    [7] Nokorε sε, wͻn a wͻ’nni Yεn nhyiamu (da) no ho anidaasoͻ, na wͻ’agye wiase asetena no ato mu, na wͻn akoma atͻ wͻn yεm wͻ ho no, saa nkorͻfoͻ no na wͻn abu wͻn ani agu Yεn nsεnkyerεnee no soͻ no

    [8] Saa nkorͻfoͻ no na wͻn fiee ne Amane hunu gyem no, εnam dwuma a wͻn nsa kaeε no ho nti

    [9] Nokorε sε wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, wͻn Wura Nyankopͻn de wͻn gyidie no bεkyerε wͻn kwan; nsubͻnten bεtene wͻ wͻn ase wͻ Anigyeε Aheman no mu

    [10] Wͻn frε a wͻ’de bεfrε (Nyankopͻn) wͻ (Aheman) no mu ne sε: “Kronkron Hene Twieduampͻn Nyankopͻn!” Na wͻn nkyea wͻ mu hͻ ne sε:” Asomdwiε.“ Na wͻn frε no nso awieε ne sε. “Aseda wͻ Nyankopͻn, abͻdeε nyinaa Wura

    [11] Sε Nyankopͻn pε ntεm yε nnipa bͻne, sεdeε Ɔyε papa ntεm ma wͻn no a, anka wͻn berε no aso. Nanso Ye’gyae wͻn a wͻ’nni anidaasoͻ no ma Yεn nhyiamu (da) no wͻ wͻn bͻne mu ma wͻ’keka (kͻ tesε anifirafoͻ)

    [12] Sε ͻhaw bi to onipa a, ͻda nenkyεn mu anaasε ͻtena hͻ anaasε ogyina hͻ su frε Yεn, nasε Yε’yi ͻhaw no firi ne so a, otwam tesε deε onsu mfrεε Yεn da wͻ ͻhaw a εtoo no no ho. Saa na Yε’ma dwuma a nsεmmͻnedifoͻ no die no yε wͻn fε

    [13] Ampa sε, Y’asεe awoͻ ntoatoasoͻ (pii) a wͻ’dii mo anim kan no, εberε a wͻ’yεε bͻne; wͻn asomafoͻ de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee berεε wͻn, nanso wͻn anye anni. Saa na Ye’tua nnipa bͻnefoͻ no ka

    [14] Afei Yε’yεε mo ananmusifoͻ wͻ asaase no so wͻ wͻn akyi, sεdeε Yε’behunu dwuma a monso mobedie

    [15] Sε Yεrekenkan Yεn Nsεnkyerεnee pefee no kyerε wͻn a, deε wͻn a wͻ’nni anidaasoͻ de ma Yεn nhyiamu (Da) no ka ne sε: “Fa Qur’aan foforͻ a εnyε woi bra, anaasε sesa no’’. (Nkͻmhyεni), ka sε :” Menni ho kwan sε mede me ara mepε bεsesa no. Medeε deε yayi ama me no na medi akyire. Medeε mesuro sε mεyε me Wura Nyankopͻn (asεm ho) asoͻden εnam Da kεseε no asotwee no ho nti”

    [16] Ka sε: “Sε Onyankopͻn pε a, anka m’ankenkan (Qur’aan yi) ankyerε mo, anaasε anka Wamma mo anhu. Ampa sε m’adikan atena mo mu mfie (pii a moni me yie) ansa (na Nyankopͻn de saa dwumadi kεseε yi rema me). Adεn na monte aseε ?”

    [17] Enti (nipa) bͻneni bεn paa na ͻkyεn obi a ͻbͻ ne tri mu twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaasε otwa Nensεm ho nkontompo? Nokorε sε abͻneεfoͻ no nni nkonim da

    [18] Wͻ’fri Nyankopͻn akyi som deε entumi mma wͻn ͻhaw anaasε εmma wͻn mfasoͻ (biara), na wͻ’kasε: “(Y’abosom) woi nom ne yεn gyefoͻ wͻ Nyankopͻn anim”. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Moreka deε Onyankopͻn nnim wͻ ͻsoro anaasε asaase so akyerε no?1“ Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn kyεn deε wͻ’de bata Neho no

    [19] Na anka nnipa (nyinaa) yε ͻman baako, εna (akyire yi) wͻ’ntεm totoeε. Na εnyε sε asεm no adikan wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ (sε Atemmuda na Ɔbebu nnipa ntεm atεn) a, nokorε sε anka W’abu wͻn ntεm atεn (dadaada) wͻ deε wͻ’nnte wͻn ho ase wͻ ho no ho

    [20] Wͻ’ka sε: “Adεn nti na nsεnkyerε-nee bi mfiri ne Wura Nyankopͻn hͻ mma ne hͻ? Ka sε: “Ahuntasεm no deε, εwͻ Nyankopͻn“. Enti montwεn, na nokorε sε menso meka moho ka wͻn a wͻ’retwεn no ho “

    [21] Sε Yε’ma nnipa ka ahummͻborͻ bi hwε wͻ ͻhaw bi a εtoo wͻn no akyi a, wobehunu sε, wͻ’rebͻ Yεn Nsεm no ho pͻ. Kasε: ”Onyankopͻn ho yε hare wͻ pͻbͻ ho paa. Nokorε sε Y’abͻfoͻ no retwerε εpͻ (biara a) morebͻ no “

    [22] Ɔno na Ɔma mo tumi tu kwan wͻ asaase so ne ͻpo so, kͻpem sε mobεtena nsuom-hyεn mu, na εde mo atu wͻ mframa pa mu ama wͻn ani agye ho, na afei mframa den ne asorͻkye firi bea biara bͻ ba, na wͻn adwene ayε wͻn sε (owuo) atwa wͻn ho ahyia. (Saa berε no) wͻ’sufrε Nyankopͻn wͻ anidie ne ahobraseε mu sε: “(Awurade), sε wogye yεn fri woi mu a yε’bεka wͻn a wͻ’yi (wo) ayε no ho “

    [23] Nanso sε Ɔgye wͻn (fri mmusuo no mu) a, wobehunu sε wͻ’redi bͻne, te atua a enni ho kwan sε wͻ’yε no wͻ asaase no soͻ. Adasamma, mo bͻne (ho asεm) tia mo ara, wiase asetena mu anigyeε (yε berε tiaa bi) na Yε’hͻ ne monkyi, na Yε’bεbͻ mo dwuma a modiiε no ho amaneε

    [24] Nokorε sε, wiase asetena yi mfatoho tesε nsuo a Yesiane firi soro dema asaase so nnuaba a nnipa ne mmoadoma die no (fifiri) di afra, kͻpem sε asaase no bεfa n’ahosiesie deε na ayε fε; (sε εba saa a) na newuranom no adwen yε wͻn sε wͻn na wͻn wͻ tumi wͻ soͻ. (Ɛde saa ara) kosi sε, Y’ahyεdeε bεba so anadwo anaasε adekyeε, na Y’ayε ama no (ayε sε afuo a) yatwa na ayε sεdeε nnora na enni hͻ koraa no. Saa ara na Yε’kyerεkyerε Yε’nsεm no mu dema amanfoͻ a wͻ’dwen

    [25] Nyankopͻn refrε (mo) akͻ Asomdwiε fie, na Ɔkyerε obi a Ɔpε kwan kͻ kwan tenenee no so

    [26] Wͻn a wͻ’di dwuma pa no wͻ akatua pa ne (akatua pa no ho) ntosoͻ. Esum anaa animguaseε biara nnkata wͻn anim (wͻ Daakye Atemmuda). Wͻ’ne Ɔsoro Aheman no mu foͻ no, na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [27] Wͻn a wͻnsa kaa bͻne no nso, bͻne so akatua no ara pεpεεpε (na yεde betua wͻn ka); na animguaseε bεmene wͻn; na wͻ’nnya ͻgyefoͻ wͻ Nyankopͻn anim. Wͻ’bεyε tesε deε yεde anadwo sum tumm sini bi akata wͻn anim. Saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no, emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [28] Ɛda a Yε’bεboa wͻn nyinaa ano no, Yε’bεka akyerε wͻn a wͻ’de biribi bataa Nyankopͻn ho no sε: “Mo ne wͻn a mode wͻn bataa Nyankopͻn ho no, monyina faako a mogyina no ara. Na Yε’bεpaepae wͻn ntεm. Wͻn a wͻ’de wͻn bataa Nyankopͻn ho no bεka akyerε (abosomsomfoͻ no) sε: “Yεn deε εnyε yεn na na mosom yεn no”

    [29] Onyankopͻn som bo sε Ɔdanseni wͻ yεn ne montεm sε, yε’deε yennim som a na mosom (yεn) no ho hwee

    [30] Ɛhͻ na ͻkra biara behunu dwuma a (odi) detoo n’anim, na yεde wͻn bεsan akͻ wͻn Wura paa no hͻ, na nkontompo a wͻ’bͻͻ wͻn trim twaeε no bεyera afri wͻn ho

    [31] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Hwan na ͻbͻ mo akͻnhoma fri soro ne asaase soͻ? Anaasε hwan na ͻwͻ aso a εte asεm ne ani a ehunu adeε no ho tumi? Na hwan na ͻma ateasefoͻ pue fri awufoͻ mu, na ͻma awufoͻ nso pue fri ateasefoͻ mu? Na hwan na ͻtoto ntotoeε (nyinaa)?” Deε wͻ’bεka nesε, “Onyankopͻn.“ Ɛneε ka sε: “Enti monsuro Nyankopͻn?”

    [32] Mo Wura Nyankopͻn paa no ne no. Na εdeεn na εwͻ nokorε akyi bio, gyesε ͻyera (anaasε nkontompo)? Na adεn na modane mo ho (fri nokorε no ho)

    [33] Saa na wo Wura Nyankopͻn asεm ayε nokorε atia abͻneεfoͻ no, nokorε sε wͻ’nnye nni

    [34] Kasε: “Enti obi wͻ mo mmatahofoͻ no mu a ͻhyε abͻdeε aseε na afei (otumi) san (owufoͻ) no (ba nkwa mu bio)? Afei adεn na modane mu ho (fri Nokorε no ho)

    [35] Ka sε: “Enti obi wͻ mo mmatahofoͻ no mu a ͻkyerε kwan kͻ Nokorε no mu?” Ka sε: “Onyankopͻn na Ɔkyerε kwan kͻ nokorε no mu. Ɛneε na Obi a Ɔkyerε kwan kͻ nokorε no mu no Ɔno na εsεsε yedi n’akyi, anaasε obia ontumi nkyerε (ne ho mpo) kwan gyesε yεkyerε no kwan ansa no?” Na deεn na εha mo wͻ sεdeε mosi bu atεn yi

    [36] Deε wͻn mu dodoᴐ no adwen kyerε wͻn no na wͻ’di akyire. Nokorε sε, deε wͻn adwen kyerε wͻn no ho mma mfasoͻ biara wͻ Nokorε no ho. Nokorε sε, Onyankopͻn ne dwuma a wͻ’die no ho Nimdefoͻ

    [37] Saa Qur’aan yi nnyε (Nwoma) a Onyankopͻn akyi (obi betumi) abͻ (ne) trimu ayε bie, na mmom (εyε Nyankopͻn Nwoma a) εfoa (Tora ne Injeel) a edi n’anim kan (baeε) no so, ne Nwoma no nkyerεkyerεmu; akyinnyeε biara nni mu, efri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ

    [38] Anaasε wͻ’ka sε: “(Muhammad) abͻ ne tri mu (na atwerε)? “Ka sε: “Ɛneε monfa Suura a, εte saa mmra, na monfri Nyankopͻn akyi mfrε obia mobetumi, sε moyε nokwafoͻ ampa a

    [39] Daabi, wͻ’bu deε wͻn nimdeε nnuruu ho no sε nkontompo, aberε a nenkyeraseε nnuruu wͻn hͻ. Saa ara na wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no buu no atorͻsεm; na hwε sεdeε abͻneεfoͻ no awieε si wieε

    [40] Wͻn mu bi nom gye di, na wͻn mu bi nso nnye nni; na wo Wura Nyankopͻn Nim nsεmͻnedifoͻ no paa

    [41] Sε wͻ’bu wo nkontomponi a, kasε: “M’adwuma wͻ me, εna monso mo adwuma wͻ mo, na medeε m’atwe me ho afri dwuma a modie no ho.”

    [42] Wͻn mu bi wͻhͻ a wͻ’tie woͻ. Enti wobetumi ama asosifoͻ ate asεm, sε wͻ’nte asεm ase mpo a

    [43] Wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻ’hwε woͻ. Enti wobetumi akyerε onifrani kwan, sε wͻ’nnhunu adeε mpo a

    [44] Nokorε sε, Nyankopͻn nnsisi nnipa wͻ hwee ho, na mmom nnipa no ara na wͻ’sisi wͻn ho

    [45] Ɛda a Ɔbεboa wͻn ano no εbεyε wͻn sε wͻ’nntenaa (wiase anaa adakamena mu) da, na mmom (sε watena mu mpo a εyε) adekyeε mu dͻnhwere (tiaa) bi; na wͻ’behu wͻn ho wͻn ho. Nokorε wͻn a wͻ’buu Nyankopͻn Nhyiamu (Da) no sε atorͻsεm no aberε agu, na wͻ’nyε atenenefoͻ

    [46] Sε Yε’beyi deε Ya’hyε wͻn ho bͻ no mu bi akyerε wo (wͻ wonkwa nna mu), anaasε Yε’bεma wo awuo (ansa), Yεn hͻ ne wͻn nyinaa nkyi, na Onyankopͻn ne dwuma a wͻ’die no ho Danseni

    [47] Ɔman biara wͻ ͻsomafoͻ. Enti sε wͻn somafoͻ no ba (wͻ Atemmuda) a, yεbebu wͻn ntεm atεn pεpεεpε na yensisi wͻn

    [48] Deԑ wͻ’ka ne sε: “Ɛberε bεn na saa bͻhyε no (besie), sε moyε nokwafoͻ ampa a?”

    [49] Ka sε: “Menni deε εma me ͻhaw anaasε mfasoͻ ho tumi, gyesε deε Onyankopͻn pε. Ɔman biara wͻ εberε (a yahyehyε ama no), sε wͻn berε no so a, εnka akyi dͻnhwere baako, εna εnkͻ n’anim nso (dͻnhwere baako)

    [50] Ka sε: “Moahunu, sε N’asotwee no ba mo so adekyeε (berɛ mu) anaasε anadwo (berɛ mu) a, emu deε εwͻ hen na abͻneεfoͻ no repre ho no?”

    [51] Anaasε esi wie a na mobεgye adie? Seesei; (afei na moagye adie?) Ampa sε na morepε no ntεm

    [52] Afei yεbεka akyerε wͻn a wͻ’yεε bͻne no sε: “Monka afe bͻͻ asotwee no nhwε; dwuma a modiiε no so akatua na yεde atua moka

    [53] (Nkͻmhyεni), wͻ’rebisa wo sε: “Ɛno yε nokorε?“ Ka sε: Aane; Mede me Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε paa; na montumi nnsi ho kwan”

    [54] Nokorԑ sε ͻkra bi a w’ayε bͻne wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa mpo sε ͻde bεyε mpata (anya neho afa adi a, yεnnye saa mpata no). Wͻ’benu wͻn ho wͻ wɔn akoma mu wɔ berε a wͻ’behunu asotwee no; na yebebu wͻn ntεm atεn tenenee, na yennsisi wͻn

    [55] Hwε, nokorε sε, deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Hwε, nokorε sε, Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε, nanso nnipa pii nnim

    [56] Ɔno na Ɔma nkwa εna Okum, na Nehͻ na mobεsan akͻ

    [57] Adasamma, ampa sε Afutusεm ne akoma mu (yadeε ho) ayaresa ne kwankyerε, ne ahummͻborͻ dema agyidiefoͻ no, fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ

    [58] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Onyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ, εno na εsεsε wͻn ani gye ho; εno mmom na εyε kyεn deε wͻ’reboaboa ano no

    [59] Ka sε: “Moahunu akͻnhoma a Onyankopͻn asiane ama mo no a moayε emu bi akyiwadeε εna moama emu bi nso ho kwan no”. Ka sε: “Onyankopͻn na ama mo ho kwan, anaasε mobͻ mo trim twa nkontompo to Onyankopͻn so?”

    [60] Wͻn a wͻ’bͻ wͻn trim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ no adwen ne sεn wͻ Wusͻreε da no ho? Nokorε sε, Onyankopͻn yε Adom Hene ma adasamma, nanso wͻn mu pii nnyi (Onyankopͻn) ayε

    [61] (Nkͻmhyεni), dwuma die biara a wowͻ mu, anaa deε wobεkenkan afri Qur’aan mu, anaa dwuma die a mobedie no, Yedi mo ho adanseε εberε a mo wͻ mu no. Na (deε) emu duro ketekete tesε aboboaa (a ani ntumi nhunu) wͻ asaase so, anaa ͻsoro anaa deε esua kyεn saa anaasε deε εso kyεn saa, (emu biara) nsuma wo Wura Nyankopͻn, na mmom (ne nyinaa) wͻ Nwoma pefee no mu

    [62] Nokorε sε wͻn a Nyankopͻn taa wͻn akyi no ehuu biara mmͻ wͻn, na wͻn werε nso nnho (wͻ Atemmuda)

    [63] Wͻn a wͻ’gye diiε na wͻ’suroo Nyankopͻn no

    [64] (Saa nkorͻfoͻ no) wͻ anigyesεm wͻ wiase asetena yi mu ne Daakye no nso. Nsakraeε nni Nyankopͻn Nsεm mu. Woi ne nkonimdie kεseε no

    [65] (Nkͻmhyεni), εmma wͻn nsεm (a wͻ’keka) no nnyε wo awerεho; efrisε tumi ne animuonyam nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, Ɔne Onimdefoͻ no

    [66] Hwε, nokorε sε obiara a ᴐwͻ soro ne obiara a ᴐwͻ asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Wͻn a wͻ’fri Nyankopͻn akyi sufrε (anyame ahodoͻ no) nni (Onyankopͻn) mmataho bi a wͻ’di akyire, na mmom deε wͻn adwen kyerε wͻn na wͻ’di akyire, na atorͻsεm na wͻ’die

    [67] Ͻno Nyankopͻn na W’ayε anadwo ama mo sεdeε mobεgye moahome wͻ mu, εna (W’ayε) adekyeε nso (sεdeε mode) behunu (biribiara pefee). Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma nnipa a wͻ’tie (Nyankopͻn asεm no kͻ adwendwen mu)

    [68] (Wͻ’kasε: Nyankopͻn awo ba. Kronkron Hene ne no. Ɔne )Otumfoͻ a( W’anya neho a onhia obiara biribiara. Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so (nyinaa) wͻ no. Monni (saa asεm) woi ho nyinasoͻ biara (a εkyerε sε Nyankopͻn awo ba). Anaasε moka deε monnim deto Nyanko-pͻn so

    [69] (Nkͻmhyεni), Ka sε: “Wͻn a wͻ’bͻ wͻn trim twa nkotompo to Nyankopͻn soͻ no nni nkonim da.”

    [70] Wiase mu anigyeε (yε kakraabi); afei Yε’hͻ ne wͻn nkyi, na Yε’bεma wͻn aka asotwee denden no ahwε, εnam (nokorε a) wͻ’pooeε no ho nti

    [71] Ka Noa ho asεm no kyerε wͻn, εberε a ͻka kyerεԑ ne nkrorͻfoͻ sε: ”Menkorͻfoͻ, sε εha a mewͻ yi, ne m’afutuo a mede Nyankopͻn asεm no retu mo foͻ no ayε mo adesoa a, εneε Nyankopͻn na mede me ho twere no. Enti mone mo anyame no momͻ pͻ a mobεbͻ. Na monhwε na moamma moadwen anhinhim wͻ mo dwuma die no ho, na monyε deε mobεyε (biara ntia) me, na monhwε na moamma me ahomegye berε

    [72] Na sε modane moakyi dema a, εneε memisaa mo akatua bi; m’akatua deε Onyankopͻn hͻ na εwͻ. Yahyε me sε menka Muslimifoͻ no ho

    [73] Nanso wͻ’buu Noa torofo, enti Yε’gyee no ne wͻn a εka ne ho no nkwa wͻ nhyεmma no mu; na Yε’yεε wͻn anaamusifoͻ, na Yε’maa nsuo faa wͻn a wͻ’buu Yε’nsεm no atorͻsεm no. Enti hwε sεdeε wͻn a yεbͻͻ wͻn kͻkͻ no awieε si wieε

    [74] Afei n’akyi no, Yε’somaa asomafoͻ (pii) maa wͻ’kͻͻ wͻn nkorͻfoͻ hͻ. Wͻ’de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no berεε wͻn, nanso wanye deε wͻ’buu no nkontomposεm kane no anni. Saa na Y’etua abͻneεfoͻ no a wͻ’to mmra no akoma ano

    [75] Afei wͻn akyi no Y’εde Yεn nsεnkyerεnee somaaa Mose ne Aaron maa wͻ’kͻͻ Farao ne nenhemfo no hͻ, nanso wͻ’yεε ahomasoͻ. Na wͻ’yε nnipa nsεmͻnedifoͻ paa

    [76] Ɛberε a Nokorε no fri Yεn hͻ baa wͻn hͻ no, wͻ’kaa sε: “Nokorε sε, woi deε εyε nkonyaa pefee“

    [77] Mose kaa sε: “Deε moreka fa Nokorε no a aba mo hͻ no ho nie? Woi yε nkonyaa?” Nkonyaayifoͻ deε wͻ’nni nkonim da

    [78] Wͻ’kaa sε: “(Mose), waba yεn hɔ rebεdane y’ani afri deε yε’bεtoo y’agyanom sε wͻ’resom no so, sεdeε mo mmienu mobεma moho so wͻ asaase yi soͻ? Yε’deε yε’nnye mo mmienu nni

    [79] Farao ka kyerεε (Nenhemfo no) sε: “Monfa nkonyaayini biara a w’aben anaa onim de mmrε me”

    [80] Enti εberε a nkonyaayifoͻ no baeε no, Mose ka kyerε wͻn sε: Monto deε mowͻ toͻ (biara)

    [81] Enti εberε a wͻ’toeε no, Mose kaa sε: “Deε mode aba no yε ntafowa. Nokorε sε Nyankopͻn bεsεe no”. Nokorε sε Nyankopͻn mma nsεmͻnedifoͻ adwuma nnyε yie da”

    [82] Onyankopͻn nam N’asεm so bεma Nokorε no atim, sε abͻneεfoͻ no mpε mpo a

    [83] Ɛnam Farao ho huu ne wͻn nhemfo no aniεyaa a wͻ’bεhyε wͻn no ho nti, wͻ’annye Mose anni gyesε ne nkorͻfoͻ no mu (nnipa) kakraa bi. Nokorε sε na Farao yε ahomasoͻ paa wͻ asaase no so; nokorε nso sε, na ͻka nsεmͻnedifoͻ no ho

    [84] Mose kaa sε: “Menkorͻfoͻ, sε moagye Nyankopͻn adi ampa a, εneε Ɔno na monfa moho nto ne soͻ, sε moyε Muslimifoͻ ampa a

    [85] (Israel mma no) kaa sε: “Onyankopͻn so na yεde yεn ho atoͻ, Ye’Wura Nyankopͻn, εmfa yεn nnyε nsͻhwε mma nnipa bͻnefoͻ no

    [86] Na fa W’ahummͻborͻ gye yεn firi nnipa a wͻ’nnye (Wo) nnie no nsam”

    [87] Y’eyi kyerεε Mose ne nenua (Aaron) sε: “Monya afie wͻ Misrim ma monkorͻfoͻ no, na monyε moafie no Nyamedan, na monfrε Nyame. Na fa anigyesεm no ho bᴐhyԑ no ma agyidiefoͻ no

    [88] Mose kaa sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, ampa sε, W’ama Farao ne nenhemfo wiase yi mu afεεfεdeε ne ahonya deɛ. Ye’Wura Nyankopͻn, wͻ’nam so de yera (amanfoͻ) fri Wo kwan no so. Ye’Wura Nyankopͻn, (yεserε Wo sε,) sεe wͻn ahonyadeε no, na ma wͻn akoma nyε den, sεdeε wͻ’nnye (Nokorε no) nnie, kosi sε wͻ’behunu asotwee yaaya no

    [89] Onyankopͻn kaa sε: “Matie mo mmienu suferε no, enti monyina pintinn, na monhwε na moannfa wͻn a wͻ’nnim no kwan no so”

    [90] Yε’de Israel mma no betwaa ͻpo no, na Farao ne n’asraafoͻ de atrimuͻden ne ͻtan dii wͻn akyi, kͻpem εberε a nsuo refa no, ͻkaa sε: “M’agye adi sε nokorε, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Nea Israel mma no agye no adie no, na meka Muslimifoͻ no ho

    [91] (Onyankopͻn kaa sε): “Seesei (na woregye adie!) Ampa sε w’adikan ayε asoͻden, na woka nsεmͻnedifoͻ no ho

    [92] Enti εnnε Yε’bεgye wo honam no (anaasε Yε’mma wohonam no mporͻ wͻ nsuo no mu) sεdeε εbεyε nsεnkyerεnee ama wͻn a wͻn wͻ w’akyire no. Nokorε sε, nnipa no mu pii abu wͻn ani agu Yεn nsεnkyerεnee no so

    [93] Nokorε sε, Yε’de Israel mma no tenaa asetena pa mu, εna Yε’de nnepa nso bͻͻ wͻn akͻnhoma; na akyinyeε biara nni wͻn ntεm kͻpem sε nimdeε no baa wͻn hͻ. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bebu wͻn ntεm atεn wͻ deε wͻ’nnte wᴐn ho ase wᴐ ho no ho

    [94] Enti sε w’adwen nnsi wo pi wͻ deε Y’asiane ama woͻ no ho a, εneε bisa wͻn a wͻ’dii w’anim kan kenkan Nwoma no. Ampa sε, Nokorε no na efri wo Wura Nyankopͻn hͻ aba wo hͻ no, enti monhwε na moankͻka wͻn a wͻn adwen nsi wͻn pie no ho

    [95] Monhwε na moankͻka wͻn a wͻ’bu Nyankopͻn nsεm no atorͻsεm no ho, na moankͻka berεguofoͻ no ho

    [96] Nokorε sε, wͻn a wo Wura Nyankopͻn asεm no nokorε atia wͻn no nnye nni

    [97] Sε (yεde) nsεnkyerεnee nyinaa mpo berε wͻn a, kͻpem sε wͻ’behunu asotwee yaaya no ansa

    [98] Adεn na kuro biara annye annie amma ne gyidie no ho amma mfasoͻ amma no? Gyesε Yona nkorͻfoͻ no (nko ara). Ɛberε a wͻ’gye diiε no Ye’yii animguaseε asotwee no frii wͻn so wͻ wiase asetena yi mu, na Yε’maa wͻ’tenaa ase gyee wͻn ani kͻpem εberε bi

    [99] Sε wo Wura Nyankopͻn pε a, anka wͻn a εwͻ asaase soͻ no nyinaa bεgye adi. Na wobεhyε nnipa akͻpem sε wͻ’bεyε agyidiefoͻ anaa

    [100] Ԑmma sε ͻkra bi bεgye adi, gyesε Nyankopͻn ma ho kwan ansa. Na Ɔde asotwee anaasε efii to wͻn a wͻ’nte asεm aseε anaa wͻ’nnwen no so

    [101] (Nkͻmhyεni), kasε: “Monhwε deε εwͻ soro ne asaase soͻ no”. Nanso nsεnkyerεnee ne kͻkͻbͻfoͻ no ho amma mfasoͻ amma nnipa a wͻ’nnye nnie no

    [102] Enti deε wͻ’retwεn ara ne, wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan kͻeε no nna no sεso? (Nkͻmhyεni), kasε: “Ɛneε montwεn, menso meka mo ne wͻn a wͻ’retwεn no ho”

    [103] Afei Yε’gyee Y’asomafoͻ no ne wͻn a wͻ’gye diiε no nkwa. Saa ara na εyε Y’asεde sε Yε’gye agyidiefoͻ no

    [104] Kasε: “Adasamma, sε moadwen nnsi mo pi wͻ me som no ho a, εneε monhwε na moansom wͻn a mofri Nyankopͻn akyi som no, na mmom monsom Nyankopͻn a Ɔma mo wuo no; na medeε yahyε me sε menka agyidiefoͻ no ho

    [105] Na gyina pintinn, na fa w’anim kyerε ͻsom a εtenee no; na hwε na w’ankͻka abosomsomfoͻ no ho

    [106] Hwε na w’amfri Nyankopͻn akyi amfrε adeε a enni mfasoͻ mma woͻ, anaasε entumi mma wo ͻhaw, na sε woyε (saa) a εneε na woka abͻneεfoͻ no ho

    [107] Sε Nyankopͻn de ͻhaw bi to wo so a, enni obi a obetumu ayi afri hͻ, gyesε Ɔno ara; na sε Ɔpε wo papa bi nso a, obiara nnihͻ a ͻbetumi adane N’adom no ani. Ɔma Nenkoa mu nea Ɔpε nsa ka (N’adom no), na Ɔne Bͻnefakyε Hene no, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [108] Ka sε: “Adasamma, ampa sε Nokorε no fri mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ. Enti obi a ͻbεtene (afa kwan pa no soͻ) no, εneε ͻtene ma ͻno ara ne ho, na obi a ͻbεyera no nso ͻyera tia ͻno ara ne ho, na me deε mennyε moso hwεfoͻ

    [109] (Nkͻmhyεni), di deε yayi ama woͻ no akyi, na si aboterε kosi sε Nyankopͻn bebu atεn, na Ɔne Atemmufoͻ no mu Ɔtemmufo papa no

    Surah 11
    Hud

    [1] Alif - Laam - Raa. (Woi yε) Nwoma a emu nsεm no sipi wᴐ nimdeԑ mu, afei yakyerεkyerε mu pefee; efri (Otumfoͻ) Nyansafoͻ , Amane bͻ Wura no hͻ (sε)

    [2] Monhwε na moansom (obiara) gyesε Onyankopͻn (nko ara). Nokorε sε, meyε kͻkͻbͻ ne anigyesԑm (ho somafoͻ) a mefri Nehͻ ma mo

    [3] ‘’Monsrε mo Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra moadwen nkͻ Nehͻ, na Ɔbεma mo atena asetena pa akosi εberε a yahyehyε ato hͻ (ama mo), na Ɔde N’adom no ama obi a ͻwͻ adom. Na mmom sε modane mo ho (fri Nokorԑ no ho) a, εneε medeε mesuro Da kεseε no asotwee no ma mo “

    [4] Onyankopͻn hͻ na εyε monkyi, Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumi

    [5] Nokorε sε, wͻ’kata wͻn akoma so de (ͻtan) suma. Nokorε sε, εberε a wͻ’de wͻn ntoma akata wͻn ho no mpo Onim deε wͻ’de suma ne deε wͻ’da no adie (nyinaa). Nokorε sε Ɔno ne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ no

    [6] Abͻdeε a εwͻ asaase so biara akͻnhoma da Nyankopͻn so; Onim faako a ͻteε ne (berε a ͻwͻ awodeε mu), ne bea a ͻbewuo, ne n’adakamena mu. Biribiara wͻ Nwoma pefee (Lawhul Mah’fuuz) no mu

    [7] Ɔno na Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase, na Netumi ahennwa no wͻ nsuo no so; sεdeε Ɔbεsͻ mo ahwε sε mo mu hwan na odi dwuma pa paa. Sε woka kyerε wͻn sε: ‘’Mowuo akyi no yε’benyane mo a, wͻn a wͻ’nnye nnie no asεm a wͻ’ka ne sε: ‘’Woi deε εyε nkonyaa anaasε nnaadaa pefee “

    [8] Sε Yε’twentwεn asotwee no so dekͻ berε bi a yahyε a, deε wͻ’ka nesε: ‘’Ɛdeεn na asi (asotwee no) ho kwan?” Nokorε sε, Ɛda a εbεba wͻn soͻ no, biribiara ntumi nnane no mfri wͻn so, na deε wͻ’dii ho fεw no betwa wͻn ho ahyia

    [9] Sε Yε’ma onipa ka ahummͻborͻ bi fri Yεn hͻ hwε, na afei Ye’yi (ahummͻborͻ no) fri ne so a, afei hwε, na wapa aba, reyi (Nyame) boniayε

    [10] Sε Yε’ma no ka adom bi hwε wᴐ ᴐhaw bi a ato no akyi a, deε ͻka ne sε: “Bͻne (anaasε ͻhaw) no afri me so kͻ“. Nokorε na wayε ahomasoͻ, retu ne ho

    [11] Gyesε wͻn a wͻ’si aboterε na wͻ’di dwuma pa no, saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ bͻnefakyε ne akatua kεseε

    [12] (Quraishfoͻ no reha wo sԑdeԑ) ebia wobegyae deε yayi ama woͻ no mu bi na wᴐ’de ama w’akoma asεe, efrisε wͻ’ka sε: ‘’Adεn nti na yennsiane ahonyadeε bi mma no, anaasε Soro abͻfoͻ bi mεka neho?” (W’adwuma ara ne sε) woyε kͻkͻbͻni. Onyankopͻn na biribiara twere no

    [13] Anaa wͻ’ka sε: “Wabͻ wotrim (na atwerε Qur’aan no)?” Ka sε: ‘’Monfa nesεso Suura’ du a yabͻ yetrim (na atwerε) mmra, na monfri Nyankopͻn akyi mfrε obia mobetumi, sε moyε nokwafoͻ ampa a

    [14] Sε wͻn amma mo mmuaeε a, εneε monhunu sε Nyankopͻn nimdeε mu na yεde sianee (saa Qur’aan yi). Awurade biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara, Enti mobεbrε moho ase ayε Muslimifoͻ

    [15] Obi a ͻpε wiase asetena yi ne emu afεεfεdeε no, Yε’hyε wͻn dwumadie no ho akatua no mma pεpεεpε wͻ (wiase) mu dema wͻn, na yεnte so koraa

    [16] Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’nni (kyεfa biara) wͻ Daakye no mu no, gyesε Amanehunu gya; deε wͻ’yεε no wͻ (wiase yi) mu no (nyinaa) ayε kwa, na dwuma a na wͻ’die no ho amma mfasoͻ

    [17] Enti (saa nkorᴐfoᴐ no tesε) obi a ͻwͻ nyinasoͻ pefee a efri ne Wura Nyankopͻn hͻ, na ͻdanseni a ofri Nyankopͻn hͻ no kenkan, na Mose Nwoma a εyε kwankyerε ne Ahummͻborͻ adi n’anim kan? Saa nkorͻfoͻ yi gye di. Na nnipa kuo no mu biara a w’annye annie no Amanehu gya no mu na yahyε no ho bͻ. Enti εmma w’adwen nnyε wo ntanta wͻ ho, efrisε, εno ne nokorε no a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, nanso nnipa pii nnim

    [18] (Onipa) bͻneni bεn na ͻkyεn obia otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ? Yε’de saa nkorͻfoͻ no bεba Nyankopͻn anim, na (Soro abͻfoͻ) adansefoͻ no bεka sε: ‘’Saa nkorͻfoͻ yi na wͻ’twaa nkotompo too wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no. Enti Nyankopͻn nomee nka nnipa bͻnefoͻ no

    [19] Wͻn a wͻ’si (amanfoͻ) kwan fri Onyankopͻn kwan so hwehwε sε (Onyankopͻn kwan no) bεkyea, saa nkorͻfoͻ no ne (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no wͻ Daakye

    [20] Saa nkorͻfoͻ no nni tumi sε wͻ’bεma (Nyame nhyehyεε) ayε kwa wͻ asaase so, na Nyankopͻn akyi nso wͻ’nni okyitaafoͻ biara. Yεde asotwee no bεbͻ ho ama wͻn. Wͻn antumi anya (adaagye) antie (Nokorε), na wͻn anya ani anhu (kwan tenenenee no nso)

    [21] Saa nkorͻfoͻ no na wͻn ahwere wͻn kraa, na wͻn nkontompo a wͻ’bͻͻ wͻn trimu twaeε no nso ayera afri wͻn ho kͻ

    [22] Akyinyeε biara nni ho sε Daakye no wͻ’ne berεguofoͻ paa no

    [23] Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa, na wͻ’brε wͻn ho ase ma wͻn Wura Nyankopͻn no, saa nkorͻfoͻ no ne Soro aheman no mu foͻ no, na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [24] Akuo mmienu yi (agyidiefoͻ ne kaafirfoͻ) mfatoho tesε Onifirani ne nea n’aso asie, εna obi a ohunu adeε ne obia ͻte asεm. Enti wͻn mfatoho yεpε? Adεn, monnfa nyԑ afutuo

    [25] Ampa sε Yε’somaa Noa maa no kͻͻ nenkorͻfoͻ hͻ (kͻka kyerεε wͻn) sε: ‘’Nokorε sε, meyε kͻkͻbͻni pefee ma mo

    [26] Sε: ‘’Monhwε na moansom (obiara) gyesε Nyankopͻn. Nokorε sε, medeε mesuro Ɛda yaaya no asotwee no ma mo

    [27] Nenkorͻfoͻ no mu mpanimfoͻ no a wͻ’nnye nnie no kaa sε: ‘’Deε yehu woͻ ara nesε woyε nipa tesε yεn ara, na yennhu (nnipa a wͻ’di mmu biara) sε yεn mu mpapahwekwa a wͻ’nni adwen na edi w’akyi. Na yenhu deε mode kyεn yεn, enti yε’deε yε’dwene sε moyε atorofoͻ

    [28] Noa kaa sε: ‘’Menkorͻfoͻ moahunu, enti sε megyina nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee a efri me Wura Nyankopͻn hͻ no so, na W’ama me ahummͻborͻ a efiri Nehͻ, εna yafira moani wᴐ ho a, enti yεnhyε mo (ma monye ntum) aberε a mompε

    [29] Menkorͻfoͻ, memmisa mo (nsεm a meka kyerε mo no) ho sika. M’akatua deε εwͻ Nyankopͻn hͻ; na me mmpamo wͻn a wͻ’agye adie no. Nokorε sε, wͻ’behyia wͻn Wura Nyankopͻn, nanso mehu mo sε nnipa bi a moti awuo

    [30] Menkorͻfoͻ, sε mepamo wͻn a hwan na ͻbεboa me wͻ Nyankopͻn hͻ? Adεn monnwen

    [31] Mennka nkyerεε mo sε, Nyankopͻn akoradeε wͻ me hͻ, anaasԑ menim kokoa mu asεm, mennka nkyerεε mo nso sε, meyε Soro abͻfoͻ, εna mennkaa nso sε, wͻn a mobu wͻn animtia wᴐ moanisoͻ no Nyankopͻn mma wͻn papa. Nyankopͻn Nim deε εwͻ wͻn mu. (Sε maka nsεm bi saa akyerε mo a), εneε na anka meka abͻneεfoͻ no ho

    [32] (Nenkorͻfoͻ no) kaa sε: ”Noa, wone yεn agye akyinnye paa ama wone yεn akyinyeε no adͻͻso dodo, enti fa deε w’ahyε yεn ho bͻ no bra yεn so, sε woyε nokwafoͻ ampa a”

    [33] (Noa) kaa sε: Nea sԑ Ͻpԑ a ͻde (asotwee no) bεba mosoͻ no deε Ɔne Nyankopͻn, na montumi nnsi (saa asotwee no) ho kwan”

    [34] Sε mepεsε metu mofo mpo na Nyankopͻn pεsε Ɔyera mo a, m’afutuo no ho mma mfasoͻ biara mma mo. Ɔno ne mo Wura Nyankopͻn no, na Nehͻ na mobεsan akͻ

    [35] Anaasε (Nkͻmhyεni), wͻ’ka sε: “W’abͻ wotri mu (na w’atwerε Quraan) no?” Ka sε: “Sε mebͻͻ metri mu ampa a, me bͻne da me ara me so; na medeε menka bͻne a moyε no ho.”

    [36] Yeyi kyerεε Noa sε: “Nokorԑ sԑ wo nkorͻfoͻ no nnye nni (bio) gyesε wͻn mu wͻn a wͻ’adikan agye adi no ara; na εmma wo werε nnho wͻ deε wͻ’reyε no ho

    [37] Enti pam nsuom hyεn ma Yεnhwε sεdeε Y’eyi kyerεε (woͻ no). Na hwε na wone me ankasa amma abͻneεfoͻ no. Nokorε sε nsuo bεfa wͻn

    [38] Ogu so repam nsuo mu hyεn no, εberε biara a nenkorͻfoͻ no mu mpanimfoͻ no bεba abetwam wͻ ne ho no na wͻ’redi ne ho fεw. (Noa) kaa sε: “Sε moredi yεn ho fεw (nnε) a, yεnso yεbedi moho fεw (ͻkyena) sεdeε moredi yεn ho fεw no

    [39] Na mobehunu obi a asotwee a egu (nnipa) anim aseε no bεka no, ne obi a afe bͻͻ asotwee no bεba ne soͻ”

    [40] (Ɛkͻͻ so) kosii sε, Y’ahyεdeε no ba maa nsuo puepue frii fononoo no mu. Y’εkaa sε: ”(Noa), fa biribiara mmienu-mmienu (onini ne ͻbedeε) ne w’abusuafoͻ ne wͻn a wͻ’agye adie no kͻ (nsuom nhyεn no mu) gyesε obi a, asεm no nokorε adikan atia no. Nanso (nnipa) kakraabi na wͻ’gye di kaa neho

    [41] (Noa) ka kyerεε (wͻn a wͻ’agye adie no) sε: “Monfa Nyankopͻn din mforo; (Onyankopͻn din) na ede betuo, εno na εde bεto sεkyε anaasε εde begyina. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [42] (Nsuom hyεn no) de wͻn nantee asorͻkye a εtesε mmepͻ no mu. Noa frεε neba a (saa berε no) na wate neho (gyina baabi) sε: “Meba, bεka yεn ho ne yεn mforo (nsuom hyεn no), na hwε na w’ankͻka boniayεfoͻ no ho”

    [43] (Neba no) kaa sε: “Mεbͻ meho adwaa wͻ bepͻ bi so na εbεbͻ meho ban afri nsuo no ho”. (Noa) kaa sε: “Ɛnnε da yi biribiara ntumi mmͻ (obi) ho ban wͻ Nyankopͻn ahyεdeε ho, gyesε obi a (Nyankopͻn) ahu no mmͻbͻ”. Asorͻkye bͻ betwaa wͻn mmienu ntεm, enti ͻkͻkaa wͻn a nsuo faa wͻn no ho

    [44] Y’εkaa sε: “Asaase, memene wo nsuo no; ͻsoro, ma ewiem nte hann (na gyae nsuo no tͻ), na nsuo no twae, na Nyankopͻn ahyεdeε no baa mu, na (εhyεn no) kͻgyinaa wͻ (bepͻ) Judi ho. Na yεkaa sε: “Nnebͻneεfoͻ no mfri hͻ nkͻ akyirikyiri!”

    [45] Noa su frεε ne Wura Nyankopͻn, ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε meba ka m’abusuafoͻ ho, na Wobͻhyε deε εyε nokorε na Wone atemmufoͻ no mu Otemmufoͻ no

    [46] (Onyankopͻn) kaa sε: “Noa, nokorε sε ͻnka w’abusuafoͻ ho; nokorε sε nedwumadie nyε dwumadi pa, enti hwε na w’ammisa Me adeε a wonni ho nimdeε ho asԑm. Meretu wo fo na w’ankͻka abagyimi-foͻ no ho“

    [47] (Noa) kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, mehwehwε ntwitwagyeε wͻ Wohͻ sε m’abisa Wo adeε a menni ho nimdeε; enti gyesε Wode mebͻne kyε me na Wohu me mmͻbͻ anyε saa a mεka berεguofoͻ no ho”

    [48] Yε’kaa sε: “Noa, fa asomdwiε a efri Yεn nkyεn siane si fͻm; na nhyira wͻ wo ne nnipa a wͻ’ka woho no so, ne wͻn a wͻ’fri wͻn mu (anaasε wͻn asefoͻ) no mu bi; na nnipa no mu bi nso Yε’bεma wͻn agye wͻn ani (berε tiaa bi) na afei asotwee yaaya a efri Yεn hͻ ato wͻn

    [49] (Nkͻmhyεni), woi yε nsumaeε mu amaneε na Yε’reyi no adi akyerε woͻ. Ɛnyε adeε a na anka wo anaasε wo nkorͻfoͻ no nim saa (asεm) yi dada. Enti nya aboterε, na nokorε sε awieε (pa) no wͻ Nyamesurofoͻ no

    [50] Aadfoͻ hͻ nso (Yε’somaa) wͻn nua Huud (maa no kͻͻ wͻn hͻ). Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, (efrisε) monni awurade foforͻ biara ka Neho. Nokorε sε moyε (nnipa a) motwa nkontompo paa

    [51] Menkorͻfoͻ, memmisa mo (nsεmpa a mereka no) ho akatua. Onyankopͻn a Ɔbͻͻ me no hͻ na m’akatua wͻ. Enti monte aseε anaa

    [52] Menkorͻfoͻ, monsrε mo Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra moadwen nkͻ Nehͻ, (sε moyε saa a) Ɔbεma nsuo atͻ ama no abuso ama mo, na Ɔde ahoͻden foforͻ aka moahoͻden ho, na monhwε yie na moanfa bͻne anane moho ankͻ

    [53] Wͻ’kaa sε: “Huud, wonfaa nyinasoͻ pefee biara mmerεε yεn; na yεn mpo yenyae yεn anyame no (som) mmedi w’asεm akyi, na yεnnye wo nni mpo

    [54] Deε yε’reka ara nesε,:”Y’abosom no bi de biribi bͻne bi ayε wo“. (Huud) kaa sε: “Mefrε Nyankopͻn sε, oni adanseε (ma me) na monso moni adanseε sε, medeε menka mo mmataho no a

    [55] Mofri N’akyi (de bata Neho no) ho. Enti mo nyinaa monkͻ apam ntia me, na momma me ahomegye berε

    [56] Nokorԑ sԑ, medeε me Wura, ne monso mo Wura Nyankopͻn no na mede meho to no soͻ. Abͻdeε a εnam asaase soͻ no mu biara, Onyankopͻn na Ɔwͻ neso tumi. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn na ͻwͻ ͻkwan tenenee soͻ

    [57] Enti sε modane moho kͻ a, ampa sε, m’abͻ asεm a yεde somaa me sε menfa mmrε mo no ho dawuro akyerε mo. Na me Wura Nyankopͻn de nnipa foforͻ bεba abesi moanan mu, na montumi nyε no hwee. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn na ͻhwε biribiara soͻ

    [58] Ԑberε a Y’ahyεdeε baeε no, Yε’de ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ no gyee Huud ne wͻn a wͻ’agye adie aka neho no, na Yε’gyee wͻn frii asotwee a emu yε duro no mu

    [59] Saa na Aadfoͻ nso, wͻ’ko tiaa wͻn Wura Nyankopͻn nsεnkyerεnee, na wͻ’yεε asoͻden tiaa N’asomafoͻ no, na wͻ’dii ahomasoͻfoͻ ne asoͻdenfoͻ biara ahyεdeε akyi

    [60] Nnomee dii wͻn akyi wͻ wiase ha ne Wusͻreε da. Akyinnyeε biara nni ho sε Aadfoͻ no nso poo wͻn Wura Nyankopͻn . Enti (yeyii) Aad, Huud nkorͻfoͻ no frii hͻ

    [61] Samuudfoͻ nso (yεsomaa) wͻn nua Soalhu (maa no kͻͻ wͻn hͻ) sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, (efrisε) monni awurade foforͻ biara ka Neho. Ɔno na Ɔbͻͻ mo frii asaase mu, εna Ɔde mo tenaa soͻ. Enti monsrε Nehͻ bͻnefakyε, na afei monsakra moadwen nkͻ Nehͻ. Nokorε sε me Wura Nyankopͻn bεn (N’akoa), na Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no”

    [62] Wͻ’kaa sε: “Soalhu, ampa sε wone (onipa a) na anka yani da woso wͻ yεn mu ansa na (wode) woi (reba). Enti worebra yεn sε yεnnnsom deε y’agya nom somoeε? Nokorε sε y’adwen yε yεn ntanta, na ensi yεn pi wͻ deε worefrε yεn kͻ no ho“

    [63] (Soalhu) kaa sε: “Menkorͻfoͻ moahu? Enti sε megyina nyinasoͻ pefee a efri me Wura Nyankopͻn hͻ so, na W’ama me ahummͻborͻ a efri Nehͻ a, εneε na hwan ne obi a ͻbεboa me ako atia Onyankopͻn, sε meyε (N’asεm ho) asoͻden a? Ɛneε na deε mode bεka me ho ara ne berεguo “

    [64] “Menkorͻfoͻ, Nyankopͻn yoma bedeε yi yε nsεnkyerεnee ma mo, enti monyae no ma no nidi wͻ Nyankopͻn asaase no so, na monhwε yie na moanyε no bͻne (biara), anyε saa a asotwee a abεn no bεto mo“

    [65] Nanso wͻ’kum (yoma bedeε) no. Enti (Soalhu) kaa sε: ”Modeε monye moani wͻ moafie mu nnansa. Woi yε bͻhyε a nkontompo biara nni ho “

    [66] Enti εberε a Y’ahyεdeε no baeε no, Yε’de ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ gyee Soalhu ne wͻn a wͻ’agye adi aka neho no frii saa da no animguaseε no mu. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ no, na Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε

    [67] Nteamu denden no sᴐᴐ wͻn a wͻ’di bͻne no mu, na wͻ (wuwu) dedaa hͻ wɔ wͻn adan mu

    [68] (Wͻ’yεε) tesε deε wͻ’ntenaa mu hͻ koraa da. Akyinyeε biara nniho sε Samuudfoͻ no annye wͻn Wura Nyankopͻn anni. Enti (yeyii) Samuudfoͻ frii hͻ

    [69] Ampa nso sε Y’asomafoͻ no de anigyesεm no brεε Abraham. Wͻ’kaa sε: “Asomdwiε” (dekyeaa Abraham), ͻno nso kaa sε: Asomdwiε (deyii wͻn nkyea no ano); (Abraham) yεε ntεm de nantwi nam a yatoto bae (bεsom wͻn ahͻhoͻ)

    [70] Ԑberε a (Abraham) hunuu sε wͻn amfa wͻn nsa anka no, nebo annyo wͻ wͻn ho, na ͻbͻͻ hu wͻ wͻn ho. (Soro abͻfoͻ no) kaa sε: ‘’Ensuro, y’asoma yεn wͻ Lut nkorͻfoͻ no hͻ.”

    [71] (Saa berε no) na neyere gyina hͻ, na ͻseree; na yεde Is’haaq (awoͻ) ho bͻhyε hyεε no bͻ; na Is’haaq akyiri no Ya’quub (na ͻbεtͻ so ayε wo nana)

    [72] Ɔkaa sε: ‘’M’ahunu amane! Mεwo ba wͻ εberε a m’abͻ aberewa na mekunu woi nso abͻ akͻkora? Nokorε sε woi deε anwanwasεm ni”

    [73] Abͻfoͻ no kaa sε: ‘’Onyankopͻn ahyεdeε na εyε wo nwanwa? Onyankopͻn ahummͻborͻ ne Nenhyira wͻ mo so, efie ha foͻ. Nokorε sε, Ɔne Ayeyie Hene ne Animuoyam Hene no

    [74] Ɛberε a ehuu no frii (Abraham) soͻ, na onyaa anigyesεm no ho bͻhyε no, afei ͻpaa Yεn kyεw maa Lut nkorͻfoͻ no

    [75] Nokorε sε na Abraham yε (onipa a) ͻwͻ ntoboaseε ne ntimmͻborͻ, na ͻde neho (nyinaa) maa Nyankopͻn

    [76] (Abͻfoͻ no kaa sε) Abraham, gyae (kyεw pa) no, efrisε ampa sε wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε no anya aba. Nokorε sε, asotwee no bεba wͻn so a yεtwe san a εnyε yie

    [77] Ԑberε a Y’abͻfoͻ no baa Lut hͻ no, ne werε ho maa wͻn (abͻfoͻ no, εnam kuro no mu foͻ adwen bͻne nti), na onni tumi sε (ͻbetumi abͻ wͻn ho ban). Deε ͻkaeε ne sε: “Saa da yi yε da bͻne “

    [78] Nenkorͻfoͻ no de ahoͻherε baa nehͻ; na ansa na saa (asεm yi reba no) na wͻ’yԑ nneyԑԑ bͻne. (Lut) kaa sε: “Menkorͻfoͻ, me mma mmaa ni, wͻn na wͻn ho te ma mo. Enti monsuro Nyankopͻn na monhwε na moangu m’anim ase wͻ m’ahͻhoͻ yi anim. Enti onipa teneneeni baako mpo nni mo mu?”

    [79] Deε wͻ’kaeε ne sε: “Wonim yie sε yenhia womma mmaa, na nokorε nso sε wonim deε yεrehwehwε “

    [80] (Lut) kaa sε: ”Na anka me wͻ ahoͻden bi a metumi de asi mo (dwumadi bɔne yi) ho kwan, anaasε menya mmoa kεseε bi (de asi mo kwan)

    [81] (Abͻfoͻ no) kaa sε: “Lut, nokorε sε yε’yε wo Wura Nyankopͻn abͻfoͻ. Na (nnipa bͻnefoͻ no) nsa nka wo. Enti fa wone w’abusuafoͻ no na montu kwan anadwo fa yi, na monhwε yie na mo mu biara antwa n’ani anhwɛ n’akyi; na mmom wo yere no deε, nokorε sε deε εbεto wᴐn no bi bεto no; εberε a yahyε de ama ne anɔpa. Anɔpa nyε (berε a) εbεn anaa?”

    [82] Ɛberε a Y’ahyεdeε no baeε no Yε’danee (kuro no) ani butuu no, tͻͻ aboͻ a εyε ogya nsuo a εtoatoa soͻ de guu wͻn so

    [83] Nsohyεdeε a efri wo Wura Nyankoᴐn hͻ (wͻ ho); wɔ’ne (Maka) abɔneεfoɔ no ntεm kwan nnware

    [84] Madiyanfoͻ no nso (yεsomaa) wɔn nua Shu’aib (kͻͻ wͻn hͻ). Ɔka kyerεε wɔn sε: ‘’Menkorͻfoͻ, monsom mo Wura Nyankopᴐn (efrisε) monni awurade foforͻ biara ka Neho. Monhwε yie na moante adeε a mohyε (no wͻ bͻtͻ anaa konku mu) ne deε mode nsania susuo no so; mahunu sε moanya mo ho deε, nanso mesuro εda a asotwee betwa mo ho ahyia no ma mo “

    [85] “Menkorͻfoͻ, moma deε mohyε (no mmͻtͻ ne konku mu), ne deε mode nsania susuo no nyε pεpεεpε, na monhwε na moammͻ amanfoͻ nyansa korͻno. Na monnni nsεmmͻne wͻ asase so mma bͻneyε nntͻ nnkͻ so“

    [86] “(Sε modi nokorε ma amanfoͻ) a, Onyankopɔn deε a εbεka ama mo no, εno na εyε ma mo, sε moyε agyidiefoͻ ampa a. Na medeε menyε moso hwεfoͻ’’

    [87] Asεm a wɔ’kaeε nesε: ‘’Shaibu, enti wo Nyamesom no hyε wo sε yenyae deε na yεn agyanom som (no som), anaasε εmma yεnfa yεn sika nnyε deε yεn ara yε’pε? “ (wɔ’ka dedii ne ho fεw sε: “Shuaib), nokorε sε wowͻ ntoboaseε, na w’adwene tene”

    [88] Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monhunu sε, sε megyina nyinasoͻ pefee a efri me Wura Nyankopɔn hͻ no so, na W’ama me akyεdeε a εyε akyεdeε pa a efri Nehͻ a, (enti menfa efii mfra mu?) Mempεsε meneyԑԑ ne deԑ m’abra mo no bԑbᴐ abira. Deε mepε nesε, anka meyε (mo) yie sεdeε m’ahoͻden betumi biara; na Onyankopͻn hͻ na me dwumadie no ho kwan kyerε wͻ, Ɔno na mede me ho to Nesoͻ, na Nehͻ na medane me ho kᴐ.”

    [89] “Menkorͻfoͻ, momma ͻkoo a moreko tia me no nnyε ͻhaw mma mo mma deε εtoo Noa nkorͻfoͻ anaa Huud nkorͻfoͻ anaa Soalhu nkorͻfoͻ no sεso mmεto mo, na Lut nkorɔfoɔ no deε εne montεm kwan nnware koraa.”

    [90] “Na monserε mo Wura Nyankopɔn hͻ bͻnefakyε, na afei monsakra moadwen nkͻ Nehͻ. Nokorε sε, me Wura Nyankopɔn yε Ɔdεεfoͻ Hene, na Ɔyε Ɔdͻ Wura

    [91] Wɔ’kaa sε “Shuaib, yεnnte nsεm a woka no bebree ase, na yehu wo sε woyε (onipa a) woyε mmerε wͻ yεn mu. Sε εnyε w’abusuafoͻ a, anka yebesi wo aboͻ (aku wo) na wonni tumi bi detia yԑn

    [92] (Shuaib) kaa sε “Menkorͻfoͻ, enti mode anidie ma m’abusuafoͻ kyεn Nyankopɔn ma εno nti moto no twene wͻ moakyi? Nokorε sε, dwuma a modie biara no me Wura Nyankopɔn atwa ho ahyia.”

    [93] “Menkorͻfoͻ, monyε adwuma sεdeε moamamerε kyerε mo, na menso mereyε adwuma (sεdeε Onyankopɔn ahyε me), na yebehunu nea animguaseε asotwee no bԑto no, ne obi a ͻyε nkontompofoͻ; na monwεn, nokorε sε, meka moho ne mo rewεn

    [94] Ɛberε a Y’ahyεdeε baeε no, Yε’de ahummכborͻ a efri Yεn nkyεn gyee Shuaib ne wɔn a w’agye adi aka neho no nkwa, na nteamu denden no sͻͻ wɔn a wɔ’di bɔne no mu, na (wɔ’wu) dedaa wᴐn afie mu

    [95] (Yεε) sεdeε wɔ’ntenaa hͻ da. Enti Madiyanfoͻ no frii hͻ sεdeε Samuudfoͻ no frii hͻ no

    [96] Ampa sε, Yε’de Yεn nsεnkyerεnee ne tumi pefee somaa Mose

    [97] Maa no kͻͻ Farao ne nenhemfo no hͻ; nanso wɔ’dii Farao ahyεdeε so, aberε nso a na Farao ahyεdeε ntenee

    [98] Wusɔreε da no ͻbedi nenkorͻfoͻ no anim de wɔn akͻ Ogya no mu. Na bea bɔne ne faako a yεde wɔn bεkͻ no

    [99] Nnomee di wɔn akyi wͻ (wiase) woi mu, εna Wusɔreε da no (nso saa ara). Na akyεdeε bɔne paa ne akyεdeε a yεde bεkyε (wɔn saa Da no)

    [100] (Nkכmhyεni), woi yε nkuro no ho abakͻsεm na Yε’rebͻ wo amaneε. (Nkuro no) bi daso wͻhͻ, ebi nso yatwa (wͻn) agu (anaasε yabͻ no korakora)

    [101] Ɛnyε Yεn na Ye’dii wɔn amim, na mmom wɔn ara na wɔ’dii wɔn ho amim. Ɛberε a wo Wura Nyankopɔn ahyεdeε no baeε no, wɔn anyame no a na wɔ’fri Nyankopɔn akyi sufrε wɔn no ho amma wͻn mfasoͻ biara, na amfa nkͻsoͻ biara nso amma wͻn, na mmom ͻsεeε (na εde brεε wɔn)

    [102] Saa ara na wo Wura Nyankopɔn asotwee no teε, sε Ɔretwe nkuro bi a wɔ’di bɔne no aso a, nokorε sε N’asotwee a Ɔde twe wɔn no yεya, na ano nso yε den papaapa

    [103] Nokorε sε, adesua anaa nsεnkyerε-nee wͻ woi mu ma obi a osuro Daakye asotwee no. Saa Da no na yεbεboa nnipa nyinaa ano no, na saa Da no ne Ɛda a (ͻsoro asafo ne asaase so deε nyinaa) bεwͻ hͻ bie

    [104] Deε nti Yεretwetwεn (Atemmuda no) soͻ no ne sε, εwͻ εberε a yεde ahyԑ

    [105] Ɛda a εbεba no, onipa biara nnkasa, gyesε Nyankopͻn ma kwan. Wɔn mu bi bεyε tibͻnefoͻ εna (ebinom nso) bεyε tipafoᴐ

    [106] Wͻn a wͻ’bεyε tibͻnefoͻ no deε wͻn wͻ Ogya no mu, na emu na wͻ’begu ahome kokoͻ adi apenesie

    [107] Wɔ’bεtena (Ogya no) mu wͻ mmerε tenten sεdeε ͻsoro ne asaase wͻ hͻ, gyesε wo Wura Nyankopͻn pε. Nokorε sε, wo Wura Nyankopɔn ne (Otumfoͻ a) Ɔyε deε Ɔpԑ

    [108] Wͻn a wͻn ti ayε yie no nso wͻ Soro aheman no mu, emu na wᴐ’bεtena wͻ mmerε tenten sεdeε ͻsoro ne asaase wͻ hͻ, gyesε wo Wura Onyankopɔn pε; (εyε) akyεdeε a enni awieε

    [109] Enti εmma w’adwen nnyε wo ntanta fa deε (abosomsomfoͻ) woi nom resom no ho. Wͻ’nnsom hwee, na mmom deε na wɔn agyanom som no kane no ara. Nokorε sε, Yε’betua wͻn kyεfa no so ka pεpεεpε ama wͻn a εso nnte koraa

    [110] Ampa sε, Yε’de Nwoma no maa Mose, nanso nkyinyeε baa ho. Sε εnyε sε asεm no adikan afri wo Wura Nyankopᴐn hͻ a, anka yadi wᴐn ntεm asεm no. Nokorε sε wͻn adwen yε wͻn ntanta na wͻn adwen nnsi pi wͻ ho koraa

    [111] Nokorε sε, wo Wura Nyankopɔn betua wͻn mu biara dwumadie so ka (ama no) pεpεεpε. Nokorε sε, N’ani tua dwuma a wͻ’die nyinaa

    [112] Enti (Nkͻmhyεni), wone wͻn a w’asakra wͻn adwen aka woho no nyina pintinn sεdeε yahyε woͻ no. Na monhwε na moanni bͻne. Nokorε sε, deε moyε biara no Ohu

    [113] Monhwε na moanfa moho anto wͻn a wͻ’di bͻne no so, (sε εba sa a) Ogya no bεnya mo; (na sε εba sa a) Onyankopͻn akyiri no monnya okyitafoͻ anaa ͻboafoͻ biara

    [114] Enti frε Nyame wͻ adekyeε mfitiaseε ne n’awieε hͻ, εna anadwo dͻnhwere no mu bi nso. Nokorε sε, papayε pepa bͻne. Woi yε afutusεm dema nkaekaeεfoͻ no

    [115] Na si aboterε, na nokorε sε Onyankopɔn mma apapafoͻ no akatua nnyε kwa

    [116] Sε na adwendwenfoͻ bi wͻ awoͻ ntoatoasoͻ a edii moanim kan no mu na wᴐ’bra (amanfoͻ) nsεmmᴐne die wͻ asaase soͻ a, (nanso na ebi nnihͻ), gyesε kakraabi a na wͻn wͻ wͻn a Yε’gyee wɔn no mu. Wͻn a wͻ’dii bͻne no dii wiase yi mu anigyedeε akyi. Na wͻ’yε abͻneεfoͻ

    [117] Ԑmma sε wo Wura Nyankopɔn de bͻne bεsεe kuro bi wͻ aberε a emufoͻ no yε apapafoͻ

    [118] Sε εyε wo Wura Nyankopɔn pε a, anka Ɔbεyε nnipa nyinaa ͻman baako. Na akyinyeε deε wͻ’nnyae gyeε da

    [119] Gyesε obi a wo Wura Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ; na woi ho nti na Ɔbͻͻ wͻn. Na wo Wura Nyankopͻn asεm no ahyε mma sε: “Mεka Jinni ne nnipa abom (de wͻn) ahyε Amanehu gya no mma.”

    [120] Asomafoͻ no amaneε nyinaa a Yε’de abͻ woͻ no, sεdeε Yε’de bεma w’akoma agyina pintinn nti. Na wanya nokorε no nso afri woi mu, na (ayε) afutusεm ne nkakaeε nso ama agyidiefoͻ no

    [121] Ka kyerε wͻn a wͻ’nnye nnie no sε: ”Modeε monyε moadwuma sεdeε moamamerε kyerε mo, nokorε sε yεn nso yεreyε adwuma (sεdeε Nyankopͻn ahyε yεn)

    [122] “Na montwεn na nokorε sε yεn nso yεretwεn”

    [123] Ɔsoro ne asaase so ahuntasεm wͻ Nyankopͻn, Nehͻ na dwumadie nyinaa kͻwie. Enti som no, na fa woho to Noso. Na wo Wura Nyankopͻn werε mfirii anaa Ommu N’ani nguu dwuma a modie so

    Surah 12
    Yusuf

    [1] Alif - Laam - Raa. Woi yε nsεm a efri Nwoma (a ԑkyerԑkyerԑ nokorԑ mu) pefee no mu

    [2] Nokorε sε, Y’asiane Qur’aan (wͻ) Arab (kasa mu) sεdeε mobεte aseε

    [3] (Nkͻmhyεni), Yε’nam saa Qur’aan yi adiyisεm a Y’ayi ama woͻ no so reka abakͻsεm pa paa akyerε wo; na kanee no na anka woka wͻn a wͻ’nnim ho hwee no ho

    [4] Kae εberε a Yosef ka kyerεε ne papa sε: “Agya, nokorε sε, m’ahunu nsoromma du baako, ne awia ne bosome (wͻ daeε mu); mehunuu wͻn sε wͻ’rebrε wͻn ho ase ama me

    [5] (Ne papa) kaa sε: “Me ba, hwε na w’annka wo yikyerε yi ankyerε wo nnuanom, efrisԑ anhwε a na wͻn apam woho apam bͻne. Nokorε sε, ͻbonsam yε ͻtamfo pefee dema ͻdasani

    [6] Saa ara na wo Wura Nyankopͻn beyi woͻ, na W’akyerε wo daeε nkyerεaseε, na Ɔde N’adom awie wo soᴐ, ne Yakobo asefoͻ no soᴐ, sεdeε Ɔde wiee w’agyanom Abraham ne Is’haq so kanee no. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ

    [7] Nokorε sε nsεnkyerεnee (ne adesua ne afutusεm) wͻ Yosef ne nenuanom (abakᴐsεm) no mu dema wͻn a wͻ’bisa (ho asεm no)

    [8] Ɛberε a (Yosef nuanom) kaa sε: “Ampa sε yεn papa pε Yosef ne nenua (Benyamin) asεm kyεn yεn, aberε nso a yεne fekuo a yεn ho yε den. Nokorε sε yε’papa wͻ mfomsoͻ pefee paa mu “

    [9] (Yosef nuanom kaa sε): “Monkum Yosef anaasε monkͻto no ntwene asaase bi so sεdeε mopapa ani ne n’adwen bεba monko ara soͻ, na εno akyiri no (sε monya adwen sakra a) mobεyε apapafoͻ

    [10] Wͻn mu kasamafoͻ no kaa sε: “Sε mobεyε a, εneε εmma monkum Yosef, na mmom monfa no nto abura amena (donkodonko) mu na akwantufoͻ a wͻ’retu kwan bi bεba abεfa no “

    [11] (Ɛberε a Yosef nuanom pam netri so wieε, na wͻ’baa fie no), wͻ’kaa sε: Yε’papa, adεn na wonfa Yosef nhyε yε’nsa, aberε nso a yε’pε no yie die?”

    [12] “Ɔkyena ma no ne yεn nkͻ na ͻnkͻ gye n’ani na oni agorͻ, na nokorε sε, yε’bεhwε no so yie “

    [13] (Ya’aquub) kaa sε: “Nokorε sε, sε mode no kͻ a mewerε bεho papaapa, na mesuro nso sε anhwε a na pataku bi akͻkye no awe wͻ εberε a moani nni nesoͻ

    [14] Wͻ’kaa sε: “Aberε a yεyε nnipa kuo a yεho yεden yi (na y’antumi ammͻ neho ban) na pataku kye no we a εneε na εyε nokorε a esi pi sε yε’yε berεguofoͻ

    [15] Enti εberε a wͻ’de no kͻeε na wͻn nyinaa gye too mu sε wͻ’de no bεto abura amena (donkodonko) no mu no, Ye’yi kyerεε no (Yosef) sε: “(Nyame pε a daakye bi) nokorε sε, wobεbͻ wͻn, wͻn saa asεm yi ho amaneε wͻ aberε a (saa berε no) wͻ’nnhu (sε wone Yosef)

    [16] Wͻ’de osuu baa wͻn papa hͻ anyumerε

    [17] Wͻ’kaa sε: “Yε’papa, yε’kͻdii akansie, na ye’gyaa Yosef (maa no tenaa) yεn nneεma ho εna pataku akye no aweε; εwom sε nokorε na yεreka no, nanso wonnye yεn nni.”

    [18] Wͻ’de n’atade-soroͻ a nkontompo mogyaa wͻ mu bae. (Ya’aquub) kaa sε: “Daabi, moara moadwen na mode anwene (sε pataku akye no); nanso aboterε na εyε. Onyankopͻn mmoa na εsεsε yεhwehwε fa nkontomposεm a morekyerε no ho.”

    [19] Akwantufoͻ bi bae (beduruu faako a Yosef wͻ no a wͻ’repε nsuo), enti wͻ’somaa nea ͻma wͻn nsuo, na (ͻbaa deε abura no wͻ no), ͻberεε ne dwaasεn no ase (detoo abura no mu). Ɔkaa sε: “Anigyesεm, Abͻfra bi nie!” Na wͻ’de Yuusuf siεe tesε nneεma bi. Na Onyankopͻn ne deε wͻn yͻeε no nyinaa ho Nimdefoͻ

    [20] Wͻ’tͻn Yuusuf adefodeε de no gyee Dir’ham kakraabi. Na wͻ’mmu no sε ͻyε hwee mpo

    [21] Misrimni a ᴐtᴐᴐ no no ka kyerεε neyere sε: “Fa obuo ma no wͻ asetena mu, ebia yebenya neho mfasoͻ anaasε yε’bεfa no ayε yεn ba”. Saa ara na Yε’de Yosef tenaa asaase no so, sεdeε Yε’bεkyerε no nsεm aseε. Onyankopͻn wͻ tumi wͻ N’ahyεdeε nyinaa so, nanso nnipa pii nnim

    [22] Ɛberε a Yosef nyini duruu ne mpanin berԑ mu no, Yε’maa no adwen ne nimdeε; na saa ara na Ye’tua wͻn a wͻ’yε papa no ka

    [23] Ɔbaa no a Yuusuf wͻ ne fie no pεε sε ͻdaadaa no ma ͻde neho ka no; ͻtotoo apono mu kaa sε: “Yε ntεm bra bεtͻ me mu (anaasε meda hͻ ma wo)”. Yosef kaa sε: “Onyankopͻn mpa ngu. Nokorε sε, (wokunu) ne mefie wura. Wayε m’asetena mu yie ama me (enti menni no hwammͻ da). Nokorε sε, abͻneεfoͻ no deε wͻ’nni nkonim “

    [24] Nokorε sε (ͻbaa) no twi pinii no, na anka ͻno nso de neho bεma no sε εnyε sε ohunuu nsεnkyerεnee bi wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ a. Saa ara na εteε, sεdeε Yε’beyi no afri bͻne ne ahohwi bra mu. Nokorε sε ͻka Yε’nkoa a Ya’tu wͻn asihͻ no ho

    [25] Wͻn mmienu tuu mmirika baa pono no ho, na ͻbaa no tee Yosef atade-soroͻ mu wͻ n’akyi. Na wͻn mmienu hunuu ͻbaa no wura (okunu) wͻ ͻpono no ano. Ɔbaa no kaa sε: “Ɛdeεn akatua na εfata obia ͻpεsε ͻde wo yere fa kwan bͻne soͻ? Sε afiase anaa asotwee a εyε ya paa (na εfata no)?”

    [26] (Yosef) kaa sε: “Ɔno mmom na ͻrehwehwε sε ͻdaadaa me sεdeε mede meho bεma no”. Ͻdanseni a ofri ͻbaa no abusuafoͻ mu dii adanseε sε: “Sε Yosef atadeε no tee wͻ n’anim a, εneε na ͻbaa no asεm no yε nokorε, na Yosef yε ͻtorofo “

    [27] Na sε n’atadeε no tee wͻ n’akyi a, εneε na ͻbaa no yε ͻtorofo na Yosef yε nokwafoͻ

    [28] Ԑberε a (Okunu no) hunuu sε Yosef atadeε no tee wͻ akyire no, ͻkaa sε: “Nokorε sε, mo mmaa no fidi sum no mu bi nie, nokorε sε mo mmaa mofidi sum mu yε den papaapa”

    [29] (Okunu no kaa sε): Yosef, yi w’adwen fri (saa asεm) yi so; na wo (meyere), srε bͻne fakyε wͻ wo bͻne no ho, nokorε sε woka abͻneεfoͻ no ho”

    [30] Kuro no mu mmaa kaa sε: “Aziiz yere redaadaa n’abarimaa (ne dͻnkͻ) ama no akͻ neho. Nokorε sε neho dͻ akͻ ne mu ama aboro so, ampa sε yehu no sε wayε mfosoͻ pefee”

    [31] Enti εberε a ͻtee wͻn adwen a wͻn afa no ͻfrεε wͻn, εna osiesiee apontoͻ maa wͻn εna ͻmaa wͻn mu biara asekammaa (a wͻ’de betwitwa nnuaba no), ԑna ͻka kyerεε (Yosef) sε: “Pue bra mmaa no anim.” Ԑberε a wͻ’hunuu no no, wͻ’bͻͻ no kukuruba (εnam n’ahoͻfε nti) na (wͻn ahodwirie mu no) wͻ’twitwaa wͻn nsa, na asεm a wͻ’kaeε ne sε: “Kronkron Hene ne Nyankopͻn. Woi deε ͻnyε onipa. Nokorε sε woi yε Soro abͻfoͻ Nimuonyamfoͻ

    [32] (Ɔbaa no) kaa sε: “Saa (abranteε) woi ho na morenunu me no, na m’ahwehwε sε mεdԑfԑdԑfԑ no ama no aba me ho, nanso wagyina pintinn sε ͻmpene. Na sε wannyε deε merehyε no no a, εneε sε εteε biara yεde no bεto afiase, na wakͻka wͻn a yagu wͻn anim aseε no ho

    [33] Yosef kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, afiase no mepε kyεn deε wͻ’refrε me akͻ no. Na gyesε Woyi wͻn adwen bͻne no fri me so (efrisε) anhwε a na m’akͻdane meho ama wͻn na m’akͻka abagyimifoͻ no ho

    [34] Enti ne Wura Nyankopͻn tiee nesufrε, na Oyii wͻn adwen bͻne no frii no so. Nokorε sε, Ɔne Mpaebͻ Tiefoͻ no, na Ɔno ara nso ne Onimdefoͻ no a Onim biribiara no

    [35] Akyire yi afei wͻ’hunuu nsεnkyerεnee (a εkyerε sε onni fͻ wͻ asεm a ͻbaa no atwa ato no soͻ no ho) no, εyεε wͻn sε, wͻ’de no bεto afiase akosi εberε bi

    [36] Afiase hͻ, ͻne mmeranteε mmienu bi na εkͻͻ hͻ. (Mmeranteε) no mu baako kaa sε: “Nokorε sε, mehunuu meho (wͻ daeε mu) sε, merekyi nsa”. Ɛna ͻfoforͻ no nso kaa sε: “Nokorε sε, mehunuu meho (wͻ daeε mu) sε, meso paanoo wͻ metri so na nnomaa redie“. Enti (Yosef) ma yεn nenkyerεkyerεmu. Nokorε sε yehu wo sε woka apapafoͻ no ho”

    [37] (Yosef) kaa sε: “Mԑkyerԑ mo modaeԑ no ase ansa na yεde aduane a yεde bᴐ mo akͻnhoma no abrԑ mo. Woi ne deε me Wura Nyankopͻn akyerε me. Nokorε sε amanfoͻ no a wͻ’nnye Nyankopͻn nnie na wͻ’po Daakye (wusͻreε da) no, medeε menka nnipa a wᴐ’nnye Nyankopᴐn nnie na wᴐ’po Daakye no som no ho

    [38] Medi m’agya Abraham, ne Is’haq ne Yakobo nom som no akyi. Yenni ho kwan sε yε’de biribiara bata Nyankopͻn ho. Woi ne Nyankopͻn adom a Ɔde adom yεn ne adasamma, nanso nnipa pii nnyi (Nyankopͻn) ayε

    [39] M’ayͻnkofoͻ mmienu a mene mo da afiase, anyame a emu apaepae gu sononko-sononko no na εyε anaa, anaasε Onyankopͻn baako, Opumpuni a Ɔkorͻn kata biribiara soͻ no

    [40] Mofri Nyankopͻn akyi som (nneεma a) mone moagya nom atoto wͻn din a Nyankopͻn nsianee ho tumi anaa nyinasoͻ biara. Atemmuo no Nyankopͻn na εwͻ no. W’ahyε sε, εmma monnsom (obiara) gyesε Ɔno nko ara. Ɛno ne ͻsom a edi mmu, nanso nnipa pii nnim

    [41] M’ayͻnkofoͻ mmienu a mene mo da afiase, momu baako no bεkͻ akͻhwie nsa ama ne wura; na ͻbaako no deε yεbεbͻ no asennua mu, na nnomaa befri netri so adi (nenam). Asεm no a morepε ho nkyerεkyerεmu no saa na yahyehyε no”

    [42] Yosef ka kyerεε wͻn mmienu mu nea onim sε ͻbenya nkwa no sε: ”Ɛyε a kae me kyerε wo wura no”. Nanso ͻbonsam maa no werε frii sε ͻbεkae no akyerε ne wura no. Enti ͻtenaa hͻ mfie kakra

    [43] (Misrim) hene no kaa sε: “Nokorε sε, (mesoo daeε) hunuu anantwie akεseε nson a, anantwie nson a wͻn afonfͻn rewe wͻn, εna (mehunuu) aburoo mmono mmεtem nson, εna (nson) foforͻ bi nso a adwan. Nhemfo, sε motumi kyerε daeε ase a, εneε monkyerε me medaeε yi ase”

    [44] (Nhemfo) no kaa sε: “(Woi yε) daeε a εkyere adwen anaasɛ adi afra; na yenni daeε nkyeraseε ho nimdeε”

    [45] (Afiasefoͻ) mmienu no mu baako a yԑgyee no nkwa no, na mmerε tenten bi akyi ansa na ͻrekae (Yosef) no kaa sε: “Mεka (daeε no) asekyerε akyerε mo, enti monsoma me.”

    [46] (Wͻ’somaa no kͻͻ afiase hͻ), Ɔkaa sε: “Yosef Nokwafoͻ, kyerε yεn anantwie akεseε nson a anantwie nson a wͻ’afonfͻn rewe wͻn, ne aburoo mono mmεtem nson, ne (nson) foforͻ nso a adwan nkyerεaseε, sεdeε mεsan akͻ amanfoͻ no hͻ (akͻbͻ wͻn amaneε) sεdeε wͻ’behu (wo gyinaberε ne daeε no ase)”

    [47] (Yosef) kaa sε: “Monua (mfudeε) mfie nson, na (mfudeε) a mobetwa no mobegya no wͻ n’aburoo dua no ho, gyesε kakraa bi a mobedie

    [48] Afei saa (berε no) akyi, (mfie) nson bi a emu yεden bεba abedi deε mo adikan de asie ama (saa berε) no, gyesε kakraa bi a morebͻ ho ban (de agu aburoo pata soͻ anaasɛ putuo mu)

    [49] Afei εno akyiri no, afe a nsuo bεtͻ ama abu nnipa no soͻ nso bεba, na emu na wͻ’bekyi (nsa ne nnwo)”

    [50] Ɔhene no kaa sε: “Monfa no merε me”. Nanso εberε a ͻsomafoͻ no baa Yosef hͻ no, ͻka kyerεε (ͻsomafoͻ) no sε: “San kͻ wo wura no hͻ na bisa no sε, εmmaa no a wͻ’twitwaa wͻn nsa no ho asεm te sεn? Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn Nim wͻn tri mu pͻ no (ho asεm)”

    [51] (Ɔhene no) ka kyerεε (mmaa no) sε: ”Mo asεm ne sεn wͻ εberε a mopεε sε modaadaa Yuusuf no? “(Ɛmmaa) no kaa sε: “Kronkron hene ne Nyankopͻn, yennim ne ho bͻne biara“. Aziz yere no kaa sε: “Afei deε nokorε no ada adi. Me ara na mepεε sε me daadaa no sεdeε anka ͻde neho bεma me; na nokorε sε, ͻka nokwafoͻ no ho”

    [52] (Yosef kaa sε: “Meyεε woi ho nhwehwε mu) sεdeε (Aziiz) behunu sε menii no hwammͻ wͻ kokoa mu. Nokorε sε, Onyankopͻn mmoa obia odi hwammͻ trimu pͻ (a wabͻ) so

    [53] Mennyi me ho (sε me ho nni mfomsoͻ). Nokorε sε, onipa kraa no de ne ho ma bͻne, gyesε obi a me Wura Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene”

    [54] Ɔhene no kaa sε: “Monfa no merε me na menfa no mmata me ara meho”. Ԑberε a ͻne no kasaeε no, (ͻhene) no kaa sε: ”Nokorε sε εnnε da yi woka yεn ho wͻ gyinaberε a εsoo paa mu na yagye wo atum”

    [55] (Yosef) kaa sε: “Fa asaase no so akoradeε hyε mensa, na mede nimdeε bεhwε so abͻ ho ban

    [56] Saa ara na Yε’maa Yosef gyinaberε wͻ asase no so maa no nyaa mu tumi wͻ berε biara anaa baabiara ͻpε. Yε’de Y’ahummͻborͻ no dom obi a Yε’pε, na Yε’mma apapafoͻ no akatua nnyε kwa

    [57] Na ampa sε, Daakye akatua no na εyε dema wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’suro Nyankopͻn

    [58] Yosef nnuanom baa (Misrim) na wͻ’wuraa mu kͻͻ nehͻ, ͻhunuu wͻn, na wͻn deε na wͻ’nkae no

    [59] Ԑberε a ͻhyehyεε wͻn nneεma no wieε no, ͻka kyerεε wͻn sε: “Ɛyε a monfa monua a ͻwͻ mopapa hͻ no mrε me. Monhunuu sε m’ahyε (mo nneεma) no ama ayε mma, na meyε obi a menim ahͻhosom paa?”

    [60] Nasε moanfa no amma a εneε yεnhyε (aduane biara) mma mo wͻ menkyεn, na mommεn me nso

    [61] Wͻ’kaa sε: Yε’bεbͻ mmͻden sε yε’benya ho kwan (ama no) wͻ nepapa hͻ, na yε’deε yε’bεyɛ

    [62] (Yosef) ka kyerεε n’asomfoͻ no sε: “Monfa wͻn sika (a wͻ’de atua wͻn nneεma no ka) no nhyε wͻn nneεma no mu sεdeε wͻ’kͻ wͻn abusuafoͻ no hͻ a wͻ’behunu na wasan aba bio

    [63] Enti εberε a wͻ’san kͻͻ wͻn papa hͻ no, wͻ’ka kyerεε no sε: “Papa, (sε yε’ne yenua Benyamin ankͻ Misrim a) yε’nhyε aburoo mma yεn. Enti ma yεne ye’nua no nkͻ na yεbεhyε ama yεn na nokorε nso sε yεbεhwε no so yie

    [64] (Ya’aquub) kaa sε: “Menfa no nhyε monsa, εneε na mede no rehyε monsa (ama moayε no) sεdeε mede nenua dii kan hyεε monsa no ara. Onyankopͻn ne Ɔbanbͻfoͻ papa, Ɔne ahummͻborͻ mu Ahumͻborͻ Hene no”

    [65] Ԑberε a wͻ’buee wͻn nneεma soͻ no, wͻ’hunuu sε yasan de wͻn sika no ama wͻn. Wͻ’kaa sε: “Papa, εdeεn na yεrehwehwε bio? Ye’sika no nie, yasan de ama yεn, na yεbenya aduane pii ama ya’busuafoͻ na yabͻ yenua no nso ho ban, na yanya yoma adesoa nsusueε baako bio aka ho. Woi yε adesoa a εyε mmrε (sε ͻhene no de bεma yεn)”

    [66] (Ya’aquub) kaa sε: “Memma mo ne no nnkͻ, gyesε mode Nyankopͻn di nse kyerε me sε, mode no bεsan aberε me; gyesε (atanfoͻ) twa monyinaa ho hyia”. Ԑberε a wͻ’dii nse no, ͻkaa sε: “Onyankopͻn ne asεm a yεreka yi ho Kyitaafoͻ”

    [67] Ͻkaa sε: “Memma, (sε moduru Misrim a), monhwε na (mo nyinaa) moanwura ͻpono baako mu, na mmom monfa apono sononko-sononko mu na enwura mu. Na meho mma mfasoͻ biara mma mo wͻ (adeε a) Nyankopͻn (ahyehyε ama mo) ho. Nokorε sε, atemmuo no deε Onyankopͻn na εwͻ no, na Neso na mede meho toͻ, na Nemu na wͻn a wͻn wͻ awerεhyemu no mfa wͻn werε nhyε Ne mu”

    [68] Ԑberε a wͻ’wuraa (kuro no) mu sεdeε wͻn papa hyεε wͻn no, εso amma mfasoͻ biara amma wͻn antia deε Onyankopͻn (ahyehyε); mmom Ya’aquub no ara ahiasεm na ͻhyehyε (mmaa ne mma no). Nokorε sε, ͻwͻ nimdeε a emu dͻ a Y’akyerε no, nanso nnipa pii nnim

    [69] Ɛberε a wͻ’wuraa mu kͻͻ Yuusuf hͻ no, ͻfaa nenua no baa nenkyεn ka kyerεε no sε: “Nokorε, mene wo nua (Yuusuf), na εmma wo werε nnho wͻ deε (yenuanom) yͻeε no ho”

    [70] Ԑberε a ͻsiesiee wͻn nneεma no wieε no, ͻmaa wͻ’de kuruwa hyεε nenua no nneεma mu. Afei dawubͻni teaa mu sε: “Akwantufoͻ, nokorε sε moyε akorͻmfoͻ

    [71] (Yosef noanom) danee wͻn ani kyerεε (Misrimfoͻ) no kaa sε: “Mo deεn na ayera?”

    [72] Wͻ’kaa sε: “Yayera ͻhene kuruwa, na obi a ͻde bεba no benya (aburoo) yoma adesoa; na mena εyε m’asεde (sε mehyε dema saa nipa no)

    [73] (Yosef nuanom) kaa sε: “Yεdͻ Nyame! Monim yie sε, y’amma ha ammedi nsεmmͻnee wͻ asaase yi so, na yεnyε akorͻmfoͻ nso”

    [74] (Yosef asomfoͻ) no kaa sε: “Ɛneε (obi a yε’behunu kuruwa no wͻ ne hͻ no) asotwee bεn na εsεsε yεde ma no (sε εda adi) sε moyε nkontompofoͻ a?”

    [75] (Yosef nuanom) kaa sε: “Ɛho asotwee no ne obi a yεbehunu (kuruwa no) wͻ ne nneεma mu, ͻno ara na εsεsε yεtwe n’aso. Saa ara na ye’tua ͻbͻneεfoͻ no so ka”

    [76] Enti ᴐhyεε aseε (hwehwεε) wͻn nneεma no mu ansa na (ͻreba) nenua no nneεma mu. Afei oyii (kuruwa) no frii nenua no nneεma no mu. Saa pͻ yi na Y’εbͻ demaa Yuusuf. Ɛnyε (n’adwen) ne sε ͻde ne nua no bεkͻ akͻto (Misrim) hene no amaneε mu, na mmom sεdeε Nyankopͻn pε (na Yosef yͻeε no). Yε’ma obi a Yε’pε so de no gyina gyinaberε a εkorͻn. Nea Ɔboro nimdifoͻ nyinaa soͻ no ne Biribiara ho Nimdefoͻ (Nyankopͻn) no

    [77] (Yosef nuanom) Kaa sε: “Sε wabͻ korͻno a, ampa sε ne nua bi dii kan bͻͻ korͻno”. Yuusuf desiee n’akoma mu, na wannyi no adi ankyerε wͻn. Ɔkaa sε: “Mowͻ gyinaberε bͻne paa mu, na Onyankopͻn na Onim deε morekyerε no”

    [78] Wͻ’kaa sε: “Owura nimuonyamfoͻ, nokorε sε, (Benyamin) wͻ papa akͻkora posoposo (a ͻbedi neho awerεhoͻ) enti fa yεn mu baako hyε n’anan. Nokorε sε yehu wo sε woka (nnipa) papafoͻ no ho

    [79] (Yosef) kaa sε: “Onyame mpa nngu sε yεbεfa obi foforͻ a εnyε nea yehunuu y’adeε no wͻ nehͻ. (Sε yεyε saa a) nokorε sε na y’ayε abͻnefoͻ

    [80] Ԑberε a wͻn abamu buu wͻ neho no, wͻ’kͻtuu agyina wͻ kokoam. Wͻn mu panin no kaa sε: “Monim sε mode Nyankopͻn din mu adi nse akyerε mopapa, εna modii kan buu moani guu deε na εsεsε moyε ma Yosef soͻ? Enti mennfri asaase yi so kͻpem sε m’agya bεma me ho kwan ansa, anaasε Onyankopͻn bedi (m’asεm) ama me, na Ɔne atemmufoͻ no nyinaa mu Otemmufoᴐ papa paa no

    [81] (Enti) monsan nkͻ moagya hͻ na monkͻka nkyerε no sε: “Y’agya, nokorε sε woba (Benyamin) abͻ korͻno, na deε yenim na yedi ho adanseε; na deε asuma no deε yanntumi ammͻ ho ban “

    [82] Bisa kuro (Misrim) a na yε’wͻ mu no ne akwantufoͻ a yεne wͻn baeε no (na hunu sε), ampa sε nokorε na yεreka no“

    [83] (Ya’quub) kaa sε: “Daabi, mo ara moadwen na mode ayε kanana, nanso aboterε na εyε. Ebia Nyankopͻn de wͻn nyinaa (Yuusuf, Benyamin ne Rubel) bεbrε me. Nokorε sε, Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Onyansafoͻ no

    [84] (Ya’aquub) danee neho frii wͻn ho kaa sε: “Ao, mewerεho a aho wͻ Yosef ho, na awerεhoͻ maa (nisuo taataa no) maa n’ani yεε fitaa, εnam awerεhoͻ nhyεsoͻ nti

    [85] (Ne mma no) kaa sε: “Onyankopͻn! enti (agya), wonnyae Yosef ho adwendwen kosi sε εbεbͻ wo yadeε, anaa kͻpem sε wobewuo?”

    [86] Ɔkaa sε: ”Onyankopͻn na mede m’akosεm ne m’awerεhoͻ to N’anim, na menim adeε a monnim wͻ Nyankopͻn hͻ.”

    [87] (Ɔka kyerεε wͻn sε): ‘’Memma, monkͻ (Misrim) na monkͻbisa Yuusuf ne ne nua no ho asεm, na monhwε na moampa aba wͻ Nyankopͻn ahummͻborͻ ho, nokorε sε obi mpa aba wͻ Nyankopͻn ahummͻborͻ ho gyesԑ nnipa (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no

    [88] Ԑberε a wͻ’kͻͻ (Yosef) hͻ no, wͻ’kaa sε: “Owura Nimuomyamfoͻ, ͻhaw paa ato yεn ne y’abusuafoͻ, na yεde sika kakraabi na aba, enti hyε (aburoo) ma yεn, na yε yεn adͻε. Nokorε sε Onyankopͻn ma wͻn a wͻ’yε adͻeε no akatua”

    [89] (Yosef) ka kyerεε wͻn sε: ‘’Mokae deε mode yεε Yuusuf ne ne nua no wͻ aberε a na monnim (deε moreyε)?”

    [90] Wͻ’kaa sε: ‘’Wone Yosef ampa anaa? Ɔkaa sε: ‘’Mene Yosef na woi nso ne me nua (Benyamin), nokorε sε Onyankopͻn ahu yεn mmͻbͻ. Nokorε sε obi a obesuro Nyankopͻn na ͻbesi aboterε no, nokorε sε Onyankopͻn mma apapafoͻ no akatua nnyε kwa

    [91] Wͻ’kaa sε: ‘’Awurade Nyankopͻn! Nokorε sε, Nyankopͻn ayi wo, ama woso (wͻ animuoyam mu) akyεn yεn, na nokorε sε yε’yε abͻneεfoͻ “

    [92] (Yosef) kaa sε: ‘’Kasa tia biara nni hͻ dema mo nnεda yi, Onyankopͻn de mo bͻne bεkyε mo. Ɔne ahummͻborͻfoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene no

    [93] “Monfa m’atade-soroͻ yi na monkͻto ngu me papa anim εbama no ahunu (pefee). Na monfa mo abusuafoͻ no (nyinaa) mmrε me wͻ ha “

    [94] Ԑberε a wͻn teaseεnam adwadi kuo no sii mu no, wͻn papa (Ya’aquub) kaa sε: “Mate Yosef ho pampan, sε mommu me sε nkͻkoraa-sεm (bi na meredie) a”

    [95] (Ne fie hͻfoͻ no) kaa sε: ”Nokorε sε wowͻ wo tete mfomsoͻ no ara mu”

    [96] Ɛberε a amanebͻfoᴐ no baeε no, ͻtoo (Yosef atadeε no) guu (Ya’quub) anim, na ohunui pefee. Ɔkaa sε: “Manka ankyerε mo sε, nokorε menim deε monnim wͻ Nyankopͻn hͻ?”

    [97] (Ne mma no) kaa sε: “Y’agya, srε yεn bͻne ho bͻnefakyε (wͻ Nyankopͻn hͻ) ma yεn, na nokorε sε yεyε abͻneεfoͻ

    [98] (Ya’quub) kaa sε: ‘’Mεsrε me Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε ama mo. Nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no

    [99] Ԑberε a (abusuafoͻ no nyinaa) baa Yosef hͻ no, ͻfaa n’awofoͻ baa ne ho εna ͻkaa sε: “Monfa abodweԑ nwura Misrim, sε Onyankopͻn pε a “

    [100] Ͻpagyaa n’awofoͻ no wͻ akonwa no so, na wͻ’kͻͻ fͻm berεε wͻn ho ase maa no. (Yosef) kaa sε: ‘’M’agya, woi ne me dabi daeε no nkyerεaseε. Me Wura Nyankopͻn ama no ayε nokorε. Nokorε sε Ɔne me adi no yie wͻ εberε a Oyii me fri afiase, na Ɔde mo nyinaa fri εserε so de mo aba ha, wͻ akyire yi a ͻbonsam duaa ͻtan wͻ me ne me nuanom ntεm. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn yε Ayεmyε Hene dema obia Ɔpε, nokorε sε Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Onyansafoͻ no

    [101] (Yosef tontom Nyankopͻn bͻͻ mpaeε sε): “Me Wura Nyankopͻn, ampa sε W’ama me ahennie, εna W’akyerε me daeε nkyerεaseε. Ɔsoro ne asaase Bͻfo, Wone me Kyitaafoͻ wͻ wiase ne Daakye no. Ma menwu sε Muslimini na fa me ka apapafoͻ no ho “

    [102] (Nkͻmhyεni), woi yε ahuntasεm na Y’εreyi ama woͻ. Na na wonka wͻn ho wͻ berε a (Yosef nuanom) nyaa wͻn ho nteaseε na wͻ’bͻͻ wͻn pͻ bͻne no

    [103] Nnipa pii nso nnye nni, sε wobͻ ho mmͻden sεn ara mpo a

    [104] Na wommisa wͻn ho akatua nso; (Qur’aan) yε Nkaekaeε ne Afutusεm dema amansan nyinaa

    [105] Nsεnkyerεnee dodoͻ sεn na εwͻ soro ne asaase so a wͻ’twa mu wͻ ho? Nanso wͻ’twi fa so

    [106] Wͻn mu dodoͻ no ara na wͻ’nnye Nyankopͻn nnie, na mmom wͻ’yε (Nyame ho) mmatahoo

    [107] Enti wͻn akoma atᴐ wᴐn yεm wᴐ Nyankopͻn asotwee a εmene (nnipa) a εreba wͻn soͻ no ho, anaa Dͻnhwere a εreba wͻn so mpofire mu nanso wͻ’nnim no ho

    [108] (Nkͻmhyεni), kasε: “Woi ne me kwan. Mene wͻn a wͻ’ka me ho no de nimdeε pefee refrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ. Kronkron ne Animuonyam hene ne Nyankopͻn. Medeε menka abosomsomfoͻ no ho

    [109] (Nkͻmhyεni), asomafoͻ a yεsomaa wͻn dii wanim kan no na wͻ’yε nnipa na Ye’yii Adiyisεm no maa wͻn, na wͻ’fri amanfoͻ a wͻn fri nkuro mu no mu. Enti wͻn nnante asaase no so nhwε sεdeε wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no awieε si wieε? Daakye fie no yε ma wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn. Enti wͻ’nte asεm ase anaa

    [110] (Wͻ’kͻͻ so tee atua) kosii sε asomafoͻ no paa aba maa wͻn adwen yεε wͻn sε, wͻn (amanfoͻ no) annye wͻn anni, afei na na Yε’mmoa no aba wͻn hͻ, na Y’agye obia Yε’pε nkwa. Na Y’asotwe no nnsan n’akyi wͻ nnipa bͻnefoͻ no so

    [111] Ampa sε, adesua wͻ (Yosef ne nenuanom) abakͻsεm no mu dema mmadwemmafoᴐ no. (Qur’aan) nyε asεm a yabͻ yetrim (na atwerε), na mmom εyε (Nwoma a) εrehyε (Nwoma a) edii n’anim kan no mma, na εkyerεkyerε (biribiara) mu pefee, san yε kwan kyerε (Nwoma) ne ahummͻborͻ dema amanfoͻ a wͻ’gye die no

    Surah 13
    Ar-Ra’d

    [1] Alif-Laam-Miim-Raa. Woi ne Nwoma no mu nsεm no; deε yasiane afri wo Wura Onyankopͻn hͻ aberε woͻ no ne nokorε no, nanso nnipa pii na wͻ’nnye nie

    [2] Onyankopͻn na W’apagya soro a adum biara nnihͻ (a ekuta mu) a mohunu, εna afei Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ, εna W’ama awia ne bosome aberε wͻn ho ase (ama mo). Emu biara nam (ne kwan so) wͻ berε a yahyehyε (ama no mu). Ɔno na Ɔtoto ntotoeε nyinaa, Ɔkyerεkyerε nsεm no mu sεdeε mobεgye mo Wura Nyankopͻn nhyiamu no adie

    [3] Ɔno na W’atrε asaase mu, εna Ɔde mmepͻ asisi so pintinn asan ayε nsubͻnten, εna nnuaba biara nso W’ayε no mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε) wͻ (asaase no) so. Ɔma adesaeε kata adekyeε so. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi nom mu dema nnipa a wͻ’dwen

    [4] Asaase no mu nso wͻ (nsaase) asin-asin a εbͻ ahyeε; εne bobe turo, ne aburoo (fuo), ne akyeresua (afuo). Ebi fifiri mmienu anaasε deε εbro saa, ebi nso (fifiri) baako; yεde nsu korͻ na egugu soͻ, nanso nedie mu no Yε’ma ebi yεdε kyεn bi. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi nom (nyinaa) mu dema amanfoͻ a wͻn wͻ nteaseε anaasε wͻ’dwen

    [5] Sε εyε wo nwanwa a, εneε (boniayεfoͻ no) asεm a wͻ’se “Enti sε (yewu na) yε’yε nεteε a yε’bεsan (anyane) wͻ abͻdeε foforͻ mu no”, εno na ma εnyε wo nwanwa. Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’nnye wͻn Wura Nyankopͻn nnie no, na wͻn na (yεde) dadewεnfoͻ begu wͻn kͻn mu no, na wͻ’ne Ogya no mu foͻ no, emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [6] (Nkͻmhyεni, boniayεfoͻ no) repε ntεm sε ma bͻne no (anaa asotwee no) ni papa no anim kan; aberε nso a asotwee no sεso adi wͻn anim kan asi pεn. Nokorε sε wͻn bͻne (nyinaa akyiri no) wo Wura Nyankopͻn wͻ Bͻnefakyε dema adasamma. Nokorε nso sε wo Wura Nyankopͻn asotwee ano yε den papaapa

    [7] Deε wͻn a wͻ’nnnye nnie no ka nesε: “Adεn nti na yensiane nsεnkyerεnee mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mmrε no? (Nkͻmhyεni), wodeε ne sε woyε kͻkͻbͻni; na ͻman biara nso wͻ ͻkwankyerεfoͻ

    [8] Onyankopͻn Nim (yafunudeε a) εso ͻbaa biara, εne deε εpͻn fri awodeε no mu, ne (abosome dodoͻ a) εbεka (nyinsεn no) ho. Deε εwͻ Nehͻ biara wͻ nhyehyεε

    [9] (Ɔne) deε εwͻ Kokoamu ne deε εwͻ Badwamu nyinaa ho Nimdefoͻ no. Ɔno ara ne Ɔkεseε no, na Ɔno ara nso ne Okokroko a Ɔkorͻn no

    [10] Sε momu bi de n’asεm suma o, anaasε ͻda no adi o, anaasε osie anadwo o, anaa opie awia o, εyε asεm korͻ (ma Nyankopͻn sε Onim biribiara)

    [11] Onipa wͻ awεnfoͻ (a wodi neso akͻneaba) a wͻ’di n’anim ne n’akyi. Wͻ’wεn no wͻ Onyankopͻn ahyεdeε so. Nokorε sε, Onyankopͻn nsesa (tebea bi) a amanfoͻ bi wͻ mu, gyesε wͻn ara sesa (tebea) no. Sε Onyankopͻn pε amanfoͻ bi bͻne a, obiara nnihͻ a ͻbetumi adane ani, na N’akyiri no wͻ’nnya okyitaafoͻ biara

    [12] Ɔno na Ɔde ayerεmo kyerε mo debͻ (mo) hu, san (dema mo nya) akomatͻyεmu (sε nsuo rebεtͻ). Ɔno na Ɔbͻ mununkum a emu yε duro

    [13] Agradaa nso bͻ no abodin kamfo no, na Soro abͻfoͻ bͻ hu wͻ Neho. Ɔsoma agradaa mmobͻmuu no kͻbͻ obia Ɔpε, nanso wͻ’gye Nyankopͻn ho akynnye. Ɔne Ɔhodenfoͻ paa a N’asotwee ano yε den paa

    [14] Ɔno na Ɔfata sε yesu frε no wͻ nokorε mu; na wͻn a wͻ’fri N’akyi sufrε wͻn no ntumi nye wͻn so wͻ hwee ho; na mmom (wͻn mfatoho) tesε (obi a) watene nensa akyerε nsuo sεdeε εbeduru n’ano, nanso ennuru hͻ. (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no sufrε deε, εyε kwa

    [15] Onyankopͻn na deε εwͻ soro ne asaase so ne wͻn sunsum (nyinaa) berε wͻn ho ase ma no wͻ anͻpa ne anyumerε, sε wͻ’pε, anaasε wͻ’mmpε

    [16] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Hwan ne ͻsoro ne asaase Wura?” Kasε: “Onyankopͻn”. Kasε: “Enti mofri N’akyi fa akyitaafoͻ a wͻ’ntumi mfa mfasoͻ anaasε ͻhaw biara mma wͻn ho?” Kasε: “Enti onifirani ne obia ohunu adeε yεpε? Anaasε enti esum ne εhyεn yε pε? Anaasε wͻ’de mmatahoo a wa’bͻ (biribi) sεdeε Nyankopͻn abͻ no na abata Nyankopͻn ho a εnam saa nti ama abͻdeε no asε ama wͻn anaa?” Kasε: ”Onyankopͻn na Ɔyԑ biribiara Bᴐfo, na Ɔne Opumpuni Baako no a Ɔkorͻn wͻ biribiara soͻ no “

    [17] Ɔno na Osiane nsuo fri soro dema nsuo tene wͻ nsuka mu sεdeε emu biara betumi, na nsuyire no de ahuro a εwͻ ani no kͻ. Na deε wͻ’nane no wͻ egya mu deyε agudeε anaa nkyεnsee no nso yi ahuro tesε nesεso. Saa ara na Nyankopͻn de nokorε ne nkontompo yε mfatoho. Na ahuro no deε etwa mu kͻ tesε naakyee bi a εho nni mfasoͻ; na deε εho wͻ mfasoͻ dema nnipa no deε εka asaase no mu. Saa ara na Nyankopͻn yε mfatoho

    [18] Wͻn a wͻ’gye wͻn Wura Nyankopͻn (frε no) soͻ no wͻ (akatua) pa. Wͻn nso a wͻ’annye no soͻ no deε, sε wͻn wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa ne nesεso mpo a anka (saa Da no wͻ’bεpε sε) wͻ’de bεyε mpata. Saa nkorͻfoͻ no deε wͻn wͻ akontabuo bͻne paa. Na wͻn asetena mu ne bonsam gyem, εhͻ yε ahomegye bea bͻne paa

    [19] Enti obia onim yie sε, deε yasiane ama woͻ no yε nokorε a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, ͻtesε obi a n’ani afira? Wͻn a wͻ’dwen ho (anaa wͻ’de tu wͻn ho foͻ, anaa wͻ’kaeε) ne mmadwemmafoͻ no –

    [20] Wͻn a wͻ’di Nyankopͻn bͻhyε soͻ, na wͻ’mmu apam no soͻ

    [21] Ne wͻn a deε Nyankopͻn ahyε sε wͻma εntoa mu no wͻ’de toa mu, na wͻ’suro wͻn Wura Nyankopͻn, na wͻ’suro akontabuo bͻne no

    [22] Ne wͻn a wͻ’si aboterε hwehwε wͻn Wura Nyankopͻn hͻ animuonyam, na wͻ’frε Nyame wͻ nebrε mu, na deε Yε’de akyε wͻn no wͻ’yi mu bi dema wͻ kokoa mu ne badwa mu, na wͻ’de papayε si bͻne ano kwan; saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ awieε pa no –

    [23] Aheman a εwͻ hͻ afe bͻͻ no, emu na wͻ’ne wͻn agyanom ne wͻn yerenom ne wͻn asefoͻ a wͻ’dii papa no bεkͻ; na Soro abͻfoͻ befri apono ahodoͻ mu aba wͻn hͻ

    [24] (Soro abͻfoͻ no bεkyea wͻn sε): “Asomdwiε nka mo wͻ mo aboterε a monyaeε no ho.” Awie pa paa fie ni

    [25] Wͻn a wͻ’bu Nyankopͻn apam no so wͻ akyire yi a atim, na wͻ’tete adeε a Nyankopͻn ahyε sε wͻntoa soͻ no ntεm, na wͻ’di nsεmmͻnee wͻ asaase soͻ no, saa nnipa no na nomee wͻ wͻn soͻ, na wͻn wͻ efie bͻne paa (Daakye)

    [26] Onyankopͻn trε akͻnhoma no mu dema obia Ɔpε, εna Osusu nso (dema obi a Ɔpε). Wͻn anigye wiase asetena yi ho, aberε nso a sε wode wiase asetena yi toto Daakye no ho a, na (wiase asetena no yε) anigyesεm bi a εretwa mu akͻ

    [27] Deε wͻn a wͻ’nnye nnie no ka nesε: “Adεn nti na yensiane nsεnkyerεnee bi mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mmerε no?” (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Nokorε sε, Onyankopͻn yera obia a Ɔpε, εna obia ͻdane neho ba Nehͻ no nso, Ɔkyerε no kwan

    [28] Wͻn a wͻ’agye adie na wͻn akoma atͻ wͻn yεm wͻ Nyankopͻn nkaekaeε ho no, nokorε sε, Onyankopͻn nkaekaeε ho na akoma nya abotͻyεmu

    [29] Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, nhyira ne wͻn, na (nhyira ne) bea pa a wͻ’bεsan akͻ no

    [30] (Nkͻmhyεni), saa ara na Y’asoma wo wͻ ͻman a amanfoͻ bi adi wͻn anim kan atwam kͻ no soᴐ, sεdeε wobεkenkan deε Y’ayi ama woͻ no akyerε wͻn. Nanso wͻ’po Ahummͻborͻ Hene no. Ka sε: “Ɔne me Wura; awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Ɔno na mede meho to no soͻ, na Nehͻ na mesakra m’adwen kͻ

    [31] Sε anka Qur’aan bi wͻ hͻ a εma mmepͻ tutu (fri deε esisie), anaasε εma asaase paepaeε, anaasε εma awufoͻ kasa a (anka εyε saa Qur’aan yi). Aane, tumi no nyinaa wͻ Nyankopͻn. Wͻn a wͻ’agye adie no nhunuu sε, sε εyε Onyankopͻn pε a anka Ɔbεtene nnipa nyinaa? Wͻn a wͻ’nnye nnie no nso deε mmusuo bεkͻso ato wͻn εnam wͻn nyuma (bͻne) a wͻ’die no ho nti, anaasε (mmusuo no) besi abεn wͻn atenaeε akͻsi sε Onyankopͻn bͻhyε no bεba. Nokorε sε, Onyankopͻn deε Ommu Nebͻhyε no so

    [32] (Nkͻmhyεni), nokorε sε, wͻ’dii Asomafoͻ no a wͻ’dii w’anim (baa) kane no ho fεw, nanso Memaa wͻn a na wͻ'po M’asԑm no berε, afei Metwee wͻn aso. Na sεdeε Masotwe (huu) siteε

    [33] Enti Nea Ogyina hͻ hwε ᴐkra biara soͻ, na (Onim} deε (ͻkra biara) nya no, (Ɔtesε anyame a wͻ’nnim hwee no)? Nanso wͻ’de biribi bata Nyankopͻn ho. Kasε: “Momobͻ wͻn din”. Anaasε asεm a Nyankopͻn nnim wͻ asaase so na morebͻ no εho amaneε, anaasε εyε asεm (hunu) bi a mode kyerε? Daabi, (ͻbonsam) ama wͻn a wͻ’nnye nnie no adwen (bͻne no) ayε wͻn aniso fε, εna wasi wͻn kwan (pa) no ho kwan. Obia Nyankopͻn ayera no no deε, onnya ͻkwan kyerεfoͻ

    [34] Wͻn wͻ asotwee wͻ wiase asetena yi mu, na nokorε sε Daakye asotwe no deε emu yε den papaapa. Na wͻ’nnya ͻgyefoͻ a ͻbεko atia Nyankopn (ama wͻn)

    [35] Ɔsoro aheman no a yεde ahyε Nyame-surofoͻ no bͻ no mfatoho ne sε: ”Nsubͻnten nenam aseε, na emu nnuaba ne emu nyunu wͻhͻ daa”; woi ne awieε pa dema wͻn a wͻ’suro Nyame na wͻ’yε ahwεyie no, na boniayεfoͻ no awieε ne gyem

    [36] Wͻn a Yε’maa wͻn Nyamesom ho Nwoma no, ani gye deε yasiane ama woͻ no ho, nanso akuo no bi nso wͻhͻ a wͻ’po (Qur’aan no) fa baabi. Ka sε: “Medeε yahyε me sε, mensom Nyankopͻn na menhwε na manfa biribi ammata Neho. Ɔno na mesu frε no, na Nehͻ na medane meho kͻ

    [37] Saa ara na Y’asiane (Qur’aan) yi sε atemmuo (Nwoma wͻ) Arab (kasa mu). Sε wodi wͻn apεdeε akyi wͻ akyire yi a nimdeε aba wo hͻ yi a, wonnya okyitaafoͻ anaasε ͻgyefoͻ a ͻbεko atia Onyankopͻn (ama woͻ)

    [38] Ampa nso sε, Yԑ’dii kan somaa Asomafoͻ dii w’anim, Yε’maa wͻn yerenom ne mma. Ԑkwan nnihͻ sε ͻsomafoͻ bi de nsεnkyerεnee bi bεba gyesε Nyankopͻn ma kwan ansa. Ɛberε biara mu wͻ deε yahyehyε ama

    [39] Onyankopͻn pepa deε Ɔpε san de deε Ɔpε si hͻ, na Nehͻ na Nwoma no ti no wͻ

    [40] (Nkͻmhyεni), sε Yε’de deε Y’ahyε wͻn ho bͻ no mu bi bεkyerε woͻ, anaasε Yε’bεma wo awuo, nokorε w’asεdeε nesε wobεbͻ (asεm no ho) dawuro, na Yε’nso Yε’hͻ na akontabuo no wͻ

    [41] Enti (boniayεfoͻ no) nhunuu sε Yε’de no nkakrankakra afri ahyeε so rete nsaase no soͻ? Onyankopͻn na obu atεn, na obiara nnihͻ a obetumi adane N’atemmuo no ani. Na Ɔno na Neho yε hare wͻ akontabuo mu

    [42] Ampa sε, wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no bͻͻ pͻ bͻne, nanso Nyankopͻn na pͻbͻ nyinaa wͻ no. Onim deε ͻkra biara nsa ka; na boniayεfoͻ no behunu obi a ͻwͻ awieε pa

    [43] Deε wͻn a wͻ’yi boniayε no keka ne sε: “Wonyε Ɔsomafoͻ biara”. Ka sε: “Onyankopͻn ne wͻn a wͻn wͻ Nwoma no ho nimdeε no som bo ma me ne montεm adansedie

    Surah 14
    Ibrahim

    [1] Alif- Laam-Raa. (Nkͻmhyεni, woi ne) Nwoma a Y’asiane ama woͻ, sεdeε wode beyi adasamma afri esum no mu de wͻn akͻ εhyεn no a εkͻ Otumfoͻ Ayeyie Wura no kwan no soᴐ, wͻ wͻn Wura Nyankopͻn akwamma mu

    [2] Onyankopͻn, Ɔno na adeε a εwͻ soro ne adeε a εwͻ asaase so (nyinaa) wͻ no. Due nka boniayεfoͻ no wͻ asotwee denden no ho

    [3] Wͻn a wͻ’pε wiase asetena yi kyεn Daakye deε no, na wͻ’si (amanfoͻ) kwan fri Nyankopͻn kwan no soͻ hwehwε sε (Nyankopͻn kwan no) bεkyea, saa nnipa no wͻ ͻyera a εkͻ akyiri paa mu

    [4] Ͻsomani biara a Yε’somaa no no, yεde nenkorͻfoͻ no kasaa (na εsomaa no) sεdeε ͻbεkyerεkyerε (nsεm no) mu pefee akyerε wͻn. Na Onyankopͻn yera obia Ɔpε, εna Ɔkyerε obi a Ɔpε nso kwan. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no

    [5] Ampa sε Yε’de Yε’nsεnkyerεnee somaa Mose sε: “Yi wo nkorͻfoͻ no fri esum no mu na fa wͻn kͻ εhyεn no mu, na kae wͻn Nyankopͻn nna no (a Ɔde N’adom dom wͻn wͻ mu no). Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema obiara a osi aboterε na oyi {Nyankopͻn) ayε

    [6] Kae εberε a Mose ka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Monkae Nyankopͻn adom a εwͻ mosoͻ, εberε a Ɔgyee mo frii Farao nkorͻfoͻ no a na wͻ’de asotwee bͻne retwe moaso, na wͻ’kunkum mo mma mmarima, ma mo mmaa no tena aseε no nsam. Nokorε sε na εyε nsͻhwε kεse a efri mo Wura Nyankopͻn hͻ”

    [7] Kae εberε a mo Wura Nyankopͻn de too dwa sε: “Sε moyi (Me) ayε a Mede bi bεka mo ho; na mmom sε moyi (Me) boniayε a, εneε nokorε sε, M’asotwee ano yε den papaapa

    [8] Mose kaa sε: “Sε mone wͻn a εwͻ asaase so nyinaa mpo anye anni a, εneε nokorε sε, Onyankopͻn deε Wanya Neho. Ɔne Ayeyie Wura no

    [9] Wͻn a wͻ’dii moanim kan no ho asεm no meduruu mo hͻ anaa? Noa nkorͻfoͻ no ne Aad ne Samuud ne wͻn a wͻ’baa wͻn akyi no? Obiara nni wͻn, gyesε Nyankopͻn (nko ara). Wͻn asomafoͻ no de nyina-soͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn; nanso wͻ’de wͻnsa hyehyεε wͻn anum (de abufuo) kaa sε: “Yε’deε nokorε sε, yεnnye deε yε’de asoma mo no nni; nokorε nso sε y’adwen nnsi yεn pi koraa wͻ deε morefrε yεn akͻ no ho”

    [10] Wͻn asomafoͻ no kaa sε: “Enti Onyankopͻn, ͻsoro ne asaase Bͻfo no ho na moadwen nnsi mo pie? Ɔrefrε mo sεdeε Ɔde mo bͻne bεkyε mo, na Wama mo εberε (kakra) akosi εberε a yahyε ato hͻ no. Wͻ’kaa sε: “Sε monso moyε nnipa tesε yεn ara. Mopε sε mosi yεn deε na ya’gyanom som no ho kwan. Ɛneε monfa tumi anaasε nyinasoͻ pefee bi mmra (ansa)

    [11] Wͻn asomafoͻ no kaa sε: “Yε’yε nnipa tesε mo ara deε, nanso Nyankopͻn de (N’adom no) dom Nenkoa mu nea Ɔpε. Yenni ho kwan nso sε yεbεtumi de tumi anaa nsεnkyerεnee bi aba gyesε Onyankopͻn ma kwan. Onyankopͻn so na εsεsε agyidiefoͻ no de wͻn ho toͻ

    [12] Ɛdeεn ho nti na εnsεsε yεde yεn ho to Onyankopͻn soͻ aberε a εyε nokorε sε W’akyerε yεn kwan akͻ y’akwan no soͻ? Enti nokorε sε, yεbesi aboterε wͻ ͻhaw biara a mode bεha yεn no ho; enti Onyankopͻn na wͻn a wͻn wͻ awerεhyεmu no mfa wͻn werε nhyε ne mu

    [13] Wͻn a wͻ’nnye nnie no ka kyerεε wͻn asomafoͻ no sε: “Nokorε sε, yεbetu mo afri yεn asaase yi so, gyessε mosan ba yε’som no mu”. Enti wͻn Wura Nyankopͻn yi kyerεε wͻn sε: “Ampa sε Yε’bεsεe abͻnefoͻ no”

    [14] Nokorε sε, Yε’bεma mo atena asaase no so wͻ wͻn akyi. Woi wͻ obia osuro sε obegyina M’anim, na osuro M’asotwee no

    [15] (Asomafoͻ no) hwehwεε (Nyankopͻn hͻ) mmoa ne nkonimdie; na ahomasoͻfoͻ ne asoͻdenfoͻ ne wͻn a wͻ’ko tia no nyinaa dii nkoguo

    [16] (Saa nipa no), Amanehunu gya no da n’anim, na nsuo hyeε a εbͻn na yεbεma no anom

    [17] Ɔbεnom (nsuo) no nkakrankakra, na εyε den sε etumi kͻ nemene mu; na owuo befri bea biara aba ne so, nanso onnwu, na asotwee a emu yε duro nso da n’anim

    [18] Wͻn a wͻ’apo wͻn Wura Nyankopͻn no, wͻn mfatoho nesε: Wͻn nyuma bεyε tesε nsoo a mframa kεseε bi rebͻ no wͻ da bi a mframa nini bi rebͻ. Dwuma a wͻ’diiε no, wͻn nsa nka mu hwee. Woi ne ͻyera a εkͻ akyiri paa no

    [19] Wonhunuu sε Nyankopͻn de nokorε na εbͻͻ soro ne asaase? Sε Ɔpε a Obeyi mo afri hͻ na Ɔde abͻdeε foforͻ aba

    [20] Na εno deε εnyε adeε a εyε den ma Nyankopͻn

    [21] Wͻn nyinaa bεba Nyankopͻn anim; na wͻn a na wͻ’nni ahoͻden no bεka akyerε wͻn a wͻ’yεε ahomasoͻ no sε: “Nokorε sε, moakyi na na yedie; enti mobetumi ayε biribi ama yεn afa Nyankopͻn asotwee no ho anaa? Wͻ’bεka sε: “Sε Onyankopͻn kyerεε yεn kwan a, anka yεnso yεkyerεε mo kwan. (Sesei deε) sε yesu o, anaasε yenya aboterε o, εyε ade korͻ ma yεn; yenni baabiara dwane kͻ

    [22] Ɛberε a yabu atεn no awie no, ͻbonsam bεka sε: “Ampa sε, Onyankopͻn hyεε mo bͻ a εyε nokorε bͻhyε, εna menso mehyεε mobͻ; nanso m’adi mo hwammͻ. Menni tumi biara wͻ moso, na mmom frε na mefrεε mo εna mogyee me soͻ. Enti εmma mo nnunu me, na mmom monunu moara moho. Mentumi mmoa mo, na monso montumi mmoa me. Nokorε sε, m’apo deε modiikan yεε sε mode me (ͻbonsam) abata Nyankopͻn ho no”. Nokorε sε abͻneεfoͻ no wͻ asotwee a εyε ya papaapa

    [23] Yεde wͻn a wͻ’agye die na wͻ’dii dwuma pa no bεkͻ Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu. Emu na wͻ’bεtena wͻ wͻn Wura Nyankopͻn akwamma mu. Wͻn nkyea (a wͻ’bεkyea) wͻ mu hͻ ne: ‘Salaam’ Asomdwiε

    [24] Wonhunuu sεdeε Nyankopͻn de asԑm pa yε mfatoho? (Asԑm pa} tesε dua pa a nenhini no si hͻ pintinn na ne mman no nso kͻ soro paa

    [25] Ne Wura Nyankopͻn akwamma mu no, εso n’aba wͻ berε biara mu. Onyankopͻn yε mfatoho dema adasamma sεdeε wͻ’bεfa adwen

    [26] Ɛna asԑm bͻne anaa kasa bͻne nso mfatoho tesε dua bͻne a atutu ama nenhini no wͻ asaase no ani, na enni nyinasoͻ pa biara

    [27] Onyankopͻn de asԑm a esi pi no bεhyε wͻn a wͻ’agye adie no den wͻ wiase asetena yi mu ne Daakye no nso. Na Onyankopͻn bεma abͻnefoͻ no nso ayera. Onyankopͻn deε Ɔyε deε Ɔpε

    [28] Wonhunuu wͻn a w’asesa Nyankopͻn adom no de akoyi boniayε, de wͻn nkorͻfoͻ no akͻsoε ͻsεeε fie mu no

    [29] Amanehunu gyem na wͻ’bεkͻ; na bea bͻne paa ne hͻ

    [30] Wͻ’de biribi toto Nyankopͻn ho de yera (amanfoͻ) fri Nekwan no so. Ka sε: “Modeε monye moani (εberε tiaa bi), na nokorε sε, moawieε ne Ogya no mu”

    [31] (Nkͻmhyεni), ka kyerε Menkoa no a wͻ’agye adie no sε, wͻnfrε Nyame wͻ ne berε mu, na deε Yε’de akyε wͻn no wͻnyi emu bi mfa ma wͻ kokoa mu ne badwa mu, ansa na Ɛda a adwadie anaa ayͻnkofa (biara) nnihͻ no aba

    [32] Onyankopͻn na Ɔbͻͻ soro ne asaase, εna Osiane nsuo fri soro dema nnuaba a εyε akͻnhoma ma mo no fifi; εna W’abrε nsuom hyεn ase ama mo, sεdeε εbεnante wͻ ͻpo so wͻ N’akwamma mu, εna W’abrε nsubͻnten nso ase ama mo

    [33] Ɛna W’ama awia ne bosome abrε wͻn ho ase ama mo, εna wͻn mmienu nam wͻn kwan soͻ, εna W’ama anadwo ne adekyeε nso abrε wͻn ho ase ama mo

    [34] Ɛna Ɔma mo deε mobisa no mu biara. Sε mose mobεsese Nyankopͻn adom a, montumi nsese. Nokorε sε, onipa yε omimfo, boniayεni a onni nkaeε

    [35] Kae εberε a Abraham kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, ma saa (Maka) Kuro yi nyε ahotᴐ Kuro, na bͻ me ne me mma ho ban fri abosomsom ho”

    [36] Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε wͻn ama nnipa pii ayera. Enti obia ͻbedi m’akyire no, nokorε na ofri me mu, na obia wantie me no nokorε sε Wone Bͻnefakyε Hene, Wone Mmͻborͻhunufoͻ Hene”

    [37] Ye’Wura Nyankopͻn, mede m’asefoͻ no bi (Ismail ne ͻmaame Haajara) akͻtena bonhwa a mfudeε biara nni soͻ wͻ Wo Fie kronkron no ho; Ye’Wura Nyankopͻn, sεdeε wͻ’bεfrε Nyame wͻ ne berε mu nti. Enti ma nnipa akoma ntwe nkͻ wͻn so, na fa nnuaba no bi bͻ wͻn akͻnhoma sεdeε wͻ’beyi (Wo) ayε”

    [38] “Ye’Wura, nokorε sε Wonim deε yεde suma ne deε yε’da no adie (nyinaa). Biribiara nni asaase yi so anaasε ͻsoro a asuma Nyankopͻn”

    [39] “Aseda wͻ Nyankopͻn a Ɔde Ismail ne Is’haaq akyε me wͻ (me) nkͻkora berε mu. Nokorε sε, Me Wura Nyankopͻn ne Mpaebͻ Tiefoͻ”

    [40] “Me Wura Nyankopͻn, Ma me ne m’asefoͻ nfrε Nyame wͻ neberε mu, Ye’Wura, tie yεn sufrε”

    [41] “Ye’Wura, fa me bͻne kyε me, na fa m’awofoͻ ne agyidiefoͻ no (nso bͻne kyε wͻn) wͻ Da a akontabuo da no besie no”

    [42] Ԑmma w’adwen nnyε wo sε Nyankopͻn abu N’ani agu deε abͻneεfoͻ no yε no so, na mmom W’abͻ wͻn ato hͻ ama Ɛda no a ehu bεma ani atͻ sa no

    [43] (Ɛda a) wͻ’de ntεmpε na εbεkͻ wͻn anim a wͻ’atwetwe wͻn kͻn, na wͻn ti apagya hwε soro, na wͻn ani nnane mma wͻn hͻ, na wͻn akoma (mu) bεyε hwee (anaasε hwee nni wͻn akoma mu) no

    [44] (Nkͻmhyεni), bͻ adasamma no kͻkͻ wͻ Ɛda no a asotwee no bεba wͻn soͻ ama wͻn a wͻ’dii bͻne no aka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε) ma yεn εberε kakra, yεbεgye Wofrε no so na ya’di asomafoͻ no akyi“. (Yԑbԑma wᴐn mmuaeԑ sԑ): “Monii kan nkaa ntam sε moasetena (wͻ wiase) no entwa mu da

    [45] Ɛna motenaa wͻn a wͻ’dii bͻne tiaa wͻn ara wͻn ho no atenaeε, wͻ aberε a yε’daa deε Yε’de yεε wͻn no adi kyerεε mo, εna Yε’yεε mfatoho pii nso de kyerεε mo

    [46] Ampa sε, wͻ’bͻͻ wͻn pͻ a wͻ’bͻeε, na pͻ a wͻ’bͻeε no wͻ Nyankopͻn hͻ; na nokorε sε, wͻ’bͻͻ pͻ bͻne sεdeε emu no mpo mmepͻ betutuo

    [47] Enti εmma w’adwen nnyε wo sε Nyankopͻn bebu Nebͻhyε a Wahyε asomafoͻ no so. Nokorε sε, Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yɛ, Ɔne Awerεtͻ Wura

    [48] Ɛda a yεde asaase bεsesa asaase (foforͻ) ne ͻsoro nso (saa ara no), wͻn nyinaa bεba Nyankopͻn Baako no, Opumpuni no a Ɔkorͻn wͻ biribiara soͻ no anim

    [49] Saa Da no wobehunu abͻneεfoͻ no sε yaka wͻn abͻ mu agu wͻn mpokyerε

    [50] Wͻn ntadeε bεyε εhyε tuntum, na Ogya bεkata wͻn anim

    [51] Sεdeε Nyankopͻn betua deε ͻkra biara nsa kaeε so ka. Nokorε sε, Onyankopͻn ho yε hare wͻ akontabuo no mu paa

    [52] (Qur’aan) woi yε asεm no ho dawubͻ dema adasamma sεdeε wͻ’de bεbͻ wͻn ho kͻkͻ, na wͻ’de behunu sε Ɔne Awurade Baako, na nnipa mu mmadwemmafoᴐ no nso de bεto wͻn adwene mu

    Surah 15
    Al-Hijr

    [1] Alif – Laam – Raa. Woi yε Nwoma no mu nsεm no bi, ne Qur’aan a ԑda adi pefee no

    [2] Mprε pii na wᴐn a wͻ’po nokorε no bεpε sε na anka wͻ’yε Muslimifoͻ

    [3] (Wodeε) gyae wͻn ma wͻ’nidi na wͻ’nye wͻn ani, na wͻ’ma anidaasoͻ hunu nye wͻn adaagyeε na ԑnkyԑ wͻ’behunu

    [4] Kuro biara a Y’asεe no no, na εwͻ εberε a yahyε ato hͻ a yenim (sε yεde bεsεe no)

    [5] Ɛmma sε ͻman bi betumi ama ne berε (a ͻsεeε bεba ne soͻ no) aba animu anaa akͻ akyire

    [6] Deε wͻ’ka ne sε: “Wo a yasiane Afutusεm (Qur’aan) yi ama woͻ no, nokorε sε w’abͻ dam !”

    [7] “Sε woka nokwafoͻ no ho ampa a, adεn nti na womma soro abͻfoͻ mma yεn hͻ?”

    [8] Yε’mma soro abͻfoͻ nnsiane, gyesε nokorε bi nti, na sε (soro abͻfoͻ ba wͻn hͻ a), εno deε wͻ’nnya ahomegye berε

    [9] Nokorε sε, Yεn na Ye’sianee (Qur’aan) Afutusεm no, na nokorε sε, Yεn na Yε’bεbͻ ho ban

    [10] Ampa sε, Yε’somaa asomafoͻ dii w’anim kan kͻͻ tetefoͻ mmusua kuo no hͻ

    [11] Ͻsomafoͻ a ͻbaa wͻn hͻ biara no gyesε wͻ’di neho fεw

    [12] Saa ara na Yε’ma (adwen bͻne) kͻwura abͻneεfoͻ no akoma mu

    [13] Wͻ’nnye (Qur’aan) no nni, abrԑ a ampa sε tetefoͻ no (a wͻ’annye annie no) mfatoho bi abetwam

    [14] Sε Yε’bue ͻsoro pono ma wͻn na wͻ’guso reforo kͻ mu mpo a

    [15] Nokorε sε anka wͻ’bεka sε: “Woi deε yaniso bri yεn. Daabi, yε’yε nnipa a yεde konya bi na anya yεn“

    [16] Ampa sε, Y’ayε nsoromma (akεseε) wͻ soro, εna Y’ama ayε fε ama wͻn a wͻ’hwε

    [17] Ɛna Yε’bͻ ho ban fri ͻbonsam biara a yato no atwene (anaasε yapo no no nsam)

    [18] Na mmom obia obewia (neho akͻ) tie no deε ogya frama pefee bedi n’akyi

    [19] Asaase nso Y’atrε mu εna Yε’de mmepͻ a esisi hͻ pintinn asisi soͻ, εna Yε’ma nneεma ahodoͻ pii a εyε dε fifiri wͻ soͻ

    [20] Ɛna Y’ayε deε ehia wͻ asetena mu ama mo, ne wͻn nso a εnyε mo na mobͻ wͻn akͻnhoma

    [21] Biribiara ho akoradeε wͻ Yεn hͻ, na Ye’siane no wͻ nhyehyεε a yenim so

    [22] Ɛna Ye’soma mframa a εkayan (mununkum), na Y’asiane nsuo afri soro de ama mo anom aberε a εnyε mo na mokoraa (nsuo) no

    [23] Nokorε sε, Yεn na yεma nkwa εna Yekum, na Yεn na (sε mowu kͻ a, Ye’si mo anan mu) di adeε

    [24] Nokorε sε Ye’nim momu (awoͻ ntotoa soͻ) a wͻ’dii kan no, εna ampa nso sε Yenim wͻn a wͻ’di akyire no

    [25] Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn, Ͻno na Ɔbεboa wͻn (nyinaa) ano (wͻ Atemmuda). Nokorε sε, Ɔne Onyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ

    [26] Nokorε sε, Yε’bͻͻ onipa fri nεteε a awoͻ a εnee wͻ mu a efri atεkyε a yanwene mu

    [27] Ɛna Jinn no nso Yedii kan bͻͻ no fri ogya kεterεma mu (ansa na yεrebͻ onipa)

    [28] Kae εberε a wo Wura Nyankopͻn ka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Merebεbͻ onipa afri nεteε a awoͻ a εnee wͻ mu a efri atεkyε a yanwene mu”

    [29] “Enti sε Menwene no pεpεεpε wie na Mehome Mehonhom gu ne mu a, monfa moho nkͻ fͻm na monfa moanim mmutu fͻm ma no

    [30] Enti Soro abͻfoͻ no nyinaa bͻͻ mu de wͻn anim butuu fͻm (brεε wͻn ho ase) maa (Adam)

    [31] Gyesε Ibliis, wampene sε ͻbεka wͻn a wͻ’de wͻn anim butuu fͻm (brεε wͻn ho aseε) no ho

    [32] Nyankopͻn kaa sε: “Ibliis, εdeεn na εha woͻ a w’annka wͻn a wͻ’de wͻn anim butuu fͻm no ho

    [33] (Ibliis) kaa sε: “Menyε obi a mede m’anim bebutu fͻm ama onipa a Wobͻͻ no fri nεteε a awoͻ a εnee wͻ mu a efri atεkyε a yanwene mu”

    [34] Onyankopͻn kaa sε: “Ɛneε fri ha kͻ, nokorε sε, yato wo atwene (afri Nyankopͻn ahummͻborͻ no mu)

    [35] Nokorε sε, Onyankopͻn nnomee wͻ woso kͻpem Akatua Da no

    [36] Ɔkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, εneε na mame berε (anaasε enku me) kosi Da a yεbenyane awufoͻ no“

    [37] Onyankopͻn kaa sε: “Woka wͻn a yama wͻn εberε no ho

    [38] Kͻpem Dͻnhwere no a yenim“

    [39] (Ibliis) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, sεdeε W’ama me ayera yi deε, nokorε sε, mεma (bͻne) ayε wͻn fε wͻ asaase so, na m’ayera wͻn nyinaa

    [40] Gyesε Wonkoa a wͻ’di nokorε a wͻn wͻ wͻn mu no “

    [41] Onyankopͻn kaa sε: “Woi ne kwan tenenee a εwͻ Menkyεn no “

    [42] “Nokorε sε, Menkoa no deε wonni tumi wͻ wͻn so, gyesε ayerafoͻ no a wͻ’bedi w’akyi no

    [43] Nokorε sε, Amanehunu gya no ne bea a yεde ahyε wͻn nyinaa bͻ

    [44] (Amanehunu gya no) wͻ apono nson, na εpono no mu biara wͻ (abͻneεfoͻ) sononko a yakyekyε (ama wͻn)

    [45] Nokorε sε, Nyame-surofoͻ no wͻ Soro aheman a nsuo aniwa wͻ mu no mu

    [46] (Yεbεka akyerε wͻn sε): “Monfa Asomdweε ne abotͻyεmu nwura mu”

    [47] Yebeyi ͻyaw die afri wͻn akoma mu ama wͻn atena onua dͻ mu, ahwε wͻn ho wͻn ho anim wͻ ahennwa so

    [48] Ɔberε biara nto wͻn, na yεmma wͻn mfri mu nso da

    [49] (Nkͻmhyεni), bͻ Menkoa no amaneε sε, nokorε Mene Bͻnefakyε Hene no, na Me ara nso Mene Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [50] Nokorε nso sε, M’asotwee na εyε asotwee a ano yεya paa

    [51] Fa Abraham ahͻhoͻ no ho amaneε no bͻ wͻn

    [52] Ɛberε a wͻ’baa nehͻ no, wͻ’kaa sε: “Salaam (Asomdweε)! (Abraham) kaa sε: ”Nokorε sε yesuro mo”

    [53] (Abͻfoͻ no) kaa sε: “Ennsuro, Yε’de abarimaa nimdefoͻ bi ho bͻhyε rebrε wo“

    [54] (Abraham) kaa sε: “Mode (awoͻ) ho bͻhyε rebrε me wͻ aberε a m’abͻ akͻkora? Ɛdeεn bͻhyε na mode rehyε me yi?”

    [55] (Abͻfoͻ no) kaa sε: ”Nokorε bͻhyε na yεde hyε woͻ no, enti hwε na w’ankͻka wͻn a wᴐn abamu abuo no ho“

    [56] (Abraham) kaa sε: ”Ayerafoͻ no mmom na wͻnya wͻn Wura Nyankopͻn ahummͻborͻ no ho abamubuo”

    [57] Obisaa wͻn sε: “Asomafoͻ, na moamaneε (paa) ne sεn

    [58] Wͻ’kaa sε: “Y’asoma yεn wͻ nnipa bͻnefoͻ bi hͻ (sε yεnkͻ sεe wͻn)

    [59] Mmom Lut abusuafoͻ no deε yε’bεgye wͻn nyinaa nkwa

    [60] Gyesε neyere: Y’ahyehyε sε ͻbεka wͻn a wͻ’bεka akyire no ho”

    [61] Ԑberε a Abͻfoͻ no baa Lut nkorͻfoͻ no hͻ no

    [62] Ɔkaa sε: ”Nokorε sε moyε nnipa bi a menni mo, (anaasε moyε ahͻhoͻ”)

    [63] Abͻfoͻ no kaa sε: ”Daabi, yεde (asotwee) a wͻn adwen nnsi wͻn pi wͻ ho no na yεde aba wo hͻ

    [64] Nokorε na yεde abrε woͻ no, na ampa sε nokorε na yεreka no

    [65] Enti fa w’abusuafoͻ no tu kwan anadwo, na di wͻn akyi, na hwε na momu biara antwa n’ani anhwε n’akyi, na mmom monkͻ faako a yahyε mo (sε monkͻ) no

    [66] Yε’maa no hunuu saa nhyehyεε no sε, saa nkorͻfoͻ no akyiri akwan bεyera anͻpa tutuutu

    [67] Kuro no mu foͻ no de anigyeε bae

    [68] Lut kaa sε: ”Nokorε sε woi nom yε m’ahͻhoͻ enti monhwε na moangu m’anim ase (wͻ wͻn anim)

    [69] Na monsuro Nyankopͻn, na monngu m’anim ase.“

    [70] Wͻ’kaa sε: “Yε’mraa wo sε gyae nnipa (ahͻho gyeε?”)

    [71] Lut kaa sε: ”Sε mobεyε saa deε a εneε memma mmaa nie “

    [72] (Nkͻmhyεni), Mede wonkwa di nse sε, nokorε, na wͻn wͻ anifira nsaborͻ mu redi akͻneaba

    [73] Enti nteamu denden no sͻͻ wͻn mu awia pue berε

    [74] Na Yε’danee (Sodom kuro) no ani butuu no, na Yε’tͻͻ aboͻ nsuo a efri Sijiil mu guu wͻn so

    [75] Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma wͻn a wͻ’hunu adeε (anaa wͻ’dwen, anaa wͻ’de betu wͻn ho foͻ)

    [76] Nokorε sε, (na saa nkuro no) wͻ, (efri Maka rekͻ Siria) ͻkwan tempͻn a εdaso wͻhͻ no so

    [77] Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema agyidiefoͻ no

    [78] Na ‘Ayikat’ anaasε nkorͻfoͻ a na wͻ’te Nnua mu no nso yε abͻneεfoͻ

    [79] Enti Ye’tuaa wͻn dwumadi bͻne no so ka. Wͻn mmienu no nyinaa wͻ ͻkwan tempͻn pefee no so

    [80] Abotan no mu foͻ no nso anye asomafoͻ no anni

    [81] Yε’de Yεn’sεnkyerεnee nso maa wͻn, nanso wͻ’danee wͻn ho frii ho

    [82] Na wͻ’dwidwa (anaasε wͻ’bͻne) mmepͻ no mu deyε afie anaasε atenaeε wͻ abodweε mu

    [83] Nanso asotwee no too wͻn anͻpa tutuutu

    [84] Deε wͻnsa kaeε no ho amma mfasoͻ amma wͻn

    [85] Yε’de nokorε na εbͻͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii no. Nokorε sε Dͻnhwere no reba, enti (Nkͻmhyεni), bu w’ani gu (ͻhaw ne ateeteε a boniayεfoͻ no de redi mo no) so wͻ ahummͻborͻ ne bͻne fafri mu

    [86] Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ɔbͻͻ adeε no, Ɔne Onimdefo no

    [87] Ampa sε Y’ama wo ‘Sab’al Masaani’ Nsεm pͻ nson a yεtaa kenkan de bͻ Nyankopͻn abodin εna Qur’aan Kεseε no

    [88] Na hwε na w’anyε aniwᴐmu wͻ deε Yε’de ama wͻn mu (nnipa) sononko-sononko no ho, na εmma wowerε nso nnho wͻ wͻn ho, na brε wataban ase fama agyidiefoͻ no

    [89] Na ka sε: “Nokorε sε, medeε meyε kͻkͻbͻni pefee

    [90] Sεdeε Yε’siane demaa akuo-akuo no

    [91] Wͻn a wͻ’akyekyε Akenkan Nwoma no mu, (gye εfa baabi die na wͻ’nnye baabi nnie) no

    [92] Enti (Nkͻmhyεni), Mede wo Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε Yε’bebisa wͻn nyinaa

    [93] Wͻ dwuma a na wͻ’die no ho asεm

    [94] Enti pae mu ka deε yahyε woͻ no, na twe woho fri abosomsomfoͻ no ho

    [95] Nokorε sε, Yεsom bo ma wo wͻ afεwdifoͻ no ho

    [96] Wͻn a wͻ’ayε anyame foforͻ aka Nyankopͻn ho no, εnkyε koraa wͻ’behunu

    [97] Ampa sε, Ye’nim yie sεdeε wͻ’rekeka no si fa ha wo wͻ w’akoma mu

    [98] Enti wodeε bᴐ wo Wura Nyankopͻn abodin na kamfo no, na ka wͻn a wͻ’de wͻn anim butu fͻm no ho

    [99] Na som wo Wura Nyankopͻn kͻpem sε (deε εda biribiara adi) pefee no bεba wo soͻ

    Surah 16
    An-Nahl

    [1] Onyankopͻn ahyεdeε no aba, enti εmma mo mmpere ho. Kronkron Hene ne no; Ɔkorͻn kyεn deε wͻ’de bata Neho no

    [2] Ɔnam N’ahyԑdeԑ so ma Soro abͻfoͻ no de Honhom (Adiyisεm) no siane ba Nenkoa no mu nea Ɔpε so sε: “Momͻ (adasamma) kͻkͻ sε: “Awurade foforͻ biara nni hͻ ka Me ho, enti monsuro Me”

    [3] Ɔde nokorε no na abͻ soro ne asaase, Ɔyε Okokuroko korͻn paa kyεn deε wͻ’de bata Neho no

    [4] Ɔbͻͻ nipa firi ahobaeε mu, na hwε sε ͻno ne otiafoɔ pefee

    [5] Ɛna W’abͻ nyεmmoa nso ama mo; wͻn ho no monya (ntaadeε a) εma mo ͻhyew, san (nya) mfasoͻ pii fri wͻn ho; na wͻn mu bi nso mowe (wͻn nnam)

    [6] Monya wͻn ho anigyeε nso wͻ berε a mode wͻn reba fie anyumerε ne εberε a mode wͻn rekͻ adidi anͻpa

    [7] Wͻ’soa moadesoa nso dekͻ nkuro so a, anka mobεbrε moho paa ansa na moaduru hͻ. Nokorε sε mo Wura Nyankopͻn yε Ayεmyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [8] (W’abͻ) apͻnkͻ ne mfunumu-pͻnkͻ ne mfunumu, sεdeε mobεtena wͻn so, na asan ayε afεfεdeε (ama mo); na Ɔbͻ adeε nso a monnnim

    [9] Onyankopͻn na εyε N’asεdeε sε Ɔkyerε kwan tenee no; na akwan no bi nso wͻ hͻ a amane. Sε εyε Nepε a, anka Ɔbεkyerε mo nyinaa kwan (tenenee no)

    [10] Ɔno na Osiane nsuo fri soro a emu bi na monom, εna ebi nso na yεdema nnua a mo nyεmmoa die no nso (nyini)

    [11] (Ɔsan nso) de ma mfudeε ne ngo nnua ne akyiresua nnua, ne bobe ne nnuaba ahodoͻ nyini ma mo. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi nom mu dema nnipa a wͻ’dwen

    [12] Ɛna W’abrε anadwo ne adekyeε ase ama mo, εna awia ne bosome ne nsonomma nso brε wͻn ho ase wͻ N’ahyεdeε mu. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema wͻn a wͻ’dwen

    [13] Deε W’adua ama mo wͻ asaase soͻ no nso gu ahodoͻ sononko-sononko. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema wͻn a wͻ’kaekaeε

    [14] Ɔno na W’abrε ͻpo ase sεdeε mobedi emu nam mono, na moayi emu agudeε a mode hyε. Na wohunu nsuom hyεn sε εnam mu, sεdeε mobεhwehwε N’adom, ne sεdeε mobeyi (Onyankopͻn) ayε

    [15] Ɛna Ɔde mmepͻ asisi asaase no so pintinn sεdeε εmma no nnwoso mo, εna (W’ayε) nsubͻnten ne akwan sεdeε mobenya kwan kyerε

    [16] Ɛna (W’ayε) nsohyεdeε, (wͻ asaase so), εna (W’ayε) nsoromma a wͻ’de hunu kwan

    [17] Enti Nea Ɔbͻͻ adeε no, obia ͻmmͻͻ (hwee) ne no na εsε? Adεn monkaekae

    [18] Sε mokan Nyankopͻn adom a monnhunu ano. Nokorε sε, Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [19] Onyankopͻn Nim deε mode suma ne deε moda no adie (nyinaa)

    [20] Wͻn a wͻ’fri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no ntumi mmͻ hwee, na wͻn ara nso yεbͻͻ wͻn

    [21] (Wͻ’yε) awufoͻ, wͻ’nnte ase, na wͻ’nnim εberε korͻ a yebenyane wͻn (afri awufuͻ mu)

    [22] Mo Nyankopͻn no yε Awurade baako. Wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no, wͻn akoma kyiri (sε wͻ’bεte sε Nyankopͻn yε baako), na wͻ’yε ahomasoͻ

    [23] Akyinnyeε biara nni ho sε Onyankopͻn Nim deε wͻ’de suma ne deε wͻ’da no adie (nyinaa). Nokorε sε, Ɔmpε wͻn a wͻ’yε ahomasoͻ no asεm

    [24] Sε yεka kyerε wͻn sε: ”Ɛdeεn na mo Wura Nyankopͻn asiane (ama Nkͻmhyεni) a?” Deε wͻ’ka nesε: “Tetefoͻ no anansesεm “

    [25] Wͻ’bεsoa wͻn adesoa no pεpεεpε wͻ Wusͻreε Da no, na εno akyiri no wͻn asan asoa wͻn a wͻ’yeraa wͻn no a nimdeε biara nni mu no nso adesoa. Nokorε sε, adesoa bͻne paa na wͻ’bεsoa no

    [26] Ampa sε, wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no pam (apam bͻne tiaa wͻn asomafoͻ no), nanso Onyankopͻn fri wͻn dan no fapem no ase dwiri gui maa εdan no mmͻsoͻ no fri soro beguu wͻn so; asotwee no fri faako a wͻ’nnim baa wͻn so

    [27] Afei Wusͻreε da no, Obegu wͻn anim ase na W’aka akyerε wͻn sε: ”M’ahokafoͻ no a wͻn ho nti motan (nkͻmhyεfoͻ no ne agyidiefoͻ no, san) ko tiaa wͻn no wͻ hen? “Wͻn a yama wͻn nimdeε no bεka sε: ”Nokorε, animguaseε ne ͻhaw bͻne bεka boniayεfoͻ no nnε da yi

    [28] “Wͻn a Soro abͻfoͻ yi wͻn nkwa aberε a wͻ’ayε bͻne atia wͻn kraa no, (wͻ’bԑpatu) abrԑ wͻn ho ase (aka sε): “Na yenni dwuma bͻne biara“. (Soro abͻfoͻ no beyi wͻn ano sε): “Daabi, nokorε sε, Onyankopͻn Nim dwuma a modiiε nyinaa.“

    [29] Enti monwura Amanehunu gya no pono no mu nkͻtena hͻ. Ԑhͻ yε asetena bͻne paa dema ahomasoͻfoͻ no

    [30] (Sε) y’ԑka kyerε wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn no sε: “Ɛdeεn na mo Wura Nyankopͻn asiane a“, deε wͻ’ka ne sε: “Papa nko ara“. Wͻn a wͻ’yεε papa wͻ wiase ha no, papa (ho akatua) na wͻ’benya. Daakye asetena no na εyε, na εno ne efie pa paa dema Nyamesurofoͻ no

    [31] Ɔsoro aheman a etim hͻ daa a nsubͻnten nenam aseε no mu na wͻ’bεkͻ, wͻ’nsa bεka deε wͻ’pε biara wͻ hͻ. Saa ara na Nyankopͻn tua Nyamesurofoͻ no ka

    [32] Wͻn a Soro abͻfoͻ yi wͻn nkwa wͻ kronkron yε mu no, wͻ’ka kyerε wͻn sε: “Salaamu alaikum (Asomdwiε nka mo)! Monkͻ Soro aheman no mu, εnam dwumadi (papa) a modiiε no ho nti “

    [33] Enti deε (boniayεfoͻ no) retwεn ne sε Soro abͻfoͻ bεba wͻn hͻ, anaasε wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε no bεba wͻn soͻ? Saa ara na wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no yͻeε. Onyankopͻn deε W’anni wͻn amim, na mmom wͻn ara na wͻ’dii wͻn ho amim

    [34] Enti wͻn bͻne a wͻ’yͻeε no ho asotwee too wͻn, maa deε na wͻ’di ho fεw no nso twaa wͻn ho hyiae

    [35] Deε wͻn a wͻ’de biribi abata Nyankopͻn ho no keka nesε: “Sε εyε Nyankopͻn pε a, anka yεn, anaasε y’agya nom ansom biribi anka Neho, na anka yammra biribi ka Nedeε no ho. Saa ara na wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no yͻeε. Enti εnyε Ɔsomafoͻ adwuma ara ne sε ͻbͻ asεm no ho dawuro kyerεkyerε mu anaa

    [36] Ampa sε, Yε’somaa Ɔsomafoͻ maa no kͻͻ ͻman biara so (de nkra hyεε n’ano sε): “Monsom Nyankopͻn, na montwe moho mfri abosomsom anaasε ͻbonsam ho. Wͻn mu bi wͻhͻ a Nyankopͻn kyerεε wͻn kwan, wͻn mu bi nso wͻhͻ a ͻno deε yera no yεε nokorε tiaa no. Enti montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻ’annye annie no awieε si wieε

    [37] (Nkͻmhyεni), sε woyere wo ho wͻ wͻn kwankyerε no ho mpo a, εneε nokorε sε Onyankopͻn deε Ɔntene obi a W’ayera no, na wͻ’nnya aboafoͻ nso

    [38] Wͻ’de Nyankopͻn di wͻn nse akεseε no sε: “Onyankopͻn nnyane obia wawuo (biara). Aane, (awufoͻ nyane no deε) εyε nokorε bͻhyε a εda Nesoͻ, nanso nnipa pii nnim

    [39] Sεdeε Ɔbεkyerεkyerε deε wͻ’nnte wͻn ho ase wͻ ho no mu akyerε wͻn, na wͻn a wͻ’nnye nnie no behunu sε nokorε, na wͻ’yε atorofoͻ

    [40] Nokorε sε, sε Yε’pε biribi a, Y’asεm a yεka kyerε adekorͻ no ara ne sε: “Yε’ “ Na ayε

    [41] Wͻn a wͻ’atu amantuo wͻ Onyankopͻn ho nti wͻ akyire yi a (boniayεfoͻ no) ayε wͻn bͻne no, Yε’bεma wͻn asetena pa wͻ wiase ha, na mmom Daakye akatua no na εsoo paa, sε anka wͻ’nim a

    [42] (Wͻ’ne) wͻn a wͻ’sii aboterε na wͻ’de wͻn ho too wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no

    [43] (Nkͻmhyεni), asomafoͻ a Yε’somaa wͻn dii w’anim kan no nyinaa na wͻ’yε nnipa na Yeyii Adiyisεm no maa wͻn. Enti (Quraishfoͻ), sε monnim a momisa wͻn a wͻ’kaekae (amanfoͻ no)

    [44] Nsεnkyerεnee pefee ne Nwoma (na Yε’de somaa asomafoͻ no), εna Y’asiane Afutusεm no de ama woͻ, sεdeε wobεkyerεkyerε deε yasiane ama wͻn no mu pefee akyerε wͻn sεdeε wͻ’benya adwen

    [45] Enti wͻn a wͻ’dwen adwen bͻne no ho atᴐ wᴐn sε Nyankopͻn mma asaase mmene wͻn, anaasε Ɔmma asotwee a wͻn nnim deε efire nnto wͻn anaa

    [46] Anaasε (wͻ’nnim sε Nyankopͻn) bεtumi asͻ wͻn mu wͻ εberε a wͻ’redi akͻneaba (wͻ wͻn nnyuma mu) a wͻ’nntumi nnsi ho kwan

    [47] Anaasε Ɔbetumi ama wͻn so ate anaa wͻn asa nkakrankakra? Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ayεmyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [48] Anaasε wͻ’nhunuu nneεma a Nyankopͻn abͻ; sεdeε nesunsum dane kͻ nifa so ne benkum so, brε neho ase ma Nyankopͻn wͻ ahobraseε paa mu

    [49] Abͻdeε a εwͻ nkwa a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa de wͻn anim butu fͻm ma Nyankopͻn anaasε wͻ’berε wͻn ho ase ma no; Soro abͻfoͻ nso, wͻ’nnyε ahomasoͻ (wͻ N’ahyԑdeԑ ho)

    [50] Wͻ’suro wͻn Wura Nyankopͻn a Ɔwͻ wͻn soro anaasε Ɔso bro wͻn soͻ no, na deε yahyε wͻn sε wͻnyε no εno ara na wͻ’yε

    [51] Onyankopͻn kaa sε: ”Monhwε na moanfa anyame mmienu, efrisԑ Nyankopᴐn no deԑ Ͻyԑ baako. Enti Menko ara na monsuro Me.”

    [52] Deε εwͻ soro ne asaase so nyinaa Ɔno na εyε Nedea. Ɔno na ͻsom ne anidie nyinaa yε Nedea aberε biara. Enti mofri Nyankopͻn akyi suro obi foforͻ anaa

    [53] Adom akyεdeε a mowͻ biara no Nyankopͻn hͻ na efire; afei sε ͻhaw bi to mo a, Ɔno na mosu frε no

    [54] Afei sε Ɔyi ͻhaw no fri mo so a, hwε, Momu fekuo bi de biribi bata wͻn Wura Nyankopͻn ho

    [55] Nam so ma wͻ’yi deε Yε’de ama wͻn no ho boniayε. Enti modeε monye moani, na εnkyε biara mobehunu

    [56] Wͻ’de deε Yε’de abᴐ wᴐn akᴐnhoma no mu kyεfa bi ma wͻn (abosom) a wͻ’nnim (wᴐn). ”Medͻ Nyame sε, sε εteε biara yεbebisa mo fa atorͻsεm a motwa no ho asεm

    [57] Wͻ’de mma mmaa susu Nyankopͻn. Kronkron Hene ne no. Deε wͻn akoma pε no na εwͻ wͻn

    [58] Sε yεde ͻbaa (awoͻ) ho amaneε bεbͻ wͻn mu bi a, na wamuna n’anim, na ͻhaw ne awerεhoͻ ahyε no mma

    [59] Ɔde neho sie fri nnipa no mu, εnam (ͻbaa a w’awoͻ no) ho amaneε a yεde bεbͻͻ no no ho nti. Ɔmfa aniwuo nye (neba baa no) anaa, anaasε ͻnkosie no (animono) wͻ nεteε mu? Ampa sε atemmu bɔne paa na wɔ’rebuo no

    [60] Wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no wͻ mfatoho bͻne, na Nyankopͻn na ͻwͻ mfatoho anaasε abodin a εkorͻn. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yɛ, Ɔne Onyansafoͻ no

    [61] Sε anka Nyankopͻn de adasamma bͻne retwe wͻn aso a, anka Onnyae abͻdeε baako mpo wͻ asaase so, na mmom Ɔbͻ wͻn to hͻ dema εberε a yahyε no. Sε wͻn berε no so a, εnka akyi dͻnhwere koraa na εnkͻ anim nso

    [62] Deε wͻn ara wͻ’mpε no na wͻ’de ma Nyankopͻn, wͻ’de wͻn kεterεma ka atorͻsεm sε: “Nneεma papa no yε wͻn dea“. Akyinnyeε biara nni ho sε, Ogya no bεyε wͻn dea, na yεbεgya wͻn wͻ mu korakorakora

    [63] “Medͻ Nyame sε, ampa Yε’somaa asomafoͻ kͻͻ aman aman a wͻ’dii w’anim kan no so. Nanso ͻbonsam maa wͻn dwumadie yεε wͻn aniso fε. Enti ͻne wͻn kyitaafoͻ nnε (da yi). Wͻn wͻ asotwee a εyε ya papaapa (Daakye) “

    [64] (Nkͻmhyεni), Deԑ nti Ye’sianee Nwoma no maa woᴐ nesε wode bεkyerεkyerε deε wͻ’nnya wͻn ho nteaseε wͻ ho no mu akyerε wͻn, na εyε kwankyerε ne ahummͻborͻ ma amanfoͻ a wͻ’gye die no

    [65] Onyankopͻn siane nsuo fri soro de benyane asaase wͻ newuo akyi. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’tie (Onyankopͻn asεm no)

    [66] Nokorε, nyεmmoa no nso adesua wͻ mu ma mo. Monom deε εwͻ wͻn yafunu mu a efri wͻn tiafi ne wͻn mogyaa ntεm a εyε nufusuo a εyε dε dema wͻn a wͻ’nom no

    [67] Ɛna akyiresua ne bobe aba no nso monya nsa ne akͻnhoma papa fri mu. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma nnipa a wͻn wͻ nteaseε anaasε wͻ’dwen

    [68] Wo Wura Nyankopͻn yi kyerεε wowa sε: “Fa mmepͻ ne nnua mu ne deε (nnipa) asisie yε w’atenaeε

    [69] Na afei di nnuaba biara bi, na fa ahobraseε nante wo Wura Nyankopͻn kwan no so. Anomdeε a ani gu ahodoͻ sononko-sononko fri neyεm a εma nnipa ayaresa wͻ mu. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’dwen

    [70] Onyankopͻn na Ɔbͻͻ mo, εna Ɔbεsan ama mo awuo. Na momu bi wͻhͻ a yεsan ma no (nyini) kͻyε posoposo a nimdeε a onyaeε akyiri no na ͻnsan nnim hwee bio. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, na Ɔne biribiara so Tumfoͻ

    [71] Onyankopͻn apagya (nnipa) no bi akyεn bi wͻ adom akyεdeε (ahonya, nimdeε, adwen nyansa ne deε εkeka ho) mu. Wͻn a yapagya wͻn no mfa wͻn akyεdeε no mma wͻn (nkoa ne wͻn mfenaa) a wͻ’yε wͻn dea no mma wͻ’nnyε pε da. Enti wͻ’bεpo Nyankopͻn adom no

    [72] Onyankopͻn ama mo ahokafoͻ (ͻyerε) a ofiri mo ara mo mu (anaasε wͻ’tesε mo ara), εna W’abͻ mma ne nananom afri moyerenom mu ama mo, εna Ɔde nneεma pa bͻ mo akͻnhoma. Enti nkontomposεm deԑ wͻ’gye di, na Onyankopͻn adom no deԑ wͻ’po

    [73] Wͻ’fri Nyankopͻn akyi som nneεma bi a entumi mma wͻn ͻsoro ne asaase so adom akyεdeε biara; na wͻ’nni tumi nso

    [74] Enti monhwε na moanfa Nyankopͻn anyε mfatoho, (efrisε biribiara ne no nsε). Nokorε sε, Onyankopͻn na Onim, na modeε monnim

    [75] Onyankopͻn reyε mfatoho bi: ”Akoa bi a ͻhyε obi aseε a onni tumi biara, εna ͻbaako nso Y’adom no akyεdeε papa εna oyi bi dema wͻ kokoa mu ne badwa mu. Enti wͻn mmienu yε pε?” Aseda no wͻ Onyankopͻn, nanso nnipa pii nnim

    [76] Onyankopͻn reyε mfatoho bio: ”Mmarima mmienu (bi na εwͻ hͻ), wͻn mu baako yε mum a onni hwee so tumi na w’ayε adesoa ama ne wura no, faako a ͻbεsoma no biara no ͻnfa papa biara mma. Enti saa nipa yi ne obia ͻhyε (amanfoͻ) ma wͻ’yε papa, na ͻnam kwan tenenee soͻ no na εsε?”

    [77] Ɔsoro ne asaase so ahuntasεm nyinaa wͻ Nyankopͻn. Dͻnhwere no ho asεm no deε εtesε deε w’abͻ w’ani prε, anaasε εbεn (mpo kyεn saa). Nokorε sε, Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi

    [78] Onyankopͻn na Oyii mo fri mo maame nom yafunu mu aberε a na monnim hwee, εna Ɔma mo te asεm, san ma mo hunu adeε, san ma mo akoma sεdeε mo beyi (no) ayε

    [79] Enti wͻ’nnhunuu nnomaa a wͻ’’tu nenam mframa mu wͻ ewiem no? Obiara nnihͻ a okuta wͻn mu, na mmom Onyankopͻn. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema nnipa a wͻ’gye die no

    [80] Onyankopͻn ayε moafie mu tenabea (ama mo), εna W’ayε mmoa nwoma nso afie (ntoma dan anaasɛ “Tent” ama mo), εna W’ama emu ayε hare a motumi soa wͻ da a moretu kwan ne da a moretena (baabi). Wͻn ho nwii no nso yε efie asiesie deε, ne anigye deԑ de kͻpem berε bi

    [81] Onyankopͻn ayε nneεma a W’abͻ no mu bi (tesε nnua ne adan) enyunu (ama mo), εna W’ayε mmepͻ no nso bi soεberε ama mo, εna W’ayε ntaadeε a εbͻ moho ban fri ͻhyew ho, εna W’ayε akotadeε a εbͻ moho ban wͻ mo koo mu ama mo. Saa ara na Ɔde N’adom no awie moso sεdeε mobεbrε moho ase (ayε Islam)

    [82] Sε wͻ’dane wͻn ho (fri nokorε no ho) a, wodeε w’adwuma ne sε wobεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu

    [83] Wͻnim Onyankopͻn adom no nanso wͻ’po; wͻn mu dodoͻ no yε boniayԑfoᴐ

    [84] Ɛda no a Yε’beyi ͻman biara danseni no, afei yεmma wͻn a wͻ’anye annie no kwan (sε wͻ’bεpa kyεw) anaasε wͻ’bεsrε bͻnefakyε

    [85] Sε abͻneεfoͻ no hunu asotwee no a, yεnngo mu mma wͻn koraa, na yεmma wͻn ahomegye berԑ nso

    [86] Sε wͻn a wͻ’de biribi bataa Nyankopͻn ho no hu wͻn a wͻ’de wͻn bataa (Nyame) ho no a, wͻ’bεka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, woi nom ne yεn mmatahoofoᴐ no a na yefri W’akyi su frε wͻn no. Enti wͻ’nso bεto asεm no ama wͻn sε: ”Nokorε sε moyε atorofoͻ”

    [87] Saa Da no, wͻ’de ahobraseε no (nyinaa) bεma Onyankopͻn nko ara, na nkontompo a wͻ’twaeε no nyinaa betu ayera wͻn

    [88] Wͻn a wͻ’yi boniayε na wͻ’si (amanfoͻ) kwan fri Nyankopͻn kwan no soͻ no, Yε’de asotwee bεka asotwee ho ama wͻn, εnam wͻn nsεmmͻnee a wͻ’die no ho nti

    [89] Ɛda a Yε’beyi ͻdanseni afri ͻman biara mu wͻ wͻn ara mu ama wͻn adi adanseε atia wͻn no, (Nkͻmhyεni), Yε’de wo nso bεba ama w’abedi woi nom ho adanseε. Y’asiane Nwoma no a εkyerεkyerε biribiara mu pefee, na εkyerε kwan, na εyε ahummͻborͻ ne anigyesεm dema Muslimifoͻ no ama wo

    [90] Nokorε sε, deε Nyankopͻn rehyε mo sε monyε ne: Nokorε die, ne ayεmyε, ԑna afei (mobεboa) abusua; afei Ɔrebra mo ahohwisεm ne amumuyε; (Nyankopͻn) retu mofo sεdeε mobεfa adwen

    [91] Na moni Onyankopͻn apam no so, wͻ εberε a moayε apam no, na monhwε na moamu nsedie no so wͻ aberε a moama no adi mmu; na ampa sε mode Nyankopͻn ayε mo Kyitaafoͻ. Nokorε sε Nyankopͻn Nim dwuma a modie nyinaa

    [92] Monhwε na moankͻyε tesε ͻbaa no a ofiraa n’asaawa na akyire yi a εyεε den no ͻtetee mu asinasin no. Mobεfa montԑm nsedie de adaadaa moho sε, nnipa kuo bi dͻͻso kyεn nnipa kuo foforͻ bi nti. (Woi ne deε) Nyankopͻn deyε mo nsͻhwε. Wusͻreε da no Ɔbεkyerεkyerε deε na monte moho ase wͻ ho no mu akyerε mo

    [93] Sε Nyankopᴐn pε a, anka Ɔyεε mo ͻman baako, na mmom ͻyera obia Ɔpε, εna Ɔkyerε obia Ɔpε no nso kwan. Ampa sε yεbebisa mo dwuma a modiiε no ho asεm

    [94] Monhwε na moanfa monsedie annaadaa moho-moho, (sε εba saa a) εbεma (mo) nan a anka agyina pintinn no apatri (ama mo ahwease), na moakͻka bͻne ahwε εnam Nyankopͻn kwan a mosii (amanfoͻ kwan) wͻ ho no nti, εneε na asotwee kεseε bεyε mo dea

    [95] Monhwε na εnam sika kakra bi ho nti moantͻn Nyankopͻn apam (no anni). Nokorε sε deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no, εyε ma mo

    [96] Deε εwͻ monkyεn no betwam, na deε εwͻ Nyankopͻn hᴐ no deε εwͻ hͻ daa. Nokorε sε, wͻn a wͻ’sii aboterε no dwumadi pa a wͻ’diε no, yεbεma wͻn ho akatua pa paa

    [97] Obi a ͻbedi dwuma pa bi no, sε ͻyε ͻbarima anaasε ͻbaa na ͻyε gyidieni a, Yε’bεma no atena asetena pa mu, na ampa nso sε Yε’bεma wͻn dwuma a wͻ’diiε no so akatua pa paa

    [98] Enti sε wokenkan Qur’aan a, hwehwε Nyankopͻn hͻ ntwitwagyeε firi ͻbonsam a yabͻ no dua ato no atwene no ho

    [99] Nokorε sε onni tumi wͻ wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’de wͻn ho ato wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no so

    [100] Na mmom ne tumi no wͻ wͻn a wͻ’de wͻn ho ama no, na wͻ’fa no yͻnkoͻ no so, ne wͻn a wͻ’de biribi bata Nyankopͻn ho no

    [101] Sε Yε’sesa asεm bi de asεm (foforᴐ) bԑhyԑ anaamu a, Nyankopͻn Nim deε W’asiane aba no. Deε wͻ’ka nesε: ”Wo ara na w’abͻ wotri mu”. Ԑnte saa, wͻn mu dodoͻ no ara nnnim

    [102] (Nkͻmhyεni), Ka sε: “Honhom kronkron (Ɔbͻfoͻ Gabriel) de Nokorε no na esiane firi wo Wura Nyankopͻn hͻ, sεdeε εbεma wͻn a wͻ’agye adie no agyina pintinn, na ayε kwankyerε ne anigyesεm ama Muslimifoͻ no

    [103] Ampa sε Ye’nim sε wͻ’keka sε: ‘’Onipa na ͻkyerε no’’. Obia wͻn adwen amane kͻ sε (ͻno na ͻkyerε woͻ no) ͻka potͻ kasa, (anaasε saa nipa no nnte Arab kasa), (Qur’aan) woi nso yε Arab kasa pefee

    [104] Nokorε sε, wͻn a wͻ’nnye Nyankopͻn Nsεm no nnie no, Nyankopͻn nnkyerε wͻn kwan, na wͻn wͻ asotwee a εyε ya paa

    [105] Wͻn a wͻ’fa Nyankopͻn Nsεm no sε atorͻsεm, na wͻ’bͻ wͻn trim twa nkontompo no, saa nkorͻfoͻ no ne atorofoͻ no

    [106] Obia ne gyedie akyi wa’po Nyankopͻn; - εnyε obia yahyε no so (sε ͻmpo Nyame), na gyidie ho abotͻyεmu wͻ n’akoma mu- na mmom obi a wabue n’akoma mu ama boniayε no, Nyankopͻn abufuo wͻ wͻn so, na wͻn wͻ asotwee kεse (retwεn wͻn)

    [107] Ɛne sε, wͻ’pε wiase kyεn Daakye no. Nokorε sε Nyankopͻn deε Ɔnkyerε boniayεfoͻ no kwan

    [108] Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn atua wͻn akoma ne wͻn aso ne wͻn ani no, na wͻn na wͻn werε afiri (wͻn ho no)

    [109] Akyinnyeε biara nni ho sε, Daakye no wͻ’ne berεguofoͻ no

    [110] Afei nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bεyε ama wͻn a yεhyεε wͻn aniεyaa, na akyire yi wͻ’tuu amantuo na afei wͻ’bͻͻ mmͻden na wͻ’nyaa aboterε no, nokorε sε εno akyi no wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [111] Ɛda no a akra nyinaa bεba, na obiara repere neti no, yεde ͻkra biara dwuma a odieε ho akatua pεpεεpε bεma no a yenni wͻn amim

    [112] Onyankopͻn reyε mfatoho bi: “Na kuro bi wͻhͻ a asomdweε ne ahotᴐ wͻ mu a emu akͻnhoma firi mea mea ahodoͻ nyinaa ba ma no bu soͻ. Nanso wͻ’poo Nyankopͻn adom no. Enti Nyankopͻn maa wͻ’kaa ͻkͻm paa ne ehu hwεe, εnam deε wͻ’yͻeε no ho nti“

    [113] Ampa sε Ɔsomafoͻ firi wͻn mu baa wͻn hͻ nanso w’annye no anni, enti asotwee no too wͻn wͻ berε a na wͻ’yε abͻneεfoͻ

    [114] Enti moni deε Nyankopͻn de abͻ mo akͻnhoma no a εkwan wͻ ho na εyε, na monyi Nyankopͻn adom no ho ayε, sε Ɔno na moresom no ampa a

    [115] Deε W’abra mo ne abͻfo (anaasε aboa a ͻno ara awuo), ne mogya, ne prako-nam, ne deε ya’bͻ edin foforͻ bi a εnyε Nyankopͻn din na agu so aku no; na mmom obi a ahokyerε de no bεkͻ mu, na εnyε boayͻ anaa (adwen) bͻne no, εneε nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ. Hene

    [116] Monhwε na moanfa mo kεterεma ankeka nkontomposεm a mokeka no sε: “Woi deε “Halaal’ εkwan wͻ ho, na woi deε ‘Haraam’ ya’bra (aberε a monni nyinasoͻ biara) sεdeε mobεbͻ motrim atwa nkontompo ato Nyankopͻn soͻ“. Nokorε sε wͻn a wͻ’bͻ wͻn trim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ no nni nkonim

    [117] (Wᴐn) anigyeε no yε kakraabi; na wͻn wͻ asotwee a εyε ya paa

    [118] Wͻn a wͻ’yε Yudafoͻ no nso, Yε’braa wͻn deε Y’adikan aka ho asεm akyerε woͻ no. Y’anni wͻn amim na mmom wͻn ara na wͻ’dii wͻn ho amim

    [119] Afei nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn, wͻn a wͻ’yε bͻne na wͻ’nnim na akyire yi wͻ’sakra wͻn adwen na wͻ’di dwuma pa no nokorε, εno akyi no, wo Wura Nyankopͻn Ɔne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [120] Nokorε sε, na Abraham yε ͻman anaa onipa a yεhwε no sua nesoͻ; ͻbrεε neho ase demaa Nyankopͻn, na ͻtene, na na ͻnka abosomsomfoͻ no ho

    [121] (Na ͻyε onipa a) ͻwͻ nkaeε wͻ Nyankopͻn adom no ho. Onyankopͻn yii no, εna Ɔkyerεε no kwan kͻͻ kwan tenenee no soͻ

    [122] Yε’maa no wiase asetena pa, na nokorε sε Daakye no mu no ͻka apapafoͻ no ho

    [123] (Nkͻmhyεni), afei Y’ayi ama wo sε: ”Di ͻteneneeni Abraham som no akyi, na ͻnka abosomsomfoͻ no ho

    [124] Sabat no deε yεyε demaa wᴐn (Yudafoͻ) no a wͻ’gye ho akyinnyeε no. Nokorε sε wo Wura Nyankopᴐn bebu wɔn ntεm atεn wͻ deε wͻ’gye ho akyinnyeε no wͻ Wusͻreε da

    [125] Fa adwen no ne afutupa no frε (amanfoͻ) kͻ wo Wura Nyankopͻn kwan no so, na wone wͻn nye akyinnye wͻ kwan pa so. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn na Onim obia wayera afri Nekwan no soͻ, εna Onim wͻn nso a wͻ’anya tenenee no

    [126] Sε moretua wͻn so ka (wͻ aniεyaa a wͻ’de ahyε mo no) a, εneε montwe wͻn aso pεpεεpε sεdeε wͻ’hyεε mo aniεyaa no ara. Na mmom sε monya aboterε nso a, anka εno na εyε dema aboterεfoͻ no

    [127] Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε, na w’aboterε no befri Nyankopͻn mmoa mu, na εmma wo werε nnho wͻ wͻn ho, na εnnha wo ho wͻ wͻn adwen (bͻne) a wͻ’refa no ho

    [128] Nokorε sε, Nyankopͻn ka wͻn a wͻ’suro Nyame, ne wͻn a wͻ’yε ayεmyε no ho

    Surah 17
    Al-Israa

    [1] Kronkron Hene no ne Nea Ɔde Na’koa (Muhammad) tuu kwan anadwo firi (Maka) Nyamedan kronkron no ho kͻͻ (Yerusalam) Aqsoa Nyamedan a nhyira atwa ho ahyia no ho no, sεdeε Yε’bεkyerε no Yεn nsεnkyerεnee no mu bi. Nokorε sε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara na Ɔno ara nso na Ohunu biribiara

    [2] Yε’de Nwoma no maa Mose, na Yε’yεε no kwankyerε (Nwoma) demaa Israel mma no sε: ”Monhwε na moanfri M’akyi amfa okyitaafoͻ biara

    [3] (Agyidiefoͻ) a Yε’soaa wͻn (wͻ nhyεmma no mu) kaa Noa ho no asefoͻ!” Nokorε sε na Noa yε (Nyankopͻn) akoa a oyi ayε (anaasε ͻwͻ nkaeε)

    [4] Yε’daa no adi maa Israel mma no wͻ Nwoma no mu sε: “Mobεyε bͻne wͻ asaase no so mprenu, na mobεyε asoͻden ne ahomasoͻ kεse”

    [5] Ɛberε a kͻkͻbͻ no mmienu mu deε edikan no baeε no, Yε’somaa Yε’nkoa a wͻn akodie mu yεden baa mo so. Wͻ’wurawuraa afie mu hwehwεε mu. Na εyε kͻkͻbͻ a εyεε hͻ

    [6] Afei Yε’maa mo kwan bio maa modii wͻn so nkonim. Na Yε’maa mo sika ne mma, na yεmaa mo dͻͻso wͻ ahoͻden mu

    [7] Sε moyε papa a, moyε papa ma mo kraa, sε moyε bͻne nso a etia no. Enti εberε a kͻkͻbͻ a etwa toͻ no baeε no (Yε’maa atamfoͻ no kwan) sεdeε wͻ’bεsεe moanim (anaa wͻ’begu moanim aseε), na wͻ’bewuraa Nyame-dan no mu sεdeε wͻ’wuraa mu kane no, sεdeε wͻ’bεsεe deε wͻn nsa bεka biara korakorakora

    [8] Ebia mo Wura Nyankopͻn behu mo mmͻbͻ. Na sε mosan (kͻ bͻne mu bio) a, Yε’bεsan (atwe moaso). Na Ya’yε Amane-hunu gya no afiase ama boniayεfoͻ no

    [9] Nokorε sε, saa Qur’aan yi kyerε (nnipa) kwan kᴐ deε εyε paa, na εbͻ agyidiefoͻ no a wͻ’redi dwuma pa no anohoba sε, wͻn wͻ akatua kεseε paa (da wͻn anim)

    [10] Wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no nso Y’asiesie asotwe a εyε ya paa ama wͻn (wͻ Daakye Atemmuda)

    [11] Sԑdeԑ anka ԑsԑsԑ onipa bͻ mpae pa no ᴐbͻ mpae bᴐne efrisε, onipa yε mpepreho

    [12] Ya’yε adesaeε ne adekyeε nsεn-kyerεnee mmienu: Yε’ma adesaeε (sum) nsεnkyerεnee no fri hͻ, εna Y’ama adekyeε {hann) nsεnkyerεnee no da adi pefee, sεdeε mode bεhwehwε mo Wura Nyankopͻn hͻ adom, ne sεdeε mode behunu mfi dodoͻ ne nkontabuo. Y’akyerεkyerε biribiara mu ada no adi pefee

    [13] Yε’de onipa biara dwumadie (anaa nehyԑberԑ) asεn nekͻn mu, na Yε’beyi no adi akyerε no wͻ Wusͻreε da no, na ͻbehunu no (tesε) nwoma a yabue mu

    [14] (Yεbεka akyerε no sε): “Kenkan wo nwoma. Wo ara wo som bo (sε) wobu woho akonta nnԑ da yi“

    [15] Obia ͻbεtenee no, ͻtene ma ne ho; na obi a ͻbεyera no nso ͻyera tia ͻno ara ne kraa. Obi a ͻso adesoa no nnsoa obi foforͻ adesoa. Na yεnntwe (nnipa bi) aso, gyesε Ye’tu ͻsomafoͻ (ba wͻn hͻ bεbͻ wͻn kͻkͻ) ansa

    [16] Sε Yε’pε sε Yε’sεe kuro bi a, (Yedi kan) de ahyεdeε berε emu adefoͻ no, na w’ayε ho bͻne, na asεm no nokorε no atia wͻn, na Ya’sεe ͻman no pasaa

    [17] Awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ sεn na Ya’sεe wͻn wͻ Noa akyi? Wo Wura Nyankopͻn som bo sε Ɔbͻ N’akoa bͻne a ͻyε ho amaneε, na N’ani tua biribiara

    [18] Obi a ͻpε (wiase asetena) a εde ntεm pε retwa mu kͻ yi, Yε’yε no ntεm de mu deε Yε’pε ma nea Yε’pε. Afei na Y’ayε Amanehunu gya no ama no; yεbεhye no agu n’anim ase ayi no ama

    [19] Obi nso a ͻpε Daakye no na ͻbͻͻ ho mmͻden biara a εsεsε ͻbͻ, na (saa nipa no) yε gyidieni no, saa nkorͻfoͻ no mmͻdemmͻ no ho wͻ aseda (anaasε akatua a εsom bo)

    [20] Wo Wura Nyankopͻn akyεdeε no mu, Yε’de ma obiara, woi anaasε woi. (Biribiara) nnsi wo Wura Nyankopͻn akyεdeε no kwan sε yεde bεma obi

    [21] Hwε sεdeε Ya’si ama nnipa no bi so akyεn ebinom. Nokorε sε Daakye gyinaberε no na εsoo paa (na εhͻ) na abaso bͻ kεseε paa no (wͻ)

    [22] Hwε na w’anfa awurade foforͻ bi anka Nyankopͻn ho, anhwε a watena ase (wͻ Amanehunu gyem wͻ) animguaseε ne ahokyere mu

    [23] Wo Wura Nyankopͻn ahyehyε sε: “Monhwε na moansom (ade foforͻ biara) gyesε Ɔno nko ara, na monyε ayεmyε anaa papa ma (mo) awofoͻ. Sε wͻn mu baako anaasε wͻn mmienu nyini duru akͻkora ne aberewa bͻ berε mu bεto wo a, hwε na wanka kasa bi a εnyε obuo ankyerε wͻn, na εndwoodwoo wͻn, na ka kasa dε anaa kasa a obuo wͻ mu kyerε wͻn

    [24] Na brε ahobraseε ataban a ahummͻborͻ wͻ mu ase ma wͻn; na ka sε: ”Me Wura Nyankopͻn, hu wͻn mmͻbͻ sεdeε (wͻ’huu me mmͻbͻ) tetee me wͻ me nkͻdaa berε mu no”

    [25] Mo Wura Nyankopͻn Nim deε εwͻ moakoma mu. Sε moyε apapafoͻ a, nokorε sε Ɔno ne Bͻnefakyε Hene dema wͻn a wͻ’dane wͻn ho ba (Ne hͻ)

    [26] Fa obusuani a ͻbεn (woͻ) ne ohiani ne ͻkwantuni nso asεdeε ma no; na hwε na wamma no ammu so ansεe adeε

    [27] Nokorε sε, obi a ͻsεe (adeε) basabasa no ne nua ne abonsamfoͻ no, na ͻbonsam ayi ne Wura Nyankopͻn boniayε

    [28] Sε wodane woho fri (obusuani anaa ohiani anaa ͻkwantuni no) ho de hwehwε wo Wura hͻ ahummͻbrͻ a wanida soͻ no a, ka asεm a emu dwoͻ kyerε wͻn

    [29] Ԑmma wonsa nkyekyere mmͻ wo kͻn ho (anaasε hwε na woanyε pεpεε anaa εmmͻ ayεmuͻnyono), na εntene mu nso nyinaa (anaasε ma wadekyεε nyε hͻ-ne-hͻ), anhwε a watena ase anunu (wo ho) ama woho akyere wo

    [30] Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bae akͻnhoma no mu dema obi a Ɔpε, εna Osusu (nso ma obi a Ɔpε). Nokorε sε N’ani tua Nenkoa (dwumadie) na Ohu nso

    [31] Monhwε na moanfa ohia ho huu ankunkum mo mma. Yεn na yε’bͻ wͻn ne mo nyinaa akͻnhoma, nokorε sε, mma akunkum-akunkum no yε mfomsoͻ kεseε paa

    [32] Monhwε na moammεn adwaman, efrisε εyε ahohwisεm ne ͻkwan bͻne paa

    [33] Monhwε nso na moannkum onipa a Nyankopͻn abra (ne kum, anaa Wayε no kronkron), gyesε εnam ne kwan so. Obia yεbeku no ͻkwan bͻne soͻ no, nokorε sε Y’ama ne kyitaafoͻ no tumi (sε ͻhwehwε atεn teneee, anaasε ͻgye mogya ho sika anaasε ͻde kyε); nanso ͻnhwε na wanyε bͻne wͻ okum no ho, efirisε, (aban) bεboa no

    [34] Monhwε na moammεn awisiaa agyapadeε anaa nesika, na mmom gyesε ͻkwan pa so, kͻpem sε obenyin. Na moni (mo) bͻhyε so; nokorε sε, yεbebisa bͻhyε ho asεm

    [35] Sε mohyε (adeε wͻ bͻtͻ anaasε konku mu) a monhyε ma εnyε mma, na monfa nsania a εyε nsusu (adeε mma amanfoͻ). Saa na εyε, εna (εma) awieε pa

    [36] Hwε nso na w’anni deε wonni ho nimdeε (anaa wonhunuuε anaa wonteeε) akyi, efrisε, deε aso ateε, ne deε ani ahu, ne deε akoma adwen, woi nom nyinaa (Onyankopͻn) bebisa ho asεm

    [37] Na εmfa ahomasoͻ nnante wͻ asaase no so. Nokorε sε, wontumi (ntia so) mma asaase no mmu ngu mu, na wontumi nso (ntenten ne) bepͻ tenten nyε pε

    [38] Woi nom nyinaa yε bͻne na εyε akyiwadeε wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ

    [39] Woi nom ka nyansa, adwen (ne suban pa) a wo Wura Nyankopͻn ayi akyerε woͻ no ho. Na εnyε nyame foforͻ bi nnka Nyankopͻn ho, (sε ԑba saa a,) yԑbԑto wo atwene Amanehunu gyem, abᴐ wo soboᴐ, apo wo (ayi wo afri Nyame ahummᴐborᴐ no mu)

    [40] Enti mo Wura Nyankopͻn ayi mma mmarima ama mo, εna W’ayi mma mmaa wͻ soro abͻfoͻ no mu ama ne ho? Nokorε sε nsεm akεseε paa (a εmfata) na moka

    [41] Nokorε nso sε, Y’akyerεkyerε (nsεm ahodoͻ) pii mu wͻ saa Qur’aan yi mu sεdeε wͻ’bεfa adwen, nanso εmma wͻn nkͻsoͻ biara, na mmom (nokorε no ara) na wͻ’redwane (fri ho)

    [42] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε anyame bi ka Ne ho sεdeε wᴐrekeka no a anka (saa anyame no mpo) bεhwehwε kwan a εde kͻ Tumi Ahennie Wura Nyankopͻn no hͻ (asom no)

    [43] Kronkron hene, Okokuroko ne no, Ɔkorͻn, so kyεn deε wͻ’rekeka no

    [44] Ɔsoro nson ne asaase ne deε εwͻ mu (nyinaa) bͻ no abodin. Biribiara nni hͻ a εnfa Nyankopͻn aseda ne N’abodin mma no, nanso monnte ͻkwan a wͻ’fa so bͻ abodin no ase. Nokorε sε, Ɔyε Ntoboaseε Hene, Ɔne Bͻnefakyε Hene

    [45] Sε worekenkan Qur’aan no a, Yε’de ntwaremu a asuma (anaa ani nnhunu) tware wo ne wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no ntεm

    [46] Yε’de mmuasoͻ nso bua wͻn akoma so sεdeε wͻ’nnte aseε, na wͻn aso mu nso akraa wͻ mu; sε wo bͻ wo Wura Nyankopͻn nko ara din wͻ Qur’aan no mu a, wͻ’dane wͻn akyi dema, dwane (fri Nokorε no ho)

    [47] Yenim deε wͻ’tie wͻ εberε a wͻ’retie woͻ no, ne εberε a wͻ’betu agyina kokoa mu no, abͻneεfoͻ no ka sε: “Onipa a konya anya no na modi n’akyire”

    [48] Hwε sεdeε wͻ’resi yε mfatoho ama woͻ. Enti wͻn ayera na wͻ’ntumi nnhunu kwan no

    [49] Deɛ wͻ’ka nesε: “Sε (yewu na) yε’yε nnompe, porͻ tete dane nεteε a, yε’bεsan anyane sε abͻdeε foforͻ (bio)

    [50] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Modeε (mopε a) monyε boͻ anaa dadeε

    [51] Anaasε abͻdeε bi a, moakoma mu no εyε den (sε εbetumi asan aba nkwa mu bio)“. Wͻ’rebebisa sε: “Hwan na ͻbεsan (de) yεn (aba nkwa mu) bio no?“ Ka sε: “Nea Ɔbͻͻ mo (wͻ εberε a) edi kan no (mu no ara). Wͻ’bεwoso wͻn ti agu wo so na wͻn aka sε: “Ɛberε bεn ne no?” Kasε: ”Ebia na abεn mpo“

    [52] Ɛda a (Nyankopͻn) bεfrε mo no, mode N’aseda bεgye no so, na mo bεdwen sԑ εberε tiaa bi na mode tenaa (wiase)

    [53] Kakyerε Menkoa no sε wͻnka kasa pa, efrisε, ͻbonsam rehyε wͻn ntεm takara wͻ gyem. Nokorε sε, ͻbonsam yε ɔtamfo pefee dema onipa dasani

    [54] Mo Wura Nyankopͻn Nim mo yie. Sε Ɔpε a Ɔbehu mo mmͻbͻ, anaasε Ɔpε nso a Ɔbεtwe moaso. Y’annsoma wo nso sε wo yε wͻn so hwεfoᴐ

    [55] Wo Wura Nyankopͻn nim wͻn a wɔn wͻ soro ne asaase soͻ no (nyinaa). Nokorε sε Yε’bͻͻ nkͻmhyεfoͻ no bi abaso kyεn bi, na Yε’de Zabuur maa Dawid

    [56] Ka sε: “Monfrε wͻn a modwen sε (wͻ’yε anyame) ka Neho no (tesε Yesu ne wͻn a wͻ’keka ho no). Wͻ’nni tumi sε wͻ’tumi yi ͻhaw bi fri mo soͻ anaasε wͻ’sesa (ͻhaw a ato mo no)

    [57] Wͻn a wͻ’su frε wͻn, (tesε Yesu ne wͻn a wͻ’keka ho) no ara nso hwehwε ͻkwan a εkͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ; wͻn a wͻ’bεn (Nyankopͻn) paa no mpo hwehwε N’ahummͻborͻ, na wͻ’suro N’asotwee no; efrisε, wo Wura Nyankopͻn asotwee no yε adeε a εsεsε (onipa) yε ho ahwεyie

    [58] Ͻman biara nni hͻ (a εbεka hͻ), na mmom Yε’bεsεe no ansa na Wusᴐreε da no (aba): anaasε yεde asotwee denden bεtwe n’aso. Na yatwerε εno wͻ Nwoma no mu

    [59] Biribiara nnsi Yεn kwan sε anka Yε’mfa nsεnkyerεnee (a Quraishfoͻ rebisa no) mma, na mmom tetefoͻ a wᴐ'dii kan no faa (nsεnkyerεnee a Yε’de maa wᴐn no) atorͻsεm. Yε’de yoma bedeε no maa Samuudfoͻ, (na woi yε) nsεnkyerεnee pefee, nanso wᴐ’yεε no bᴐne; na Yε’nfa nsεnkyerεnee no mma (kwa) na mmom yεde bεbͻ (nnipa no) hu

    [60] (Nkכmhyεni) kae εberε a Yε’ka kyerεε wo sε: “Nokorε, wo Wura Nyankopᴐn atwa nnipa ho ahyia”. Yε’yεε yikyerε a yeyi kyerεε wo (wͻ Sorokͻ da no mu,) ne Nnomee dua (Zaquum) a εwͻ Qur’aan mu no sεdeε εbεyε nsᴐhwε ama nnipa. Yε’rebͻ wͻn kͻkͻ deε, nanso εmma wͻn nkͻsoͻ biara gyesε asoᴐden kεseε paa

    [61] Kae εberε a Yε’ka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: ”Mommrε moho ase mfa moanim mutu fᴐm ma Adam”. Wͻ’brεε wᴐn ho ase de wᴐn anim butuu fͻm, gyesε Iblis. Ɔkaa sε: “Memmrε meho ase mma obia Wode nεteε na abͻ no?”

    [62] Ɔkaa sε: ”Woahunu? Woi na W’ahyε no animuoyam akyεn me! Sε Woma me berε kͻpem Wusͻreε da no a, nokorε sε mεyera n’asefoͻ no, gyesε kakraa bi”

    [63] Onyankopɔn kaa sε: “Fri hᴐ kͻ! Wɔn mu obi a obedi w’akyi no, nokorε sε Amane-hunu gya no bεyε moakatua, (εyε) akatua a ԑsombo anaa ԑfata (mo)

    [64] Fa wo nne frε wᴐn mu deε wobetumi, na boaboa w’asraafoͻ a wͻ’te apͻnkͻ soͻ, ne wͻn a wͻ’nam wͻn nan soᴐ ano nko ntia wᴐn, na ka wᴐn ho wͻ wͻn agyapadeε ne wͻn mma ho, na hyε wͻn bͻ. Deε ͻbonsam de bεhyε wͻn bͻ (biara) yε nnaadaa

    [65] Nokorε sε, Menkoa no deε, wonni tumi wͻ wͻn so. Wo Wura Nyankopͻn yε Okyitaafoͻ a Ɔsom bo (ma Nenkoa no)

    [66] Mo Wura Nyankopͻn no na Ɔma nsuo mu hyεn kͻ yͻͻ mamo wͻ ͻpo so sεdeε mode bεhwehwε N’adom. Nokorε sε Onyankopͻn hu mo mmͻbͻ

    [67] Sε ͻhaw bi to mo wͻ ͻpo no so a, deε mosu frε wͻn no nyinaa yera, gyesε Ɔno nko ara, nanso sε Ɔgye mo (demo) ba asaase so a, modane mo ho (de aseda kͻma abosom). Nnipa yε boniayε (onni nkaeε)

    [68] Enti moho atͻ mo sε Nyankopͻn mma mo mmem wͻ asaase no so fa baabi, anaasε Ɔnnsoma mframa den a aboͻ wͻ mu mma moso a (saa berε no) monnya okyitaafoͻ biara mma mo ho

    [69] Anaasε moho atͻ mo sε Nyankopͻn nnsan mmfa mo nnkͻ (ͻpo no so) mmerε bi bio, nnsoma mframa den mma no mmͻ mo na (ͻpo) mmfa mo, εnam mo boniayε no ho nti a (saa berε no) monnya ͻboafoͻ biara a (ͻbεko) atia Yεn wͻ ho

    [70] Nokorε sε, Y’ahyε Adam mma animuonyam, Yε’soa wͻn wͻ asaase so ne ͻpo so, na Yε’de nnepa na εbͻ wͻn akͻnhoma, na Y’abͻ wͻn aba so ahyε wͻn animuonyam kyεn abͻdeε a Y’abͻ no mu bebree

    [71] Ɛda a Yε’bεfrε nnipa biara ne wͻn Imam no, (saa Da no) obia yεde ne Nwoma bεma no wͻ nensa nifa mu no, saa nkorͻfoͻ no bεkenkan wͻn Nwoma no, na yenni wͻn amim ketekete koraa

    [72] Wͻn a na wͻn ani afira wͻ wiase yi mu ha no, (na wͻn anhu Nyankopͻn Nsεnkyerεnee no) wͻn ani befira wͻ Daakye no nso, ayera kwan

    [73] Boniayεfoͻ no adwen ne sε, wͻ’bεsͻ wo ahwε, atwe wo afri deε Y’ayi ama woͻ no ho, sεdeε wobefri εno akyi atwa nkontompo ato Yεn soͻ, (na sε εba saa deε a) εneε anka wͻ’bεfa wo adamfoͻ

    [74] Sε Y’amma wo anyina pintinn a, anka wobεdane wo ho ama wͻn kakra

    [75] (Na sε εkͻbaa saa a) εneε na anka Yε’bεma woaka wiase mu (asotwe) mmͻhoo ne owuo akyi nso (asotwe) mmͻhoo ahwε; na anka wonnya ͻboafoͻ a ͻbεboa wo (ako) atia Yεn

    [76] Nokorε nso sε wͻ’hwehwεε sε wͻ’hunahuna wo sε wͻ’betu wo afri asaase no so; (na sε εba saa mpo a wͻ’nso mmerε) tiaa bi na wͻ’de bεtena ase wͻ w’akyi

    [77] (Nkͻmhyεni, deε ato woͻ no nyinaa yε) ͻkwan (a εda hͻ a εtoo) Y’asomafoͻ a Y’edii wo’anim kan somaa wͻn no nso, na wonhunu nsakraeε biara wͻ Yε’kwan no mu

    [78] Frε Nyame wͻ owigyina berԑ, kͻpem anadwo sum mu, na kenkan Qur’aan wͻ ahamakye efirisε ahamakye Qur’aan akenkan no yε adanseԑ

    [79] Na fa anadwo no mu bi sͻre yε (Tahajud) Naafila ma wo ho. Ebia wo Wura Nyankopͻn bεpagya wo de wo agyina animuoyam gyinaberε bi mu

    [80] Ka sε: ”Me Wura Nyankopͻn, fa me wura (kuro Yasrib anaa Madina mu) wͻ nokorε mu, na yi me pue (fri kuro Maka mu) wͻ nokorε mu, na mame nyinasoͻ anaa tumi nkonimdie a efri Wo hͻ “

    [81] Na ka sε: ”Nokorε no aba, na nkontompo no atu ayera. Nokorε sε, nkontompo deε εyε adeε a ebetu ayera koraa ”

    [82] Deε Y’asiane no wͻ Qur’aan mu no yε ayaresa ne ahummͻborͻ dema agyidiefoͻ no, na abͻneεfoͻ no deε εnfa nkͻsoͻ biara mma wͻn, gyesε berεguo

    [83] Sε Yε’de Y’adom bi dom onipa (Kaafirni) a, ͻdane ne ho, yε ahomasoͻ. Nasε bͻne bi to no a, na n’aba mu abu

    [84] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Obiara reyε sεdeε ne su anaasε n’abrabͻ siteε ho adwuma“. Nanso mo Wura Nyankopͻn na Onim obi a w’atene wͻ ͻkwantenee no soͻ

    [85] (Nkͻmhyεni), wͻ’rebisa wo fa Ruuh: nkwa anaa Honhom anaa Adiyisεm no ho asεm. Ka sε: “Ruuh no yε me Wura Nyankopͻn ahyεdeε, na εho nimdeε a yεde ama mo yε kakraabi “

    [86] Sε Yε’pε a, anka Yε’de deε Y’ayi ama woͻ no bεkͻ, na wonnya okyitaafoͻ biara a (ͻbεko) atia Yεn ama woͻ

    [87] Na mmom εyε ahummͻborͻ a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ, efrisε N’adom a εwͻ wo soͻ no so papaapa

    [88] (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Sε nnipa (nyinaa) ne Jinn kabom sε wͻ’de saa Qur’aan yi sεso bεba a, wͻ’ntumi mfa nesεso mma da, sε wͻ’boa wͻnho-wͻnho mpo a

    [89] Ampa sε Y’akyerεkyerε mfatoho biara mu akyerε nnipa wͻ saa Qur’aan yi mu, nanso nnipa pii mpε (nokorε no), na mmom (deε wͻ’pε ara nesε) wͻ’beyi (Nyankopͻn) boniayε

    [90] Deɛ wͻ’ka nesε: “Yεnnye wo nni gyesε woma nsuo pue fri asaase no mu ma no buso ma yεn

    [91] Anaasε, (gyesε) wonya akyiresua ne bobe turo, na woma nsutene puepue ntεmu ma no buso

    [92] Anaasε woma ͻsoro te bεhwe yεn so asin-asin sεdeε w’adwen kyerε woͻ no, anaasε wode Nyankopͻn ne Soro abͻfoͻ no ba y’anim

    [93] Anaasε (gyesε) wonya efie a εyε sika kͻkͻͻ, anaa wotu kͻ soro; na wosorokͻ no (mpo) yεnnye nni, gyesε wosiane Nwoma a yεbεkenkan berε yεn ansa. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Kronkron Hene ne me Wura Nyankopͻn! (Menyε hwee), na mmom meyε onipa a meyε Ɔsomafoͻ. “

    [94] Ɛdeεn na esi nnipa kwan sε, sε tenenee no ba wͻn hͻ a εmma wͻnnye nie, (wͻn nyinasoͻ nyinaa) ara ne sε: wͻ’ka sε, “Onyankopͻn asoma onipa sε Ɔsomafoͻ nti?”

    [95] Kasε: “Sε Soro abͻfoͻ wͻ asaase so nenam wͻ abodweε mu a, anka Yε’besiane Soro abͻfoͻ somafoͻ afri soro aba wͻn hͻ”

    [96] (Nkͻmhyεni), kasε: “Nyankopͻn so adansedie wͻ me ne montεm, efrisε, Ɔno na Ɔbεbͻ Nenkoa dwuma a wͻ’die ho amaneε, na Ohu wͻn (nso)

    [97] Obi a Nyankopͻn atene no no ͻno ne obi a wͻ’anya kwan tenenee no, na obi a W’ayera no no deε, wonnya okyitaafoͻ biara mma wͻn wͻ Nyankopͻn akyi; na Yε’bεboa wͻn (nyinaa) ano wͻ Wusͻreε Da no (ama wͻn anante) wͻ wͻn anim, (na wͻ’bεsͻre) anifira, emum (ne) asosieε mu. Wͻn fie ne Amanehunu gyem; εberε biara a (ogya no) ano bεdwoͻ no na Yε’de ogya no bi aka ho ama wͻn

    [98] Woi ne wͻn akatua, efrisε wͻ’poo Yε’nsεnkyerεnee no, na wͻ’kaa sε: “Sε (yewu) na yε’dane nnompe na yε’mu tete gͻsͻgͻsͻ a, nokorε sε yε’bεsan asͻre ayε abͻdeε foforͻ?”

    [99] Enti wͻ’nhunuu sε, Nyankopͻn no a Ɔbͻͻ ͻsoro ne asaase no wͻ tumi sε Obetumi abͻ nesεso? W’ahyehyε εberε ama wͻn a akyinnyeε (biara) nni ho; nanso abͻneεfoͻ no nnye nntum, gyesε boniayε (na wͻ’yi Nyankopͻn)

    [100] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε mo na mowͻ me Wura Nyankopͻn Ahummͻborͻ akoradeε no ho tumi a, anka ehuu bεbͻ mo sε mobeyi (bi) ama; na (ampa sε) onipa yεm yε nyono

    [101] Ampa sε, Yε’de nsεnkyerεnee pefee (ahodoͻ) nkron na maa Mose. Wodeε bisa Israel mma no, εberε a (Mose) baa wͻn hͻ, Farao kakyerεε no sε:” Mose m’adwen yε me sε konya anaasε aduro bi akye wo”

    [102] (Mose) kaa sε ”(Farao) wonim yie sε, obiara ntumi nsiane saa nsεnkyerεnee woinom, gyesε ͻsoro ne asaase Wura Nyankopͻn no, sεdeε εbεyε nyinasoɔ pefee; na Farao, menso medwen sε w’asopa “

    [103] (Farao) pεε sε anka oyi wͻn fri asaase no soͻ, enti Yε’maa nsuo faa no ne wͻn a wͻ’ka ne ho no nyinaa

    [104] N’akyiri no Yε’ka kyerεε Israel mma no sε: “Montena asaase no so, nasε Daakye bͻhyε no ba a Yε’de mo nyinaa bεbom afra nnipa dͻm no.”

    [105] Yε’de Nokorε na esianee (Qur’aan) no, na εde Nokorε nso na εbaeε. Deε enti Yε’somaa woͻ ne sε, fa (ͻsoro Aheman no mu) anigyesεm bεhyԑ (agyidiefoͻ no) bᴐ, na fa (asotwee no nso ho asεm no) bͻ (amanfoͻ no) kͻkͻ

    [106] Ԑyԑ Qur’aan a Y’akyekyε mu, sεdeε wobεkenkan akyerε adasamma wͻ ntooboaseε mu, na Yesianee no nkakrankakra (wͻ mfie aduonu mmiεnsa ntεm)

    [107] (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Sε mogye (Qur’aan) yi di o, sε monnye ni o, wͻn a yama wͻn nimdeε ansa na (Qur’aan yi reba no), sε yεkenkan kyerε wͻn a wͻ’de wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm wͻ ahobraseε mu

    [108] Na wͻ’ka sε: “Kronkron Hene ne Ye’Wura Nyankopͻn! Nokorε sε, Ye’Wura Nyankopͻn bͻhyε bεyε hͻ”

    [109] Wͻ’de wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm su, na εma wͻ’kͻ so nya ahobraseε

    [110] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Monsu mfrε Allah anaasε monsu mfrε Rahmaan (Ahummͻborͻ Hene no), edin biara a mode besu afrε no no (Ɔbεgye moso), efrisε Ɔno na Ɔwͻ abodin pa. Ɛmmͻ wo mpaeε dendeenden, na εnyε ho anomum nso, na ͻkwan mmienu yi ntεm na fa so (bͻ mpaeε)

    [111] Na ka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a Ɔnwo ba, na Onni Ɔhokafoͻ wͻ ahennie no mu, na Onni Ɔboafoͻ εnam mmrε yε ho nti, na fa Nekεseyε abodin no bͻ no abodin

    Surah 18
    Al-Kahf

    [1] Aseda wͻ Nyankopͻn no a W’asiane Nwoma no ama N’akoa (Muhammad), na W’amma asεm a εntenee biara amma mu

    [2] (Na mmom Ɔmaa no yεε Nwoma a emu nsεm no) tene pεpεεpε, sεdeε ͻde asotwe denden a efri Nehͻ no bεbͻ (nnipa) kͻkͻ, na ͻbεhyԑ agyidiefoͻ no a wͻ’re’di dwumapa no nso bᴐ sε, wͻn wͻ akatuapa a

    [3] Wͻ’bεtena mu afe bͻͻ

    [4] Na (ͻbεsan) abͻ wͻn a wͻ’ka sε Nyankopͻn awo ba no nso kͻkͻ

    [5] (Saa nkorͻfoͻ no) nni (nsεm a wͻ’ka no) ho nimdeε; wͻn agya nom nso (a wͻ’resuasua wͻn no nso) saa ara. Asεm kεseε paa na epue firi wͻn ano no. Nkontomposεm ne deԑ wᴐ’keka no

    [6] (Nkᴐmhyԑni), anhwԑ a wobԑha woho adi wᴐn ho awerεhoͻ awu, sε wͻ’nnye saa asεm yi nnie nti

    [7] Nokorε sε, Y’a’yε deε εwͻ asaase soͻ no afεɛfεdeε ama (asaase) no, sεdeε Yε’de bεyε nnipa nsͻhwε, (agyina so ahwε) wͻn mu obi a odi dwuma pa

    [8] Nokorε sε, Yε’bεyε deε εwͻ (asaase no) soͻ no (nyinaa) mfuturo, a wira anaa dua (biara) nnka wᴐ soͻ

    [9] Anaa w’adwen yε wo sε Ɔbodan no mu foͻ no, ne Adwini a yadi (anaasε ntwerε a yatwerε fa wͻn ho) no ka Y’ԑnsԑnkyerԑnee a ԑyԑ nwanwa no ho anaa

    [10] Ɛberε a mmeranteε no kͻbͻͻ wͻn ho adwaa wͻ ͻbodan no mu no, (wͻ’bͻͻ mpaeε) kaa sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, ma yεn ahummͻborͻ a efri Wo nkyεn, na kyerε yεn kwan wͻ yεn dwumadie yi ho”

    [11] Ye’sii wͻn aso (maa wͻ’daa nna tenten) wͻ ͻbodan no mu mfie pii

    [12] Afei Y’enyanee wͻn sεdeε Ye’behunu akuo mmienu no mu deε onim akontabuo a (ͻbetumi) asese mmerε tenten a wͻ’de tenaa (ͻbodan no mu)

    [13] (Nkͻmhyεni), Yε’de wͻn asεm no mu nokorε na εrebͻ wo amaneε. Nokorε sε, wͻ’yε mmeranteε a wͻ’gyee wͻn Wura Nyankopͻn diiε, na Yε’de tenenee kaa wͻn ho

    [14] Yε’hyεε wͻn akoma den (maa wͻ’gyinaa pintinn), εberε a wͻ’sͻre gyina kaa sε: “Ye Wura Nyankopͻn no ne ͻsoro ne asaase Wura no, yεnnfri N’akyi mmfrε nyame foforͻ biara; (sε yefri N’akyi frε nyame foforͻ bi a), εneε nokorε sε na y’aka abususεm.“

    [15] Yεn nkorͻfoͻ woi nom afri Nyankopͻn akyi afa anyame foforͻ. Adεn na wͻ’nfa tumi anaa nyinasoͻ pefee bi mmrε wͻn? Nipa bͻneni bεn na ͻkyεn obia ͻbͻ netrim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ

    [16] (Mmeranteε no ka kyerεε wͻn ho wͻn ho sε): “Sε motwe mo ho fri wͻn ho, ne deε wͻ’som a εnyε Nyankopͻn no ho a, momͻ mo ho adwaa wͻ ͻbodan no mu. Mo Wura Nyankopͻn de N’ahummͻborͻ bεkata mo so, na W’ama modwuma die no ayε bͻkͻͻ ama mo“

    [17] Sε awia no pue a wobehu sε efri wͻn bodan no so rekͻ nifa soͻ, na sε εrekͻtͻ a etwam san wͻn ho kͻ benkum so, aberε a wͻn wͻ (ͻbodan no) mu wͻ baabi a εhͻ baeε. Woi yε Nyankopͻn nsεnkyerεnee. Obia Nyankopͻn atene no no ͻne obi a wanya kwankyerε, na obi a Ɔbεyera no no, onnya okyitaafoͻ a ͻbεkyerε no kwan

    [18] Ԑberε a wͻn ada no, (sε wohu wͻn a) wobεdwen sε wͻn anyane, na Yε’dane dane wͻn kͻ nifa so ne benkum so; na wͻn kraman a w’atwe nenan mmienu a edi animu no mu wͻ aboboa no ano. Sε wopue wͻn so a, anka wobεdane w’akyi adwane wͻn, na anka wͻn ho hu bεhyε wo mu ma

    [19] Saa na Ye’nyanee wͻn sεdeε wͻ’bebisa wͻn ho-wͻn-ho. Wͻn mu kasamafoͻ no kaa sε: “Moatena mmerε tenten sεn?” Wͻ’kaa sε: Y’atena dakoro anaa dakoro mu kyԑfa bi. (Afei) wͻ’kaa sε: “Mo Wura Nyankopͻn na Onim mmerε tenten a mode atena (ha); enti monsoma mo mu baako na ͻnfa mo dwetε (sika) yi nkͻ kuro no mu; ͻnhwε aduane a εyε konkron na ͻnfa akͻnhoma wͻ mu merε mo. Na oni ne ho ni, na ͻnhwε yie na w’anna moasεm adi ankyerε obiara

    [20] “Efrisε, sε wͻ’bepue mo so (anaasε sε wͻ’nsa ka mo) a, wͻ’besi mo aboͻ (aku mo), anaasε wͻ’bεma mo asan akͻ wͻn som no mu, (na sε εba saa a), εneε monni nkonim“

    [21] Saa na Yε’maa (amanfoͻ) hunuu wͻn, sεdeε wͻ’behunu sε, Onyankopͻn bͻhyε no yε nokorε, na Dͻnhwere no nso akyinyeε biara nni ho. Kae εberε a (kuro no mu foͻ no) gyee akyinye wͻ wͻn nsεm no ho, wͻ’kaa sε: “Monsi dan nsi wͻn so“. Wͻn Wura Nyankopͻn Nim wͻn yie. (Enti) wͻn a wͻ’dii nkonim wͻ wͻn asεm no mu no kaa sε: “Yebesi (Masjid) Nyamedan asi wͻn so”

    [22] (Ebi nom) se wͻ’yε mmiεnsa, wͻn kraman na εka wͻn ho nnan; εna (ebi nom nso) se: wͻ’yε nnum, na wͻn kraman na εka ho nsia; wͻ’twa nkontompo kyerε wͻn adwen wͻ ahuntasεm ho; (ebi nom nso) se, (wͻ’yε) nson, wͻn kraman na εka wͻn ho nwͻtwe. Ka sε: “Me Wura Nyankopͻn na Onim wͻn dodoͻ, na obiara nnim gyesε (nnipa) kakraabi. Enti εnnye wͻn ho akyinnye, na mmom gyina nsεm a εda adie (a Y’ayi ama woͻ no so). Na hwε na woammisa wͻn ho asεm wͻ (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) mu biara hͻ

    [23] Na hwε na woanka amfa biribi ho sε: “Mεyε saa adeε no ͻkyena

    [24] Na mmom (dikan ka sε): “Sε Onyankopͻn pε a”. Sε wowerε fi a, kae wo Wura Nyankopͻn, na kasε: “Ebia me Wura Nyankopͻn bεkyerε me kwan akͻ kwan tenenee a εbεn kyεn woi so “

    [25] (Saa nkorͻfoͻ no) tenaa wͻn bodan no mu mfie ahaasa na wͻ’de (mfie) nkron kaa ho

    [26] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Onyankopͻn Nim berε tenten a wͻ’de tenaa (ͻbodan no mu). Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahuntasεm wͻ no. Sεdeε Osi hunu adeε (pefee) ne sεdeε Osi te asεm (biara); wͻ’nni okyitaafoͻ biara ka Ne ho, na Onni ͻhokafoͻ biara nso wͻ N’atemmuo mu“

    [27] Kenkan Adiyisεm a yayi ama woͻ a εfiri wo Wura Nyankopͻn Nwoma no mu no. Obiara ntumi nsesa N’asεm, na wonnya dwane kͻbea biara wͻ N’akyi

    [28] Na nya woho aboterε ma wͻn a wͻ’su frε wͻn Wura Nyankopͻn anͻpa ne anyumerε de hwehwε N’anim animuonyam no; na enyi w’ani mfri wͻn so nhwehwε wiase afεεfεdeε. Na enni obi a Y’ama n’akoma werε afri Yεn nkaekaeε, na odi n’apεdeε akyi, na n’asεm (anaa nedwumadi bͻne) aborosoͻ no akyi

    [29] Ka sε: “Nokorε no fri mo Wura Nyankopͻn hͻ; enti obi a ͻpε no ͻnye ni, na obi a ͻpε no nso ͻmpo. Nokorε sε Y’asiesie Amanehunu gya a ne wisie betwa wͻn ho ahyia (tesε fasuo) ato hͻ ama abͻneεfoͻ no. Sε wͻ’su pε nsuo a, yεbεma wͻn nsuo a εtesε yaawa a yanane, ama aworͻ wͻn anim. Nsu bͻne paa ne no; na ahomegye bea bͻne paa nso ne hͻ

    [30] Nokorε sε wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, nokorε sε, Yε’mma wͻn a wͻ’di dwuma pa no akatua nnyε kwa

    [31] Saa nkorͻfoͻ no na Aheman a εwͻ hͻ daa a, nsubͻnten nenam aseε no wͻ wͻn; Yε’de sika kͻkͻͻ nkapo bεhyehyε wͻn, na wͻ’befira kyeme (anaa serekye) ntoma papa monomono, ne kente pa paa a yadi mu adwini; na wͻ’bεgyegye adamu wͻ ahennwa so. Akatua pa paa ne no; na Ahomegye bea pa nso ni

    [32] Yε nnipa mmienu bi ho mfatoho bi kyerε wͻn. Wͻn mu baako Yε’maa no bobe turo mmienu, εna Yε’de akyiresua nnua twaa ho hyiaeε, εna ne mmienu ntεm no Yε’yεε afuo wͻ hͻ

    [33] Saa Turo mmienu no mu biara soo nenuaba a (neberε) ampa ho koraa, na Yε’maa nsuo puepue wͻ ne mmienu ntεm

    [34] Na onyaa nnaba. Enti ͻka kyerεε ne yͻnko no, εberε a ͻne no rekasa sε: “Mewͻ sika ne nnipa dͻm kεse kyεn wo”

    [35] (Ɔde ahomasoͻ) kͻͻ ne turo no mu aberε a wadi bͻne atia nekraa. Ɔkaa sε: “Menkae sε woi bεsεe da “

    [36] “Na Menkae nso sε Dͻnhwere no bεba; nasε (εba mpo na) mesan kͻ me Wura hͻ a, menya sankͻ-bea a εkyεn woi“

    [37] Ne yͻnko no ka kyerεε no wͻ εberε a ͻne no rekasa sε: “Enti W’apo Nea Ɔbͻͻ wo fri mfuturo mu, na afei (Ɔbͻͻ wo) fri ahobaeε mu, na afei Ɔnyonoo wo pεpεεpε maa woyεε nipa?”

    [38] “Mmom medeε, Onyankopͻn ne me Wura; na menfa biribiara mmata me Wura Nyankopͻn ho .“

    [39] “Na εyε ma wo sε wo wuraa wo turo no mu no anka wokaa sε: “Deε Onyankopͻn pε (na εnyε hͻ); Tumi biara nnihͻ gyesε Nyankopͻn hͻ. Sε wohwε me sε sika ne mma a mewͻ sua sene deε wowͻ a

    [40] Ebia me Wura Nyankopͻn bεma me deε εyε kyεn wo turo no, na Wͻ’asiane agradaa mmobͻmuu fri soro (abεsεe no) ama no ayε sε asaase a aduaba biara nni soͻ

    [41] Anaasε (Ɔbεma) nensuo no awe korakora a wontumi nnhu akyire kwan bio

    [42] Na (ͻsεeε) betwaa ne nnuaba no ho hyiae; enti ofitii aseε (de awerεhoͻ) kyinkyim nensa wͻ deε wasεe no wͻ (afuo) no ho no ho, aberε a εda hͻ a hwee nni mu a adane abutuo; ͻkaa sε: “Adi ayε me, mehunui a anka manfa biribi ammata me Wura (Nyankopͻn) ho.“

    [43] Na w’annya (nnipa) kuo bi wͻ Nyankopͻn akyi a wͻ’bεboa no, na wantumi ammoa ne ho nso

    [44] Saa berε no, ntwitwagyeε anaasε tumi no nyinaa wͻ Nyankopͻn Nokwafoͻ no. Ɔno na otua akatua pa, na Nehͻ ne awieε pa no

    [45] Yε wiase asetena nso ho mfatoho bi ma wͻn: Ɛtesε nsuo a, Y’esiane fri soro, na asaase so nnuaba no dedi afra na εyε frͻmfrͻmfrͻm fεfεεfε, afei na awo na abubu asin-asin na mframa abͻ no na atu apete. Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi

    [46] Sika anaa ahonyadeε ne mma yε wiase yi mu afεεfεdeε; na deε εwͻ hͻ daa ne dwumadi pa; εno na εyε wͻ wo Wura (Nyankopͻn) hͻ, na εno nso na εwͻ akatua pa ne anidaasoͻ pa

    [47] Ɛda a Yε’bεma mmepͻ atutu afri hͻ no, wobehunu sε asaase bεda so frεtεtεtεtε, na Yε’bεboa wͻn nyinaa ano na Ye’nnya wͻn mu biara wͻ akyire

    [48] Yεde wͻn bεba wͻ wo Wura Nyankopͻn anim a wͻn ato santen. (Nyankopͻn bεka sε): “Nokorε sε moaba Yεn hͻ sεdeε Ye’dii kan bͻͻ mo no ara. Daabi, na modwen sε, Yε’nhyεε εberε biara mmaa mo

    [49] Yεde (mo dwumadie ho) Nwoma no bεto (moanim) na wobehunu sε, abͻnefoͻ no bεbͻ hu wͻ deε εwͻ mu no ho, na wͻ’bεka sε: “Adi ayε yεn! Nwoma bεn na ennya (asεm) ketewa anaa kεseε (biara) na mmom gyesε εsese (ne nyinaa yi)? Wͻ’behunu deε wͻ’yͻeε nyinaa sε abεda wͻn anim. Wo Wura Nyankopͻn deε Onni obiara amim

    [50] Kae εberε a Yε’ka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: ”Momfa moanim mmutu fͻm mmerε mo ho ase ma Adam“. wͻn (nyinaa) de wͻn anim butuu fͻm (maa no), gyesε Iblis nko ara. Na ͻka Jinnifoͻ no ho; na ͻyεε ne Wura (Nyankopͻn) ahyεdeε ho asoͻden. Enti mobefri M’akyi afa ͻno ne n’asefoͻ no ayͻnkoͻ aberε a wͻ’yε moatanfoͻ? Ɛyε nsesaeε bͻne paa ma abͻneεfoͻ no (sε wͻ’asesa Nyankopͻn som resom ͻbonsam)

    [51] M’amma (Jinnfoͻ no) anhunu ͻsoro ne asaase mmͻeε, anaasε wͻn ara wͻn mmͻeε, anaasε Mεfa wͻn a wͻ’yera (nnipa no) aboafoͻ

    [52] Kae Ɛda a (Nyankopͻn) bεka sε: “Monfrε wͻn a modwen sε wͻ’ka Me ho no. Wͻ’bεfrε wͻn deε, nanso wͻ’nnye wͻn so, na Yε’de εhyeε anaa ekuu bi bεto wͻn ntεm

    [53] Abͻneεfoͻ no behunu Ogya no, na wͻ’behunu sε wͻ’rete ahwe mu, na wͻ’nnya εho kwati kwan biara (nnwane)

    [54] Ampa sε Y’ԑnam mfatoho ne abebuo ahodoᴐ so akyerεkyerε biribara mu wͻ saa Qur’aan yi mu ama nnipa, nanso onipa yε okyinyefo kyεn biribiara

    [55] Ɛnyε hwee na esi nnipa kwan sε εmma wͻ’nnye nnie wͻ εberε a kwan kyerε no bεba wͻn hͻ, anaasε wͻ’bεsrε wͻn Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na mmom (deε wͻ’retwεn ne sε) tetefoͻ no kwan no bi bεba wͻn soͻ, anaasε asotwee no behyia wͻn mpu-ne-mpu

    [56] Ԑnyε hwee ho nti na Yε’soma asomafoͻ no, na mmom sεdeε (wͻ’de Aheman no mu) anigyesεm no bεbͻ (amanfoͻ) anohoba, na (wͻ’de Amane-hunu gya no nso ho asεm) bεbͻ kͻkͻ. Nanso wͻn a wͻ’yi boniayε no de nkontompo gye akyinye sεdeε wͻ’de betu Nokorε no aguo, na wͻ’fa Mensεm no ne deε yεde bͻ wͻn kͻkͻ no agorͻ ne fεw die

    [57] Hwan na ͻyε (nipa) bͻneni kyεn obia yεkae no ne Wura Nyankopͻn Nsεm no a ͻtwe ne ho fri ho, na ne werε firi dwuma a nensa adi ato n’anim? Nokorε sε Yε’de mmuasoͻ abua wͻn akoma so sεdeε wͻ’nnte (asεm no) ase, na akraa wͻ wͻn asom. Sε wofrε wͻn kͻ tenenee no mu mpo a, wͻ’nntene da

    [58] Wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Mmͻborͻhunu ahyε no mma. Sε Ɔretwe wͻn aso wͻ dwuma a wͻn adie ho a, anka Ɔbεma asotwee no aba wͻn so ntεm. Nanso wͻn wͻ εberε a yahyε a wͻ’nnya ho dwanekͻbea

    [59] Saa nkuro a Yε’sεee no wͻ εberε a wͻ’yεε bͻne no, Yε’hyεε εberε maa wͻn sεeε no

    [60] Kae εberε a Mose ka kyerεε n’abͻfra (Yusha’u anaasε Yosua) sε: “Mennyae (nanteε anaasε mennye m’ahome) kͻpem sε meduru ͻpo mmienu no abͻeε anaasε mεkͻ so ara mfie mu “

    [61] Ɛberε a wͻ’duruu ne mmienu abͻeε ntεm hɔ no, wͻn werε frii wͻn adwene no, na ͻfaa ne kwan wͻ tokuro bi mu kͻͻ ͻpo no mu maa n’akyi kwan yerae

    [62] Ɛberε a wͻ’twaa kwan no kͻͻ kakra no, ͻka kyerεε n’abͻfra no sε: “Fa yεn anͻpa duane no bra, ampa sε yabrε wͻ yεn akwantuo yi mu paa“

    [63] Yusha’u kaa sε: “Woahunu, εberε a yεsoεε wͻ ͻboͻ no soͻ no, mewerε frii adwene no, na εnyε obiara na ͻmaa me werε friε na mmom ͻbonsam (na ͻmaa mewerε firii) sε mεka akyerε (woͻ), na (adwene) no faa ne kwan kͻͻ ͻpo no mu awanwa kwan bi so

    [64] (Mose) kaa sε: “Woi na yεrehwehwε no. Enti wͻ’san wͻn akyi bεfaa wͻn anamͻn no so

    [65] Wͻ’behunu akoa bi a wͻ’yε Yεn nkoa no mu baako a Y’ama no ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ, na Yε’de nimdeε a efiri Yεn hͻ akyerε no

    [66] Mose ka kyerε no sε: “Meni w’akyi ma wonkyerε me nimdeε a yakyerε woͻ no bi?“

    [67] (Hadir) kaa sε: “Nokorε sε wontumi nnya me ho aboterε“

    [68] “Ɛbεyε dεn na wanya aboterε wͻ adeε a wonte aseε anaasε wonni ho nimdeε ho? “

    [69] (Mose) kaa sε: ”Sε Nyankopͻn pε a, wobehunu sε me wͻ aboterε na mennyε w’ahyεdeε nso ho asoͻden “

    [70] (Hadir) kaa sε: “Sε wobedi m’akyi a εneε hwε na woammisa me biribi ho asεm kͻpem sε, me ara mεka ho asεm akyerε woͻ“

    [71] Enti wͻ’sii mu kͻe kosii εberε a wͻ’foroo nhyεma bi, (Hadir) tuu mu tokuro. Mose kaa sε: “Watu mu tokuro sεdeε emufoͻ no bεmem? Nokorε sε w’adi dwuma bͻne paa

    [72] (Hadir) kaa sε: “Manka ankyerε wo sε wontumi nya me ho aboterε?”

    [73] (Mose) kaa sε: “Ɛntwe m’aso wͻ deε me werε afri no ho, na εnyε dendeenden wͻ me so wͻ deε meyͻeε yi ho“

    [74] Enti wͻ’sii mu kͻe, kosii εberε a wͻ’hyiaa abarimaa bi, εna (Hadir) kum no. (Mose) kaa sε: “Wakum onipa a onni nipa kum bͻne ho fͻ? Ampa sε w’ayε amumuyε kεse.”

    [75] (Hadir) kaa sε: “Manka ankyerε wo sε, wontumi nnya me ho aboterε?”

    [76] (Mose) kaa sε: “Sε mebisa wo biribi ho asεm bio wͻ woi akyi a, εneε εne me nnante bio. Na wanya nyinasoͻ wͻ meho.”

    [77] Enti wͻ’sii mu kͻe, kosii sε wͻ’kͻtoo kuro bi so foͻ, wͻ’bisaa wͻn hͻ aduane, nanso wͻn ampene sε wͻ’gye wͻn ahͻhoͻ. Na wͻ’hunuu (εdan bi) fasuo wͻ kuro no mu a εreyε abuo, enti (Hadir) maa (εdan no fasuo no) so desii hͻ. (Mose) kaa sε: “Sε wobεpene so a, anka εsε sε wogye ho akatua “

    [78] (Hadir) kaa sε: “Woi yε me ne wo ntεm nkradie. Afei na mεkyerε wo deε woanya ho aboterε no aseε “

    [79] Nhyεma no, εwͻ ahiafoͻ bi a wͻ’yε adwuma wͻ ͻpo no so, na mepεε sε mema εkam ba ho, efrisε ͻhene bi di wͻn akyi a ͻde aniεden gye nhyεma biara (a εkam nni ho)

    [80] Abarimaa no nso, n’awofoͻ yε agyidiefoͻ, na yesuro sε anhwε a ͻde asoͻden ne boniayε abεfͻre wͻn

    [81] Enti yεpεε sε wͻn Wura Nyankopͻn de deε ͻyε kyεn no wͻ kronkron yε mu na ͻbεn ahummͻborͻ bεsesa no ama wͻn

    [82] (Ɛdan) fasuo no nso, na εwͻ mmarimaa nyanka mmienu bi wͻ kuro no mu; na wͻn mmienu sika wͻ aseε. Na wͻn agya yε onipa papa. Enti wo Wura Nyankopͻn pεsε wͻ’yin duru wͻn mpanim berε mu na wͻ’beyi wͻn sika no, (dwuma a mediiε no) yε ahummͻborͻ a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Na εnyε me ara mepε mu na meyͻeε. Woi ne adeε a woannya ho aboterε no nkyerεaseε

    [83] (Nkͻmhyεni, Yudafoͻ no) rebisa wo Zul-Qar’nain ho asεm. Kasε: “Mεka ne ho asεm akyerε mo

    [84] “Nokorε sε, Yε’maa no tumi wͻ asaase no so na Yε’maa no biribiara nso ho kwan

    [85] Na ͻfaa kwan so

    [86] Kosii εberε a oduruu awia tͻbrε, na ohunuu sε εkͻtͻ wͻ atεkyε tuntum nsuo aniwa bi mu, na ohunuu nnipa bi wͻ ho. Yε’ka kyerεε no sε: “Zul-Qar’nain (wo wͻ tumi) sε wotwe wͻn aso anaasε woyε wͻn yie“

    [87] (Zul-Qar’nain) kaa sε: “Obi a ͻbεyε bͻne no deε yεbεtwe n’aso ansa na (saa nipa no) asan akͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ ama Ͻde asotwee a εyε hu atwe n’aso (bio)

    [88] Obi a ͻbεgye adie na w’adi dwuma pa no obenya akatua pa no, na Yε’bεka Y’ahyεdeε a εyε bͻkͻͻ akyerε no“

    [89] Afei ͻfaa kwan so

    [90] Kosii εberε a oduruu awia pue berε, na ohunuu sε epue wͻ nnipa bi so a Yε’mmaa wͻn awia no ho akatasoͻ biara a wͻ’de kata wͻn ho so (fri awia no hyeԑ no ho)

    [91] Saa ara na εteε. Nokorε sε, Ye’nim deε εda (Zul-Qar’nain) anim no ho asεm nyinaa

    [92] Na ͻfaa kwan so

    [93] Kosii sε oduruu mmepͻ mmienu no ntεm, na ohunuu nnipa bi wͻ ho a wͻ’nte kasa ase koraa

    [94] Wͻ’kaa sε: “Zul-Qarnain, Gog ne Magog yε nsεmͻnedifoͻ wͻ asaase yi so, enti yentua biribi ma wo na wonsi ban wͻ yεn ne wͻn ntεm?”

    [95] (Zul-Qar’nain) kaa sε: “Deε Nyankopͻn de me agyina soͻ no yε; enti modeε monfa ahoͻden mmoa me; mεyε εban ato mo ne wͻn ntεm “

    [96] “Monfa dadeε ntayaa mmrε me“. Afei ͻhyεε bea a εda bepͻ no mmienu no ntεm no mma pεpεεpε no, ᴐka kyerεε wͻn sε: “(Monfa afa) nhu mu, na εberε a (εyεε kͻͻ sε) ogya no, ͻkaa sε: “Momrε me yaawa a yanane nhwie ngu so“

    [97] Enti amma (Gog ne Magog) antumi anfro na wͻ’antumi ammͻ emu tokuro nso

    [98] (Zul-Qar’nain) kaa sε: ”Woi yε ahummͻborͻ a efri me Wura Nyankopͻn hͻ; na sε me Wura Nyankopͻn bͻhyε no ba a, Ɔbεyε no gᴐsͻgͻsͻ, na me Wura Nyankopͻn bͻhyε deε εyε nokorε“

    [99] Saa da no Yε’begyae ama ebi atwi afa ebi so (sεdeε asorͻkye bͻ fa ebi soͻ no), na yεbͻ totorobεnto no mu a Yε’bεboa wͻn nyinaa ano abom

    [100] Saa Da no Yε’bεda Amanehunu gya no adi pefee akyerε boniayεfoͻ no—

    [101] Wͻn a na biribi akata wͻn ani wͻ Mafutusεm no ho no a na wͻ’ntumi ntie no

    [102] Enti wͻn a wͻ’yi boniayε no dwen sε wͻ’betumi afri M’akyi afa menkoa no (tesε Soro abͻfoͻ, Yesu ne wͻn a ԑkeka ho no sε wͻn) akyitaafoͻ? Nokorε sε Y’asiesie Amanehunu gya no sε anigyedeε anaa soεbrε ama (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no

    [103] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Enti yԑ’nkyerε mo wͻn a wᴐn nnyuma ayԑ brԑguo paa

    [104] (Wͻ’ne) wͻn a wͻn mmͻdenmmͻ no ayε kwa wͻ wiase asetena yi mu, na wͻn adwen yε wͻn sε wͻ’redi dwuma pa bi

    [105] Saa nkorͻfoͻ no ne wͻn a wͻ’po wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm ne Ne nhyiamu (da) no, enti wͻn nnyuma ayε kwa. Enti wͻ’nni kyεfa pa biara a Yε’besusu ama wͻn wͻ Wusͻreε da no

    [106] Amanehunu gya no na εbεyε wͻn akatua, εnam po a wͻ’poo Nokorԑ no, na wͻ’dii Mensεm ne M’asomafoͻ no ho fεw nti

    [107] Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, Soro Aheman Fir’daws bεyε soԑ brԑ ama wͻn

    [108] Wͻ’bεtena mu, na wͻ’nhwehwε sε wͻ’befri hͻ da

    [109] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε ͻpo yε tworͻ nsuo de ma me Wura Nyankopͻn Nsεm, εna yεde ͻpo (dodoͻ) no sεso reka ho mpo a, anka εbεsa ansa na me Wura Nyankopͻn Nsεm no asa

    [110] Ka sε: “Meyε onipa tesε mo ara, deԑ yayi akyerε me ne sε, mo Wura Nyankopͻn no yε Awurade baako, enti obi a ͻwͻ anidaasoͻ sε obehyia ne Wura Nyankopͻn no, εneε oni dwuma pa, na ͻnhwε yie na wͻ’annfa obiara ammata ne Wura Nyankopͻn som ho“

    Surah 19
    Maryam

    [1] Kaaf-- Haa—Yaa – Ain-- Soaad

    [2] (Woi yε) nkaebͻ fa ahummͻborͻ a wo Wura Nyankopͻn de huu N’akoa Zakariya mmͻbͻ

    [3] Ɛberε a osu frεε ne Wura Nyankopͻn wͻ kokoa mu no

    [4] Ɔkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, mehonam mu nnompe nyinaa ago, na me tri nwii nso ahura dwono fitaa, na su a mesu frε Woͻ no mu biara nnihͻ a, ansi me yie

    [5] Na mesuro menkorͻfoͻ a εwͻ m’akyi; me yere nso ayε bonini, enti dom me kyԑ me (ba anaasε) okyitaafoͻ a ofri Wo hͻ

    [6] a, obedi m’adeε na w’adi Yakobo asefoͻ adeε. Me Wura Nyankopͻn, yε (saa abͻfra a Wode no bεma me) no obia Wogye no to mu “

    [7] (Soro abɔfoɔ kaa sɛ) “Zakariya, Yε’de abarimaa bi rehyε wo bͻ, yεfrε no Yah’ya (Yohane) Yenii kan ntoo obi din te saa “

    [8] Zakariya kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, εbεyε dεn na manya ba aberε a meyere yε bonini, nokorε mu me nso manyin abᴐ akͻkora?”

    [9] (Ɔbɔfoɔ no) kaa sε: “Saa (ara na εbεyε). Wo Wura Nyankopͻn se: “Ɛyε mmrε ma Me, nokorε sε Medii kan bͻͻ wo a, (saa berε no) na wonyε hwee“

    [10] Zakariya kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, ma me (ho) nsεnkyerεnee. (Onyankopͻn) kaa sε: Wo nsεnkyerεnee ne sε, (εwom sε) wote apͻ deε, nanso wo (nntumi) nkasa nnipa ho nnansa

    [11] Enti opue fri pie no mu baa ne nkorͻfoͻ no hͻ, na ͻde nsεnkyerεnee kasa kyerεε wͻn sε: “Momͻ (Nyankopͻn) abodin anͻpa ne anyumerε “

    [12] Yahaya, fa ahoᴐden sᴐ Nwoma no mu; na Yԑ’maa no adwen wᴐ ne nkᴐdaa berԑ mu

    [13] San (maa no) nti mmͻborͻ akoma a efri Yεn hͻ, san yԑԑ no (nipa) kronkron; na ͻyε obi a osuro Nyame

    [14] Na ͻyε ayεmyε ma n’awofoͻ, na ͻnyε ahomasoͻ (nipa, anaa) asobrakyeε

    [15] Asomdwiε wͻ ne so wͻ εda a yε’woo no, εne da a owuiε ne εda a yεbenyane no aba nkwa mu

    [16] Na kae Mar’yam nso (ho asԑm) wͻ Nwoma no mu. Ɛberε a ͻtwee ne ho frii n’abusuafoͻ ho kͻͻ apueɛ fam hͻ baabi

    [17] Ɔfaa ntware mu twaree ͻne wͻn ntεm, ɛna Yε’somaa Yε’honhom baa ne hͻ bεdaa ne ho adi kyerεε no tesε onipa sεso pεpεεpε

    [18] Mar’yam kaa sε: “Mehwehwε Ahummͻborͻ Hene no hͻ ntwitwagyeε wͻ wo ho, sε woyε Nyamesuroni a

    [19] (Ɔbͻfoͻ no) kaa sε: “Medeε meyε wo Wura Nyankopͻn bͻfoͻ; (W’asoma me) sε menfa abarimaa kronkron bi mεkyε wo “

    [20] Mar’yam kaa sε: ”Ɛbεyε dεn na manya abarimaa aberε a ͻbarima mfaa neho nkaa me, na menyε odwammanfoͻ nso

    [21] (Ɔbͻfoͻ no) kaa sε: “Saa ara na (εbεyε); wo Wura Nyankopͻn aka sε: “Ɛyε mmrε ma Me. Sεdeε Yε’bεyε no nsεnkyerεnee ne ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ ama nnipa. Ԑyε asεm a yahyehyε awie”

    [22] Enti (Mar’yam) nyinsεn (abͻfra) no; na ͻtwee ne ho de (nyinsεn) no kͻͻ akyirikyiri baabi

    [23] Awoͻ yeaa no de no kͻͻ akyiresua dua bi ho. Ɔkaa sε: “Ɛkaa menko a anka medii kan wui ansa na (asεm) woi (reba), anka yεwerε afri me koraa”

    [24] Enti (εnee bi) fri n’ase frεε no sε: “Ɛmma wo werε nnho, wo Wura Nyankopͻn ayε asuwa bi wͻ wa’se hͻ

    [25] Woso akyiresua dua no bra wa’nim na akyiresua aba foforͻ a abereε bεte atͻ wo so

    [26] Di, na nom na ma w’ani nye. Sε wohu onipa biara a, ka sε: “Mahyε Ahummͻborͻ Hene no akͻmkyene ho bͻ, enti mennkasa onipa biara ho nnε“

    [27] Mar’yam faa (abͻfra) no de no baa n’abusuafoͻ hͻ. “Wͻ’kaa sε: “Nokorε sε wode awanwadeε aba (fie)“

    [28] Aaron nua baa, na wopapa nyε onipa bͻneni, εna wo maame nso nyε (ͻbaa) dwamanfoͻ

    [29] Enti Mar’yam (de nensa) kyerεε (abͻfra) no so. Wͻ’kaa sε: “Ɛbεyε dεn na y’atumi ne akokoaa a ͻda tanaa mu akasa? “

    [30] (Yesu) kaa sε:” Nokorε meyε Onyankopͻn akoa. Ɔde Nwoma no ama me, εna W’ayε me nkͻmhyεni

    [31] Ɛna W’ahyira me wͻ baabiara a me wͻ biara, εna W’ayε Nyamefrε ne Zaka no nso nhyε ama me wͻ mmerε tenten a mete aseε

    [32] Ɛna (Onyankopͻn ahyε me sε menyε) ayεmyε ma me maame, na Wammͻ me (obi a meyε) ahomasoͻ anaa tibͻneni

    [33] Asomdweε wͻ me so wͻ εda a yεwoo me, ne εda a mewuo ne εda a yεbenyane me aba nkwa mu bio

    [34] Saa na Mar’yam ba Yesu no ho asεm no teε. (Woi ne Yesu ho) nokwasεm no a wͻ’regye ho akyinyeε no

    [35] Ɛmfata mma Nyankopͻn sε Ͻwo ba. Kronkron Hene ne no. Sε Ɔhyehyε biribi a, deε ͻka kyerε adekorͻ no ara ne sε: “Yε! na ayε “

    [36] (Yesu kaa sε) : “Nokorε, Onyankopͻn ne me Wura, εna Ɔyε monso mo Wura, enti monsom no. Woi ne kwan tenenee no

    [37] Nanso ntotoo bεtͻͻ akuo no ntεm (wͻ Yesu ho); enti due nka (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no, wͻ Da kεseε no nhyiamu no ho

    [38] Sεdeε wͻ’besi ahunu adeε kann ate asεm kann wͻ Ɛda a wͻ’bεba Yεn hͻ no, nanso abͻneεfoͻ no wͻ ͻyera pefee mu nnε

    [39] Enti (Nkͻmhyεni), bͻ wͻn kͻkͻ wͻ berεguo Da no ho, εberε a yεbedi asεm no awie no, nanso (seesei) w’abu wͻn ani agu so a wͻn nnye nnie

    [40] Nokorε sε, Yεn na Ye’bedi adeε wͻ asaase no soͻ na Yεn hͻ na wͻn (nyinaa) bεsan aba

    [41] Na kae Abraham (ho asԑm) wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na ͻyε nkͻmhyεni nokwafoɔ

    [42] Ɛberε a ͻka kyerεε n’agya sε: “M’agya, adεn na wosom adeε a εnte (asεm) na enhunu (adeε) na entumi mma wo mfasoͻ biara

    [43] M’agya, nokorε sε nimdeε aba me hͻ a ebi maa wo hͻ enti di m’akyi, na menkyerε wo kwan tenenee no

    [44] M’agya, hwε na woansom bonsam. Nokorε sε ͻbonsam ate Ahummͻborͻ Hene no so atua

    [45] M’agya, nokorε, mesuro sε anhwε a na asotwee bi fri Ahummͻborͻ Hene no hͻ abεsͻ wo mu, na wo akͻyε ͻbonsam yͻnko.”

    [46] (Nepapa) kaa sε: ”Abraham, wompε m’abosom no? Sε woanyae (wonsεm keka ne wo nneyεε no) a, mesi wo aboͻ. Enti fri me so kͻ akyirikyiri seesei ara”

    [47] Abraham kaa sε: ”Asomdweε nka wo; mεsrε me Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε ama wo. Nokorε sε Neyεm yε mame”

    [48] M’atwe me ho afri mo ho, ne deε mofri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no, na mesu afrε me Wura Nyankopᴐn; na ebia mesufrε me Wura Nyankopᴐn a mesufrε no nnyε kwa

    [49] Ɛberε a Abraham twee ne ho frii wͻn ho, ne deε wɔ’fri Nyankopɔn akyi som no ho no, Yε’maa no Is’haaq ne Ya’aquub, na Yε’yεε wͻn (mu) biara nkכmhyεni

    [50] Na Yε’de Y’ahummͻborͻ dom wͻn, na Yε’maa amansan bͻͻ wͻn din pa

    [51] Kae Mose nso wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na ͻyε (onipa) a yatu no asihͻ, na ͻyε Ɔsomafoͻ (san nso yε) nkɔmhyεni

    [52] Yε’frεε no wͻ bepͻ (Sinai) nifa so hͻ, na Yε’maa no bεnee Yεn ne no dii nkutahoo

    [53] Ye’fri Y’ahummͻborͻ mu dom no maa ne nua Aaron bεyεε nkͻmhyεni

    [54] Kae Ishmael nso wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na odi nokorε wͻ bͻhyε no ho. Na ͻyε ͻsomafoͻ (san nso yε) nkͻmhyεni

    [55] Na ͻhyε n’abusuafoͻ ma wͻ’frε Nyame san yi Zaka. Na (ͻyε nipa a) yagye no atom paa wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ

    [56] Kae Idriis nso wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na ͻyε nkͻmhyεni nokwafoͻ

    [57] Yε’pagyaa no gyinaa gyinabrε a εkorͻn

    [58] Saa nkorͻfoͻ yi na Nyankopͻn adom wͻn wͻ nkͻmhyεfoͻ no mu wͻ Adam asefoͻ no mu, ne wͻn a Yε’soaa wᴐn kaa Noa ho no mu, ne Abraham asefoͻ no, ne Israel (anaasε Yakobo asefoͻ no), ne wͻn a Yε’kyerɛε wͻn kwan, yii wͻn (wͻ adasamma mu no). Sε yεrekenkan Ahummͻborͻ Hene no Nsεm no kyerε wͻn a, wͻ’de wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm su

    [59] Wͻn akyiri no, anaamusifoͻ bi besii wͻn anan mu a wͻ’buu wͻn ani guu Nyamefrε no soͻ, na wͻ’dii akͻnnͻ deε akyi. (Saa nkorͻfoͻ no) behyia ͻsεeε

    [60] Gyesε wͻn a wͻ’bεsakra wͻn adwen na wͻ’agye adie, na wͻ’adi dwuma pa, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’bewura Soro aheman no mu no, na yensisi wͻn wͻ hwee ho

    [61] Aheman a εwͻ hͻ daa a, Ahummͻborͻ Hene no ahyε Nenkoa no ho bͻ a εwͻ kokoa mu no (emu na wͻ’bεtena). Nokorε sε Onyankopͻn bͻhyε bεyε hͻ

    [62] Wͻ’nnte nsεmhunu wͻhͻ, gyesε Asomdwiε. Wͻ’benya wͻn akͻnhoma anͻpa ne anyumerε

    [63] Saa na Aheman a Yε’de bεma Yεn nkoa no a wͻ’suroo Nyame no bedi adeε wͻ mu no siteε

    [64] Yεn (Soro abͻfoͻ no) yensiane (mma asaase so) gyesε (εnam) wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε so. Ɔno na deε εwͻ y’anim ne deε εwͻ y’akyi ne deε εwͻ ne mmienu mfinimfii (nyinaa) wͻ no. Wo Wura Nyankopͻn werε mmfi (hwee)

    [65] Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ mfinmfii Wura (ne no), enti som no, na si abotrε wͻ Nesom no ho. Enti wonim obi a ͻne Nyankopͻn din sε

    [66] Onipa ka sε: “Ɛberε a m’awuo, mεsan anyane aba nkwa mu bio?”

    [67] Enti onipa nkae sε, nokorε sε Y’edii kan bͻͻ no aberε a na ͻnyε hwee

    [68] Enti (Nkͻmhyεni), mede wo Wura Nyankopͻn di nse sε: “Yε’bεboa wͻn ne abonsamfoͻ no (nyinaa) ano, na Yε’de wͻn abetwa Ogya no ho ahyia wͻ (wͻn) nkotodwe so

    [69] Ansa na ekuo biara mu no, Y’ayiyi wͻn a na wͻ’yε den te Ahummͻborͻ Hene no so atua no

    [70] Nokorε sε Ye’nim momu wͻn a wͻ’fata sε yεhye wͻn wͻ (Amanehu gya no) mu

    [71] Momu biara betwam wͻ hͻ. Woi yε nhyehyεε a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ a εbԑyε hͻ

    [72] Afei Yebeyi wͻn a wͻ’suroo Nyame no afri mu, na Y’agya abͻneεfoͻ no wͻ mu (wͻ wͻn) nkotodwe so

    [73] Sε yεrekenkan Yεn nsεm pefee no kyerε wͻn a, wͻn a wͻ’nnye nnie no ka kyerε wͻn a wͻ’agye adie no sε: “Akuo mmienu yi (agyidiefoͻ ne kaafirfoͻ no) emu deε εwͻ hen na ekuta gyinabrε pa na (εwͻ) hyia-dan a edi mmu a abadwafoͻ papa paa wͻ?”

    [74] Aman dodoͻ sεn na Ye’dii wͻn anim kan sεee wͻn a na wͻn wͻ nneεma pa ne nnipadua a εyε fε

    [75] (Nkͻmhyεni), kasε: “Obi a ͻwͻ ͻyera mu no, Ahummͻborͻ Hene no ma no berε tenten ma no kosi sε wͻ’behu deε yabͻ wͻn ho kͻkͻ no, sε εyε asotwee no, anaasε Dͻnhwere no. (Ԑhͻ na) wͻ’behu deε ne gyinabrε nyε, na n’asraafoͻ (anaa nedͻm) nni ahoͻden

    [76] Nyankopͻn de tenenee bεka wͻn a wͻ’anya kwankyerε no ho. Na dwumadi pa a (εho akatua pa) wͻ hͻ daa no, εno na εyε wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, na (εno nso na εwͻ) akatua (pa) ne awieε pa

    [77] W’ahunu obi a ͻnnye Yεn Nsεm no nnie, na ͻkasε: “Yε’bεma me sika ne mma (wͻ mewuo akyi no)?”

    [78] (Saa nnipa no) anya ahuntasԑm no ho nimdeε bi, anaasε w’anya Ahummͻborͻ Hene no hͻ bͻhyε bi

    [79] Daabi, Yε’bεtwerε deε ͻka no (nyinaa), na Y’atwe asotwee no mu tenteenten ama no

    [80] Na (newuo akyiri no) Yε’bedi n’adeε a ͻreka ho asεm no, na ͻno nko ara aba Yεn hͻ

    [81] Wͻn afri Nyankopͻn akyi afa anyame foforͻ sεdeε wͻ’bεma wͻn tumi

    [82] Daabi, (saa Da no wͻn anyame no) bεpo ͻsom a na wͻ’som wͻn no, na wͻ’bεyε atamfo atia wͻn

    [83] Wonhunu sε Yε’soma abonsamfoͻ no ba boniayεfoͻ no so bεtoto gu wͻn asom bͻ wͻn ansͻn (ma wͻ’di bͻne)

    [84] Enti εmpre woho wͻ wͻn ho; efrisε Y’abu (nna no) bu paa ama wͻn

    [85] Ɛda a Yε’bεboa Nyamesurofoͻ no ano akͻ Ahummͻborͻ Hene no hͻ, tesε nnipa kuo bi a wͻ’rekͻgye animuonyam (anaa abasobͻdeε no)

    [86] Yε’bεka abͻneεfoͻ no nso akͻ Amane-hunu gyem tesε nyεmmoa bi a sukͻm de wͻn na yεreka wͻn akͻ nsuo mu no

    [87] (Saa Da no) obiara nni ntwitwagyeε ho tumi, gyesε obi a ͻne Ahummͻborͻ Hene no ayε apam (anaasε ͻne no ahyε bͻ)

    [88] Wͻ’keka sε: ”Ahummͻborͻ Hene no wᴐ ba “

    [89] Nokorε sε mode abususεm aba

    [90] Ɔsoro reyε asunsuan wᴐ ho na asaase nso reyε apaepae ama mmepͻ nso abubu gͻsͻgͻsͻ

    [91] Sε yabͻ ͻba din (anaasε wͻ’de awoͻ) asusu Ahummͻborͻ Hene no

    [92] Ԑmfata mma Ahummͻborͻ Hene no sε ͻwᴐ ba

    [93] Deε εwͻ soro ne asaase so no mu biara ba Ahummͻborͻ Hene no hͻ wͻ akoa din mu

    [94] Nokorε sε, Nyankopͻn Nim wͻn dodoͻ, na W’akan wͻn kan paa

    [95] Wusᴐreԑ da no wͻn mu biara nko ara na εbεba Nehͻ

    [96] Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwumapa no Ahummͻborͻ Hene no de ͻdͻ bεma wͻn

    [97] Enti Y’ayε (Qur’aan) no mmrε ama wo kεterεma, sεdeε wode bεhyԑ Nyame-surofoͻ no bᴐ, na wode bεbͻ wͻn a wͻ’reko tia dendeenden no nso kͻkͻ

    [98] Awoͻ ntoatoasoͻ sεn na adi wͻn anim kan a Y’asεe wͻn? Wohunu wͻn mu baako mpo, anaasε wote wͻ’nka anaasε wͻn ho mpopoeε bi

    Surah 20
    Taa-Haa

    [1] Toaa - Haa

    [2] (Nkͻmhyεni) Y’ansiane Qur’aan amma wo sεdeε wobεsopa

    [3] Na mmom εyε afutusεm dema obi a osuro Nyankopͻn

    [4] Ɛyε Adiyisεm a efri Nea Ɔbͻͻ asaase ne ͻsoro a εkorͻn no hͻ

    [5] Ahummͻborͻ Hene no a, Ɔte tumi ahennwa no soͻ no

    [6] Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so, ne deε εwͻ ne mmienu mfinifii ne deε εwͻ asaase ase nyinaa yε Nedea

    [7] Sε woka asεm bi ma no pue a, nokorε sε Onim kokoa mu asԑm ne deε asuma kyԑn saa (nyinaa)

    [8] Onyankopͻn, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara. Ɔno na abodin pa nyinaa wͻ no

    [9] Enti Mose ho asεm no abeduru wohͻ

    [10] Ɛberε a ohunuu egya bi, ͻka kyerεε n’abusuafoͻ no sε: “Montwεn, nokorε sε m’ahunu egya bi, na ebia mede gya-sramma bi befri mu abrε mo, anaasε menya kwan kyerε bi wͻ ogya no ho

    [11] Ԑberε a ͻbaa (egya no) ho no, εnee bi frεε (no) sε: “ Musa !”

    [12] Nokorε sε, Me ne wo Wura Nyankopͻn no, enti worͻ wo mpaboa no, efrisε wo wͻ eku anaasε bonhwa kronkron Tuwa no mu

    [13] M’ayi wo (sε Mesomafoͻ) enti tie Adiyisεm a yεreyi (akyerε woͻ no)

    [14] “Nokorε sε, Me ne Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Menko ara, enti som Me, na frε Nyame fa kaekae Me “

    [15] Nokorε sε Dͻnhwere no reba, aka kakraabi sε M’ada no adi sεdeε Metua ͻkra biara mmͻdemmͻ a, ͻbͻeε no so ka

    [16] Enti hwε na w’amma obi a ͻnye nnie, na odi n’apεdeε akyire no antwe wo amfri (Nokorε no) ho amma w’annkͻsopa

    [17] “Mose, εdeεn na εwͻ wonsa nifa mu no?”

    [18] Mose kaa sε: “Ɛyε mepoma: Metu twene no, mede bubu wira ma menyεmmoa, na mewͻ nneεma foforͻ bi nso a me de yε “

    [19] Nyankopͻn kaa sε: “Mose, fa to fͻm .“

    [20] Enti ͻto twenee fͻm, na hwε; ͻwͻ a ͻretwe ne ho aseε bi nie

    [21] Nyankopͻn kaa sε: “Sͻ no mu, ensuro. Yε’bεsan de no aba sεdeε na ͻteε kane no ara

    [22] Twe wonsa bra wonkyεn mu, εbepue aba fitaa a ͻhaw biara nniho, (woi nso) yε nsεnkyerεnee foforͻ

    [23] Sεdeε Yε’bεkyerε wo Yεn nsεnkyerεnee akεseε no mu bie

    [24] Kͻ Farao hͻ, nokorε sε wayε bͻne atra so

    [25] (Mose) kaa sε: ”Me Wura Nyanko-pͻn, bue makoma mu ma me

    [26] Na ma me dwumadie yi nyε bͻkͻͻ ma me

    [27] Na sane apͻ a εwͻ me kεterεma soͻ no

    [28] Sεdeε wͻ’bεte m’asεm aseε

    [29] Na mame boafoͻ fri m’abusua mu

    [30] (a, ͻne) Me nua Aaron

    [31] Na fa no so hyε me den

    [32] Na fa no bata me dwumadie no ho

    [33] Sεdeε yε’bεbͻ wo abodin kεse

    [34] Na y’akaekae wo kεse

    [35] Nokorε sε Wona Wohu yεn (aberε biara)

    [36] Nyankopͻn kaa sε: ”Mose, ampa sε yεde w’abisa deε no ama wo“

    [37] Ampa nso sε, Yε’de Y’adom ama wo pεn wͻ εberε bi

    [38] Ɛberε a Yεnam yikyerε so yi kyerεε wo maame

    [39] Sε: “Fa no to adaka mu, na fa no si nsuo no mu, na nsuo no de no bεba kokoͻ so, na Metamfo ne ne tamfo bεfa no. Na Mede Meho dͻ maa wo, sεdeε yεbεtete wo wͻ M’ani soͻ (anaasε abrε a M’ani tua)

    [40] Ɛberε a wo nua baa (Mar’yam) kͻkaa sε: “Menkyerε mo nea ͻbεhwε no ama mo? Enti Yε’san de wo brεε wo maame, sεdeε n’ani bεgyeε, na ne werε nnhoͻ. Wokum onipa, na Yε’gyee wo frii awerεhoͻ mu, na Yε’de nsͻhwε sͻͻ wo hwεe. Na wotenaa Mad’yanfoͻ no mu mfie bi mu. Afei Mose, wobaa ha sεdeε yahyehyε

    [41] M’atu wo ama Meho (ayε wo Mesomafoͻ)

    [42] Wo ne wo nua (Aaron) monfa Mensεnkyerεnee nkͻ (Farao) hͻ, na monhwε na moammu moani anngu Me ho nkaekaeε so

    [43] Monkͻ (Farao) hͻ. Nokorε sε wayε bͻne atra so

    [44] Monka kasa a emu dwoͻ nkyerε no, na ebia ͻbεfa afutuo no, anaasε ͻbesuro (Nyame)

    [45] Wͻ’kaa sε: “Ye Wura Nyankopͻn, nokorε, yesuro sε anhwε a ͻde ntԑmpԑ ato ahyԑ yԑn so anaasε ͻde asoͻden ayε bͻne bi ama aboroso“

    [46] Nyankopͻn kaa sε: “Ɛmma monnsuro, efrisε Meka moho, Mete na Mehunu nso

    [47] Enti monkͻ ne hͻ, na monka sε: “Nokorε sε yε’yε wo Wura Nyankopͻn no asomafoͻ, enti fa Israel mma no ma yεn; na εnhyε wͻn aniεyaa. Ampa sε yε’de nsεnkyerεnee fri wo Wura Nyankopͻn hͻ aberε wo. Asomdweε no wͻ obia odi tenenee no akyi so

    [48] Ampa sε, y’ayi akyerε yεn sε, asotwee da obia ͻbεbu (Asεm) yi atorͻsεm adane n’akyi ama no so

    [49] Farao kaa sε: “Mose, enti hwan ne mo mmienu Wura Nyankopͻn no?”

    [50] Mose buaa sε: “Ye Wura Nyankopͻn no ne Nea Ɔde ade biara ma sεdeε ne mmͻeε ne nesu siteε, εna Ɔsan kyerε (no) kwan tenenee

    [51] Farao kaa sε: “Enti tetefoͻ awoͻ ntoatoasoͻ no nso ho asεm te sεn?”

    [52] Mose kaa sε: “Ɛno ho nimdeε wͻ Nwoma mu wͻ me Wura Nyankopͻn hͻ; me Wura Nyankopͻn nyε mfomsoͻ, na Ne werε mmfi nso”

    [53] Ɔno na W’ayε asaase atrε mu asε hͻ ama mo, εna W’atwitwa akwan ato mu ama mo, εna Osiane nsuo fri soro, na Yε’de ma nnuaba ahodoͻ fifiri mmienu mmienu (anini ne abedeε)

    [54] Monidi na moma mo nyεmmoa nso nidi. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema mmadwemmafoͻ no

    [55] {Asaase} mu na Yε’bͻͻ mo fire, na emu na Yε’bεma mo asan akͻ, na emu na Yε’bεsan ama mo apue afri wͻ εberε a εtͻso bio (no mu)

    [56] Nokorε sε Yε’de Yεn nsεnkyerεnee no nyinaa kyerεε Farao, nanso obuu no atorͻsεm na ͻpoe (wannye anni)

    [57] Ɔkaa sε: ”Mose, wode wo ntafowa aba rebetu yεn afri y’asaase so?”

    [58] Yε’nso yε’beyi ntafowa a εte saa akyerε wo, enti hyε berε to yε ne wo ntεm; yemmu so, wonso saa ara; (na yenhyia) wͻ bea a εyε pεpεεpε (ma yεn mmienu nyinaa)

    [59] (Mose) kaa sε: ”Ɛberε a yεde ahyε mo no ne Afahyε da no, na ma amanfoͻ no nhyia anͻpa-wia berε (no mu)”

    [60] Enti Farao danee neho kͻ kͻbͻͻ nepͻ na ͻsan bae

    [61] Mose ka kyerεε wͻn sε : “Adi ayε mo! Monhwε na moammͻ motrim antwa nkontompo anto Nyankopͻn so, na anhwε a Ɔde asotwe bεtwe moaso. Ampa sε obi a otwa nkontompo (to Nyankopͻn soͻ) no bedi nkoguo

    [62] Enti wͻ’gyee wͻn ho akyinnye wͻ wͻn nsεm no ho (fa Mose ho), nanso wͻ’de wͻn agyinatuo no siεe

    [63] Wͻ’kaa sε: “Nokorε mu, saa nnipa mmienu yi yε ntafowayifoͻ mmienu a wͻ’pεsε wͻ’de wͻn ntafowa no betu mo fri moasaase soͻ na wͻ’yi moamamerε pa no fri hͻ

    [64] Enti momoa adwen (a mowᴐ) nyinaa ano na monto santen mmra, na ampa sε obi a obedi nkonim nnε no benya sadeε“

    [65] Wͻ’kaa sε: “Mose, wona (wobedikan) atoͻ anaasε yεn na yeni kan ntoͻ?”

    [66] Mose kaa sε: “Daabi, (moni kan) nto. Na hwε (εberε a wͻ’toeε no) wͻn ntafowa no maa wͻn nhoma ne wͻn mmaa no daa adi maa no yεε sεdeε εrekͻ ntεntεm no

    [67] Enti Mose nyaa hubͻ bi wͻ ne mu

    [68] Yε’kaa sε: “Ensuro, nokorε sε wo na w’adi nkonim anaasε wo na wo wͻ soͻ”

    [69] Fa deε εwͻ wonsa nifa mu no to fͻm na εbεmemene deε wͻn ayε no. Deε wͻn ayε no yε ntafowayifoͻ naadaa akwan. Babiara a ntafowayini bi befri aba biara no onni nkonim

    [70] Enti ntafowayifoͻ no de wͻn ho kͻͻ fͻm de wͻn anim butuu fͻm kaa sε. “Y’agye Aaron ne Mose Wura Nyankopͻn no adi “

    [71] Farao kaa sε: “Moagye no adi wͻ aberε a me mmaa mo kwan? Nokorε sε, ͻne mo panin a ͻkyerεε mo ntafowa yie. Enti metwitwa monsa ne mo nnan abͻ no abira na m’abͻ mo asennua mu wͻ akyeresua dua ho, ama moahu nokorε sε, yεn mu nea ͻwͻ asotwee a, ano yε den, na εkyε“

    [72] Wͻ’kaa sε: “Yentumi nnyi wo (Farao) na yenyae nsεnkyerεnee pefee a aba yεn hͻ, ne (Nyankopͻn) no a Ɔbͻͻ yεn no, enti atemmuo (biara) a wowͻ bu (tia yεn no) bu (tia yεn). Wiase asetena yi mu atemmuo na wobetumi abuo”

    [73] Nokorε sε, y’agye ye’Wura Nyankopͻn no adi sεdeε Ɔde yεn mfomsoͻ bεkyε yεn, ne ntafowa yie a wohyεε yεn wͻ ho no. Nyankopͻn na ͻyε (kyεn wo Farao wͻ akatua pa mu) na (N’asotwee nso na) εwͻ hͻ daa”

    [74] Nokorε sε, obia ͻbεba ne Wura Nyankopͻn hͻ na ͻyε bͻneεni no, nokorε sε Amane hunu gya no wͻhͻ ma no. Onnwu wᴐ egya no mu, na onya nkwa nso

    [75] Na obia ͻde gyedie bεba Nehͻ na w’adi dwumapa no, saa nkorͻfoͻ no na gyinaberε a εkorͻn no wͻ wͻn

    [76] Aheman a εwͻ hͻ daa a nsubͻnten nenam aseε no, emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ. Ɛno ne wͻn a wͻ’yεε kronkron no akatua

    [77] Ampa, Ye’yi kyerεε Mose sε: “Fa Menkoa no tu kwan anadwo, na pae εkwan a εso awoͻ ma wͻn wͻ ͻpo no mu, na ensuro sε (Farao ne n’asraafoͻ no) bεto (woͻ), na ensuro nso (sε nsuo bεfa woͻ)

    [78] Farao de n’asraafoͻ tii wͻn, enti nsuo yiri faa wͻn na εkataa wͻn so korakorakora

    [79] Farao yeraa ne nkorͻfoͻ, na w’ankyerε wͻn kwan tenenee

    [80] Israel mma, nokorε sε Yε’gyee mo frii motamfoͻ nsam, εna Yε’ne mo yεε apam wͻ bepͻ Sinia nifa so, na Ye’sianee Mana ne Salwa maa mo

    [81] (Kaa sε): ”Monidi mfri nnepa a Yε’de abͻ mo akͻnhoma no mu, na monhwε na moanyε ho asoͻden, anyε saa a M’abufuo bεba moso, na obi a M’abufuo bεba ne soͻ no, nokorε sε wasopa “

    [82] Nokorε sε, Mena Mede obia ͻsakra n’adwen, na ͻgye die, na odi dwumapa, na ͻfa ͻkwan tenenee no soͻ no bͻne kyε no

    [83] (Ɛberε a Mose kͻͻ bepͻ no so hͻ no Nyame bisaa no sε) : “Mose, εdeεn nti na wode ntεmpε afri wo nkorͻfoͻ no hͻ yi? “

    [84] Ɔkaa sε: “Wͻ’nam manamͻn so di m’akyi, na me Wura Nyankopͻn, meyεε ntεm baa Wohͻ sεdeε wobεgye me ato mu”

    [85] (Nyankopͻn) kaa sε: “Nokorε Y’ayε wo nkorͻfoͻ no nsͻhwε wͻ w’akyi, na Saamiri ayera wͻn“

    [86] Mose de abufuo ne awerεhoͻ san baa nenkorͻfoͻ no hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, enti mo Wura Nyankopͻn anhyε mo bͻ pa? Anaasε bͻhyε no berε no kwan ware mamo anaa, anaasε mopεsε abufuo a efri mo Wura Nyankopͻn hͻ no ba mo soͻ, enti na mobuu bͻhyε a (moahyε) me no soͻ?”

    [87] Wͻ’kaa sε: “Ɛnyε yetumi mu na yεde buu bͻhyε a (yahyε) woͻ no soͻ, na mmon yεde (Farao) nkorͻfoͻ no agudeε adesoa no soaa yεn, na yεto guu (ogya mu) na adwen a Saamirii de baeε ne no

    [88] Oyii nantwi bedeε honam a εwͻ nnee (frii ogya no mu) maa wͻn, ԑna wͻ’kaa sε: ”Woi ne mo nyame no ne Mose nyame no, nanso (Mose) werε afi “

    [89] Enti wͻ’nhunu sε (nantwie no) mma wͻn asεm biara ho mmuaeε, na enni tumi bi a εde ͻhaw anaasε mfasoͻ bi berε wͻn?”

    [90] Ampa sε Aaron dii kan ka kyerεε wͻn sε: “Menkorͻfoͻ, yεde woi ayε mo nsͻhwε, mo Wura no ne Ahummͻborͻ Hene no, enti moni m’akyi na moni m’ahyεdeε so “

    [91] Wͻ’kaa sε: “Yennyae (n’antwi bedeε) no som kͻpem sε, Mose bεsan aba yεn hͻ

    [92] (Mose san baeε no) ͻkaa sε: “Aaron, εdeεn na esii wo kwan (na wantea wͻn) wͻ εberε a wohunuu sε wͻ’reyera

    [93] Na w’anni m’akyi (sεdeε mehyεε woͻ)? Enti w’abu m’ahyedeε so?”

    [94] (Aaron) kaa sε: ”Eno ba, mpari nnsͻ meti anaa mebͻdwesε mu. Nokorε sε, na mesuro sε, anhwε a waka sε: “Wama mpaepaemu aba Israel mma no ntεm, na woantwεn m’asεm a mεka “

    [95] (Mose) kaa sε: ”Saamiri, w’asεm ne sεn?” (Anaasε εdeεn nti na woyεε saa)

    [96] Ɔkaa sε ”Mehunuu deε wͻn nhunuiε, enti me saa (mfuturo me) nsa mma frii ͻbͻfoͻ no anamͻn so, εna meto guu (ogya no a Farao nkorͻfoͻ no agudeε no wͻ mu no mu), na deε ma’dwen kyerεε me ne no “

    [97] (Mose) kaa sε: “Ɛneε fri ha kͻ. (W’aso twee) wͻ asetena yi mu ne sε wobeka sε. “Ɛnsͻ me mu “. Wo wͻ bͻhyε a yemmu soͻ. Hwε wo nyame a wode woho ama no no, nokorε sε yεbεhye no na yato apete wͻ ͻpo no mu“

    [98] Mo Awurade no deε Ɔne Nyankopͻn no a awurade biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara no, na (Ne) nimdeε trε (kata) biribiara soᴐ no

    [99] (Nkͻmhyεni), saa na Yε’rebͻ wo nsεm a asi atwamu no ho amaneε. Ampa sε Yε’de Afutusεm fri Yεn hͻ ama wo

    [100] Na obiara a ͻbεdane ne ho afri ho no, nokorε sε wͻ’bεsoa adesoa a emu yε duro wͻ Wusͻreε Da no

    [101] Emu na wͻ’bεtena, na εbεyε adesoa bͻne ama wͻn wͻ Wusͻreε da no

    [102] Ɛda a yεbεbͻ Totorobεnto no mu (deε εtͻ so mprenu no), saa Da no Yε’bεboa abͻneεfoͻ no ano, wͻn ani bεyε ( tumm) tesε bibire

    [103] Wͻ’bεbrε wͻn nne ase akasa akyerε wͻn ho sε: “Motenaa (wiase) bεyε dadu bi “

    [104] Ye’nim deε wͻ’bεka, εberε a wͻn mu apapafoͻ a wͻ’nim de no bεka sε: “Motenaa bεyε dakoro bi “

    [105] (Nkͻmhyεni), wͻ’rebisa wo fa mmepͻ nso ho asεm. Ka sε: “Me Wura Nyankopͻn bebubu no gͻsͻgͻsͻ atu apete sε mfuturo

    [106] Na W’ama no adaso frεtεtεtεtε ayε no sε apaaso

    [107] Wonhunu deε akyea anaa akontono wͻ so

    [108] Saa Da no (adasamma nyinaa) bedi Ɔfrεfoͻ no a, (nefrε no) nkyea (nkͻ nifa anaa benkum) no akyi, na εnee (biara) bεberε ase ama Ahummͻborͻ Hene no, enti wonte hwee gyesε (nnipa) nan ase dede

    [109] Saa Da no ntwitwagyeε ho mma mfasoͻ (mma obiara) gyesε obi a Ahummͻborͻ Hene no ama no kwan na W’agye N’asεm ato mu

    [110] Onim deε εda wͻn anim (wͻ wiase) ne deε da wͻn akyi (wͻ Daakye Atemmuda), na wͻn nimdeε nnuru Ne nimdeε ho hwee

    [111] Animu nyinaa bεberε wͻn ho ase ama Ɔteasefoͻ no a Ͻde Neho teneho ase daa no. Na ampa sε obi a ͻso bͻne no adi nkoguo

    [112] Na obi a obedi dwuma pa, na ͻyε gyedieni no, onsuro sε yεbesisi no anaasε n’akatua so bεteε

    [113] Saa ara na Y’asiane Qur’aan wͻ Arab kasa mu, εna Y’akyerεkyerε kͻkͻbͻ no wͻ mu sεdeε wͻ’bεsuro Nyame anaasε εbεma wͻn afa adwen

    [114] Enti Nea Ͻyε Okokroko kyεn adeε nyinaa ara no Ɔne Nyankopͻn, Ɔhene Nokwafoͻ ne no. (Nkͻmhyεni), ansa na Qur’aan a yεresiane ama woͻ no bεhyε mma no, enni kan mmpere ho, na kasε: “Me Wura Nyankopͻn, fa nimdeε (no bi) ka me ho “

    [115] Ampa sε Ye’dii kan ne Adam yεε apam na newerε frii, Y’anhunu sε na εyε no anidaaho (na εmaa no yεε asoᴐden)

    [116] (Kae) εberε a Yε’ka kyεrεε Soro abͻfoͻ no sε: “Momrε moho ase mfa moanim mmutu fͻm mma Adam, wͻ’de wͻn anim butuu fͻm (maa Adam), gyesε Iblis, wannyε

    [117] Yε’kaa sε : “Adam, woi yε ͻtamfo ma wo ne woyere, enti (monhwε yie na) w’anntu mo anfri Turo no mu amma moanyε mmͻbͻ.”

    [118] Nokorε sε (Turo yi mu deε) εkͻm nne wo, na wonna adagya nso

    [119] Sukͻm nne wo, na awia nso nnhye wo

    [120] Nanso ͻbonsam bεdaadaa no, ͻkaa sε: “Adam menkyerε wo daa nkwa dua ne ahennie a εnsεe da no?”

    [121] Enti wͻn mmuienu dii (aduaba no) bi, na wͻn adagya daa adi, enti wͻ’fitii aseε de Turo no mu nhahan no bi kataa wͻn ho so. Adam yεε ne Wura Nyankopͻn (asεm ho) asoͻden, na ͻyerae

    [122] Afei ne Wura Nyankopͻn yii no (sε nkͻmhyεni), de ne bͻne kyεε no, kyerεε (no) kwan

    [123] Nyankopͻn kaa sε: “Mo mmienu monsiane (nkͻ asaase so), moyε moho moho atamfoͻ. Enti sε kwankyerε fri Mehͻ ba mohͻ na obia ͻbedi Me kwankerε no akyire no, ͻnyera na ͻnyε mmͻbͻ nso

    [124] Na obi a ͻbetwe ne ho afri M’afutusεm no ho no, obenya ahokyerɛ asetena, na Wusͻreε da no Yε’benyane no onifirani

    [125] Ɔbεka sε: “Me Wura Nyankopͻn adεn na W’anyane me onifirani wͻ aberε a na anka mehunu adeε?”

    [126] Onyankopͻn bεka sε: “Saa ara na Y’asεm baa wo hͻ, nanso wo werε firiiε, na saa ara na εnnε yεwerε afri woͻ “

    [127] Saa ara na Ye’tua obi a odi bͻne na ͻnnye ne Wura Nyankopͻn Nsεm no nnie no so ka. Nokorε sε Daakye asotwee no ano yε den paa, na εwͻ hͻ daa

    [128] Enti awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ a Y’adi wͻn anim kan asεe wͻn a wͻ’nenam faako a na wͻ’teteε no, εnyε kwankyerε (anaasε adesua) mma wͻn? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema mmadwenmmafoᴐ no

    [129] Sε asεm no nnii kan wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, εna yahyehyε εberε no nso ato hͻ a, anka (asotwee no) bԑyε hͻ (ama wͻn wͻ wiase ha)

    [130] Enti (Nkͻmhyεni), wodeε nya deε wͻ’rekeka no ho aboterε, na bͻ wo Wura Nyankopͻn no abodin ansa na awia apue, ansa na akͻtͻ, na bͻ no abodin anadwo dͻnhwere no bi mu, ne awia dͻnhwere no nso mu bi, sεdeε yεbεgye wo atom

    [131] Na εnyene w’ani nnhwε deε Yε’de ama wͻn mu akuakuo no mu bi no; (εyε) wiase afεfεdeε. (Yε’de ama wͻn) sεdeε Yε’de bεyε wͻn nsͻhwε. Wo Wura Nyankopͻn akyεdeε no (a W’ahyε wo ho bͻ wͻ Atemmuda no, εno mmom) na εyε, na εno nso na εwͻ hͻ daa

    [132] Na hyε w’abusuafoͻ ma wͻnfrε Nyame, na nya (Nyamefrε no) ho aboterε. Ye’mmisa wo akͻnhoma. Yεn mmom na Yε’bͻ wo akͻnhoma. Na awieε (pa) no deε εwͻ Nyame-surofoͻ no

    [133] Deε wͻ’ka ne sε: “Adεn na ͻnnfa nsεnkyerεnee bi mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mmerε yεn?“ Nkyerεkyerεmu anaa nyinasoͻ pefee a εwͻ Nwoma a edii kan no mu no mmaa wͻn hͻ

    [134] Sε Ye’dii kan de asotwee sεee wͻn ansa na (Afutusεm) woi (reba) a, anka wͻ’bεkasε: “Ye’Wura Nyankopͻn, adεn nti na Wa’nsomaa ͻsomafoͻ bi wͻ yεn hͻ amma y’anni W’asεm no akyi ansa na fεdeε ne animguaseε reto yεn?“

    [135] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Obiara retwεn, enti monso montwεn na mobehu wͻn a wͻ'nam kwan pεpεεpε no soͻ ne obi a w’atenee

    Surah 21
    Al-Anbiyaa

    [1] Nnipa nkontabuo (berε no) abεn wͻn, nanso wͻ’de anibianaso twi fa so

    [2] Afutusεm foforͻ biara a ebefri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ aba wͻn hͻ no, gyesε wͻ’tie no agodie mu (anaasε wͻ’fa no fεwdie)

    [3] Nsεm hunu na ԑwᴐ wͻn akoma mu. Abͻneεfoͻ no tu agyina kokoa mu (ka sε): “Woi nyε nipa sε moara? Mode moho bεma ntafowa anaa naadaasεm aberε a moani tua?”

    [4] (Nkͻmhyεni) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn Nim asεm biara a εwͻ soro ne asaase so, na Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara, na Ɔno ara ne Onimdefoͻ no a Onim biribiara no

    [5] Daabi, wͻ’ka sε: (Saa Adiyisεm yi tesε) daeε so bi a adi afra. Daabi, w’abͻ netrim (na atwerε), Daabi, ͻyε dwom-toni! (Sε εnte saa a) εneε ͻnfa nsεnkyerεnee bi sεdeε yεde somaa tetefoͻ no (asomafoͻ no) bi mmrε yεn“

    [6] Nkuro a Ye’dii wͻn anim kan sεee wͻn no mu biara nnihͻ a wͻ’gye diiε. Enti wͻn bεgye adi anaa

    [7] (Wᴐn a) Y’edii w’anim kan somaa wᴐn no na wᴐ‎’yԑ nnipa na Ye’yii Adiyisεm no maa wͻn. Enti (Makafoͻ a moregye Muhammad akyinnyeε) sε monnim a, momisa wͻn a wͻ’kaekae (amanfoͻ) no

    [8] Na Y’amma Asomafoͻ no honam a enni aduane, na Y’annyε wͻn (nnipa a) wͻ’bεtena (wiase) afe bͻͻ (na wͻn nwuo)

    [9] Enti Yedii bͻhyε no ho nokorε maa wͻn, na Y’εgyee wͻn ne wͻn a Y’εpε no nkwa, na Y’εsεee nsεmͻnedifoͻ no

    [10] (Adasamma), ampa sε Y’asiane Nwoma a moho afutusεm, moanimuonyam ne monkͻsoͻ ho asεm wͻ mu. Enti monnte (saa adom kεseε yi) ase

    [11] Nkuro dodoɔ sɛn na na wͻ’yε abͻneεfoͻ a Yε’sεee no? Ɛno akyiri no Yε’bͻͻ nnipa foforͻ (dehyεε wͻn anan mu)

    [12] Ɛberε a wͻ’hunuu Y’asotwee no, hwε! (Wͻ’bͻͻ mmͻden sε) wͻ’redwane no

    [13] Monhwε na moandwane, na mmom monsan nkͻ moahodwoͻ abrabͻ a mowͻ mu no mu, ne moasetena a mowͻ mu no mu sεdeε yεbebisa mo asεm

    [14] Wͻ’kaa sε: Adi ayε yεn! Nokorε sε na yε’yε abͻneεfoͻ

    [15] Wͻn suu no deε anyae kͻpem sε Yε’yεε wͻn sε afuo a yatwa emu nnͻbae na atεm dinn

    [16] Ɛnyε agorͻ nti na Yεbͻͻ soro ne asaase ne deε εwͻ mfinfii no

    [17] Sε Yε’pε anigyesεm (sε εyerε anaa mma) a, anka Yε’bεfa no wͻ Yεn hͻ, sε Yε’pε sε yεyε (saa a)

    [18] Daabi, Yε’to Nokorε no bͻ nkontompo no, na (nkontompo no) atu ayera afri hͻ korakora; na hwε na nkontompo asopa. Adi nyε mo wͻ (nkontomposεm a) mode susu (Nyankopͻn) no

    [19] Nea ԑwͻ soro ne asaase soͻ (nyinaa) yε Nedea. Wͻn a wͻn wͻ Nehͻ (Soro abͻfoͻ) no nnyε Nesom ho ahomasoᴐ, na εnha wͻn anaasε wͻ’mmrε nso (wͻ Nesom ho)

    [20] Wͻ’bͻ (no) abodin kamfo no anadwo ne adekyeε (mu nyinaa) na wͻ’mmrε

    [21] Anaasε wͻn anya anyame bi wͻ asaase no so a wͻ’yane awufoͻ

    [22] Sε anyame bi wͻ soro ne asaase so ka Nyankopͻn ho a anka (ͻsoro ne asaase) mmienu (nyinaa) asεe. Kronkron Hene ne Nyankopͻn, Animuonyam ahennie Wura no, Ɔso kyεn sεdeε wͻ’de susu no no

    [23] Obiara ntumi mmisa no wͻ deε Ɔyε ho asεm, na wͻn deε yεbebisa wͻn

    [24] Anaasε wͻn afri N’akyi anya anyame foforͻ bi? (Nkͻmhyεni), ka sε: “Monfa mo nyinasoͻ mmra. Woi ne afutusεm dema wͻn a wͻ’ka me ho ne wͻn a wͻ’dii m’anim kan no. Daabi, wͻn mu pii nnnim Nokorε no, enti wͻ’dane wͻn ho fri ho

    [25] (Nkͻmhyεni), ͻsomafoͻ biara a Ye’dii w’anim kan somaa no no, Adiyisεm a Ye’yi maa no ara ne sε, (ͻmͻ amanfoͻ no kͻkͻ) sε: “Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Me nko ara enti monsom Me “

    [26] Wͻ’keka sε: “Ahummͻborͻ Hene no awo ba. Kronkron Hene ne no. Daabi, wͻn (a wͻ’ka sε wͻ’yε Nyankopͻn mma tesε soro abͻfoͻ ne Yesu no nyinaa) yε (Nyankopͻn) nkoa animuonyamfoͻ

    [27] Wͻ’nni Nyankopͻn anim kan nnkasa, na mmom N’ahyεdeε so na (wͻ’gyina) yε wͻn adwuma

    [28] Onim deε εda wͻn anim ne deε εda wͻn akyi na wͻ’nntumi ntwitwa nnye (obi) gye nea W’agye no ato mu, na Neho suro ma wͻn ho popo

    [29] Wͻn mu nea ͻbefri N’akyi aka sε; “Me yε Nyame” no saa (nipa no) Yε’de Amanehunu gya na ebetua ne so ka. Na saa na Ye’tua abͻneεfoͻ no so ka

    [30] Enti (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no nhunuu sε na anka ͻsoro ne asaase bͻ mu (baako) εna Yε’paee mu? Ɛna adeε a εwͻ nkwa biara Yε’de nsuo na εyͻeε, enti wͻ’nnye nni anaa

    [31] Ɛna Y’ayε mmepͻ de asisi asaase no so pintinn sεdeε εmma (asaase no) nnwoso wͻn, εna Y’atwitwa akwan a εterε wͻ soͻ sεdeε wͻ’bεnante kwan tenenee soͻ

    [32] Ɛna Y’ayε ͻsoro sε (efie) nkurusoͻ a yεwεn, nanso wͻ’dane wͻn ho fri emu nsεnkyerεnee no ho

    [33] Ɔno na Ɔbͻͻ adesaeε ne adekyeε ne awia ne bosome. Emu biara wͻ kwan a εnam soͻ

    [34] (Nkͻmhyεni), Yε’nyεε onipa biara nnii w’anim kan sԑ ᴐbԑtena (wiase) afe bͻͻ. Enti sε wowu a wͻn deε wͻ’bεtena (wiase) afe bͻͻ anaa

    [35] Ɔkra biara bεka owuo ahwε. Yε’de bͻne ne papa nso bεsͻ mo ahwε, na Yε’hͻ na mobεsan aba

    [36] Sε wͻn a wͻ’po nokorε no hu wo a, deε wͻ’yε fa wo ho ara ne sε wͻ’bedi wo ho fεw (aka sε): “Woi na ͻrekasa fa mo abosom no ho no?” Ahummͻborͻ Hene abodin no deε wͻ’mpε

    [37] Yε’bͻͻ onipa wͻ ntԑmpԑ suban mu. Mεkyerε mo Mensεnkyerεnee, enti εmma mommisa Me sε εmmra ntεm

    [38] Deԑ wͻ’ka ne sε: “Ɛberε bεn na saa bͻhyε no besie, sε moyε nokwafoͻ ampa a?”

    [39] Sε wͻn a wͻ’yi boniayε no nim εberε a wͻ’ntumi nnyi egya no mfri wͻn anim anaa wͻn akyi na yεmmoa wͻn no (siteε) a

    [40] Daabi, εbεba wͻn so mpofirem, na wͻ’bεyε basaa, na wͻ’ntumi nnsi ano kwan, na yεmma wͻn ahomegye berε nso

    [41] Ampa sε wͻ’dii asomafoͻ a wͻ’dii w’annim kan no ho fεw, na wͻn a wͻ’dii fεw no, deε wͻ’dii ho fεw no betwaa wͻn ho hyiae

    [42] Kasε: “Hwan na obetumi abͻ mo ho ban afri Ahummͻborͻ Hene no nsam wͻ anadwo ne adekyeε mu? Daabi, (obiara nnihͻ), nanso wͻ’dane wͻn ho fri wͻn Wura Nyankopͻn abodin ne Nenkaekaeε ho

    [43] Anaasε wͻn wͻ anyame a wͻ’bεbͻ wͻn ho ban afri Yεn hͻ? Wͻ’nni tumi a wͻ’de boa wͻn ho na kampεsε wͻ’abͻ wͻn ho ban afri Yεn (asotwee) mu

    [44] Daabi, Yε’bͻͻ woi nom ne wͻn agyanom akͻnhoma kͻpem sε nkwa (nna no) yεε (wͻn ani so) tenten maa wͻn. Enti (boniayεfoͻ no) nhunuu sε Yε’rete nsaase (a na wͻ’di so tumi no) so nkakrankakra firi ahyeε no soͻ? Enti wͻn na wͻ’bedi nkonim

    [45] (Nkͻmhyεni), kasε: “Medeε Adiyisεm no na mede bͻ mo kͻkͻ, na ͻsosifoͻ no deε, sε yεbͻ no kͻkͻ mpo a ͻnnte frε no.“

    [46] Ampa sε wo Wura Nyankopͻn asotwee no ho mframa sͻ wͻn mu a wͻ’bεka sε: “Adi ayε yεn. Nokorε sε na yεyε abͻneεfoͻ”

    [47] Yε’de nokorε nsania no besi hͻ ama Wusͻreε da no, na yennsisi ͻkra biara ketekete koraa. Sε (ne dwuma pa anaa bͻne) mu duro tesε wisa aba mpo a Yε’de bεba (akontabuo mu). Na Yε’sombo wͻ akontabuo ho

    [48] Nokorε sε Yεde Furqaan maa Mose ne Aaron, ne nhyerεnee ne afutusεm dema Nyame surofoͻ no

    [49] Wͻn a wͻ’suro wͻn Wura Nyankopͻn wͻ nsumaeε mu no, wͻn na wͻ’bͻ hu wͻ Dͻnhwere no ho

    [50] Saa (Qur’aan) yi yε Afutusεm a nhyira wͻ mu a Y’asiane; enti mobεpo anaa

    [51] Ampa sε Ye’dii kan de Abraham kwankyerε maa no, na na Ye’nim no yie (fa negyidie ho)

    [52] Ɛberε a ͻka kyerεε na’gya ne nenkorͻfoͻ sε: “Ɛdeεn ne saa ahonin a mode moho ama resom wͻn yi?”

    [53] Wͻ’buaa sε: “Yε’bεtoo Yε’agyanom sε wͻ’resom wͻn

    [54] Ɔkaa sε: “Ampa sε mo ne moagya nom (nyinaa) wͻ ͻyera pefee mu paa“

    [55] Wͻ’kaa sε: “Wode nokorε na aberε yεn anaasε woka wͻn a wͻ’di fεw no ho?”

    [56] Abraham kaa sε: “Daabi, Mo Wura Nyankopͻn no, Ɔne ͻsoro ne asaase Wura a Ɔbͻͻ (soro ne asaase) no, na medeε meka wͻn a wͻ’di woi ho adanseε no ho

    [57] “Medͻ Nyame sε: “Ansa na mobεkͻ adane moakyi asan aba no, na m’abͻ moabosom no ho pͻ (asεe no) “

    [58] Enti obubuu (abosom no) asinasin, na mmom (ogyaa) wͻn mu kεseε no sεdeε wͻ’bεsan abεto no

    [59] (Wͻ’behunuiε no) wͻ’kaa sε: “Hwan na wayε yεn anyame yi seyie? Nokorε sε (saa nipa no), ka abͻneεfoͻ no ho “

    [60] Wͻ’kekaa sε: “Yε’tee sε abranteε bi rekeka wͻn ho asεm (bɔne), yεfrε no Abraham”

    [61] Wͻ’kaa sε: “Monfa no mmra nnipa no anim sεdeε wͻ’bedi ho adanseε ”

    [62] Wͻ’bisaa sε: “Abraham wo na woyεε yεn anyame no seyie yi?”

    [63] Abraham kaa sε: “Daabi, wͻn mu (bosom) kεseε woi na ayε, enti sε (abosom no) kasa a, εneε momisa wͻn“

    [64] Enti wͻ’dwenee ho wͻ wͻn ara wͻn mu, na wͻ’kekaa sε: “Nokorε sε moka abͻneεfoͻ no ho “

    [65] Aniwuo maa wͻ’sisii wͻn ti ase (kaa sε): “(Abraham), wonim yie sε (abosom) woi nom nnkasa “

    [66] Abraham kaa sε “Enti mofri Nyankopͻn akyi som adeε a entumi mma mo mfasoͻ biara na entumi mfa ͻhaw biara nso mma mo?”

    [67] “Moani awu wͻ deε mofri Nyankopͻn akyi som no ho. Enti monni adwen?”

    [68] Wͻ’kaa sε: “Monhye no na mommoa mo anyame, sε mobԑyε (no biribi) a

    [69] Yε’kaa sε: ”Egya, yε nyunu ne asomdweε ma Abraham “

    [70] Wͻ’hwehwεε sε wͻ’bͻ (Abraham) ho pͻ bͻne enti Yε’maa wͻ’yεε berεguofoͻ

    [71] Yε’gyee Abraham ne Lut nso nkwa de wͻn kͻͻ asaase a Y’ahyira so ama amansan no so

    [72] Na Yε’de Is’haaq kyεε no, εna (Yε’yεε) Ya’aquub nso ntosoͻ (maa no), na Yε’maa wͻn mu biara yεε nipa papa

    [73] Yε’yεε wͻn akandifoͻ a wͻ’de Y’ahyεdeε no kyerε (amanfoͻ) kwan, na Ye’yii papayε ne Nyamefrε ne Zaka yie maa wͻn, na (Yεnko ara na na) wͻ’som Yεn

    [74] Lut nso Yε’maa no nyansa ne nimdeε, na Yε’gyee no fri kuro no a na wͻ’yε akyiwadeε no mu. Nokorε sε na wͻ’yε nnipa bͻnefoͻ, ahohwifoͻ

    [75] Yε’de no wuraa Y’ahummͻborͻ no mu. Nokorε sε na ͻka apapafoͻ no ho

    [76] Noa nso, εberε a odii kan su frεε Yεn no, Yε’gyee no so, na Yε’gyee no ne n’abusuafoͻ frii mmusuo kεseε no mu

    [77] Yε’boaa no gyee no frii amanfoͻ no a wͻ’faa Yεn Nsεm no atorͻsεm no nsam. Nokorε sε na wͻ’yε nnipa bͻnefoͻ. Enti Yε’maa nsuo faa wͻn nyinaa

    [78] Dawid ne Solomon nso, εberε a wͻ’buu atεn wͻ afuo bi a nkorͻfoͻ bi nnwan kͻͻ mu adidie anadwo no ho no, na Ye’di wͻn atemmuo no ho adanseε

    [79] Enti Yε’maa Solomon nyaa (asεm no) ho nteaseε. Wͻn mu biara, Yε’maa (no) nyansa ne adwen; na Yε’brεε mmepͻ ne nnomaa ase kaa Dawid ho maa wͻ’bͻͻ Yεn abodin. Yεn na Yε’yεε (woi nom nyinaa)

    [80] Yε’kyerεε Dawid (sεdeε) ͻbεyε dadeε akotadeε ama mo, sεdeε εbεbͻ moho ban wͻ ͻkoo mu. Enti mobeyi (Nyankopͻn) ayε anaa

    [81] Solomon nso (Yε’brεε) mframa a na ԑnam n’ahyԑdeԑ so bͻ dendenden kͻ asaase a Y’ahyira so no soͻ no ase maa no. Na Yε’wͻ biribiara ho nimdeε

    [82] Abonsamfoͻ no mu bi wᴐ hᴐ a wͻ’dͻ sukͻ (koyi nhwene-pa) ma no, san yε nnyuma foforͻ wͻ εno akyi, na Yεn ara na na Yε’wεn wͻn

    [83] Ayuub (Hiob) nso, εberε a ͻsu frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “Nokorε ͻhaw ato me, na Wone Mmͻborͻhunufoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene no

    [84] Enti Yε’gyee ne (sufrε no) so, yii ͻhaw a na ato no no frii neso, na Yε’de n’abusuafoͻ no ne nemmͻhoo bͻͻ hoo maa no εnam Yεn ahummͻborͻ nti; εyε afutusεm dema Nyame-somfoͻ no

    [85] Ne Ishmael ne Idriis ne Zul Kifil; wͻn nyinaa ka aboterεfoͻ no ho

    [86] Yε’de wͻn (nyinaa) wuraa Y’ahummɔborɔ no mu. Nokorε sε wͻ’ka apapafoͻ no ho

    [87] Ɛne Zaa-Nuun (Yona), εberε a ͻde abufuo kͻeε no, na odwen sε Yε’mma ne ho nnkyere no, na osu frεε (Yεn) wͻ sum no mu sε: “Awuarade biara nni hͻ gyesε Wo. Kronkron Hene ne Wo! Nokorε, m’akͻka abͻneεfoͻ no ho”

    [88] Enti Yε’gyee no so na Yε’gyee no fri ͻhaw ne awerεhoͻ no mu, na saa ara na Yε’gye agyidiefoͻ no (fri ͻhaw ne mmusuo mu)

    [89] Ɛne Zakariya, εberε a osu frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “Me Wura Nyankopͻn, enya me ankonam, na Wo na Woyε adedifoͻ no mu papa

    [90] Enti Yε’gyee no so, maa no (ͻba a yεfrε no) Yahaya (Yohane), na Yε’saa ne yere yadeε (maa no woo ba) maa no. Nokorε sε na wͻ’si wͻn ho akan wͻ papayε ho, su frε Yεn wͻ anidaasoͻ ne suro mu; na wͻ’brε wͻn ho ase nso ma Yεn

    [91] Ɛne (ͻbaa bunu Mar’yam) no a ͻhwεε ne ho so yie (wͻ nna mu) no, enti Yε’homee Yε’honhom guu ne mu, na Yε’de ͻne neba (Yesu) yεε nsεnkyerεnee maa amansan

    [92] Nokorε sε, mo man woi yε ͻman baako, na Mene mo Wura Nyankopͻn, enti monsom Me

    [93] Nanso wͻ’paepaee wͻn ntεm wͻ wͻn dwumadie no ho. Yε’hͻ na obiara bεsan aba

    [94] Enti obia obedi dwuma pa na ͻyε gyidieni no, yεmpo ne mmͻdemmͻ a ͻbͻeε no, nokorε sε, Yε’twerε to hͻ ma no

    [95] Nokorε, Ya’bra sε kuro (anaasε nnipa) a Y’asεe wͻn no, bεnsan aba (wiase) bio

    [96] Kͻpem sε yεbebue Yaajuuj ne Maajuuj (Gog ne Magog afri wͻn ban no mu) ama wabͻ yiridi apue afri simpie bea biara mu

    [97] Nokorε nso sɛ, bͻhyε (Da) no abεn. Na (sε nnipa sͻre fri adakamena mu a) wobehunu sε wͻn a wͻ’nnye nnie no ani ahaahae atͻ sa wͻ ehu mu. Wͻ’bεka sε: “Adi ayε yεn. Nokorε, na y’ani nna woi so, daabi na yε’yε abͻneεfoͻ”

    [98] Nokorε sε, mo ne deε mofri Nyankopͻn akyi somoeε no, mone egya no nyentia, εmu na mobεtena afe bͻͻ

    [99] Sε woi nom yε anyame ampa a, anka wͻ’mma (Amanehunu gya no mu) hͻ. Na emu na wͻn nyinaa bεtena afe bᴐᴐ

    [100] Wͻ’bedi apenesie wͻ (egya no) mu, na emu no wͻ’nnte (kasa biara)

    [101] Wͻn nso a papa adi kan afri Yεn hͻ akͻ wͻn hͻ no, wͻ’ne (Amanehunu gya no) ntεm kwan bεwa

    [102] Wͻ’nnte (Ogya no) dede yε no ketewaa bi mpo, na deε εyε wͻn kraa akͻnnͻ no mu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [103] Wͻn werε nnho wͻ ehubͻ kεseε (Da) no ho, na Soro abͻfoͻ behyia wͻn (aka akyerε wͻn sε): “Woi ne moda no a yεhyεε mo ho bͻ no “

    [104] (Kae) Ɛda no a Yε’bεbobͻ ͻsoro sεdeε yεbobͻ nwoma a εkyekyere kraataa ho no. Sεdeε Yε’hyεε kane abͻdeε no aseε no, saa ara na Yε’bεsan (de wͻn aba nkwa mu bio). (εyε) bͻhyε a εda Yεn soͻ. Nokorε nso sε Yε’bεyε

    [105] Ampa sε Yε’twerεε no wͻ Dawid Nyom no mu wͻ afutusεm (a yεde maa Mose) no akyi sε: “Me nkoa apapafoͻ no na wͻ’bedi adeε wͻ asaase no soͻ

    [106] Nokorε sε, amanebͻ (ahodoͻ) a εkͻ asomu wͻ (saa Qur’aan) yi mu de ma nnipa a wͻ’som (Nyame)

    [107] (Nkͻmhyεni), deε enti Yε’somaaa woͻ ne sε, (wogyina hͻ sε) ahummͻborͻ dema amansan nyinaa

    [108] (Nkͻmhyεni), kasε: “Medeε yayi akyerε me sε: “Mo Nyankopͻn no yε Nyankopͻn baako, na enti mobεbrε mo ho ase ayε Muslimifoͻ anaa?”

    [109] Sε wͻ’dane wͻn ho (fri nokorε no ho) a, εneε ka sε: “(Asεm no ho) kͻkͻ pεpεεpε na mede abͻ mo nyinaa no, na mennim sε ebia deε yahyε mo ho bͻ no abεn anaasε εwͻ akyiri

    [110] Nokorε sε, Onim asεm a moka ma no pue εna Onim deε mode suma

    [111] Mennim sε ebia (twεn a Nyankopͻn retwentwεn asotwee no soͻ no) yε nsͻhwε ma mo, anaasε (Ͻde mamo) agye moani akͻpem εberε bi

    [112] (Nkͻmhyεni) ka sε: “Me Wura Nyankopͻn, fa Nokorε no bu atεn. Ye’Wura Nyankopͻn, Ahummͻborͻ Hene no, Nemmoa na yεhwehwε tia deε mode susu (no) no

    Surah 22
    Al-Hajj

    [1] Adasamma, monsuro mo Wura Nyankopͻn; nokorε sε Awosoͻ (Da) no yε dͻnhwere bi a εho asεm so papaapa

    [2] Ɛda a mobehunu no, ͻbaa nufumafoͻ biara werε befri nea ͻrema no nufoͻ no, na ͻpenfoͻ biara bεwo deε ͻyem no awo (mono); na wobehunu nnipa tesε deε wͻn aborͻ, nanso εnyε borͻ na wͻn aborͻ, na mmom Nyankopͻn asotwee no na ano bεyε den paa

    [3] Nnipa no bi wͻ hͻ a wͻ’gye Nyankopͻn ho akyinnyeε a nimdeε (biara) nni mu, na wͻ’di ͻbonsam otuateɛni biara akyi

    [4] Y’ahyehyε no wͻ (ͻbonsam) ho sε, obia ͻde ne ho bεto ne soͻ no, nokorԑ sε ͻbεyera no, na wakyerε no kwan akͻ Amanehunu gyem

    [5] Adasamma, sε moadwen nnsi mo pi wͻ Owusͻreε no ho a, εneε nokorε sε Yε’bͻͻ mo (Nana Adam) fri nεteε mu, ԑna afei (yε’bᴐͻ mo) fri ahobaeε mu, εna afei mogyatoa mu, εna afei namkum a adi mmu ne deε ennii mmu mu, sεdeε Yε’bεkyerε (Ye’tumi) akyerε mo. Deε Yε’pε no na Y’ama no agyina wͻ awodeε no mu akͻpem εberε a yahyε, ansa na Y’ama mo apue (afri yafunu mu) sε nkͻdaa, ansa na mo (anyin) aduru mo mpanin berε mu. Momu bi wͻ hͻ a yεma no wu (wͻ nkͻdaa berε mu anaasε ne mmrante berε anaa ne mmabaa berε mu), mo mu bi nso wͻ hͻ a yεsan no kͻ nkwa (nna) a enni mfasoͻ no mu a enti (ne) nimdeε akyiri no na onnim hwee bio. Wohunu asaase a awoͻ, sε Ye’siane nsuo gu so a, εkeka ne ho na ahono-hono, na nuaba ahodoͻ fεfεεfε apuepue mu

    [6] Saa na εteε, efrisε Nyankopͻn ne Nokorε no, na Ɔno na Ɔma owufoͻ nkwa, nokorԑ nso sԑ Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumi

    [7] Nokorε nso sε Dͻnhwere no reba a akyinnyeε (biara) nni ho; nokorε nso sε Nyankopͻn benyane wͻn a wͻn wͻ adakamena mu no

    [8] Nnipa no bi wͻ hͻ a wͻ’gye Nyankopͻn ho akyinyeε a nimdeε anaa tenenee anaa Nwoma a εhyerεn biara nni ho

    [9] Ɔdane neho (fri nokorε no ho) wͻ ahomasoͻ mu sεdeε ͻbεyera (amanfoͻ) afri Nyame kwan no soͻ, (saa nipa no) wͻ animguaseε wͻ wiase yi mu, na Yε’bεma no aka ͻhyeε asotwee no ahwε

    [10] Saa, efri deε wonsa adi ato w’anim no ho nti, na Nyankopͻn deε Onsisi N’akoa

    [11] Nnipa no bi nso wͻ hͻ a wͻ’gyina εhyeε so na wͻ’som Nyame (anaasε wͻ’som Nyame nanso wͻn adwen nnsi pi), enti sε papa to no a na n’akoma atͻ ne yεm wͻ ho, sε nsͻhwε bi nso to no a na w’adane n’akyi ama. W’ahwere wiase ne Daakye no. Ԑno ne berεguo pefee no

    [12] Ofri Nyankopͻn akyi su frε adeε a entumi mfa ͻhaw biara mma no na entumi mma no mfasoͻ biara nso. Ɛno ne ͻyera a εkͻ akyirikyiri paa no

    [13] Osu frε deε ne haw bεn kyεn ne mfasoͻ. Nokorε sε okyitaafoͻ bͻne ne ͻyͻnko bͻne paa ne no

    [14] Nokorε sε Nyankopͻn de wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no bewura Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu. Nokorε sε, Nyankopͻn deε Ɔyε deε Ɔpε

    [15] Obi a ͻdwen sε Nyankopͻn mmoa (Nkͻmhyεni Muhammad) wͻ wiase ne Daakye no, ͻnfa kwan bi so ntenten nkͻpem soro, na ontwa (mmoa no) mu, afei ͻnhwε sε nepͻ a ͻbͻeε no betumi ayi deε nebo fuu ho no afri hͻ anaa

    [16] Saa ara na Y’asiane nsεnkyerεnee pefee no, na nokorε sε Nyankopͻn kyerε obi a Ɔpε kwan

    [17] Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie no, ne wͻn a wͻ’yε Yudafoͻ ne Sabeanfoͻ ne Kristofoͻ ne Majusfoͻ, ne wᴐn a wayԑ Nyame ho mmataho no, nokorε sε Nyankopͻn bebu wͻn ntεm atεn wͻ Wusͻreε da no. Nokorε sε, Nyankopͻn ne biribiara ho Dansefoͻ

    [18] Wonhunuu sε Nyankopͻn na nea εwͻ soro ne nea εwͻ asaase soͻ, ne awia ne bosome ne nsoromma ne mmepͻ ne nnua, ne mmoadoma ne nnipa no mu pii de wͻn anim butu fͻm ma no? (Nnipa no mu) pii nso asotwee no ayε nokorε atia wͻn. Obi a Nyankopͻn begu n’anim aseε no (saa nipa no) nnya animmonyam. Nokorε sε Nyankopͻn deε Ɔyε deε Ɔpε

    [19] Woi nom (Agyidiefoͻ ne Kaafirfoͻ no yε) mansotwefoͻ mmienu a wͻ’retwe wͻn Wura Nyankopͻn ho manso. Enti wͻn a wͻ’yi boniayε no, y’atwa egyem atadeε ama wͻn. Ye’behwie nsuohyeε a ahuru paa agu wͻn tri so

    [20] Ɛbεma deε εwͻ wͻn yԑm ne wͻn honam mu no anane

    [21] Wͻn wͻ dadeε aporibaa (a yεde bεtwe wͻn aso)

    [22] Ԑberε biara a wͻ’pε sε wͻ’fri emu ahoͻyaa (anaa emu haw) no mu no, na yasan aka wͻn kͻ mu, na (yaka akyerε wͻn sε): ”Monka ͻhyeε asotwee no nhwε

    [23] Nyankopͻn de wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no bewura Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu. Yε’de sika kͻkͻͻ mpͻkoaa ne nhwene pa bεsiesie wͻn. Ntoma a wͻ’befira no wͻ hͻ ne kyeme ntoma (anaa serekye)

    [24] Yε’kyerεε wͻn kwan kͻͻ asεm papa no mu (wͻ wiase ha), na yεkyerεε wͻn kwan kͻͻ (Otumfoͻ no a) Ayeyie fata no no kwan no so

    [25] Nokorε sε wͻn a wͻ’po nokorԑ, na wͻ’si (amanfoͻ) kwan fri Nyame kwan no soͻ, ne Nyamedan Kronkron a Ya’yεhͻ (nhyehyεε) pεpεεpε ama nnipa (nyinaa) ͻmani ne ͻhͻhoͻ; obi a n’adwen ne sε ͻbεyε bͻne wͻ hͻ no deԑ, Yε’bεma no aka asotwee yaaya no ahwε

    [26] Kae εberε a Yε’kyerεε Abraham (Ka’aba) Fie no si berε no, (Yεka kyerεε no) sε: “Ɛmfa biribiara mmata Meho, na te Me Fie no ho ma wͻn a wͻ’twa ho hyia, na wͻ’gyina hͻ bͻ mpaeε, na wͻ’bͻ wͻn mu aseε de wͻn anim butu fͻm “

    [27] “Na bͻ Haji no ho dawuro kyerε amanfoͻ; nnipa nam wͻn nnan so, ne wͻn a wͻ’te yoma a wafͻn so bεba wo hͻ, wͻ’befri akyirikyiri baabiara aba “

    [28] Sεdeε wͻ’bεba abεhwε deε εyε mfasoͻ ma wͻn, na wͻ’abͻ Nyankopͻn abodin wͻ nna a yahyε no mu wͻ deε Yε’de abͻ wͻn akͻnhoma no ho, a εyε nyεmmoa no. Na moni mu bi, na moma ohiani a neho akyere no no nso biribi ni

    [29] Afei wͻ’nwie wͻn (Nyamesom) amaneε no, na wͻni wͻn bͻhyε so, na wͻntwa Tete Fie dadaa (Ka’ba) no ho nhyia

    [30] Ɛno ne (Haji mu dwumadie no), na obi a ͻde obuo ne anidie bεma Nyankopͻn amaneε Kronkron no, εyε ma no wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ. Mowͻ nyεmmoa no nso ho kwan, gyesε deε yakenkan akyerε mo no, enti montwe moho mfri abosom fii ho na montwe moho mfri atorͻsεm (anaasε adanse kurumuu) ho

    [31] Montene moho nni nokorε ma Nyankopͻn; monhwε na moanfa biribiara ammata Neho. Obi a ͻyε Nyankopͻn ho mmataho no, ͻtesε obia ofri soro ate ahweε na nnomaa ahwim no kͻ, anaasε mframa abͻ no akͻto akyirikyiri baabi

    [32] Saa na εteε, obia ͻde obuo ne anidie bεma Nyankopͻn nsεnkyerεne deε no, nokorε sε efri akoma a εho teε anaa esuro Nyame mu

    [33] Mowͻ mfasoͻ wͻ (nyεmmoa a mode bͻ afͻdeε no) so kosi εberε a yahyε; na n’afͻrebͻ-bea no ne Tete Fie dada no ho

    [34] Yε’hyehyεε (Nyamesom ho) amaneε maa ͻman biara, sεdeε wͻ’bεbͻ Nyankopͻn din wͻ nyεmmoa a Yε’de abͻ wͻn akͻnhoma no ho. Mo Nyankopͻn no Ɔyε Awurade baako, enti Ɔno na momerε moho ase mfa ma no. Enti fa (Aheman no mu) anigyesεm no ho bͻhyԑ no ma ahobraseεfoͻ no

    [35] Wͻn a sε yεbͻ Nyankopͻn din a wͻn akoma bͻ binim no, ne wͻn a wͻnya aboterε wͻ ͻhaw bi a ato wͻn no ho, ne wͻn a wͻ’frε Nyame wͻ ne berε mu, na deε Yε’de abᴐ wͻn akᴐnhoma no wͻ’yi mu bi dema

    [36] Nyoma (a yεde wͻn bͻ afͻdeε no) nso Y’ayε wͻn sε Nyankopͻn nsεnkyerεnee deε ama mo; adepa wͻ wͻn mu ma mo. Enti momͻ Nyankopͻn din ngu wͻn so wͻ εberε a moato wͻn santen (na mode wͻn rebͻ afͻdeε no). Sε wͻ’tͻ wͻn nkyεn mu a moni bi, na monfa bi mmͻ ohiani a n’ani sͻ deε ͻwͻ na ͻnsrε adeε, ne nea ͻsrε adeε no akͻnhoma. Saa na Y’abrε (nyεmmoa no) ase ama mo sεdeε mobeyi ayε

    [37] Wͻn nnam anaasε wͻn mogyaa no nnuru Nyankopͻn hͻ, na mmom Nyame-suro a efri mohͻ na eduru Nehͻ. Saa na W’abrε (mmoa) no ase ama mo sεdeε mode Nyankopͻn Kεseyε bεma no wͻ kwan a W’akyerε mo no so. Fa Aheman no mu) anigyesεm no ho bͻhyԑ ma apapafoͻ no

    [38] Nokorε sε Nyankopͻn bͻ wͻn a wͻ’agye adie no ho ban. Nokorε sε Nyankopͻn mpε (onipa) biara a odi hwammͻ, na wͻ’yε boniayεni no asεm

    [39] Yԑma (ᴐsa tuo) ho kwan ma wͻn a yatu wͻn so sa no, efiri sε yasisi wͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn wͻ tumi sε Ɔboa wͻn

    [40] (Wͻ’ne) wͻn a ya’tu wͻn afri wͻn afie mu a enni ho kwan sε εba saa, εnam sε wͻn aka sε: “Yε’Wura ne Nyankopͻn nti”. Sε Nyankopͻn amfa nnipa no bi ammͻ wͻn ho-wͻn-ho ban a, nokorε sε anka Nyame somfoͻ fekuo fie ne asͻredan ne ahyiadan ne Nyame-dan a yεkae Nyankopͻn din wͻ mu keseε no (nyinaa) abubu agu. Nokorε sε Nyankopͻn bεboa nea Ɔboa no. Nokorε sε Nyankopͻn ne ͻhoͻdenfoͻ, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε

    [41] (Wͻn a wͻ’fata Nyankopͻn mmoa no ne): Wͻn a sε Yε’ma wͻn tumi wͻ asaase no so a, wͻ’frε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻ’yi Zaka, na wͻ’hyε (amanfoͻ) ma wͻ’di dwuma pa, na wͻ’bra (amanfoͻ) amumuyε. Nyankopͻn hͻ na dwumadie biara awieε kowie

    [42] Sε wͻ’bu wo ͻtorofoͻ a, Noa nkorͻfoͻ ne Aadfoͻ ne Samuudfoͻ dii w’anim kan buu (wͻn Asomafoͻ) no atorofoɔ

    [43] Abraham nkorͻfoͻ ne Lot nkorͻfoͻ no (nso saa ara)

    [44] Ne Madiyanfoͻ nso; εna Mose nso yebuu no ͻtorofoͻ. Nanso Memaa boniayεfoͻ no berε, ansa na Meresͻ wͻn mu, na sεdeε M’asotwee (huu) siteε

    [45] Nkuro pii na wͻ’dii bͻne nti Yε’sεee wͻn, enti efri nepadeε so sεe koraa. Na nsubura sεn, ne adampa anaa abansoroͻ akεseε sεn na εdedaa mpan

    [46] Enti wͻ’nntu kwan wͻ nsaase no so (nhwε deε εtoo adikanfoͻ no a wͻ’yεε asoͻden no), sεdeε wͻ’benya akoma a εte asεm aseε, ne aso a, yεde tie asεm? Nokorε, εnyε ani no na afira na mmom akoma a εwͻ kokoͻ no mu no na n’ani afira

    [47] (Nkͻmhyεni), wͻ’repre ho sε ma asotwee no mmra ntεm. Onyankopͻn deε Ommu Nebͻhyε so. Nokorε sε dakoro a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ no tesε mfie apem sεdeε mobu moakontaa no

    [48] Nkuro pii na wͻ’dii bͻne, nanso Memaa wͻn berε. Akyire no Mesͻͻ wͻn mu. Na Mehͻ ne (obiara) nkyi

    [49] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Adasamma, nokorε sε medeε meyε kͻkͻbͻni pefee ma mo”

    [50] Enti wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, wͻn wͻ bͻnefakyε ne akyεdeε a animuonyam wͻ mu

    [51] Na wͻn a wͻ’bͻ mmͻden ko tia Yεn Nsεm sεdeε wͻ’bεma no ayε kwa no, saa nkorͻfoͻ no ne Amane hunu gya no mu foͻ no

    [52] Ɔsomafoͻ anaasε nkͻmhyεni biara a Yε’somaa no dii w’anim kan no, sε ᴐka asεm no a, gyesε ͻbonsam de (nkontompo) hyε n’asεm a waka no mu, nanso Nyankopͻn pepa deε ͻbonsam de ahyε mu no, na Nyankopͻn ama N’asεm no agyina. Na Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, na Ɔno ara nso ne Onyansafoͻ

    [53] Sεdeε Nyankopͻn de deε ͻbonsam de abεhyε mu no bεyε nsͻhwε ama wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no, ne akomadenfoͻ no. Nokorε sε abͻneεfoͻ no wͻ ͻkotia mu dendeenden paa

    [54] Sεdeε wͻn a yama wͻn nimdeε no nso behunu sε (Qur’aan) ne Nokorε a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ, na wͻ’bεgye adie na wͻ’bεbrε wͻn akoma ase de ama. Nokorε sε Nyankopͻn ne agyidiefoͻ no Kwankyerεfoͻ (a Ͻkyerε wͻn kwan) kͻ ͻkwan tenenee no soͻ

    [55] Wͻn a wͻ’nnye nnie no nyaee (wͻn adwen a) ensipi wͻ (Qur’aan) ho no, kͻpem sε Dͻnhwere no bεba wͻn so mpofire mu, anaasε asotwe bi bεba wͻn so wͻ Dabͻne bi mu

    [56] Saa Da no Ahennie no wͻ Nyankopͻn. Obebu wͻn ntεm atεn. Enti wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’redi dwuma pa no wͻ Anigyeε Aheman no mu

    [57] Na wͻn a wͻ’yi boniayε na wͻ’bu Yεn Nsεm no atorͻsεm no, saa nkorͻfoͻ no na animguaseε asotwee no bεyε wͻn dea

    [58] Wͻn a wͻ’tuu amantuo wͻ Nyankopͻn kwan soͻ, na yekum wͻn anaasε wͻ’wuiε no, ampa sε Nyankopͻn bεkyε wͻn akyεdeε pa. Nokorε sε Nyankopͻn na N’adekyεε yε kyεn wͻn a wͻ’kyε adeε (nyinaa)

    [59] Nokorε sε Ɔbεma wͻn awura bea a wͻn ani bεgye ho paa, na nokorε nso sε, Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, na Ɔne Ntoboaseε Hene

    [60] Saa na εteε. Obia ͻde aniεyaade a yεde ahyε no no sεso betua obi so ka, na afei yεbedi no amim no, nokorε sε Nyankopͻn bεboa no. Nokorε sε Nyankopͻn ne bͻne fafiri Hene, na Ɔne Bͻnefakyε Hene

    [61] Saa na εteε, efrisε Nyankopͻn ma adesaeε wura adekyeε mu, εna Ɔma adekyeε nso wura adesaeε mu, na nokorε sε Nyankopͻn na Ɔte biribiara, na Ɔno ara nso na Ohunu biribiara

    [62] Saa na εteε, efrisε Nyankopͻn ne Nokorε no, na deε wͻ’fri N’akyi su frε wͻn no (nyinaa) yε nkontompo, nokorε nso sε, Nyankopͻn ne Okokuroko no, na Ɔno ara nso ne Ɔkεseε no

    [63] Wonhunuu sε Nyankopͻn siane nsuo fri soro dema asaase yε frͻmfrͻm? Nokorε sε Nyankopͻn yε Onitefo, Ɔne Amanebͻfoͻ

    [64] Adeε a εwͻ soro ne adeε a εwͻ asaase so (nyinaa) yε Nedea. Nokorε sε Nyankopͻn ne (Otumfoͻ a) W’anya Neho a Onhia obiara biribiara, na Ɔno ne Ayeyie Wura no

    [65] Wonhunuu sε, Nyankopͻn abrε deε εwͻ asaase so nyinaa ase ama mo, εne nsuom hyεn a εnam ͻpo so wͻ Na’hyεdeε mu? Ɛna W’asͻ ͻsoro mu sεdeε εnte mmεhwe asaase no soͻ, gyesε N’akwamma mu. Nokorε sε Nyankopͻn yε Mmͻborͻhunufoͻ dema adasamma, na Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene

    [66] Ɔno na Ɔde mo baa nkwa mu, εna Ɔbεsan ama mo awuo, na W’asan ama mo nkwa. Nokorε sε Onipa yε boniayεfoͻ

    [67] Yε’maa ͻman biara Nyamesom ho amaneε a na wͻ’nam so (som), enti (abosomsomfoͻ no) nhwε na wͻ’annye wo akyinnye wͻ dwumadie no ho. Na frε (amanfoͻ) kͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε wowͻ ͻkwan tenenee paa so

    [68] Sε wͻ’gye wo akyinnye (wͻ mmoa kum no ho) a, ka sε: ”Nyankopͻn Nim dwuma a modie (nyinaa) “

    [69] Nyankopͻn bebu montεm atεn wͻ Wusͻreε da no wͻ deε mogye ho akyinnyeε no ho

    [70] Enti wonnnim sε, Nyankopͻn Nim deε εwͻ soro ne asaase soͻ? Nokorε sε woi (nyinaa) wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε εno deε εyε mmrε ma Nyankopͻn

    [71] Wͻ’fri Nyankopͻn akyi som deε yensianee εhoo nyinasoͻ anaasε tumi biara mmaeε, na wͻ’nni ho nimdeε nso. Abͻneεfoͻ no deε wͻ’nni boafoͻ

    [72] Sε yεrekenkan Yεn Nsεm pefee no kyerε wͻn a, wobehunu no wͻ wͻn a wͻ’nnye nnie no anim sε wͻ’mpε, aka kakraabi sε wato ahyε wͻn a wͻ’rekenkan Yεn Nsεm kyerε wͻn no so. (Nkͻmhyεni), kasε: “Menkyerε mo deε εyε bͻne kyεn woi?” Amanehunu gya no a Nyankopͻn ahyε ho bͻ akyerε wͻn a woyi boniayε no. (Saa bea no) yε nkyi bͻne paa

    [73] Adasamma, yεreyε mfatoho bi enti montie: “Nokorε sε, wͻn a mofri Nyankopͻn akyi su frε wͻn no ntumi mmͻ nwansena, sε wͻn nyinaa boa wͻn ho ano mpo (sε wͻ’bεbͻ nwansena) a. Na sε nwansena hwim wͻn hͻ biribi nso a, wͻ’ntumi nye mfri ne hͻ. Nea ᴐrehwehwԑ, ne nea yԑrehwehwԑ afri nehᴐ no nyinaa nni ahoͻden

    [74] Wͻ’nnfa obuo mma Nyankopͻn sεdeε εfata sε wͻ’de obuo ma no no. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε

    [75] Nyankopͻn yi asomafoͻ fri Soro abͻfoͻ mu, εna nnipa mu nso (saa ara). Nokorε sε Nyankopͻn na Ɔte biribiara, na Ohunu biribiara

    [76] Onim deε εda wͻn anim ne deε εda wͻn akyi. Nyakopͻn hͻ na dwumadie nyinaa san kowie

    [77] Mo a moagye adie, momͻ momu ase, na monfa moanim mmutu fͻm, na monsom mo Wura Nyankopͻn, na monyε papa sεdeε mobedi nkonim

    [78] Na momͻ Nyankopͻn ho mmͻden biara a εfata sε mobͻ fa Neho. Ɔno na Wͻ’ayi mo asihͻ, Ɔnfaa adesoa biara (a ԑyԑ den) nsoaa mo wͻ Nyamesom no mu. Moagya Abraham som no ara ne no. Ɛyε Ɔno (Nyankopͻn) na Ɔtoo mo din sε Muslimifoͻ dadaada (wͻ Nwoma edii kan no mu) εna (Qur’aan) woi mu nso, sεdeε Ɔsomafoͻ no bedi mo ho adanseε, na monso moadi nnipa no ho adanseε. Enti monfrε Nyame wͻ neberε mu na monyi Zaka, na monsᴐ Nyankopͻn mu dendeenden. Ɔno ne mo Kyitaafoͻ, Okyitaafoͻ papa ne no, na Ɔne Ɔboafoͻ papa no

    Surah 23
    Al-Mu’minuun

    [1] Ampa sε, agyidiefoͻ no adi nkonim

    [2] (Agyidiefoͻ) no a wͻ’nya suro anaa wͻ’berε wͻn ho ase wͻ wͻn Nyamefrε mu no

    [3] Ne wͻn a wͻ’twe wͻn ho fri ahuhusεm (tesε nkontompo, atεm didie, kasa fii, ahohwi bra anaa adeε biara a egu onipa ho fii) ho

    [4] Ne wͻn a wͻ’yi Zaka

    [5] Ne wͻn a wͻ’hwε wͻn mmarima so yie, (anaasε wͻ’twe wͻn ho fri adwamammͻ) ho

    [6] Gyesε wͻn yerenom (nko ara) hͻ, anaasε wͻn (mfenaa) a wͻ’yε wͻn dea no hͻ.. Nokorε sε woi nom na soboͻ biara nna wͻn soͻ

    [7] Obi a ͻbefri (mmaa a yakyerε mu yi) akyi no, wͻ’ne mmratofoͻ no

    [8] Ne wͻn a wͻn nhwεsodeε a yεde ahyε wͻ’nsa, ne wͻn bͻhyε nso wͻ’hwε so yie di mu nokorε

    [9] Ne wͻn a wͻ’hwε wͻn Nyamefrε so yie

    [10] Woi nom ne adedifoͻ no

    [11] Wͻn na wͻ’bedi adeε wͻ Aheman Firdaws no mu, na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [12] Ampa sε Yε’bͻͻ onipa frii nεteε a yasͻne soͻ mu

    [13] Afei Yε’yεε no nkwaboa de no hyεε bea bi a εhͻ dwoͻ mu

    [14] Afei Yε’yεε nkwaboa no mogyatoa, εna Yε’bͻͻ mogyatoa no (yεε no) namkum, εna namkum no Yε’bͻͻ nnompe (hyehyεε mu) εna Yε’de nnam duraa nnompe no ho, ansa na Yεrebͻ no abͻdeε foforͻ. Enti nhyira Wura ne Nyankopͻn, ͻbͻͻ adeε mu Ɔbͻͻ adeε papa no

    [15] Afei εno akyiri no nokorε sε mobewu

    [16] Afei nokorε sε, Wusͻreε da no yεbenyane mo

    [17] Ampa sε Y’abͻ akwan nson wͻ moapampamu soro, na Yemmu Y’ani nguu abͻdeε no so

    [18] Ɛna Ye’siane nsuo fri soro sεdeε εsε, na Ya’ma no akogyina asaase no mu, nokorε sε Yε’wͻ (nsuo) no korͻ no so tumi

    [19] Na Yε’de (nsuo no) ama akyiresua ne bobe turo afifiri ama mo. Mowͻ nnuaba pii nso wͻ mu a modi mu bie

    [20] Ne nnua a efifri wͻ Sinai bepͻ no so a εma ngo, na εyε dε ma wͻn a wͻ’die no

    [21] Nokorε nso sε, adesua wͻ nyεmmoa no mu ma mo. Yε’ma mo nom deε εwͻ wͻn yafunu mu; monya mfasoͻ pii nso wͻ wͻn ho, na wͻn mu bi nso mowe wͻn (nnam)

    [22] Ɛna (nyεmmoa no bi nso motena wͻn) so, nsuo mu hyεn mu nso motena (mu)

    [23] Nokorε sε, Yε’somaa Noa maa no kͻͻ nenkorͻfoͻ hͻ. Ɔka kyerεε wͻn sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na monni awurade biara ka ne ho. Enti monsuro Nyame anaa

    [24] Nhemfo a εwͻ nenkorͻfoͻ no mu a wͻ’po nokorԑ no kaa sε: “Woi yε onipa tesε mo ara, ͻpεsε ͻma ne ho so wͻ moso. Sε Nyankopͻn pε a anka obesiane Soro abͻfoͻ. Yε’ntee saa (asεm yi ho mpanin sεm da) wͻ Yεn agyanom tetefoͻ no hͻ

    [25] Ɔyε onipa a wabͻ dam, enti montwεn (anaa) monya neho aboterε nkͻpem εberε bi

    [26] (Noa) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, boa me fa ͻtorofo a a wͻ’bu me no ho”

    [27] Enti Ye’yi kyerεε no sε: “Yε nsuom hyεn a Y’ani tua, sεdeε Y’ayi akyerε woͻ no. Sε Y’ahyεdeε no ba na sε nsuo pie fri asaase anaa fononoo no mu a, deε εyε onini ne bedeε biara no fa mmienu, ne w’abusuafoͻ kͻ nsuom hyεn no mu; gyesε wͻn mu wͻn a asεm no adikan atia wͻn no, na hwε yie na w’ankasa Me ho (sε worepa kyεw) ama abͻneεfoͻ no, nokorε sε nsuo bεfa wͻn

    [28] Sε wone wͻn a wͻ’ka wo ho no tena nsuom hyεn no mu a, ka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a W’agye yεn afri nnipa bͻnefoͻ no nsam

    [29] Na ka sε: “Me Wura Nyankopͻn, fame koduru dwoodwoo na Wona Wode (onipa) koduru dwoodwoo

    [30] Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu. Nokorε nso sε Yεn na Yε’sͻ (onipa) hwε

    [31] Afei Yε’bͻͻ awoͻ ntoatoasoͻ foforͻ wͻ wͻn akyi

    [32] Enti Yε’somaa ͻsomafoͻ fri wͻn mu sε, (ͻnka nkyerε wͻn sε): “Monsom Nyankopͻn, na monni awurade biara ka ne ho, enti monsuro {Nyame} anaa?”

    [33] Nenkorͻfoͻ no mu nhemfo no a wͻ’nnye nnie, na wͻ’bu Daakye nhyiamu no atorͻsεm, na Y’adom wͻn wiase asetena mu ahonyadeε no kaa sε: “Woi yε onipa tesε mo ara; deε modie no mu bi ara na odie, εna deε monom no mu bi ara nso na ͻnom

    [34] Sε modi onipa tesε mo ara akyi a, εneε nokorε sε na moaberε agu paa

    [35] Ɔrehyε mo bͻ sε nokorε, εberε a moawu na moayε mfuturo ne nnompe no, yεbεma mo asan aba (nkwa mu bio)

    [36] Deε yεrehyε mo ho bͻ no (ne nokorε) ntεm kwan ware, εkwan ware paa

    [37] Ɛno ara ne yεn wiase asetena yi. Yerewu na Yε’te ase (anaasε ebi rewu na ebi nso te ase, anaa yεrewu na yεrewo ebi nom nso). Na ԑmma sԑ yεbenyane yεn

    [38] Ɔnyε hwee, na mmom ᴐyԑ onipa a ͻretwa nkontompo ato Nyankopͻn soͻ, na yεnnye no nni (da)”

    [39] Ɔkaa sε. “Me Wura Nyankopͻn, boa me fa nkontompo a wͻ’bu me no ho.“

    [40] Nyankopͻn kaa sε: “Ɛnkyε koraa wͻ’benu wͻn ho “

    [41] Enti nteamu no sͻͻ wͻn mu nokorε mu, na Yε’yεε wͻn sε nwira (a yatwa ama no awoͻ). Enti nnipa bͻnefoͻ no frii hͻ

    [42] Afei Yε’bͻͻ awoͻ ntoatoasoͻ foforͻ wͻ wͻn akyi

    [43] Ɔman biara ntumi ntwe wͻn berε (a yahyε ama wͻn sε wͻ’befri wiaseε no) mma animu, na wͻ’ntumi nso ntwe nnkͻ akyire

    [44] Afei Yε’somaa Y’asomafoͻ no toatoaa so, na εberε biara a amanfoͻ bi somafoͻ bεba wͻn hͻ no wͻ’bu no ͻtorofoᴐ, enti Yε’maa wͻ’didii wͻn-ho-wͻn-ho akyi, na Yε’de wͻn yεε asεmnahͻͻ. Enti amanfoͻ a wͻ’nnye nnie no frii hͻ

    [45] Afei Yε’de Yεn nsεnkyerεnee ne nyinasoͻ anaasε tumi pefee somaa Mose ne ne nua Aaron

    [46] Kͻͻ Farao ne nenhemfo hͻ, nanso wͻ’yεε akεsesεm, na wͻ’yε nnipa bi a wͻ’yε ahomasoͻ papaapa

    [47] Wͻ’kaa sε: “Enti yεnye nnipa mmienu a wͻ’tesε yεn ara nni, aberε a wͻn nkorͻfoͻ som yεn anaasε wͻ’yε yε’nkoa?”

    [48] Wͻ’buu wͻn mmmienu atorofoᴐ, enti wͻ’bεkaa wͻn a yεsεee wͻn no ho

    [49] Ampa sε, Yε’de Nwoma no (Tora) maa Mose sεdeε (Israel mma no) benya kwankyerε

    [50] Yε’de Mar’yam ba no nso ne ne maame yεε nsεnkyerεnee, na Yε’de wͻn tenaa pampaso (anaa asaase) a εkorͻn a nsuo wͻ soͻ so

    [51] Asomafoͻ, monidi mfri nnepa no mu, na moni dwuma pa. Nokorε sε, Menim dwuma a modie nyinaa

    [52] Nokorε sε, moman woi yε ͻman baako, na Mene mo Wura Nyankopͻn, enti monsuro Me

    [53] Nanso (nnipa) atwa wͻn Nyamesom dwumadie (koroyε no) mu ama wͻ’gu akuo-akuo; fekuo biara anigye deε ͻwͻ no ho

    [54] Enti gyae wͻn wͻ wͻn agyimisεm a wͻ’nnim deε wͻ’reyε no mu, kͻpem εberε (a yahyε ama wͻn) no

    [55] Wͻ’dwen sε sika (anaasε agyapadeε) ne mma a Ya’ma abu wͻn soͻ no nti

    [56] Yε’reyε papa biara ntεm ntεm ma wͻn? Daabi, nim na wͻ’nnim

    [57] Nokorε sε wͻn a wͻ’bͻ hu wͻ wͻn Wura Nyankopͻn ho suro (nti)

    [58] Ne wͻn a wͻ’gye wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm no die

    [59] Ne wͻn a wͻ’nfa biribi mmata wͻn Wura Nyankopͻn ho

    [60] Ne wͻn a deε Yε’de ama wͻn no wͻ’yi bi dema, na wͻ’bͻ hu wͻ wͻn akoma mu sε wͻn Wura Nyankopͻn hͻ na wͻ’bεsan akͻ

    [61] Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’keka wͻn ho wͻ papa biara mu, na wͻ’ne (papa yε) ho akansifoͻ no

    [62] Yεnnfa adesoa nnsoa ͻkra bi, gyesε deε n’ahoͻden betumi; na Yεn hͻ na Nwoma a εka nokorε no wͻ, na yensisi wͻn

    [63] Daabi, wͻn akoma nni nimdeε biara fa (Qur’aan) woi ho, na ԑno akyi no, wͻn wͻ nyuma (sononko) a wͻ’yε

    [64] (Wͻ’bεkͻ so saa ara) akosi εberε a Yε’de asotwee bεsͻ wͻn mu adefoͻ no mu, na wobehunu sε wͻ’resu tea mu pa kyεw

    [65] Monhwε na moantea mu ampa kyεw nnε da yi. Nokorε sε Yε’deε Yε’mmoa mo

    [66] Ampa sε na yεkenkan Mensεm no kyerε mo, ɛna modanee moakyi mae wͻ monantin so

    [67] (Moyεε) ho ahomasoͻ (sε mo na moyε Maka kuro no adehyeɛ, na Ka’aba Kronkron hyε monsa), sirii pε anadwo too (Mensεm no) ho

    [68] Enti (saa nnipa yi) mmfa (Nyankopͻn) Asεm no nnkͻ adwendwen mu, anaasε biribi aba wͻn hͻ a ebi amma wͻ wͻn agyanom tetefoͻ no hͻ

    [69] Anaasε (Makafoͻ no) nnnim wͻn Somafoͻ (Muhammad dada) enti na wͻ’repo no

    [70] Anaasε wͻ’ka sε, εdam bi na abͻ no? Daabi, nokorε na ͻde aberε wͻn no, nanso wͻn mu dodoͻ no ara kyiri nokorε no

    [71] Sε Nokorε no redi wͻn apεdeε akyi a, nokorε sε, anka ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ mu (nyinaa) bεsεe. Aane, Yε’de wͻn afutusεm no aberε wͻn, nanso wͻ’twe wͻn ho fri wͻn afutusεm no ho

    [72] Anaasε (Nkͻmhyεni), wobisa wͻn akatua bi? Wo Wura Nyankopͻn akatua no ne akatua pa, na Ɔno na N’akyɛdeɛ yɛ kyɛn wɔn a wɔ’kyε adeε no (nyinaa)

    [73] Nokorε ampa sε, worefrε wͻn akͻ kwan tenenee no so

    [74] Nokorε nso sε, wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no amane afri kwan (pa) no so

    [75] Sε Ye’hu wͻn mmͻbͻ na Y’eyi ͻhaw a εwͻ wͻn soͻ no fri wͻn so mpo a wͻ’bεtͻ akͻ wͻn asoͻden no so wͻ anifira mu

    [76] Nokorε sε, Yε’de asotwee sͻͻ wͻn mu, nanso w’ammrε wͻn ho ase amma wͻn Wura Nyankopͻn, na wͻ’ango wͻn ho ansu anfrε no

    [77] Kͻpem εberε a Ye’bebue apono a εkͻ asotwee kεseε no mu ama wͻn, εhͻ na wobehunu sε wᴐn apa aba

    [78] Ɔno na W’abͻ aso, ne ani ne akoma ama mo. Ayeyie ketekete na mode ma (Nyankopͻn)

    [79] Ɔno na Oduaa mo wᴐ asaase no soᴐ, na Nehᴐ na mobehyia

    [80] Ɔno na Ɔma nkwa εna Okum, adesaeε ne adekyeε abirabͻ nso wͻ no. Adεn, monni nteaseε anaa

    [81] Aaane, wͻ’ka deε tetefoͻ no kaeε no ara bi

    [82] Wͻ’ka sε: “Enti εyε nokorε ampa sε yebenyane yεn aberε a yawuo ayε mfuturo ne nnompe

    [83] Ampa sε yεde woi hyεε yεn ne y’agyanom a wͻ’dii kan no bͻ. Nokorε sε woi yε tetefoͻ no anansesεm

    [84] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Hwan na asaase ne wͻn a εwͻ soͻ no yε ne dea, sε monim ampa a

    [85] Wͻ’bεka sε: ”Ɛwͻ Nyankopͻn“. Ka sε: “Ɛna monfa nyε afutuo?”

    [86] Ka sε: “Hwan ne ͻsoro nson no ne Ahennwa Kεseε no Wura?”

    [87] Wͻ’bεka sε: “Ɛwͻ Nyankopͻn “. Kasε: “Ɛna enti monnsuro?”

    [88] Kasε: ”Hwan na biribiara ho tumi wͻ nensa mu na ͻbͻ (biribiara) ho ban, na (obiara) mmͻ Neho ban, sε monim ampa a

    [89] Wͻ’bεka sε: “Ɛwͻ Nyankopͻn“. Ka sε: “Na afei adεn na moredaadaa moho?”

    [90] Aane, Yεde Nokorε no abrε wͻn, na ampa sε wͻ’yε atorofo (wͻ nsεm a wͻ’ka fa Nyankopͻn ho no)

    [91] Nyankopͻn nwoo ba biara, na awurade biara nso nka Ne ho; (sε εte saa a) anka awurade biara bεfa deε ͻbͻeε akͻ, na anka (awurade no) binom bεma wͻn ho so wͻ ebinom so. Kronkron Hene ne Nyanko-pͻn, Ɔyε Kεse kyεn deε wͻ’de susu no no

    [92] Ahuntasεm ne badwam Nimdefoͻ no, Ɔkorͻn kyεn deε wͻ’de bata (Ne ho nyinaa)

    [93] (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Me Wura Nyankopͻn, sε Worema me ahunu (asotwee) a W’ahyε wͻn ho bͻ no a

    [94] Me Wura Nyankopͻn, εneε εnfa me nka nnipa bͻnefoͻ no ho.“

    [95] (Nkͻmhyεni), nokorε sε Yε’betumi nso akyerε wo (asotwee) a Y’ahyε wͻn ho bͻ no

    [96] Fa adeε a εyε papa si bͻne ho kwan. Ye’nim nsεm a wͻ’keka no nyinaa

    [97] Ka sε: “Me Wura Nyankopͻn, mehwehwε Wo hͻ ntwitwagyeε afri ͻbonsam adwen bͻne a ͻwesa hyε nnipa mu no ho

    [98] Me Wura Nyankopͻn, mesan nso hwehwε Wohͻ ntwitwagyeε sε anhwε a na wͻn aba me ho

    [99] (Abͻneεfoͻ yi de no saa ara) kͻpem sε, owuo bεba wͻn mu bi soͻ, (εhͻ na) ͻbεka sε: “Me Wura Nyankopͻn, mamensan nkͻ (wiase bio)

    [100] Sεdeε (mεkͻ) akᴐyԑ adwuma pa a m’anyε no“. Daabi, εno deε εyε asεm bi kwa na ͻkaeε. Ɛban si wͻn akyi kͻpem εda a wͻ’bεsͻreε (afri owuo mu)

    [101] Enti sε yεbͻ Totorobεnto no mu a, saa Da no abusua bͻ biara nna wͻn ntεm, na obi mmisa obi (asεm)

    [102] Wͻn a wͻn nsania mu bεyε duro (wͻ papayԑ mu) no wͻn ne nkonimdifoͻ no

    [103] Na wͻn a wͻn nsania mu bεyε hare (wͻ papayε mu) no, saa nkorͻfoͻ no na wͻn ayera wͻn kraa, Amane hunu gya no mu na wͻ’bεtena

    [104] Egya no bεhye wͻn anim, ayi (wͻn) anofafa (afri hͻ) awene wͻn se wͻ (Ogya no) mu

    [105] (Yebebisa wͻn sε): Enti yankenkan Mensεm no ankyerε mo εna mobuu no atorͻsεm

    [106] Wͻ’bεka sε: ”Ye’Wura Nyankopͻn, ya’hokyere anaa ohia broo yεn so, εna yεbεyεε nnipa a wͻn ayera

    [107] Ye’ Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε): Yi yεn fri (Amanehunu gya yi ) mu, na sε yε’san kͻ (yε bͻne) bio a, nokorε sε na yε’yε abͻneεfoͻ ampa

    [108] Nyankopͻn bεka sε: ”Monfri hͻ nkͻ (Ogya no) mu, na monnkasa Me ho “

    [109] Nokorε sε na Menkoa no mu bi ka sε: “Ye’Wura Y’agye adi, enti fa (yε’bͻne) kyε yεn na hu yεn mmͻbͻ na ampa sε, Wone ahummͻborͻfoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene no

    [110] Nanso modii wͻn ho fεw kͻpem sε mowerε frii Meho nkaekaeε na moseree wͻn

    [111] Wͻn aboterε a wͻ’nyaeε no ho nti, M’atua wͻn so ka nnε, nokorε sε wͻne nkonimdifoͻ no”

    [112] (Nyankopͻn) bεka sε: ”Mfi dodoͻ sεn na mode tenaa asaase no soͻ?”

    [113] Wͻ’bεka sε: ”Yε’tenaa dakoro anaasε dakoro mu fa bi”. Ɛneε bisa wͻn a wͻ’bu (εberε no ho) akonta no

    [114] (Nyankopͻn) bεka sε: “Ɛberε tiaa bi na mode tenaa (wiaseε) nokorε sε na anka monim a”

    [115] Enti modwen sε Yε’bͻͻ mo kwa a enti monnsan mma Yεn hͻ (mmebu akonta)

    [116] Okokuroko ne Nyankopͻn, Ɔhene Nokwafoͻ no, Nyankopͻn biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔno ne Animuonyam Ahennwa Wura no

    [117] Obi a obesu afrε nyame foforͻ bi aka Nyankopͻn ho, abrԑ a onni nyinasoͻ bi saa no, n’akontabuo deԑ ԑwͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε boniayεfoͻ no deε wͻ’nni nkonim

    [118] (Nkͻmhyεni), kasε: “Me Wura Nyankopͻn, fakyε (yεn) na hu (yεn) mmͻbͻ, na Wone Mmͻborͻhunufoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene papa no

    Surah 24
    An-Nuur

    [1] (Woi yε) Suura a Y’asiane, ayε (emu nsԑm) no nhyε, εna Y’asiane nsɛm pefee wͻ mu sεdeε mobεkaekaeɛ anaa mode betu moho foᴐ

    [2] Adwamammͻni baa ne adwamammͻni barima montwa wͻn mu koro biara mmaa ͻha. Na momma mmͻbͻ a wͻ’yε no nntwe mo sε (mobεyε sotie) ama mmra a Nyankopͻn ahyehyε; sε mogye Nyankopͻn ne Ɛda a etwa toͻ no di ampa a. Moma agyidiefoͻ no mu fekuo bi medi wͻn asotwee no ho adanseε

    [3] Adwamammͻni barima nni ho kwan sԑ ᴐwareԑ, gyesԑ adwamammͻni baa, anaasε ͻbosomsomni baa; adwamammͻni baa nso nni ho kwan sԑ yԑware no, gyesԑ adwamammͻni barima anaasε ͻbosomsomni barima; yabra agyidiefoͻ saa (awadeε no)

    [4] Wͻn a wͻ’de asεm to mmaa a wͻ’di wͻn ho nni no so degu wͻn ho fi, na wͻ’amfa adansefoͻ nnan amma no, montwa wͻn mmaa aduͻwͻtwe, na monnye wͻn adansedie nntum da. Saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no

    [5] Gyesε wͻn a εno akyiri no wͻ’sakra wͻn adwen na wͻ’di dwuma pa, εneε nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [6] Wͻn nso a wͻ’de adwamammͻ ho kwaadu bͻ wͻn yerenom na adansefoͻ biara nka wͻn ho, na mmom wͻn nko ara na (wͻ’hunuuiε) no, wͻn mu biara de Nyankopͻn bedi nse mprε nnan sε ͻka nokorεfoͻ no ho

    [7] (Nsedie a) εtͻso nnum no (na waka) sε: “Nyankopͻn nnomee nka no, sε ͻka nkontompofoͻ no ho a”

    [8] (Adwamammͻ ho) asotwee no befri (ͻbaa) no so, sε ͻde Nyankopͻn di nse mprε nnan sε (ͻbarima no) ka nkontompofoͻ no ho a

    [9] (Nsedie a) εtͻso nnum no (na waka) sε: “Sε ͻbarima no ka nokorεfoͻ no ho a, Nyankopͻn abufuo mmra ͻno (ͻbaa) no so

    [10] Sε anka εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ na εwͻ mo so a; nokorε sε Nyankopͻn na Otie adwen sakra na Ɔne Onyansafoͻ

    [11] Nokorε sε, wͻn a wͻ’de ntwatosoͻ baeε (fa Aisha ho) no yε fekuo a wͻ’fri mo mu. Ɛmma monfa no sε εyε (asɛm) bͻne mamo, daabi, εyε papa mamo. Wͻn mu nipa biara benya bͻne a w’ayε no ho asotwee. Wͻn mu wͻn nso a wͻ’dii ho akotene kεseε no benya asotwee a εsoo paa

    [12] Adεn na εberε a agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa motee (nkontomposεm yi) moanwen papa amma wͻn ara wͻn nkorͻfoͻ no anka sε: “Saa (asεm) yi deε εyε nkontompo pefee”

    [13] Adεn nti na wͻ’anfa εho adansefoͻ nnan amma? Sε wͻn amfa adansefoͻ amma a, εneε Nyankopͻn hͻ deε saa nkorͻfoͻ no ne nkontompofoͻ no

    [14] Sε εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ na εwͻ mosoͻ wͻ wiase ne Daakye no a, anka asotwee kεseε paa bεto mo wͻ moano a mode too (saa asεm no) mu no ho

    [15] Ɛberε a mode mo kεterεma bͻͻ ho dawuro, na mode moano kekaa adeε a monni ho nimdeε, na mofaa no sε asεm ketewa bi, aberε nso a εyε asεm kεseε wͻ Nyankopͻn hͻ

    [16] Adεn nti na εberε a moteeε no moanka sε: “Woi deε εnsεsε yεde y’ano bͻ so koraa. Kronkron Hene ne Wo (Awurade)! Woi deε εyε ntwatosoͻ a εsoo paa“

    [17] Nyankopͻn retu mo fo sεdeε monnsan nnkͻyε saa adeε no sεso bio da, sε moyε agyidiefoͻ ampa a

    [18] Nyankopͻn kyerεkyerε Nensεm no mu kyerε mo. Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ

    [19] Nokorε sε wͻn a wͻ’pε sε wͻ’ma ahohwisεm trε anaa εkͻ so wͻ agyidiefoͻ no mu no, wͻn wͻ asotwee a εyε ya wͻ wiase ne Daakye. Nyankopͻn na Onim na modeε monnim

    [20] Sε εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ na εwͻ moso a; nokorε sε Nyankopͻn yε Ntimmͻborͻ Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [21] Mo a moagye adie, monhwε na moanni ͻbonsam anamͻn akyi, na obi a obedi ͻbonsam anamͻn akyi no, ͻno (bonsam no) deε ahohwi bra ne amumuyε na ͻrehyε (nnipa) ma wͻ’yε. Sε εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ na εwͻ moso a, anka momu biara nnyε kronkron da. Na mmom Nyankopͻn te obi a Ɔpε ho. Onyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ

    [22] Wͻn a wͻn wͻ adom na wͻ’nsa mu yε wͻ momu no nhwε na wͻn anni nse sε, (wͻ’mmoa) obusuani anaa ohiani, ne wͻn a wͻ’atu amantuo wͻ Nyame kwan soͻ no. Enti wͻn mfa mfri, na wͻ’nyi wͻn ani mfri so. Mompε sε Nyankopͻn de mo bͻne bεkyε mo anaa? Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [23] Nokorε sε, wͻn a wͻ’de asεm to agyidiefoͻ mmaa a wͻ’di wͻn ho nni no so degu wͻn ho fi wͻ aberε a saa mmaa no nnim ho hwee no, yadome wͻn wͻ wiase ne Daakye; wͻn wͻ asotwee a εsoo paa

    [24] Wͻ εda no a wͻn kεterεma ne wͻn nsa ne wͻn nnan bedi adanseε atia wͻn no, εnam dwuma a na wͻ’die no ho nti

    [25] Saa Da no, Nyankopͻn betua wͻn ka pεpεεpε wͻ nokorε mu, na wͻ’behunu sε Nyankopͻn ne Nokorε pefee no

    [26] Mmaa a wͻn ho nteε no wͻ mmarima a wͻn ho nteε, εna mmarima no a wͻn ho nteε no nso wͻ mmaa a wͻn ho nteε; εna mmaa papa no wͻ mmarima papa no, εna mmarima papa no nso wͻ mmaa papa no. Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’nnim (ntwatosoͻ) a wͻ’rekeka no ho hwee. Wͻ’benya bͻnefakyε ne akyεdeε a animuonyam wͻ mu

    [27] Mo a moagye adie, monhwε na moankͻ efie a εnyε mo fie mu, gyesε (modikan) srε kwan na mokyea εhͻfoͻ no ansa; εno na εyε mamo sεdeε mobεfa adwen

    [28] Sε moanya (anaasε moanto) obiara wͻ efie hͻ a monhwε na moanwura hͻ, kͻpem sε yεbεma mo kwan (ansa). Sε yεka kyerε mo sε: “Monsan moakyi a, monsan moakyi”. Ɛno mmom na εyε kronkron ma mo. Nyankopͻn deε Onim dwuma a modie nyinaa

    [29] Ɛnyε bͻne mamo sε mobewura efie a obiara nnte mu a moadehia deε wͻ mu. Onyankopͻn deε Onim deε mode suma ne deε moda no adie (nyinaa)

    [30] Ka kyerε agyidiefoͻ mmarima no sε: “Wͻ’merε wͻn ani ase (mfri nhwε bͻne ho), na wͻnhwε wͻn mmarima so yie (wͻ adwamammͻ ho), na εno na εyε kronkron ma wͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn ne dwuma a wᴐ’die no ho Amanebᴐfoᴐ

    [31] Na ka kyerε agyidiefoͻ mmaa no nso sε: “Wͻ’merε wͻn ani ase (mfri nhwε bͻne ho), na wͻnhwε wͻn ananmu so yie; na wͻnhwε na wͻn annyi wͻn afεεfεdeε no adi, gyesε deε ada adi wͻ mu (tesε wͻ’nsa ne wͻn anim ne wͻn nan ase). Na wͻnfa wͻn tri so akatasoͻ no nkata wͻn ho ma εmeduru wͻn koko; na wͻnhwε na wͻn amfa wͻn ahoͻfε ankyerε (obi); gyesε wͻn kununom, anaasε wͻn agyanom, anaa wͻn kununom agyanom, anaa wͻn mma mmarima, anaa wͻn kunu mma mmarima, anaa wͻn nua mmarima, anaa wͻn nnua mmarima mma mmarima, anaa wͻn nnua mmaa mma mmarima, anaa wͻn (yͻnkonom) mmaa, anaa wͻn mfenaa a wͻ’yε wͻn dea, anaa mmarima asomfoͻ a wͻ’nni mmaa ho ahoͻden, anaa nkͻdaa a wͻ’nnim mmaa adagya mu asεm. Na εmma wͻ’nnfa wͻn nnan mpem hͻ sεdeε wͻ’bεyi wͻn afεεfεdeε a asuma no adie. Agyidiefoͻ, monyinaa monsakra moadwen sεdeε mobedi nkonim”

    [32] Monware momu asugyafoͻ no, na (moma) monkoa no mu apapafoͻ no (a wͻ’nni yerε) no, ne monfenaa nom (nso a wͻ’nni kunu no nso nware). Sε wͻ’yε ahiafoͻ mpo a, Nyankopͻn befri N’adom mu ama wͻn anya wͻn ho. Onyankopͻn deε N’adom trε (duru biribiara so), na Ɔne Onimdefoͻ a Onim biribiara

    [33] Wᴐn a wᴐ’nni awadeε ho ahoᴐden no nso wͻnhwε wͻn ho so yie nkosi sε Nyankopͻn befri N’adom no mu ama wͻn anya wͻn ho. Monkoa no nso, wͻn a wͻ’hwehwε sε monyε krataa nto (wɔn faahodie) so (ma wͻn) no, sε moahunu papa bi wͻ wͻn mu a, montwerε (krataa no ma wͻn), na moma wͻn sika anaa agyapadeε a Nyankopͻn de ama no bi. Monhwε na moanhyε monfenaa nom so amma wͻn ammu bra bͻne, sε (saa mfenaa no) pεsε wͻ’kuta wͻn ho yie a, (monnyε saa) sε mode hwehwε wiase mu agyapadeε. Obi a wahyε wͻn so (pεn) no, wͻn nhyεsoͻ no akyi no, Nyankopͻn na Ɔde bͻne kyε, Ɔne Mmᴐborᴐhunufoᴐ Hene

    [34] Ampa sε Y’asiane nsεm pefee ama mo, (asan ama mo) wͻn a wͻ’dii moanim kan no ho mfatoho, ne afutusεm ma wͻn a wͻ’suro Nyame

    [35] Nyankopͻn ne ͻsoro ne asaase so Nhyerεnee. Nenhyerεnee no mfatoho tesε ntomaban a εhyε kanea mu, na kanea no hyε ahwehwε mu, na ahwehwε no te gya tesε nsoromma bi a εrepae hyεnhyεnhyεn. Yε’de nhyira dua a εne ngo dua no na εsͻ. Enni apueε anaasε atͻeε. Sε ogya nkaa no mpo a nengo no tumi hyerεn. Nhyerεnee akyiri nhyerεnee. Nyankopͻn de Nenhyerεnee no kyerε obi a Ɔpε kwan. Nyankopͻn reyε mfatoho yi ama adasamma. Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ

    [36] (Saa nhyerεnee no sͻ) wͻ Afie (Masjid) a Nyankopͻn ama kwan sε yεmpagya, nni no nni, na yεmͻ no abodin nkaekae Nedin wͻhͻ, na yε’ntontom no wͻhͻ anͻpa ne anyumerε no mu

    [37] Mmarima (anaasε nnipa) bi (wͻhͻ) a adwadie anaa adetͻ ntumi nnsi wͻn kwan wͻ Nyankopͻn nkaekae ho, na wͻ’frε Nyame wͻ neberε mu, na wͻ’yi Zaka; (efrisε) wͻ’suro Ɛda no a ani ne akoma bεdane wͻ mu no

    [38] Sεdeε Nyankopͻn betua wͻn dwumadi pa a wͻ’diiε no so ka, na W’asan de N’adom no bio aka wͻn ho. Nyankopͻn deε Ɔkyε obi a Ɔpε adeε a enni ano (anaa akontabuo biara nni ho)

    [39] Wͻn a wͻ’nnye nnie no, wͻ’nyuma tesε kumafrͻteε a εwͻ serε soͻ na obi a sukͻm de no adwen yεε no sε εyε nsuo, kͻpem sε ͻbaa ho na w’annya hwee, na mmom Nyankopͻn na onyaa no wͻ neho; enti (Nyankopͻn) betua no ka pεpεεpε. Nyankopͻn deε Neho yε hare wͻ akontabuo mu

    [40] Anaasε (wͻn a wͻ’nnye nnie no mfatoho) tesε: (Onipa bi a ͻwͻ) sum a εwͻ ͻpo bunu mu, na asorͻkye akyi asorͻkye akata nesoͻ, na mununkum tumm paa san kata akyire, esum mu sum, nasε oyi nensa mpo a εyε den sε ͻbehunu. Obi a Nyankopͻn amma no nhyerεnee no onnya nhyerεnee

    [41] Enti wonhunuu sε Nyankopͻn na wͻn a wͻn wͻ soro ne asaase so, ne nnomaa a wͻ’bͻ wͻn ntaban mu nyinaa bͻ no abodin? Ampa sε wͻn mu biara nim wͻn Nyamefrε ne wͻn abodin (a, wͻ’de bͻ Nyankopͻn). Nyankopͻn ne dwuma a wͻ’die no ho Nimdefoͻ

    [42] Nyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie yε Nedea; na Nyankopͻn hͻ ne (obiara} nkyi

    [43] Wonhunuu sε, Nyankopͻn na Ɔka mununkum soͻ, εna Ɔboa ano na Ɔtrε mu, afei wobehunu sε nsuo fri mu? Na W’asiane nsuo afri soro (tesε) mmepͻ a asukͻtwea wͻ mu ma no ka obi a Ɔpε, san yi fri obi a Ɔpε nso so. Ayerεmo a εte gya no reyε afira anii mpo

    [44] Nyankopͻn di adesaeε ne adekyeε adane-adanee. Nokorε sε, adesua wͻ woi mu ma wͻn a wͻn wͻ ani (dehwε adeε)

    [45] Nyankopͻn bͻͻ aboa biara frii nsuo mu; emu bi nante wͻ wͻn afru so, wͻn mu bi nso nante wͻn nnan mmienu so, ebinom nso nante wͻ wͻn nnan nnan so. Nyankopͻn bͻ deε Ɔpε. Nokorε sε Nyankopͻn wͻ tumi wͻ biribiara so

    [46] Ampa sε, Y’asiane nsεm pefee (wͻ saa Qur’aan yi mu). Na Nyankopͻn deԑ Ͻkyerε obi a Ɔpε kwan kᴐ kwan tenenee no so

    [47] (Nkͻnkͻnsafoͻ no) ka sε: “Yε’gye Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no di, na y’ayε sotie; nanso εno akyiri no, wͻn mu fekuo bi dane wͻn ho (fri deε wͻ’kaeε no ho). Saa nkorͻfoͻ no nyε agyidiefoᴐ

    [48] Sε yεfrε wͻn kͻ Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no hͻ sεdeε (yεde Qur’aan) bebu wͻn ntεm atεn a, wobehunu sε wͻn mu fekuo bi atwi afa soͻ

    [49] Sε wͻ’di bem anaasε wͻ’gyina nokorε so deԑ a, ԑneԑ wͻ’de ahobraseε na etu mmirika ba nehᴐ

    [50] Yadeε wͻ wͻn akoma mu anaa, anaasε wͻn adwen nnsi wͻn pi, anaasε wͻ’suro sε Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no ne wͻn nni no yie? Daabi, saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no

    [51] Agyidiefoͻ no deε sε yε’frε wͻn kͻ Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no hͻ sε yεrekͻ bu wͻn ntεm atεn a, deε wͻ’ka ne sε: “Y’ate na yεbedi so“. Saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no

    [52] Obi a ᴐbεyε sotie ama Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ, na ͻbesuro Nyankopͻn, na ͻbεyε Neho ahwεyie no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no

    [53] Wͻ’de Nyankopͻn di wͻn nse akεseε no sε: “Sε wohyε wͻn (sε wͻn mpue nkͻ ͻkoo a), anka wͻ’bεpue (akͻ). Ka sε: “Monhwε na moani nse; sotie na εyε paa. “Nokorε sε Nyankopͻn ani tua deε moyε (nyinaa)

    [54] Ka sε: “Monyε sotie ma Nyankopͻn, na monyε sotie ma Ɔsomafoͻ no nso. Nasε modane moho fri (Nokorε no ho) a, (Ɔsomafoͻ) no deε n’asεdeε ne deε yεde asoa no no, εna monso modeε ne deε yεde asoa mo. Sε moyε sotie ma no a na mobenya kwankyerε. Ɔsomafoͻ no adwuma ne sε, ͻbεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu

    [55] Wͻn a wͻ’agye adi wͻ momu na wͻ’di dwuma pa no, Nyankopͻn ahyε wͻn bͻ sε Ɔbεma wͻn adi asaase no so sεdeε Ɔmaa wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no dii soͻ no, na W’ama ͻsom a W’ayi ama wͻn no asipi; na wͻn suro akyi no, (Ɔde) ahotᴐ asesa (suro) no ama wͻn. Wͻ’bεsom Me a wͻ’nnfa biribiara mmata Meho. Obi a εno akyi no w’annye annie no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no

    [56] Monfrε Nyame wͻ neberε mu, na monyi Zaka, na monyε sotie ma Ɔsomafoͻ no sεdeε (Nyankopͻn) behu mo mmͻbͻ

    [57] Ɛmma moadwen nnyε mo sε, wͻn a wͻ’nnye nnie no (betumi ama Nyame nhyehyεε) ayε kwa wͻ asaase yi so; wͻn asetena mu ne gyem, na nkyi bͻne paa ne hᴐ

    [58] Mo a moagye adie, moma (nkoa) no a wͻ’yε mo dea no, ne momu wͻn a wͻ’nuruu mpanin berε mu no nsrε mo kwan mprεnsa: (Saa mmerε no ne εberε a) edi ahamakye Nyamefrε no anim, ne εberε a ͻhyew nti moaworͻ moatadeε agu hͻ (regye mframa) wͻ awigyina berε, εna Ishaa’i Nyamefrε no akyi. Woi ne adagya (berε) mmiεnsa a mowͻ. Ԑno akyiri no asεm biara nna moso anaa wͻn so, (efrisε) modi moho-moho hͻ akͻneaba. Saa ara na Nyankopͻn kyerεkyerε Nensεm no mu kyerε mo. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ

    [59] Sε nkͻdaa a wͻn wͻ momu no duru mpanin berε mu a, moma wͻn nsrε kwan sεdeε wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no srεε kwan no. Saa ara na Nyankopͻn kyerε-kyerε Nensεm no mu kyerε mo. Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ

    [60] Ԑmmaa no mu mmasiriwa no nso a wͻ’nni awadeε ho anigyeε no, bͻne biara nni wͻn so sε wͻ’de wͻn atadeε begu hͻ, sε wͻ’anna wͻn afεεfεdeε no adi ankyerε deε a. Nasε wͻ’tumi kuta wͻn ho a εyε ma wͻn paa. Onyankopͻn te biribiara, Ɔne Onimdefoͻ

    [61] Ɛnyε bͻne mma onifirani, na εnyε bͻne nso mma apakye anaa obubuaani, na εnyε bͻne nso mma ͻyarefoͻ, anaa mo ara moho sε mobedidi moara moafie mu, anaa moagya nom afie mu, anaa mo maame nom afie mu, anaa monua mmarima nom afie mu, anaa monua mmaa nom afie mu, anaa moagya nua mmarima afie mu, anaa mosewaa nom afie mu, anaa mowͻfa nom afie mu, anaa mo maame nua mmaa nom afie mu, anaa afie a εhᴐ nsafoͻ wͻ monsa mu, anaa moadamfo (fie). Ɛnyε bͻne mma mo sε mobedidi abͻ mu anaasε mobedidi ankorͻ-ankorͻ. Sε mowura efie bi mu a, monfa nhyira nkyea papa a efri Nyankopͻn nkyεn no (Asalaamu Alaikum) nkyea mo ho. Saa ara na Nyankopͻn kyerεkyerε Nensεm no mu kyerε mo sεdeε mobεte aseε

    [62] Agyidiefoͻ no ne wͻn a wͻ’agye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no adie; sε wͻn wͻ Nkͻmhyεni hͻ redi dwuma bi a edi mmu a, wͻ’nfri hͻ nnkͻ gyesε wͻ’srε no kwan ansa. (Nkͻmhyεni), wͻn a wͻ’srε wo kwan no wͻn mmom na wͻ’gye Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no die. Enti sε wͻ’srε wo kwan dema wͻn dwumadie bi a, ma wͻn mu nea wopε kwan, na srε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε ma wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [63] Monhwε na moannyε frε a mode frε Nyankopͻn Somafoͻ no wͻ momu no tesε deε mofrε moho-moho no. Ampa sε Nyankopͻn Nim momu wͻn a wͻ’de wͻn ho sie dwane kͻ (a wͻ’nnsrε kwan) no. Enti wͻn a wͻ’ne (Nkͻmhyεni) ahyεdeε bᴐ abira no, wͻ’nhwε yie na mmusuo bi anto wͻn, anaasε asotwee bi a εyε ya paa bi anto wͻn

    [64] Nokorε sε Nyankopͻn na deε εwͻ soro ne asaase so ( nyinaa) wͻ no, na Onim deε mo wͻ mu biara. Ԑda a wͻ’bεsan akͻ Nehͻ no Ɔbεbͻ wͻn dwuma a wͻ’diiε no (nyinaa) ho amaneε. Onyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ

    Surah 25
    Al-Furqaan

    [1] Nhyira ne Nea Osianee Furqaan (Qur’aan) demaa N’akoa (Muhammad) sεdeε ͻde bεbͻ amansan nyinaa kͻkͻ

    [2] (Otumfoͻ) no a ͻsoro ne asaase so ahennie yε Nedea no; Onni ba na Onni ᴐhokafoͻ biara wͻ N’ahennie no mu, Ɔno na Ɔbͻͻ biribiara εna Wahyehyε nhyehyεε pa paa de ato ho

    [3] Ɛna wͻn afri N’akyi afa anyame a wͻ’mmͻ hwee, na wͻn ara mpo no yεbͻͻ wͻn, na wͻ’nni ͻhaw anaasε mfasoͻ bi ho tumi dema wͻn, na wͻ’nni owuo anaasε nkwa anaa owusͻreε ho tumi

    [4] Deε wͻn a wͻ’nnye nie no ka nesε: ”Woi deε εyε nkontompo, ͻbͻͻ netrim, nkorͻfoͻ foforͻ bi na aboa no“. Ampa sε (boniayεfoͻ no) de bͻne ne nkontompo paa na aba

    [5] Deԑ wᴐka ne sԑ, tetefoᴐ no anansesԑm na watwerԑ na yԑkenkan kyerԑ no anᴐpa ne anyumerԑ

    [6] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Nea Onim ͻsoro ne asaase so ahuntasεm no na Osiane baeε. Nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [7] Deε wͻ’ka nesε: “Ɔsomafoͻ bεn ni na odi aduane, na ͻnenam edwem yi? Adεn nti na yensiane Soro abͻfoͻ mεka neho na ͻne no mmͻ kͻkͻ no?”

    [8] Anaasε (adεn na) yεmma no sika dwetire bi, anaasε turo bi a obedidi mu“. Deε abͻneεfoͻ no ka nesε: “Onipa a konya anya no na modi n’akyire “

    [9] (Nkͻmhyεni), hwε mfatoho a wͻ’de susu woͻ, enti wͻn ayera, na wͻ’ntumi nhunu kwan

    [10] Nhyira Wura no ne Nea sε Ɔpε a Ɔbεma wo deε εyε kyεn saa (a εne) Aheman a nsubͻnten nenam aseε, na Ɔbεyε abansoroͻ akεseε nso ama wo

    [11] Daabi, wͻ’nnye Dͻnhwere no nni; Y’asiesie Ogya tanaa de ama obia ᴐfa Dͻnhwere no sԑ atorosԑm

    [12] Sε (Amane-hunu gya) no hu wͻn wͻ akyirikyiri baabi a, wͻ‘bεte sε εde abufu-hyeε rebobͻ mu na εrepͻ soͻ

    [13] Sε yεgu wͻn mpokyerε to wͻn gu bea bi a εhͻ kyere (wͻ ogya no mu a), wͻ’bεsu afrε owuo

    [14] “Monhwε na moannsu amfrε owuo prεko pε, na mmom monsu mfrε owuo bebree”

    [15] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Saa (Amane-hunu gya no) na εyε, anaasε Soro aheman no a yԑde ahyε Nyamesurofoͻ no bͻ no a? (Ɛhͻ) bεyε akatua ama wͻn, na (εhͻ) bεyε wͻn nnkyi

    [16] Deε wͻ’pε biara bi wͻ hͻ ma wͻn, (εhͻ na) wͻ’bεtena afe bͻͻ. Woi yε bͻhyε a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ a ɛsɛsɛ yɛbɔho mpaeε srε

    [17] Ɛda no a Ɔbεboaboa wͻn nyinaa ano, ne wͻn a wͻ’frii Nyankopͻn akyi som wͻn (tesε soro abͻfoͻ, akronkron-foͻ, Yesu ne deε ekeka ho no), Nyankopͻn bεka sε: “Mo na moyeraa Menkoa woinom, anaasε wͻn ara na wͻ’yera frii ͻkwan (tenenee) no soͻ?”

    [18] Wͻ’bεka sε: “Kronkron Hene ne Wo. Na yenni ho kwan sε yefri W’akyi fa akyitaafoͻ, nanso Womaa wͻ’ne wͻn agyanom ahotͻ kͻpem sε wͻn werε frii Afutusεm no, na wͻ’kͻyεε nnipa a wͻn asopa (anaasε ayerafoͻ} “

    [19] Enti (Nyankopͻn bεka sε): “Ampa sε, (wͻn a na mosom wͻn no akyerε sε) nkontomposεm na na mokeka no; na montumi nyi (asotwee no) mfri (moho so, na monnya) ͻboafoͻ nso. Momu biara a ͻbεyε bͻne no Yε’bεma no aka asotwee a εsoo paa ahwε

    [20] (Nkͻmhyεni), asomafoͻ a Ye’dii w’anim kan somaa wͻn no nyinaa nokorԑ sԑ na wͻ’di aduane, na wͻ’nante wͻ dwem. Y’ayε momu binom nsᴐhwԑ ama momu bi dehwԑ sԑ mobesi aboterε anaa? Wo Wura Nyankopͻn deε Ohunu biribiara

    [21] Deε wͻn a wͻ’nni anidaasoͻ sε wͻ’ne Yεn behyia no keka ne sε: “Adεn nti na yensiane Soro abͻfoͻ ma yεn, anaa yennhunu ye’Wura Nyankopͻn no? Ampa sε wͻn ara ama wͻn ho so, na wͻ’ate atua ama no aboro so kεse

    [22] Ɛda a wͻ’behunu Soro abͻfoͻ no, saa da no εnnyε asεmpa mma abͻneεfoͻ no. (Soro abͻfoͻ no) bεka sε: “Moma εhyeε kεseԑ nna (wͻn ne Soro Aheman mu foͻ no ntεm)“

    [23] Yε’bεba dwuma biara a (abͻneεfoͻ no) diiε no so, na Yε’bεma no ayε sε mfuturo bi a atu ahweteε

    [24] Ɛda no, Soro aheman no mu foͻ no benya asetena pa ne ahomegye bea pa

    [25] Ɛda no a mununkum bεma ɔsoro mu adwidwa, na Soro abͻfoͻ besiane siane paa no

    [26] Saa Da no Ahennie paa no wͻ Ahummͻborͻ Hene no. Saa Da no, εbεyε den ama (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no

    [27] Saa Da no na (onipa) bͻnefoͻ no bεka nensa aka sε: “Mehunui a anka mekaa Ɔsomafoͻ no ho ne no faa kwan (pa) no so

    [28] Ao, Adi ayε me, Mehunui a anka manfa asomasi yͻnkoͻ”

    [29] “Ampa paa sε wama m’ayera afri Afutusεm no ho wͻ berε a yεde berεε me no. Ͻbonsam (yε obi a) odi onipa hwammͻ paa”

    [30] Ɔsomafoͻ no nso bεka sε: ”Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε, menkorͻfoͻ no yii wͻn ani frii Qur’aan yi so”

    [31] Saa ara na Yε’maa Nkͻmhyεni biara tamfo wͻ abͻneεfoͻ no mu. Nanso wo Wura Nyankopͻn som bo (ma wo) sε Ɔkwankyerεfoͻ ne Ͻboafoͻ

    [32] Deε wͻn a wͻ’nnye nnie no ka ne sε: “Adεn nti na yensiane Qur’aan no mmͻ mu mma no prεko?” (Ye’siane no saa) sεdeε εbεma w’akoma agyina pintinn, na Yε’kenkan (Qur’aan no ma wo) nkakra nkakra, hyehyɛ no pɛpɛɛpɛ

    [33] (Nkͻmhyεni), mfatoho biara a wͻ’de bεba (abεko atia) woͻ (anaa wͻ’de besum wo fidie) no, Yε’de nokorε no a (wode beyi wͻn ano) ne nkyerεkyerεmu pa paa bεberε wo

    [34] Wͻn a yεbεboa wͻn ano (wͻ Atemmuda ama wͻn anante) wͻ wͻn anim akͻ Amane-hunu gya no mu no, wͻn na wͻn wͻ gyina berε bͻne mu paa, na wͻn na wͻn ayera afri kwan (tenenee) no soͻ

    [35] Ampa sε Yε’de Nwoma no maa Mose, na Yε’de ne nua Aaron kaa ne ho sε ͻboafoͻ anaasε ͻkyeame

    [36] Yε’kaa sε: ”Monkͻ amanfoͻ no a wͻ’fa Yεn Nsεm no atorᴐsԑm no hͻ. Enti Yε’sεee wͻn pasaa

    [37] Noa nkorͻfoͻ no nso, εberε a wͻ’buu asomafoͻ no atorᴐfoᴐ no, Yε’maa nsuo faa wͻn. Yε’de wͻn yεε nsεnkyerεnee anaasε adesua maa adasamma. Abͻneεfoͻ no deε Y’asiesie asotwee a εyε ya paa ato wͻn hͻ

    [38] Ɛna Aad ne Samuud ne Rassifoͻ, ne awoͻ ntotoasoͻ bebree a wͻ’bedii ntamu hͻ no

    [39] Yε’yεε mfatoho maa wͻn mu biara, na wͻn mu biara nso Yε’sεee wͻn pasaa

    [40] Ampa sε (Quraishfoͻ) kͻtwam wͻ kuro no a Yε’tͻͻ nsutͻ bͻne guu wͻn soͻ no mu. Enti εyaa na wͻ’nnhu anaa? Daabi, wͻn ani nna Owusͻreε (da) no so

    [41] Sε (boniayεfoͻ) no hu wo a wͻ’di wo ho fεw sε: ”Enti woi na Nyankopͻn ayi no sε Ɔsomafoͻ

    [42] Ɛkaa kakraabi sε, sε yannya aboterε a anka ͻyeraa yεn frii yεn anyame no ho”. Ɛberε a wͻ’behunu asotwee no na wͻ’behunu obi a wayera afri ͻkwan pa no soͻ

    [43] (Nkͻmhyεni), w’ahunu obia wafa n’apεdeε ayε nyame no? Enti wobεyε okyitaafoͻ ama (saa nipa) no

    [44] Anaa wodwen sε wͻn mu dodoͻ no tie, anaasε wͻ’te (deε woka kyerε wͻn no) ase? Wͻ’tesε nyεmmoa, daabi, wͻn ayera afri kwan (tenenee) no so

    [45] Wonhunuu sεdeε wo Wura Nyankopͻn si fa twe sunsum mu. Sε Ɔpε a anka Ɔbεma no agyina faako. Nanso Yε’de awia ayε kwankyerε (anaa nyinasoͻ) ama no

    [46] Afei na Y’atwe no nkakra-nkakra de aba Yεn hͻ

    [47] Ɔno na W’ayε anadwo akatasoͻ ama mo, εna (W’ayε) nna nso ahomegyeε, εna W’ayε adekyeε nso a (mode) sͻreε (tesε deε obi asͻre afri owuo mu)

    [48] Ɔno na Ɔsoma mframa sε anigyesεm dedi N’ahummͻborͻ no (a εne nsutͻ) no anim kan, εna Osiane nsuo a εho teε fri soro

    [49] De nyane asaase a awuo, εna Yε’dema nyεmmoa a Ya’bͻ, ne nnipa pii ma wͻ’nom

    [50] Ampa sԑ Y’akᴐso akyerԑkyerԑ (Nsԑm no) mu yie akyerԑ wᴐn sԑdeԑ wᴐbԑkaekaeԑ anaa wᴐ’de betu wᴐn ho foᴐ, nanso nnipa pii mpԑ (Nokorԑ no) na mmom wᴐ’kᴐ so yi boniayԑ

    [51] Sε Yε’pε a, anka Yε’bεsoma kͻkͻbͻni wͻ kuro biara so

    [52] Enti (Nkͻmhyεni), entie (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no, na fa (Qur’aan no) kotia wͻn nko dene mu paa

    [53] Ɔno na W’ama ͻpo mmienu no kwan ma no tenee; woi yε dε, dεdεεdε, εna woi nso yε nkyenekyene εyε nyono, εna Wayε εhyeε ne akwansideε ato ne mmienu ntεm

    [54] Ɔno na Ɔbͻͻ onipa fri nsuo mu, εna Wayε mogya-abusua ne awadeε-abusua ama no. Wo Wura Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε

    [55] Wͻn afri Nyankopͻn akyi som deε entumi mma wͻn mfasoͻ anaa ͻhaw biara. Boniayεni no deε ͻtaa (bͻne anaa ͻbonsam) akyi kotia ne Wura Nyankopͻn

    [56] (Nkͻmhyεni), Yε’somaa wo sε, (Ͻsoro aheman no mu) anigyesεm, ne (amane-hunu gya no asotwee no ho) kͻkᴐbᴐ bͻfoͻ

    [57] Ka sε: “Memmisa (afutuo a mede ma mo no) ho akatua, na mmom (deε mehia ne) sε obi a ͻpε bεfa ne Wura Nyankopͻn kwan no soͻ

    [58] Na fa woho to Ɔteasefoͻ no a Onnwu da no so na bͻ no abodin, na Ɔsom bo sε Onim Nenkoa bͻne (a wͻ’die)

    [59] Nea Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii, na Ɔde Neho sii Tumi Ahennwa no soͻ, Ahummͻborͻ Hene no, Ɔne (Otumfoͻ) a N’ani tua biribiara no, enti bisa no (wahiasεm biara)

    [60] Sε yε’ka kyerε wͻn sε, monfa moanim mutu fͻm ma Mmͻborͻhunufoͻ Hene no a, deε wͻ’ka ne sε: “Hwan ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no a worehyε yεn sε yεnfa y’anim mutu fͻm ma no no? Nkͻsoͻ a wͻnya ara nesε wͻ’dwane (nokorε no)

    [61] Nhyira ne Nea W’ayε nsoromma akεseε wͻ soro, εna W’ayε (awia sε) kanea wͻ mu, εna bosome nso εma nhyerεnee

    [62] Ɔno na W’ama adesaeε ne adekyeε di wͻn ho akyi (sԑ nsԑnkyerԑnee) dema obia ͻpε sε ͻkaekaeε anaasε ͻpεsε oyi (Nyankopͻn) ayε

    [63] Mmͻborͻhunufoͻ Hene no asomfoͻ no ne wͻn a wͻ’de ahobraseε nam asaase soͻ; sε abagyimifoͻ no bi (de kasa bͻne bi) kasa wͻn ho a, deε wͻ’ka nesε: “Asomdweε”

    [64] Ne wͻn a wͻ’de anadwo no sihͻ de wͻn anim butu fͻm sͻre gyina hͻ ma wͻn Wura Nyankopͻn

    [65] Ne wͻn a (wͻ’bͻ mpaeε) ka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, yi Amane-hunu gya asotwee no fri yεn so. Nokorε sε (Amane-hunu gya no) yε afe bͻͻ asotwee

    [66] Nokorε sε, εhͻ yε efie bͻne ne ahomegye bea bͻne paa

    [67] Ne wͻn a sε wͻ’yi (wͻn agyapadeε a wͻ’mma no mmoroso) nsεe no kwa, na wͻ’nnyε pεpεε nso, na mmom wͻ’yε no hͻ-ne-hͻ

    [68] Ne wͻn a wͻ’nnsu mfrε anyame foforͻ biara ka Nyankopͻn ho, na wͻ’nkum onipa a Nyankopͻn abra (ne kum anaa W’ayε no kronkron), na mmom gyesε ne kwan so; na wͻ’mmͻ adwamman. Obi a ͻbεyε saa no, ͻbehyia bͻne so asotwee

    [69] Yεde asotwee no bεbͻ ho ama no wͻ wusͻreε da no, na ͻbεtena mu wͻ animguaseε mu

    [70] Gyesε obia ͻbεsakra n’adwen na wagye adie na wadi dwuma pa. Saa nkorͻfoͻ no deε Nyankopͻn bεdane wͻn bͻne no ayε no papa (ama wͻn). Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [71] Obia ͻbεsakra n’adwen na w’adi dwuma pa, nokorε sε wasakra nsakraeε pa paa kͻ Nyankopͻn hͻ

    [72] Ne wͻn a wͻ’nni adanse wia anaa adanse kurumuu, nasε wͻ’retwa mu wͻ ahuhudeε bi ho a, wͻ’twa mu wͻ ahonidie mu

    [73] Ne wͻn a, sε yεrekenkan wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm no (Qur’aan) kyerε wͻn a wͻ’nnyε wͻn ho asosifoͻ ne anifirafoͻ wͻ ho

    [74] Ne wͻn a (wͻ’bͻ mpaeε) ka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, (yԑsrԑ Wo sԑ,) dom yԑn ma yε’yerenom ne yεn mmanom nyԑ wᴐn a wͻ’bεkyekyere yεn werε, na ma yεn nyε Nyamesurofoͻ no akandifoͻ

    [75] Saa nkorͻfoͻ no na ԑnam wᴐn abotrԑ nti, yεde adan akԑseԑ betua wᴐn ka. Yεde nkyea ne asomdwiε na εbehyia wͻn wͻ (Aheman no) mu

    [76] Emu na wͻ’bεtena, na asetena pa ne ahomegye bea pa paa ne hͻ

    [77] Ka sε: “Sε εnyε mo mpaebͻ (a mobͻ de srε Nyankopͻn a) anka Nyankopͻn mfa mo ho. Na ampa sε moafa (asεm) no nkontompo no deε, sε εteε biara asotwee no deε εbεyε hͻ (anaasε monsa bεka)

    Surah 26
    Ash-Shu’araa

    [1] Toaa – Siin -- Miim

    [2] Woi yε Nsεm a efri Nwoma pefee no mu

    [3] Ebia wo (de awerεhoͻ) bekum wo ho sε wͻ’nnyε agyidiefoͻ nti

    [4] Sε Yε’pε a anka Yε’besiane nsεnkyerεnee bi fri soro aba wͻn so a εbεma wͻn kͻn aberε ase wͻ ahobraseε mu

    [5] Afutusεm foforͻ biara a ebefri Ahummͻborͻ Hene no hͻ aba wͻn hͻ no gyesε wͻ’twi fa so

    [6] Ampa sε wͻn apo (Asεm no); deε wͻ’dii ho fεw no ho asεm bεba wͻn so

    [7] Anaasε wͻ’nhunuu nneεma papa ahodoͻ a Yε’ma no fifiri wͻ asaase no soͻ

    [8] Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wͻn mu pii nye nni

    [9] Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn, Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [10] Kae εberε a wo Wura Nyankopͻn frεε Mose (ka kyerεε no) sε: “Kͻ amanfoͻ abͻneεfoͻ no hͻ

    [11] Farao nkorͻfoͻ no. Enti wͻ’nnsuro Nyame?”

    [12] Mose kaa sε: ”Me Wura, mesuro sε wͻ’bεbu me ͻtorofo “

    [13] M’akoma nso sua, na mekεtrεma nso ntumi nkasa yie, enti soma Aaron (ma no ne me nkͻ)

    [14] Na (Farao ne nenkorͻfoͻ) wͻ (awudisεm ho) bͻne bi tia me, enti mesuro sε wͻ’beku me”

    [15] (Nyankopͻn) kaa sε: ”Ɛmma saa da. Mo mmienu monfa Yε’nsεnkyerεnee nkͻ. Nokorε sε, Yε’ka moho, Yε’te“

    [16] Enti mo mmienu monkͻ Farao hͻ na monka sε: “Nokorε, yε’yε Abͻdeε nyinaa Wura no asomafoͻ

    [17] Na ma Israel mma no ne yεn nkͻ

    [18] Farao kaa sε: “Ɛnyε yεn mu ha ara na yεtetee wo ԑberԑ a woyԑ akͻdaa? Ɛna wode wo mfie pii tenaa yεn mu ha

    [19] Ɛna woyεε wo neyεε a woyͻeε, εna wo kͻkaa boniayεfoͻ no ho “

    [20] (Mose) kaa sε: “Meyεε no wͻ εberε a na meka wͻn a wayera no ho “

    [21] “Enti medwane frii mohͻ wͻ aberε a na mesuro mo; enti me Wura Nyankopͻn adom ama me adwen, εna Ɔde me aka asomafoͻ no ho “

    [22] “Woi ne adom a wode adom me a wodeka m’anim sε wode Israel mma ayε nkoa? “

    [23] Farao kaa sε: ”Hwan ne Abͻdeε nyinaa Wura no?”

    [24] Mose kaa sε: (Ɔne) ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu ntεm no Wura no, sε moadwen si mopi a

    [25] Farao ka kyerεε wͻn a wͻ’atwa neho ahyia no sε: “Moante? “

    [26] Mose kaa sε: (Ɔne) mo Wura Nyankopͻn, ne moagyanom tetefoͻ no Wura Nyankopͻn no

    [27] Farao kaa sε: “Nokorε sε mosomafoͻ no a yεsomaa no mo hͻ no abͻ dam paa “

    [28] Mose kaa sε: “Apueε ne atͻeε ne deε εwͻ ne mmienu no ntεm no Wura Nyankopͻn no, sε mowͻ adwen ampa a”

    [29] (Farao) kaa sε: ”(Mose), sε wofa nyame foforͻ bi ka meho a, ampa sε mede wo bεka wͻn a wͻ’da afiaseε no ho “

    [30] Mose kaa sε: ”Nasε mede biribi pefee bi berε wo mpo a?”

    [31] Farao kaa sε: “Ɛneε fabra, sε woka nokorεfoͻ no ho ampa a”

    [32] Enti Mose too nepoma no (too fᴐm) na hwε, ͻwͻ pefee bi nie

    [33] Oyii nensa na hwε, na ayε fitaa dema obi a ohunu

    [34] Farao ka kyerεε nhemfo a atwa neho ahyia no sε :”Nokorε sε, woi yε nkoyaayini a onim de

    [35] Ɔpε sε ͻde nekonyaa no beyi mo fri moasaase no soͻ, enti deεn na morehyε, (anaasε modwen sεn)?”

    [36] Wͻ’kaa sε: “Ma ͻne ne nua no ntwεn, na soma dawubͻfoͻ ma wͻ’nkכ nkuro so

    [37] Wᴐ’de nkoyaayifoͻ a wͻn aben paa na wͻ’nim de nyinaa bԑbrε wo”

    [38] Enti nkoyaayifoͻ no behyiaa wͻ εda a wahyε a wͻ’nim no mu

    [39] Wͻ’ka kyerεε amanfoͻ no sε: “Mo (nyinaa) moahyia?”

    [40] ”Sεdeε yεbedi (Farao) nkoyaayifoͻ no akyi sε εkͻba sε wͻ’di nkonim a”

    [41] Enti εberε a nkoyaayifoͻ no baeε no, wͻ’ka kyerεε Farao sε: “Sε εkͻba sε yedi nkonim a yε’benya akatua bi anaa?”

    [42] Farao kaa sε: “Aane, εno deε na εyε nokorε sε mobεka wͻn a wͻ’bεn (me) no ho”

    [43] Mose ka kyerεε wͻn sε: “Monto deε mobεtoͻ”

    [44] Enti wͻ’too wͻn nhoma ne wͻn mpoma too fᴐm, na wͻ’kaa sε: “Farao tumi mu nti yεn na yεbedi nkonim!”

    [45] Enti Mose nso too ne poma no na hwε, εmemeneee wͻn atorͻsεm a w’abͻ wͻn trim ayε no (nyinaa)

    [46] Enti nkoyaayifoͻ no kͻͻ fͻm de wͻn anim butuu fͻm (maa Nyankopͻn)

    [47] Wͻ’kaa sε: “Y’agye abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no adi

    [48] Mose ne Aaron Wura Nyankopͻn no

    [49] (Farao) kaa sε: “Moadikan agye no adi aberε a menya maa mo ho kwan? Nokorε sε, (Mose) ne mo panin a ͻkyerεε mo nkoyaa yie! Mobehunu. Metwitwa monsa ne monan abͻ no abira, na m’abͻ monyinaa asennua mu“

    [50] Nkoyaayifoͻ no kaa sε: “Ɛnsεe hwee! Nokorε sε ye’Wura Nyankopͻn hͻ na yεbεsan akͻ”

    [51] Nokorε, yε’wͻ awerεhyem sε, ye’Wura Nyankopͻn de yεn mfomsoͻ bεkyε yεn sε yεn ne nnipa a wͻn adikan agye adie “

    [52] Y’eyi kyerεε Mose sε: ”Fa Menkoa no tu kwan no anadwo, na nokorε sε (Farao ne nenkorͻfoͻ) beti mo”

    [53] Enti Farao somaa dawubͻfoͻ kͻͻ nkuro no so

    [54] Sε: ”Nokorε sε saa nkorͻfoͻ yi yε dͻm kakraa bi

    [55] Nanso nokorε sε, wͻ’hyε yεn abufuo

    [56] Nokorε sε yε’yε ɛdͻm a yεdͻͻso na y’ada yεn ho so

    [57] Enti Ye’yii wͻn frii turo ne nsuo aniwa ho

    [58] Ne ahonyadeε ne animuonyam gyina berε (biara) mu

    [59] Saa ara, na Yε’maa Israel mma no bedii wͻn adeε

    [60] Enti wͻ’tii wͻn wͻ εberε a na awia apue

    [61] Ԑberε a εdͻm mmienu no hunuu wͻn ho no, Mose nkorͻfoͻ no kaa sε: “Nokorε sε, (Farao ne nedͻm yi) bεto yεn “

    [62] Mose kaa sε: “Ɛmma saa da! Nokorε sε, Me Wura Nyankopͻn ka me ho, Ɔbεkyerε me kwan “

    [63] Enti Yeyi kyerεε Mose sε: “Fa wo poma no bͻ ͻpo no mu “. Na emu kyekyεe, na ne nkyekyεmu no mu biara bεyεε sε bepͻ kεseε bi

    [64] Enti Yε’de ekuo baako no (Farao nkorͻfoͻ) no bεn saa bea hͻ

    [65] Na Yε’gyee Mose ne wͻn a wͻ’ka neho no nyinaa nkwa

    [66] Afei Yε’maa nsuo faa (ekuo) baako no

    [67] Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wͻn mu dodoͻ no ara na wͻ’nnye nnie

    [68] Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn no Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no

    [69] Kenkan Abraham nso ho asεm no kyerε wͻn

    [70] Ɛberε a ͻka kyerεε nepapa ne nenkorͻfoͻ no sε: “Ԑdeεn na moresom yi?”

    [71] Wͻ’kaa sε: “Yε’som abosom, na yε’bεkͻso de yεn ho ama wͻn”

    [72] (Abraham) kaa sε: ”Enti sε mosufrε wͻn a wͻ’tie mo?”

    [73] Anaasε monya wͻn ho mfasoͻ anaasε ͻhaw bi?”

    [74] Wͻ’kaa sε: “Daabi, nanso yε’bεtoo y’agya nom sε saa ara na na wͻ’reyε”

    [75] (Abraham) kaa sε: “ Enti moahunu deε mosom

    [76] Mone moagya nom tetefoͻ no

    [77] Nokorε sε, wͻ’yε m’atamfo, gyesε Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no

    [78] (Abͻdeε nyinaa Wura) no a Ɔbͻͻ me, Ɔno na ͻkyerε me kwan

    [79] Ɔno na Ɔma me aduane die, na Ɔma me nsuo nom

    [80] Sε meyare a Ɔno na Ɔsa me yadeε

    [81] Ɔno na Ɔbεma me awuo na afei W’asan anyane me (afri owuo mu)

    [82] Ɔno na me wͻ anidaasoͻ sε Ɔde memfomsoͻ bεkyε me wͻ Akatua da no mu

    [83] Me Wura Nyankopͻn, mame nyansa, adwen ne nteaseε, na fa me ka apapafoͻ no ho

    [84] Na ma nkyirimma no mmͻ me din pa

    [85] Na fa me ka wͻn a wͻ’bedi adeε wͻ anigyeε Aheman no mu no ho

    [86] Na fa m’agya bͻne kyε no, nokorε sε ͻka ayerafoͻ no ho

    [87] Na engu m’anim ase wͻ Wusͻreε da

    [88] Ɛda no a sika anaa ahonyadeԑ ne mma ho mma mfasoͻ no

    [89] Gyesε obia ͻde akoma pa, anaa akoma a emu teε bεba Nyankopͻn hͻ no

    [90] Na yε’de Aheman no bεbεn Nyamesurofoͻ no

    [91] Na yεbeyi Amanehunu gya no adi akyerε ayerafoͻ no

    [92] Yԑ’bԑka akyerε wͻn sε: “Deε na mosom no wͻ hen

    [93] (Deε na mo) fri Nyankopͻn akyi (som wͻn no)? Wͻ’betumi aboa mo, anaasε wͻ’betumi aboa wͻn ara wͻn ho?”

    [94] Na yε’bεto wͻn (abosom) no ne ayerafoͻ no ama wͻ’de wͻn ti adikan akͻ (Ogya no) mu

    [95] Ne ͻbonsam asafo no nyinaa

    [96] Ɛberε a wͻ’bεko wͻ (Ogya no) mu no wͻ’bεka sε

    [97] “Yε’dͻ Nyame sε, na yεwͻ ͻyera pefee mu

    [98] Ɛberε a yεde mo totoo Abͻdeε nyinaa Wura no ho no

    [99] Ɛnyε obi na ɔyeraa yɛn, na mmom abͻneεfoͻ no ara na wͻ’maa yε’yeraeε

    [100] Enti seesei yenni otwitwagyefoͻ biara

    [101] Anaa yͻnkoͻ brεboͻ

    [102] Sε yεrenya kwan asan akͻ y’akyi (wͻ wiase) bio a, anka yεbεka agyidiefoͻ no ho

    [103] Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni

    [104] Nokorε sε wo Wura Nyankopᴐn ne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no

    [105] Noa nkorͻfoɔ no annye asomafoͻ no anni

    [106] Ɛberε a wͻn nua Noa ka kyerεε wͻn sε: “Enti monnsuro Nyankopͻn na monnyε ahwεyie

    [107] Nokorε sε meyε (Nyankopͻn) Somafoͻ nokwafoͻ ma mo

    [108] Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me

    [109] Memmisa (nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho akatua, na mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ

    [110] Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me.”

    [111] Wͻ’kaa sε: “Yεnye wo nni wͻ aberε a (nnipa mu) mpapahwekwa a wͻ’nni mmu na wͻ’di w’akyire?”

    [112] Noa kaa sε: “Ɛdeεn nimdeε na mewͻ wͻ deε wͻ’yε ho

    [113] Wͻn akontabuo deε me Wura Nyankopͻn hͻ na εwͻ, sε monim ampa a

    [114] Medeε (Menni ho tumi sε) mεpamo agyidiefoͻ no

    [115] Medeε nokorε (m’adwuma) nesε, meyε kͻkͻbͻni pefee”

    [116] Wͻ’kaa sε: “Noa, sε woanyae (wofrε no a) nokorε sε wobεka wͻn a yesi wͻn aboͻ (ku wͻn) no ho

    [117] (Noa) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, menkorͻfoͻ no abu me ͻtorofoᴐ

    [118] Enti bu me ne wͻn ntεm atεn, na gye me ne agyidiefoͻ no a wͻ’ka meho no (fri abͻneεfoͻ no nsam.)”

    [119] Enti Yε’gyee no ne wͻn a wͻ’ka neho no nkwa wͻ nsuom hyεn a ayε mma no mu

    [120] Afei Yε’maa nsuo faa nkaeε no

    [121] Nokorε sε nsεnkyerεnee wɔ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni

    [122] ᴐNokorε ampa sε, wo Wura Nyankopͻn, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [123] Aadfoͻ no annye asomafoͻ no anni

    [124] Ɛberε a wͻn nua Huud ka kyerεε wͻn sε: “Adεn monnsuro Nyame

    [125] Nokorε sε, meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo

    [126] Enti monsuro Nyame na monyε sotie ma me

    [127] Memmisa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho akatua, na mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ

    [128] Mosisi adan akεseε wͻ mea mea a εhͻ korͻn wͻ akwan ho degye moani kwa (wͻ aberε a montena mu)

    [129] Mosisi aban soroͻ a εyε fε nso ma moho tesε deε mobεtena mu afe bͻͻ

    [130] Sε mosͻ (obi mu anaasε monsa ka obi a), mosͻ ne mu anaasε mone no di no wͻ atrimuͻden so

    [131] Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie mame

    [132] Monsuro Nea Ɔde deε monim no adom mo

    [133] Ɔde nyεmmoa ne mma adom mo

    [134] Ne mfuo ne nsuo aniwa

    [135] Nokorε sε, medeε mesuro Da kεseε no asotwee no ho asεm mamo”

    [136] Wͻ’kaa sε: “Sε wotu yεn fo o, anaasε woanka afutufoͻ no ho o, εyε asεm korͻ ma yεn

    [137] Woi deε εyε tetefoͻ no suban no bia

    [138] Yε’nntwe yεn aso biara “

    [139] Wͻ’buu no ͻtorofo, enti Yε’sεee wͻn. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni

    [140] Nokorε ampa sε, wo Wura Nyankopͻn Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [141] Samuudfoͻ buu Asomafoͻ no atorofo

    [142] Ɛberε a wͻn nua Soalhu ka kyerεε wͻn sε: “Adεn, monsuro Nyame

    [143] Nokorε sε, meyε (Nyankopͻn) Somafoͻ nokwafoͻ dema mo

    [144] Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me

    [145] Memmisa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho akatua, mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ

    [146] Enti (modwen sε) yebegyae mo wͻ abodweԑ mu wͻ deε mo wͻ mu wͻ εha yi ho

    [147] Wͻ turo ne nsutire mu

    [148] Ne mfudeε ne akyiresua a εso aba a agu nhyerεnee na abͻ esa-sa

    [149] Modwa mmepͻ mu deyε afie a moadare mu (anaa mode tu moho)

    [150] Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie mma me

    [151] Na monhwε na moanni nsεmmͻnedifoͻ no ahyεdeε so

    [152] Wͻn a wͻ’di nsεmmͻne wͻ asaase no soͻ na wͻ’nntoto ntotoeε pa no “

    [153] Wͻ’kaa sε: “Woka wͻn a konya anya wͻn no ho

    [154] Woyε nipa tesε yεn ara, enti fa nsεnkyerεnee bi bra, sε woka nokorεfoͻ no ho ampa a.”

    [155] (Soalhu) kaa sε: “Yoma bedeε bi nie, ͻwͻ ho kwan sε ͻnom (nsuo), ɛna monso mo wɔ ho kwan sε monom (nsuo) wͻ εda a yahyε (ama mo ne yoma no)

    [156] Monhwε yie na moanyε no bͻne biara, amma asotwee ammεsͻ momu da kεseε bi “

    [157] Nanso wͻ’kum no, enti wͻ’benuu wͻn ho

    [158] Enti asotwee no sͻͻ wͻn mu. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni

    [159] Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [160] Lut nkorͻfoͻ no buu asomafoͻ no atorofoᴐ

    [161] Ɛberε a wͻn nua Lut ka kyerεε wͻn sε: “Adεn, monsuro Nyame

    [162] Nokorε sε, meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo

    [163] Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie mame

    [164] Memmisa mo akatua (wͻ nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho; mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ

    [165] Abͻdeε no mu no mmarima ho na mokͻ

    [166] Ɛna mogyae deε mo Wura Nyankopͻn abͻ ama mo a εyε moyere nom? Daabi, moyε amanfoͻ mmaratofoͻ paa“

    [167] Wͻ’kaa sε: “Lut, sε w’anyae (wonsεm no ka a) wobεka wͻn a yapamo wͻn anaa yatu wͻn (afri y’asaase soͻ) no ho

    [168] Ɔkaa sε: “Nokorε sε, mekyiri metan mo neyεε no

    [169] Me Wura Nyankopͻn, gye me ne m’abusuafoͻ fri deε wͻ’reyε no mu “

    [170] Enti Yε’gyee no ne n’abusuafoͻ nyinaa

    [171] Gyesε (ne yere) aberewa no, ͻkaa wͻn a wͻ’kaa akyire no ho

    [172] Afei Yε’sεee wͻn a aka no pasaa

    [173] Yε’tͻͻͻ nsuo (a ԑyԑ asotwee) paa de guu wͻn so. Na εyε nsutͻ bͻne paa ma wͻn a yεbͻͻ wͻn kͻkͻ no

    [174] Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni

    [175] Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [176] Na Aikatfoͻ no buu asomafoͻ no atorofoͻ

    [177] Ɛberε a Shu’aib ka kyerεε wͻn sε: “Adεn, monsuro Nyame

    [178] Nokorε sε, meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo

    [179] Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me

    [180] Memmisa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no ho) akatua, mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ

    [181] Monhyε (biribiara) ma no nyε mma, na monhwε yie na moammͻ (amanfoͻ) nyansa korͻno

    [182] Monfa nsanea a εtenee na ensusu (adeε ma amanfoͻ)

    [183] Monhwε na moanfa nyansa (korͻno kwan so) ante amanfoͻ nneεma so (ansisi wͻn) amma nsεmmͻnee annkͻso wͻ asaase no so

    [184] Na monsuro Nyankopͻn no a Ɔbͻͻ mo ne awoͻ ntotoasoͻ a edii kan no “

    [185] Wͻ’kaa sε: ”Wodeε woka wͻn a konya anya wͻn no ho

    [186] Woyε onipa tesε yεn ara, na yεn deε yε’dwene sε woka nkontompofoͻ no ho

    [187] Enti sε woyε nokwafoͻ ampa a εneε ma ͻsoro no mu sini bi mmu megu yεn so“

    [188] Ɔkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn nim dwuma a modie no (nyinaa) “

    [189] Wͻ’buu no ᴐtorofoᴐ, enti asotwee sͻͻ wͻn mu wͻ Enyunu da anaa Esum da bi mu. Nokorε sε na εyε asotwee kεseε Da

    [190] Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu, nanso wᴐn mu dodoͻ no ara nnye nni

    [191] Wo Wura Nyankopͻn, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [192] Nokorε sε (Qur’aan yi) yε Adiyisεm a efri Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ

    [193] Honhom Nokwafoͻ no (Gabriel) na ͻde siane

    [194] baa w’akoma mu, sεdeε wobεka akͻkͻbͻfoͻ no ho

    [195] Wͻ Arab kasa pefee no mu

    [196] Nokorε sε, (Qur’aan yi, ne Nkͻmhyεni Muhammad ho asεm) wͻ Nyamesεm Nwoma a edii kan (Tawra ne Injeel) no mu

    [197] Enti εnyε nsεnkyerεnee mma Quraishfoᴐ no sε Israel mu nwomanimfoͻ no nim yie (sε Qur’aan ho nkͻmhyε wͻ Tawra ne Injeel no mu)

    [198] Sε Ye’sianee (Qur’aan yi) maa obi a ͻnnyε Arabni mpo–

    [199] Ɛna ͻrekenkan kyerε wͻn a, anka wͻ’nnye nni

    [200] Saa ara na Yε’ma (gye a wͻ’nnye Qur’aan nnie) no wura abͻneεfoͻ no akoma mu

    [201] Wͻ’nnye nni kͻpem sε wͻ’behunu asotwee yaaya no ansa

    [202] Ɛbεba wͻn so mpofirem a wͻ’nnim ho hwee koraa

    [203] Ԑhͻ na wͻ’bεka sε: ”Enti yεmma yεn ahomegye berε?”

    [204] Enti Ya’sotwee na wͻ’repε no ntεm no

    [205] (Nkͻmhyεni), enti w’ahunu? Sε Yε’ma wͻn mfie tenten mpo a

    [206] Deε yahyε wͻn ho bͻ no ba wͻn so a

    [207] (Mfi tenten a wͻ’diiε) de gyee wͻn ani no ho mma mfasoͻ biara mma wͻn

    [208] Ya’nsεe kuro bi gyesε (Yedi kan ma) wͻ’nya kͻkͻbͻfoͻ

    [209] De afutusεm (brԑ wᴐn); na Yεn nyεε bͻne da

    [210] Ԑnyε abonsamfoͻ na wͻ’sianee (Qur’aan) yi

    [211] Na εmfata wͻn, na wͻ’ntumi mpo

    [212] Nokorε sε yatwe wͻn afri (Qur’aan yi) ho kͻ akyirikyiri sε wͻ’bεtie mpo

    [213] Enti hwε na w’ansu amfrε nyame foforͻ biara anka Nyankopͻn ho na wo ankͻka wͻn a yεbεtwe wͻn aso no ho

    [214] Na bͻ w’abusuafoͻ no a wͻ’bεn (woͻ) no nso kͻkͻ

    [215] Na berε w’ataban ase fama agyidiefoͻ no a wͻ’di wakyire no

    [216] Nasε wͻ’antie wo a, ka sε: “Medeε m’atwe meho afri dwuma a modie no ho “

    [217] Na fa woho to Otumfoͻ no a otumi ade nyinaa yε, Mmͻborͻhunufoͻ Hene no so

    [218] (Otumfoͻ) no a Ohu wo wͻ εberε a w’asͻre agyina hͻ (rebͻ mpaeε anadwo)

    [219] Ne w’ahokeka wͻ wͻn a wͻ’de wͻn anim abutu fͻm (frε Nyame) no mu

    [220] Nokorε sε, Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara, na Ɔne Onimdefoͻ no

    [221] Enti Menkyerε mo obia abonsamfoͻ siane ba nesoͻ

    [222] Wͻ’siane ba onipa biara a ͻyε nkontomponi, bͻnefoͻ no so

    [223] (Nipa bͻneni no a) ͻyε aso dema (ͻbonsam), na wͻn mu dodoͻ no ara yε nkontompofoͻ

    [224] Na wᴐn a wᴐ’ka anwensԑm no deε ayerafoͻ no na wͻ’di wͻn akyi

    [225] Wonhunuu sε wͻ’di akͻneaba wͻ bonhwa biara mu, (ka biribiara ho asεm, kamfo deε εyε ne deε εnyε nyinaa wͻ anwensԑm mu)

    [226] Nokorԑ sԑ wͻ’ka deε wͻ’nnyε ho asεm

    [227] Gyesε wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa, na wͻ’kaekae Nyankopͻn (wͻ εberε) biara (mu), na wͻ’bͻ wͻn ho ban wͻ akyire yi a yasisi wͻn. Na wͻn a wͻ’yε bͻne no behunu bea korͻ a wͻ’bεdane wͻn ho akͻ

    Surah 27
    An-Naml

    [1] Toaa – Siin . Woi yε Qur’aan mu nsɛm, ԑyԑ Nwoma a ɛda (biribiara) adi pefee

    [2] (Ɛyε) kwankyerε ne anigyesεm ma agyidiefoͻ no

    [3] Wͻn a wͻ’frε Nyame wͻ nebrε mu na wͻ’yi Zaka, na wͻn adwen si wͻn pi wͻ Daakye no ho no

    [4] Nokorε sε, wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no Y’ama wͻn dwumadi (bͻne no) ayε wͻn (aniso) fε, enti wͻ’redi akͻneaba sε anifirafoͻ

    [5] Saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ asotwee bͻne no. Wͻn na Daakye no mu no wͻ’ne berεguofoͻ no

    [6] (Nkͻmhyεni), nokorε sε wonsa kaa Qur’aan yi fri Onyansafoͻ, Nimdefoͻ no hͻ

    [7] Kae εberε a Mose ka kyerεε n’abusuafoͻ sε: “Nokorε sε m’ahunu egya; mede ho amaneε bεba abεbͻ mo anaasε mede nsramma bi bεba ama moaka moho hye “

    [8] Ɛberε a ͻbaa hoo no, yεfrεε no sε: ”Nhyira ne nea ͻwͻ egya no mu no, ne obiara a ͻwͻ ho. Kronkron Hene ne Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no“

    [9] Mose, nokorε sε εyε Me, Onyankopͻn Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no

    [10] To wopoma no to fͻm. Ԑberε a ohunuu sε εrekeka neho tesε ͻwͻ no, ͻdanee ne ho dwanee a wanhwε n’akyi. (Yε’kaa sε): “Mose, ensuro nokorε sε asomafoͻ no nnsuro wͻ M’anim

    [11] Na mmom obi a wayε bͻne na εno akyiri no ͻde papa ahyε bͻne no anan mu no, nokorε sε, Mene Bͻnefakyε Hene, Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [12] Enti fa wonsa hyε wo koko mu, εbεba fitaa a εni nkekaawa biara. (Woi nom ka) nsεnkyerεnee nkron a wode rekͻ Farao ne nenkorͻfoͻ hͻ no ho. Nokorε sε wͻ’yε amanfoͻ a wͻ’yε abͻneεfoͻ paa

    [13] Ɛberε a Yε’nsεnkyerεnee pefee a wͻ’tumi hunu baa wͻn hͻ no, deε wͻ’kaeε ne sε: ”Woi deε εyε nkoyaa pefee”

    [14] Wͻ’ko tiae aberε nso a wͻn akoma gye tom (sε εyε nokorε a efri Nyame hͻ), εnam bͻne ne ahomasoͻ nti. Enti hwε sεdeε nsεmͻnedifoͻ no awieε si wieε

    [15] Ampa nso sε Yε’maa Dawid ne Solomon nimdeε. Wͻn mmienu kaa sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a W’ahyε yεn animuonyam kyεn Nenkoa agyidiefoͻ no mu bebree “

    [16] Solomon bedii Dawid adeε, na ͻkaa sε: “Amanfoᴐ, yakyerε yεn nnomaa kasaa εna yama yεn biribiara. Nokorε sε, woi yε adom a εda adi pefee”

    [17] Na Jinn ne nnipa ne nnomaa, na ԑboa wᴐn ho ano ma Solomon sԑ asraafoᴐ dͻm, na wᴐ’hyehyε wͻn ho paa (wͻ amia mu) akuo-akuo (deε odi hͻ deε odi hͻ)

    [18] (Wͻ’sii mu) kͻpem sε wͻ’duruu Ntεteaa bonhwa no mu. Ntεteaa no baako kaa sε: “Ntεteaa, (monka moho) nkowura moatenaeε, na anyε a Solomon ne nedͻm betwi afa moso atiatia moso (akunkum mo) wͻ aberε a wͻ’nnim

    [19] (Solomon) wewene seree wͻ tεteaa no asεm no ho. Ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn (mesrε sε) dom me na mentumi nyi W’adom a wode adom me ne m’agya no so ayε, na (boa me) ma mentumi nni dwuma pa a W’ani bεgye ho, na fa W’ahummͻborͻ so fa me wura Wonkoa pa no mu

    [20] Solomon hwehwεε nnomaa no mu, na ͻkaa sε: “Adεn nti na menhunu Hudhud? Anaa ͻka wͻn a wͻ’amma no ho

    [21] Nokorε sε, mede asotwee a ano yε den paa bεtwe n’aso anaasε meku no, anaasε gyesε ͻde nyinasoͻ pefee bi berε me “

    [22] Hudhud ankyεre pii (na ͻbaeε), na ͻbεkaa sε: “M’ahunu adeε bi a wonhunuiε. Mede amaneε pefee bi fri Saba’a na aberε woͻ

    [23] Mehunuu ͻbaa bi sε ͻno na ͻdi wͻn so hemaa; yama no biribiara, na ͻwͻ ahennie a εsoo paa

    [24] Mekͻtoo no sε ͻne nenkorͻfoͻ no afri Nyankopͻn akyi som awia; na ͻbonsam ama wͻn dwumadi (bͻne no) ayε wͻn aniso fε, ama w’asi wͻn (kwan pa no ho) kwan, enti wͻ’nni kwankyerε

    [25] (Ɛnam saa) nti wͻ’nnsom Nyankopͻn a ͻda deε asuma wͻ soro ne asaase so adie, na Onim deε mode suma ne deε moda no adie no

    [26] Onyankopͻn, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔne Ahennwa kεseε no Wura no “

    [27] Solomon kaa sε: “Yε’bεhwε sε, deε woreka no yε nokorε anaasε woka nkontompofoͻ no ho

    [28] Fa menwoma yi kͻ na fa kͻma wͻn, na afei dane woho fri wͻn ho (bra), na yεnhwε (mmuaeε) a wͻ’de bεba“

    [29] (Ɔhemaa no) kaa sε: ”Nhemfo, nokorε sε yεde animuonyam nwoma bi aberε me

    [30] Nokorε sε efri Solomon hͻ, na nokorε sε (me hyj asej wc) Nyankopͻn din mu, Ahummͻborͻ Hene, Ɔdεεfoͻ Hene. (Bismi Laahir-Rah’maanir-Rahiim)

    [31] (Emu nsεm ne sε): “Monhwε na moanyε ahomasoͻ antia me, na mmom momra mehͻ sε Muslimifoͻ wͻ ahobraseε mu

    [32] (Ɔhemaa no) kaa sε: Nhemfo, mo mame adwen wͻ m’asεm yi ho. Menfa adwen wͻ asεm bi ho gyesε moka me ho (ne me dwene ho) ansa

    [33] (Nhemfo no) kaa sε: “Yεn ho yε den paa, na yεwͻ ͻkoo mu nso ahoͻden papaapa; na wohɔ na tumi no wͻ, enti hwε deε wobεhyε sε yεnyε”

    [34] (Ɔhemaa no) kaa sε: “Nokorε sε, (Solomon) nhemfo no, sε wͻ’wura kuro bi mu a wͻ’sεe no pasaa, na wͻ’brε kuro no mu atitiriwfoͻ ne adehyeε no ase korakora. Na saa na wͻ’yε”

    [35] Nokorԑ sԑ mede akyεdeε bԑsoma ama yεde akͻma wͻn na yahwε (mmuaε) a asomafoͻ no bεsan de aba “

    [36] Ɛberε a (asomafoͻ no) baa Solomon hͻ no, ͻkaa sε: “Ahonya deε na mode rema no abu me soͻ? Deε Nyankopͻn de ama me no kyεn deε Ɔde ama mo. Daabi, mona moanigye moakyεdeε no ho “

    [37] (Solomon ka kyerεε Ɔhemaa no bͻfo panin no sε): “San wakyi kͻ wͻn hͻ, na yεde dͻm a wͻ’nntumi nyina ano bεba wͻn so, na y’abetu wͻn mu atitiriwfoͻ no afri kuro no mu, na y’agu wͻn anim ase “

    [38] (Solomon) kaa sε: ”Mpanimfoͻ, momu hwan na ͻde n’ahennwa no bεbrε me ansa na wͻ’de ahobraseε aba me hᴐ?”

    [39] Jinn no mu ͻhodenfoͻ (Ifriit) kaa sε: “Mede bεbrε wo ansa na w’asͻre afri faako a woteε yi. Nokorε sε mewͻ ahoͻden afei medi nokorε wͻ adwuma a εte saa no ho

    [40] Nea ͻwͻ Nyamesεm Nwoma no ho nimdeε no kaa sε: “Mede bεbrε wo ntεmso (tesε obi abͻ na’ani ateε). Ԑberε a Solomon hunuu sε (Ɔhemaa no ahennwa) no si n’anim no, ͻkaa sε: “Woi yε adom a efri me Wura Nyankopͻn hͻ sεdeε Ɔde bεsͻ me ahwε sε meyi (N’ayε) anaa meyi (no) boniayε. Obi a obeyi (Nyankopͻn) ayε no, oyi ayε dema ͻno ara neho, na obia obeyi boniayε no nso nokorε sε, me Wura Nyankopͻn deε W’anya Neho, Ɔne Adom ne Animuonyam Hene

    [41] (Solomon) kaa sε: “Monyε nsakraeε wͻ n’ahennwa no ho ma no na yεnhwε sε w’anya kwankyerε, anaasε ͻka wͻn a wͻ’nnyaa kwan kyerε no ho.“

    [42] Ɛberε a ͻbaeε no yεkakyerεε no sε: “Enti w’ahennwa no sei na εteε?” Ɔkaa sε: “Ɛbεka sε εyε noa “.(Solomon kaa sε): Y’adi kan anya ɛho nimdeε ansa na ͻreba. Na yε’deε yε’yε Muslimifoͻ dada”

    [43] Deε na (Ɔhemaa Bilqiis) fri Nyankopͻn akyi somoeε no sii no (Nyamesom ho) kwan efrisε na ͻka amanfoͻ boniyεfoͻ no ho

    [44] Yε’ka kyerεε (Ɔhemaa) no sε: “Wura ahemfie kεseε no mu”. Ɛberε a ohunuuiε no n’adwen yεε no sε εyε asu tadeε bi, enti (ͻpagya n’ataadeε) yii nenan ho. Solomon kaa sε: “Ɛyε ahemfie a yεde nhwehwε na ayε no kokwakokwa“. Ɔhemmaa Bilqiis kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε m’ayε bͻne atia me ho, na m’aka Solomon ho abrε me ho ase (sε Muslim) de ama Abͻdeε nyinaa Wura no

    [45] Nokorε nso sε Yε’somaa Samuudfoͻ nua Soalhu maa no kͻͻ wͻn hͻ sε (ͻnkͻka nkyerε wͻn) sε: “Monsom mo Wura Nyankopͻn“. Na hwε, wͻ’bεyεε akuo mmienu a wͻ’reko tia wͻn ho

    [46] (Soalhu) kaa sε: ”Menkorͻfoͻ, adεn nti na morepere moho de bͻne adi papa anim kan? Adεn nti na monsrε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε sεdeε ebia yεbehu mo mmͻbͻ?”

    [47] Wͻ’kaa sε: “Wone wͻn a wͻ’ka wo ho no yε mmusuo ma yεn“. Soalhu kaa sε: ”Mo mmusuo no fri Nyankopͻn hͻ; daabi, moyε nnipa a mowͻ nsͻhwε mu “

    [48] Na mmarima nkron bi wͻ kuro no mu a wͻ’di nsεmmͻne wͻ asaase no so a wͻ’nnyε ntotoeε pa

    [49] Wͻ’kaa sε: “Monfa Nyankopͻn nni nse nkyerε moho-moho sε, yεbεkͻ akͻto ahyε Soalhu ne n’abusuafoͻ so anadwo, na yaka akyerε nenkorͻfoͻ sε: “Yennim ͻne n’abusuafoͻ wuo no ho hwee, na nokorε na yεreka no“

    [50] Enti wͻ’bͻͻ pͻ paa, na Yεn nso Yε’bͻͻ pͻ paa wͻ aberε a na wͻ’nnim

    [51] Enti hwε sεdeε wͻn pͻbͻͻ no aweε si wieε! Nokorε, Yε’sεee wͻ’ne wͻn nkorͻfoͻ no nyinaa pasaa

    [52] Sεdeε wͻn afie si yͻeε no-, adane amanfoo, εnam wͻn bͻne nti. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻnim

    [53] Yε’gyee wͻn a wͻ’gye diiε no a na wͻ’suro Nyame no nkwa

    [54] Lut nso, εberε a ͻka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Adεn, mobu bra bͻne wͻ aberε a moani tua

    [55] Mofri mmaa no akyi de akͻnnͻ kͻ mmarima so? Daabi, moyε amanfoͻ bi a moadwen awuo

    [56] Nanso mmuaeε a nenkorͻfoͻ no de maeε ara ne sε, wͻ’kaa sε: “Montu Lut ne nenkorͻfoͻ no mfri mo kuro no mu. Nokorε sε wͻ’yε nnipa a wͻ’di wͻn ho nni (anaa wͻ’repε akyerε sε wͻn na wͻ’di wͻn ho nni)

    [57] Enti Yε’gyee no ne n’abusuafoͻ nkwa, gyesε neyere. Yε’hyehyε maa no sε ͻbεka wͻn a wͻ’bεka akyire no ho

    [58] Yε’tͻͻ nsuo bi paa guu wͻn so. Na εyε nsutͻ bͻne paa dema amanfoͻ a yabͻ wͻn kͻkͻ no

    [59] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn, na Asomdwiε nka Nenkoa no a W’ayi wͻn no. Nyankopͻn na Ͻyε, anaasε deε wͻ’de bata Neho no (na εyε)?”

    [60] Anaasε hwan ne Nea Ɔbͻͻ soro ne asaase, na Osiane nsuo fri soro dema mo na Yε’de ma mfuo yε fεfεεfε? Ɛnyε motumi mu na εma emu nnua no nyini. Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Daabi, nanso wͻ’yε nnipa a wͻ’de biribi toto (Nyankopͻn ho)

    [61] Anaasε hwan na w’ayε asaase so asetena, εna Ɔde nsuo ahyehyε mfimfii, εna Ɔde mmepͻ asisi so pintinn, εna Ɔde εhyeε ato ͻpo mmienu (nsupa a εyε dε ne nkyenenkyene nsuo) no ntεm. Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Daabi, nanso wͻn mu pii nnim

    [62] Anaasε hwan na Otie ͻwerεhoni sufrε, sε osu frε Nyankopͻn a, na Oyi ͻhaw no (fri nesoͻ), εna Wayε mo adedifoͻ anaasε anaamusifoͻ wͻ asaase no soͻ? Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Nanso kakraabi na mokaeε

    [63] Anaasε hwan na Ɔkyerε mo kwan wͻ asaase so, ne ͻpo so sum mu, na hwan na Ɔsoma mframa sε anigyesεm de di N’ahummͻborͻ no (a εne nsutͻ no) anim kan? Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Nyankopͻn yε Kokroko kyεn deε wͻ’de bata Neho no

    [64] Anaasε hwan na Ɔhyεε abͻdeε aseε, na Ɔsan bͻ bio, anaasε hwan na Ɔbͻ mo akͻnhoma fri soro ne asaase soͻ? Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Ka sε: ”Monfa monyinasoͻ mmra, sε moyε nokwafoͻ ampa a

    [65] (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Obiara nni soro ne asaase so a onim asumasεm no, gyesε Nyankopͻn; na wͻ’nnim ɛberε korͻ a wͻ’bεsͻre afri owuo mu “

    [66] Daabi, wͻ’nni Daakye no ho nimdeε. Daabi, wͻn adwen nnsi pi wͻ ho. Daabi, wͻn ani afira koraa wͻ ho

    [67] Deε wͻn a wͻ’nnye nnie no keka ne sε: “Enti sε yεn, ne y’agyanom (wu) dane mfuturo a, ampa sε yεbεsan apue (aba nkwa mu bio)

    [68] Ampa sε yεde woi ahyε yεn ne y’agyanom a wͻ’dii kan no bͻ. Nokorε sε woi deε tetefoͻ no anansesεm “

    [69] Ka sε: “Montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε abͻneεfoͻ no awieε si wieε

    [70] Ԑmma wowerε nnho wͻ wͻn ho, na εmma w’akoma nha wo fa pͻ a wͻ’rebͻ no ho

    [71] Deε wͻ’ka ne sε: ”Dabεn na saa bͻhyε yi (bεba), sε moyε nokwafoͻ ampa a “

    [72] Ka sε: “Ebia deε morepre ho no bi mpo abεn mo “

    [73] Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn adom a εwͻ adasamma soͻ no so paa. Nanso wͻn mu dodoͻ no ara na wͻ’nnyi (Onyankopͻn) ayε

    [74] Nokorε nso sε, wo Wura Nyankopͻn Nim deε εwͻ wͻn akoma mu ne deε wͻ’da no adie

    [75] Biribiara a asuma wͻ ͻsoro ne asaase soͻ no nyinaa wͻ Nwoma pefee no mu

    [76] Nokorε sε, saa Qur’aan yi kasa fa nneεma pii a Israel mma no nnte wͻn ho ase wᴐ ho no ho

    [77] Nokorε nso sε, (Qur’aan) yε kwan kyerε (Nwoma) ne ahummͻborͻ dema agyidiefoͻ no

    [78] Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn de N’atemmuo no bebu wͻn ntεm atεn. Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onimdefoͻ no

    [79] Enti fa woho to Nyankopͻn so; nokorε sε, wogyina nokorε pefee no so

    [80] Nokorε sε, wontumi mma owufoͻ nte asεm, na wontumi nso mma ͻsosifoͻ nnte frε wͻ εberε a wadane neho redwane kͻ

    [81] Wontumi nso nkyerε anifirafoͻ kwan mfri wͻn yeraa mu. Nea wobetumi ama no ate ne obi a ͻgye Yεn Nsεm no die, na wͻ’yε Muslimifoͻ, (brε wͻn ho ase dema Nyame)

    [82] Sε asεm no berε no so tia wͻn a, Yε’beyi Aboa afri asaase mu ama ͻne wͻn abεkasa, efrisε adasamma nnye Yεn Nsεm no nni

    [83] Ɛda a Yε’bεboa ͻman biara mu fekuo no a wͻ’annye Yεn Nsεm no annie no ano no, yεbεhyehyε wͻn akuo akuo

    [84] Kͻpem sε, wͻ’bεba (aseni bea hͻ); Nyankopͻn bεka sε: ”Enti moanye Mensεm no anni wͻ aberε a monni ho nimdeε? Enti dwuma bεn na modii no (wͻ wiase)?”

    [85] Asεm no bεtͻ wͻn so, εnam wͻn bͻne a wͻ’diiε ho nti, enti wͻ’nnkasa

    [86] Enti wͻ’nnhunuu sε Ya’yε anadwo ama wͻn a wͻ’de gye wͻn ahome, εna adekyeε nso wͻ’de hunu adeε (dehwehwε akͻnhoma)? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma amanfoͻ a wͻ’gye die

    [87] Ɛda a yεbεbͻ Totorobεnto no mu no, ehuu kεseε paa bεbͻ wͻn a wͻn wͻ soro ne asaase so nyinaa, gyesε obia Nyankopͻn pε. Na obiara bεba Nehͻ wͻ ahobraseε mu

    [88] Na mmepͻ no a wohunu na w’adwen yε wo sε esisi hͻ pintinn a εnkeka ne ho no, εbetwa mu sεdeε mununkum si twa mu no. Saa ara na Nyankopͻn a Wabͻ biribiara yie no nsa ano adwuma teε. Nokorε sε Ɔne dwuma a modie no {nyinaa} ho Amane bͻfoͻ

    [89] Obi a ͻde papa bi bεba no ͻwͻ ho nhyira a εkyεn saa, na wͻn na saa Da no hubͻ no mu no wͻ’benya ahotᴐ

    [90] Na obi a ͻde bͻne bεba no, wͻn anim so na yεbεto wͻn atwene wͻ Ogya no mu. Enti εnyε dwuma a modiiε no so na yεbetua mo so ka

    [91] Medeε deε yahyε me nesε mensom saa Kuro (Maka) yi Wura Nyankopͻn no a W’ayε (kuro yi) kronkron na biribiara yε Nedea no. Yahyε me nso sε menka Muslimifoͻ no ho

    [92] Na menkenkan Qur’aan. Enti obi a ͻbεtenee no, ͻtene ma ͻno ara neho; na obi a ͻbεyera no nso, ka sε: “Medeε meka kͻkͻbͻfoͻ no ho“

    [93] (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Aseda nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔbεkyerε mo Nensεnkyerεnee ama mo ahunu. Na wo Wura Nyankopͻn mmuu N’ani nguu dwuma a modie no so

    Surah 28
    Al-Qasas

    [1] Toaa – Siin – Miim

    [2] Woi yε nsεm a efri Nwoma pefee no mu

    [3] Yε’de nokorε no rekenkan Mose ne Farao ho nsεm no akyerε wo (Muhammad afa woso) de ama amanfoͻ a wͻ’gye die

    [4] Nokorε sε, Farao maa neho so wͻ asaase no so, na ͻde so nnipa no guu akuo-akuo, berεε wͻn mu kuo baako ase; ͻkunkum wͻn mma mmarima, maa wͻn mmaa tenaa ase. Nokorε sε, na ͻka nsεmͻnedifoͻ no ho

    [5] Yε’pεε sε Yε’dom wͻn a yεbrεε wͻn aseε wͻ asaase no soͻ no, na Yε’yε wͻn akandifoͻ, na Yε’yε wͻn adedifoͻ nso

    [6] Na Yε’ma wͻn tumi wͻ asaase no so, na Yε’kyerε Farao ne Hamaan ne wͻn mmienu asraafoͻ no mu bi deε εbεbͻ wͻn hu

    [7] Ye’yi kyerεε Mose maame sε: “Wodeε ma no nufoͻ nom; nasε wosuro ma no a, fa no kͻto asubͻnten no mu, na ensuro na εmma wowerε nso nnho; nokorε sε Yε’bεsan de no abrε wo na yama no ayε asomafoͻ no mu baako

    [8] Enti Farao nkorͻfoͻ bεfaa Mose sεdeε ͻbεyε ͻtamfo ne awerεhoͻ ama wͻn. Nokorε sε, na Farao ne Haamaan ne wͻn asraafoͻ no yε abͻneεfoͻ paa

    [9] Farao yere kaa sε: ”(Saa akͻdaa yi yε) mene wo awerεkyekyerε, enti enku no, na ebia yεbenya ne ho mfasoͻ (daakye), anaasε yεde no bεyε ba. Na wͻ’nnim (deε Mose so hwε no de bԑbrԑ wͻn)

    [10] Na hwee nni Mose maame akoma mu (ka neba no ho adwendwen nko ara). Ɛkaa kakraabi sε anka ͻrema (asεm no) ho adahͻ, sε Y’amma n’akoma anyina pintinn a. Sεdeε ͻbεka agyidiefoͻ no ho

    [11] Mose maame ka kyerεε Mose nua baa (Mar’yam) sε: “Di na’kyi”. Enti ͻkͻtεε baabi akyirikyiri hwεe, abrε a na wͻ’nnim (deε εrekͻsoͻ)

    [12] Na Y’adikan asi (Mose) kwan a Y’amma no annum (obiara nufu), enti (Mose nua baa no) kaa sε: ”Menkyerε mo efie bi mufoͻ a wͻ’bεtete no ama mo na wa’hwε no so yie?”

    [13] Enti Yεde (Mose) san brεԑ ne maame sεdeε n’ani bεgyeε na newerε nnhoͻ, ne sεdeε ͻbehunu sε, ampa Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε, nanso wͻn mu dodoͻ no ara nnim

    [14] Ɛberε a (Mose) duruu ne mpanin berε mu, na odii mmu no, Yε’maa no adwen, nyansa ne nimdeε. Saa ara na Ye’tua apapafoͻ no ka

    [15] (Da koro bi, Mose) kͻͻ kuro no mu wͻ ɛberε a na emu foͻ no ani nni wͻn ho soͻ; emu na ͻkͻhunuu mmarima mmienu bi a wͻ’reko, ͻbaako wͻ nefekuo no mu (Israelni) εna ͻbaako no nso fri n’atamfoͻ no mu (Misrimni). Deε ͻfri ne fekuo no mu no hwehwεε ne hͻ mmoa detiaa deε ͻyε netamfoͻ no. Mose pomaa twεdeε de bͻͻ no, na ͻkum no. Ͻkaa sε: “Woi ka ͻbonsam adwuma ho. Nokorε sε, ͻyε ͻtamfo ne obia ͻyera (nnipa) pefee “

    [16] Mose kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, m’ayε bͻne atia me kraa enti fa kyε me“. Enti Nyankopͻn de kyεε no. Nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Ahummͻborͻ Hene no

    [17] Mose kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, εnam adom a Wode adom me yi nti, memmoa abͻneεfoͻ no bio “

    [18] Afei ͻbͻͻ hu wͻ kuro no mu a na ͻretetε (retwεn deε εbεba), na hwε, obi a ͻhwehwεε ne mmoa nnora no retea mu frε no ahwehwε ne mmoa (bio). Mose ka kyerεε no sε: “Nokorε sε, woyε obia woyera (onipa) pefee“

    [19] Ɛberε a ͻpεε sε anka ͻpari sͻ (Misrimni) no a ͻyε wͻn mmienu no tamfoͻ no mu no, (Israelni no de huu) kaa sε: “Mose, wopε sε woku me sεdeε wokum onipa bi εnora no? Wopε sε wodi atumisεm wͻ asaase no so, na wompε sε woka wͻn a wͻ’toto ntotoeε pa no ho“

    [20] Ɔbarima bi de mmirika fri kuro no mu akyirikyiri baabi bae bεkaa sε: “Mose, nhemfo no rebͻ wo ho pͻ sε wͻ’beku wo, enti (yε ntεm) fri (kuro yi mu) kͻ. Nokorε sε, meka wͻn a wͻ’pε wo yie die no ho “

    [21] Mose de huu ne atetε-atetε fri (kuro no) mu. Ɔkaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, gye me fri nnipa bͻnefoͻ no nsam

    [22] Ɛberε a ͻde n’ani kyerεε Mad’yan (asaase soͻ) no, ͻkaa sε: “Ebia me Wura Nyankopͻn bεkyerε me kwan akͻ ͻkwan pa no so “

    [23] Ɛberε a ͻduruu Mad’yan nsuo mu no, ohunuu nnipa kuo bi a wͻ’rema (wͻn nyεmmoa) nsuo, na ͻhunuu mmaa mmienu bi nso a wͻ’ate wͻn ho (de wͻn nyεmmoa) gyina nkyεn baabi. Mose kaa sε: “Mo amaneε ne sεn?” Wͻ’ka kyerεε no sε: “Yentumi mma (yεn nyεmmoa no) nsuo gyesε nwanhwεfoͻ no yi (wͻn mmoa no fri hͻ kͻ ansa), na yεn agya nso yε akͻkora posoposo “

    [24] Enti Mose maa wͻn (nnwan no) nsuo, afei ͻdanee ne ho kͻͻ enyunu bi mu na ͻkaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, mehia ade pa biara a Wobesiane ama me “

    [25] Mmaa no mu baako de fεdeε nante baa Mose hͻ. Ͻkaa sε: “M’agya refrε wo sεdeε ͻbetua wo (nyεmmoa no a) womaa wͻn nsuo maa yεn no so ka”. Enti εberε a Mose baa ne hͻ, na ͻbͻͻ no amaneε no, ͻkaa sε: “Ensuro, w’anya woho afa adi afri nnipa bͻnefoͻ no nsam

    [26] Mmaa no mu baako kaa sε: “Agya, bͻ no paa. Nokorε sε, obia εyε paa sε wobͻ no paa ne ͻhoͻdenfoͻ nokwafoͻ (tesε saa abranteε yi)”

    [27] (Ɔpanin no) kaa sε: ”Mepε sε mede me mma mmaa yi mu baako ma wo awadeε wͻ nhehyεε so sε, wobεsom me mfie nwͻtwe, na mmom sε woma no wie mfie du a, εno deε efri wo ara wo hͻ, na mempε sε mεha wo pii. Sε Onyankopͻn pε a wobehunu sε meka apapfoͻ no ho “

    [28] (Mose) kaa sε: ”Woi ne (nhyehyεε) a εda me ne wo ntεm, εberε no mu biara a metumi adi soͻ no εnyε bͻne ma me; na Onyankopͻn ne deε yε’reka yi ho Kyitaafoɔ”

    [29] Ɛberε a Mose wiee εberε no, na ͻne n’abusuafoͻ retu kwan akͻ (Misrim) no ͻtee egya bi nka wͻ bepͻ no nkyεn hͻ baabi. Enti ͻka kyerεε n’abusuafoͻ no sε: “Montwεn ha na m’ahunu egya; ebia mede amaneε bi befri hͻ abrε mo, anaasε (menya) nsramma bi aberε mo sεdeε mode bεka moho hyeε

    [30] Ɛberε a ͻbaa hͻ no, yεfrεε no fri nifa fam wͻ nhyira bonhwa no mu wͻ deε na dua no sie hͻ sε: “Mose, nokorε sε, Mene Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no

    [31] Fa wopoma no to fͻm“. Ԑberε a ͻhunuu sε εrekeka neho tesε ͻwͻ no, ͻdanee neho dwanee na wannhwε n’akyi. (Yε’frεε no sε): “Mose, pini ho, na ensuro; nokorε sε woka wͻn a wͻn wͻ akomatͻyεmu no ho

    [32] Fa wonsa hyε wo koko mu na εbεba fitaa a εnyε bͻne biara. Na twe wonsa gu woho na ehu no begyae. Woi yε nyinasoͻ pefee mmienu a wode rekͻ Farao ne nenhemfo no hͻ. Nokorε sε na wͻ’yε nnipa bͻnefoͻ paa“

    [33] (Mose) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, m’akum onipa bi wͻ wͻn mu, enti mesuro sε anhwε a na wͻ’aku me

    [34] Me nua Aaron, ͻne obia n’ano ate wͻ kasa mu kyεn me, enti soma no ka meho sε ͻboafoͻ na ͻnfoa me so (nhyε me den). Nokorε mesuro sε wͻ’bebu me ͻtorofo “

    [35] Nyankopͻn kaa sε: ”Yε’de wo nua no bεhyε wo abamu den, na Yε’bεma mo mmienu tumi, na wͻ’nsa nnka mo (anaasε wͻ’nntumi nyε mo bͻne biara), εnam Yεn nsεnkyerεnee no nti, mo mmienu ne wͻn a wͻ’bedi moakyi no na mobedi nkonim

    [36] Enti εberε a Mose de Yε’nsεnkyerεnee pefee no baa wͻn hᴐ no, deε wͻ’kaeε ne sε: “Woi yε nkonyaa a w’abͻ netri mu (na ayε), woi deε yεntee ne mpaninsεm wᴐ y’aganom tetefoᴐ nohᴐ “

    [37] Mose kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn na Onim deε ͻde tenenee fri Nehͻ aba, ne nea ͻwͻ asetena pa wͻ awieε. Nokorε sε, abͻnefoͻ no deε wͻ’nni nkonim da “

    [38] Farao kaa sε: ”Nhemfo, medeε mennim sε mowͻ nyame biara ka me ho, enti Haamaan sͻ gya wͻ ntayaa so mame na si dan tenten bi mame sεdeε (mede bεforo akͻ soro de) ahunu Mose Nyankopͻn no, efrisε megye di sε ͻka nkontompofoͻ no ho“

    [39] Ͻno ne n’asraafoͻ no yεε ahomasoͻ wͻ asaase no so a wͻ’nni ho kwan sε wͻ’yε, na wͻ’dwen sε wͻ’nnsan mma Yεn hͻ bio

    [40] Enti Yε’pari sͻͻ ͻne na’sraafoͻ no mu na Yε’too wͻn twenee wͻ ͻpo no mu. Enti hwε sεdeε abͻneεfoͻ no awieε si wieε

    [41] Yε’maa wͻ’yεε akandifoͻ a wͻ’bεfrε (amanfoͻ) akͻ Ogya no mu, na Wusͻreε da no (obiara) mmoa wͻn

    [42] Yε’maa nnomee dii wͻn akyi wͻ wiase, na Wusͻreε da no wͻ’bεka wͻn a yagu wͻn anim aseε no ho, (anaa y’apamo wͻn afri Nyame ahummborͻ mu) no ho

    [43] Ampa sε akyire yi a Y’εsεee awoͻ ntoatoasoͻ a edii kan no Yε’de Nwoma no a na εyε anibue ne kwankyerε ne ahummͻborͻ ma adasamma no maa Mose, sεdeε wͻ’de betu wͻn ho foͻ

    [44] (Nkͻmhyεni), na wonni Atͻeε fam hͻ wͻ berε a Ye’yii ahyεdeε no maa Mose, na na wonnka (nenkorͻfoͻ a) na wͻn wͻhͻ no nso ho

    [45] Nanso Yε’bͻͻ awoͻ ntoatoasoͻ (foforͻ wͻ Mose akyi), na nkwa nna yεε tenten maa wͻn (wͻ wͻn ani so). (Nkͻmhyεni), na wonyε obia wote Mad’yanfoͻ no mu εna worekenka Yεn nsεm (a esii hͻ) akyerε wͻn, na mmom Yεn na Yε’soma (Asomafoͻ no)

    [46] Na wonni bepͻ Tuur ho hͻ wͻ εberε a Yε’frεε (Mose), na mmom εyε ahummͻborͻ a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ sεdeε wode bεbͻ amanfoͻ no a kͻkͻbͻni biara nii w’anim kan maa wͻn hͻ no kͻkͻ, sεdeε wͻ’de betu wͻn ho foͻ

    [47] Sεdeɛ mmusuo bi to wͻn εnam dwuma a wͻ’nsa adi ho nti a, wͻn ankͻka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, sε Wosomaa ͻsomafoͻ maa no baa yεn hͻ a, anka yεbedi Wonsεm no akyi na y’akͻka agyidiefoͻ no ho.”

    [48] Nanso εberε a Nokorε no fri Yεn nkyεn baa wͻn hͻ no, deε wͻ’reka nesε: “Adεn nti na yε’mmaa (Muhammad) deε yεde maa Mose no bie?” Deε kane yεde maa Mose no wͻn ampo anka sε, nkonyaayifoͻ mmienu a wͻ’reboa wͻn ho wͻn ho? Wͻ’kaa sε: “Nokorε sε yεnnye emu biara nni”

    [49] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Monfa Nwoma bi mfri Nyankopͻn hͻ a εtene kyεn (Tora ne Qur’aan) no mmienu mmra na medi akyire, sε moyε nokwafoͻ ampa a

    [50] Enti sε wͻn amma wo mmuaeε a, εneε hunu sε wͻn apεdeε hunu na wͻ’di akyire. Hwan na w’ayera kyεn obi a odi n’apεdeε hunu akyi, na εnyε kwankyerε a efri Nyankopͻn hᴐ? Nokorε sε, Nyankopͻn deε Ɔnkyerε nnipa bͻnefoͻ no kwan

    [51] Ampa sε, Y’ama asεm no aduru wͻn hͻ sεdeε wͻ’debetu wͻn ho foͻ

    [52] Wͻn a Y’εmaa wͻn Nwoma dii (Qur’aan) anim kan no (mu bi), gye (Qur’aan) di

    [53] Sε yεrekenkan kyerε wͻn a, wͻ’ka sε: “Yε’gye di; nokorε sε, εyε nokorε a efri Ye’Wura Nyankopͻn hͻ; na yedii kan yεε Muslimifoͻ (brεε yεn ho ase maa Nyame) ansa na (Qur’aan reba)

    [54] Saa nkorͻfoͻ no na yε’bεma wͻn akatua mprenu εnam aboterε a wͻ’nyaeε no ho nti, na wͻ’de papa si bͻne ho kwan, na deε Yε’de akyε wͻn no nso wͻ’yi mu bi dema

    [55] Sε wͻ’te ahuhusεm bi a wͻ’dane wͻn ho fri ho ka sε: “Ya’dwuma wͻ yεn, εna monso moadwuma wͻ mo. Salaamu Alaikum’ Asomdwiε nka mo! Yεnhwehwε abagyimifoͻ (asεm biara)”

    [56] (Nkͻmhyεni), nokorε sε wontumi ntene obia wodͻ no, na mmom Nyankopͻn na Ɔtene obia Ɔpε, na Ɔno na Onim obia watene

    [57] Deε (abososomfoͻ no) ka ne sε: ”Sε yεka woho ne wo fa ͻkwan tenenee no so a, yεbeyi yεn afri yεn man no mu“. Yε’nfaa wͻn ntenaa abodweԑ Kronkron bea a Yε’de nnuaba ahodoͻ biara bi (fri mea mea) ba hͻ? Ɛyε akͻnhoma a efri Yεn hͻ, nanso wͻn mu dodoͻ no ara nnim

    [58] Nkuro dodoͻ sεn na εnam ahomasoͻ a wͻ’maa wͻn ho so wͻ wͻn asetena pa mu nti Y’asεe wᴐn?, Seesei wͻn akyiri no wͻn asetena no mu adane amanfoo gyesε emu kakraabi. Yεn ne Adedifoͻ no

    [59] Wo Wura Nyankopͻn nsεe aman bi, gyesε (odikan) soma ͻsomafoͻ ma no ba n’ahenkuro mu ma no bεkenkan Yεn nsεm no kyerε wͻn ansa. Na εmma sε Yε’bεsεe kuro bi, gyesε emufoͻ no yε abͻneεfoͻ

    [60] Adeε biara a yεde ama mo no yε wiase yi mu akͻnhoma ne emu afεεfεdeε. Deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no εno mmom na εyε, na εno nso na εwͻ hͻ daa. Adεn, monnte asεm ase anaa

    [61] Enti obi a Yε’de (ͻsoro Aheman no mu) bͻhyε pa no ahyε no bͻ, na ͻbehyia (saa bͻhyε no wͻ Onyame hͻ) no, ͻtesε obi a Yε’de wiase mu anigye deε ama no na Wusͻreε da no ͻbεka wͻn a yεde wͻn bεba (asotwee mu abεtwe n’aso)

    [62] Saa Da no Nyankopͻn bεfrε wͻn aka akyerε wͻn sε: “Wͻn a na modwen sε wͻ’yε M’ahokafoͻ no wͻ hen?”

    [63] Wͻn a asεm no nokorε atia wͻn no bεka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, woi nom a yε’yeraa wͻn no, yε’yeraa wͻn efrisε na yεn nso y’ayera. Yε’resan yεn ho wͻ W’anim. Ɛnyε yεn na na wͻ’som yεn”

    [64] Yεbεka akyerε wͻn sε: “Monfrε wͻn a mode wͻn bataa Nyankopͻn ho no. Enti wͻ’besu afrε wͻn, nanso wͻ’nnye wͻn so; na wͻ’behunu asotwee no. (Saa Da no wͻ’bεpε) sε anka wͻ’faa kwan tenenee no so

    [65] Kae Ɛda no a (Nyankopͻn) bεfrε wͻn aka akyerε wͻn sε: ”Mmuaeε bεn na mode maa Asomafoͻ no?”

    [66] Saa Da no asεm no mu nnahͻ mma wͻn yie (anaasε wͻ’ntumi mma muaeε pa biara), na wͻ’ntumi mmisa wͻn ho wͻn ho nso

    [67] Na mmom obia ͻbεsakra n’adwen, na w’agye adie, na w’adi dwuma pa no, ebia ͻbεka nkonimdifoͻ no ho

    [68] Wo Wura Nyankopͻn bͻ deε Ɔpε, εna Oyi (nea Ɔpε). Ɛnyε wͻn asεdeε sε wͻn na wͻ’yi (nea wͻ’pε). Kronkron ne animuonyam Hene ne Nyankopͻn, Ɔkorͻn kyεn deε wͻ’de bata Neho no

    [69] Wo Wura Nyankopͻn Nim deε asuma wͻ wͻn akoma mu, ne deε wͻ’da no adie

    [70] Ɔne Nyankopᴐn, awurade foforͻ biara nni hͻ ka Neho. Ɔno na ayeyie no wͻ no wͻ wiase yi mu ne Daakye no nso; na Ɔno na atemmuo no yε Nedea, na Nehͻ na mobεsan akͻ

    [71] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Moahunu, sε anka Nyankopͻn rema adesaeε atoatoa so ama mo (a adeε nkyee) akosi Wusͻreε da no a, hwan ne nyame wͻ Nyankopͻn akyi a ͻbetumi ama mo nhyerεnee? Adεn monnte anaa

    [72] Ka sε: “Moahunu, sε anka Onyankopͻn rema adekyeε atoa so saa ara ama mo akosi Wusͻreε da no a, hwan ne nyame wͻ Onyankopͻn akyi a ͻbetumi ama mo adesaeε a mogye moahome wͻ mu no? Adεn monnhunu anaa?”

    [73] N’ahummͻborͻ no mu bi ne sε, W’ayε adesaeε ne adekyeε a mode gye moahome wͻ mu san de hwehwε N’adom wͻ mu, sεdeε mobeyi ayε

    [74] Kae Ɛda no a Ɔbεfrε wͻn aka akyerε wͻn sε: “Wͻn a na modwen sε wͻ’yε M’ahokafoͻ no wͻ hen?”

    [75] Ye’beyi ͻdanseni afri ͻman biara mu, na Y’aka sε: “Monfa monyinasoͻ mmra”. Enti wͻ’behunu sε nokorε no wͻ Nyankopͻn (nko ara), na deε wͻ’bͻͻ wͻn trim (yͻeε no nyinaa) betu ayera wͻn

    [76] Nokorε sε, na Kora nso ka Mose nkorͻfoͻ no ho, nanso ͻmaa neho so wͻ wͻn so. Yε’maa no sika (ne mpempraneε) kεse maa εkͻ baa sε, nnipa kuo ahodenfoͻ paa mpo, (n’akoradeε) nsafoa no bεyε adesoa kεse ama wͻn. Ɛberε a nenkorͻfoͻ no ka kyerεε no sε: “Entu wo ho; nokorε sε, Nyankopͻn mpε wͻn a wͻ’tu wͻn ho no asεm

    [77] Na fa deε Nyankopͻn de ama woͻ no hwehwε Daakye asetena no, na εmma wowerε mmfi wo kyεfa wͻ wiase, na yε papa (ma amanfoͻ) sεdeε Nyankopͻn ayε papa ama woͻ no, na εnhwehwε sε bͻne bεkͻ so wͻ asaase so. Nokorε sε Nyankopͻn mpε nsεmͻnedifoͻ no asεm

    [78] Kora kaa sε: “Ɛnam me nimdeε a me wͻ so na mensa kaeε“. Enti Kora nnim sε Nyankopͻn adikan asεe awoͻ ntoatoasoͻ bi wͻ n’anim a na wͻn ho yε den, san wͻ agyapadeε sen no? Yemmisa abͻneεfoͻ no bͻne ho asεm

    [79] Enti Kora de n’ahosiesie pue kͻͻ nenkorͻfoͻ no mu. Wͻn a wͻ’pε wiase asetena no kaa sε: “Na anka yεwͻ deε yεde ama Kora yi bi. Nokorε sε ͻwͻ agyapadeε kεse paa “

    [80] Wͻn a yama wͻn nimdeε no nso kaa sε: “Due nka mo! Nyankopͻn akatua no na εyε dema obi a w’agye adie na odi dwuma pa, na εnyε obiara na nensa bεka gyesε aboterεfoͻ no “

    [81] Enti Yε’maa asaase menee no, ne ne fie (nyinaa). Nanso wannya εdͻm bi ammoa no antia Nyankopͻn, na na ͻnka wͻn a wͻ’tumi bͻ wͻn ho ban no ho

    [82] Wͻn a εnora na wͻ’nya Kora gyinaberε no a na anka wͻ’pε no, frii aseε kekaa sε: “Ei, nokorε sε Nyankopͻn ma N’akyεdeε no bu Nenkoa no mu obia a Ɔpε so, εna (obi a Ɔpε no nso) Ɔde ma no nkakrakra; sε εnyε Nyankopͻn na Ͻdom yεn a, anka y’amem“. Ei, nokorε sε boniayεfoͻ no nni nkonim

    [83] Saa Daakye asetena no, Y’ayε de ama wͻn a wͻ’nnyε ahomasoͻ wͻ asaase no soͻ, na wͻ’nni nsεmͻnee. Na awieε (pa) no deε εwͻ Nyame-surofoͻ no

    [84] Obi a ͻde papa bi bεba no ͻbenya papa a εkyεn saa, na obia ͻde bͻne bi bεba no nso, yentua wͻn a wͻ’yε bͻne no so ka, na mmom dwuma a na wͻ’die no so na (ye’gyina tua wͻn ka)

    [85] Nokorε sε Nea W’ayε Qur’aan yi nhyε de ato wo soͻ no, bεsan de wo akͻ (wo) nkyi, (Maka anaasε Nyame hͻ). Ka sε: “ Me Wura Nyankopͻn na Onim nea Ɔde tenenee na aba, ne (obi a) ͻwͻ ͻyera pefee paa mu

    [86] Na anka w’ani nna so sε yεbesiane Nwoma (bi a yεfrε no Qur’aan) ama wo, na mmom εyε ahummͻborͻ a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Enti hwε na w’ankͻtaa boniayεfoͻ no akyi

    [87] Hwε nso na wͻn annsi wo kwan wͻ Nyankopͻn Nsεm no ho wͻ akyire yi a y’asiane ama woͻ. Na frε (amanfoͻ) kͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, na hwε na w’ankͻka wͻn a wͻ’de biribi bata Nyankopͻn ho no ho

    [88] Hwε nso na w’anfrε awurade foforᴐ bi anka Nyankopͻn ho; awurade biara nni hͻ ka Neho. Adeε biara bewu anaa εbεsεe afri hͻ, gyesε N’animuonyam (nko ara na εbεka). Ɔno na atemmuo no wͻ no, na Nehͻ na mobεsan akͻ

    Surah 29
    Al-Ankabuut

    [1] Alif – Laam – Miim

    [2] Enti nnipa dwen sε yεbegyae wͻn sε, wͻn aka sε: Y’agye adi, wͻ aberε a yεnnsͻ wͻn nnhwε

    [3] Ampa sε Yε’sͻͻ wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no hwεe sεdeε Nyankopͻn debehunu wͻn a wͻ’di nokorε na Ɔde behunu nkontompofoͻ no nso

    [4] Anaasε, wͻn a wͻ’di dwuma bͻne no adwen yε wͻn sε wͻ’betumi adwane Yεn anaa? Atemmmu bͻne paa na wͻ’rebuo no

    [5] Obi a ͻwͻ Nyankopͻn Nhyiamu no ho anidaasoͻ no, nokorε sε Nyankopͻn berε a W’ahyε no reba. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara, na Ɔne Onimdefoͻ no a Onim biribiara no

    [6] Obi a ͻbεbͻ mmͻden no, ͻbͻ mmͻden no dema neho. Nokorε sε Nyankopͻn deε W’anya Neho wͻ abͻdeε nyinaa so, (Onhia obiara mmoa anaa obi hwee)

    [7] Wͻn a wͻ’agye adie na wͻre’di dwuma pa no Yε’bεpepa wͻn bͻne afri wͻn so, na Y’ama wͻn akatua wͻ dwumadi pa a na wͻ’die no ho

    [8] Y’atu onipa fo sε ͻnyε ayεmyε ma n’awofoͻ; na mmom sε wͻ’ko tia wo sε fa biribi bata Meho (som no) a, εno deε entie wͻn. Mehͻ ne monkyi, na Mε’bͻ mo dwuma a na modie no (nyinaa) ho amaneε

    [9] Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, nokorε sε Yε’de wͻn bεka apapafoͻ no ho (wͻ Soro aheman no mu)

    [10] Nnipa no mu bi wͻhͻ a wͻ’ka sε: Y’agye Nyankopͻn adi, nanso sε ͻhaw bi to wͻn wͻ Nyankopͻn ho nti a, wͻ’fa onipa haw no sε (ano yε den) tesε Nyankopͻn asotwee no, na sε mmoa anaa nkonimdie bi nso fri mo Wura Nyankopͻn hͻ ba a, deε wͻ’ka ne sε: “Nokorε sε na yε’ka moho“. Enti εnyε Nyankopͻn na Onim deε εwͻ nnipa nyinaa akoma mu

    [11] Nokorε sε Nyankopͻn Nim wͻn a wͻ’agye adie no, nokorε nso sε Onim nkͻnkͻnsafoͻ no nso

    [12] Wͻn a wͻ’nnye nnie no ka kyerε wͻn a wͻ’agye adie no sε: “Monfa yεn kwan no so na yε’bεsoa mobͻne (ama mo)“. Wͻ’nnsoa wͻn bͻne biara ho hwee. Nokorε sε wͻ’yε nkontompofoͻ

    [13] Nokorε sε, wͻ’bεsoa wͻn ara adesoa, asan asoa adesoa foforͻ aka wͻn adesoa no ho; na nokorε sε Yε’bebisa wͻn fa wͻn nkontompo a wͻ’twaeε no ho asεm wͻ Wusͻreε da no

    [14] Ampa sε Yε’somaa Noa maa no kͻͻ nenkorͻfoͻ hͻ. Ɔtenaa wͻn mu, εkaa mfie aduonum na anka mfie apem. Nanso nsuyire faa wͻn aberε a na wͻ’yε abͻneεfoͻ

    [15] Enti Yε’gyee no ne nsuom hyεn no mu foͻ no (frii nsu yire no mu), na Yε’yεε no nsεnkyerεnee demaa amansan

    [16] Abraham nso, εberε a ͻka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Monsom Nyankopͻn na monsuro no, εno na εyε papa ma mo sε anka monim a

    [17] Abosom mmom na mofri Nyankopͻn akyi som, εna mobͻ motrim twa nkontompo. Nokorε sε wͻn a mofri Nyankopͻn akyi som wͻn no ntumi mmͻ mo akͻnhoma, enti monhwehwε akͻnhoma wͻ Nyankopͻn hͻ, na monsom no, na monfa ayeyie ma no. Nehͻ na mobεsan akͻ

    [18] Sε mofa no atorᴐsԑm a, ampa sԑ (saa ara na) aman a wͻ’dii moanim kan no nso faa no atorᴐsԑm. Ͻsomafoͻ deε n’asεdeε ne sε ͻbεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu pefee

    [19] Anaasε wͻ’nhunuu sεdeε Nyankopͻn hyεε abͻdeε aseε na Ɔsan de (foforͻ) ba bio? Nokorε sε, εno deε εyε (adeε a εyε) mmrε ma Nyankopͻn

    [20] Ka sε: “Montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε (Nyankopͻn) hyεε abͻdeε no aseε; na saa ara na Ɔbεbͻ Daakye abͻdeε no“. Nokorε sε Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi

    [21] Nyankopͻn twe obi a Ɔpε aso, na ohu obi a Ɔpε nso mmͻbͻ, na Nehͻ na mobεsan akͻ

    [22] Na montumi ndwane Nyankopͻn wͻ asaase so anaasε ͻsoro. Na Nyankopͻn akyiri no nso monni okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ biara

    [23] Wͻn a wͻ’po Nyankopͻn nsεm ne Nenhyiamu (da) no, wͻ’ne nkorͻfoͻ no a wͻn aba mu abu wͻ M’ahummͻborͻ no ho no; saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ asotwee yaaya no

    [24] Enti Abraham nkorͻfoͻ no mmuaeε a wͻ’de maeε ara ne sε: ”Monku no anaa monhye no!” Enti Nyankopͻn gyee no fri egya no mu. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’gye die

    [25] Abraham kaa sε: “Moafri Nyankopͻn akyi afa abosom (resom wͻn nam so) de ͻdͻ ato montεm wͻ wiase ha, nanso Wusͻreε da no deε mobeyi moho-moho ama, na moadome moho-moho, na moasetena mu ne egya no mu, na monnya ͻboafoͻ biara

    [26] Enti Lut gyee no dii. Abraham kaa sε: ”Medeε meretu amantuo akͻ me Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no “

    [27] Yε’de Is’haaq ne Ya’aquub kyεε no, na Yε’maa n’asefoͻ no nkͻmhyε (adwuma), san (maa wͻn) Nwoma, na Yε’de n’akatua maa no wͻ wiase; nokorε sε Daakye no ͻka apapafoͻ no ho

    [28] Lut nso, εberε a ͻka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Mobu ahohwi bra a amansan no mu biara nnii moanim kan nyεε bi da

    [29] Nokorε sε mokͻ (mo yͻnko) mmarima ho, εna mosi akwan ka akwan mu (wia akwantufoͻ nneεma), san yε amumuyε wͻ monhyiamu ase?”1 Mmuaeε a nenkorͻfoͻ no demaeε ara ne sε wͻ’kaa sε: “Fa Nyankopͻn asotwee no brε yεn, sε woka nokorεfoͻ no ho ampa a“

    [30] Lut kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, boa me ma meni nsεmmͻnedifoͻ yi so nkonim. “

    [31] Ɛberε a Y’abͻfoͻ no de (Is’haaq awoͻ) anigyesεm ho bͻhyε baa Abraham hͻ no, wͻ’kaa sε: “Nokorε sε yεrekͻ sεe saa kuro yi so foͻ no; nokorε sε emu foͻ no yε abͻneεfoͻ paa

    [32] Abraham kaa sε, Lut nso wͻhͻ bi. Abͻfoͻ no kaa sε Ye’nim nnipa a wͻn wͻ (kuro no) mu (nyinaa); na yε’bεgye ͻno ne na’busuafoͻ no, na mmom neyere no deε ͻbεka wͻn a wͻ’bεka akyire no ho

    [33] Ɛberε a Ya’bͻfoͻ no baa Lut hͻ no, newerε ho maa wͻn, na neho kyeree no sε onni tumi a (ͻde bεbͻ wͻn ho ban). (Abͻfoͻ no) kaa sε: ”Ensuro na εmma wo werε nso nnho; nokorε sε yε’bεgye wo ne w’abusuafoͻ, gyesε wo yere, ͻbεka wͻn a wͻ’bεka akyire no ho

    [34] Nokorε sε, Yε’besiane asotwee afri soro aba saa kuro yi so foͻ no so, εnam bͻne a wͻ’die ho nti “

    [35] Ampa sε Ye’gyaa nsεnkyerεnee pefee wͻ woi mu demaa amanfoͻ a wͻ’dwen

    [36] Madiyanfoͻ hͻ no nso (Yε’somaa) wͻn nua Shuaib. Ͻkaa sε: ”Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na moma moani na Ɛda a edi akyire no so, na monhwε na moamma nsεmͻnee ankͻso wͻ asaase no so

    [37] Nanso wͻ’buu no ͻtorofo. Enti asaase wosoͻ denden bi sͻͻ wͻn mu, afei wͻ’dedaa hͻ wͻ wͻn adan mu (wuwui)

    [38] Aad ne Samuudfoͻ no nso, ampa sε wͻn asetena mu da adi pefee ma mo, ͻbonsam maa wͻn dwumadi (bͻne) yεε wͻn (ani so) fε, na ͻsii wͻn kwan (pa) no ho kwan, mmom na wͻn ani abue paa

    [39] Kora, ne Farao ne Haamaan nso, ampa sε Mose de nyinasoͻ anaa nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn, nanso wͻ’yεε ahomasoͻ wͻ asaase no so, na εnyε adeε a wͻ’bεtumi adwane anaa wͻn asan (Yεn) ho

    [40] Enti Yε’de wͻn mu biara bᴐne twee n’aso. Wͻn mu bi, Yε’somaa mframa den a aboͻ wͻ mu (na Yε’de sεee wͻn), ebinom nso nteamu den na Yε’de twee wͻn aso, Wͻn mu bi nso Yε’maa asaase na εmenee wͻn, na wͻn mu bi nso Yε’maa nsuo na ԑfaa wͻn. Ԑnyε Nyankopͻn na Ͻyԑԑ wͻn bᴐne, na mmom wͻn ara na wͻ’yԑԑ wͻn ho bᴐne

    [41] Wͻn a wͻ’fri Nyankopͻn akyi fa akyitaafoͻ no mfatoho tesε ananse a wasi fie (ama neho). Nokorε sε efie a enni ahoͻden koraa ne ananse fie, sε anka wͻ’nim ampa a”

    [42] Nokorε sε Nyankopͻn Nim adeε biara a wͻ’fri N’akyi sufrε wͻn no. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no

    [43] Saa bε a Ye’bu kyerεε nnipa yi, wͻn a wͻ’bεte aseε ne nimdefoͻ no

    [44] Nokorε na Nyankopͻn debͻͻ soro ne asaase. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema agyidiefoͻ no

    [45] (Nkͻmhyεni), kenkan deε yayi ama wo wͻ Nwoma no mu no, na frε Nyame wͻ nebrε mu. Nokorε sε, Nyamefrε bra akohwisεm ne amumuyε; na Nyankopͻn ho nkaekaeε yε ade kεseε papaapa (wͻ onipa abrabͻ mu). Onyankopͻn deε Onim deε moyε (nyinaa)

    [46] Monhwε na mone wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no annye akyinnye, na mmom (sε εbεba saa koraa a) εnyε kwan pa so; gyesε wͻn mu abͻneεfoͻ no. Monka sε: ”Yε’gye deε yasiane ama yεn no ne deε ya’siane ama mo no di; yεn Nyankopͻn ne mo Nyankopͻn no yε Nyankopͻn baako, na Ɔno na yεyε (Muslim) brε yεn ho ase ma no“

    [47] (Sεdeε Yesianee Nwoma no maa asomafoͻ a edi kan no) saa ara nso na Y’asiane Nwoma no ama woͻ. Enti wͻn a Yε’de Nwoma no maa wͻn (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) mu bi gye di; na (Quraishfoͻ) woi nom mu bi nso wͻ hͻ a wͻ’gye die. Na mmom boniayεfoͻ no na wͻ’ko tia Yεn nsεm no

    [48] (Nkͻmhyεni), na wonii kan nkenkan nwoma bi da, na wonfaa wonsa nifa nso ntwerεε nwoma bi da; (sε na anka wonim akenkan anaasε atwerε dada mpo a), εneε na anka wͻn a atorͻsεm na wͻ’di akyire no wͻ ho nyinasoͻ sε wͻn adwen nnsi wͻn pi (wͻ Qur’aan yi ho) “

    [49] Daabi, (Qur’aan) yε nsεnkyerεnee a εda adi pefee (sε efri Nyame hͻ) a εwͻ (Yudafoͻ ne Kristofoͻ) no a yε’maa wͻn nimdeε no akoma mu. Na mmom abͻneεfoͻ no na wͻ’ko tia Yε’nsεm no

    [50] Deε wͻ’ka ne sε: ”Adεn nti na yensiane nsεnkyerεnee bi mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mma no?1 (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Nsεnkyerεnee no deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ, na medeε meyε kͻkͻbͻni pefee

    [51] Enti εnsom bo mma wͻn sε, ampa sε Y’asiane Nwoma no ama woͻ a yεrekenkan kyerε wͻn? Nokorε sε, ahummͻborͻ ne afutusεm wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’gye die

    [52] (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Onyankopͻn som bo wͻ me ne montεm sε ͻdanseni. Onim deε εwͻ soro ne asaase so. Wͻn a nkontompo sεm na wͻ’gye die, na wͻ’nnye Nyankopͻn nnie no, saa nkorͻfoͻ no ne berεguofoͻ no

    [53] (Kaafirfoͻ no) repԑ sԑ wobԑma asotwee no aba ntԑm . Sε εnyε εberε na yahyε a, anka asotwee no bεba wͻn so. Nokorε sε, εbεba wͻn so mpofire mu wͻ εberε a wͻ’nnim koraa

    [54] Wͻ’pε sε woma asotwee no ba ntεm. Nokorε sε, ͻbonsam gya no betwa boniayεfoͻ no ho ahyia

    [55] Ɛda no a asotwee no befri wͻn tri so ne wͻn nnan ase akata wͻn soͻ no, yε’bεka sε: “Monka dwuma a modiiε no (so asotwee) nhwε“

    [56] Menkoa a moagye adie, M’asaase no trε; enti Menko ara na monsom Me

    [57] Ɔkra biara bεka owuo ahwε, na afei Yεn hͻ na mobεsan aba

    [58] Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no nso, nokorε sε Yε’bεma wͻn asetena a εkorͻn wͻ Aheman no a nsubͻnten nenam aseε no mu, emu na wͻ’bεtena. Akatua pa paa wͻhͻ ma wͻn a wͻ’di dwuma (pa) no

    [59] Wͻn a wͻ’si aboterε na wͻ’de wͻn ho to wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no

    [60] Mmoadoma bebree na wͻ’nnsoa wͻn akͻnhoma (anaasε wͻ’nni ahoͻden sε wͻ’tumi hwehwε wͻn akonhoma). Nyankopͻn na Ɔbͻ wͻn ne mo (nyinaa) akͻnhoma. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, Ɔne Onimdefoͻ no

    [61] Sε wobisa wͻn sε : ”Hwan na ͻbͻͻ soro ne asaase, εna w’abrε awia ne bosome ase a (εreyε adwuma a?) “Wͻ’bεka sε: “Nyankopͻn“. Afei adεn na wͻ’dane wͻn ho (fri nokorε no ho)

    [62] Nyankopͻn ma akͻnhoma no bu Nenkoa no mu nea Ɔpε so, εna (Nenkoa a Ɔpε nso) Osusu dema wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ

    [63] Sε wobisa wͻn nso sε: “Hwan na osiane nsuo fri soro de nyane asaase wͻ ne wuo akyi a?“ Wͻ’bεka sε “Nyankopͻn”. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Aseda nyinaa wͻ Nyankopͻn“. Daabi, wͻn mu dodoͻ no ara nndwen

    [64] Saa wiase asetena yi deε εyε anigyeε ne agorͻ (bi kεkε) Nokorε sε, Daakye asetena no mmom na εyε asetena paa, sε anka wͻ’nim a

    [65] Sε wͻ’foro nsuom hyεn a wͻ’sufrε Nyankopͻn wͻ nokorε ne ahobraseε mu. Na sε Ɔgye wͻn nkwa de wͻn beduru asaase no so a, hwε, na wͻ’de biribi rebata (Nyankopͻn) ho

    [66] Sεdeε wͻ’beyi deε Yε’de ama wͻn no ho boniayε, na wͻn agye wͻn ani. Ԑnkyε koraa wͻ’behunu

    [67] Anaasε (Quraishfoͻ no) nhunuu sε Ya’yε (Maka) kronkron bea no ahotᴐ (bea) a (atamfo) rehwim nnipa a atwa wͻn ho ahyia no? Enti nkontompo na wͻ’gye die, na Nyankopͻn adom no deε wͻ’po

    [68] Hwan na ͻyε nnipa bͻneni kyεn obi a otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaasε ͻnnye Nokorε no nnie wͻ aberε a (Nokorε no) aba nehͻ? Enti εnyε bonsam gya no mu na εyε atenaeε ma boniayεfoͻ no

    [69] Wͻn a wͻ’bͻ wͻn ho mmͻden wͻ Yεn ho no, nokorε sε Yε’bεkyerε wͻn Ya’kwan no. Nokorε sε, Nyankopͻn deε ampa sε Ɔka ayεmyεfoͻ anaasε apapafoͻ no ho

    Surah 30
    Ar-Ruum

    [1] Alif – Laam – Miim

    [2] Romafoͻ no adi nkoguo

    [3] Wͻ asaase bi a εbεn no so; na wͻn nkoguo no akyi no wͻ’bedi nkonim

    [4] Wͻ mfie tiaa bi akyi. Onyankopͻn hͻ na ahyεdeε a edikan ne deε edi akyire no wͻ. Saa da no na agyidiefoͻ no nso ani bεgyeε

    [5] Onyankopͻn mmoa, Ͻde boa obi a Ͻpε, Ͻno na Otumi ade nyinaa yε, Mmͻborͻ-hunufoͻ Hene ne no

    [6] (Woi yε) Nyankopͻn bͻhyε; Nyankopͻn deε Ommu Nebͻhyε so, nanso nnipa pii nnim

    [7] Deε εda adi wͻ wiase asetena yi mu no na wͻ’nim, na Daakye no deε wͻn adwen nni so

    [8] Anaasε εyε a wͻ’nnwen (nnkͻ akyiri) wͻ wͻn mu? Nyankopͻn de nokorε no na abͻ ᴐsoro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii no, (εwͻ) berε a yahyε ato ho. Nokorε sε, nnipa pii na wͻ’nnye wͻn Wura Nyankopͻn Nhyiamu (da) no nnie

    [9] Anaasε wͻ’nntu kwan wͻ asaase no so nhwε sεdeε wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no awieε si wieε? Na wͻn ho yε den kyεn wͻn (Quraishfoͻ no), wͻ’funtam asaase no tuu mu agudeε, dͻre hyεε asaase so mma kyεn sεdeε wͻn ahyε asaase no so mma no; wͻn asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn. Nyankopͻn deε W’anyԑ wͻn bᴐne, na mmom wͻn ara na wͻ’yԑԑ wͻn ho bᴐne

    [10] Enti awieε bͻne paa na wͻn a wͻ’yεε bͻne no wieε, efrisε, wͻ’faa Nyankopͻn nsεm no atorͻsεm, na na wͻ’di ho fεw

    [11] Nyankopͻn na Ɔhyεε abͻdeε aseε, εna Ɔsan bͻ no bio, afei Nehͻ na mo bεsan akͻ

    [12] Ɛda a Dͻnhwere no bεsoo no abͻneεfoͻ no bεpa aba

    [13] Wͻ’nnya ntwitwagyefoͻ biara wͻ wͻn a wͻ’de wͻn bataa Nyankopͻn ho no mu, na wͻ’bεpo wͻn mmatahoo no

    [14] Ɛda a Dͻnhwere no bεsoo no, saa Da no yεbεpaepae wͻn ntεm

    [15] Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’redi dwuma pa no bεgye wͻn ani wͻ Aheman no mu

    [16] Wͻn nso a wͻ’annye annie na wͻ’faa Yεn Nsεm no, ne Me Daakye nhyia mu no atorͻsεm no, sa nkorͻfoͻ no bεba asotwee no mu

    [17] Enti bͻ Nyankopͻn abodin wͻ εberε a adeε bεsa mo, ne εberε a adeε bεkye mo

    [18] Ɔno na ͻsoro ne asaase so ayeyie wͻ no wͻ εberε a onyunu bεdwoͻ ne εberε a owia begyina

    [19] Ɔno na Oyi ateasefoͻ fri awufoͻ mu, εna Oyi awufoͻ nso fri ateasefoͻ mu, εna Onyane asaase wͻ ne wuo akyi. Saa ara na mobepue (afri asaase mu) aba (wͻ Daakye Atemmuda)

    [20] Ne’nsεnkyerεnee no mu bi ne sε, Ɔbͻͻ mo fri mfuturo mu, afei hwε, moayε nnipa ahwete (wͻ asaase so)

    [21] Nensεnkyerεnee no nso mu bi ne sε, W’abͻ yerenom afri momu ama mo sεdeε mobenya awerεkyekyerε wͻ wͻn ho; εna Ɔde ͻdͻ ne ahummͻborͻ ato montεm. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema wͻn a wͻ’kaekaeԑ

    [22] Nensεnkyerεnee no mu bi nso ne ͻsoro ne asaase mmͻeε, ne mokasaa ne mo honam a egu sononko-sononko. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema nimdeԑfoͻ no

    [23] Ne nsjnkerjnee no mu bi nso ne nna a moda no anadwo ne adekyej, ne n’adom a mohwehwwj. Nokorj sj nsjnkyerjneewc woi mu dema amanfoc a wc’tie (Nyankopcn asjm no)

    [24] Nensjnkyerjnee no mu bi nso ne sj, Cde ayrjmoo kyerj mo, jma hubc ne awerjhyem, na Wasiane nsuo afri soro de abenyane asaase no wc newuo akyi. Nokorj sj nsjnkyerjnee wc woi mu dema amanfoc no a wc’dwen

    [25] Ne nsjnkyerhnee no mu bi nso ne sj, csoro ne asaase gyina hc wc Ne tumi mu. Afei sj Cfrj mo drj prjko fri asaase no mu a, mo bjhunu sj morepuepue ( fri adakamena mu) reba

    [26] Nea jwc soro ne nea ewc asaase so nyinaa yj Nedea. Biribiara brj neho ase ma No

    [27] Cno na Chyjjabcdej asej, na afei Cbjsan abc bio( wc wcn wuo akyi ), na woi yj adej a jyj mmrj koraa ma no. Cno na mfratoho papa fata no wc soro ne asaase soc. Cne Otumfoc no a Otumi adej nyinaa yj. Cne Onyansafoc no

    [28] (nyankopcn ) de mo ara moho reyj mfatohobi ama mo, Enti monkoa a wcyj modea no wc ho kwan sj wo’ne mo kyj ( agyapadej a ) Yj’de akyj mo no mu pjpjjpj?1 Jyj a mosuro wc sjdej mosuro moho moho no? Saa na Yj’kyerjkyerj nsjm no mu ma amanfoc a wcwc nteasej

    [29] Daabi, wͻn a wͻ’di bͻne akyi no di wͻn apεdeε hunu akyi a nimdeε biara nni mu. Enti hwan na ͻbεkyerε obi a Nyankopͻn ayera no no kwan? Saa (nkorͻfoͻ no) nni boafoͻ

    [30] Enti dane w’ani kyerε ͻsom a εtenee no (Islam); (na fa woho ma) suban anaasε ͻsom a Nyankopͻn abͻ onipa asi soͻ no. Nsakraeε biara nni Nyankopͻn som no mu. εno ne ͻsom a εtenee na edi mmu na esi pi, nanso nnipa pii nnim

    [31] Monfa moho ma no korakora wͻ adwen sakra mu, na monsuro no, na monfrε Nyame wͻ ne berε mu, na monhwε na moankͻka wͻn a wͻ’yɛ (Nyame ho) matahoo no ho

    [32] Wͻn a wͻn akyekyε wͻn som no mu na wͻ’gu akuo-akuo, na fekuo biara anigye deε nensa aka no ho no

    [33] Sε ͻhaw bi to nnipa a, wͻ’su frε wͻn Wura Nyankopͻn, brε wͻn ho ase ma no; na sε Ɔma wͻ’ka ahummͻborͻ bi fri Nehͻ hwε a, wobehunu sε wͻn mu bi de biribi abata wͻn Wura Nyankopͻn ho

    [34] Sεdeε wͻ’bεpo deε Yε’de ama wͻn no. Enti modeε monye moani na εnkyεre koraa mobehunu

    [35] Anaasε Y’asiane tumii anaasε nyinasoͻ (Nwoma) bi ama wͻn a wͻ’gyina so de kasa fa deε wͻ’de abata Nyankopͻn ho no ho

    [36] Sε Yε’ma nnipa ka ahummͻborͻ bi hwε a, na wͻn ani agye wͻ ho; na sε bͻne bi to wͻn wͻ dwuma a wͻn nsa adi ato wͻ anim no ho nti a, wobehunu sε wͻn aba mu abuo

    [37] Anaasε wͻ’nhunuu sε Nyankopͻn ma akyɛdeɛ no bu obi a Ɔpε so, εna obi nso Osusu dema no? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’gye die

    [38] Enti monfa abusuafoͻ asεdeε ma wͻn, (na monfa) ahiafoͻ ne akwantufoͻ (nso asεdeε ma wͻn). Saa na εyε paa ma wͻn a wͻ’repε Nyankopͻn hͻ animuonyam no. Saa nkorᴐfoᴐ no ne nkonimdifoͻ no

    [39] Deε mode ma sε nsiho sεdeε εbεbͻ ho (ama mo) wͻ amanfoͻ sika mu no deε, enya mmͻhoo wͻ Nyankopͻn hͻ; na deε moyi no wͻ Zaka mu de hwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam no, woi nom na wͻ’benya no mmͻhoo-mmͻhoo

    [40] Nyankopͻn na Ɔbͻͻ mo, εna Ɔbͻ mo akͻnhoma, εna Ɔbεsan ama mo awuo, na afei W’asan anyane mo aba nkwa mu (bio). Enti wͻn a mode wͻn bata (Nyame) ho no betumi ayε woi nom mu bi? Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn kyεn deε wͻ’de bata Neho no

    [41] Bͻne rekᴐso wͻ asaase so ne ͻpo so εnam deε nnipa nsa ayε nti, sεdeε Ɔbεma wͻn aka deε wͻn ayε no mu bi ahwε, sεdeε εbεyε na wͻ’bεsan wͻn akyi (afri wͻn bͻne no ho)

    [42] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻ’dii kan no awieε si wieε”. Na wͻn mu dodoͻ no ara yε (nnipa) a wͻ’de biribi bata Nyankopͻn ho

    [43] Enti fa w’ani kyerε ͻsom (Islam) a εtenee na edi mmu na esi pi no, ansa na Ɛda a efri Nyankopͻn hͻ no a (obiara) ntumi nsi ho kwan no aba. Saa Da no yεbεkyekyε wͻn mu akuo akuo

    [44] Obi a ͻbeyi boniayε no, ne boniayε no da ͻno ara so, na obi a ͻbedi dwuma pa no, wͻn kraa na wͻ’resiesie (asetena pa) ama no

    [45] Sεdeε ͻbefri N’adom mu atua wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no ka. Nokorε sε Nyankopͻn mpε boniayεfoͻ no asεm

    [46] Ne’nsεnkyerεnee no nso mu bi ne sε, Ɔsoma mframa sε anigyesεm sεdeε Ɔbεma mo aka N’ahummͻborͻ no mu bi ahwε, ne sεdeε nsuom hyεn betumi anante wͻ N’ahyεdeε mu, ne sεdeε mo bεhwehwε N’adom na mobeyi ayε

    [47] Ampa sε, Ye’dii kan somaa asomafoͻ dii w’anim kan maa wͻ’kͻͻ wͻn nkorͻfoͻ hͻ. Wͻ’de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee brεε wͻn; na Ye’tuaa wͻn a wͻ’dii bͻne no so ka. Ԑyε Y’asεdeԑ sε Yε’boa agyidiefoͻ no

    [48] Nyankopͻn na Ɔsoma mframa ma no kͻ kanyan mununkum na Watrε mu wͻ soro sεdeε Ɔpε, afei na W’ayε no asinasin a εtaataa soͻ, afei wobehunu sε nsuo fri (mununkum) no mfifii reba. Sε Ɔma no tͻgu Nenkoa no mu wͻn a Ɔpε so a, wobehunu sε wͻn ani agyeε

    [49] Na nsuo no nnya nntͻ mmaa wͻn no, na wͻn abamu adikan abu ansa na nsuo no retͻ

    [50] Enti hwε sεdeε Nyankopͻn nsεnkyerεnee no si yε, sεdeε esi nyane asaase wͻ newuo akyi. Nokorε sε saa ara na Obenyane awufoͻ no. Ͻno na Ͻwͻ biribiara so tumi

    [51] Sε Yε’soma mframa (a εsεe wͻn mfudeε no), na wͻ’hunu sε (wͻn mfudeε no) aboto wͻ akyire yi (a nsupa tͻ maa wͻn mfudeε yεε fεfεεfε no a) wͻ’yi boniayε

    [52] Enti (Nkͻmhyεni), wontumi mma awufoͻ nte asεm, na wontumi nso mma asosifoͻ nnte frε no wͻ abrε a wͻ’adane wͻn akyi ama rekͻ

    [53] Wontumi nkyerε anifirafoͻ nso kwan mfri wͻn yera no mu. Nea wobetumi ama no ate ne obi a ͻgye Yεn nsεm no die na wͻ’yε Muslim (brε wͻn ho ase ma Nyankopͻn)

    [54] Nyankopͻn na Ɔbͻͻ mo wͻ εberε a na moyε mmrε (tesε nkͻdaa a na monni ahoͻden), εna mo mmrε yε akyiri no Ͻmaa mo ahoͻden, εna ahoͻden no akyiri no (Ɔma mo san) yε mmrε fu dwono (bͻ nkͻkora posoposo). Ɔbͻ deε Ɔpε. Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Otumfoͻ no

    [55] Ɛda a Dͻnhwere no besie no, abͻneεfoͻ no bedi nse sε: Wͻ’tenaa (wiase) bεyε sε dͻnhwere baako pε bi. Saa ara na na wͻ’dane wͻn ho fri kwan pa no so, di atorͻ, yε nneεma a εmfata

    [56] Wͻn a y’ama wͻn nimdeε ne gyidie no nso bεka sε: “Motenaa (nna dodoͻ) sεdeε Nyankopͻn ahyehyε, de kosii Wusͻreε da no; enti εnnε ne Wusͻreε da no, nanso modeε monnim”

    [57] Enti saa Da no deε, wͻn a wͻ’di bͻne no kyεwpa no ho mma mfasoͻ, na yεmma wͻn kwan (sε wͻ’bεpa kyεw) anaasε wͻ’bεsrε bͻnefakyε

    [58] Ampa sε Ya’yε mfatoho ahodoͻ pii wͻ saa Qur’aan yi mu ama adasamma. Nanso sε wode nsεnkyerεnee bi brε wͻn a, nokorε sε wͻn a wͻ’yi boniayԑ no bεka sε: ”Moyε nkontompofoͻ “

    [59] Saa ara na Nyankopͻn si wͻn a wͻ’nnim no akoma

    [60] Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε. Nokorε sε Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε; na εmma wͻn a wͻn adwen nnsi wͻn pie no mmͻ wo nngu anaasε wͻ’mmu w’aba mu

    Surah 31
    Luqman

    [1] Alif – Laam – Miim

    [2] Woi yε Nyansa, adwen ne nimdeε Nwoma no mu nsԑm

    [3] Ɛyε kwankyerε ne ahummͻborͻ dema apapafoͻ no

    [4] Wͻn a wͻ’frε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻ’yi Zaka, na wͻn adwen si wͻn pi wͻ Daakye no ho no

    [5] Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’nam kwan tenenee a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no soͻ, na saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no

    [6] Nnipa no mu bi wͻ hͻ a wͻ’kͻtͻ ahuhusεm a nimdeε biara nni mu, sεdeε wͻ’de bεyera (amanfoͻ) afri Nyankopͻn kwan no soͻ, na wͻ’fa (Nyankopͻn kwan no sε) agorͻ. Saa nkorͻfoͻ no benya animguaseε asotwee

    [7] Sε yεrekenkan Yεn nsεm no kyerε no a ᴐde ahomasoᴐ dane neho kͻ, yε sεdeε ͻntee koraa, tesε deε akraa bi wͻ n’aso mu. Enti (Nkͻmhyεni), fa asotwee yaaya no hyԑ (saa nipa ) no bᴐ

    [8] Nokorε sε wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, anigyeε Aheman no bεyε wͻn dea

    [9] Emu na wͻ’bεtena afe bᴐᴐ. Ɛyε Nyankopͻn bͻhyε a εyε nokorε. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no

    [10] Wabɔ soro a adum biara nkuta mu a mohunu, εna Ɔde mmepͻ asisi asaase no so pintinn sεdeε (asaase no) nnwoso mo, εna W’ama mmoadoma ahodoͻ pii ahwete wͻ soͻ, εna Ye’siane nsuo fri soro dema nnͻbaeε papa ahodoͻ nyinaa nyini

    [11] Woi yε Nyankopͻn abͻdeε. Enti monkyerε Me deε wͻn a wͻ’ka Neho no nso abͻ. Daabi, abͻneεfoͻ no wͻ ͻyera pefee paa mu

    [12] Ampa sε, Yε’maa Luqmaan adwen ne Nyansa, (na yεka kyerεε no) sε: “Yi Nyankopͻn ayε. Na obi a obeyi Nyankopͻn ayε no, oyi ayε no dema ͻno ara neho. Obi a obeyi boniayε no nso, nokorԑ sԑ Onyankopͻn ne Ͻdefo , Ɔne Ayeyie Wura “

    [13] Kae εberε a Luq’maan ka kyerεε ne ba wͻ εberε a na ͻretu no foͻ no sε: ”Meba, hwε yie na woamfa biribi ammata Nyankopͻn ho. Nokorε sε, biribi a yεde bata Nyankopͻn ho no yε bͻne kεseε paa

    [14] Y’atu onipa fo sε ͻnyε ayεmyε ma n’awofoͻ. Ne maame nyinsεn no wͻ ahometeε akyiri ahometeε mu, na mfie mmienu mu na yεde maa no nufoͻ. Enti fa aseda ma Mene w’awofoͻ. Mehͻ ne (obiara) nnkyi

    [15] Nasε wͻ’ko tia wo sε fa biribi a wonni ho nimdeε bata Meho a, εno deε enni wͻn akyi; na mmom fa woho bata wͻn ho wͻ wiase yi mu wͻ ayεmyε mu; na di obi a ͻdane neho ba Mehͻ (wᴐ adwen sakra mu) no kwan no so. Na Mehͻ ne monkyi. Na Mεbͻ mo dwuma a na modie no (nyinaa) ho amaneε

    [16] “Meba, (deε wobεyε biara), sε emu duro tesε wisa aba, nasε εwͻ ͻbotan mu anaasε εwͻ soro anaasε asaase mu mpo a, Nyankopͻn de bεba (ama w’abu ho akonta). Nokorε sε Nyankopͻn yε Onitefo (wͻ atemmuo mu), na Ɔne biribiara ho amanebͻfoͻ

    [17] Meba, frε Nyame wͻ ne berε mu, na hyε (amanfoͻ) ma wͻ’nyε papa, na bra (amanfoͻ) ma wͻn ntwe wͻn ho mfri amumu yε ho; na si aboterε wͻ deε εbεto woͻ (biara) ho. Nokorε sε, woi ne asεm no deε edi mmu paa

    [18] Hwε na woanyi w’ani amfri amanfoͻ so ammu wͻn animtia, na εmfa ahomasoͻ nnante wͻ asaase no so. Nokorε sε, Nyankopͻn mpε obi a ͻgye neho die na otu neho no asεm

    [19] Na to wobo ase anaa ma wonanteε nyε hͻ-ne-hͻ, na brε wo nne nso ase. Nokorε sε, εnne a (amanfoͻ) mpε koraa ne afunumu nne “

    [20] Enti monhunuu sε Nyankopͻn ama deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase soͻ (nyinaa) berε wͻn ho ase mamo, εna Wama N’adom a εda adie ne deε asuma abu mo soͻ? Nnipa no bi wͻhͻ a wͻ’gye Nyankopͻn ho akyinnye a nimdeε anaa kwankyerε anaa Nwoma pefee biara nni mu

    [21] Sε woka kyerε wͻn sε, moni deε Nyankopͻn asiane aba no akyi a, deε wͻ’ka ne sε: “Daabi, yedi deε yε’bεtoo y’agyanom wͻ soͻ no akyi.” Enti sε na ͻbonsam refrε wͻn (agyanom) akͻ Ogya frama asotwee no mu mpo a

    [22] Obiara a ͻbεbrε neho (nyinaa) ase ama Nyankopͻn na ͻyε papa no, ampa sε (saa nipa no) asͻ gyidie homa no mu. Nyankopͻn hͻ na asεm no nyinaa kͻ wie

    [23] Obia ͻbeyi boniayε no, εmma ne boniayε no nnyε wo awerεho. Yεn hͻ ne wͻn nnkyi, na Yε’bεbͻ wͻn dwuma a wͻ’diiε no ho amaneε. Nokorε sε, Nyankopͻn ne deε εwͻ akoma mu no ho Nnimdefoͻ no

    [24] Yε’bεma wͻn agye wͻn ani kakra, na afei Y’aka wͻn so de wͻn akͻ asotwee a emu yԑ duro no mu

    [25] Sε wobisa wͻn sε: ”Hwan na ͻbͻͻ soro ne asaase a, wͻ’bεka sε: “Nyankopͻn”. Kasε: “Aseda wͻ Nyankopͻn”. Daabi, wɔn mu dodoͻ no ara nnnim

    [26] Deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn deԑ Ͻne Ͻdefoᴐ, Ɔne Ayeyie Wura no

    [27] Sε nnua a εwͻ asaase so nyinaa yε twerεdua, εna ͻpo akyiri nso yεde ͻpo foforͻ nson aka ho (ayε no twerε nsuo sε yεretwerε Nyankopͻn asεm) a, anka (nnua no ne ͻpo no bεsa) na Nyankopͻn asεm no nsae. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ

    [28] Mo mmͻeε (a edikan yi) anaasε mo sͻreε (wͻ mowuo akyiri no) tesε honam korͻ pεpεεpε. Nokorε sε, Nyankopͻn Ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ohunu (biribiara)

    [29] Enti wonhunuu sε Nyankopͻn ma adesaeε wura adekyeε mu, εna Ɔma adekyeε nso wura adesaeε mu, εna W’ama awia ne bosome abrε wͻn ho ase (ama mo), emu biara nam nekwan so kosi εberε a yahyε. Nyankopͻn ne dwuma a modie nyinaa ho amanebͻfoͻ

    [30] Woi kyerε sε ampa, Nyankopͻn ne Nokorε no, na wͻn a wͻ’fri N’akyi sufrε wͻn no deε εyε atorͻsεm. Nokorε sε Nyankopͻn ne Okokroko no, Ɔne Ɔkεseε no

    [31] Wonhunuu sε nsuom hyεn de Nyankopͻn adom na εnam ͻpo so, sεdeε Ɔbεkyerε mo Ne’nsεnkyerεnee? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma obiara a osi aboterε, yi (Nyankopͻn) ayε

    [32] Sε asorͻkye bi tesε enyunu bᴐ kata wͻn so (wͻ ͻpo no mu hͻ) a, wͻ’su frε Nyankopͻn wͻ anidie ne ahobraseε mu. Nanso εberε a Yε’bεgye wͻn de wͻn aba asaase soͻ no, wͻn mu bi yε bͻne ne papa de fra. Obi a ͻko tia Yε’nsεnkyerεnee no ne obia ᴐyԑ nipa bᴐneni, obia onni nkaeԑ

    [33] Adasamma, monsuro mo Wura Nyankopͻn, na monsuro Ɛda no a agya ho mma mfasoͻ mma neba, na εba nso ho mma mfasoͻ mma agya wͻ hwee ho no. Nokorε sε, Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε; enti monhwε na moamma wiase asetena yi annaadaa mo, na momma (ͻbonsam) daadaafoͻ no nso nnaadaa mo wͻ Nyankopͻn ho

    [34] Nokorε sε, Nyankopͻn hͻ na Dͻnhwere no ho nimdeε no wͻ, Ɔno na Ɔma nsuo tͻ, na Onim deε εwͻ (ͻbaa) awodeε mu. Ͻkra biara nnim deε ͻbenya no ͻkyena, na ͻkra biara nso nnim asaase korͻ a ͻbewu atͻ soͻ. Nokorε sε Nyankopͻn na Onim, Ɔne biribiara ho amanebᴐ Wura

    Surah 32
    As-Sajda

    [1] Alif – Laam – Miim

    [2] Nwoma yi mu Adiyisεm no, akyinnyeε biara nni ho, efri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ

    [3] Anaasε wͻ’ka sε, w’abͻ netrim? Daabi, εno ne nokorε no a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, sεdeε wode bεbͻ amanfoͻ no a kͻkͻbͻni biara nnii w’anim kan mmaa wͻn hͻ da no kͻkͻ sεdeε wͻ’benya kwan kyerε

    [4] Nyankopͻn no a Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii, εna afei Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ. Monni okyitaafoͻ anaa otwitwagyefoͻ biara wͻ N’akyi. Enti monnfa adwen

    [5] Ɔyε ntotoeε no fri soro deba asaase so; afei na εde dakoro a nensusueε bεyε mfie apem sεdeε mosi bu monkonta no afro kͻ Nehͻ

    [6] Ɔno ne Kokoa mu ne Badwa mu Nimdefoͻ no, Otumfoᴐ no a otumi ade nyinaa yε no, Ahumumᴐborᴐ Hene no

    [7] (Otumfoᴐ) no a Ɔbͻͻ biribiara yie; na Ɔde nεteε na εhyεε onipa mmͻeε aseε

    [8] Afei n’asefoͻ no nso Oyii wͻn fri nsuo a yebu no animtia mu

    [9] Afei Ɔyεε no pεpεεpε, εna Ɔhomee Ne honhom guu ne mu; εna Ɔmaa mo (aso a mode) te asεm, ne (ani a mode) hunuu adeε ne akoma. (Woi nyinaa mu no) aseda kakraabi na mode da (no) aseε

    [10] Deԑ wͻ’ka nesε: “(Enti sε yewu) na yεyera wͻ asaase mu a yε’bεsan ayε abͻdeε foforͻ bio?” Aane, nanso wͻ’nnye wͻn Wura Nyankopͻn nhyiamu (da no) nni

    [11] Ka sε: “Soro abͻfoͻ agyenkwa a ͻhwε mo soͻ no beyi monkwa. Afei mo Wura Nyankopͻn hͻ na mobεsan akͻ”

    [12] Sε anka worehunu sεdeε abͻneεfoͻ no asisi wͻn tri ase wͻ wͻn Wura Nyankopͻn anim (reka sε): “Ye’Wura afei deε y’ahunu na y’ate nso, enti ma yεnsan y’akyi nkͻ (wiase) nkodi dwuma pa no, nokorε sε (afei deε) y’agye adi paa.”

    [13] Sε Yε’pε a anka Yε’de onipa biara kwankyerε bεma no (anaasε anka yεbεkyerε onipa biara kwan), nanso asεm a efri Mehͻ no yε nokorε sε: “Mεka Jinn ne nnipa abom de wͻn ahyε Amanehunu gya no mma

    [14] Enti monka (asotwee no) nhwε, εnam sε mowerε frii mo nnε da nhyiamu yi nti. Enti Yεn nso Yε’werε befri mo. Monka daadaa asotwee no nhwε, εnam dwuma a na modie no ho nti.”

    [15] Wͻn a wͻ’gye Yε’nsεm no die no ne wͻn a sε yεde Yε’nsεm no tu wͻn fo a, wͻ’de wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm, na wͻ’bͻ wͻn Wura Nyankopͻn abodin kamfo no, na wͻ’nnyε ahomasoͻ

    [16] (Nyankopͻn ho dͻ nti wͻ’sͻre anadwo) gya wͻn kεtε, wͻ’sufrε wͻn Wura Nyankopͻn wͻ ehuu mu ne ani daasoͻ mu, na deε Yε’de ama wͻn no nso wͻ’yi mu bi dema

    [17] Ɔkra biara nnim anigyedeε a yεde asie ama wͻn; εyε dwumadi (pa) a na wͻn die no ho akatua

    [18] Enti obi a ͻyε gyidieni ne obi a ͻyε kohwini (anaa ͻbͻneεni no) yε pε? (Daabi) wͻ’nnyε pε

    [19] Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no deε wͻ’benya Soro Aheman no mu atena, εhͻ yε ahomegye bea, εnam dwumadi pa a wͻ’dieε no nti

    [20] Wͻn nso a wͻ’bͻͻ akohwie (dii nsεmmͻnee) no deε wͻn asetena ne egya no mu. Ɛberε biara a wͻ’bεpεsε wͻ’fri mu no yεbεsan de wͻn akͻ mu bio, na yεbεka akyerε wͻn sε: “Monka egya asotwee no a mobuu no atͻrͻsεm no nhwε “

    [21] Nokorε sε Yε’bεma wͻn aka asotwee a εbεn no bi ahwε (wͻ wiase ha), ansa na asotwee kεseε no (aba) sεdeε wͻ’bεsan wͻn akyi (afri wͻn bͻne mu)

    [22] Hwan na ͻyε nnipa bͻneni kyεn obi a yεde ne Wura Nyankopͻn nsεm no tu no fo a ͻtwe neho fri ho? Nokorε sε Yε’betua abͻneεfoͻ no so ka

    [23] Ampa sε, Yε’de Nwoma no maa Mose, enti εmma w’andwen nnyε wo ntanta wͻ Nenhyiamu no ho; na Yε’yεε no kwankyerε (Nwoma) demaa Israel mma

    [24] Yε’yεε wͻn mu bi nso akandifoͻ a na wͻ’de Ya’hyεdeε no kyerε (amanfoͻ) kwan εnam aboterε a wͻ’nyaeε ho nti, na wͻ’gye Yε’nsεm no di

    [25] Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bebu wͻn ntεm atεn wͻ Wusͻreε da no wͻ deε wͻ’nnte wͻn ho ase wͻ ho no ho

    [26] Enti awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ a wͻ’dii wͻn anim kan a Y’asεe wͻn a wͻ’nenam wͻn atenaeε no, εnnyε kwankyerε (anaasε adesua anaasε afutuo) mma wͻn? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu. Enti wͻ’nte anaa

    [27] Anaasε wͻ’nhunuu sε Yεn na Yepia nsuo no dekͻ asaase a ͻpε asi soͻ a enni mfudeε biara no so, na Yε’de ma nnͻbaeε a wͻn nyεmmoa ne wͻn ara die no fifi? Enti wͻ’nhunu anaa

    [28] Deε wͻ’ka ne sε: “Ɛberε bεn na saa nkonimdie no bεba sε moyε nokwafoͻ ampa a?”

    [29] Kasε: Nkonimdie da no, wͻn a wͻ’annye annie no gyidie ho mma mfasoͻ mma wͻn, na yεmma wͻn εberε nso

    [30] Enti twe wo ho fri wͻn ho na twεn, nokorε sε wͻn (nso) retwεn

    Surah 33
    Al-Ahzaab

    [1] Nkͻmhyεni, Suro Nyankopͻn, na entie boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ

    [2] Di deε yayi ama woͻ a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ no akyi. Nokorε sε, Onyankopͻn ne dwuma a modie (nyinaa) ho amane bᴐfoᴐ

    [3] Na fa woho to Nyankopͻn so, na Nyankopͻn ne Okyitaafoͻ a Ɔsom bo

    [4] Nyankopͻn nyεε akoma mmienu nhyεε onipa biara koko mu, na Ɔnyεε moyere-nom a mode “Iz’haar” gyae wͻn awadeε no sε mo maame, na Ɔnyεε wͻn a (wͻ’te monkyεn a) mofrε wͻn momma no sε momma (paa). Woi yε moara moano asεm, Onyankopͻn na Ɔka nokorε na Ɔno na Ɔkyerε kwan

    [5] Monfa wͻn papanom (din) mfrε wͻn, εno na εyε paa wͻ Nyankopͻn anim; sε monnim wͻn papanom a, εneε wͻ’yε mo nuanom ne (mo) ayͻnkofoͻ wͻ Nyamesom mu. Bͻne (biara) nni moso wͻ mfomsoͻ a moayε ho, na mmom (bͻne wͻ moso wͻ) deε mo akoma boapa ayε. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene

    [6] Nkͻmhyεni bεn agyidiefoͻ no paa kyεn wͻn ho wͻn ho, na ne yerenom yε (agyidiefoͻ no) maame. Na abusua-bogya bεn wͻn ho wͻn ho wͻ Nyankopͻn nhyehyεε mu kyεn agyidiefoͻ no ne atukͻfoͻ no, gyesε (ebia) moreyε ayεmyε bi ama mo ayͻnkofoͻ no. Saa na y’atwerε no wͻ Nwoma no mu

    [7] Kae εberε a Yε’gyee apam firi Nkͻmhyεfoͻ no hͻ, εne wo (Muhammad) hͻ, ne Noa ne Abraham ne Mose εna Yesu Mar’yam ba no hͻ; Yε’gyee apam a emu yε duro paa na efirii wͻn hͻ

    [8] Sεdeε (Nyankopͻn) bebisa nokwafoͻ no wͻn nokorεdie ho asεm. Nyankopͻn asiesie asotwee a εyε ya paa ato boniayεfoͻ no hͻ

    [9] Mo a moagye adie, monkae Onyankopᴐn adom a ԑwᴐ mosoᴐ, ԑberԑ a asraafoᴐ dᴐm baa mosoᴐ na Yԑ’somaa mframa ne asraafoᴐ a moani anhu wᴐn baa wᴐn soᴐ. Onyankopᴐn deԑ Ohu dwuma a modie biara

    [10] Ɛberε a (atamfoͻ) no baa moso fri mosoro ne moase, na ani yεε kusuu na akoma pagya baa menewa mu, na modwenee adwen (bᴐne) wͻ Nyankopͻn ho

    [11] Ɛhͻ no Yε’sͻͻ agyidiefoͻ no hwεe, na wͻn ho wosoo papaapa

    [12] Na kae εberε no a nkͻnkͻnsafoͻ no ne wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no kaa sε: ”Bᴐ a Nyankopͻn ne ne Somafoͻ hyεԑ yεn no yԑ nnaadaa bi kwa“

    [13] Kae εberε nso a wͻn mu fekuo bi kaa sε: “Yasribfoͻ, monni gyinaberε biara, enti monsan moakyi“. Wͻn mu fa bi srεε kwan wͻ Nkͻmhyεni hͻ, wͻ’kaa sε: Y’afiee deda mpan, na εnyε nokorε sε εdeda mpan, na mmom dwane na wͻ’repε adwane

    [14] Sε (atamfoͻ no) nyaa emu akwan bi wuraa (Madina kuro no mu) maa wͻ’bepuee (nkͻnkͻnsafoͻ no) so, εna wͻ’reka akyerε wͻn sε wͻ’nyε basabasa (anaasε wͻnko ntia Muslimifoͻ no) a, anka wͻ’bεyε a wͻ’nkyεre ho koraa

    [15] Nokorε nso sε na wͻ’ne Nyankopͻn adikan ahyε bͻ sε wͻ’nnane wͻn akyi mma (agyidiefoͻ no da). Apam a εwͻ Nyankopͻn hͻ deε, nokorε sε εwͻ ho ano yie

    [16] (Nkͻmhyεni), ka kyerε (nkͻnkͻnsafoͻ no a wͻ’resrε kwan no) sε: “Sε owuo anaa okum ho nti na moredwane no a, εneε dwane no ho mma mfasoͻ mma mo, εyε εberε tiaa bi na mode bεgye moani (wͻ wiase ha) “

    [17] Ka sε : “Sε Nyankopͻn pε mo bͻne bi, anaasε Ɔpε mo ahummͻborͻ bi a, hwan na ͻbεbͻ moho ban afri ne nsam? Nyankopͻn akyiri no wͻ’nnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ mma wͻn

    [18] Nokorε sε Nyankopͻn nim wͻn a wͻn wͻ mo mu no a wͻ’si amanfoͻ kwan (na wͻ’mma wͻn mma ͻko no), ne wͻn a wͻ’ka kyerε wͻn nuanom sε: ”Mommra yεn hͻ;” na (wͻn ara mpo mma ͻkoo gyesε (wͻn mu nnipa) kakraabi

    [19] Wͻnnfa moho (anaasε wͻ’mmoa mo wͻ kwan biara so). Nanso sε ehu bi ba a wobεhunu sε wͻ’rehwε woͻ a wͻn ani retwa kuru-kuru tesε obia owuo refa no. Sε ehu no tekͻ a wͻ’de kεterεma naanam anaa kԑtrԑma dԑ twa wo de hwehwε papa. Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’nnye nie no, enti Nyankopͻn ama wͻn nyuma no ayε kwa, εno yε adeε a εyε mmerε wͻ Nyankopͻn hͻ

    [20] (Nkͻnkͻnsafoͻ no) adwen yε wͻn sε (Ah’zaab) nkorͻfo kuo no nnya nkͻe, na sε nkorͻfo kuo no reba (bio) a, anka wͻ’bεpε sε wͻ’bεka εserε so Arabfoͻ no ho (ne wͻn awͻ εserε no so) na wͻn abisa moho asεm (atie). Sε wͻ’ka mo ho mpo a, anka wͻ’nnko gyesε kakraa bi

    [21] Ampa sε nhwεso pa wͻ Ɔsomafoͻ (Muhammad) suban mu ma mo, de ma obia n’ani da Nyankopͻn so ne Daakye no nso soɔ, na ͻkae Nyankopͻn pii

    [22] Ɛberε a agyidiefoͻ no hunuu nkorͻfo kuo no, wͻ’kaa sε: “Woi na Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no hyεε yεn ho bͻ no, Nyankopͻn ne ne Somafoͻ asεm yε nokorε. Deε wͻ’nya kaa ho ne gyidie ne ahobraseε

    [23] Nnipa no bi wͻ agyidiefoͻ no mu a wͻ’di nokorε wͻ apam a wͻ’ne Nyankopͻn apam no ho. Ebinom nso wͻ hͻ a wͻ’adi wͻn bͻhyε no so (awu sε mogya ho adansefoͻ), na ebi nom nso wͻ hͻ a wͻ’retwεn, na wͻ’nsesaa (wͻn adwen wͻ bͻhyε) no ho koraa

    [24] Sεdeε Nyankopͻn betua nokorεfoͻ no nokorεdie no so ka, na sε Ɔpε a W’atwe nkͻnkͻnsafoͻ no aso, anaasε Ɔde bεkyε wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmɔborɔhunufoɔ Hene

    [25] Boniayεfoͻ no abufuhyeε no mu no, Nyankopͻn atwe wͻn asan akyire; wͻ’annya mfasoͻ biara wͻ so. Nyankopͻn som bo ma agyidiefoͻ no wͻ ͻkoo mu. Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ na Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε

    [26] Nyamesom ho Nwomanimfoͻ a wͻ’boaa (atamfoͻ) no, Nyankopͻn sianee wͻn frii wͻn aban denden no so, na Ɔbͻͻ huu guu wͻn akoma mu; mokum ebinom na mofaa ebinom nso nnomum

    [27] (Nyankopͻn) maa motenaa wͻn anan mu wͻ wͻn nsaase so, ne wͻn afie mu, ne wͻn agyapadeε ne nsaase a monan nsii so da so. Nyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi

    [28] Nkͻmhyεni, ka kyerε wo yerenom sε: “Sε mopε wiase asetena ne emu afεεfεdeε a, εneε mommra na mensum mo, na mama moakͻ no wͻ kwanpa so

    [29] Na mmom sε mopε Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no ne Daakye asetena (pa) no nso a, εneε Nyankopͻn asiesie akatua a εsom bo paa ama momu apapafoͻ no”

    [30] Nkͻmhyεni yerenom, momu nea ͻbeyi suban bͻne bi adie no, yεde asotwee no bεbͻ ho mmmienu ama no. Ԑno deε εyε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn

    [31] Momu nea ͻbεbrε neho ase ama Nyankopͻn ne Nesomafoͻ na wayε papa no, Yε’bεma no akatua mmͻho mmienu, na Y’asiesie animuonyam akyεdeε bi nso ama no

    [32] Nkͻmhyεni yerenom, montesε εmmaa a aka no. Sε mosuro Nyankopͻn a, monhwε na (sε mone ͻbarima bi rekasa a) moammrε mone ase; anhwε a na obi a yadeε wͻ n’akoma mu no anya moho dͻ, na monka kasa a εyε kasa pa

    [33] Na montena moafiee mu, na monhwε na moanna moho afԑԑfԑdeԑ adi ankyerԑ sεdeε na tete abagyimi berε mmaa no (yε no); na monfrε Nyame wͻ ne berε mu na monyi Zaka, na monyε sotie ma Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no. Deε Nyankopͻn pε ne sε, efie ha foͻ, Obeyi efii afri moso na W’ate moho korͻgyee

    [34] Na monkaekae deε yεkenkan (kyerε mo) wͻ mo fie hͻ no a efri Nyankopͻn Nsεm no mu no, ne Nyansasεm no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onitefoͻ (wͻ atemmuo mu), na Ɔne biribiara ho Amane bͻfoͻ

    [35] Nokorε sε, Muslimifoͻ mmarima ne Muslimifoͻ mmaa, ne Agyidiefoͻ mmarima ne Agyidiefoͻ mmaa, ne Ahobraseεfoͻ mmarima ne Ahobraseεfoͻ mmaa, ne Nokorεfoͻ mmarima ne Nokorεfoͻ mmaa, ne Aboterεfoͻ mmarima ne Aboterεfoͻ mmaa, ne Nyame-surofoͻ mmarima ne Nyamesurofoͻ mmaa, ne Adͻeεfoͻ mmarima ne Adͻeεfoͻ mmaa, ne Akyiriwiafoͻ mmarima ne Akyiriwiafoͻ mmaa, ne mmarima a wͻ’hwε wͻn ho so yie ne mmaa a wͻ’hwε wͻn ho so yie (na wͻ’mmͻ adwaman), ne mmarima a wͻ’bͻ Nyame abodin kεse ne mmaa a wͻ’bͻ Nyame abodin, Nyankopͻn asiesie bͻnefakyε ne akatua kεseε ama wͻn (wͻ Daakye Atemmuda)

    [36] Ɛnfata mma gyidieni barima anaasε gyidieni baa bi sε Nyankopͻn ne ne Somafoͻ bεyε nhyehyεeε bi na εbεyε wͻn sε, deε wͻ’pε no na εyε kyεn (Nyankopͻn ne Nesomafoͻ deε) no. Obia ͻbεyε Nyankopͻn ne Nesomafoͻ (asɛm ho) asoͻden no, nokorε sε (saa nipa no) ayera yera pefee paa

    [37] (Nkͻmhyεni), kae εberε nso a woka kyerεε obi a Nyankopͻn adom no, na wonso w’adom no no sε: “Ka woyere no bata wo ho, na suro Nyankopͻn.” Nanso wode deε Nyankopͻn bεda no adie no ahyε w’akoma mu, na wosuro nnipa, na Nyankopͻn na εwͻ ho kwan sε wosuro no. Enti εberε a Zaid guu ͻne (Zainab) awadeε no, Yε’de (ͻbaa) no maa wo (Nkͻmhyεni) awadeε sεdeε (daakye bi no) εnnkͻ yε asεm mma agyidiefoͻ no fa wͻn nkͻdaa a wͻ’te wͻn nkyεn yerenom awadeε ho wͻ εberε a wͻn agu awadeε no. Nyankopͻn ahyεdeε na εbεyε hͻ

    [38] Soboͻ biara nni Nkͻmhyεni no so wͻ deε Nyankopͻn ayε no nhyε ama no, anaasε W’ama no ho kwan ho; (εyε) Nyankopͻn sa a W’atwa ato hͻ ama wͻn a w’atwa mu korͻ no. Nyankopͻn ahyεdeε ne nhyehyεε a εbεyε hͻ

    [39] Wͻn a wͻ’bͻ Nyankopͻn Nsεm no ho dawuro na wͻ’suro no no, wͻ’nsuro obiara ka Nyankopͻn ho. Na Nyankopͻn som bo wͻ nkontabuo mu

    [40] Ɛnyε mo mmarima no mu biara agya ne Muhammad, na mmom (ͻyε) Nyankopͻn Somafoͻ ne Nkͻmhyεfoͻ no (nyinaa) nea otwa toͻ. Nyankopͻn na Onim biribiara

    [41] Mo a moagye adie, monkaekae Nyankopͻn, na moma (neho) nkaekaeε no nnͻͻso bebree

    [42] Na montontom no anͻpa ne anyumerε

    [43] Ɔno na Ɔne N’asoro abͻfoͻ hyira mo, sεdeε Obeyi mo afri esum mu akͻ εhyεn no mu. Ɔyε Mmͻborͻhunufoͻ ma agyidiefoͻ no

    [44] Ɛda a wͻ’behyia no no, wͻn nkyea (a abͻfoͻ no de bεkyea wͻn) ne ‘Salaam’: Asomdwiε; W’asiesie animuonyam akatua nso ama wͻn

    [45] Nkͻmhyεni, nokorε Y’asoma wo sε Ɔdanseni ne Anigyesɛm ne Kͻkͻbͻni ho bɔfoɔ

    [46] Ne ͻfrεfrεni a ͻfrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ wͻ N’akwamma mu, ne Kanea a εhyerεn

    [47] Hyԑ agyidiefoͻ no bᴐ sε, nokorε wͻn wͻ adom kεse a efri Nyankopͻn hͻ

    [48] Na hwԑ na w’anntie boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no, na εnfa wͻn haw no nyε asεm, na fa woho to Nyankopͻn so, na Nyankopͻn yε Okyitaafoͻ a Ɔsom bo

    [49] Mo a moagye adie, sε moware agyidiefoͻ mmaa no na mogyae wͻn aberε a monya mfaa mo ho nkaa wͻn a, monni Idda biara wͻ wͻn ho a mobεsesee. Na mmom monsum wͻn na moma wͻ’nkͻ no kwan pa so

    [50] Nkͻmhyεni, nokorε sε Y’ama wo woyerenom a w’atua wͻn tiri aseda no ho kwan, ne (mfenaa) a wͻ’yε wodea a Nyankopͻn de ama wo wͻ asadeε mu, εne wopapanom nua mma mmaa, ne wo nsewaanom mma mmaa, ne wo maame nua mmarima mma mmaa a wone wͻn tuu amantuo, ne gyedieni baa, sε ͻde ne ho ma Nkͻmhyεni, na sε Nkͻmhyεni pε sε ͻware no a, (woi) wͻwo nko ara, agyidiefoͻ no nka ho. Ampa sε Ye’nim deε Y’ayε no nhyε ama (agyidiefoͻ no) wͻ wͻn yerenom ho ne (wͻn mfenaa) wͻn a wͻ’yε wͻn dea no ho, sεdeε biribiara mmεda wo soͻ, efrisε Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene

    [51] Wotumi twe wᴐn mu nea wopε sensԑn, gye nea wopε, na εnyε bͻne biara ma wo sε wobεfrε obi a watwe no (asensεn) a wopε. Woi na εbεn sε wode bεkyekyere wͻn werε, na wͻ’nni awerεhoͻ na wͻn mu biara ani bεgye deε wode ama wͻn no ho. Nyankopͻn Nim deε εwͻ moakoma mu (nyinaa). Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Ntoboaseε Hene

    [52] (Mmaa a yakyerε mu yi) akyi, wonni ho kwan (sε woware ͻbaa biara bio), anaasε wobεsesa ͻbaa akͻfa foforͻ, sε wͻn ho yε wo anigye mpo a, gyesε (mfenaa) no a wͻ’yε wo dea no. Nyankopͻn deε ͻwεn biribiara

    [53] Mo a moagye adie, monhwε na moankͻ Nkͻmhyεni fie (basabasa), gyesε yεfrε mo adidi, na εnyε sε morekͻ twεn ama no aben. Na mmom sε yεfrε mo a εneε monkͻ, na sε modidi wie a monhwete nkͻ, na monhwε na moantena hͻ sε moredi nkͻmmͻ. Nokorε sε (saa suban) no ha Nkͻmhyεni nanso ͻfεre mo, na Nyankopͻn deε Ɔnfεre nokorε no. Sε morebisa ne yerenom hͻ (biribi) a monyina ntwaremuu akyi na momisa, εno mmom na εyε koronkron dema moakoma ne wͻn akoma. Monni ho kwan sε mobεha Nyankopͻn Somafoͻ anaasε mobεware neyere wͻ ne (wuo) akyi da. Nokorε sε woi yε asεm kεseε wͻ Nyankopͻn hͻ

    [54] Sε moda biribi adi o, anaasε mode suma o, nokorε sε Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ

    [55] Ɛnyε bͻne mma (mmaa no) sε (wͻ’nngu akatatire wͻ) wͻn papa anim, anaa wͻn mma mmarima anim, anaa wͻn nua mmarima nom anim anaa wͻn nua mmarima mma mmarima anim, anaa wͻn nua mmaa mma mmarima anim, anaa wͻn ara mmaa anim, anaa wͻn mfenaa anim, na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn di biribiara ho adanseε

    [56] Nokorε sε Nyankopͻn ne N’asoro abͻfoͻ hyira Nkͻmhyεni. Mo a moagye adie, monsrε nhyira mma no na monkyea no wͻ asomdwiԑ mu

    [57] Nokorε sε, wͻn a wͻ’hyε Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no abufuo no, Nyankopͻn adome wͻn wͻ wiase ne Daakye, na W’asiesie animguaseε asotwee ato wͻn hͻ

    [58] Wͻn a wͻ’hyε agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no nso abufuo wͻ deε wͻn nnyͻeε ho no, wͻ’bεsoa ntwatosoͻ (nkontompo, ne adanse wia) ne bͻne a εda adi pefee (ho asotwee wͻ Atem-muda)

    [59] Nkͻmhyεni, ka kyerε woyerenom, ne womma mmaa, ne agyidiefoͻ maa no sε: Wͻ’mfa wͻn akatasoͻ no nkata wͻn ho so nyinaa. Saa na εyε sεdeε yεbehu wͻn, na (obi) nnha wͻn. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [60] Sε nkͻnkͻnsafoͻ no, ne wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no, ne wͻn a wͻ’di nsekuro no a wͻn wͻ Madina no anyae (wͻn suban bͻne no) a, Yε’de wͻn bεhyε wonsa, na wͻ’nntumi ne wo mmͻ afipam wͻ (kuro no) mu gyesε (berε) tiaa bi

    [61] Ya’dome wͻn; baabiara a yεnsa bεka wͻn no yεbεkye wͻn aku wͻn kum paa

    [62] Nyankopͻn kwan a εda hͻ wͻ wͻn a wͻ’adikan atwa mu kͻ no ho ne no; na wonhunu nsakraeε wͻ kwan a Nyankopͻn atwa ato hͻ no mu

    [63] Nnipa no rebisa wo Dͻnhwere no ho asεm. Ka sε: “Ɛho nimdeε no deε Nyankopͻn nko ara hͻ na εwͻ”. Na deεn na εbεkyerε wo sε ebia Dͻnhwere no abεn

    [64] Nokorε sε Nyankopͻn adome boniayεfoͻ no, na Wasiesie Ogya tanaa ato hͻ ama wͻn

    [65] Emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ, na wͻ’nnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ (biara)

    [66] Ԑda a yεbԑdane wͻn anim abutu egya no mu no, wͻ’bεka sε: “Sε yehunui a anka yεyεε sotie maa Nyankopͻn san yεε sotie maa Ͻsomafoͻ no”

    [67] Wͻ’bεka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, yedii yεn nhemfo ne yεn mpanimfoͻ nom akyi εna wͻ’yeraa yεn frii kwan (tenenee) no soͻ”

    [68] Ye’Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε): “Ma wͻn asotwee no mmͻho mmienu, na fa nnomee a εsoo paa dome wͻn.”

    [69] Mo a moagye adie, monhwε na moanyε sε wͻn a wͻ’hyεε Mose abufuo na Nyankopͻn sanee neho fri deε wͻ’ka (detoo no soͻ) no ho no; na ͻyε (onipa a) ͻwͻ animuonyam wͻ Nyankopͻn hͻ

    [70] Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn na (εberε biara mu no) monka kasa pa

    [71] Ɔbεma monyuma ayε yie ama mo, na Ɔde mobͻne akyε mo; na obi a ͻbεyε sotie ama Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no, εyε nokorε a esipi sε wadi nkonim a εsoo paa

    [72] Nokorε sε, Yε’de nhwεsodeε maa ͻsoro ne asaase ne mmepͻ, nanso wͻn ampene sε wͻ’bεgye ato wͻn ho soͻ, na wͻ’nyaa ho suro, εna onipa gye soaeε. Nokorε sε, ͻyε omimfo, ogyegyentwie

    [73] Sεdeε Nyankopͻn bεtwe nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa ne abosomsomfoͻ mmarima ne abosomsomfoͻ mmaa no aso, na Ͻbεgye agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no adwen sakra. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    Surah 34
    Saba’

    [1] Aseda wͻ Nyankopͻn no a deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa yε Ne dea no; aseda no san wͻ no wͻ Daakye no nso. Ɔne Onyansafoͻ no, Ɔne biribiara ho Amanebͻ Wura no

    [2] Onim deε εkͻ asaase mu, ne deε epue firi mu, ne deε esiane firi soro ne deε εforo kͻ hͻ, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no, Bͻnefakyε Wura no

    [3] Boniayεfoͻ no ka sε: “Dͻnhwere no mma yεn so biara”. Kasε: ‘’Aane, Mede me Wura, Ahuntasεm mu Nimdefoͻ no di nse sε, εbεba mo so. Deε emu duro ketekete tesε aboboaa a (onipa) ani ntumi nhunu wͻ soro anaasε asaase so anaasε deε esua kyεn saa anaasε deε εso kyεn saa mmpa ne ho, na mmom (nenyinaa) wͻ Nwoma pefee no mu

    [4] Sεdeε Obetua wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no ka. Saa nkorͻfoͻ no wͻ bͻnefakyε ne akyεdeε a animuonyam wͻ mu

    [5] Wͻn a wͻ’bͻ mmͻden kotia Yεn Nsεm no sԑdeԑ ԑbԑyԑ kwa no benya asotwee akatua a εyε ya paa

    [6] Wͻn a yama wͻn nimdeε no hunu sε deε yasiane afiri wo Wura Nyankopͻn hͻ abrε woͻ no ne Nokorε no, na εkyerε kwan kͻ Otumfoͻ Ayeyie Wura no kwan no so

    [7] Wͻn a wͻ’yi boniayε no ka sε: “Yεnkyerε mo onipa bi a ͻreka kyerε mo sε, sε (mowu na) mo mu tete pasapasa a, nokorε sε mobεsan ayε abͻdeε foforͻ

    [8] Nkontompo na ͻretwa to Nyankopͻn soͻ anaasε wabͻ dam?” Daabi; wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no wͻ asotwee ne ͻyera a εkͻ akyirikyiri paa mu

    [9] Enti wͻ’nhunuu deε εda wͻn anim ne deε εda wͻn akyi a εyε ͻsoro ne asaase? Sε Yε’pε a Yε’bεma wͻn amem wͻ asaase no mu, anaasε Yε’bεma ͻsoro no fa bi (ate) abεhwe wͻn so. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu de ma akoa biara a ͻdane ne ho ma (Nyankopͻn)

    [10] Nokorε sε Yε’de adom a efri Yεn hͻ maa Dawud, kaa sε: ”Mmepͻ ne nnomaa monka ne ho ne no mmͻ (Nyankopͻn) abodin; na Yε’maa dadeε yεε mmrε maa no

    [11] (Y’εka kyerεε no sε): “Yε dadeε akotadeε a εsoo, na susu nkaa a egu akotaadeԑ no ano no pεpεεpε. Dawud nkorͻfoͻ, moni dwuma pa. Nokorε sε Menim dwuma a modie (nyinaa) “

    [12] Solomon nso (Yε’brεε) mframa (ase) maa no. Mframa no twa bosome kwan wᴐ anᴐpa, ԑna etwa bosome kwan nso ayumerԑ. Yε’maa nsuo aniwa a εyε kͻͻbere a yaguo pue maa no. Jinnfoͻ no nso bi wͻ hͻ a wͻ’yεԑ adwuma wͻ nehͻ wͻne Wura Nyankopͻn akwamma mu. Wͻn mu biara a ͻtwee ne ho frii Y’ahyεdeε ho no Yε’bεma no aka ogya asotwee no ahwε

    [13] Wͻ’yεε adwuma maa no sεdeε ͻpε (sii) Nyamedan, (yԑԑ) ahonin ne nwinneε a n’akεseε tesε nhina ne nkukuo akεseε a esisi hᴐ. “Dawud nkorͻfoͻ monfa ayeyie nyε adwuma”. Nanso Menkoa no mu kakraa bi na wͻ’yi (Me) ayε

    [14] Ɛberε a Yε’hyehyεε owuo maa (Solomon) no obiara (antumi) ankyerε (Jinnfoͻ no sε Solomon awu), na mmom asaase boaa (nkanka) na ͻwee nepoma. Enti εberε a (Solomon) tᴐͻ fᴐm no, εdaa adi maa Jinnfoͻ no sε, sε wͻ’nim nsumaeε mu asεm a, anka wͻ’antena animguaseε asotwee mu saa

    [15] Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ Sabafoͻ (Sheba) asetena mu. (Na wͻn wͻ) turo mmienu, (baako) wͻ nifa so, εna (baako nso wͻ) benkum so. (Yε’ka kyerεε wͻn sε): “Monidi mfri mo Wura Nyankopͻn akͻnhoma no mu, na monfa ayeyie ma no; kuro pa mufoͻ, (mo) Wura Nyankopͻn ne bͻnefakyε Hene

    [16] Nanso wͻ’twee wͻn ho (frii Nyankopͻn ahyεdeε ho), enti Yε’somaa nsutͻ a ano yε den bi baa wͻn so. Yε’sesaa wͻn mfuo mmienu no de mfuo mmienu a εso nnuaba bͻne a εyε nyono ‘Atli’ ne ‘Sidir’ nnua kakraabi hyεε anan mu

    [17] Woi na Yε’de tuaa wͻn ka εfa wͻn boniayε no ho nti, na Yε’ntwe obi aso, gyesε boniayεfoͻ no

    [18] Na wͻ’ntεm ne nkuro a Y’ahyira wͻn no (ntεm nso) Yε’maa nkuro a εda adi pefee bεdaa hͻ, na Yε’hyehyεε akwantuo gyinaberε wͻ mu (maa wͻn, εna Yε’ka kyerεε wͻn sε): “Montu kwan wͻ mu anadwo ne adekyeε wͻ abodweε mu“

    [19] Nanso wͻ’kaa sε: “Ye Wura Nyankopͻn, ma yakwantuo gyinaberε no nware“, na wͻ’dii wͻn kraa amim na Yε’de wͻn yεε asεm-nahͻͻ na Yε’tetee wͻn ntεm korakora. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema obi a osi aboterε na oyi ayε

    [20] Ampa sε ͻbosam adwen yεε nokorε wͻ wͻn hͻ, enti wͻ’dii n’akyi, gyesε agyidiefoͻ no mu fekuo bi

    [21] (Ɔbonsam) nni tumi wͻ wͻn so deε, na mmom sεdeε Yε’behu nea ͻgye Daakye no die, ne obi a n’adwen nnsi no pi wͻ ho. Wo Wura Nyankopͻn ne biribiara so Wεnfoͻ anaasε Hwεsofoͻ

    [22] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Monsu mfrε wͻn a moadwen yε mo sε wͻ’ka Nyankopͻn ho no; wͻ’nni tumi a emu duro ketekete tesε aboboaa a ani ntumi nhu mpo wͻ soro anaa asaase so, na wͻ’nni ne mmienu mu kyεfa bi, na (Nyankopͻn) nni ͻboafoͻ bi a ͻfri wͻn mu

    [23] Dwaatoa nso ho mma mfasoͻ wͻ Nehͻ, gyesε obi a (Nyankopͻn) bεma no kwan. Kosi sε ehuu befri wͻn (Soro abͻfoͻ no) akoma mu, (abͻfoͻ no) bεka sε: ”Asεm bεn na Mo Wura Nyankopͻn kaeε?” Wͻ’bebua sε: ”Nokorε’’. Ɔne Okokroko no, Ɔno ara nso ne Ɔkεseε no”

    [24] (Nkͻmhyεni), kasε: “Hwan na ͻbͻ mo akͻnhoma firi soro ne asaase soͻ?” Kasε: “Nyankopͻn”. Ɛneε nokorε sε yεn, anaasε mo wͻ kwan tenenee paa so anaasε ͻyera pefee mu

    [25] (Nkͻmhyεni), ka sε: Ye’mmisa mo fa yεn fͻdie ho asεm, na yemmisa yεn fa dwuma a modiiε no ho asεm

    [26] Ka sε: “Ye Wura Nyankopͻn bεboa yεn nyinaa ano abom na afei Ɔde nokorε no abu yεn ntεm atεn. Ɔne Otemmufoͻ Nokwafoͻ no, na Ɔne Onimdefoͻ no“

    [27] Ka sε: “Monkyerε me wͻn a mode wͻn ka (Nyankopͻn) ho sε ahokafoͻ no. Daabi, Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no

    [28] (Nkͻmhyεni), Yε’somaa wo wͻ nnipa nyinaa hͻ sε anigyesεm ne kͻkͻbɔ ho bɔfoɔ, nanso nnipa pii nnim

    [29] Deɛ wͻ’ka ne sε: “Ɛberε bεn na saa bͻhyε no bԑba, sε moyε nokwafoͻ ampa a?”

    [30] Ka sε: “Ɛwͻ berε a yεde ahyε ama mo a montumi ntwe nnkͻ akyire anaasε animu dͻnhwere baako mpo “

    [31] Boniayεfoͻ no ka sε: “Yεnnye saa Qur’aan yi anaa deε edi n’anim kan no nni“. Sε anka worehu sεdeε yεde abͻneεfoͻ no agyina wͻn Wura Nyankopͻn anim, na wͻ’redane mfomsoͻ no to wͻn ho wͻn ho soͻ a; wͻn a na wͻ’yε mmerε (wͻ wiaseε) no bεka akyerε wͻn a wͻ’maa wͻn ho soͻ no sε: “Sε εnyε mo a, anka yε’yεε agyidiefoͻ”

    [32] Wͻn a wͻ’yεε ahomasoͻ no bεka akyerε wͻn a wͻ’yε mmerε no sε: “Ɛberε a tenenee no baa mo hͻ no yεn na yesii mo kwan? Daabi, mo ara na moyε abͻneεfoͻ“

    [33] Wͻn a wͻ’yε mmerε no bεka akyerε ahomasoͻfoͻ no sε: “(Ɛnam) anadwo ne awia pͻ a mobͻeε so, εberε a mohyεε yεn sε yenyi ye’Wura Nyankopͻn boniayε na yεnfa biribi ntoto Neho no“. Ԑberε a wͻ’behunu asotwee no wͻ’bεda wͻn nuhoo adi, na Yε’de nkͻnsͻnkͻnsͻn begu boniayεfoͻ no kͻn mu. Enti dwuma a wͻ’diiε so na yεbegyina atua wͻn ka

    [34] Ԑberε biara a Yε’bεsoma kͻkͻbͻni wͻ kuro bi soͻ no, gyesε emu adefoͻ no ka sε: “Yε’deε deε yεde somaa mo no yεmpε“

    [35] Deε wͻ’ka ne sε: “Yε’wͻ sika ne mma pii, na yε’deε yε’nntwe y’aso

    [36] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Me Wura Nyankopͻn bae N’akyεdeε mu ma obia Ɔpε, εna Osusu nso (ma obia Ɔpε) nanso nnipa pii nnim

    [37] Ԑnyε mo sika anaa mo mma na εde mo bεbεn Nyankopͻn wͻ gyinaberε mu, na mmom gyesε obi a ͻgye die na odi dwuma pa; saa nkorͻfoͻ no deε wͻn wͻ akatua a yεde bεbͻ ho (ama wͻn) wͻ dwuma a wͻ’diiε no ho nti, na wͻ’bεtena abansoroͻ so wͻ abodweε mu

    [38] Wͻn a wͻ’bͻ mmͻden kotia Yεn Nsεm sεdeε εbεyε kwa no, saa nkorͻfoͻ no na yε’de wͻn bεba asotwee no mu no

    [39] (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Me Wura Nyankopͻn bae n’akyεdeε no mu ma obia Ɔpε wͻ Nenkoa no mu, εna Osusu nso ma no; na biribiara a mobeyi no (Nyankopͻn nti) no Ɔbεhyε anan mu, na Ɔne ɔkyaadeεfoͻ no mu Nea ͻkyε akyεdeԑ pa paa

    [40] Ɛda a Ɔbεboa wͻn nyinaa ano no afei yεbεka akyerε Soro abͻfoͻ no sε: ”Mo na na saa nkorͻfoͻ yi som mo no

    [41] Wͻ’bεka sε: ”Kronkron hene ne Wo (Awurade)! Wone yεn Kyitaafoͻ na εnyε wͻn ne (yεn kyitaafoͻ). Daabi, na wͻ’som Jinnfoͻ no, na wͻn na wͻn mu dodoͻ no ara gyee wͻn diiε”

    [42] Enti saa Da no, momu biara nni papa anaasε bͻne bi ho tumi wͻ moho-moho so. Yε’bεka akyerε wͻn a wͻ’dii bͻne no sε: “Monka egya asotwee a mofaa no nkonto-mposεm no nhwε“

    [43] Sε yεrekenkan Yεn Nsεm pefee no kyerε wͻn a, deε wͻ’ka nesε:” (Muhammad) woi ᴐnyε hwee na mmom (ͻyε) onipa a ͻpε sε osi mo deε na moagya nom som no ho kwan”. Wͻ’san nso ka sε: ”(Qur’aan) woi nyε hwee na mmom nkontompo a yabͻ yetrim (atwerε)“. Ɛberε (biara a) nokorε bεba boniayεfoͻ no hͻ no, deε wͻ’ka kyerε (nokorε no) nesε: “Woi deε nkoyaa anaa naadaasεm pefee“

    [44] Yε’mmaa wͻn Nwoma a wͻ’sua mu, na Yenii w’anim kan nsomaa kͻkͻbͻni biara wͻ wͻn hͻ

    [45] Wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no faa no nkontomposεm; (Quraishfoͻ) woi nom nnyaa deε Yε’de maa (tetefoͻ) no mu nkyεmu du mu baako mpo; nanso wͻ’bu Me Somafoͻ no nkontomponi. Sεdeε M’abufuhyeε siteε

    [46] (Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Adeε fua pε na mede tu mo foͻ, εne sε mobεgyina hͻ mmienu mmienu ne mfuamfua ama Nyankopͻn na afei moadwen (Muhammad ho abakͻsεm a ͻne mo de te kuro yi mu ha ho). Mo yͻnko (Muhammad) no ͻmmͻͻ dam, na mmom ͻyε kͻkͻbͻni mamo wͻ asotwee denden a εda (onipa ne Jinn) anim no ho

    [47] Ka sε:” Memmisaa mo akatua a εyε modea; m’akatua deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ. Ͻno na Odi biribiara ho adanseε

    [48] (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Nokorε sε me Wura Nyankopͻn siane Nokorε no (anaasε Adiyisεm no. Ɔne) Nsumaeε mu Nimdefoͻ no“

    [49] Kasε: “Nokorε no aba, na nkontompo nnsan nnhyε aseε, na εnnsan nnkͻ so bio“

    [50] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε m’ayera (mpo) a meyera me ara meho, na sε manya kwankyerε nso a εnam deε me Wura Nyankopͻn ayi ama me no so. Nokorε sε, Ɔne Mpaebͻ Tiefoͻ, na Ɔno na Ɔbεn (Na’koa biara)

    [51] Sε anka worehunu sεdeε ehu bεsi abͻ wͻn, (na saa berε no) dwane kͻbea (biara) nni hͻ a; yεbεsͻ wͻn mu wͻ bea bi a εbεn paa

    [52] (Saa Da no) wͻ’bεka sε (afei deε) y’agye adi; na εbεyε dεn na wͻ’benya (gyidie) wͻ baabi akyirikyiri (saa)

    [53] Nokorε sε wͻ’anye (Asεm) no anni wͻ mfitiaseε no, na wͻ’de (wͻn) adwen ka nsumaeε mu nsεm a efiri baabi akyirikyiri no ho asεm

    [54] Ntware mu betware wͻ’ne deε wͻ’pε paa no ntεm sεdeε yεde yεε wͻn sεso foͻ no a wͻ’dii kan no. Nokorε sε (εberε a na wͻn wͻ wiaseε no) na wͻn adwen nsipi koraa (wͻ Wusͻreε no ho)

    Surah 35
    Faatir

    [1] Aseda no wͻ Onyankopͻn, ͻsoro ne asaase Bͻfo no a W’ayε Soro abͻfoᴐ asomafoͻ a (ebi) wͻ ntaban mmienu ne mmiεnsa ne nnan. Ɔde deε Ɔpε ka N’abͻdeε no ho. Nokorε sε, Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi

    [2] Adeε a Onyankopͻn bebue ama onipa afri N’ahummͻborͻ mu no obiara nni hͻ a obetumi asi ho kwan. Na deε W’asi ho kwan no nso obiara nni hͻ a obetumi afri N’akyi de ama. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no

    [3] Adasamma, monkae Onyankopͻn adom a εwͻ mosoͻ. Enti Onyankopͻn akyiri no ͻbͻͻ adeε foforͻ bi wͻ hͻ a ͻbͻ mo akͻnhoma firi soro ne asaase soͻ? Awurade (foforͻ) biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara). Afei adεn na moredane mo ho firi ( Ne ho)

    [4] (Nkͻmhyεni), sε wᴐ’bu wo nkontomponi a, saa ara na wᴐ’buu asomafoͻ a wͻ’dii w’anim kan no nkontompofoͻ. Onyankopͻn hͻ na dwumadie nyinaa san kͻ

    [5] Adasamma, ampa sε Onyankopͻn bͻhyε yε nokorε, enti momma wiase asetena yi nnaadaa mo, na momma nnaadafoͻ hene (bonsam) no nnaadaa mo fa Onyankopͻn ho

    [6] Nokorε sε ͻbonsam yε ͻtamfo ma mo, enti momfa no nyε motamfo. Deε ͻrefrε nenkorͻfoͻ no akͻ ara ne sε deε wͻ’bεyε Ogya no mu foͻ

    [7] Wͻn a wͻ’yi boniayε no wͻ asotwee a ano yε den, na wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no wͻ bͻnefakyε ne akatua kεseε (wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ)

    [8] Obia ne dwumadi bͻne yε no fε na ohunu (dwmadi bͻne) no sε papa no, (saa nipa no ne obia odi dwuma pa na εsε)? Nokorε sε Onyankopͻn yera obi a Ɔpε εna Ɔtene obi a Ɔpε nso. Enti (Nkͻmhyεni), εmma wo kraa ho nyera no nni wͻn ho awerεhoͻ. Nokorε sε Onyankopͻn Nim dwuma a wᴐ’die (nyinaa)

    [9] Onyankopͻn na Ɔsoma mframa ma εboa mununkum ano, na Ya’pia kͻ ͻman a awuo so, na Yε’de anyane asaase wͻ newuo akyi. Saa ara na Owusᴐreε no teε

    [10] Obia ͻrehwehwε animuonyam (anaa) tumi no, animuonyam (anaa) tumi nyinaa wͻ Nyankopͻn. Nehͻ na kasapa ma nehoso kͻ, εna dwumadi pa nso Ɔbͻ n’abasoͻ. Wͻn a wͻ’refa bͻne ho adwen no wͻ asotwee a ano yε den paa, saa adwen bͻne no bεsopa

    [11] Onyankopͻn bͻͻ mo firii mfuturo mu, εna afei ahobaeε mu εna Ɔyεε mo mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε). Sε ͻbaa bi benyinsεn anaasε ͻbεwoᴐ (ne nyinaa wͻ) Nenimdeε mu. Ԑmma sԑ yԑbԑma obi nkwa tenten anaa nenkwa so bԑteε (nenyinaa) wͻ Nwoma mu. Nokorε sε woi deε εyε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn

    [12] Ͻpo mmienu no (mu nsuo) nnyε pε; woi yε abodwo (suo a) ne nom yε dε, woi nso yε nkyenenkyene nyononyonoonyon. Emu biara mu no (monya) nam mono a moweε firi mu, san yi mpempranneε a mode siesie moho firi mu. Mohunu nsuo mu hyεn nso sε εnam asorͻkye mu, sεdeε mode bεhwehwε N’adom na anka mobeyi (no) ayε

    [13] Ͻma anadwo wura adekyeԑ mu ԑna Ͻma adekyeԑ nso wura anadwo mu, ԑna Wama awia ne bosome abrԑ wᴐn ho ase. Wᴐn mu biara nam wᴐ berԑ a yahyehyԑ so. Woi ne Nyankopᴐn, mo Wura no; Ͻno na ahennie no wᴐ no. Wᴐn a mofri N’ákyi sufrԑ wᴐn no wᴐ’nni akyiresua aba hono mpo ho tumi

    [14] Sε mosu frε wͻn a wͻ’nnte mo sufrε; sε wᴐ’te mpo a wᴐ’nnye mo so. Atemuda no wͻ’bεpo sε mode wͻn bataa (Onyankopͻn) ho no. (Saa Da no) obiara ntumi mmͻ mo amaneε tesε deε Biribiara ho Nimdefoͻ no bεbͻ mo (amaneε) no

    [15] Adasamma, mo na mohia Nyankopͻn, na Onyankopͻn deε Ɔne Ͻdefoᴐ no, Ɔne Ayeyie Wura no

    [16] Sε Ɔpε a Obeyi mo afiri hͻ na Ɔde abodeε foforͻ aba (abesi moanan mu)

    [17] Na εno deε εnyε den mma Nyankopͻn koraa

    [18] Na obi a ͻso adesoa no nnsoa obi foforͻ adesoa. Sε obi a ͻso adesoa a emu yε duro frε ͻfoforͻ (sε ͻmoa no) na ͻyε nebusuani mpo a, (ontumi) nsoa (n’adesoa no) mu hwee. (Nkͻmhyεni), obi a bͻ no kͻkͻ ne wͻn a wͻ’suro Onyankopͻn wͻ nsumaeε mu na wͻ’frε Nyame wͻ ne berε mu. Na obi a ͻte (ne kraa) ho kronkron no, ͻte (ne kraa) no ho dema ͻno ara ne ho. Na Onyankopͻn hͻ ne (biribiara) nnkyi

    [19] Onifrani ne obi a ohunuu adeε nnyε pε

    [20] Na esum ne εhyεn nso (nnyε pε)

    [21] Saa ara nso na enyunu ne ͻhyew (nnyε pε)

    [22] Awufoͻ ne ateasefoͻ nso nnyε pε. Nokorε sε Nyankopͻn ma obi a Ɔpε te, na wontumi mma wͻn a wͻn wͻ adakamena mu no nnte asεm

    [23] (Nkͻmhyεni), w’asεdeε ara ne sε woyε kͻkͻbͻni

    [24] Yε’de Nokorε no na asoma wo sε anohoba ne kͻkͻbͻ bᴐfoᴐ. Ͻman biara so (yε’somaa) kͻkͻbͻni kͻͻ wͻn hͻ

    [25] Sε wͻ’bu wo nkontomponi a, saa ara na wͻ’buu wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no nkontompofoͻ. Wͻn asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no ne Nyamesεm no ne Nwoma pefee no brεε wͻn

    [26] Afei Mesͻͻ wͻn a wͻ’poeε no mu; na sεdeε M’abufuhyeε siteε

    [27] Wonhunuu sε Onyankopͻn siane nsuo firi soro, dema nnuaba puepue a εho sononko-sononko, εna mmepͻ mu nso akwan fufuo ne kͻkͻͻ a egu sononko-sononko wͻ mu, (ebi) nso yε tuntum

    [28] Saa ara nso na nnipa ne nkekaboa ne nyεmmoa nso gu sononko-sononko. Wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn wͻ ne nenkoa no mu ne nwomanimfoͻ. Nokorε sε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Bͻnefakyε Hene

    [29] Nokorε sε wͻn a wͻ’kenkan Nyankopͻn Nwoma no na wͻ’frε Nyame wͻ ne berε mu na wͻ’yi deε yεde abͻ wͻn akonhoma no mu bi ma wͻ kokoa mu ne badwa mu no, wͻ’rehwehwε adwadie a εka bͻ biara nni ho no

    [30] Sεdeε Ɔbetua wͻn so ka pεpεεpε na Ɔde N’adom no bi bεka ho ama wͻn. Nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ayeyie Wura

    [31] Nwoma no mu deε Y’ayi akyerε woͻ no εno ne nokorε no a εrehyε deε edi n’anim kan no mma. Nokorε sε Onyankopͻn ani tua N’akoa, na Ohu biribiara

    [32] Afei Yε’de Yε’nkoa no mu bi a yeyii wͻn bedii Nwoma no akonwa; wͻn mu bi yԑε bͻne tiaa wᴐn ho, na ebinom nso (dwumadie) yε hͻ-ne-hͻ, na wᴐn mu bi nso di papayᴐ ho akansie wᴐ Nyankopᴐn pε mu, εno ne adom kεseε no

    [33] (Saa nkorͻfoͻ no) bεkͻ Aheman a εwͻ hͻ daa no mu, na yεde sika kͻkͻͻ mpͻkoa ne nhwenepa besiesie wͻn na wͻ’befira kyeme ntoma pa wͻ hͻ

    [34] Wͻ’bεka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a W’ayi awerεhoͻ afri yεn soͻ. Nokorε sε, Ye’wura ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ayeyie Wura

    [35] (Onyankopͻn) noa N’adom mu no Ɔde yεn atena Daa asetena yi mu na ͻberε nto yεn, na ͻhaw nso mma yεn soͻ

    [36] Wͻn a wͻ’yi boniayε no nso wͻ Amanehunu gya; yεnhyehyεε εberε mmaa wͻn sε wͻ’bewu (wͻ Ogya no mu), na yεngo emu asotwee no mu mma wͻn koraa. Saa ara na yetua (onipa) biara a oyi boniayε no so ka

    [37] Wͻ’besu esu denden wͻ mu {aka) sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, yi yεn (fri amane-hunu yi) mu, na ma yεnsan nkͻ wiase bio na) yebedi dwumapa a εnyε dwuma bͻne a na yedie no. (Onyankopͻn bεka sε): “Y’amma mo nkwa tenten a anka obia ͻde betu (neho) foͻ no (betumi) de atu (neho) foͻ? Kͻkͻbͻni no nso baa mo hͻ”. Enti monka (mo dwumadie so aba) nhwε, na abͻneεfoͻ no deε wͻ’nnya boafoͻ

    [38] Nokorε sε, Onyankopכn ne ͻsoro ne asaase so Nsumaeε mu Nimdefoͻ. Nokorε sε Onim deε εwͻ akoma mu

    [39] Ɔno na Ɔyεε mo ananmusifoͻ wͻ asaase soͻ. Enti obi a obeyi boniayε no, ne boniayε no tia ͻno ara, na boniayεfoͻ no boniayε no nyε nkͻsoͻ (biara mma wͻn) wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, gyesε abufuhyeε, na boniayεfoͻ no boniayε no nyε nkͻsoͻ (biara mma wͻn) gyesε berεguo

    [40] Ka kyerε wͻn sε: ‘’Moahunu wͻn a mode wͻn bata (Nyankopͻn) ho na mofiri Nyankopͻn akyi sufrε wᴐn no? Monkyerε me deε wͻn abͻ no wͻ asaase so, anaasε wͻn wͻ kyεfa wͻ ͻsoro? Anaasε yama wͻn nwoma bi a emu nkyerεkyerεmu na wͻ’nam soͻ? Aane; Nnebͻneεfoͻ no hyε wͻn ho wͻn ho bᴐ, nanso (wͻn bͻhyεԑ no) yε nnaadaa

    [41] Nokorε sε Onyankopͻn na Okuta ͻsoro ne asaase mu sεdeε emfiri (netebea) hͻ. Nasε efiri hͻ a, obiara nnihͻ a obetumi asͻ mu ka Neho. Nokorε sε Ɔne Ntoboaseε Hene, Ɔne Bͻnefakyε Wura

    [42] Wͻ’de Nyankopͻn dii wͻn nsedie akεseε no sε: “Sε kͻkͻbͻfoͻ bi baa wͻn hͻ a anka wͻ’bεyε ateneneefoͻ akyεn ͻman biara. Nanso ͻkͻkͻbͻni baa wͻn hͻ no wͻn annya nkͻsoͻ biara na mmom dwanee (na wͻ’dwanee nokorε no)

    [43] Yεε akεsesεm wͻ asaase no so bͻͻ pͻ bͻne; na pͻ bͻne no, enya obiara na mmom deε ͻbͻͻ (pͻ bͻne no ara na εbenya) no. Enti deε wͻ’retwεn ara ne (asotwee) a εtoo tetefoͻ no (sεso)? Wonya nsesaeε wͻ Onyankopͻn kwan no mu, na wonhunu nsakraeε nso wͻ kwan a Onyankopͻn atwa ato hͻ no so

    [44] Enti wͻ’nntu kwan wͻ asaase no so nhwε sεdeε wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no awieε si wieε? Na wͻn ho yε den sen wͻn wͻ tumi mu. Onyankopᴐn deε biribiara nnihͻ a etumi bu fa ne so wͻ soro anaasε asaase so. Nokorε sε Ɔne Onimdefoͻ, Ɔne Otumfoᴐ

    [45] Sε anka Onyankopͻn retwe nnipa aso (wiase ha) wͻ dwuma a wͻn adie ho a, anka εnka abͻdeε biara wͻ asase no so, na mmom Ɔma wͻn berε dekosi εberε a yahyε ato hͻ no. Enti sε wͻn berε no so a, εneε nokorε sε Onyankopͻn deε Ohu Nenkoa no (nyinaa)

    Surah 36
    Yaa-Siin

    [1] Yaa siin

    [2] Nyankopͻn de Qur’aan a Nyansa ne adwen ahyε mu mma no di nse sε

    [3] (Nkͻmhyεni), nokorε sε woka Asomafoͻ no ho

    [4] (Na wonam) ͻkwan tenenee no so

    [5] (Qur’aan) yε Adiyisεm a efri Otumfoͻ, Mͻborͻhunufoͻ Hene no hͻ

    [6] Sεdeε wode bεbͻ amanfoͻ a yammͻ wͻn agyanom kͻkͻ no a, enti wͻn werε afri (wͻn ho) no kͻkͻ

    [7] Ampa sε, asεm no mu nokorε atia wͻn mu (nnipa) pii, efirisε wͻ’nnye nni

    [8] Nokorε sε, Yε’de dadewεmfoͻ agu wͻn kͻn mu abεpem wͻn abͻdwe, enti wͻn ti apagya hwε soro (a wͻ’ntumi nnsi wͻn tri aseε)

    [9] Yε’de εban nso asi wͻn anim, εna εban san wͻ wͻn akyi εna Y’akata wͻn soͻ, enti wͻn nhunu hwee

    [10] Sε wobͻ wͻn kͻkͻ o, anaasε w’ammͻ wͻn kͻkͻ o, ԑyε asεm korͻ ma wͻn sԑ wͻ’nnye nni

    [11] Nea εsεsε wobͻ no kͻkͻ ne obi a odi Afutusεm (Qur’aan) no akyi, na osuro Ahummͻborͻ Hene no wͻ kokoa mu. (Nkͻmhyεni), Fa bͻnefakyε ne Animuonyam akatua kεseε no ho bͻhyԑ ma (saa nipa) no

    [12] Nokorε sε, Yεn na Yenyane awufoͻ no, na Yε’twerε deε (adasamma ayε) de ato (wͻn) anim ne (faako a) wͻn anamͻn (anante akͻduru biara), na Y’asese biribiara wͻ Nwoma pefee no mu

    [13] Fa kuro (Antiok) so foͻ no yε mfatoho ma wͻn, εberε a Asomafoͻ no baa wͻn hͻ no

    [14] Ɛberε a Yε’somaa (Asomafoͻ) mmienu kᴐᴐ wͻn hͻ no, wͻ’annye wͻn anni, enti Yε’de deε ͻtͻso mmiεnsa bεfoaa wͻn so; na wͻ’ka kyerεε (kuro no mu foͻ no) sε: “Nokorε sε, yε’yε moasomafoͻ’’

    [15] (Antiokfoͻ no) kaa sε: ”Moyε nnipa tesε yεn ara. Ahummͻborͻ Hene no nsianee hwee (maa mo), mo saa (nkorͻfoͻ yi) moyε nkontompofoͻ”

    [16] (Asomafoͻ no) kaa sε: “Ye’Wura Nyankopͻn Nim yie sε, nokorε, yε’yε Asomafoͻ ma mo

    [17] Y’adwuma ara nesε, yεbεbͻ (Asεm no ho) dawuro akyerεkyerε mu

    [18] (Antiokfoͻ no) kaa sε: ‘’Yehunu sε moyε mmusuo ma yεn, enti sε moanyae (monsεm no ka) a, yεbesi mo aboͻ, na yεde asotwee a εyε ya paa a efri yεn hͻ atwe moaso

    [19] (Asomafoͻ no) kaa sε: “Mommusuo no fri mo ara mohͻ, sε anka moredwen a. Daabi, moyε nnipa nsεmmͻnedifoͻ

    [20] Ɔbarima bi (Habiib Najaar) de ahoͻherε fri kuro no akyirikyiri baabi bae bεkaa sε: “Menkorͻfoͻ, moni Asomafoͻ no akyi

    [21] Moni wͻn a wͻ’mmisa mo (nsεmpa a wͻ’reka kyerε mo) no ho akatua no akyi, efrisε wͻ’yε ateneneefoͻ

    [22] Ԑdeεn nti na εnsεsε mesom (Nyankopͻn) no a Ɔbͻͻ me, na Nehͻ na mobεsan akͻ

    [23] Menfri N’akyi mfa anyame (foforͻ nsom wͻn wͻ aberε a) sε Ahummͻborͻ Hene Nyankopͻn pε me bͻne anaa ͻhaw bi a, (anyame no) ntwitwagyeε ho mma me mfasoͻ biara, na wͻ’nntumi nnye me nso

    [24] (Sε meyε saa a), εneε na nokorε sε, mewͻ ͻyera pefee paa mu

    [25] Nokorε sε m’agye mo Wura Nyankopͻn no adi enti montie me”

    [26] Yε’ka kyerεε no sε: ”Wura Soro Aheman no mu. (Habiib) kaa sε: “Sε anka menkorͻfoͻ no nim

    [27] Sεdeε me Wura Nyankopͻn de me bͻne akyε me, na Ɔde me aka animuonyamfoͻ no ho a”

    [28] (Habiib Najaar kum no) akyi no, Y’ansoma asraafoͻ amfiri soro amma ne nkorͻfoͻ no so, na enhia sε yεsoma mpo

    [29] Na mmom εyε nteamu fua pε (na Nyankopͻn maa Ɔbͻfoͻ Gabriel bεteaa mu guu wͻn soͻ), na hwε, wͻn (nyinaa) tεm dinn (a wͻn awuwuo)

    [30] A o, berε a Menkoa no aberε aguo! Ɛberε biara a ͻsomafoͻ bi bεba wͻn hͻ no gyesε wͻ’di ne ho fεw

    [31] Enti wͻ’nhunuu awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ a wͻ’dii wͻn anim kan a Y’asεe wͻn, na wͻ’nnsan mma wͻn hͻ bio

    [32] Nokorε nso sε wͻn mu biara, (wͻn) nyinaa Y’anim na wͻ’bεsan aba

    [33] Asaase a awuo nso yε nsεnkyerεnee ma wͻn, Ye’nyane no, na Y’ama nnͻbaeε apuepue afri mu, na emu bi na wͻ’die

    [34] (Asaase no ara) so na Y’ayε akyiresua ne bobe fuo, emu ara nso na Yεma nsutire puepue

    [35] Sεdeε wͻ’bedi ne nnuaba no; (woi nom nyinaa) εnyε wͻn nsa na wͻ’de yͻeε. Enti wͻn (nnhwε ho) nna (Nyankopͻn) ase

    [36] Kronkron Hene ne Nea Ɔbͻͻ adeε a εwͻ asaase so nyinaa mmienu-mmienu (onini ne bedeε), ne wͻn ara mu nso (saa ara na yabͻ wͻn onini ne ͻbedeε), ne adeε a wͻ’nnim nso mu

    [37] Adesaeε a yεyi firi adekyeε mu ma esum to wͻn no nso yε nsεnkyerεnee ma wͻn

    [38] Awia nam nekwan a yahyehyε ama no so. Woi yε Otumfoͻ Nimdefoͻ no nhyehyεε

    [39] Bosome nso Y’ahyehyε soε berε ama no kͻpem sε εbεsan ayε sε akyiresua papa dadaa a awoͻ na akoa

    [40] Ԑmma sԑ awia bԑto bosome, anaasԑ anadwo besan adekyeԑ ho. Wᴐn mu biara nam nekwan so yᴐᴐ

    [41] Wͻn asefoͻ a Yε’soaa wͻn wͻ (Noa) hyεn a ayε mma no mu no yε nsεnkyerεnee ma wͻn

    [42] Y’abͻ (Noa nhyεmma no) nso sεso ama wͻn a wͻ’foro tena mu

    [43] Sε Yε’pε a, anka Yε’bεma wͻn amem na wͻ’nnya obi a wͻ’besu afrε no anaa obia obεgye wͻn

    [44] Mmom εyε ahummͻborͻ a efiri Yεn nkyεn, ne anigyedeε dekͻpem εberε ( a yahyε)

    [45] Sε yεka kyerε wͻn sε: “Monsuro deε εda moanim ne deε εda moakyi sεdeε yebehu mo mmͻbͻ a

    [46] Nsεnkyerεnee mu nsεnkyerεnee biara a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ aba wͻn hͻ no, wͻ’danee wͻn ho firii ho

    [47] Sε yεka kyerε wͻn sε: “Monyi deε Nyankopͻn de ama mo no mu bi ma a, wͻn a wͻ’nnye nnie no ka kyerε wͻn a wͻ’agye adie no sε: ”Yεmͻ wͻn a sε Nyankopͻn pε a Obetumi abͻ wͻn akͻnhoma no akͻnhoma? (Kaafirfoͻ no ka kyerε agyidiefoͻ no sε): “Nokorε sε mowͻ ͻyera pefee paa mu “

    [48] Wͻ’ka nso (kyerε agyidiefoͻ no) sε: “Sε moyε nokwafoͻ ampa a, dabεn na saa bͻhyε no (bεba)?”

    [49] Enti deε (boniayεfoͻ no) retwεn ara ne Nteamu fua pε no?. Ɛbεsͻ wͻn mu wͻ εberε a wͻ’regye akyinnyeε

    [50] (Saa Da no) wͻ’ntumi nyε nsamanseε, na wͻ’ntumi nso nsan nkͻ wͻn abusuafoͻ hͻ bio

    [51] Sε yεbͻ totorobεnto no mu (deε etwa toͻ no) a, wobehunu sε wͻ’de ahoͻhare firi adaka-mena mu rekͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ

    [52] (Saa Da no boniayεfoͻ no) bεka sε: ”Adi ayε yεn! Hwan na wanyane yεn afiri faako a yεda yi? (Soro abͻfoͻ anaasε agyidiefoͻ no beyi wͻn ano sε): “Woi na Ahummͻborͻ Hene no hyεε ho bͻ no. Asomafoͻ no asεm no ayε nokorε”

    [53] (Wusͻreε no deε) εyε nteamu fua pε, na wobehunu sε yεde wͻn nyinaa aba Y’anim

    [54] Saa Da no yensisi ͻkra bi wͻ biribiara ho, na mmom dwuma a modiiε no na yebetua mo ho ka

    [55] Nokorε sε saa Da no, Soro Aheman no mu foͻ no bεgye wͻn ani papaapa (anaasε anigyeε bεgye wͻn adaagyeε)

    [56] Wͻ’ne wͻn yerenom wͻ enyunu mu, tete ahennwa so

    [57] Nnuaba (ahodoͻ nyinaa bi) wͻ hͻ ma wͻn, na wͻ’nsa bεka deε wͻ’bebisa biara

    [58] ‘Salaam!’ Asomdwiε ne kasa a efiri Mmͻborͻhunufoͻ Hene no hͻ

    [59] Abͻneεfoͻ, εnnε Da yi montwe mo ho (mfri agyidiefoͻ no ho)

    [60] (Nyankopͻn bεka sε): “Adasamma Manntu mofo sε, monhwε yie na moansom ͻbonsam, efrisε ͻyε mo tamfo pefee

    [61] Na mmom monsom Me, na εno ne ͻkwan tenenee no

    [62] Nokorε sε (ͻbonsam) ayera mo mu nnipa dͻm pii, enti monnfa adwen

    [63] Woi ne Amanehunugya no a yεhyεε moho bͻ no

    [64] Monwura mu nnε Da yi εnam sε moannye annie nti

    [65] Saa Da no Ye’besi wͻn ano ho kwan, na wͻ’nsa bεkasa akyerε Yεn, na wͻn nnan nso bedi adanseε wͻ deε wͻ’nyaeε no ho

    [66] Sε Yε’pε a, anka yεbεma wͻn ani afira na wͻ’akeka apε kwan no, na sεn na anka wͻ’besi ahunu (kwan)

    [67] Sε Yε’pε nso a anka Yε’bεsesa wͻn wͻ wͻn tebea mu (ama wͻn adane tesε mmoa anasε biribi) a wͻ’ntumi nkeka wͻn ho na (wͻn nnkͻ nso) wͻ’mma

    [68] Obia Yε’ma no nkwa tenten no Yε’san no ba akyire wͻ mmͻeε no mu (ma n’ahoͻden akyi no ͻbεyε mmrε). Enti wͻ’nni nteasε

    [69] Y’ankyerε (Muhammad) awensεm, na εmfata mma no, na mmom εyε afutusεm, εyε Qu’raan (a emu nsεm da adi) pefee

    [70] Sεdeε ͻde bεbͻ obi a ͻte aseε kͻkͻ, na asεm no ayε nyinasoᴐ atia boniayεfoͻ no

    [71] Enti wͻ’nhunuu sε Yεn na Yε’bͻͻ nneεma a Yεn nsa ayε a emu bi ne nyεmmoa a wͻ’di wͻn so (tumi) no maa wͻn

    [72] Ɛna Y’abrε wͻn ase ama wͻn a, emu bi wͻ’foro tena wͻn so, εna emu bi nso wͻ’we (wͻn nnam)

    [73] Ɛna wͻ’nya mfasoͻ (pii) wͻ wͻn ho, ne anomdeε (tesε nufusuo). Enti wͻn (nnhwε ho) nnyi (Nyankopͻn) ayε

    [74] Wͻ’afri Nyankopͻn akyi afa anyame (foforͻ) sε wͻ’bεboa wͻn

    [75] Wͻ’ntumi mmoa wͻn, na mmom yεde wͻn bεba sε εdͻm (ama wako atia wͻn a wͻ’som wͻn no wͻ atemmuda)

    [76] Enti (Nkͻmhyεni), εmma wͻn nsεmkeka no nnyε wo awerεho, nokorε sε Ye’nim deε wͻ’de suma ne deε wͻ’da no adie (nyinaa)

    [77] Anaasε onipa nhunuu sε Yεn na Yε’bͻͻ no firi ahobaeε mu? Na hwε sε ͻno mmom ne ͻkotiafoͻ pefee no

    [78] Ɔde Yεn yε mfatoho ma newerε firi ne mmͻeε (ahyԑase). Ɔka sε: “Hwan na obenyane nnompe a ahunu?’’

    [79] (Nkͻmhyεni) Ka sε: “Nea Ɔbͻͻ no wͻ εberε a edi kan no, (saa Tumfoͻ no) ara na Obenyane no, na Ɔne abͻdeε biara ho Nimdefoͻ

    [80] Ɔno na Ɔma mo egya firi dua mono mu a εno na mosͻ

    [81] Enti Nea Ɔbͻͻ soro ne asaase no, Onni tumi sε Otumi bͻ ne sε so? Aane; Ɔne Ɔbͻͻ Adeε, Nimdefoͻ no

    [82] Nokorε, sε Ɔpεsε Ɔyε biribi a, N’ahyεdeε ara nesε Ɔbεka sε: “ Yε!” Na ayε

    [83] Enti Kronkron Hene ne Nea biribiara ho tumi wͻ Nensa mu no, na Nehͻ na mo mobεsan akͻ

    Surah 37
    As-Saaffaat

    [1] Mede (Soro abͻfoͻ) a w’ato santen (resom Nyame)

    [2] Ne wͻn a wͻ’de anibereε bͻ kͻkͻ. (Anaasε) Soro abͻfoͻ a wͻ’ka mununkum so wͻ kwan pa soͻ

    [3] Ne wͻn a wͻ’kenkan Afutusεm no, di nse sε

    [4] Nokorε, mo Wura Nyankopͻn, Ɔyε baako

    [5] Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfimfii Wura, ne apueε ahodoᴐ no Wura

    [6] Nokorε sε Yε’de nsoromma fε asiesie ͻsoro a εwͻ wiase no

    [7] Na εwεn ͻbonsam soͻdeni biara

    [8] Wͻ’nte (ͻsoro abͻfoͻ) badwa a εkorͻn no mu nsεm, efrisε, yεto (nsoromma) fri bea biara de bͻ wͻn

    [9] depam wͻn, na wͻn wͻ daa asotwee

    [10] Mmom nea ͻbewiawia ne ho ahwim biribi no, egya a εhyerεn bedi n’akyi

    [11] Enti bisa wͻn sε, wͻn mmͻeε na εyε den anaasε (abͻdeε nkaeε) a Y’abͻ noa? Yε’bͻͻ wͻn firi nεteε a ɛsɔ twann mu

    [12] Nokorε sε (Nkͻmhyεni), εyε wo nwanwa (sε saa nkorͻfoͻ no ani tua Nyankopͻn tumi nanso wͻ’nnye nnie) na wͻ’redi (wo ne Qur’aan ho) fεw

    [13] Sε yetu wͻn fo a wͻ’ntere fo, (anaa wͻ’nnfa afutuo no nnyε adwuma)

    [14] Sε wͻ’hunu nsεnkyerεnee bi (fri Nyankopͻn hͻ a) wͻ’de di fεw

    [15] Deε wͻ’ka ara nesε: “Woi deε εyε nkonyaa anaa naadaasεm pefee

    [16] Ɛdeεn! Sε yewu na yε’yε mfuturo ne nnompe a yεbεsan anyane (bio)

    [17] Anaasε yεn agyanom tetefoͻ no nso?”

    [18] (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Aane! Na yεbεbrε moase agu moanim ase

    [19] Ɛbεyε nteamu fua pε, na wobehunu sε wͻ’rehwε (Wusͻreε da no)’’

    [20] Wͻ’bεka sε: “Adi ayε yεn! Akatua da no nie

    [21] Woi ne Asenida no a mofaa no nkontomposεm no

    [22] (Yε’bεka akyerε Soro abͻfoͻ no sε): “Momoaboa wͻn a wͻ’yεε bͻne no ne wͻn ahokafoɔ (a wɔwɔ abonsamfoɔ no mu) ne deε wͻ’someε

    [23] – Wͻ Nyankopͻn akyi no ano, na monkyerε wͻn kwan nkͻ Amanehunu gya no ho

    [24] Moma wͻn nyina hͻ, nokorε sε wͻn wͻ nsεmmisa

    [25] Ɛdeεn na εha mo a (afei deε) mommoa moho moho (sεdeε na moyε no wͻ wiaseε no)

    [26] Daabi, saa Da no wͻ’bεberε wͻn ho ase

    [27] Wͻ’bεdane wͻn ho ahwε wͻn ho wͻn ho anim abisa-bisa

    [28] Wͻ’bεka sε: ”Mo na na mofiri nifaso (anaasε na mone mpanimfoͻ a) moba yεn hͻ (betu yεn fo bͻne)

    [29] (Wͻn mu mpanimfoͻ no nso) bebua wͻn sε: “Daabi, moara nso na monyε agyidiefoͻ

    [30] Na yenni tumi biara wͻ mo so, Daabi, na moara nso moyε nnipa atuateεfoͻ

    [31] Enti ye’Wura Nyankopͻn asεm no ayε nokorε atia yεn; nokorε sε yεbεka (asotwee no) ahwε

    [32] Nea enti yεyeraa mo ne sε, na yεn ara nso yayera

    [33] Nokorε sε saa Da no, wͻ’bεkyε asotwee no, (anaasε obiara benya nekyεfa sɛdeɛ nedwuma bɔne a odiiɛ teɛ)

    [34] Nokorε sε saa na Yε’de bεyε abͻneεfoͻ no

    [35] Nokorε sε, na yεka kyerε wͻn sε Awurade foforͻ biara nni hͻ ka Nyankopͻn ho a, na wͻ’reyε ahomasoͻ

    [36] Deɛ wͻ’ka ne sε: “Yenyae y’abosom medi odwontofoͻ bͻdamfoͻ yi akyi? “

    [37] Daabi, (Muhammad) de Nokorε no aba a ͻde bεhyε asomafoͻ no (nsεm) no mma

    [38] Nokorε sε mobεka asotwee yaaya no ahwε

    [39] Dwuma a modiiε ho na yεretua mo so ka

    [40] Mmom Nyankopͻn nkoa nokorεfoͻ no deε

    [41] Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’benya akͻnhoma a yahyehyε ato hͻ no—

    [42] (Ebi ne) Nnuaba; na yεbεhyε wͻn animuonyam –

    [43] Wͻ anigyeε Aheman no mu

    [44] Wͻ’bεtena Ahennwa a (ebi) hwε (ebi) anim so

    [45] Nsa kuruwa a efri nsuo aniwa mu bedi wͻn so akͻneaba

    [46] (Ɛyε) fitaa, dεdεεdε ma wͻn a wͻnom

    [47] Ɛmma wͻn ͻhaw (tesε tipaeε anaa yafun keka anaa adwen sεeε biara) na wͻ’mmoro nso

    [48] Ɛmmaa nso a wͻ’bͻ wͻn nhwε anaa wͻn ani ho ban, a wͻn ani akεse-akεse fεfεεfε bεka wͻn ho

    [49] Ɛbεka sε (saa mmaa no yε) kosua a yahwε so yie paa

    [50] Wᴐn mu bi bεdane wͻn ho ahwε ebinom abisa

    [51] Wͻn mu nea ͻbεkasa no bεka sε: “Nokorε sε na mewͻ adamfoͻ bi

    [52] Na ͻka sε: “Enti nokorε sε woka wͻn a wͻ’gye (Wusͻreε no) die no ho

    [53] Sε yewu na yεyε mfuturu ne nnompe a yεbetua yεn (dwumadi papa ne yεn dwumadi bͻne no so) ka?”

    [54] (Obi) bεka sε: ”Monnhwε (aseε hͻ)?”

    [55] Na ͻhwεε (aseε hͻ) no, ohunuu no wͻ Amane-hunu gya no mfimfii

    [56] Ɔbεka sε: ”Medͻ Nyame sε, εkaa kakraabi sε anka wode me kͻͻ ͻsεeε mu

    [57] Sε εnyε me Wura Nyankopͻn adom nti a, anka meka wͻn a yεde wͻn baa (Amane-hunu gya no) mu no ho

    [58] (Soro aheman no mu foͻ no bεka sε): “Enti yennwu (bio)

    [59] Gyesε yewuo a edikan no ara? Na yεnntwe ya’so nso

    [60] Nokorε sε, woi ne nkonimdie kεseε paa no

    [61] Woi sεso nti, wͻn a wͻ’redi dwuma (pa) no nni dwuma (pa) mfa ma

    [62] (Soro aheman no mu) anigyesεm no na εyε, anaasε Zaquum dua noa

    [63] Nokorε sε, Y’ayε no suntidua ama abͻneεfoͻ no

    [64] Nokorε sε (Zaquum) yε dua a efifi wͻ Amane-hunu gya no ase

    [65] N’aba no pue tesε awͻwͻ ti

    [66] Nokorε sε, (saa dua no) so na (abͻneεfoͻ no) bedidi de ahyε wͻn yafunu mma

    [67] Na akyire yi nokorε sε, yεbεma wͻn nsuohyeε a adi afra (anom) agu so

    [68] Na afei wͻn nnkyi a wͻ’bεsan akͻ ne gya frama no mu

    [69] Nokorε sε wͻ’bεtoo wͻn agyanom sε wͻn ayera

    [70] Na wͻn anamͻn so na wͻ’pε ntεm kͻ

    [71] Ampa sε, tetefoͻ a wͻ’dii wͻn anim kan no beberee yerae

    [72] Ampa nso sε Yε’somaa kͻkͻbͻfoͻ fri wͻn mu (baa wͻn hͻ bεbͻͻ wͻn kͻkͻ)

    [73] Enti hwε sεdeε wͻn a yεbͻͻ wͻn kͻkͻ (na wͻ’antie kͻkͻbͻ no ) awieε si wieε

    [74] Na mmom Nyankopͻn nkoa a wͻ’di nokorε no deε, (wͻ’benya ͻgyeε)

    [75] Ampa nso sε Noa su frεε Yεn; na nyeso pa paa na Yε’de gyee (no) soͻ

    [76] Yε’gyee ͻno ne n’abusuafoͻ nkwa fri mmusuo kεseε no mu

    [77] Yε’maa n’asefoͻ na εkaeε

    [78] Ye’gyaa no maa nkyirimma (maa wͻ’bͻͻ no din pa)

    [79] Asomdwiε a efri amansan so nyinaa wͻ Noa so

    [80] Nokorε sε, saa na yetua apapafoͻ no ka

    [81] Nokorε sε na ͻka Yε’nkoa agyidifoͻ no ho

    [82] Afei Yε’maa nsuo faa nkaeε no

    [83] Nokorε sε nenkorͻfoͻ a (wͻ’dii n’anamͻn soͻ) no bi ne Abraham

    [84] Ɛberε a ͻde akoma pa a emu teε baa ne Wura Nyankopͻn hͻ

    [85] Ɛberε a ͻka kyerεε n’agya ne nenkorͻfoͻ sε: “Ɛdeεn na moresom yi

    [86] Nkontompo anyame na mofri Nyankopͻn akyi pε (wͻn)

    [87] Moadwen ne sεn wͻ Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no ho? “

    [88] Ɔhwεε nsoromma mu hwεe

    [89] Ɔkaa sε: “Meyare”

    [90] Enti wͻ’danee wͻn ho firii ne ho kͻe

    [91] (Abraham) danee ne ho kͻͻ wͻn abosom no ho ka kyerεε (abosom no) sε: “Monni di

    [92] Ɛdeεn na εha mo a enti monnkasa yi? “

    [93] Ɔdane ne ho kͻͻ wͻn so de (ne) nsa nifa bobͻͻ wͻn

    [94] (Nenkorͻfoͻ no) de ahoͻherε baa ne hͻ

    [95] (Abraham) kaa sε: “Mosom adeε a (moara mode monsa) asene

    [96] Aberε a Nyankopͻn na abͻ mo, ne adeε a moyͻ no “

    [97] (Nenkorͻfoͻ no) kaa sε: “Monsi (fononoo) dan ma no na monhye no wͻ gya tanaa no mu

    [98] Wͻ’hwehwε bͻͻ ne ho pͻ, nanso Yε’brεε wͻn ase

    [99] Ɔkaa sε: “Medeε merekͻ me Wura Nyankopͻn hͻ na Ɔbεkyerε me kwan”

    [100] “Me Wura, dom me na kyε me (ͻba) pa

    [101] Enti Yε’de abͻfra a ͻwͻ ntoboaseε hyεε no bͻ

    [102] Ɛberε a (abͻfra no) duruu (sε wanyin a) ͻbεka neho (aboa no) adwuma no, (Abraham) kaa sε: “Meba, m’ahunu wͻ me daeε mu sε meretwa wo mene (de wo abͻ afͻdeε ama Nyankopͻn) enti kyerε deε wa’dwen yε woͻ. (Abͻfra no) kaa sε: ”M’agya, yε sεdeε ya’hyε woͻ no, na sε Nyankopͻn pε a wo behunu sε meka aboterεfoͻ no ho “

    [103] Enti εberε a wͻn mmienu brεε wͻn ho ase (maa Nyankopͻn ahyεdeε), na (Abraham) de no too hͻ wͻ (ne) momasoͻ no

    [104] Yε’frεε no sε: “Abraham

    [105] Nokorε sε w’adi yikyerε no so. Nokorε sε saa ara na Y’etua apapafoͻ no ka

    [106] Nokorε sε woi yε nsͻhwε a εda adi pefee

    [107] Na Yε’de afͻrebᴐ deε kεseε bi (odwan paa a otua dua) sii n’anan

    [108] Na yegyaa no demaa nkyirimma (maa wͻ’bͻͻ no din pa)

    [109] Asomdwiε wͻ Abraham so

    [110] Saa ara na Y’etua apapafoͻ no ka

    [111] Nokorε sε (Abraham) ka Yε’nkoa agyidiefoͻ no ho

    [112] Yε’de Is’haaq, nkͻmhyεni a ͻka apapafoͻ no ho no (awoͻ ho) bᴐhyԑ maa no

    [113] Na Yehyiraa no ne Is’haaq. Wͻn asefoͻ no mu, na ebi yε apapafoͻ, na ebinom nso yεε bͻne sisii wͻn ho pefee

    [114] Nokorε sε Yε’de Y’adom dom Mose ne Aaron

    [115] Na Yε’gyee wͻn mmienu ne wͻn nkorͻfoͻ firi ͻhaw kεseε no mu

    [116] Na Yε’boaa wͻn maa wͻ’bεyεε nkonimdifoͻ

    [117] Na Y’εde Nwoma pefee no maa wͻn mmienu

    [118] Na Yε’kyerεε wͻn mmienu kwan tenenee no

    [119] Na Ye’gyaa wͻn demaa nkyirimma (maa wͻ’bͻͻ wͻn din pa)

    [120] Asomdwiε wͻ Mose ne Aaron so

    [121] Nokorε sε saa ara na Ye’tua apapafoͻ no ka

    [122] Nokorε sε wͻn mmienu ka Yε’nkoa agyidiefoͻ no ho

    [123] Nokorε sε, Elia nso ka Asomafoͻ no ho

    [124] Ɛberε a ͻka kyerεε ne nkorͻfoͻ no sε: ”Enti monnsuro Nyankopͻn

    [125] “Mosu frε (ͻbosom) Baal, εna motwa Nea Ɔbͻͻ adeε (nyinaa) yie no gya

    [126] Nyankopͻn a Ɔne mo Wura, ne moagyanom a wͻ’dii kan no Wura no? “

    [127] Nanso wͻ’anye (Elia) anni, enti nokorε sε yε’de wͻn bεba (asotwee no mu)

    [128] Gyesε Nyankopͻn nkoa no a yayi wͻn no

    [129] Na Ye’gyaa no demaa nkyirimma (maa wͻ’bͻͻ no din pa)

    [130] Asomdwiε wͻ Elia so

    [131] Nokorε sε saa ara na Ye’tua apapafoͻ no ka

    [132] Nokorε sε ͻka Yε’nkoa agyidiefoͻ no ho

    [133] Nokorε sε Lut nso ka Asomafoͻ no ho

    [134] Ɛberε a Yε’gyee no ne n’abusuafoͻ nyinaa

    [135] Gyesε (neyere) aberewa no; na ͻka wͻn a wͻ’kaa akyire no ho

    [136] Afei Yε’sεee nkaeε no pasaa

    [137] Nokorε sε motwam wͻ wͻn ho anͻpa

    [138] Ne anadwo, Enti monfa adwen

    [139] Nokorε sε Yona nso ka Asomafoͻ no ho

    [140] Ɛberε a odwane kͻͻ nsuom hyεn a ayε mma no mu no

    [141] (Ɔpenee so ne wͻn) twee ntonto, na ͻkaa wͻn a wᴐ’dii nkuguo no ho

    [142] Enti adwene (kεseε) no menee no, na na ͻfata soboͻ

    [143] Nokorε sε, sε na ͻnka wͻn a wͻ’bͻ (Nyankopͻn) abodin no ho a

    [144] Anka ͻbεtena (adwene no) yεm hͻ akosi Wusͻreε da

    [145] Na Yεtoo no twenee wͻ mpoano petee bi mu a (saa berε no na) ͻyareε

    [146] Yε’maa kͻntoa dua fifiri maa no

    [147] Na Yε’somaa no kͻͻ (nnipa) mpem ha anaasε deε εboro saa hͻ

    [148] Na wͻ’gye dii, enti Yε’bͻͻ wͻn akͻnhoma (anaa Yεmaa wͻ’gyee wͻn ani) kͻpem εberε bi

    [149] Enti bisa wͻn sε: “Wo Wura Nyankopͻn wͻ mma mmaa, εna wͻn nso wͻn wͻ mma mmarima

    [150] Anaasε Yε’bͻͻ soro abͻfoͻ no mmaa abrε a wͻ’hunuiε?”

    [151] Ɛnyε wͻn ara wͻn nkontomposεm mu na wͻ’ka sε

    [152] “Nyankopͻn awo ba? Nokorε sε wͻ’yε nkontompofoͻ”

    [153] Enti (Nyankopͻn) pε mma mmaa asεm kyεn mma mmarima

    [154] Ɛdeεn na εha mo a mobu atεn saa

    [155] Adεn monnwen

    [156] Anaasε mowͻ nyinasoͻ pefee bi

    [157] Sε moyε nokwafoͻ ampa a, εneε monfa mo Nwoma no mmra

    [158] Wͻ’de abusuabͻ ato (Nyankopͻn) ne Jinn ntεm. Ampa sε Jinnfoͻ no nim yie sε wͻ’bεba (atemmuo mu wͻ Nyankopͻn anim)

    [159] Kronkron Hene ne Nyankopͻn, (Neho te) sε wͻ’de biribi susu no no

    [160] Gyesε Nyankopͻn nkoa a wᴐ’di nokorԑ no

    [161] Enti nokorε sε, (abosomsomfoͻ), mone deε mosom no (nyinaa)

    [162] Montumi nyε suntidua (anaa montumi nyera obiara mma) entia Nyankopͻn

    [163] Gyesε obi a (yahyehyε sε) ͻbεhye wͻ gya frama no mu

    [164] Yԑn (soro abͻfoͻ), yԑn mu biara wᴐ bea bi a yahyehyԑ ama no

    [165] Nokorε sε yε’to santen (frε Nyame)

    [166] Nokorε nso sε yεn na yε’bͻ (Nyankopͻn) abodin paa

    [167] Na (abosomsomfoͻ no) ka sε

    [168] “Sε yenyaa Afutusεm tesε tetefoͻ no a

    [169] Anka yε’bεyε Nyankopͻn asomfoᴐ nokorεfoͻ no mu bi “

    [170] Nanso (afei a Qur’aan aba wͻn hͻ no nso) wͻ’nnye nni, enti sεdeε εteε biara no wͻ’behunu

    [171] Nokorε sε Y’asεm adikan akͻ Yε’nkoa Asomafoͻ no hͻ

    [172] Sε, nokorε wͻbenya mmoa

    [173] Nokorε nso sε Y’asraafoͻ no na wͻ’bedi nkonim

    [174] Enti (Nkͻmhyεni), twe wo ho firi wͻn ho kͻpem εberε bi

    [175] Na wodeε hwε wͻn, na wͻ’behunu (asotwee no)

    [176] Enti Y’asotwee na wͻ’repε no ntεm no

    [177] Sε esiane ba wͻn fie adihͻ a, εbεyε anͻpa bͻne ama wͻn a yabͻ wͻn kͻkͻ no

    [178] Enti wodeε twe wo ho firi wͻn ho kͻpem εberε bi

    [179] Na wodeԑ hwε, na εnkyε koraa wͻ’behunu (asotwee no)

    [180] Kronkron Hene ne wo Wura Nyankopͻn, Tumi ne Animuonyam Wura ne no (Neho te sen) sεdeε wͻ’susu no no

    [181] Asomdweε wͻ asomafoͻ no so

    [182] Aseda no wͻ Nyankopͻn, abͻdeε nyinaa Wura no

    Surah 38
    Saad

    [1] Soaad. Mede Qur’aan a afutusεm ahyε mma no di nse

    [2] Nanso Wͻn a wͻ’yi boniayε no wͻ ahomasoͻ ne kotia paa mu

    [3] Awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ sεn na edii wͻn anim kan a Y’asεe wͻn? Wͻ’sui wͻ εberε a na dwane-kͻbea biara nnihͻ no

    [4] Ɛyε (abosomsomfoͻ no) nwanwa sε kͻkͻbͻni fri wͻn mu aba wͻn hͻ. Deε boniayεfoͻ no ka nesε: “Woi yε nkonyaayini, nkontomponi paa”

    [5] Wayε anyame no Nyankopͻn baako? Woi yε anwanwasεm paa

    [6] Wͻn mu mpanimfoͻ no nenam ke ka sε: “Monkͻ na monyina pintinn wͻ moabosom som no so. Nokorε sε, woi ne adeε a ͻrepε (ayε de atia mo)

    [7] Woi deε yεntee bi da wͻ ͻsom a edi akyire no mu. Nokorε sε, woi deε wabͻ netrim (na aka)

    [8] Enti yεn mu ͻno (nko ara na ᴐfata sε) yesiane Afutusεm no ma no? “Daabi, (boniayεfoͻ no) adwen nnsi pi wͻ M’afutusεm no ho. Daabi, wͻ’nnya nkaa asotwee no nhwεe nti

    [9] Anaasε wo Wura Tumfoͻ, Ɔkyε adeε Hene no ahummͻborͻ akoradeε wͻ wͻn hͻ anaa

    [10] Anaasε ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ mfinfii no ahennie no wͻ wͻn? (Sε εwͻ wͻn deε a,) εneε wͻnfa kwan bi so mforo (nkͻ soro hͻ)

    [11] Wͻ’yε εdͻm a wͻ’bedi nkoguo sεdeε Akuo-akuo dͻm a wͻ’dii kan no (dii nkoguo no)

    [12] Noa nkorͻfoͻ ne Aadfoͻ ne Farao, owura a na ͻbͻ (nnipa) pa mu no, dii wͻn anim kan faa (Asomafoͻ no) atorofoᴐ

    [13] Ɛne Samuudfoͻ ne Lut nkorͻfoͻ no, ne Nnua mu tenafoͻ no. Woi nom ne Akuo-akuo no

    [14] Wͻn mu biara (nnihͻ a wͻ’gye diiε), na mmom wͻ’buu Asomafoͻ no atorofoͻ, enti M’asotwee no yεε nokorε

    [15] Deε (Kaafirfoͻ) woi nom rentwεn ne (Totorobεnto) nteamu baako pε a ntwentwεnsoͻ biara nni ho no

    [16] Wͻ’ka (dedi fεw sε): ”Ye’Wura Nyankopͻn fa yεn kyεfa (wͻ asotwee no mu) ma yεn ntεm ansa na Nkontabuo da no (aba)“

    [17] (Nkͻmhyεni), si aboterε wͻ deε wͻ’rekeka no ho, na kae Yε’akoa Dawud a na ͻwͻ tumi no. Nokorε sε ͻdanee ne ho (nyinaa) demaa (Me)

    [18] Nokorε sε, Yε’brεε mmepͻ ase kaa ne ho maa wͻ’tontom (Me) anyumerε ne anͻpa

    [19] Nnomaa nso boa wͻn ho ano (ne no tontom Me). Obiara yεε sotie maa no

    [20] Yε’hyεε n’ahennie no den, na Yε’maa no adwen ne kasa nkyerεkyerεmu

    [21] (Nkͻmhyεni), w’ate mansotwefoͻ no asεm no? Ɛberε a wͻ’foro fasuo no baa (Dawud) pie mu hͻ no

    [22] Ɛberε a wͻ’bepuee Dawud soͻ no ͻbͻͻ hu wͻ wͻn ho. Wͻ’kaa sε: “Ensuro, (yε’yε) mansotwefoͻ mmienu a ͻbaako resisi ͻbaako. Enti fa nokorε bu yεn ntεm atεn, na emmu ntεnkyea, na kyerε yεn kwan pa no

    [23] Nokorε sε me nua woi, ͻwͻ nnwan bedeε aduͻkron-nkoron, εna menso me wͻ odwan bedeε baako. Ͻse menfa (medeε baako no nso) mma no, na n’ano yε den wͻ kasa mu kyεn me”

    [24] (Dawud) kaa sε: “W’ayε wo bͻne sε obisaa wo dwan bedeε sε ͻnfa (nka) ne nnwan bedeε ho. Nokorε sε wͻn a wͻ’ka wͻn ho bom (yε adwuma no mu) pii taa sisi wͻn ho-wͻn ho, gyesε wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, na (saa nnipa no mpo) wͻ’yε kakraabi. Dawud hunuu sε Y’asͻ no ahwε, enti ͻsrεε ne Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na ͻde neho kͻͻ fͻm de n’anim butuu fͻm, na ͻdanee ne ho maa (Nyankopͻn)

    [25] Enti Yε’de kyεε no, na Yεn hͻ no (Dawud) bεn, na (ͻwͻ) nkyi pa (Daakye)

    [26] Dawud, nokorε sε Y’ayε wo Ananmusini wͻ asaase so. Enti fa nokorε no bu nnipa ntεm atεn, na enni apεdeε akyi, anyε saa a εbεyera wo afiri Nyankopͻn kwan no so. Nokorε sε wͻn a wͻ’ayera afiri Nyankopͻn kwan soͻ no wͻ asotwee a emu yε den εnam awerεfire a wͻn werε firii Akontabuo da no nti

    [27] Y’ammͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ ntεm no kwa. Saa na boniayεfoͻ no adwen yԑ wᴐn. Enti due nka wͻn a wͻ’yi boniayε no wͻ Ogya no ho

    [28] Anaasε Yε’bεyε wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no tesε wͻn a wͻ’di nsεmͻnee wͻ asaase soͻ no? Anaasε Yε’bεyε Nyame-surofoͻ no tesε abͻneεfoͻ no

    [29] (Nkͻmhyεni), Y’asiane Nhyira Nwoma no ama wo, sεdeε wͻ’bεdwen emu nsεm no ho, na afei nnipa mu mmadwemmafoͻ no debetu wͻn ho foͻ

    [30] Yε’de Solomon kyεε Dawud. Akoa pa paa ne no. Nokorε sε, ͻdanee ne ho nyinaa maa (Nyankopͻn)

    [31] Ɛberε a yεde apͻnkͻ a yayεn wͻn yie na wͻn ho yε hare brεε no (dabi) anyumerε no

    [32] Ɔkaa sε: “Nokorε sε m’adͻ nnepa ama abroso akyεn me Wura Nyankopͻn ho adwendwen akosi sε (awia) akͻwura (anadwo} ntware mu akyi {anaasε awia akͻtͻ}

    [33] Monfa wͻn nsan merε me; na ͻhyεε aseε de nensa fefaa wͻn nnan ho ne wͻn kͻn ho

    [34] Nokorε sε Yε’sͻͻ Solomon hwεe na Yε’de honam (hunu) tenaa n’akonnwa so, enti ͻdanee ne ho maa Nyankopͻn

    [35] Ɔkaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, fame bͻne kyε me, na mame ahennie a εmfata mma obiara wͻ m’akyi; nokorε sε Wone Ɔkyε adeε Hene no

    [36] Enti Yε’brεε mframa ase maa no; εbͻͻ bͻkͻͻ wͻ ne nhyε mu wͻ faako a ͻpε (sε mframa no mͻ nkͻ) biara

    [37] (Yε’san) nso (brεε) abonsamfoͻ no ne adansifoͻ ne asukͻdͻfoͻ nyinaa

    [38] Ne (abonsamfoͻ) a aka a na yagu wͻn mpokyerε no (nyinaa ase maa no)

    [39] (Onyankopͻn ka kyerεε Solomon sε): “Woi yε Y’akyεdeε, fakyε anaasε mfankyε, (wo) mmu ho akonta (biara)

    [40] Nokorε sε Yε’nkyεn no ͻbεn, na (εhͻ) yε nkyi pa (ma no)

    [41] Na kae Y’akoa Hiob, εberε a osu frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “(Me Wura), ͻbonsam de ͻbrε ne ͻhaw ato me so “

    [42] (Nyankopͻn kakyerεε no sε): ”Fa wonan pem fͻm, Woi yε nsuo nyunyuuyunu a yεde dwareε na yεnom

    [43] Na Yε’de n’abusuafoͻ no maa no, san de ne sεso kaa wͻn ho, (woi yε) ahummͻborͻ a efiri Yεn hͻ, na εsan nso yε afutusεm dema mmadwemmafoᴐ no

    [44] (Yε’ka kyerεε Ayuub sε): “Fa berε (anaa εserε wira) wonsa mma na fa bͻ (woyere no) na hwε na w’anyε bͻne anaa w’ammu bͻhyε so; na Ye’hunuu (Ayuub) sε (ͻyε onipa a) ͻwͻ aboterε. Nokorε sε akoa pa paa ne no. Nokorε sε ͻde ne ho nyinaa maa Onyankopͻn

    [45] Na kae Yεn’koa Abraham ne Is’haaq ne Ya’aquub. Nokorε sε na wͻ’yε nnipa a wͻn wͻ ahoͻden (wͻ Nyamesom mu) na wͻn wͻ anisoade-hunu nso

    [46] Nokorε sε Ye’yii wͻn yεε wͻn sononko maa wͻ’de Daakye asetena no ho adwen sii wͻn ani so

    [47] Nokorε sε Yεn hͻ deε wͻ’ka apapafoͻ no a y’ayi wͻn no ho

    [48] Na kae Ismail ne Elyasa’a ne Zulkifl, wͻn nyinaa ka apapafoͻ no ho

    [49] Woi yε Afutusεm. Nokorε sε Nyame-surofoͻ no wͻ nnkyi pa

    [50] Yε’bεbue Soro Aheman a εwͻ hͻ daa no apono no ama wͻn

    [51] Wͻ’bεdwodwo wͻn ho wͻ hͻ, na wͻ’bεfrε ama yεde nnuaba ahodoͻ pii ne anomdeε (abrε wͻn) wͻ hͻ

    [52] Mmaa a wͻ’bͻ wͻn ani ho ban a wͻ’bͻ atipεn bεka wͻn ho

    [53] (Yεbεka akyerε wͻn sε): “Woi na yεhyεε mo ho bͻ wͻ Akontabuo da no”

    [54] Nokorε sε, woi yε Y’akͻnhoma a εnnsa da

    [55] Woi (wͻ agyidiefoͻ no). Nokorε sε asoͻdenfoͻ no wͻ nnkyi bͻne

    [56] Amanehunu gya no na wͻ’bεkͻ mu, na ahomegyebea bͻne paa ne hͻ

    [57] Saa ara na εteε! Enti moma wͻ’nka nsuohyeε ne akuro mu nsuo kankankan no nhwε

    [58] Ne (asotwee) a εtete saa no ahodoͻ (na εbεto abͻneεfoͻ no)

    [59] Woi nom ne εdͻm no a wͻ’ne mo bewura mu, yεmma wͻn akwaaba. Nokorε sε wͻ’bεhye wͻ egya no mu

    [60] (Wͻn a wͻ’dii mpanimfoͻ no akyi no bεka akyerε mpanimfoͻ no) sε: “Daabi, mo nso yamma mo akwaaba! Mona mode woi too animu maa yεn”. Asetena bͻne paa ne hͻ

    [61] Wͻ’bεka sε: “Ye Wura Nyankopͻn, deε ͻde woi too y’anim maa yεn no, fa asotwe no bi ka neho mmͻhoo wͻ Amanehunu gya no mu “

    [62] Wͻ’bεka sε: ”Adεn na yenhu mmarima no a na yεkan wͻn ka abͻneεfoͻ no ho no?“

    [63] Ye’dii wͻn ho fεw bi kwa anaasε (ya) ni mmom na apa wͻn soͻ?”

    [64] Ampa sε εno ne nokorε. Egya no mu foͻ no reko

    [65] (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Medeε meyε kͻkͻbͻni, na Awurade (foforͻ) biara nni hͻ, gyesε Onyankopͻn Baako no, Opumpuni no a Ɔkorͻn boro biribiara soͻ no

    [66] Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ mfinfii no Wura, Otumfoͻ Bͻnefakyε Hene no“

    [67] Ka sε: “(Qur’aan yi mu nsεm no) yε amanebͻ kεseε paa

    [68] Ɛna moretwe moho firi ho no

    [69] (Sε εnyε Adiyisεm a Nyankopͻn ayi akyerε me a, anka) me nni ͻsoro nhemfo (abͻfoͻ) no ho nimdeε wͻ εberε a na wͻ’regye (Adam ho) nkyingyeε no

    [70] Deε yayi akyerε me ara ne sε, meyε kͻkͻbͻni pefee

    [71] Ɛberε a wo Wura Nyankopͻn ka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Mede nεteε rebεbͻ onipa

    [72] Sε Menyono no, na Mehome Me honhom gu ne mu a, momrε moho ase mfa moanim mutu fͻm ma no

    [73] Soro abͻfoͻ no nyinaa bͻͻ mu de wͻn anim butuu fͻm

    [74] Gyesε Iblis, ͻyεε ahomasoͻ, na ͻka boniayεfoͻ no ho

    [75] (Nyankopͻn) kaa sε: “Iblis, εdeεn na asi wo kwan a woamfa w’anim ammͻ fͻm amma deε Mede mensa abͻ? Woyε woho akεsesεm anaasε woka wͻn a wͻ’ma wͻn ho soͻ no ho

    [76] (Iblis) kaa sε: “Meyԑ kyεn no: Wobͻͻ me firi egya mu, εna Wobͻͻ ͻno nso firi nεteε mu “

    [77] (Nyankopͻn) kaa sε: “Ɛneε fri ha kͻ! Nokorε sε woka wͻn a yato wͻn atwenee no ho

    [78] Nokorε sε, Menomee wͻ wo so kͻpem Atemmuda “

    [79] (Iblis) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, εneε mame berε nkͻpem da a yεbenyane awufoͻ“

    [80] (Onyankopͻn) kaa sε: “Woka wͻn a yama wͻn berε no ho

    [81] Kͻpem εda no berε a yahyε no “

    [82] (Iblis) kaa sε: “Mede Wo tumi di nse sε, mεyera wͻn nyinaa

    [83] Gyesε Wonkoa nokorεfoͻ a εwͻ wͻn mu no”

    [84] (Onyankopͻn) kaa sε: “Nokorε, na nokorε na M’aka no –

    [85] Sε: “Mede wone wͻn a wͻ’bedi w’akyi wͻ wͻn mu no nyinnaa bεhyε Amanehunu gya no mma “

    [86] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Memmisa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho akatua, na menka wͻn a wͻ’patu de adesoa a enni hͻ soa no ho

    [87] (Qur’aan adwuma ara ne sε) εyε Afutusεm dema amansan nyinaa

    [88] Na mobεhu emu nokorε no wͻ mmrε tiaa bi akyi

    Surah 39
    Az-Zumar

    [1] Nwoma yi mu Adiyisεm no fri Nyankopͻn, Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no hͻ

    [2] Nokorε sε (Nkͻmhyεni), Yεn na Yε’de nokorε no asiane Nwoma no ama woͻ, enti som Nyankopͻn wͻ nokorεdie mu, (na) Ɔno na ͻsom wͻ no

    [3] Nokorε sε, Nyankopͻn na ͻsom kronkron wͻ no. Deε wͻn a wͻ’fri N’akyi fa akyitaafoͻ no (ka ne sε): “Deε nti yεresom wͻn ne sε, sεdeε wͻ’de yεn bεbεn Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn bebu wͻn ntεm atεn wͻ deε wͻ’nnte wͻn ho ase wͻ ho no ho. Nokorε sε, Nyankopͻn nkyerε obia ͻyε nkontompo, yε boniayεni no kwan

    [4] Sε Nyankopͻn pεsε Onya ͻba a, anka Obeyi deε W’abͻ no mu deε Ɔpε. Kronkron Hene ne no. Ɔne Nyankopͻn Baako no, Opumpuni no a Ɔkorͻn wͻ biribiara soͻ no

    [5] Ɔde nokorε na εbͻͻ ͻsoro ne asaase; Ɔde adesaeε kata adekyeε so, εna Ɔde adekyeε nso kata adesaeε soͻ, εna W’ama awia ne bosome abrε wͻn ho ase. Wͻn mu biara nam (ne kwan so) kͻsi εberε a yahyehyε. Ɛnyε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Bͻnefakyε Hene no

    [6] Ɔbͻͻ mo firi honam baako pε mu, εna Ɔyεε ͻhokafoͻ firii ne mu, εna W’asiane nyεmmoa nwͻtwe no (yoma, nantwie odwan ne abrekyie, onini ne ͻbedeε) mmienu mmienu ama mo. Ɔbͻͻ mo wͻ mo maame nom yafunu mu, mmͻeε akyi mmͻeε akyi wͻ esum (ahodoͻ} mmiεnsa mu. Nyankopͻn ne no, (Ɔne) mo Wura no. Ahennie yε Nedea. Awurade biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Na afei adεn nti na moredane mo ho

    [7] Sε moyi boniayε a, nokorε sε Nyankopͻn deε W’anya ne ho kyεn mo. N’ani nnye ho sε Nenkoa bεyε boniayεfoͻ. Sε moyi ayε a Ɔbεgye atom ama mo. Obia ͻso adesoa nnsoa obi adesoa. Mo Wura Nyankopͻn hͻ ne monkyi na Ɔbεbͻ mo deε moyͻeε (nyinaa) ho amaneε. Nokorε sε Ɔne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ

    [8] Sε ͻhaw bi to onipa a, osu frε ne Wura Nyankopͻn dane ne ho (nyinaa) ma no, na sε Ɔkyε no Ne hͻ adom bi a, ne werε firi Nea na ͻresu frε no kane no, na ͻde biribi resusu no sεdeε ͻde bεyera Ne kwan no. Ka sε: “Wodeε gye w’ani wͻ wo boniayε no mu kakra. Nokorε sε, woka egya no mu foͻ no ho “

    [9] Enti obia ͻbrε ne ho ase (ma Nyankopͻn) anadwo berε, de n’anim butu fͻm, na ogyina hͻ (som Nyame), yε ahwεyie wͻ Daakye no ho, na ͻhwehwε ne Wura Nyankopͻn ahummͻborͻ no, (ͻtesε obi a ͻnye nnie)? (Nkͻmhyεni), kasε: “Enti wͻn a wͻnim ne wͻn a wͻ’nnim yε pε?“ Wͻn a wͻ’de (saa Afutusεm yi) bεto wͻn adwene mu no ne nnipa mu mmadwemmafoͻ no

    [10] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Menkoa a moagye adie, monsuro mo Wura Nyankopͻn. Wͻn a wͻ’yε papa wͻ saa wiase yi mu no, wͻ papa (ho akatua); na Nyankopͻn asaase no terε. Nokorε sε, obetua akatua a enni ano pεpεεpε ama aboterεfoͻ no

    [11] Ka sε: “Medeε yahyε me sε menfa nokorε nsom Nyankopͻn, na memfa ͻsom ho anidie ne ahobraseε ma no

    [12] Y’ahyε me nso sε, menyε obi a odikan a w’abrε neho ase wͻ Muslimifoͻ no mu“

    [13] Ka sε: “Medeε mesuro sε mεte me Wura Nyankopͻn (asɛm ho) atua, εnam Da Kεseε no asotwee no nti “

    [14] Ka sε: Medeε Nyankopͻn na mede nokorε som no, de m’anidie ne ahobraseε ma no

    [15] Enti modeε monfri N’akyi nsom deε mopε (biara). Ka sε: “Nokorε sε berεguofoͻ no ne wͻn a wͻ’ayera wͻn ho ne wͻn abusuafoͻ wͻ Atemmuda no. Aane! εno ne berεguo pefee paa no.“

    [16] Wͻ’benya akatasoͻ a efiri egya no mu (akata) wͻn so, asan (anya) akatasoͻ wͻ wͻn ase. Woi na Nyankopͻn de hunahuna Nenkoa no; enti Menkoa, monsuro Me

    [17] Wͻn a wͻ’twe wͻn ho fri abosom ho sε wͻ’nnsom wͻn, na wͻ’dane wͻn ho ma Nyankopͻn no, wͻn wͻ anigyesεm. Enti bͻ Menkoa no anohoba

    [18] Wͻn a wotie Asεm no na wͻ’di emu papa no akyire no; woi nom na Nyankopͻn atene wͻn, na wͻn ne nnipa mu mmadwemmafoͻ no

    [19] (Nkͻmhyεni), obi a asotwee no asεm no nokorε atia no no, wobetumi agye nea ͻwͻ Ogya no mu no nkwa

    [20] Mmom wͻn a wͻ’suro wͻn Wura Nyankopͻn no benya afie akεseε a yasi bi wͻ ne soro a nsubͻnten nenam aseε. (Woi yε) Nyankopͻn bͻhyε, (na) Nyankopͻn deε Ommu bͻhyε no so

    [21] Wonhunuu sε Nyankopͻn Siane nsuo firi soro, εna Ɔma no nam asaase no mu kͻ nsuo aniwa mu, εna Ɔsan dema mfudeε sononko-sononko puepue, afei na ahoa, wobεhunu sε ayε sε akokͻ sradeε, afei na W’ama no adwan? Nokorε sε afutusεm wͻ woi mu dema nnipa mmadwemmafoͻ no

    [22] Enti obia Nyankopͻn abue n’akoma ama Islam, na enti ͻwͻ nhyerεnee a efiri ne Wura Nyankopͻn hͻ no mu no, (saa nipa no tesε obi a ͻnam esum mu)? Enti due nka wͻn a wͻ’yε akoma den wͻ Nyankopͻn Afutusεm no ho no. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ ͻyera pefee mu no

    [23] Nyankopͻn asiane Nsεmpa paa (Qur’aan), Nwoma (a, emu nsεm no bi) sesε, (na) εfoa (emu nsεm no) soͻ; wͻn a wͻ’suro wͻn Wura Nyankopͻn no wedeε woso (anaasε awͻse gu wͻn so) wͻ ho, ma wͻn honam ne wͻn akoma yε mmrε wͻ Nyankopͻn nkaekaeε no ho. Woi ne Nyankopͻn kwankyerε, Ɔde kyerε obi a Ɔpε kwan, na obi a Ɔbεyera no no, onnya ͻkwan kyerεfoͻ

    [24] Enti obia ͻde n’anim na εbehyia asotwe bͻne no wͻ Wusͻreε da no (saa nipa no tesε obia ͻbͻͻ ne ho ban frii egya no ho?) Yεbεka akyerε abͻneεfoͻ no sε: “Monka deε monyaeε no nhwε!”

    [25] Wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no faa no atorᴐsԑm, enti asotwee no baa wͻn so wͻ εberε a na wͻ’nnim deε efire

    [26] Enti Nyankopͻn maa wͻ’kaa wiase asetena mu animguaseε no hwεe. Nokorԑ sԑ Daakye asotwee no deε εso paa, sε anka wͻ’nim a

    [27] Nokorε sε Ya’yε mfatoho ahodoͻ pii wͻ saa Qur’aan yi mu ama adasamma, sεdeε wͻ’bεfa adwen anaa wͻ’de betu wͻn ho foͻ

    [28] Qur’aan yε Arab kasa, deε akyea biara nni mu, sεdeε wͻ’bεyε ahwεyie

    [29] Nyankopͻn reyε mfatoho bi: “Onipa a ͻwͻ ahokafoͻ pii na wͻn adwen nyε baako, ne onipa a otu ne ho ma ͻbarima fua pε, enti wͻn mfatoho yԑ pε? Aseda wͻ Nyankopͻn! Nanso nnipa pii nnim

    [30] Nokorε sε (Nkͻmhyεni) wobewu, na nokorε nso sε wͻ’nso bewu

    [31] Afei nokorε sε, Wusͻreε da no mobεgye akyinnye wͻ mo Wura Nyankopͻn anim

    [32] Enti hwan paa na ͻyε onipa bͻneni kyεn obia otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ na ͻfa Nokorε no atorͻsεm wͻ εberε a (Nokorε no) aba ne hͻ? Enti Amanehunu gya nnyε fie mma boniayεfoͻ no

    [33] Obi a ͻde Nokorε aba na w’agye (Nokorε no) adie (anaasε ͻfoa soͻ) no, saa nkorͻfoͻ no ne Nyame-surofoͻ no

    [34] Wͻ’benya deε wͻ’pε biara wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. Ɛno ne apapafoͻ no akatua

    [35] Sεdeε Ɔbεpepa wͻn bͻne a w’ayε no afiri wͻn soͻ, na Ɔde wͻn dwumadi pa a wͻ’diiε ho akatua bεma wͻn

    [36] Enti Nyankopͻn nnsom bo mma n’akoa anaa? Wͻ’de wͻn a wͻ’de abata Neho (na entumi nyε huu) no hunahuna wo. Obia Nyankopͻn bεyera no no, (saa nipa no) nni ͻkwankyerεfoͻ

    [37] Obia Nyankopͻn atene no no, obiara ntumi nyera no. Enti εnyε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Bͻne so awerεtͻ Wura no

    [38] Sε wobisa wͻn sε: “Hwan na ͻbͻͻ soro ne asasae a?“ Deε wͻ’bεka ne sε: “Onyankopͻn“. Ka sε: “Moahunu deε mofri Nyankopͻn akyi su frε wͻn no, sε Nyankopͻn pε me bͻne a, wͻ’betumi ayi Ne bͻne no (afri me so)? Anaa nso sε Ɔpε me ahummͻborͻ bi a wͻ’betumi asi N’ahummͻborͻ no ho kwan anaa? Kasε: “Nyankopͻn som bo mame. Nyankopͻn na wͻn a wͻ’repε obi de wͻn ho atwere no no mfa wͻn ho ntwere no

    [39] Ka sε: ”Menkorͻfoͻ, modeε monyε moadwuma sεdeε mokwan kyerε (mo), nokorε sε menso mereyε adwuma, na εnkyε biara mobehunu

    [40] Obi a animguaseε asotwee bεba neso, ne obi a daa asotwee bεba ne soͻ

    [41] (Nkͻmhyεni) Yԑ’de nokorε no na asiane Nwoma no ama woͻ ama adasamma (yie die). Enti obi a ͻbεfa tenenee (kwan) no, εwͻ ͻno ara ne kraa, na obi a ͻbεfa ͻyera (kwan no nso) etia ͻno ara ne kraa; na wonyε wͻn so hwεfoͻ

    [42] Nyankopͻn yi (onipa) nkwa wͻ berε a wͻn awuo, ԑna wͻn a wͻ’nya nnwuiε no nso εberε a wͻn ada. Afei na W’ayi wͻn a yahyehyε owuo ama wͻn no (nkwa ama wͻn awu), na wͻn a aka no (a wͻn berε nsoeε a wͻn ada no) Ɔma wͻ’san (ba nkwa mu bio) kͻpem εberε a yahyehyε (ama wͻn sε wͻ’bεwuo). Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma wͻn a wͻ’dwen

    [43] Anaasε wͻn afri Nyankopͻn akyi afa ntwitwagyefoͻ bi? (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε (wͻn ntwitwagyefoͻ no) nni hwee ho tumi, na wͻ’nni adwene mpo a?”

    [44] Kasε: Ntwitwagyeε nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahennie (nyinaa) yε Ne dea. Nehͻ na mobεsan akͻ

    [45] Sε yεbͻ Nyankopͻn nko ara din a, wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no akoma kyiri koraa, na sε yεbͻ wͻn a (wͻ’de) bata Neho no din a wobehunu sε wͻn ani agyeε

    [46] Kasε: “Otwieduampͻn Nyankopͻn, ͻsoro ne asaase Bͻfoͻ, Ahuntasεm mu ne Badwa mu Nimdefoͻ, Wona Wobebu Wo nkoa ntεm atεn wͻ deε wͻ’nnte wͻn ho ase wᴐ ho no ho“

    [47] Sε abͻneεfoͻ no wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa ne deε εte saa ka ho mpo a, anka wͻ’de bεyε mpata (anya wͻn ho) afri Wusͻreε da no asotwee bͻne no mu. Deε wͻ’nnsusuu ho no bεda adi afiri Nyankopͻn hͻ akyerε wͻn

    [48] Bͻne a wͻ’nyaeε no bεda adi akyerε wͻn, na deε wͻ’dii ho fεw no betwa wͻn ho ahyia

    [49] Sε ͻhaw bi to onipa a, osu frε Yεn (wͻ ahobraseε mu), nasε Yε’sesa (ͻhaw no) de ahummͻborͻ bi firi Yεn hͻ dom no a, deε ͻka nesε: “Ɛnam menimdeε so nti na yεde maa me“. Daabi, εyε nsͻhwε, nanso wͻn mu pii nnim

    [50] Nokorε sε wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no kaa saa ara, na deε wͻ’nyaeε no ho amma mfasoᴐ amma wͻn

    [51] Enti deε wͻ’nyaeε no ho bͻne too wͻn. Abͻneεfoͻ a εwͻ saa nkorͻfoͻ yi (a yasoma wo wͻ wͻn hͻ no) mu no, bͻne bεto wͻn εnam deε wͻ’nsa aka no ho nti, na wͻ’nntumi nnsi ano kwan

    [52] Enti wͻ’nnim sε Nyankopͻn bae akyεdeε no mu ma obi a Ɔpε, εna Osusu nso (dema obi a Ɔpε?) Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’gye die

    [53] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Menkoa a moayε bͻne atia mokraa, εmma mo mmpa aba wͻ Nyankopͻn ahummͻborͻ no ho; nokorε sε Nyankopͻn de bͻne biara kyε. Nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [54] Na monane moho nkͻ mo Wura Nyankopͻn hͻ, na momrε moho ase ma no ansa na asotwee no aba mo so, (efrisԑ, saa berε no deε) monya mmoa

    [55] Moni adepa a yasiane firi mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo no akyi ansa na asotwee no aba moso mpofirem wͻ aberε a monnim

    [56] Sεdeε ͻkra bi nkͻka sε: “O, maberε magu sε m’anyε m’asεdeε a efri Nyankopͻn hͻ; na ampa sε na meka asereserefoͻ no ho”

    [57] Anaasε w’ankͻka sε: “Sε Nyankopͻn kyerεε me kwan a, anka mεka Nyamesurofoͻ no ho

    [58] Anaasε εberε a wobεhunu asotwee no wannka sε: “Sε menya kwan (kᴐ wiase) bio a, anka mεka apapafoͻ no ho”

    [59] Daabi, nokorε sε M’ensεm no baa wohͻ na w’annye anni na woyεε ahomasoͻ, na woka boniayεfoͻ no ho

    [60] Wusͻreε da no, wobehunu wͻn a wͻ’twaa nkontompo too Nyankopͻn soͻ no anim sε ayε tumm. Enti Amanehunu gya no nyε fie mma ahomasoͻfoͻ no

    [61] Wͻn a wͻ’suroo Nyankopͻn no, Nyankopͻn de wͻn nkunimdie bεgye wͻn nkwa, na bͻne (biara) nnto wͻn na wͻn werε nso nnho

    [62] Nyankopͻn ne biribiara Bͻfo, na Ɔne biribiara Kyitaafoᴐ

    [63] Ɔsoro ne asaase so akoradeε (nyinaa) yε Nedea; wͻn a wͻ’nnye Nyankopͻn Nsεm no nnie no, saa nkorᴐfoᴐ no ne berεguofoͻ no

    [64] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Abagyimifoͻ, morehyε me sε menfri Nyankopͻn akyi nsom ade foforͻ?”

    [65] Nokorε sε (Nkͻmhyεni), yayi akyerε wone wͻn a wͻ’dii w’anim kan no sε: ”Nokorε sε, sε wode biribi bata (Nyankopͻn) ho a, wo dwumadie bεyε kwa na w’akͻka berεguofoͻ no ho

    [66] Aane, Onyankopͻn (nko ara) na som no, na ka wͻn a wͻ’yi (no) ayε no ho

    [67] Wͻ’mmfa obuo mma Nyankopͻn sεdeε εsεsε anka wͻ’de ma no. Asaase nyinaa hyε Nensam wͻ Wusͻreε da no, na yεbεbobͻ soro nso wͻ nensa nifa mu. Kronkron Hene ne no, Ɔso Korͻn kyεn deε wͻ’de bata (Neho no)

    [68] Yεbεbͻ Totorobεnto no mu, na wͻn a wͻn wͻ soro ne wͻn a wͻn wͻ asaase so nyinaa betwitwa ahwe awu, gyesε nea Nyankopͻn pε. Afei yεbͻ mu bio a, wobehunu sε, wͻ’gyina hͻ rehwε (Wusͻreε da no)

    [69] Asaase de ne Wura Nyankopͻn nhyerεnee bεhyerεn, na yεde Nwoma no bεto hͻ (abie mu); na yεde Nkͻmhyεfoͻ no ne adansefoͻ no aba; na yεde nokorε no bebu wͻn ntεm atεn na yenni wͻn amim

    [70] Yεbetua ͻkra biara dwuma a odiiε so ka pεpεεpε; Onim dwuma a wͻ’die biara

    [71] Yε’bεka wͻn a wͻ’yii boniayε no so akuo-akuo akͻ Amanehunu gya no mu, akͻpem sε wͻ’bεba (egya no) ho (wͻ εberε) a yabuebue n’apono no. (Egya no) so awεnfoͻ no bεka akyerε wͻn sε: “Enti Asomafoͻ anfiri mo mu amma mo hͻ a wͻ’bεkenkan mo Wura Nyankopͻn nsεm no kyerεε mo, εna wͻ’bͻͻ mo kͻkͻ fa mo nnεda yi nhyiamu ho?” Wͻ’bεka sε: “Aane! Nanso asotwee no asεm no ayε nokorε atia boniayεfoͻ no “

    [72] Yε’bεka akyerε wͻn sε: ”Monwura Amane-hunu gya no apono no mu nkͻtena hͻ afe bͻͻ. Nokorε sε, εhͻ yε efie bͻne paa ma ahomasoͻfoͻ no

    [73] Yεde wͻn a wͻ’suroo wͻn Wura Nyankopͻn no nso bεkͻ Soro Aheman no mu akuo-akuo. Kͻpem sε wͻ’bεduru hͻ na yεbebue n’apono no; εhͻ awεmfoͻ no bεka akyerε wͻn sε: “Asomdwiε wͻ moso, moadi moho nni anaasε mommo ne yͻ; monwura (Aheman no) mu na monkͻtena hͻ afe bͻͻ

    [74] (Agyidiefoͻ no) bεka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a W’adi Nebͻhyε so ama yεn, na W’ama yadi adeε wͻ asaase no soͻ, ama yetumi tena Aheman no mu babiara a yεpε”. Sεdeε adwumayεfoͻ no akatuapa siteε

    [75] Wobehunu Soro abͻfoͻ no sε wͻ’atwa Ahennwa no ho ahyia de wͻn Wura Nyankopͻn ayeyie abodin no rebͻ no mmranee. Yεde nokorε no abu wͻn ntεm atεn, na yεbεka sε: “Aseda wͻ Onyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no”

    Surah 40
    Ghaafir

    [1] Haa Miim

    [2] Nwoma yi mu Adiyisεm no fri Onyankopͻn Tumfoͻ Nimdefoͻ no hͻ

    [3] (Otumfoͻ) Bͻnefakyε Hene no, (Otumfoͻ a) Otie Adwensakra, (Otumfoͻ a) N’asotwee ano yε den, (Otumfoͻ a) Ɔwͻ Adom ma no borosoͻ. Awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara, Nehͻ na (biribiara) bεsan akͻ

    [4] Obiara nnye Onyankopͻn Nsεm no ho akyinnye gyesε wͻn a wͻ’yi boniayε no, enti (Nkͻmhyεni) εmma wͻn akͻneaba (anaa tumi) a wͻ’di no wͻ asaase soͻ no nnaadaa wo

    [5] Noa nkorͻfoͻ a wͻ’dii (Quraishfoͻ) anim kan, ne mmusua-kuo a wͻ’baa (Noa) nom akyire no faa (wͻn asomafoͻ nsεm no) atorͻsεm. Amanfoͻ no mu biara bͻͻ wͻn somafoͻ no ho pͻ sεdeε wͻ’bεsͻ ne mu; wͻ’de nkontompo gyee akyinnye sεdeε wͻ’de begu nokorε no. Enti Yε’sͻͻ wͻn mu. Sεdeε M’awerεtͻ (huu) siteε

    [6] Saa ara na wo Wura Nyankopͻn asεm no yεε nokorε tiaa wͻn a wͻ’yii boniayε no, nokorε sԑ wͻ’yε amanehunu gya no mu nnipa

    [7] (Abᴐfoᴐ) a wͻ’so Tumi Ahennwa no, ne wͻn a wͻn wͻ ho no de wͻn Wura Nyankopͻn abodin ne Nenkamfoͻ yi no ayε, na wͻ’gye no di; na wͻ’srε bͻnefakyε ma wͻn a wͻ’agye adie no, sε: “Ye’Wura Nyankopͻn a W’ahummͻborͻ ne Wo nimdeε duru biribiara soͻ, fa wͻn a wͻ’sakra wͻn adwen na wͻ’nam Wo kwan no soͻ no bͻne kyε wͻn, na bͻ wͻn ho ban fri gya frama asotwee no mu

    [8] Ye’Wura Nyankopͻn, ma wͻ’ne wͻn agyanom mu wͻn a wͻ’yεε papa no, ne wͻn yerenom, ne wͻn asefoͻ nwura daadaa Aheman a W’ahyε wͻn ho bͻ no mu. Nokorε sε Wone Otumfoͻ no a Wotumi ade nyinaa yԑ, Onyansafoͻ no

    [9] Na bͻ wͻn ho ban fri bͻne (biara) ho, na obia Wobεbͻ neho ban afri bͻne ho wͻ saa Da no deε, nokorε sε na W’ahu no mmͻbͻ. Na εno nso ne nkonimdie kεseε no

    [10] Nokorε sε (soro abͻfoͻ) bεfrε wͻn a wͻ’yii boniayε no (aka akyerε wͻn sε): “Ɛberε a na yεrefrε mo akͻ gyidie mu na moampε no, na Onyankopͻn abufuo kyεn moabufuo a mobo afu moho no

    [11] Wͻ’bεka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, W’ama yawu awu prenu, εna W’ama yaba nkwa mu nso mprenu. Afei yaka yε’bͻne, enti εkwan bi wͻhͻ a yε’de bepue (afri saa amanehunu yi mu)

    [12] (Mo asotwee no ase) ne sε: Sε yεbͻ Nyankopͻn nko ara din a monnye nni, nasε yεde biribi bata Neho a, εno deε mogye di. Enti atemmuo no deε εwͻ Nyankopͻn Kokroko, Ͻkεseε no (nko ara)

    [13] Ɔno na Ɔda Nensεnkyerεnee no adi dekyerε mo, εna Osiane akͻnhoma fri soro ma mo. Obi a ͻdwen (saa nsεnkyerεnee yi ho na) ͻdetu neho foͻ ne obi a ͻdane ne ho kͻ (Nyankopͻn hͻ)

    [14] Enti monsu mfrε Nyankopͻn wͻ nokorεdie mu, mfa moho nyinaa ma no, sε boniayεfoͻ no mpε mpo a

    [15] Ɔkorͻn wͻ gyina berε, abodin ne suban biara mu, (Otumfoͻ) a Tumi Ahennwa no yε Nedea. Ɔma Honhom no (anaasε Adiyisεm no) ba N’akoa a Ɔpε so wͻ Netumi mu, sεdeε ͻbεbͻ (amanfoͻ) kͻkͻ fa Nhyiamu Da no ho

    [16] Ɛda no a wͻ’bepuepue (afri adaka-mena mu) no, deε εfa wͻn ho no mu biara nni hͻ a esuma Nyankopͻn. Saa Da no tumi ne ahennie no yε hwan dea? Ɛwͻ Nyankopͻn Baako no, Opumpuni a Ɔkorͻn wͻ biribiara soͻ no

    [17] Saa Da no yεbetua deε ͻkra biara nyaeε so ka (pεpεpε). Asisie biara nnihͻ wͻ saa Da no mu. Nokorε sε, Nyankopͻn deε Neho yε hare paa wͻ akontabuo no mu

    [18] Bͻ wͻn kͻkͻ fa Ɛda a εrebεn no ho; εberε a akoma a awerԑhoᴐ ahyԑ no mma bεba abeduru onipa mene mu ama ahini wͻn. Abͻneεfoͻ no nnya yͻnkoͻ anaa otwitwagyefoͻ a ͻbetie (wͻn asεm no bi ama wͻn)

    [19] Nyankopͻn Nim hwammͻ a (onipa) ani die, ne deε (onipa) akoma desie (nyinaa)

    [20] Nyankopͻn na Ɔde nokorε bu atεn, aberε a wͻn (anyame) a wͻ’fri N’akyi sufrε wͻn no ntumi mmu atεn biara. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔno na Ohu biribiara

    [21] Anaasε wͻ’nntu kwan wͻ asaase no so nhwε sεdeε wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no awieε si wieε? Na wͻn ho yε den kyεn (Quraishfoͻ) yi (wͻ tumi ne ahoͻden ne nkwa tenten mu), wͻ’yεε nsεnkyerεnee (sisii aban tenten) wͻ asaase no so. Nanso Nyankopͻn de wͻn bͻne sͻͻ wͻn mu. Wͻ’annya obiara amma wammͻ wͻn ho ban wͻ Nyankopͻn nsam

    [22] (Wͻn asotwee no ase ne sε): Wͻn Asomafoͻ no de nkyerεkyerεmu ne nyinasoͻ pefee no brεε wͻn, nanso wᴐ’poe. Enti Nyankopͻn sͻͻ wͻn mu. Nokorε sε, Ɔne Ɔhoͻdenfoͻ, N’awerԑtᴐ nso ano yε den papaapa

    [23] Ampa nso sε: “Yεde Yε’nsεnkyerεnee ne tumi pefee somaa Mose –

    [24] Maa no kͻͻ Farao ne Haamaan ne Qaarun (Kora) hͻ. Nanso asεm a wͻ’kaeε nesε: “Nkonyaayini, Nkontomponi “

    [25] Ɛberε a ͻde Nokorε no a efri Yεn nkyεn brεε wͻn no wͻ’kaa sε: “Monkunkum wͻn a wͻ’agye adie aka neho no mma mmarima, na moma wͻn mmaa no ntena ase.” Nanso boniayεfoͻ no pͻ a wᴐ’bͻ deε εyε kwa

    [26] Farao kaa sε: “Monyae me ma menkum Mose na ͻnfrε ne Wura no (ma no mεgye no), efrisε mesuro sε anhwε a na w’abεsesa mosom no, anaasε obeyi nsεmmͻne adi wͻ asaase no so“

    [27] Mose kaa sε: “Nokorε sε mehwehwε ntwitwagyeε wͻ me Wura Nyankopͻn ne wo Wura Nyankopͻn no hͻ afri onipa biara a ͻyε ahomasoͻ na ͻnnye Akontabuo Da no nnie no ho

    [28] Ɔbarima gyidieni bi a ofri Farao nkorͻfoͻ no mu a ͻde ne gyidie no asuma kaa sε: “Mobekum onipa sε waka sε: “Me Wura ne Nyankopͻn nti, na ampa nso sε ͻde nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee fri mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo?” Sε ͻyԑ nkontomponi a, ne nkontompo no da ͻno ara neso, nasε ͻyε nokwafoͻ nso a, deε ͻrebͻ mo ho kͻkͻ no ho (asotwee) bi bεka mo. Nokorε sε, Onyankopͻn deε Ɔnkyerε obi a ͻyε nsεmͻnedifoͻ, nkontomponi no kwan

    [29] Menkorͻfoͻ, εnnε deε ahennie no wͻ mo, mona modi asaase no soͻ. Enti sε Onyankopͻn asotwee no ba yεn so a hwan na ͻbεboa yεn? Farao kaa sε: “Deε mehunu (sε εyε no) na merekyerε mo, na ͻkwan a εtenee no na merekyerε mo

    [30] Nea w’agye adie no kaa sε: “Menkorͻfoͻ, nokorε sε, mesuro mamo sε, (asotwee a εtoo) mmusua kuo no bi saa da no sεso (bεto mo) –

    [31] Tesε deε εtoo Noa nkorͻfoͻ no ne Aad, ne Samuud, ne wͻn a wͻ’baa wͻ wͻn akyi no. Onyankopͻn deε Ɔmpε bͻne mma Nenkoa

    [32] Enti menkorͻfoͻ, medeε mesuro Afrεfrε (ne osuu) Da no mamo

    [33] Ɛda no a mobεdane moakyi adwanee no, monnya ͻgyefoͻ wͻ Nyankopͻn anim. Na obi a Onyankopͻn ayera no no, onnya kwankyerεfoͻ

    [34] Ampa sε, Yosef dii kan de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε mo, na moadwen ansi mo pi da wͻ deε ͻde brεε mo no ho kͻpem sε owuiε; mokaa sε: ‘’Onyankopͻn nnsoma ͻsomafoͻ biara bio wͻ n’akyi’’. Saa ara na Nyankopͻn ma obia ͻyε nsεmmͻneni na n’adwen nnsi no pi (wͻ Onyankopͻn asεm ho no) yera

    [35] Wͻn a wͻ’gye Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho akyinnyeε wͻ berε a wͻ’nni nyinasoͻ bi a yεde ama wͻn no, εyε abufusεm kεse wͻ Nyankopͻn ne wͻn a wͻ’agye adie no hͻ. Saa ara na Nyankopͻn tua obia ͻyε ahomasoͻ tu neho no akoma ano

    [36] Farao kaa sε: ”Haamaan, si aban tenten mame sεdeε menya akwan

    [37] Akwan a εkͻ soro, na menkͻhwε Mose Nyankopͻn no, medeε medwen sε ͻyε ͻtorofo“. Saa ara na yεmaa Farao dwumadi bͻne yεε n’ani so fε na yεsii no kwan (frii ͻkwan pa no ho). Farao adwen bͻne no amfa mfasoͻ biara amma sε ͻsεeε (na εbaa nesoͻ)

    [38] Nea wagye adie no kaa sε: “Menkorͻfoͻ, moni m’akyi na mεkyerε mo kwan akͻ kwan tenenee no so

    [39] Menkorͻfoͻ, nokorε sε, wiase asetena yi deε εyε anigyesεm bi kwa, na nokorε sε Daakye no ne asetena a εwͻ hͻ daa

    [40] Obia obedi dwuma bͻne bi no, nesεso so akatua pεpεεpε na yεde betua no ka; na obi a obedi dwuma pa no nso, sε ͻyε ͻbarima anaasε ͻbaa na ͻyε gyidieni a, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’bεkͻ Soro aheman no mu no, yεbεbͻ wͻn akͻnhoma a enni ano

    [41] Menkorͻfoͻ, adεn na merefrε mo akͻ nkwagyeε mu na morefrε me akͻ egya mu

    [42] Morefrε me sε menpo me Wura Nyankopͻn na menfa adeε a menni ho nimdeε mmata Neho, abrε nso a merefrε mo akͻ Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Bͻnefakyε Hene no hͻ

    [43] Akyinyeε biara nniho sε, deε morefrε me akͻ nehͻ no nniho kwan sε yesu frε no wͻ wiase ha anaasε Daakye. Yεn nnkyi ne Onyankopͻn hͻ. Nokorε sε, nsεmͻnedifoͻ no wᴐne egya no mu nnipa no

    [44] Mobεkae deε mereka kyerε mo yi, na medeε mede mensεm ama Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn na Ohunu Nenkoa nom“

    [45] Enti Nyankopͻn gyee no frii εpͻ a wͻ’bͻ (tiaa no no) bͻne mu, na asotwee bͻne no twaa Farao nkorͻfoͻ no ho hyiae

    [46] Ye’de wͻn ba egya no anim anͻpa ne anyumerε (biara), na Da a dͻnhwere no besie no deε (yεbεka akyerε abͻfoͻ no sε): ” Monfa Farao nkorͻfoͻ no nkͻ asotwee a εyε den paa no mu

    [47] Sε wͻ’regye wͻn ho akyinnye wͻ egya no mu a, wͻn a na wͻ’nni ahoͻden (wͻ wiase) no bεka akyerε wͻn a wͻ’yεε ahomasoͻ no sε: “Nokorε sε moakyi na yediiε. Enti montumi nyi egya no mu bi mfri yεn so? “

    [48] Wͻn a wͻ’yεε ahomasoͻ no bεka sε: “Nokorε sε yεn nyinaa wͻ (asotwee no) mu. Nokorε sε Onyankopͻn abu Nenkoa ntεm atεn (tenenee)

    [49] Wͻn a wͻn wͻ egya no mu no bεka akyerε egya no so hwεfoͻ no sε: “Monfrε mo Wura Nyankopͻn na ͻngo asotwee no mu kakra mma yεn nnε “

    [50] Wͻ’bεka sε: ”Moasomafoͻ no amfa nkyerεkyerεmu pefee no ammrε mo?“ Wͻ’bεka sε: “Aane!” Wͻ’bεka sε, εneε monsu nfrε (obi a mopε). Boniayεfoͻ no sufrε deε εyε kwa

    [51] Nokorε sε, Yε’bεboa Y’asomafoͻ no ne wͻn a wͻ’agye adie no ama wͻn adi nkonim wͻ wiase asetena yi mu, εne Ɛda a Adansefoͻ no begyina hͻ no

    [52] Ɛda no a abͻneεfoͻ no kyεw pa ho mma mfasoͻ mma wͻn no; wͻn so na nnomee no wͻ, na wͻn wͻ asetena bͻne paa mu

    [53] Ampa sε Yε’de kwan kyerε no maa Mose, na Yε’maa Israel mma no dii Nwoma no akonnwa

    [54] (Na Nwoma no) yε kwankyerε ne afutusεm dema nnipa mu mmadwemmafoͻ no

    [55] Enti si aboterε, nokorε sε Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε, na srε wo mfomsoͻ ho bͻnefakyε, na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin na yi N’ayε wͻ anyumerε ne anͻpa

    [56] Nokorε sε, wͻn a wͻ’gye Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho akyinnyeε aberε a yεnfaa nyinasoͻ biara maa wͻn no, hwee nni wͻn akoma mu sε akεsesεm, nanso wͻ’nnya (deε wͻ’rehwehwε no). Enti hwehwε Nyankopͻn hͻ ntwitwagyeε. Nokorε sε, Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no, na Ɔno ara nso na Ohunu biribiara

    [57] Nokorε sε, ͻsoro ne asaase mmͻeε no so kyεn nnipa mmͻeε nanso nnipa pii nnim

    [58] Onifirani ne obia ohunu adeε nyε pε, εna wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no ne abͻneεfoͻ no (nso nyε pε). (Nnipa mu) kakraabi na wͻ’dwen

    [59] Nokorε sε Dͻnhwere no reba a akyinnyeε biara nni ho, nanso nnipa pii nnye nni

    [60] Mo Wura Nyankopͻn kaa sε: ”Monsu mfrε Me na Mεgye mo so“. Nokorε sε wͻn a wͻ’yε ahomasoͻ wͻ Mesom ho no deε wͻ’bewura bonsam gyem wͻ animguaseε mu

    [61] Nyankopͻn na W’ayε anadwo ama mo sεdeε mobεgye moahome wͻ mu, εna (W’ayε) adekyeε nso (ama mo sεdeε mode) behunu adeε. Nokorε sε Onyankopͻn adom a εwͻ nnipa soͻ no so paa nanso nnipa pii nnyi (Nyankopͻn) ayε

    [62] Woi ne mo Wura Nyankopͻn no, Adeε nyinaa Bͻfo no, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara. Na εhen na moredane moho korͻ yi

    [63] Saa ara na wͻn a wͻ’ko tia Nyankopͻn nsεnkyerεnee no dane wͻn ho (fri Nyankopͻn Nsεm no ho)

    [64] Nyankopͻn na W’ayε asaase so asetena ama mo, εna (W’ayε) ͻsoro no nso (tesε εdan) nkurusoͻ, εna Ɔnwenee mo, na Ɔnwenee mo fεfεεfε (anaasε ͻnwenee mo yie), εna Ɔde nnepa bͻ mo akͻnhoma. Woi ne mo Wura Nyankopͻn no. Enti nhyira Wura ne Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no

    [65] Ɔne Ɔteasefoͻ no, awurade biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara. Enti monfa nokorε ne ahobraseε nsu mfrε no mfa ͻsom ma no. Aseda nyinaa wͻ Nyankopͻn Abͻdeε nyinaa Wura no

    [66] (Nkͻmhyεni) ka sε: ”Medeε yabra me sε mεsom adeε a mofri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no wͻ abrε a nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee fri me Wura Nyankopͻn hͻ aba me hͻ; na yahyε me sε memmrε me ho ase ma Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn

    [67] Ɔno na Ɔbͻͻ mo fri mfuturo mu ansa na (Ɔreyi mo) afri ahobaeε nkwa boaa mu, ansa na (Ɔreyi mo) afri mogya a abͻ toa mu, εna afei Ɔmaa mo pue (fri mo maame nom yafunu mu a na moyε) nkͻdaa, ansa na moreyin aduru mompanin berε mu, na afei moabͻ nkͻkora (ne mmerewa) na momu bi nso dikan wu (wͻ aberε a wͻ’mmͻͻ nkͻkora anaa mmerewa) sεdeε mobeduru εberε a yahyε no, na mobεte aseε

    [68] Ɔno na Ɔma nkwa εna Ɔma (abͻdeε a εwͻ nkwa) wuo. Enti sε Ɔhyehyε biribi a, deε Ɔka kyerε (adeε) no ne sε: Yε! na ayε

    [69] Wonhunuu wͻn a wͻ’ko tia Nyankopͻn Nsεm no? Sεdeε wͻ’dane wͻn ho (fri nokorε no ho)

    [70] Wͻn a wͻ’nnye Nwoma no ne deε Yesiane demaa Y’asomafoͻ no nnie no, sε εteε biara no wͻ’behunu

    [71] Ɛberε a dadewεnfoͻ ne dadeε nkͻnsͻnkͻnsͻn begu wͻn kͻn mu no, yεbεtwe wͻn ase akͻ

    [72] Nsuo hyeε mu, na afei yakͻhye wͻn wͻ egya no mu

    [73] Afei yεbebisa wͻn sε: ”Deε mode bataa (Nyankopͻn) ho no wͻ hen

    [74] (Deε) mofri Nyankopͻn akyi no?” Wͻ’bεka sε wͻn ayera afri yεn ho kͻ; daabi, kane no na yensu nfrε biribiara. Saa ara na Nyankopͻn yera boniayεfoͻ no

    [75] Ɛne sε, modii ahurusie wͻ asaase no so a εnyε ne kwan soͻ, na afei momaa moho so

    [76] Monwura Amanehunu gya no apono no mu nkͻtena hͻ. Efie bͻne paa ne wͻn a wͻ’yε ahomasoͻ no fie

    [77] Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε. Nokorε sε Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε. Enti sε Yε’de deε yεde ahyε wͻn bͻ no mu bi bεkyerε woͻ, anaasε Yε’bεma wo awuo, Yεn hͻ na wͻ’bεsan aba

    [78] Ampa sε Yε’somaa asomafoͻ dii w’anim kan; wͻn mu bi wͻhͻ a Y’aka wͻn ho abakᴐsεm akyerε woͻ, na wͻn mu bi nso wͻhͻ a Yε’nkaa wͻn ho abakᴐsεm nkyerεε wo. Na εmma sε ͻsomafoͻ bi de nsεnkyerεnee bi bεba, gyesε Nyankopͻn ma ho kwan. Enti sε Nyankopͻn ahyεdeε no ba a, nokorε no na yεde bebu atεn, na εhͻ no wͻn a wͻ’dii atorͻsεm akyi no abrε agu

    [79] Onyankopͻn na W’ayε nyεmmoa ama mo sεdeε mobεtena wͻn mu bi soᴐ, na wͻn mu bi nso moawe wͻn (nnam)

    [80] Monya mfasoͻ (pii) nso fri wͻn so, sεdeε mobεtena wͻn so afa wͻn so aduru mobotaeε a εwͻ moakoma mu, εna nsuo mu hyεn nso a motena mu

    [81] Ɔrekyerε mo Nensεkyerεnee. Enti Onyankopͻn nsεnkyerεnee no mu deε εwͻ hen na mompε

    [82] Anaasε wͻ’nntu kwan wͻ asaase no so nhwεε sεdeε wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no awieε si wieε? Na wͻ’dͻͻso kyεn wͻn, na wͻn ho nso yε den kyεn wͻn, (wͻ’yεε) nsεnkyerεne-deε (pii) wͻ asaase no so. Nanso deε wͻn nsa kaeε no ho amma mfasoͻ amma wͻn

    [83] Ԑberε a wͻn Asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn no, wͻn ani gyee nimdeε a na wͻn wͻ no ho, na deε wͻ’dii ho fεw no twaa wͻn ho hyiae

    [84] Ɛberε a wͻ’hunuu Y’asotwee no, wͻ’kaa sε: “Y’agye Onyankopͻn nko ara adi, na y’apo deε yεde bata Neho no “

    [85] Nanso wͻn gyidie no ho amma mfasoͻ amma wͻn wͻ εberε a wͻ’hunuu Y’asotwee no. (Saa na) Nyankopͻn kwan a w’atwa ato hͻ ama nenkoa no (siteε), na εhͻ deԑ na boniayεfoͻ no abrε agu

    Surah 41
    Fussilat

    [1] Haa – Miim

    [2] (Woi yε) Adiyisεm a efri Ahummͻborͻ Hene Ɔdεεfoͻ Hene no hͻ

    [3] (Ɛyε) Nwoma a yakyerεkyerε emu nsεm no mu pefee; Qur’aan wͻ Arab (kasa mu) dema amanfoͻ a wͻ’nim

    [4] (Ɛyε) anigyesεm ne kͻkͻbͻ (Nwoma). Nanso dodoͻ no ara na atwe wͻn ho (afri ho) a enti wͻ’nntie

    [5] Deε wͻ’ka ne sε: “Y’akoma wͻ akatasoͻ mu wͻ deε morefrε yεn kͻ no, na akraa nso wͻ y’aso mu, na ntwaremu nso wͻ yε’ne wo ntεm, enti (kͻso) yε adwuma na nokorε sε yεn nso yε’reyε adwuma “

    [6] (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Meyε onipa tesε moara. Y’ayi akyerε me sε, mo Awurade no Ɔyε Awurade Baako, enti monfa kwan tenenee a εkͻ Nehͻ no so, na monsrε Nehͻ bͻnefakyε. Due nka wͻn a wͻ’de biribi bata Onyankopͻn ho no

    [7] Wͻn a wͻ’nnyi Zaka no, Daakye no wͻ’ne (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no

    [8] Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie na wͻre’di dwuma pa no wͻ akatua a εtoͻ ntwa da

    [9] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Enti nokorε paa sε, moyi Nea Ɔde nna mmienu bͻͻ asaase no boniayε, san de biribi susu no? Abͻdeε nyinaa Wura no ne no

    [10] Na Ɔyεε mmepͻ de sisii soͻ, na Ohyiraa soͻ, εna Ɔde εnna nnan pεpεεpε hyehyεε εso nnuane no demaa wͻn a wͻ’bisa (akͻnhoma)

    [11] Afei Ɔdanee Neho kͻͻ soro, na εyε wisie, enti Ɔka kyerεε (ͻsoro) ne asaase sε: Mo mmienu monfa ahobraseε mmra, anaa momra no amemenemfe mu. Wͻ’kaa sε: ”Yεreba no wͻ ahobraseε mu“

    [12] Ɔde nna mmienu wiee ͻsoro nson; na Oyii ͻsoro no mu biara ahyεdeε kyerεε no. Ԑna Ɔde nkanea siesiee wiase soro no, (san yεε nkanea no) ban bͻ (a yεde pam abonsamfoͻ). Woi yε Otumfoͻ Nimdefoͻ no nhyehyεε

    [13] Sε wͻ’twi fa so a, εneε ka sε: “Merebͻ mo asotwee no ho kͻkͻ, asotwee a ԑtesε Aad ne Samuudfoͻ deε no “

    [14] Ɛberε a asomafoͻ no fri wͻn anim ne wͻn akyi baa wͻn hͻ (bεkaa sε): “Monhwε na moansom obiara gyesε Nyankopͻn nko ara no“. Asεm a wͻ’kaeε ne sε: “Sε anka Onyankopͻn pε (sε Ɔsoma obi) a anka Osianee Soro abͻfoͻ. Enti yε’deε deε yεde asoma mo no yεnnye nni

    [15] Enti Aadfoͻ no yεε ahomasoͻ wͻ asaase no so a wͻ’nni ho kwan (sε wͻ’yε). Deε wͻ’kaeε ne sε: “Hwan na neho yεden kyεn yεn? “Enti wͻ’nhunuu sε nokorε, Onyankopͻn no a Ɔbͻͻ wͻn no Ɔne Ɔhoͻdenfoͻ a Ɔkyεn wͻn? Na wͻ’ko tiaa Yεn nsεnkyerεnee no

    [16] Enti Yε’somaa mframa huhuu yunuyunu a ano yε den papaapa baa wͻn so wͻ nna bͻne bi mu, sεdeε Yε’bεma wͻn aka animguaseε asotwee no ahwε wͻ wiase ha. Daakye asotwee no bεyε animguaseε paa, na obiara nso mmoa wͻn

    [17] Samuudfoͻ nso Yε’kyerεε wɔn kwan no, nanso na wͻ’pε anifira (anaasε ͻyera) kyεn kwankyerε no. Enti ͻsεeε animguaseε asotwee no sͻͻ wͻn mu, εnam deε wͻn nsa kaeε no ho nti

    [18] Yε’gyee wͻn a wͻ’gye diiε no a na wͻ’suro Nyame no nkwa

    [19] Ɛda a yεbεboa Nyankopͻn atamfoͻ no ano aka wͻn so akͻ egya no mu no, wͻ’bεkͻ no akuo akuo

    [20] Kͻpem sε wͻ’bεba (asenni bea) hͻ, wͻn aso ne wͻn ani ne wͻn wedeε bedi adanseε atia wͻn wͻ dwuma a wͻ’diiε no ho

    [21] Wͻ’bεka akyerε wͻn wedeε no sε: “Adεn nti na modi adanseε atia yεn? ”Wͻn (wedeε no) bεka sε: “Onyankopͻn no a Ͻma biribiara kasa no na W’ama yεn akasa. Ɔno na Ɔbͻͻ mo wͻ εberε a edikan no, na Nehͻ na moasan aba no “

    [22] Moantumi amfa (moho) ansie (wͻ εberε a na moredi dwuma bͻne) sεdeε moaso ne moani ne mo wedeε bedi adanseε atia mo, na mmom modwenee sε deε moyε dodoͻ no Nyankopͻn Nnim

    [23] Moadwen (bͻne) a modwen faa mo Wura Nyankopͻn ho no na agu mo asuo anaa asopa mo, enti moabεka berεguofoͻ no ho

    [24] Enti sε wͻ’benya aboterε a, εneε egya no mu ne wͻn asetena. Sε wͻ’pε sε wͻ’yε biribi ma εsͻ (Nyankopͻn) ani a, wͻ’nnyε (nnipa) a wͻ’yε biribi ma εsͻ ani (wͻ saa Da no)

    [25] Na Y’ayi (abonsamfoͻ no) ayͻnkofoͻ ama wͻn (wͻ wiase), enti (abonsamfoͻ no) ma deε εwͻ wͻn anim ne deε εwͻ wͻn akyi no yε wͻn fε. Enti asεm no nokorε no atia wͻn fri Jinn ne nnipa aman-aman a w’adi wͻn anim kan atwamu kͻ no mu. Nokorε sε wͻn abrε agu

    [26] Deε boniayεfoͻ no kakyerε (wͻn ho) ne sε: “(Sε yεrekenkan) Qur’aan no a monhwε na moantie, (na mmom) monyε dede wͻ mu sεdeε mobεfa (wͻn) soͻ

    [27] Enti Yε’bεma wͻn a wͻ’nnye nnie no aka asotwee a ano yε den paa ahwε, na akatua bͻne paa na Yε’de betua wͻn deε na wͻ’yε no so ka

    [28] Amane hunu gyem ne Nyankopͻn atamfoͻ no akatua. Emu na wͻ’benya efie a wͻ’bεtena mu daa. (Woi yε) akatua ma (wͻn) εnam sε na wͻ’ko tia Nyankopͻn nsεnkyerεnee

    [29] Wͻn a wͻ’nnye nnie no bεka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, kyerε yεn wͻn a wͻn wͻ Jinn ne nnipa no mu a wͻ’yeraa yεn no na anka yε’ntiatia wͻn so wͻ yεn nan ase, na yεmerε wͻn ase korakora “

    [30] Nokorε sε, wͻn a wͻ’ka sε: ”Ya’Wurade ne Nyankopͻn na afei wͻ’agyina pintinn no, Soro abͻfoͻ siane ba wͻn so (wͻ εberε a wͻ’rewuo, bεka kyerε wͻn sε): Ɛmma monsuro, na momma mowerε nso nnho, na moma moani nye wͻ Soro aheman no a yahyε mo ho bͻ no ho

    [31] Yε’ne mo kyitaafoͻ wͻ wiase asetena no mu ne Daakye no nso; na mo wͻ deε mokraa kͻn dͻ biara wͻ (deε morekͻ) hͻ, na deε mobebisa biara nso monsa bεka

    [32] (Woi yε akyεdeε) a efiri Bͻnefakyε Wura, Mͻborͻhunufoͻ Hene no hͻ a yεde som hͻhoͻ

    [33] Hwan na ͻwͻ kasa pa kyεn obia ͻfrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ na (saa nipa) no di dwuma pa, na waka sε: “Nokorε meka Muslimifoͻ no ho? “

    [34] Papa ne bͻne nsε. Fa papa si (bͻne) kwan, na deε na anka ͻtan da wo ne no ntεm no ͻbεyε sε yͻnkoͻ a mobͻ kosua taferε

    [35] Ɛnyε obiara na obenya (saa adom yi), gyesε wͻn a wͻ’si aboterε, na εnyε obiara na obenya, gyesε obia ͻwͻ kyεfa a εsom bo paa

    [36] Sε naadaa sԑm bi fri ͻbonsam hͻ bԑdaadaa wo a hwehwε ntwitwagyeε fri Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no, na Ɔne Onimdefoͻ no

    [37] Nensεnkyerεnee no mu bi ne: Adesaeε ne adekyeε, ne awia ne bosome. Monhwε na moankoto amma awia anaa bosome, na mmom monkoto ma Nea Ɔbͻͻ wͻn no, sε (εyε nokorε sε) Ɔno nko ara na moresom no ampa a

    [38] Sε wͻ’yε ahomasoͻ a, εneε wͻn a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ no (a wͻ’ne Soro abͻfoͻ no) bͻ no abodin anadwo ne adekyeε na wͻ’mmerε (ho)

    [39] Nensεnkyerεnee no nso mu bi ne sε: Wohunu sε asaase awoͻ (anaa ͻpε asi soͻ a mfudeε biara nni soͻ); sε Ye’siane nsuo gu so a, na akanyan no na mfudeε afifi. Nea Onyane (asaase a awuo no) ampa sε Ɔno ara na Obenyane awufoͻ no. Nokorε sε Ɔwͻ tumi wͻ biribiara so

    [40] Nokorε sε wͻn a wͻ’sesa Yεn nsεm no, wͻ’nsumaa Yεn. Obi a Wusͻreε da no mu yεbεto no atwene egya no mu no na ͻyε, anaasε obi a ͻbεba asomdweε mu noa? Modeε monyε deε mopε. Nokorε sε N’ani tua deε moyε (nyinaa)

    [41] Nokorε sε, wͻn a wͻ’nnye Afutusεm no nnie wͻ εberε a abeduru wͻn hͻ no (benya asotwee). Nokorε sε (Qur’aan} yε Nwoma a εsom bo na edi mmu paa

    [42] Nkontompo ntumi mfiri animu anaa akyire mma mu da. (Ɛyε) Adiyisεm a efiri Onyansafoͻ, Ayeyie Wura Nyankopͻn no hͻ

    [43] (Nkͻmhyεni), asεm a wͻn aka akyerε woͻ biara no, wͻ’ka kyerεε asomafoͻ no a wͻ’dii w’anim kan no. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Otumfoͻ a ͻwͻ awerε tͻ a ano yε den paa

    [44] Sε Yε’yεε Qur’aan no wͻ potͻ kasa bi (mu) a, anka (Makafoͻ no) bεka sε: “Adεn na y’annyε emu nsεm no pefee (wͻ yεn kasaa mu)? Ɛdeεn (Nwoma na εwͻ) potͻ-kasa (mu) ne (Ɔsomafoͻ a ͻyε) Arabni?” (Nkͻmhyεni), ka sε: (Saa Nwoma yi) yε kwankyerε ne ayaresa (Nwoma) ma wͻn a wͻ’gye die no. Wͻn a wͻ’nnye nnie no deε akraa wͻ wͻn asom na wͻn ani afira (wͻ Qur’aan yi ho). Wͻ’ne amanfoͻ no a yεrefrε wͻn fri akyirikyiri no

    [45] Nokorε sε Yε’de Nwoma no maa Mose, nanso nkyinyeε baa mu. Sε εnyε asεm no na adikan wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ a, anka yabu wͻn ntεm atεn. Nokorε sε wͻn adwen nnsi pi wͻ (Qur’aan yi) ho

    [46] Obi a ͻyε papa no, ͻyε ma ne ho, na nea ͻyε bͻne no nso etia ͻno ara. Wo Wura Nyankopͻn deε Onni Nenkoa amim

    [47] Nehͻ nko ara na Dͻnhwere no ho nimdeε no wͻ; aduaba biara a εbefri n’abena mu afire, anaa ͻbaa biara a obeyinsεn anaasε ͻbεwoͻ no, ne (nyinaa) wͻ ne Nimdeε mu. Ԑda a yεbεfrε wͻn (abisa wͻn sε): “Wͻn a na mode wͻn bata Meho no wͻ hen no?” Wͻ’bεka sε: “Yε’rebͻ Wo amaneε sε (εnnε da yi) yεn mu biara nnihͻ a obetumi adi adanseε (sε Wowͻ obi a ͻka Wo ho)

    [48] Deε na kane no wͻ’su frε wͻn no ayi wͻn ama, wͻ’behunu sε wͻ’nni dwane-kͻbea (biara)

    [49] Onipa (Kaafir’ni) mmrε ho sε ͻsrε papa (fri Nyame hͻ), nanso sε bͻne bi to no a, na n’aba mu abu, na wapa aba

    [50] Nokorε sε, sε Yε’ma no ka Yεn hͻ ahummͻborͻ bi hwε wͻ akyire yi a ahokyerε bi too no a, nokorε deε ͻka nesε: “Woi firi me ara, na menye nni sε Dͻnhwere no bεba, na sε yεsan deme kͻ me Wura Nyankopͻn hͻ mpo a, mewͻ papa wͻ Nehͻ. Enti nokorε sε Yε’bεbͻ wͻn a wͻ’yii boniayε no dwuma (bͻne) a wͻ’diiε no ho amaneε, na Y’ama wͻn aka asotwee a emu yε duro ahwε

    [51] Sε Yε’de Y’adom bi dom onipa (Kaafirni) a, ͻdane ne ho de neho to neho so, na sε bͻne bi to no a, (εhͻ na) ͻbͻ mpaeε atenten

    [52] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε moahunu, sε (Qur’aan yi)) firi Nyankopͻn hͻ na monnye nnie a, hwan na ͻwͻ yera mu kyεn obia ͻko tia (nokorε, na saa nipa no ayera kͻ) akyirikyiri? “

    [53] Yε’bεkyerε wͻn Yεn nsεnkyerεnee wͻ ewiem ne wͻn nnipa dua mu akͻpem sε εbεda adi ama wͻn sε, ampa, (Qur’aan no) ne Nokorε no. Enti εnsom bo sε, nokorε, wo Wura Nyankopͻn di biribiara ho Adanseε

    [54] Nokorε ampa sε, wͻn adwen nnsi wͻn pi wͻ wͻn Wura Nyankopͻn Nhyiamu (Da) no ho? Nokorε sε (Onyankopͻn) atwa biribiara ho ahyia

    Surah 42
    Ash-Shuuraa

    [1] Haa – Miim

    [2] Ain - Siin - Qaaf

    [3] (Nkͻmhyεni) sεdeε Nyankopͻn Tumfoͻ, Nyansafoͻ no Yi (Adiyisεm no) ma woͻ no, saa ara na Oyi maa wͻn a wͻ’dii W’anim kan no

    [4] Adeε a εwͻ soro ne adeε a εwͻ asaase so nyinaa wͻ no; Ɔne Okokroko no, Ɔne Ɔkεseε no

    [5] Ɔsoro mu reyε apaepae wͻ wͻn apampamu (wͻ N’animuonyam mu), na Soro abͻfoͻ de wͻn Wura Nyankopͻn abodin no bͻ no, wͻ’san srε bͻnefakyε nso ma wͻn a wͻn wͻ asaase soͻ no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Wura no, Ɔne Mmͻborͻhunu Hene no

    [6] Wͻn a wͻ’fri N’akyi fa akyitaafoͻ no, Onyankopͻn ne wͻn Hwεsofoͻ, na (Nkͻmhyεni), wonyε wͻn so hwεfoͻ

    [7] Saa ara na Y’ayi Qur’aan wͻ Arab (kasa mu) ama woͻ sεdeε wode bεbͻ Ahenkuro (Maka), ne wͻn a atwa ho ahyia no kͻkͻ, na wobεbͻ (amanfoͻ) kͻkͻ wͻ Nhyiamu da a akyinyeε biara nni ho no ho. (Saa Da no nnipa no mu) fekuo bi bεkͻ Soro Aheman no mu, na fekuo bi nso bεkͻ Amanehunu gya no mu

    [8] Sε Nyankopͻn pε a anka Ɔbεyε wͻn (nyinaa) ͻman baako (ama wͻn nyinaa asom ͻsom korͻ), nanso Ɔde obi a Ɔpε wura N’ahummͻborͻ no mu. Na abͻneεfoͻ no deε wͻ’nnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ (biara)

    [9] Anaasε wͻ’afri N’akyi afa akyitaafoͻ? Onyankopͻn nko ara ne Okyitaafoͻ. Ɔno na Ɔma owufoͻ nkwa, na Ɔno na Ɔwͻ tumi wͻ biribiara soͻ

    [10] Deε monte moho ase wᴐ ho no, εho atemmuo no wͻ Nyankopͻn hͻ. Ɔno ne Nyankopͻn, me Wura no; Neso na mede meho toͻ, na Nehͻ na medane meho dema

    [11] Ɔsoro ne asaase Yεfoͻ no, W’ayε mo mmienu mmienu (ͻbaa ne ͻbarima) fri mo ara mo mu ama mo, nyεmmoa nso onini ne ͻbedeε, (saa kwan yi) so na W’ama mo adͻͻso. Biribiara ntesε Ɔno. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, na Ɔno ara nso na Ohu biribiara

    [12] Ɔsoro ne asaase so akoradeε safoa wͻ no, Ɔbae N’adom no mu ma obi a Ɔpε, εna Osusu nso (ma obi a Ɔpε). Nokorε sε Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ

    [13] W’akyerε mu pefee akyerε mo fa Nyamesom no a Ɔde maa Noa ne deε Y’ayi de ama woͻ yi, ne deε Yε’de maa Abraham ne Mose ne Yesu. Yεka kyerεε wͻn sε: “Monfa ͻsom no nsi hͻ na monhwε na moanyε mpaepaemu wͻ ho. Ԑyε asεm a εyε den ma abosomsomfoͻ no wͻ deε worefrε wͻn akͻ no. Onyankopͻn yi obia Ɔpε dema Neho, na Ɔkyerε obia Ɔdane neho ba Nehͻ no kwan

    [14] (Mfitiaseԑ no) na wͻn mu mpaepae kͻpem akyire yi a nimdeε baa wͻn hͻ, εnam ahoͻyaa a εwͻ wͻn mu no nti. Sε εnyε asεm a adi kan afiri wo Wura Nyankopͻn hͻ de ama Ɛberε a yahyε no a, anka y’abu wͻn ntεm atεn. Nokorε sε wͻn a wͻ’bedii Nwoma no akonwa wͻ wͻn (a wͻ’baa wͻn a wͻ’dii Nkͻmhyεfoͻ no) akyiri no adwen nsipi wͻ ho koraa

    [15] Enti (Islam som) so na frε (amanfoͻ kᴐ), na gyina pintinn sεdeε yahyε woͻ no, na enni wͻn apεdeε akyi, na kasε: “Megye deε Nyankopͻn asiane no wͻ Nwoma no mu no di, na yahyε me sε meni nokorε wͻ montεm. Onyankopͻn ne yεn Wura, Ɔne monso mo Wura. Yεn nyuma wͻ yεn, monso monyuma wͻ mo. Akyinyeε biara nna yεn ne mo ntεm. Onyankopͻn bεboa yεn nyinaa ano, na Nehͻ ne biribiara nnkyi “

    [16] Wͻn a wͻ’gye Nyankopͻn (anaa Nesom) ho akyinyeε wͻ akyire yi a (amanfoͻ) agye soͻ no, (saa nkorͻfoͻ no) kyεw pa nsi hwee wͻ wͻn Wura Nyankopͻn anim; na abufuo wͻ wͻn so na wͻn wͻ asotwee a ano yε den paa

    [17] Nyankopͻn na Ɔde nokorε no asiane Nwoma no, εne nsania. Na deεn na εbεkyerε wo sε ebia Dͻnhwere no abεn

    [18] Wͻn a wͻ’nnye nnie no pε (saa Da) no ntεmtεm; na wͻn a wͻ’gye die no nso bͻ hu wͻ ho, na wͻ’nim yie sε (saa Da no) yε nokorε. Nokorε sε wͻn a wͻ’gye Dͻnhwere no ho akyinyeε no wͻ ͻyera mu (kͻ) akyirikyiri paa

    [19] Onyankopͻn yε Ayεmyε Hene dema Nenkoa. Ɔbͻ obi a Ɔpε akͻnhoma, na Ɔne Ɔhoͻdenfoͻ no, Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε

    [20] Obi a ͻrepε Daakye akatua no Yε’de n’akatua no bͻ ho ma no; na obi a ͻpε wiase akatua no nso Yε’de ma no, na onni kyεfa wͻ Daakye no mu

    [21] Anaasε wͻn wͻ wͻn a wͻ’de wͻn bata (Nyankopͻn) ho a wͻn ahyehyε ͻsom mmra bi ama wͻn a Onyankopͻn mmaa ho kwan? Sε εnyε sε asεm no (adikan dada) wͻ atemmuo no ho a, anka yabu wͻn ntεm atεn. Nokorε sε abͻneεfoͻ no wͻ asotwee a εyε ya paa

    [22] (Atemmuda no) wobehunu sεdeε abͻneεfoͻ no besi abͻ hu wͻ deε wͻnsa aka no ho, na (εho asotwee no) bεba wͻn so. Wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no nso wͻ Soro aheman frͻmfrͻm anigye bea no mu. Wͻ’benya deε wͻ’pε biara wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. Woi yε adom kεseε paa

    [23] Woi ne bͻhyԑ a Nyankopͻn dehyԑ nenkoa a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Memmisaa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no) so akatua, na mmom (deε merehwehwε ne) abusua dͻ. Obi a obenya papa no, Yε’de papa no bi bεka ho ama no. Nokorε sε Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ayeyie Wura “

    [24] Anaasε (Nkͻmhyεni), wͻn (a wͻ’nnye nnie no) ka sε, w’abͻ wotrim atwa nkontompo ato Onyankopͻn so? Sε Ɔpε a anka Ͻbesi w’akoma ano (ama wo werε afri deε wonim no wͻ Qur’aan yi ho). Onyankopͻn pepa nkontompo na Ɔde Nekasaa ama nokorε agyina. Nokorε Ɔne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ

    [25] Ɔno na Ɔgye N’akoa adwen sakra soͻ, εna Ɔde bͻne firie, Onim dwuma a modie nyinaa

    [26] Ɔtie wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no sufrε, na Ɔde N’adom no bi ka wͻn ho. Boniayεfoͻ no deε wͻ’benya asotwee a ano yε den paa

    [27] Sε Nyankopͻn rebae N’akͻnhoma mu paa ama Nenkoa a, anka wͻ’bεte atua wͻ asaase so, na mmom Osiane no nkakra nkakra (dema wͻn) sεdeε Ɔpε. Nokorε sε Onim Nenkoa yie, na Ohu wͻn nso

    [28] Ɔno na Osiane nsuo wͻ akyire yi a wͻn aba mu abuo, na W’ahwete N’ahummͻborͻ (ama Nenkoa). Ɔne Okyitaafoͻ, Ɔne Ayeyie Wura no

    [29] Nensεnkyerεnee no bi ne ͻsoro ne asaase mmͻeε, εna (ͻsoro ne asaase no) mmienu no so Ɔde abͻdeε ahwete wͻ soͻ. Ɔwͻ ho tumi sε, Ɔpε a Ɔbεboa wͻn ano (wͻ wͻn wuo akyi)

    [30] Mmusuo a εbεto mo biara no gyina dwuma a monsa adie so, na pii mpo Ɔde kyε

    [31] Montumi nnsi (Nyankopͻn nhyehyεε) ho kwa wͻ asaase so, na Onyankopͻn akyiri no monni okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ (biara)

    [32] Nensεnkyerεnee no bi nso ne nsuo mu hyεn a εwͻ ͻpo so tesε mmepͻ

    [33] Sε Ɔpε a ͻbεma mframa no agyina na wͻn atεm dinn a wͻn nkeka wͻn ho koraa wͻ ͻpo no so. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema obia osi aboterε na oyi (Nyame) ayε

    [34] Anaasε (Ɔpε nso a) Ɔbεma wͻn amem εnam dwuma a wͻ’nsa adie ho nti; Ɔde pii mpo kyε

    [35] Wͻn a wͻ’gye Yεn Nsεm no ho akyinnyeε no behunu sε dwane-kͻbea biara nni hͻ ma wͻn

    [36] Enti deε yεde ama mo biara no yε wiase asetena mu akͻnhoma, na deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no, εno na εyε paa, na εno nso na εwͻ hͻ daa dema wͻn a wͻ’agye adie, na wͻn Wura Nyankopͻn so na wͻ’de wͻn ho toͻ

    [37] Ne wͻn a wͻ’twe wͻn ho fri bͻne akεseε ne ahohwi bra ho, nasε wͻn bofu mpo a, wͻ’de kyε

    [38] Ne wͻn a wͻ’gye wͻn Wura Nyankopͻn frε no soͻ, na wͻ’frε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻn dwumadie (biara no wͻ’tena ase) kyerε wͻn adwen wͻ ho, na akyεdeε a Yε’de akyε wͻn no wͻ’yi mu bi dema

    [39] Ne wͻn a sε obi redi wͻn amim a (wͻ’nngo wͻn ho mma saa nipa no, na mmom) wͻ’bͻ wͻn ho ban

    [40] Bͻne akatua ne bͻne no ara sεso; na mmom obi a ͻdebεkyε na w’ayε papa no, n’akatua wͻ Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε (Onyankopͻn) mpε abͻneεfoͻ no asεm

    [41] Obia ͻbͻ ne ho ban wͻ εberε a obi adi no amim no, saa nkorͻfoͻ no deε εnsεsε yεfa kwan bi so tia wͻn (anaa yɛbɔ wͻn soboɔ)

    [42] (Wͻn a) εkwan wͻ hͻ (sε yɛbɔ wͻn soboɔ) ne wͻn a wͻ’di amanfoͻ amim na wͻ’di bͻne wͻ asaase no so a enni ho kwan sε wͻ’yε (saa). Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’benya asotwee yaaya no

    [43] Nokorε sε obi a obenya aboterε na ͻde bͻne afirie no, nokorε sε εno ne dwumadie a edi mmu (a Onyankopͻn pε)

    [44] Obi a Nyankopͻn ayera no no, onni okyitaafoͻ (biara) wͻ N’akyi. Wobεhunu abͻneεfoͻ no wͻ εberε a wͻ’behunu asotwee no sε, wͻ’reka sε: ”Enti εkwan biara nnihͻ a yεde bεsan (akͻ wiase bio)?”

    [45] Wobehunu sε yεde wͻn aba (egya no) anim na wͻ’reberε wͻn ho ase wͻ animguaseε mu, na wͻ’de wͻn ani to rehwε (egya no) sie. Wͻn a wͻ’agye adie no bεka sε: ”Nokorε sε berεguofoͻ no ne wͻn a wͻ’ahwere wͻn ho ne wͻn abusuafoͻ wͻ Wusͻreε da no. Nokorε sε abͻneεfoͻ no wͻ asotwee a εwͻ hͻ daa mu

    [46] Wͻ’nnya okyitaafoͻ a ͻbεboa wͻn wͻ Onyankopͻn akyi. Na obi a Nyankopͻn bεyera no no (saa nipa no) nni ͻkwan (kyerε)

    [47] Monye mo Wura Nyankopͻn frε no so ansa na Ɛda bi a efri Nyankopͻn hͻ a akwansideε biara nni ho no aba. Saa Da no monni dwanekͻbea biara; na monni (tumi bi a modebεka sε) Mompene (asotwee a yεde bεma mo no) so

    [48] Enti (Nkͻmhyεni), sε wͻ’twe wͻn ho (fri Nokorε no) ho a, Y’annsoma wo sε bεyε wͻn so wεnfoͻ. W’adwuma ne sε wobεbͻ Asεm no ho dawuro. Nokorε sε, sε Yε’ma nnipa ka ahummͻborͻ bi fri Yεn hͻ hwε a na n’ani agye ho, sε mmusuo bi nso to wͻn wͻ dwuma a wͻn adi ato wͻn anim no ho nti a, (εhͻ na wobehunu sε) nokorε, onipa yε boniayεni

    [49] Onyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie wͻ no. Ɔbͻ adeε a Ɔpε. Ɔde ͻba baa kyԑ obi a Ɔpε, εna Ɔde ͻba barima nso kyԑ obi a Ɔpε

    [50] Anaasε Ɔde mmaa ne mmarima kabom (dekyε obi a Ɔpε); obi a Ɔpε nso Ɔyε no bonini. Nokorε sε Ɔne Onimdefoͻ, Ɔne Otumfoͻ a Ɔhyehyε biribiara

    [51] Onyankopͻn nkasa nkyerε onipa gyesε Ɔdefa Adiyisεm so, anaasε ntwaremu bi akyi, anaasε Ɔsoma Bͻfoͻ wͻ Netumi mu ma no beyi deε Ɔpε no kyerε no. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ a Ɔkorͻn, Ɔne Onyansafoͻ

    [52] Saa ara na Yε’nam Yε’tumi so ayi Honhom no (Qur’aan) ama woͻ. Na anka wonnim deε yεfrε no Nwoma no, anaasε gyidie. Na mmom Y’ayε Qur’aan yi nhyerεnee, Yε’de kyerε Yεn nkoa no mu nea Yε’pε kwan. Nokorε sε wo kyerε (amanfoͻ) kwan kͻ kwan tenenee no so

    [53] Onyankopͻn a ͻsoro ne asaase wͻ no no kwan no so. Nokorε sε Onyankopͻn hͻ na nsεm nyinaa san kͻwie

    Surah 43
    Az-Zukhruf

    [1] Haa – Miim

    [2] Mede Nwoma no a εda (biribiara) adi pefee no di nse sε

    [3] Nokorε, Y’ayε Qur’aan no wͻ Arab kasa mu sεdeε mobεte aseε

    [4] Efiri Nwoma (nyinaa) Maame (Lawhul- Mah’fuuz) a εwͻ Yε’nkyεn no mu, (Nwoma a) yamaso paa, adwen ne nyansa ahyε mma

    [5] Enti Yenyi afutuo no mfri moso εnam sε moyε nnipa bͻnefoͻ nti

    [6] Nkͻmhyεfoͻ dodoͻ sεn na Yε’somaa wͻn baa tetefoͻ no hͻ

    [7] Nkͻmhyεni a ᴐbaa wᴐn hᴐ biara gyesε wͻ’di ne ho fεw

    [8] Y’asεe wͻn a wͻ’yε den sen wͻn wͻ ahoͻden mu; na tetefoͻ no mfatoho adi wͻn anim kan atwam kͻ

    [9] Sε wo bisa wͻn nso sε: “Hwan na ͻbͻͻ soro ne asaase a? “Wͻ’bεka sε: “Otumfoͻ Onimdefoͻ no na Ɔbͻeε”

    [10] (Otumfoͻ) no a, W’ayε asaase de asε hͻ atrε mu ama mo, ayε akwan atoto mu sεdeε mobehunu kwan

    [11] (Onyankopͻn) no a Osiane nsuo firi soro sεdeε εsε, na Y’εde nyane asaase a awuo; saa ara na monso mobepue (afri adakamena mu)

    [12] (Otumfoͻ) no a Ɔbͻͻ biribiara mmienu mmienu, εna W’ama mo nsuom hyεn ne nyεmmoa a mo foro (tena wᴐn soᴐ)

    [13] Sεdeε mobεtena wͻn akyi pintinn, na afei mobεkae Onyankopͻn adom wͻ εberε a mote so pintinn no na moaka sε: “Kronkron Hene ne Nea W’abrε woi ase ama yεn, na anka (yεn ara yεn mmͻdemmͻ mma) yentumi nya

    [14] Nokorε sε ye’Wura Nyankopͻn hͻ na yε’bεsan akͻ

    [15] Nanso wͻ’de kyεfa bi a εwͻ no ama Nenkoa mu no bi. Nokorε sε onipa yε boniayεni pefee

    [16] Anaasε Onyankopͻn Ayi mmaa (ama Neho) wͻ deε W’abͻ no mu, εna W’ayi mmarima ama mo

    [17] Nanso sε yε’bͻ wͻn mu bi amaneε wͻ adeε a ͻdema Nyankopͻn no sεso (sε neyere awo ͻbaa) a na n’anim ayε kusuu (wamuna tumm), na nebo afu

    [18] Anaasε deε yεde afεεfεdeε asiesie no a sε akyinnyeε ba a, ontumi nkasa nkyerεkyerε mu no (na mode no toto Onyankopͻn ho)

    [19] (Abosomsomfoͻ no) ayε Ahummͻborͻ Hene asomfoͻ Soro abͻfoͻ no nso mmaa. Wͻ’ahunu (Soro abͻfoͻ no) bͻsuo (pεn a enti εma wͻ’kyerε sε soro abͻfoͻ yε mmaa)? Yε’bεtwerε wͻn adanse-kunumu no, na yebebisa wͻn

    [20] Deε wͻ’ka ne sε: “Sε Ahummͻborͻ Hene no pε a anka yε’nsom wͻn”. Wͻ’nni woi ho nimdeε, atorͻsεm na wͻ’die

    [21] Anaasε Y’adi kan ama wͻn nwoma bi a wͻ’gyina soͻ

    [22] Daabi; Deε wͻ’ka ne sε: “Yε’bεtoo yεn agyanom wͻ (saa) kwan no so, na wͻn anammͻn so na εkyerε yεn kwan

    [23] Saa ara na kͻkͻbͻni biara a Y’edii w’anim kan somaa no wͻ kuro bi soͻ no, emu adefoͻ no kaa sε: “Nokorε sε yεbεtoo y’agyanom wͻ (saa) kwan (yi) so na wͻn anammͻn so na yε’di akyire

    [24] (Kͻkͻbͻni no) kaa sε: “Na sε mede deε εtene kyεn deε mobεtoo no mo agyanom hͻ no brε mo mpo a?“ Wͻ’buaa sε: “Yε’deε yεnnye deε yεde asoma mo no nni “

    [25] Enti Y’etuaa wͻn so ka; na hwε sεdeε wͻn a wͻ’annye (Nokorε no) annie no awieε si wieε

    [26] Kae εberε a Abraham ka kyerεε n’agya ne nenkorͻfoͻ no sε: ”Medeε m’atwe me ho afri deε mosom no ho

    [27] Gyesε Nea Ɔbͻͻ me, efirisε Ɔno na Ɔbεkyerε me kwan

    [28] Ɔyεε (saa kasa) no asεm-nnahͻͻ demaa nenkyiri mma sεdeε wͻ’bεsan (akͻ mu)

    [29] Aane, Memaa saa nkorͻfoͻ no ne wͻn agyanom gyee wͻn ani kͻpem sε Nokorε no ne Ɔsomafoͻ a ͻda (nsεm no) adi pefee no baa wͻn hͻ

    [30] Ɛberε a Nokorε no baeε no wͻ’kaa sε : “Woi deε εyε nkonyaa anaa nadaasεm, na yε’deε yεnye nni“

    [31] Deε wͻ’ka ne sε: “Adεn nti na yansiane saa Qur’aan yi amma onipa a odi mmu wͻ nkuro mmienu no mu (Maka ne Taif)

    [32] Wͻn na wͻ’kyekyε wo Wura Nyankopͻn Ahummͻborͻ no? Yεn na Yε’kyekyε wͻn wiase asetena mu akͻnhoma no mu ma wͻn, εna Yε’pagya ebi nom kyεn ebinom wͻ gyinaberε mu sεdeε ebinom bεfa ebinom ama wᴐn ayε adwuma ama wᴐn. Na wo Wura Nyankopͻn ahummͻborͻ no yε kyεn (wiase ahonyadeε a) wͻ’reboaboa ano no

    [33] Sε εnyε sε anhwε a nnipa nyinaa abεyε nnipa korͻ (anaasε wͻn nyinaa adwen bεtwe akosi wiase afεεfεdeε so) a, anka Yε’bεma wͻn a wͻ’yi Ahummͻborͻ Hene no boniayε no afie nkurusoͻ ayε dwetε, na n’atwedeε a yεde forͻ no nso (ayε dwetε saa ara)

    [34] Ne wͻn afie apono ne wͻn mpa a wͻ’deda soͻ nso (ayε dwetε)

    [35] Ne sika kͻkͻͻ. Woi nom nyinaa yε wiase asetena mu anigyedeε, na Daakye no deε, εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ dema Nyame-surofoͻ no (nko ara)

    [36] Obi a ͻtwe ne ho firi Ahummͻborͻ hene no nkaekaeε ho no, Yε’de no ma ͻbonsam ma ͻfa no yͻnkoͻ

    [37] Nokorε sε, (abonsamfoͻ no) si wͻn kwan, na wͻn adwen yε wͻn sε wͻ’anya kwankyerε

    [38] (Ɔbεkͻso saa ara) akosi sε ͻbεba Yεn hͻ, (saa berε no na) ͻbεka sε: ”Menya a anka me ne wo (nipa bͻneni no) ntεm kwan aware sεdeε apueε ne atͻeε (ntεm tenten siteε); enti ͻyͻnko bͻne paa ne no

    [39] Moyεε bͻne yi deε, ԑnnԑ da yi nokorε sε, kyε a mobεkyε asotwee no mu ho ho mma mfasoͻ mma mo

    [40] (Nkͻmhyεni), wobetumi ama ͻsosifoͻ ate asεm, anaa w’atene onifrani a ͻwͻ yera mu kͻ akyirikyi paa no

    [41] Enti sε Y’eyi wo firi hͻ mpo a, nokorε sε Yε’betua wͻn bͻne no so ka

    [42] Anaa nso sε Y’εbεma wo (atena ase) ahu deε Y’ahyε wͻn ho bͻ no; na εyε nokorε sε Yε’wͻ wͻn so tumi

    [43] Enti (Nkͻmhyεni), sͻ Adiyisεm a Y’ayi ama woͻ no mu yie; nokorε sε, wo wͻ kwan tenenee so

    [44] Nokorε sε (Qur’aan yi) yε afutusεm ma wone wo nkorͻfoͻ, na yεbebisa mo (εho asεm)

    [45] Bisa Asomafoᴐ no a Yԑsomaa wᴐn maa wᴐ’dii w’anim kan no sε: “Yefrii Mmͻborͻhunufoͻ Hene no akyi yεε anyame bi maa wͻn sε wͻnsom wͻn anaa

    [46] Nokorε sε Yεde Yεn nsεnkyerεnee somaa Mose maa no kͻͻ Farao ne nenhemfo hͻ, na ͻka kyerεε wͻn sε: “Meyε abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no Somafoͻ”

    [47] Nanso εberε a ͻde Yεn nsεnkyerεnee no brεε wͻn no hwε, wͻ’seree (Yεn nsεnkyeεnee no)

    [48] Nsεnkyerεnee a Ye’yi kyerεε wͻn (akyire yi) biara no, na εso kyεn ne nua (nsεnkyerεnee dada a edii kan no); na Yε’de asotwee sͻͻ wͻn mu sεdeε wͻ’bεsan wͻn akyi (afri kwan bͻne so aba kwan pa no soͻ)

    [49] Asεm a wͻ’ka kyerεε (Mose) ne sε: “Nkonyaayini, frε wo Wura Nyankopͻn ma yεn sεdeε Ɔne wo bͻhyε kyerε no. Nokorε sε yε’bεfa tenenee (kwan no) so

    [50] Nanso εberε a Ye’yii asotwee no firii wͻn soͻ no hwε, wͻ’buu bͻhyε no so

    [51] Farao bͻͻ no dawuro wͻ nenkorͻfoͻ no mu, ͻkaa sε: “Ɛnyε me na Misirim ahennie no ne saa nsubͻnten a εnenam m’ase yi wͻ me? Enti monhunu anaa?”

    [52] Menyε nkyεn (Mose) woi, animguaseε (nipa) yi a ontumi nkasa pefee yi

    [53] Adεn na yεmma no sika kͻkͻͻ nkapo, anaasε Soro abͻfoͻ mma mmεka ne ho ne no nnto santen

    [54] (Farao) yε maa ne nkorͻfoͻ no faa (asεm kεseε) no agodisεm, enti wͻ’yεε sotie maa no. Nokorε sε na wͻ’yε nkorͻfoͻ a wͻ’yε nsεmͻnedifoͻ paa

    [55] Ɛberε a wͻ’hyεε Yεn abufuo no Yetuaa wͻn bͻne no so ka, na Yε’maa nsuo faa wͻn nyinaa

    [56] Na Yε’yεε wͻn asεm-nnahͻͻ ne mfatoho de maa nkyiri mma no

    [57] Ɛberε a yεbͻͻ Mar’yam ba (Yesu) din yεε mfatoho no, hwε sε na wo nkorͻfoͻ no de anigyeε reyε dede

    [58] Wͻ’kaa sε: “Y’abosom no mmom na εyε anaa sε ͻno (Yesu)? Ɛnyε hwee ho nti na wͻ’yԑԑ saa mfatohoo yi kyerԑԑ woᴐ, na mmom akyingyeε nti. Aane, wͻ’yε nkorͻfoͻ bi a wͻ’yε akyinnyegyefoͻ paa

    [59] (Yesu) gyinaberε ara ne sε ͻyε (Onyankopͻn) akoa a Yε’de Y’adom dom no na Yε’de no yεε mfatoho maa Israel mma

    [60] Sε Yε’pε a anka Yε’bεma momu bi ayԑ Soro abͻfoͻ asi moanan mu wͻ asaase so

    [61] Nokorԑ sԑ ͻno anaa ԑno ne dɔnhwere no nimdeε ho nsεnkyerεnee, enti monhwε na moamma moadwen annyε mo ntanta wͻ ho na moni m’akyi. Woi ne ͻkwan tenenee no

    [62] Na momma ͻbonsam nnsi mo kwan; nokorε sε ͻyε motamfo pefee

    [63] Ԑberε a Yesu de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee baeε no ͻkaa sε: “Nokorε mede adwen (anaasε nyansa) abrε mo, na merebεkyerε mo nneεma bi a monnte moho ase wͻ ho no ho. Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me “

    [64] Nokorε sε Onyankopͻn na Ɔyε me Wura εna Ɔyε monso mo Wura, enti monsom no. Woi ne ͻkwan tenenee no

    [65] Nanso wͻn mu mmusua kuo no ntεm totoeε. Enti due nka wͻn a wͻ’yε bͻne no wͻ asotwee yaaya da no

    [66] Enti deε wͻ’retwεn ara ne sε Dͻnhwere no bεba wͻn so mpofirem wͻ abrε a wͻ’nnim

    [67] Saa Da no ayͻnkofoͻ bεdane atamfoͻ ama wͻn ho wͻn ho, gyesε Nyamesurofoͻ no

    [68] (Yε’bεka akyerε agyidiefoͻ no sε): “Menkoa, suro biara nnihͻ dema mo Ɛnnε da yi, na mowerε nso nnho

    [69] (Menkoa no a) na wͻ’gye Yεn Nsεm no die a na wͻ’yε Muslimifoͻ, brε wεn ho aseε no

    [70] “Mone moyerenom monfa anigyeε nwura Soro aheman no mu

    [71] Sika nyowa ne nkuruwa betwa wͻn ho ahyia; ͻkra akͻnnͻ deε ne deε εyε anii fε biara bi wͻ mu; na emu na mobεtena afe bͻͻ

    [72] Woi ne Soro aheman no a εnam dwumadie a modiiε no ho nti yεbεma mo adi adeε wͻ mu no

    [73] Mowͻ nnuaba pii wᴐ mu, na emu na mobedidie

    [74] Nokorε sε abͻneεfoͻ no bεtena Amanehunu gya asotwee mu

    [75] Yε’nngo (asotwee no) mu mma wͻn koraa, na emu na wͻ’benya abamu buo

    [76] Ɛnyε Yεn na Ye’dii wͻn amim, na mmom na wͻ’yε abͻneεfoͻ

    [77] Wͻ’besu (afrε ͻbͻfoͻ a ͻhwε Egya no soͻ no sε): “Maalik, Mawo Wura Nyankopͻn nku yεn prεko.” (Maalik) bεka akyerε wͻn sε: “Mobεtena mu afe bͻͻ

    [78] Ampa sε Y’εde Nokorε no abrε mo, nanso mo mu pii kyiri Nokorε no

    [79] Anaasε (Qurashfoͻ), moabͻ (Me Nkͻmhyεni no ho) pͻ bͻne bi anaa? Ɛneε Yεn nso Y’afa adwen

    [80] Anaasε (abͻneεfoͻ no) dwen sε Yεnnte wͻn nsumaeε mu ne wͻn kokoa mu agyinatuo no mu nsεm anaa? Daabi, Y’asomafoͻ wͻ wͻn hͻ a wͻ’retwerε (biribiara)

    [81] (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Sε Ahummͻborͻ Hene no wͻ ba a, εneε mene asomfoͻ no nea odi kan”

    [82] Kronkron Hene ne ͻsoro ne asaase Wura Nyankopͻn, Tumi Ahennwa Wura no Ɔkorͻn, so, kyεn deε wͻ’de susu no no

    [83] Enti (Nkͻmhyεni), wodeε gyae wͻn ma wͻ’nkeka nsεm hunu na wͻ’ni agorɔ nkosi sε wͻ’behyia wͻn Da no a yahyε wͻn ho bͻ no

    [84] Ɔno ne Nyankopͻn wͻ soro, na Ɔno ara nso ne Nyankopͻn wͻ asaase so, na Ɔne Onyansafoͻ no, na Ɔno ara nso ne Onimdefoͻ no a Onim biribiara no

    [85] Nhyira ne Nea ͻsoro ne asaase so, ne deε εwͻ mfimfii (nyinaa) ahennie wͻ no no, na Nehͻ na Dͻnhwere no ho nimdeε no wͻ; na Nehͻ na mobεsan akͻ

    [86] Wͻn a wͻ’fri N’akyi su frε wͻn no nni ntwitwagyeε ho tumi, na mmom gyesε wͻn a wͻ’di Nokorε no ho adanseε no, na wͻ’nim (sɛ Nyankopɔn yɛ baako ampa)

    [87] Sε wobisa wͻn sε: “Hwan na Ɔbͻͻ wͻn a, wͻ’bεka sε: “Nyankopͻn”. Adεn na afei wͻ’retwe wͻn ho (fri Nokorε no ho)

    [88] (Nkͻmhyεni) suu nesε: “Me Wura Nyankopͻn, woi nom yε nkorͻfoͻ a wͻ’nnye nnie

    [89] (Nkͻmhyεni), Dane woho firi wͻn ho na ka sε: “Asomdwiε.” Na εnkyε wͻ’behu (nokorɛ a ɛwɔ mu biara)

    Surah 44
    Ad-Dukhaan

    [1] Haa – Miim

    [2] Mede Nwoma no a εda (biribiara) adi pefee no di nse sε

    [3] Nokorε, Ye’sianee (Qur’aan) no wͻ nhyira anadwo (Lailatul Qadr) no mu. Nokorε sε Yεn na Y’εbͻ (nnipa) kͻkͻ

    [4] (Saa anadwo no) mu na yεtoto dwumadie a edi mmu biara ho ntotoeε

    [5] Ahyεdeε a efiri Yεn hͻ. Nokorε sε Yεn na Yε’soma Asomafoͻ

    [6] (Ɛyε) ahummͻborͻ firi wo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, na Ɔne Onimdefoͻ no

    [7] Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfii Wura no, sε moadwen si mo pi ampa a

    [8] Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔma nkwa εna Okum; (Ɔne) mo Wura Nyankopͻn ne moagyanom tetefoͻ no nso Wura Nyankopͻn no

    [9] Aane, wͻn adwen nnsi wͻn pi, εna wͻ’redi agorͻ

    [10] Enti twεn εda no a wisie kumoo a εda adi pefee bεba ewiem no

    [11] Ɛbεkata nnipa so. (Boniayεfoͻ no bεka sε): “Woi yε asotwee a εyε ya paa

    [12] Ye‘Wura, yi asotwee no firi yεn so, Nokorε sε (afei deε) yε’yε agyidiefoͻ

    [13] Afutuo bεn bio, wͻ ԑberε a Ɔsomafoͻ aba wͻn hͻ rekyerεkyerε biribiara mu pefee

    [14] Nanso wͻ’dane wͻn ho firi ne ho, na wͻ’ka sε: obi na ͻkyerε no, ͻyε bͻdamfoͻ

    [15] Nokorε sε, Ye’beyi asotwee no (kakra). Nokorε sε mobεsan akͻ (mo bͻne no) mu

    [16] Ɛda a Yε’bεpari asͻ (wͻn) mu nsͻdene no, nokorε sε Yε’betua wͻn bͻne no so ka

    [17] Nokorε sε Yε’sͻͻ Faro nkorͻfoͻ a wͻ’dii wͻn anim kan no hwεe; na Ɔsomafoͻ Onimuonyamfoͻ no baa wͻn hͻ

    [18] (Bεka kyerεε wͻn) sε: ”Fa Onyankopͻn nkoa no mame“. Nokorε meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo

    [19] Na monhwε na moamma mohoso wͻ Nyankopͻn so. Nokorε sε mede tumi anaa nyinasoͻ pefee paa abrε mo

    [20] Mehwehwε ntwitwagyeε afiri me Wura nemo Wura Nyankopͻn no hͻ sε monnsi me aboͻ nnku me

    [21] Sε monnye me nni a monyae me komm

    [22] Enti (Mose) su frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “Saa nkorͻfoͻ yi yε nnipa bͻnefoͻ”

    [23] {Onyankopͻn ka kyerεε Mose sε}: “Fa Menkoa no nante anadwo, nokorε sε (Farao ne ne dͻm no) be ti mo

    [24] (Sε wone wo nkorͻfoͻ twa nsuo no wie a) gyae ͻpo a ayε dinn na emu akyekyε no Nokorε sε (Farao ne nenkorͻfoͻ) yε εdͻm a nsuo bεfa wͻn

    [25] Turo ne asutire dodoͻ sεn na wͻ’gyaaε

    [26] Ne mfuo ne adan pa

    [27] Ne nnepa a na wͻn anigye ho no

    [28] Saa na εteε. Yε’maa nnipa foforͻ bεtenaa wͻn anan mu

    [29] Enti ͻsoro ne asaase ansu wͻn, na yamma wͻn berε

    [30] Ampa sε Yε’gyee Israel mma no firii animguaseε asotwee no mu

    [31] (Yε’gyee wͻn) firi Farao nsam. Nokorε sε na ͻyε ahomasoͻ, na ͻka nsεmmͻnedifoͻ no ho

    [32] Ampa sε Yεde nimdeε yii (Israel mma) no maa wͻ’kyεn amansan no nyinaa (wͻ Mose berε so)

    [33] Yε’maa wͻn nsεnkyerεnee nso a nsͻhwε pefee wͻ mu

    [34] Nokorε sε saa nkorͻfoͻ (Qurashfoͻ) yi ka sε

    [35] “Ɛno ara ne yewuo a edi kan no, na yennyane yεn mfri owuo mu bio

    [36] Sε moyε nokwafoͻ ampa (sε yεbεsan anyane yεn afri owuo mu bio a) εneε momfa y’agya nom (a wͻn awuo no) mmra”

    [37] Saa nkorͻfoͻ yi na εyε, anaasε Tubbafoͻ no, ne wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan noa? Yε’sεee wͻn (nyinaa) efirisε nokorε, na wͻ’yε abͻneεfoͻ

    [38] Ɛnnyε agodie nti na Yε’bͻͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfii no

    [39] Y’ammͻ ne mmienu wͻ (agorͻ so) na mmom nokorε nti, nanso wͻn mu pii nnim

    [40] Nokorε sε Aseni Da no yε εberε a yahyε ama wͻn nyinaa

    [41] (Ɛyε) Da a adamfoͻ ho mma mfasoͻ mma adamfoͻ bi, na wͻ’nnya mmoa nso

    [42] Gyesε obia Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [43] Nokorε sε, dua Zaquum

    [44] Yε abͻneεfoͻ no aduane

    [45] Ɛtesε yaawa a yanane; ehuru wͻ (wͻn) yafunu mu

    [46] Tesε nsuo hyeε a εrehuro

    [47] (Yε’bεka akyerε Abͻfoͻ aniεdenfoͻ no sε): “Monyere no ntwe n’ase nkͻto Amanehunu gya no mfinfii

    [48] Na afei monhwie nsuohyeε asotwee ngu ne tiri so

    [49] “Ka hwε, (na w’adwen yε wo sε) wo ne otumfoͻ nimuonyamfoͻ no

    [50] Nokorε sε woi na na moadwen nnsi pi wͻ ho no

    [51] Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ baabi a ahotᴐ wͻ

    [52] Wͻ Aheman ne nsubͻnten mu

    [53] Wͻ’firafira serekye kyeme ntomapa duuduro bi ma wͻn anim kyerε wͻn ho wͻn ho anim

    [54] Saa (na εbεyε). Na Yε’de mmaa ahoͻfεfoͻ a wͻn ani-mma akεse-akεse bεka wͻn ho

    [55] Wͻ’de ahotᴐ bεfrε aduaba biara a (wͻ’pε)

    [56] Wͻ’nnka owuo nhwε (bio), gyesε owuo a edii kan no (ara), na Ɔbεbͻ wͻn ho ban afiri Amanehunu gya no asotwee no mu

    [57] (Woi yε) adom a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Ɛno ne nkonimdie kεseε paa no

    [58] Ampa sε Y’ama (Qur’aan yi) ayε mmrε wͻ wo kεterεma so sεdeε wͻ’bεkaeε

    [59] Enti wodeε twεn; nokorε sε wͻn (nso) retwεn

    Surah 45
    Al-Jaathiya

    [1] Haa – Miim

    [2] Nwoma yi mu Adiyisεm no siane fri Onyankopͻn, Otumfoͻ Nyansafoͻ no hͻ

    [3] Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ ͻsoro ne asaase so dema agyidiefoͻ no

    [4] Nsεnkyerεnee san wͻ sεdeε yesi bͻͻ mo, ne mmoadoma a W’ama wͻn ahwete (wͻ asaase soͻ no) mu ma amanfoͻ a wͻ’gye die

    [5] Nsεnkyerεnee nso wͻ adesaeε ne adekyeε a εbͻ abira, ne deε Onyankopͻn siane firi soro a εyε akͻnhoma a Ɔde benyane asaase wͻ newuo akyi, ne mframa a edi adaneadane no mu ma amanfoͻ a wͻn wͻ nteaseε

    [6] (Nkͻmhyεni), woi nom yε Onyankopͻn nsεm a yεrekenkan kyerε wo wͻ nokorε mu. Enti Onyankopͻn ne Nensεnkyerεnee akyi no asεm bεn bio na wͻ’bεgye adie

    [7] Na due nka nkontomponi, bͻneni biara

    [8] (Onipa) a ͻte Nyankopͻn nsεm sε yεrekenkan nanso ͻtͻ kͻso yε akεsesεm sεdeε ͻnteeε. Enti fa asotwee yaaya no bͻ (saa nipa no) anohoba

    [9] Sε onya nimdeε bi fri Yεn Nsεm no mu a, ͻde di fεw. Saa nkorͻfoͻ no na animguaseε asotwee no bεyε wͻn dea no

    [10] Amanehunu gya da wͻn anim, na deε wͻ’anya no ensi wͻn hwee, na deε wͻn afri Nyankopͻn akyi de wͻn ayε akyitaafoͻ no nso (ho mma mfasoͻ mma wͻn), na wͻn wͻ asotwee a εsoo paa

    [11] (Qur’aan) woi yε kwankyerε (Nwoma); na wͻn a wͻ’nnye wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm no nnie no, wͻn wͻ asotwee bͻne a εyε ya papaapa

    [12] Onyankopͻn na W’abrε ͻpo ase ama mo, sεdeε nsuom hyεn bεnante so wͻ Netumi mu, ne sεdeε mobεhwehwε N’adom, ne sεdeε mobeyi (no) ayε

    [13] Ɛna W’abrε deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so (nyinaa) ase ama mo, ne nyinaa firi Nehͻ. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi nom mu ma amanfoͻ a wͻ’kaekaeε

    [14] (Nkͻmhyεni), ka kyerε wͻn a wͻ’agye adie no sε: “Wͻnfa wͻn a wͻn ani nna Nyankopͻn Nna no soͻ no bͻne nkyε wͻn, sεdeε Ɔbetua amanfoͻ bi dwuma a wͻ’diiε no so ka

    [15] Obia ͻbedi dwuma pa no εwͻ ͻno ara kraa, na obi nso a ͻbedi dwuma bͻne no nso etia ͻno ara kraa; na εno akyiri no, mo Wura Nyankopͻn hͻ na mobεsan akͻ

    [16] Nokorε sε Yε’de Nwoma ne atemmuo ne nkͻmhyε maa Israel mma no, na Yε’de adepa bͻͻ wͻn akͻnhoma na Yε’maa wͻn so kyεn amansan no nyinaa (wͻ saa berε no)

    [17] Yε’maa wͻn ahyԑdeԑ no nso ho nkyerεkyerεmu. Na ntotoo biara nni wͻn mu kͻpem akyire yi a wͻ’nyaa nimdeε, εnam ahoͻyaa a εda wͻn ntεm no nti. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn bebu wͻn ntεm atεn Atemmuda wͻ deε wͻ’nnte wͻn ho ase wͻ ho no ho

    [18] Afei (Nkͻmhyεni), Yε’de wo sii ͻsom no ahyԑdeԑ no ho mmra kwan pefee no so. Enti di akyire, na hwε na w’anni wͻn a wͻ’nnim no apεdeε akyi

    [19] Nokorε sε wͻn ho mma mfasoͻ biara mma wo wͻ Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε abͻneεfoͻ no yε akyitaafoͻ ma wͻn ho wͻn ho. Na Onyankopͻn nso ne Nyamesurofoͻ no Kyitaafoͻ

    [20] (Qur’aan) woi yε anibue (Nwoma) dema adasamma, na εsan yε kwan kyerε ne ahummͻborͻ dema amanfoͻ a wͻ’gye die

    [21] Anaasε wͻn a wͻ’di bͻne no dwen sε Yε’bεyε wͻn tesε wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’redi dwuma pa no; sε wͻn nkwa nna mu ne wͻn wuo mu bεyε pε? Bͻne mu paa na wͻ’bu atεn

    [22] Onyankopͻn de nokorε na abͻ ͻsoro ne asaase, sεdeε ͻkra biara benya n’akatua wͻ deε ͻyͻeε ho, na yenni wͻn amim

    [23] Wonhunuu nea w’afa n’apεdeε ayε ne nyame no? Onyankopͻn Nim (saa nipa no), na ogyae no ma no yera, na Osi n’aso ne n’akoma na Ɔde akatasoͻ kata n’ani. Na hwan na obefri Nyankopͻn akyi atene (saa nipa) no? Adεn monnwen anaa

    [24] Deε wͻ’ka ne sε: ”Hwee nni hͻ bio ka yεn wiase asetena yi ho. Yε’rewu na yε’san te nkwa mu, na hwee nsεe yεn sε εberε“. (Nkͻmhyεni, saa nkorͻfoͻ yi) nni εno ho nimdeε; deε wͻn adwen yε wͻn (na wͻ’rekeka no)

    [25] Sε yεrekenkan Yεn Nsεm pefee no kyerε wͻn a, wͻn nyinasoͻ ara ne sε: “Sε moyε nokwafoͻ ampa a εneε monfa y’agyanom (a wͻn awuo no) mmra (nkwa mu bio ma yεnhwε)“

    [26] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Onyankopͻn na Ɔma mo nkwa, na afei W’ama mo awu, ansa na W’aboaboa moano wͻ Wusͻreε da a akyingyeε biara nni ho no mu; nanso nnipa pii nnim

    [27] Nyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie wͻ no. Ɛda a Dᴐnhwere no bεsoo no, saa Da no wͻn a wͻ’dii nkontompo akyire no bεbrε agu

    [28] (Saa Da no) wobehu ͻman biara sε w’abu nkotodwe. Yε’bεfrε ͻman biara akͻ ne (dwumadie) Nwoma no mu. Saa Da no dwuma a modiiε no so na (yebegyina) atua mo ka

    [29] Yεn Nwoma woi, asεm nokorε a εfa moho na εka. Nokorε sε na Yε’twerε dwuma a na modie biara

    [30] Wͻn a wͻ’gye diiε na wͻ’dii dwuma pa no deε, wͻn Wura Nyankopͻn de wͻn bewura N’ahummͻborͻ no mu, na εno ne nkonimdie pefee no

    [31] (Yεbεka akyerε) wͻn a wͻ’yii boniayε no sε: “Enti y’ankenkan Mensεm no ankyerε mo?” Nanso moyεε ahomasoͻ, na moyε amanfoͻ nnebͻneεfoͻ

    [32] Sε yεka kyerε mo sε: ‘’Onyankopͻn bͻhyε no yε nokorε ampa, na Dͻnhwere no nso akyinyeε biara nni ho a“, deε na moka ne sε: ”Yε’deε yennim deε yεfrε no Dͻnhwere no. Yε’dwen sε εyε adwen kyerε bi kwa, na yε’deε y’adwen nnsi yεn pi wͻ ho.“

    [33] Bͻne a wͻ’yͻeε no beyi neho adi akyerε wͻn, na deε wͻ’de dii fεw no betwa wͻn ho ahyia

    [34] Yεbεka akyerε wͻn sε: “Ɛnnε da yi Yε’werε befri mo sεdeε mo werε firii sε mobehyia mu wͻ moda woi mu no. Mofie ne Amanehunu gya no mu, na monni ͻboafoͻ

    [35] Efirisε mofaa Nyankopͻn asεm no fεw die, na wiase asetena no daadaa mo. Enti saa Da no wͻ’nnya kwan mmfiri wͻ (Amanehunu gya no) mu, na wͻ’nnya kwan nso sε yεbεma wͻn kwan aba wiase bio (abεsakra wͻn adwen anya kwan asrε bͻnefakyε)

    [36] Enti aseda no wͻ Nyankopͻn, ͻsoro Wura ne asaase Wura, Abͻdeε nyinaa Wura no

    [37] Ɔno na ͻsoro ne asaase so Kεseyε wͻ no, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no

    Surah 46
    Al-Ahqaaf

    [1] Haa – Miim

    [2] Nwoma yi mu Adiyisεm no siane firi Onyankopͻn Tumfoͻ Nyansafoͻ no hͻ

    [3] Yε’de nokorε no na abͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ mfinfii no, εna yahyehyε εberε ato ho. Wͻn a wͻ’nnye (Nokorε no) nnie no dane wͻn ho fri deε yεrebͻ wͻn kͻkͻ wͻ ho no ho

    [4] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Moahunu deε mofri Onyankopͻn akyi sufrε wͻn no? Monkyerε me (neεma a εwͻ) asaase so emu deε wͻn abͻ? Anaasε wͻn wͻ kyεfa bi wͻ ͻsoro? Monfa nwoma a edi woi anim kan mmrε me, anaa nimdeε nsohyεdeε bi (a εkyerε saa), sε moyε nokwafoͻ ampa a “

    [5] Hwan na w’ayera kyεn obia ofri Nyankopͻn akyi sufrε (biribi foforͻ) na (saa adeε no ntumi) mma no mmuaeε kͻsi Atemmuda, na (saa adeε a wͻ’resu frε wͻn no mpo) nnim wͻn sufrε no ho hwee?”

    [6] Sε yεboa nnipa ano (wͻ Wusͻreε da no a wͻn anyame no) bεyε wͻn atamfo; na wͻ’bεpo som a wͻ’som wͻn no

    [7] Sε yεrekenkan Yεn Nsεm pefee no kyerε wͻn a, deε wͻn a wͻ’nnye nnie no ka kyerε Nokorε no wͻ εberε a aba wͻn hͻ no nesε: “Woi deε εyε ntafowa anaa naadaasεm pefee“

    [8] Anaasε (Nkͻmhyεni) wͻ’ka sε w’abͻ wotrim na (w’atwerε Qur’aan yi)? Ka sε: ‘’Sε m’abͻ metrim koraa a monni tumii biara a mode bεbͻ me ho ban atia Onyankopͻn (abufuo). Onim deε morekeka fa (Qur’aan) ho nyinaa. Ɔne Ɔdanseni a Ɔsom bo wͻ me ne mo ntεm. Ɔne Bͻnefakyε Hene no, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [9] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Ɛnyε me ne (onipa a) odikan wͻ Asomafoͻ no mu, na me nnim deε yεde bεyε me anaa deε yεde bεyε mo. Medeε menni (biribiara) akyi, gyesε deε yayi ama me no, na m’adwuma ara nesε meyε kͻkͻbͻni pefee

    [10] Ka sε: ‘’Sε moahunu, sε (Qur’aan yi) frii Oyankopͻn hͻ εna moapoᴐ a, ͻdanseni bi firi Israel mma no mu adi nesεso ho adanseε sε (εyε nokorε Nwoma a efri Onyankopͻn hͻ) tesε (deε Tora no nso fri Onyankopͻn hͻ no), enti w’agye adi εna modeε moreyε ahomasoͻ. Nokorε sε Onyankopͻn nnkyerε abͻneεfoͻ no kwan

    [11] Wͻn a wͻ’nnye nnie no ka kyerε wͻn a wͻ’agye adie no sε: “Sε anka (Qur’aan ne Islam som yi) yε ade papa bi a, anka monsan yεn ho nnya. Ԑnam sε wͻ’nnyaa (Qur’aan yi) ho kwan kyerε nti no, deε wͻ’ka ne sε: “Woi yε nkontompo dadaa “

    [12] Mose Nwoma no na edii (Qur’aan) anim kan, (na εyε) kwankyerε Nwoma ne ahummͻborͻ. Saa Nwoma yi rehyε (Mose deε) no mma; (εyε) Arab kasa, sεdeε εbεbͻ wͻn a wͻ’yε bͻne no kͻkͻ, na abͻ apapafoͻ no nso anohoba

    [13] Nokorε sε wͻn a wͻ’ka sε: “Ye’Wura ne Nyankopͻn na afei wͻ’gyina (pintinn) no, ehu biara nni wͻn so (wͻ Wusͻreε da no) na wͻn werε nso nnho

    [14] Saa nkorͻfoͻ no ne Soro aheman no mu foͻ no, na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ. Dwuma (pa) a wͻ’diiε no ho akatua ne no

    [15] Y’ahyɛ onipa sε ͻnyε ayamyε ma na’wofoͻ. Ɔmaame nyinsεn no wͻ ͻberε ne ahometeε so, εna ͻwoo no wͻ ͻberε ne ahometeε mu. Ne nyinsɛn ne ne nufu mma yε bosome aduasa; kͻpem sε obenyin na obeduru mfie aduanan no ͻka sε: “Me wura Nyankopͻn, boa me na menfa W’adom a wode adom me ne m’awofoͻ so aseda ma Wo, na (boa me) ma menyε papa a εbεyε W’anisͻ, na yε m’asefoͻ yie mame. Nokorε sε me sakra m’adwen dema Wo; na nokorε sε meka Muslimifoͻ (anaasε) wͻn a wͻ’brε wͻn ho aseε no ho “

    [16] Saa nkorͻfoͻ yi na Yε’bεgye wͻn dwumadi pa a wͻ’diiε no, na yabͻ wͻn mfomsoͻ atra wͻ Soro aheman mufoͻ no mu. (Woi yε) nokorε bͻhyε na yahyε wͻn no

    [17] Na mmom obi a ͻbεka akyerε na’wofoͻ (wͻ εberε a wͻ’refrε no akͻ gyidie mu no) sε: “Medeε kyerε! Morehyε me bͻ sε (mewuo akyi no) mεsan apue (aba nkwa mu bio), aberε a awoͻ ntoatoasoͻ (pii) atwam wͻ m’anim (a wͻn mu biara nsͻreε)? Na wͻn mmienu-(agya ne εna no)-srε Nyankopͻn mmoa (dema wͻn ba no, ka kyerε no sε): “Due nka wo, Gye di; nokorε sε Onyankopͻn bͻhyε no yε nokorε “.Nanso deε ͻka nesε: “Woi deε εyε tetefoͻ no anansesεm “

    [18] Saa nkorͻfoͻ no na asεm no nokorε atia wͻn wͻ amanfoͻ a wͻ’atwa mu kͻ no wͻ Jinni ne adasamma no mu no. Nokorε sε wͻn aberε agu

    [19] Obiara wͻ abasobͻdeε sεdeε wͻn nyuma kyerε, sεdeε (Nyankopͻn) betua wͻn nyuma so ka pεpεεpε, na yenni wͻn amim

    [20] Ɛda a yεde wͻn a wͻ’nnye nnie no bεba Ogya no anim no, (yεbεka akyerε wͻn sε): ”Monsa kaa mo wiase asetena no mu papa no, εna mode gyee moani. Enti εnnε da yi yεde Animguaseε asotwee na ebetua mosoka wͻ moahomasoͻ a moyεε no wͻ asaase soͻ a na enni ho kwan (sε moyε), εne mo nsεmmͻnee a modiiε no ho

    [21] Na kae Aadfoͻ nua (Huud), εberε a ͻbͻͻ nenkorͻfoͻ no kͻkͻ wͻ Ahqaaf. Ampa sε na kͻkͻbͻ foͻ (pii) atwam wͻ n’anim ne n’akyi. (Ɔka kyerεε wͻn sε}: “Monhwε na moansom biribiara, gyesε Onyankopͻn nko ara. Nokorε sε mesuro Da kεseε no asotwee no ma mo “

    [22] Wͻ’kaa sε: “Wobaa yεn hͻ sε worebεdane y’ani afiri y’abosom no so? Sε woyε nokwafoͻ ampa a, εneε ma deε wode hyε yεn bͻ (hunahuna yεn no) mmra yεn so”

    [23] Obuaa sε: ”(Dͻnhwere no ho) nimdeε no deε εwͻ Nyankopͻn nko ara hͻ, na deε yεde somaa me no na merebͻ ho dawuro akyerε mo no. Na mmom m’ahunu sε moyε amanfoͻ bi a motiri awuo

    [24] Ɛberε a wͻ’hunuu mununkum kεseε bi sε ani kyerε wͻn bonhwa no mu hͻ no, wͻ’kaa sε: “Woi yε mununkum a εrebrε yεn nsuo“. Daabi! Woi ne (asotwee) no a na morepε no ntεm no. Mframa a εwͻ mu no yε asotwee a εyε ya paa

    [25] (Saa mframa no) sεe biribiara pasaa wͻ ne Wura Nyankopͻn ahyεdeε mu. Enti adeε kyeε no wonhunu hwee gyesε wͻn asetena mu. Saa na Y’etua nnipa nnebͻnefoͻ no so ka

    [26] Ampa sε Yε’maa wͻn asetena pa paa wͻ asaase no so a mo (Quraishfoͻ) Yε’mmaa mo (saa) asetena pa no bie, na Yε’maa wͻn aso ne ani ne akoma, na wͻn aso anaa wͻn ani anaa wͻn akoma no ho amma mfasoͻ biara amma wͻn wͻ εberε a wͻ’ne Nyankopͻn nsεm dii asie, na deε wͻ’dii ho fεw no betwaa wͻn ho hyiaeε

    [27] Ampa sε Y’asεe nkuro a atwa moho ahyia no, na Yε’kͻͻ so yii nsεnkyerεnee (pii) adi kyerεε wͻn sεdeε wͻ’bεsan wͻn akyi (afri wͻn bͻne mu)

    [28] Afei adεn na wͻn a wͻ’frii Nyankopͻn akyi faa wͻn sԑ anyame, sεdeε εde wͻn bԑbεn Nyankopͻn no ammoa wͻn? Daabi, (wͻn anyame no) ayi wͻn ama. Woi ne wͻn nkontomposεm a wͻ’bͻ wͻn trim keka no

    [29] (Nkͻmhyεni), kae εberε a Yε’danee Jinn fekuo bi ani kyerεε wo hͻ, na wͻ’tiee Qur’aan (akenkan), εberε a wͻ’baa ho no, wͻ’ka kyerεε (wͻn ho) sε: ”Monyε komm! Ԑberε a (akenkan no) siiε no, wͻ’danee wͻn ho kͻͻ wͻn nkorͻfoͻ hͻ kͻtuu (wͻn) fo

    [30] Wͻ'kaa sε: Yεn nkorͻfoͻ, nokorε sε y’ate Nwoma bi a yasiane aba Mose akyi no mu nsεm, na εhyε (Nwoma) a edi n’anim kan no mma, εkyerε kwan kͻ nokorε ne ͻkwan tenenee no so

    [31] Yεn nkorͻfoͻ, monye Nyankopͻn frε no so na monye no ni, na Ɔde mobͻne no bi bεkyε mo, na W’abͻ moho ban afiri asotwee yaaya no ho

    [32] Na obia w’annye Nyankopͻn frε no soͻ no, onni dwanekͻbea (biara) wͻ asaase yi so, na onni okyitaafoͻ biara wͻ Nyankopͻn akyi. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ ͻyera pefee paa mu no’’

    [33] Enti wͻ’nhunuu sε Onyankopͻn no a Ɔbͻͻ soro ne asaase, na W’amerε wͻ ne mmͻeε no ho no wͻ tumi sε Onyane awufoͻ? Aane! Nokorε sε Ɔwͻ tumi wͻ biribiara so

    [34] Ɛda a yεde wͻn a wͻ’annye annie no bεba egya no anim no, (yεbebisa wͻn sε): “Woi nyε nokorε anaa?” Wͻ’bεka sε: ”Aane! Yε’de ye’Wura Nyankopͻn di nse. (Onyankopͻn) bεka sε: ”Monka (asotwee no) nhwε εnam sε mopoo (nokorε) no nti.”

    [35] Enti (Nkͻmhyεni), wodeε si aboterε sεdeε Asomafoͻ no mu atitiriw no sii aboterε no, na εmpere (asotwee no) ho mma wͻn. Ɛda a wͻ’behunu deε yahyε wͻn ho bͻ no, εbεyε wͻn sε, (sε wͻ’atena wiase mpo), a εbεyε adekyeε mu dͻnhwere baako bi pε. (Qur’aan yi yε) amanebͻ. Enti εnyε abͻneεfoͻ no na (asotwee no ba a) wͻ’bεsεeε

    Surah 47
    Muhammad

    [1] Wͻn a wͻ’po nokorԑ no na wͻ’si (amanfoͻ) kwan fri Nyankopͻn kwan no soͻ no, (Onyankopͻn) bεma wͻ’nyuma ayε kwa

    [2] Wͻn nso a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa, na wͻ’gye deε yasiane ama Muhammad adie sε εno ne nokorε a efiri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no, Ɔbεpepa wͻn bͻne afiri wͻn so na W’ayε wͻn abrabͻ mu yie (ama wͻn)

    [3] Efrisε, wͻn a wͻ’po nokorԑ no di nkontompo akyi, εna wͻn a wͻ’agye adie no nso di nokorε a efiri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no akyi. Saa na Nyankopͻn de wͻn yε mfatoho ma adasamma

    [4] Enti sε mone boniayεfoͻ no hyia wͻ ͻkoo mu a, montwitwa wͻn kͻn nkosi sε mobedi wͻn so nkonim, na monfa wͻn nnomum, na mongu wͻn mpokyerε mmia mu; na akyire yi a ͻkoo no aguo no, (mobetumi} adom (de wͻn ho akyε wͻn), anaasε (mobetumi) ama wͻn atua mpata. Saa ara na sε Nyankopͻn pε a, anka Ɔno ara bεtwe wͻn aso, na mmom sεdeε Ɔde moho bεyε moho moho nsͻhwε. Wͻn a yaku wͻn wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no nso Ɔmma wͻn nyuma nnyε kwa

    [5] Ɔbεtene wͻn na W’ayε wͻn asetena mu yie

    [6] Na Ɔde wͻn awura Soro aheman no a Ɔde akyerε wͻn no mu

    [7] Mo a moagye adie, sε moboa Nyankopͻn a Ɔno nso bεboa mo, na W’ama moagyina moanan so pintin

    [8] Na wͻn a wͻ’nnye nnie no deε ͻsεeε na εwͻ wͻn soͻ, na (Nyankopͻn) bεma wͻn nyuma ayε kwa

    [9] Efirisε wͻ’mpε adeε a Nyankopͻn asiane aba no, enti W’ama wͻn nyuma (nyinaa) ayε kwa

    [10] Enti wͻ’nntu kwan wͻ nsaase no so nnhwε sεdeε boniayεfoͻ no a wͻ’dii kan no awieε si wiεeε? Onyankopͻn sεee wͻn pasaa. Na boniayεfoͻ no wͻ (saa asotwee no) sε so

    [11] Efirisε Nyankopͻn ne wͻn a wͻ’agye adie no Kyitaafoͻ, na boniayεfoͻ no deε wͻ’nni okyitaafoͻ biara

    [12] Nokorε sε Nyankpͻn de wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no bewura Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu. Na wͻn a wͻ’yi boniayε no deε wͻ’regye wͻn ani na wͻ’didi tesε deε nyεmmoa didie, na boniayεfoͻ no fie ne Amanehunu gyem

    [13] Nkuro pii na na wͻ’yε den kyεn wo kuro (Maka) a yatu wo afiri mu no. Yε’sεee wͻn pasaa na wͻ’anya boafoͻ

    [14] Obi a ogyina nyinasoͻ anaa nokorε pefee a efiri ne Wura Nyankopͻn hͻ no soͻ, (saa nipa no) tesε wͻn a dwumadi bͻne na εyε wͻn fε na wͻ’di wͻn apεdeε akyire no

    [15] Ɔsoro aheman a yεde ahyε Nyame-surofoͻ no bͻ no sei na ne mfatoho siteε: Nsubͻnten a emu nsuo no dε ne nepanpam no nsesa wͻ hͻ, εne nsubͻnten a emu nsuo no yε nufusuo na nedε no nsesa (nso wͻ hͻ), ne nsubͻnten a emu nsuo no yε nsa na εyε dε ma wͻn a wͻnom no (nso wͻ hͻ), εne nsubͻnten a εyε εwoͻ a ani korͻgyee (nso wͻ hͻ). Na wͻ’benya aduaba biara nso bi wͻ hͻ, na (w’asan anya) bͻnefakyε a efiri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. (Enti Aheman no mu foͻ no) tesε wͻn a wͻ’bεtena Amanehunu gya no mu afe bᴐᴐ na nsuohyeε a ahuro na yεbεma wᴐn anom ama atwitwa wͻn nsono mu no

    [16] (Nkͻmhyεni), wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻ’tie wo kͻpem sε, sε wͻ’firi wo hͻ kͻ a, wͻ’ka kyerε wͻn a yama wͻn nimdeε (wͻ wͻn nkorͻfoͻ no mu no) sε: “Ɛdeεn na ͻka kyerεε mo sesei no?“ Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn asi wͻn akoma ano, na wͻ’di wͻn apεdeε akyire no

    [17] Wͻn a w’anya kwankyerε no nso Yε’de tenenee bεsan aka wͻn ho na yεde wͻn Nyamesuro nso ama wͻn

    [18] Enti deε wͻ’rentwεn ara ne sε Dͻnhwere no bεba wͻn so mpofirem? Nokorε sε εho nsohyεdeε no bi aba. Na sε εba wͻn so a, sεn na wͻ’besi anya wͻn afutuo no ho mfasoͻ

    [19] Enti hunu sε Nokorε, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Nyankopͻn. Enti srε no bͻnefakyε wͻ wo mfomsoͻ ho, na (srε no bͻnefakyε nso ma) agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no. Onyankopͻn Nim mo nanteε mu ne moatenaseε mu (nyinaa)

    [20] Wͻn a w’agye adie no ka sε: “Adεn nti na yenyi Suura bi (a εma yεn ͻkoo ho kwan) mma? Sε Suura a εda adi pefee ba na yεbͻ ͻkoo so wͻ mu a, wobehunu sε wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no rehwε wo tesε obia owuo asi ne soͻ nhwε. Enti due nka wͻn

    [21] Sotie ne kasapa (na εyε ma wͻn). Na sε yεde dwuma no si y’ani so, εna anka wͻ’redi nokorε ama Onyankopͻn a, anka εyε ma wͻn

    [22] Sε monsa ka tumi a bͻne na ebia mobεyε no wͻ asaase no soͻ, na moatete moabusua ntεm

    [23] Saa nkorͻfoͻ no (a wͻ’di nsεmͻne, na wͻ’tete abusua ntεm no) na Onyankopͻn abͻ wͻn dua no, W’afira wͻn ani, na W’ama wͻn aso nso asi

    [24] Enti wͻ’nnwen Qur’aan no ho nnkͻ akyiri anaa? Anaasε (yεde) krado ato wͻn akoma mu (a enti εmma nokorε no ntumi nwura mu anaa)

    [25] Nokorε sε wͻn a wͻ’san wͻn akyi fri (Islam som mu) wͻ akyire yi a yakyerεkyerε ͻkwan tenenee no mu pefee akyerε wͻn no, ͻbonsam ma (wͻn anidaasoͻ hunu no) yε wͻn fε, na ͻma (wͻn nkwa nna no) yε (wͻn aniso) tenten ma wͻn

    [26] Efirisε wͻ’ka kyerε wͻn a wͻ’tan deε Onyankopͻn asiane aba no sε: “Yε’bεyε sotie ama mo wͻ nsεm bi mu“. Nanso Onyankopͻn nim wͻn nsumaeε mu nsεm (nyinaa)

    [27] Na sεn na εbesi ayε, sε Soro abͻfoͻ (agyenkwa) regye wͻn nkwa a? Wͻ’paepae wͻn ani so (bobͻ) wͻn akyi nso

    [28] Efirisε wͻ’di deε εhyε Onyankopͻn abufuo no akyi, na wͻ’tan deε Onyankopͻn pε. Enti W’ama wͻn nyuma ayε kwa

    [29] Enti wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no dwene sε Nyankopͻn nnyi wͻn adwen bͻne a asuma no adi anaa

    [30] Sε Yε’pε a anka Yε’de wͻn bεkyerε mo ama mode wͻn nsohyεdeε ahu wͻn. Nokorε sε wode wͻn nne kasa behu wͻn. Onyankopͻn Nim mo dwumadie (nyinaa)

    [31] Nokorε sε, Yε’bεsͻ mo ahwε akͻpem sε Yε’behu mo mu mmͻdemmͻfoͻ no ne aboterεfoͻ no, na Yε’bεsͻ mo ahwε wͻ monsεm mu

    [32] Wͻn a wͻ’po nokorԑ na wͻ’si (amanfoͻ) kwan fri Nyankopͻn kwan no soͻ, na wͻ’ko tia Ɔsomafoͻ no wͻ akyire yi a ͻkwan tenenee no ada adi ama wͻn no, wͻ’nntumi nnyε Nyankopͻn hwee na Ɔbεma wͻn nyuma ayε kwa

    [33] Mo a moagye adie, monyε sotie ma Nyankopͻn ne ne Somafoͻ no, na monhwε na moansεe mo nyuma

    [34] Nokorε sε, wͻn a wͻ’yi boniayε, na wͻ’si (amanfoͻ) kwan fri Nyankopͻn kwan no soͻ na wͻ’wu wͻ aberε a wͻ’yε (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no, Onyankopͻn mmfa wͻn bͻne nnkyε wͻn

    [35] Enti monhwε na moango moho anyε sε deε morefrε wͻn akͻ asomdwiԑ (apam) mu; na mone nkonimdifoͻ, Onyankopͻn ka moho, na Ɔmma mo nyuma pa no so akatua so nnte

    [36] Wiase asetena yi yε agorͻ ne ahurusie; na sε mogye di na mosuro Nyame a, Ɔde moakatua bεma mo, na Ɔmmisa mo moagyapadeε

    [37] Sε anka Ɔrebisa mo (agyapa deε no) εna Ɔrehyε mo mpo a, anka mobεyε ho pεpεε; na Obeyi moadwen bͻne no adi

    [38] Hwε, mone nkorͻfoͻ no a y’afrε mo sε monyi (mosika) wͻ Nyame kwan soͻ no. Nanso mo mu bi wͻ hͻ a wͻ’yε pεpεε (anaa wͻ’bͻ ayεmuͻnyono) na obi a ͻyε pεpεε no, ͻyε pεpεε no ma ne ho; na Nyankopͻn deε W’anya ne ho, mo na moyε ahiafoͻ; na sε modane moakyi (ma Islam som no) a, Ɔde amanfoͻ foforͻ bεhyε mo anan mu, na wͻn deε wͻ’nnyε tesε mo

    Surah 48
    Al-Fath

    [1] Nkͻmhyεni, nokorε sε Y’ama wo nkonimdie a εda adi pefee

    [2] Sεdeε Nyankopͻn de wo mfomsoͻ a atwa mu ne deε εda w’anim no bεkyε woͻ, na Ɔde N’adom bewie wo soͻ, na W’akyerε wo kwan akͻ ͻkwan tenenee soͻ

    [3] Na Onyankopͻn bεboa wo mmoa a εsom bo paa

    [4] Ɔno na Osianee awerεkyekyerε bεhyεε agyidiefoͻ no akoma mu, sεdeε Ɔde gyidie bεka wͻn gyidie no ho. Ͻsoro ne asaase so asraafoͻ no nyinaa wͻ Nyankopͻn. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ

    [5] Sεdeε Ɔde agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no bewura Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, na W’apepa wͻn bͻne afiri wͻn soͻ. Onyankopͻn hͻ no, εno yε nkonimdie kεseε paa

    [6] Na Ɔbεtwe nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa, ne abosomsomfoͻ mmarima ne abosomsomfoͻ mmaa no, ne wͻn a wͻ’dwen Nyankopͻn ho adwen bͻne no aso. Wͻn so na bͻne no dane kͻ. Onyankopͻn abufuo ne Nenomee wͻ wͻn so na W’asiesie Amane-hunu gya ama wͻn; na awieε bͻne paa nehͻ

    [7] Ɔsoro ne asaase so asraafoͻ (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ

    [8] Nokorε sε (Nkͻmhyεni), Y’asoma wo sε ͻdanseni, ne anigyesɛm, ne kͻkͻbͻ ho bɔfoɔ

    [9] Sεdeε mobεgye Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no adie, na moaboa (Ɔsomafoͻ) no, na moadi no nni, na mobεbͻ (Onyankopͻn) abodin atontom no anͻpa ne anyumerε

    [10] (Nkͻmhyεni), nokorε sε wͻn a wͻ’suae kyerεε woͻ no, Nyankopͻn na wͻ’suae kyerεε no; Nyankopͻn nsa wͻ wͻ’nsa so. Enti obi a ͻbεbu (nensedie no) soͻ no, obu so tia ͻno ara ne kraa, na obia obedi bͻhyε a ͻne Nyankopͻn ahyε no soͻ no, Ɔbεma no akatua a εsoo paa

    [11] Ԑserԑ so Arabfoͻ a wͻ’kaa akyire no bεka akyerε wo sε: “Y’agyapadeε ne y’abusua gyee y’adaagyeε, enti srε bͻnefakyε ma yεn”. Wͻ’de wͻn kεtrεma ka deε enni wͻn akoma mu. Ka sε: “Sε Onyankopͻn pε mo bͻne anaasε Ɔpε mo yie a, hwan na ͻwͻ tumi bi detia Onyankopͻn ma mo? Aane, Onyankopͻn ne dwuma a modie ho amanebᴐ Wura

    [12] Aane, modwenee sε Ɔsomafoͻ no ne agyidiefoͻ no nnsan mma wͻn abusuafoͻ hͻ bio, na εno yεε mo fε wͻ moakoma mu, na modwen adwen bͻne, na (εnam so maa) moyεε nnipa a moasopa

    [13] Obi a ͻnye Onyankopͻn ne Nesomafoͻ no nnie no, nokorε sε Y’asiesie Ogya ato boniayεfoͻ no hͻ

    [14] Onyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie wͻ no. Ɔde obi a Ɔpε bͻne kyε no, εna Ɔtwe obia Ɔpε nso aso. Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [15] Wͻn a wͻ’kaa akyire no bεka sε: ”Sε mosim sε morekͻ pε asadeε a, moma yεn kwan ma yeni moakyi’’. Wͻ’pεsε wͻ’sesa Nyankopͻn asεm no. Ka sε: “Monnni yεn akyi; saa na Nyankopͻn adi kan aka’’. Wͻ’bεka sε: ”Aane, moreyε yεn ho ahoͻyaa”. Daabi, nanso wͻ’nnte aseε gyesε kakraabi

    [16] Kakyerε εserε so Arabfoͻ a wͻ’kaa akyire no sε: “Yεbεfrε mo ama moako atia amanfoͻ bi a wͻn ho yε den yie wͻ akoo-die mu, akosi sε wͻ’bεbrε wͻn ho aseε. Afei sε moyε sotie a Onyankopͻn bεma mo akatua pa paa; na sε modane moakyi dema, sεdeε modii kan danee moakyi maeε no a, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe moaso “

    [17] Bᴐne nni Onifirani so, bᴐne nni obubuaani nso so, na bͻne nni ͻyarefoͻ nso so, (sε wͻ’ntumi nkͻ ͻkoo no bie). Obi a ͻbεyε sotie ama Onyankopͻn ne ne Somafoͻ no, Ɔde no bewura Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, na obia ͻbεdane ne ho no, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe n’aso

    [18] Nokorε sε Nyankopͻn agye agyidiefoͻ no atom wͻ εberε a wͻ’suae kyerεε wo wͻ dua no aseε no; na Onim deε εwͻ wͻn akoma mu, enti Osianee awerεkyekyerε baa wͻn so, εna Ɔde nkonim a εbεn no tuaa wͻn ka

    [19] Ne asadeε bebrebe a wͻ’benya no. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ

    [20] Onyankopͻn hyεε mo asadeε pii a mobenya no ho bͻ, na Ɔyεε woi ntεm maa mo, na Oyii nnipa nsa firii moso, sεdeε εbεyε nsεnkyerεnee ama agyidiefoͻ no, na W’akyerε mo kwan afa ͻkwan tenene soͻ

    [21] Deε aka a monsa nnya nnkaeε no Onyankopͻn atwa ho nyinaa ahyia (anaasε Onim). Onyankopͻn na Ɔwͻ tumi wͻ biribiara soͻ

    [22] Sε wͻn a wᴐ’po nokorԑ no nemo ko mpo a, nokorε sε wͻ’bεdane wͻn akyi ama, na wͻ’nnya okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ (biara)

    [23] Saa ara na Onyankopͻn kwan a otwa too hͻ demaa wͻn a wͻ’atwa mu kͻ no teε, na wo’nnhunu sε Onyankopͻn kwan no asesa

    [24] Ɔno na Oyii (atamfoͻ no) nsa firii mo soͻ, εna oyii monso monsa firii wͻn soͻ wͻ Maka (kuro no) mu wͻ akyire yi a Ɔmaa mo dii nkonim wͻ wͻn soͻ no. Na Onyankopᴐn deε Ohunu dwuma a modie (nyinaa)

    [25] Wͻ’ne wͻn a wᴐ’po nokorԑ, na wͻ’sii mo Nyamedan kronkron no ho kwan, na afͻrebͻ no annuru n’agyinaeε hͻ. Sε na εnyε agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa a monni wͻn, na anhwε a na moatiatia wͻn so (aku wͻn) wͻ aberε a monnim ho hwee ama asεm bͻne bi ato mo a, (anka Ɔmaa mo wuraa Maka). Sεdeε Onyankopͻn de obi a Ɔpε bewura N’ahummͻborͻ no mu. Sε anka (agyidiefoͻ a εwͻ Maka a wͻ’de wͻn gyidie asuma no ne Kaafirfoͻ no) ho da nso a, anka Yε’de asotwee a emu yε den paa twee wͻn mu boniayεfoͻ no aso

    [26] Ɛberε a wͻn a wͻ’nnye nnie no de akεsesεm ne ahomasoͻ, abagyimi berε ahomasoͻ hyεε wͻn akoma mu no, Nyankopͻn sianee N’awerεkyekyerε maa Ne Somafoͻ ne agyidiefoͻ no, na Ɔmaa wͻ’sͻͻ Nyame suro kasa (Laa ilaaha illal-Laah) no mu pintinn, na na (agyidiefoͻ no) wͻ ho kwan, na εfata wͻn nso. Na Nyankopͻn deε Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ

    [27] Ampa sε Nyankopͻn hyεε N’akoa no yikyerε no mma wͻ nokorε mu sε: “Sε Onyankopͻn pε a wode abodweԑ bewura Nyamedan kronkron no mu a, (momu bi) awεre wͻn tri ho, na (momu bi nso) abubu wͻn tri soͻ a suro biara nni mu. Na Onim deε monnnim; na εno akyiri no Ɔmaa (mo) nkonim die a εbεn

    [28] Ɔno na Ɔde tenenee no ne nokorε som no asoma ne Somafoͻ no, sεdeε Ɔbεma no akata ͻsom biara soͻ. Onyankopͻn som bo sε Ɔdansefoͻ

    [29] Muhammad yε Onyankopͻn Somafoͻ, wͻn a wͻ’ka ne ho no yε den wͻ boniayεfoͻ no so papaapa, na wͻ’hu wͻn ho wͻn ho mmͻbͻ. Wobehu wͻn sε wͻ’rebͻ wͻn mu ase de wͻn anim butu fͻm hwehwε Onyankopͻn adom ne Nenyetomu. Wͻ’nsohyεdeε wͻ wͻn anim, εnam (wͻn) anim a wͻ’de butu fͻm no nti. Woi ne wͻn mfatoho wͻ Tora mu; na wͻn mfatoho wͻ Injiil mu no nso, wͻ’tesε: Aduaba a (yadua na) afifire na ayε den na asipi na agyina pintinn wͻ ne dua no soͻ, na okuafoͻ no ani agye ho; sεdeε Ɔbεhyε boniayεfoͻ no abufuo. Onyankopͻn de bͻnefakyε ne akatua a εsoo paa ho bͻ ahyε wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa wͻ wͻn mu no

    Surah 49
    Al-Hujuraat

    [1] Mo a moagye adie, monhwε na moanni Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no anim kan, na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn te biribiara, Ɔne Onimdefoͻ

    [2] Mo a moagye adie, monhwε na moamma mo nne so amma no ammoro Nkͻmhyεni no nne so, na monhwε na moantea mu anfrε no sεdeε motea mu frε moho moho no, na amma mo nyuma anyε kwa aberε a monnnim

    [3] Nokorε sε, wͻn a wͻ’brε wͻn nne ase wͻ Nyankopͻn Somafoͻ no anim no, saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn asͻ wͻn akoma ahwε wͻ Nyame-suro mu. Wͻn wͻ bͻnefakyε ne akatua kεseε paa

    [4] (Nkͻmhyεni), nokorε sε wͻn a (wͻ’gyina) mfikyire (tea mu) frε woͻ no, wͻn mu bebree nni adwen

    [5] Sε anka wͻ’renya aboterε akͻpem sε wobepue aba wͻn hͻ a, anka εyε ma wͻn. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [6] Mo a moagye adie, sε onipa bͻnefoͻ bi de amaneε bi bεbͻ mo a, monhwehwε mu yie (ansa na moatu ho anamͻn), na moanfa agyimisεm so ankͻ ha amanfoͻ bi, ankͻnu mo ho wͻ deε moayε no ho

    [7] Na monhunu sε Nyankopͻn Somafoͻ wͻ mo mu. Sε ͻyε sotie ma mo wͻ nneεma pii ho a, anka εde mobεkͻ ͻhaw paa mu, nanso Nyankopͻn ama moanya gyidie ho dͻ, εna W’ama (gyidie nnyuma) no ayε mo fε wͻ moakoma mu. εna W’ayε boniayε ne akohwisεm ne asoͻden (nnyuma nso) akyiwadeε ama mo. Saa nkorͻfoͻ no ne ateneneefoͻ no

    [8] (Woi yε) adom ne akyεdeε a efiri Nyankopͻn hͻ. Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ

    [9] Sε agyidiefoͻ no mu akuo mmienu bi nya ntͻkwa a, monsiesie wͻn ntεm. Sε ͻbaako na ͻredi ͻbaako amim a, monko ntia deε ͻredi amim no nkͻpem sε (saa fekuo no) bεsan aba Nyankopͻn ahyεdeε no soͻ. Na sε ͻtwe san a, monfa nokorε nsiesie wͻn ntεm, na montoto biribiara pεpεεpε. Nokorε sε Nyankopͻn pε wͻn a wͻ’toto ntotoε pa no asεm

    [10] Agyediefoͻ no yε anuanom, enti monsisie monuanom ntεm, na monsuro Nyankopͻn sεdeε ebia yebehu mo mmͻbͻ

    [11] Mo a moagye adie, εnsεsε nnipa kuo bi bεsere nnipa kuo bi, ebia na (wͻn a wͻ’resere wͻn no) kyεn wͻn (wͻ Nyankopͻn anim); mmaa nso nhwε na w’ansere (wͻn yͻnko nom) mmaa, ebia na wͻ’kyεn wͻn; na monhwε na moanhwehwε mfomsoͻ amma moho-moho, na monhwε na moanfrε moho mmranee (bͻne); Ɛyε bͻne sε yεde akohwi din bi bεfrε obi wͻ akyire yi a (saa nipa no) anya gyidie, na obi a (ͻbεte saa asεm yi) na w’ansakra n’adwen no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no

    [12] Mo a moagye adie, montwe moho mfiri m’adwen yε mesε (onya a ͻbεyε) bebrebe no ho; nokorε sε, m’adwen yε me sε (onya a ͻbεyε) no mu bi yε bͻne. Na monhwε na moantetεtetε (moho) na monhwε na moanka mo-ho-moho akyiri asεm. Mo mu bi pεsε ͻwe nenua a wawuo nam? Mokyiri saa. Enti monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn na Ɔgye adwen sakra, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [13] Adasamma, nokorε sε Yε’bͻͻ mo fri ͻbarima (Adam) ne ͻbaa (Hawa) mu, εna Y’ayε mo nntͻn ne mmusua kuo sεdeε mobehunu mo ho, (na mmom εnnyε sε mobebu moho moho animtia). Nokorε sε mo mu onimuonyamfoͻ wͻ Nyankopͻn hͻ deε ͻne mo mu Nyamesuroni. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Amanebͻ Wura

    [14] Ɛserε so Arabfoͻ no ka sε: “Y’agye adi. (Nkͻmhyεni), ka kyerε wͻn sε: “Monya nnye nnii, na mmom monka sε: Y’aberε yεn ho ase (ayε Muslimifoͻ), efrisε gyedie nya nwuraa moakoma mu”. Na sε moyε sotie ma Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no a, Ɔmma hwee so nnte mfiri mo nyuma (pa akatua no) so. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [15] Agyidiefoͻ paa no ne wͻn a wͻ’agye Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no adie, na afei wͻn adwen nhinhim, na wͻ’de wͻn agyapadeε ne wͻn kraa bͻ mmͻden wͻ Nyankopͻn kwan no soͻ. Saa nkorͻfoͻ no ne nokwafoͻ no

    [16] Nkͻmhyεni, ka sε: “Enti morekyerε mosom de akyerε Nyankopͻn, aberε a Nyankopͻn Nim deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa)? Onyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ

    [17] (Wͻ’pε sε wͻ’kyerε) sε wͻ’ayε wo adom sε wͻn abεyε Muslim. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Monnfa mo Islam (a moayε) no nkyerε adom a moayε ama me. Daabi, Nyankopͻn na adom mo sε W’akyerε mo kwan aba gyidie no mu, sε moyε nokwafoͻ ampa a

    [18] Nokorε sε Nyankopͻn Nim ͻsoro ne asaase so ahuntasεm (nyinaa). Onyankopͻn deε N’ani tua dwuma a modie (nyinaa)

    Surah 50
    Qaaf

    [1] Qaaf. Mede Qur’aan, Animuonyam (Nwoma no) di nse

    [2] Daabi, εyε wͻn nwanwa sε kͻkͻbͻni fri wͻn ara wͻn mu aba wͻn hͻ. Enti deε boniayεfoͻ no ka nesε: “Woi deε anwanwasεm ni.”

    [3] Sε yewu na yεdane mfuturo a? (Onipa) bεsan aba (nkwa mu bio) no deε (εne nokorε ntεm) kwan ware paa

    [4] Ampa sε, Ye’nim wᴐn mu (nnipa dodoͻ) a asaase te wᴐn so (fri ateasefoͻ mu, anaasε wͻ’wu) fri wͻn mu, na Nwoma bi wͻ Yεn hͻ a εbͻ ho ban

    [5] Daabi, εberε a Nokorε (Qur’aan) no baa wͻn hͻ no, wͻ’annye anni, enti wͻn wͻ tebea bi a wͻ’nnim deε wͻn wͻ mu

    [6] Enti wͻ’nnhwε ͻsoro a εwͻ wͻn apampamu no, sεdeε Y’asi abͻ no, asiesie no a tokuro anaa apaepaeε biara nni mu

    [7] Ɛne sεdeε Y’asi atrε asaase mu, de mmepͻ asisi soͻ, na Yε’ma nnuaba ahodoͻ nyinaa bi fifiri wͻ soͻ

    [8] (Yε’yεε woi nom nyinaa) de bue (onipa) ani, san yεε no afutusεm dema akoa biara a ͻdane neho ma (Nyankopͻn)

    [9] Ɛna Y’esiane nsuo a nhyira wͻ mu fri soro dema mfuo ne nnuaba a yetwa fifi

    [10] Ne akyiresua atenten a egu nhyerεnee na εbͻ esa-sa ma ebi deda ebi soͻ

    [11] (Woi yε) akͻnhoma ma (Nyame) nkoa; εna Yε’de (nsuo no) nyane asaase a awuo. Saa ara na Owusͻreε no bεyε

    [12] Noa nkorͻfoͻ, ne Rassfoͻ, ne Samuudfoͻ no dii (Makafoͻ no) anim kan faa (Nyame asԑm) no atorᴐsԑm

    [13] Aadfoͻ ne Farao ne Lut nuanom nso saa ara

    [14] Ne wͻn a na wͻ’te nnua mu no,1 ne Tubbafoͻ. Wͻn mu biara buu asomafoͻ no atorᴐfoᴐ. Enti M’ahunahuna no yεε nokorε (baa wͻn so)

    [15] Enti (Yε’rebͻ) abͻdeε a edi kan no Yε’brε ho anaa? Nanso wͻn adwen nnsi pi wͻ abͻdeε foforͻ (anaasε Owusͻreε) no ho

    [16] Ampa sε Yεn na Yε’bͻͻ onipa, na Y’enim sεdeε n’adwen si daadaa no. Na Yε’bεn no kyεn ne nkomena (anaasε nekͻn ho ntini)

    [17] Ɛberε a (Soro abͻfoͻ) mmienu no a wͻ’gye nsεm (a onipa ka no) regye nsεm no, (ͻbaako) te nifa so εna (ͻbaako nso) te benkum soͻ

    [18] Asεm a εbefri n’ano aba biara no ͻwεnfoͻ wͻhͻ (a ͻretwerε asεm a ͻbεka biara)

    [19] Owuo ahometeε bεba wͻ nokorε mu. Na woi ne adeε a na woredwane no no

    [20] Na Yεbεbͻ Totorobεnto no mu; saa Da no na yabͻ (nnipa) kͻkͻ wͻ ho no

    [21] (Saa Da no) onipa biara bεba (atemmuo mu) a (Soro abͻfoͻ a) ͻreka nesoͻ ne (Soro abͻfoͻ a) ͻrebedi (neho) adanseε ka neho

    [22] (Yε’bεka akyerε abͻneεfoͻ no sε): “Ampa sε momaa mowerε frii (saa Da kεseε) woi. Afei deε Y’ayi w’akatasoͻ no (a na εmma wonhunu nokorε no), enti εnnε Da yi deε w’ani hunu adeε kann

    [23] Neyͻnko (Soro abͻfoͻ a ͻka neho dabiara no) bεka sε: “Ne dwumadie ho Nwoma wͻ mehͻ, yawie (biribiara)”

    [24] (Nyankopͻn bεka akyerε Soro abͻfoͻ no a ͻreka onipa no soͻ no ne nea ͻredi adanseε no sε): “Monto boniayεfoͻ, atuatefoͻ no nyinaa ngu Amane hunu gya no mu

    [25] (Wͻn a) wͻ’si papa ho kwan, abͻneεfoͻ, wͻn a wͻn adwen nnsipie no

    [26] (Onipa) no a w’ayε nyame aka Nyankopͻn ho no. Monto no ntwene asotwee denden no mu

    [27] Neyͻnko (bonsam) bεka sε: ”Ye’Wura Nyankopͻn, εnyε me na mehyεε no maa no tee atua, na mmom ͻno ara na ͻyera kͻͻ akyirikyiri

    [28] Nyankopͻn bεka sε: Monhwε na moanye akyinnye wͻ M’anim, Medii kan de kͻkͻbͻ brεε mo

    [29] Asεm a M’aka no ntumi nsesa, na Menso Menni (Me) nkoa nom amim

    [30] Ɛda no Yε’bεka akyerε Amanehu gya no sε: “Woayε mma?” Na (Amanehunu gya no) nso bεka sε) “Ebi wͻhͻ bio a yεbεsan de wͻn aka ho?”

    [31] Yεde Soro aheman no bεbεn Nyamesurofoͻ no, na enni akyiri koraa

    [32] (Yε’bεka akyerε agyidiefoͻ no sε): ”Woi na yεde hyεε mo bͻ no; εwͻ nipa biara a ͻsakraa n’adwen na ͻhwε (ahyεdeε no nyinaa) so yie

    [33] Obi a osuroo Ahummͻborͻ Hene no wͻ kokoa mu, na ͻde nnuhoo anaasε adwen sakra akoma san baeε no

    [34] Monfa asomdweε nwura (Aheman no) mu; εno ne daa nkwa Da no

    [35] Wͻ’nsa bεka deε wͻ’pε biara wͻhͻ, na (akyεdeε) pii nso wͻ Yεn hͻ a yεde bεka wͻn ho

    [36] Awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ sεn na Y’adi wͻn anim kan asεe wͻn? Na wͻn ho yεden kyεn wͻn, (εberε a asotwee no too wͻn no) wͻ’tutuu mmirika wͻ asaase no so (hwehwεε dwanekͻ bea). Enti dwane kͻbea bi wͻ baabi

    [37] Nokorε sε afutusεm wͻ woi mu dema obia ͻwͻ akoma anaa ͻyε aso tie (asεm no) na n’adwen wͻ soͻ (anaasε odi ho adanseε)

    [38] Ampa sε Yε’de nna nsia na εbͻͻ ͻsoro ne asaase, ne deε εwͻ mfimfii (no nyinaa), na ͻbrε biara annto Yεn

    [39] Enti (nkͻmhyεni), nya deε wͻ’rekeka no ho aboterε, na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin ansa na awia apue (ne εbrε a) ansa na (awia) bεkͻ akͻtͻ

    [40] Anadwo no mu bi nso bͻ no abodin, na wode w’anim abutu fͻm anaasε w’afrε Nyame awie no nso (tontom no)

    [41] Na tie, Ɛda no a Ɔfrεfoͻ no (Asraafeel) bεfrε afri bea bi a εbεn no

    [42] Ɛda no na wͻ’bεte nteamu denden no wͻ nokorε mu no. Saa Da no ne pue Da no (a nnipa nyinaa bepue afri wͻn adakamena mu no)

    [43] Nokorε sε, Yεn na Yε’ma nkwa εna Yekum, na Yε’hͻ ne (obiara) nnkyi

    [44] Ɛda a asaase no bεwaewae afri wͻn ho no, wͻ’de ntεmpε (na εbepue akͻ faako a yεrekͻbu wͻn atεn no). Saa (awufoͻ no) anoboa no yε adeε a εyε mmrε ma Yεn

    [45] Deε wͻ’rekeka no (nyinaa) Ye’nim; na wonyε obi a wohyε wͻn soͻ. Enti fa Qur’aan no tu obi a osuro Ma’hunahuna no fo

    Surah 51
    Adh-Dhaariyaat

    [1] Mede (mframa den a) etu mfutro hwete

    [2] Ne mununkum a εsoa nsuo a emu yε duro

    [3] Ne nsuom hyεn a εnam po so bͻkͻͻ

    [4] Ne (Soro abͻfoͻ) no a wͻ’kyekyε ahyεdeε no, di nse sε

    [5] Ampa, deε yahyε mo ho bͻ no yε nokorε paa

    [6] Nokorε nso sε Akatua (da) no besi

    [7] Mede ͻsoro a akwan ahodoͻ wͻ mu no di nse sε

    [8] “Nokorε sε, mowͻ nsεm sononko-sononko (na moka fa Nkͻmhyεni ne Qur’aan ho)

    [9] Obi a wayera na ͻdane neho (fri Nokorε no ho no) dane neho fri ho

    [10] Due nka wͻn a wͻ’bͻ wͻn trim twa, nkontompo no

    [11] Wͻn a wͻn wͻ anibianaso ne awerεfire mu no

    [12] Wͻ’bisa (dedi fεw) sε: “Ɛberε bεn ne Owusͻreε da no?’’

    [13] Ɛne Ɛda no a yεbεsͻ wͻn ahwε anaasε yεbεhyε wͻn aniεyaa wͻ Ogya no mu no

    [14] (Yε’bεka akyerε wͻn sε): “ Monka monsͻhwε no a na morepε no ntεm no nhwε“

    [15] Nokorε sε Nyame-surofoͻ no wͻ Soro aheman no ne nsuo aniwa mu

    [16] Wͻ’regye deε wͻn Wura Nyankopͻn dema wͻn no. Nokorε sε kane no na wͻ’yε ayεmyεfoͻ

    [17] Na (εberε) ketewaabi na na wͻ’de da wͻ anadwo

    [18] Na ahomakye no wͻ’de srε (Nyankopͻn hͻ) bͻnefakyε

    [19] Na adesrεfoͻ ne ahiafoͻ wͻ kyεfa wͻ wͻn agyapadeε mu

    [20] Nsεnkyerεnee (pii) wͻ asaase so dema wͻn a wͻ’agye die no

    [21] Ɛne mo nipa dua no mu nso; enti mo nnhunu anaa

    [22] Ɔsoro na moakͻnhoma ne deε yahyε mo ho bͻ no wͻ

    [23] Enti Mede ͻsoro ne asaase Wura no di nse sε, (deε yahyε mo ho bͻ no) yε nokorε sεdeε morekasa no ara pεpεεpε

    [24] Enti Abraham ahͻhoͻ nimuonyamfoͻ no ho asεm no abeduru wo hͻ

    [25] Ɛberε a wͻ’baa nehͻ no, wͻ’kaa sε: “‘Salaam’ Asomdwiε nka wo“.(Abraham nso) kaa sε: “Salaam: Asomdwiε nka mo”; moyε ahͻhoͻ a yenni mo

    [26] Enti ͻdanee neho kͻͻ nefiefoͻ hͻ de nantwie a wadͻre nam a yahoͻ (anaasε yatotoo) bae

    [27] Ɔde besii wͻn anim kaa sε: ”Adεn monnidi?”

    [28] Enti onyaa wͻn ho suro bi. (Abͻfoͻ no) kaa sε: “Ensuro! Wͻ’de abarimaa nimdefoͻ bi (Is’haaq) hyεε no bͻ “

    [29] Abraham yere (Saratu) de nteamu fri bae, na ͻbͻͻ (ͻno ara) aniso kaa sε: Aberewa bonini

    [30] Wͻ’kaa sε: “Saa ara na wo Wura Nyankopͻn aka. Nokorε sε Ɔne Onyansafoͻ no, Ɔne Onimdefoͻ no

    [31] Abraham kaa sε: “Asomafoͻ, na mo amaneε paa ne sεn?”

    [32] Wͻ’kaa sε: “Y’asoma yεn wͻ amanfoͻ nnebͻneεfoͻ bi hͻ

    [33] Sε yεnkͻto aboͻ a yεde nεteε a yatoo na ayε ngu wͻn so

    [34] (Aboͻ a yεde nεteε a yato na ayε a) yahyε no nso fri wo Wura Nyankopͻn hͻ dema abͻneεfoͻ no (a obiara din wͻ nedeε soͻ)“

    [35] Enti Yeyii obiara a na ͻyε gyedieni frii mu

    [36] Na Y’annya efie biara gyesε (efie) baako pε na na εyε Muslimifoͻ (fie)

    [37] Enti Ye’gyaa nsεnkyerεnee wͻ hͻ maa wͻn a wͻ’suro asotwee yaaya no

    [38] Mose hͻ nso, εberε a Yε’de nyinasoͻ pefee somaa no kͻͻ Farao hͻ

    [39] Nanso (Farao) de neho too netumi so kaa sε: “Nkoyaayini anaasε ͻbͻdamfoͻ”

    [40] Enti Yε’pari sͻͻ ͻne nedͻm no mu, na Yε’de wͻn guu ͻpo mu; na ͻyε obi a ͻfata soboͻ

    [41] Aadfoᴐ no hᴐ nso , εberε a Yε’somaa mframa nini no baa wͻn soͻ

    [42] Adeε biara nnihͻ a εtoo no na egyaee no, na mmom ebubuu mu yεε no muhumuhu tesε nsoo (anaa kasεε a ahunu)

    [43] Samuudfoͻ no hͻ nso; εberε a yεka kyerεε wͻn sε: “Modeε monye moani nkosi εberε bi “

    [44] Nanso wͻ’tee wͻn Wura Nyankopͻn ahyεdeε no so atua. Enti nteamu asotwee no sͻͻ wͻn mu aberε a na wͻn ani tua

    [45] Wͻ’antumi ansͻre anyina (wͻn nan so), na wͻ’antumi ammoa wͻn ho nso

    [46] Noa nkorͻfoͻ na wͻ’dii kan; na wͻ’yε nnipa nsεmͻnedifoͻ

    [47] Yε’de Yetumi na esii ͻsoro no, na nokorε sε, Yεn ara na Yε’bae (ͻsoro) ntrεmu no mu

    [48] Ɛna Yε’de asaase no nso asε hͻ; na sεdeε Y’asi atrε mu yie paa

    [49] Adeε biara no Ya’bͻ no mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε) sεdeε mobεkaeε

    [50] Enti monwane nkͻ mo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε meyε kͻkͻbͻni pefee fri Nehͻ mamo

    [51] Na monhwε na moanyε awurade foforͻ biara anka Nyankopͻn ho. Nokorε sε, meyε kͻkͻbͻni pefee fri Nehͻ mamo

    [52] Saa ara nso na Asomafoͻ a wͻ’baa amanfoͻ a wͻ’dii wͻn anim kan no hͻ no, wͻ’ka kyerεε wͻn sε wͻ’yε nkoyaayifoͻ anaasε wͻn abobͻ adam

    [53] (Tetefoͻ no) na wͻ’tuu wͻn fo saa anaa? Daabi, wͻn ara yε nnipa a wͻ’to mmara

    [54] Enti twe woho fri wͻn ho, na yεmmͻ wo soboͻ

    [55] Na tufo, efrisε afutuo no ho wͻ mfasoͻ ma agyidiefoͻ no

    [56] Ɛnyε hwee ho nti na Mebͻͻ Jinn ne nnipa, na mmom (Mebͻͻ wͻn) sε wͻ’nsom Me

    [57] Mennhwehwε akͻnhoma biara wͻ wͻn hͻ, na mennhwehwε nso sε wͻ’ma Me biribi nni

    [58] Nokorε sε, Nyankopͻn ne Ɔkyε adeε Hene; Otumfoͻ Ɔhoͻdenfoͻ paa ne no

    [59] Nokorε sε, wͻn a wͻ’di bͻne no wͻ bͻne so asotwee tesε wͻn a wͻ’dii kan wͻ wͻn anim no ara pεpεεpε; enti εmma wͻn mpre ho sε Memfa (asotwee no) mmra

    [60] Enti due nka wͻn a wͻ’po (nokorε) no wͻ wͻn Da a yahyε wͻn ho bͻ no mu

    Surah 52
    At-Tuur

    [1] Mede Bepͻ Tuur (a Mene Mose kasaa wͻ soͻ)

    [2] Ne Nwoma a yatwerε

    [3] Wͻ aboa nwoma a yatrε mu soͻ

    [4] Ne Efie no a ( Soro abͻfoͻ) twa ho hyia

    [5] Ne (ͻsoro) nkurusoͻ a yapagya

    [6] Ne ͻpo a nsuo ayiri ayε mma (anaasε ͻpo a egya bεtͻ mu wͻ Atemmuda) no di nse sε

    [7] “Nokorε, wo Wura Nyankopͻn asotwee no besi ampa

    [8] Na enni obia obetumi asi ano kwan

    [9] Ɛda a ͻsoro bεwoso nwosoeε paa no

    [10] Na mmepͻ betutu afri hͻ tutu paa no

    [11] Saa Da no due nka wͻn a wͻ’faa nokorε no atorᴐsԑm no

    [12] Wͻn a wͻ’de ahuhudeε na εgye wͻn ani no

    [13] Ɛda no a yεbepia wͻn wͻ ͻhyε so akͻ Amanehunu gya no mu no

    [14] (Yε’bεka akyerε wͻn sε): “Ogya no a na moka sε εyε nkontompo no nie

    [15] Woi yε nkonyaa anaa naadaasεm, anaasε monhunu?”

    [16] Monhye wͻ mu; sε mosi aboterε o, sε monsi aboterε o, εyε asεm korͻ mamo. Dwuma a modiiε no ara ho akatua na yεde tua moka

    [17] Nokorε sε Nyamesurofoͻ no benya Aheman ne anigyeε

    [18] Wͻ’bεgye wͻn ani wͻ deε wͻn Wura Nyankopͻn de ama wͻn no ho; (efrisε) wͻn Wura ayi wͻn afri Amane hunu gya asotwee no mu

    [19] “Monfa anigyeε nnidi na monom wͻ dwuma (pa) a modiiε no ho”

    [20] Wͻ’bεgyegye adamu wᴐ ahennwa a yahyehyε no santen so; na yεde ‘Huur’ (ͻsoro aheman mu mmaa no a) wͻn ani mma akεse-akεse fεfεεfε bεka wͻn ho

    [21] Wͻn a wͻ’agye adie na wͻn mma dii wͻn akyi wͻ gyidie mu no, Yε’de wͻn mma no bεka wͻn ho; na Yε’nte hwee mfri wͻn dwumadie akatua no so. Yε’de onipa biara kraa asi awowa ama dwuma a nensa diiε

    [22] Yε’bεma nnuaba ne εnam, emu deε εyε wͻn akͻnnͻ biara abu wͻn so

    [23] Nkuruwa (a nsa pa) a εmma ahuhusεm anaa εmfa bͻne mma befri woi hͻ akͻ woi hͻ

    [24] Mmeranteε asomfoͻ a wͻ’yε wͻn dea, wͻ’te sε nhwene pa a yε’de asie, betwa wͻn ho ahyia (asom wͻn)

    [25] Wͻ’bεdane wͻn ho de wͻn anim ahwε wͻn ho anim abisa

    [26] Wͻ’bεka sε: “Kane a na yε’wͻ y’abusuafoͻ mu no (nyinaa) na yesuro (Nyankopͻn abufuo ne N’asotwee no)

    [27] Enti Nyankopͻn adom yεn, εna W’ayi yεn afri (Amanehunu gya) mframa hyehyeε no mu

    [28] Nokorε sε, kanee no yesu frεε no. Nokorε sε Ͻyε Otumfoͻ a Ɔwͻ ayεmyε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    [29] Enti (Nkͻmhyεni), wodeε tu (amanfoͻ no) fo; na wo Wura Nyankopͻn adom ho nti no wonnyε pε-adeε-hununi anaa ͻbͻdamfoͻ

    [30] Anaasε wͻ’ka sε (Nkͻmhyεni) yε ͻdwomtoni, enti montwεn no wͻ mmusuo berε bi mu

    [31] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Montwεn, na menso meka mo ne wͻn a wͻ’retwεn no ho“

    [32] Anaasε wͻn adwen na εhyε wͻn saa, anaasε wͻ’yε nnipa a wͻ’te atua

    [33] Anaasε wͻ’ka sε, (Nkͻmhyεni) no ara na abͻ netrim (atwerε Qur’aan no)? Daabi, gye na wͻ’nnye nnie

    [34] Ɛneε wͻ’mfa asεm bi a εte saa mmra sε wͻ’yε nokwafoͻ ampa a

    [35] Anaasε εnyε biribi mu na yεbͻͻ wͻn fire? Anaasε wͻn ara ne Ɔbͻͻ adeε no

    [36] Anaasε wͻn na wͻ’bͻͻ soro ne asaase? Daabi, gye na wͻ’nnye nnie

    [37] Anaasε wo Wura Nyankopͻn akoradeε no wͻ wͻn hͻ? Anaasε wͻn wͻ so tumi

    [38] Anaasε wͻn wͻ atwedeε (a wͻ’de foro kͻ soro) kotie (Soro abͻfoͻ no, ne deε εrekͻso wͻhͻ)? Ɛneε wͻn atiefoͻ no mfa wͻn nyinasoͻ pefee mmra

    [39] Anaasε (Nyankopͻn) wͻ mma mmaa εna monso mowͻ mma mmarima

    [40] Anaasε (Nkͻmhyεni) wobisa wͻn akatua εna εka no mu ayε duduudu ama wͻn

    [41] Anaasε Asumade (anaasε) Ahuntasεm no wͻ wͻn hͻ na wͻ’twerε to hͻ

    [42] Anaasε wͻ’pε sε wͻ’bͻ pͻ (bͻne) bi (tia Nkͻmhyεni)? Ɛneε wͻn a wͻ’nnye nnie no ara na wͻ’bεtͻ fidie no mu

    [43] Anaasε wͻn wͻ awurade foforͻ bi ka Nyankopͻn ho? Kronkron Hene ne Nyankopͻn, Ɔkorͻn kyεn deε wͻ’de bata Neho no

    [44] Sε wͻ’rehunu ͻsoro no fa bi sε εrete ahweε a, anka wͻ’bεka sε: “Mununkum a ano aboa’’

    [45] Enti (Nkͻmhyεni), wodeε gyae wͻn kosi sε wͻ’behyia wͻn Da no a (ehu ne suro) bεma wͻn atwitwa ahwe ama adeε atͻ wͻn soͻ no

    [46] Ɛda no a wͻn pͻ a wͻ’bͻeε no ho mma mfasoͻ biara mma wͻn, na obiara mmoa wͻn no

    [47] Nokorε sε wͻn a wͻ’di bͻne no san wͻ asotwee foforͻ (wͻ wiase ha); nanso nnipa pii nnim

    [48] Enti (Nkͻmhyεni), wodeε si aboterε fama wo Wura Nyankopͻn atemmuo no, na nokorε sε wo wͻ Y’ani so (anaasε Yehu wo anaa Yε’bͻ woho ban); na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin wͻ εberε a wobεsͻre (afri nna mu)

    [49] Na fa anadwo no mu bi nso bͻ no abodin, na εberε a nsoromma bεkͻ akͻtͻ no nso (bͻ no abodin)

    Surah 53
    An-Najm

    [1] Mede εberε a nsoromma rekͻtͻ no di nse sε

    [2] Moyͻnko (Muhammad) nyerae, na ͻmmane (mfrii ͻkwan tenenee no so) nso

    [3] Na ͻmfa ͻno ara nepε nnkasa

    [4] Na mmom εyε Adiyisεm a yεreyi (ma no)

    [5] (Ɔbͻfoͻ) hoͻdenfoͻ paa (Gabriel) na ͻkyerεε no

    [6] Ɔyε obia ͻwͻ ahoͻden wͻ adwen mu, na afei osi pi wͻ gyinaberε mu

    [7] Ԑberε a (Gabriel) wͻ sorosoro paa no

    [8] Afei ͻbεnee, na opinkyεε (Nkͻmhyεni) paa

    [9] Na ͻwͻ bεyε sε tadua mmienu ntεm anaasε εbεn kyεn saa

    [10] Enti Nyankopͻn yii deε obeyie demaa N’akoa (Muhammad)

    [11] (Nkͻmhyεni) akoma nni atorͻ wͻ deε ohunuiε no ho

    [12] Anaasε moregye no akyinnye wͻ deε ohunuiε no ho

    [13] Ampa sε, (Nkͻmhyεni) hunuu (Gabriel) sε ͻresiane deε εtͻso mmienu –

    [14] Wͻ dua Sidratul-Muntahaa no ho –

    [15] Ɛho hͻ na Daa asetena Soro aheman no wͻ

    [16] Ɛberε a deε εkataa Sidratu dua no soͻ no kataa soͻ no

    [17] (Nkͻmhyεni) ani annane (ankͻ benkum anaa nifa), na annnkͻ nso antra so

    [18] Na ampa sε, ohunuu ne Wura Nyankopͻn nsεnkyerεnee akεseε no mu bi

    [19] Moahunu (Arabfoͻ no abosom) Laata ne Uzza –

    [20] Ne Manaat, baako no a ͻtͻso mmiεnsa no

    [21] Mmarima no wͻ mo εna mmaa no nso wͻ Ɔno (Nyankopͻn)

    [22] Ɛno yε adekyε a εmfa kwan soͻ

    [23] Woi nom nyinaa yε din a mone moagya nom na atotoͻ a Nyankopͻn Nsianee ho tumi anaa nyinasoͻ biara. Sεdeε wͻn adwen yε wͻn, ne wͻn kraa apεdeε na wͻ’di akyire; ampa nso sε (yεde) kwankyerε no fri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ abrε wͻn

    [24] Anaasε onipa nsa ka deε ͻpε

    [25] Nyankopͻn na Daakye (asetena) no ne seesei deε yi nyinaa wͻ no

    [26] Soro abͻfoͻ no pii na εwͻ soro a wͻn ntwitwagyeε nnsi hwee, gyesε akyire yi a Nyankopͻn ama obi a Ɔpε na Ɔgye no tumu no kwan

    [27] Nokorε sε wͻn a wͻ’nnye Daakye no nnie no na wͻ’de mmaa din to soro abͻfoͻ no

    [28] Wͻ’nni ho nimdeε. Deε wᴐn adwen kyerε wᴐn na wͻ’di akyire, na deԑ wᴐn adwen kyerε wᴐn no ntumi ne nokorε nyina wͻ hwe ho

    [29] Enti twe woho fri obi a ͻdane ne ho fri Y’afutusεm no ho no ho, na ͻno deε wiase asetena yi na ͻpε no

    [30] (Wͻn a wiase ho) na wͻn nimdeε kͻpem no. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn Nim nea w’ayera afri Nekwan no soͻ, εna Onim nea ͻnam kwan tenenee no nso soͻ

    [31] Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa wͻ Nyankopͻn; sεdeε Obetua dwuma a wͻn a wͻ’di bͻne no diiε no so ka, na Ɔde papa nso atua wͻn a wͻ’yε ayεmyε no nso ka

    [32] Wͻn a wͻ’twe wͻn ho fri bͻne akεseε ne akohwi bra ho, gyesε mfomsoͻ nketenkete no, nokorε sε Nyankopͻn bͻnefakyε no so paa. Onim mo wͻ εberε a Ɔbͻͻ mo fri asaase mu, ne εberε a na moyε mogya toa da mo maame nom awodeε mu. Enti εmma moara monnhoahoa moho sε moyε kronkron. Nyankopͻn na Onim obi a osuro Nyankopͻn

    [33] W’ahunu obi a ͻdane neho fri (Islam) ho no

    [34] Na ͻde ketewaabi maeε na ogyaee fama

    [35] Enti ͻwͻ kokoa mu nimdeε a enti ohunu (deε εbεba)

    [36] Anaasε yabͻ no deε na εwͻ Mose Nwoma no mu no ho amaneε

    [37] Ne Abraham a odii (ahyεdeε) soͻ no

    [38] Obia ͻso adesoa nnsoa obi foforͻ adesoa

    [39] Nokorε sε onipa nni (akatua) bi, na mmom gyesε mmͻden a ͻbͻeε ho (akatua na obenya)

    [40] Na εnkyε biara yεbehunu ne mmͻdemmͻ

    [41] Afei yεbetua no akatua a εyε pεpεεpε

    [42] Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn hͻ na awieε no wͻ

    [43] Nokorε sε Ɔno na Ɔma (onipa) sereε εna Ɔma (onipa) suu

    [44] Ɔno na Ɔma (obi) wuo εna Ɔma (obi) nkwa

    [45] Ɔno na Ɔbͻͻ adeε mmienu mmienu, ͻbarima ne ͻbaa

    [46] Fri ahobaeε mu wͻ εberε a εbεpue aba

    [47] Ɔno na Daakye Wusͻreε no (ho asεm) da Nesoͻ

    [48] Ɔno na Ɔma ahonya εna Ɔma ohia

    [49] Ɔne (nsoromma Shi’ira) Kyεkyε (a Arabfoͻ abosomsomfoͻ no som no no) Wura

    [50] Ɔno na Ɔsεee Aad, tetefoͻ no

    [51] Samuudfoͻ no nso W’amma wͻn mu biara anka

    [52] Ɛna Noa nkorͻfoͻ no a wͻ’dii (Aadfoͻ ne Samuudfoͻ no) anim kan no, na wͻ’yε nnebͻneεfoͻ, atuatefoͻ

    [53] Ne nkuro a abͻ no (Sodom ne Gomora), Ɔno ara na Ɔsεee no

    [54] Deε eyiri faa wͻn no yiri faa wͻn

    [55] Enti (ͻdasani), wo Wura Nyankopͻn adom no mu deε εwͻ hen na w’adwen nnsi wo pi wͻ ho

    [56] (Nkͻmhyεni) woi yε kͻkͻbͻni tesε tetefoͻ no kͻkͻbͻfoͻ no ara pεpεεpε

    [57] Ɛberε no bεn ara na (eguso) rebεn

    [58] Obiara nni hͻ a obetumi afri Nyankopͻn akyi asi ho kwan

    [59] Enti saa asεm woi na εyε mo nwanwa

    [60] Ɛna moresereε, εna monnsuu

    [61] Ɛna mode agorͻ resεe mo berε kwa, εna monnwene ho

    [62] Enti monfa moanim mutu fͻm ma Nyankopͻn na monsom (no)

    Surah 54
    Al-Qamar

    [1] Dͻnhwere no abεn, na bosome no mu apae

    [2] Na sε wͻ’hunu nsεnkyerεnee bi a wͻ’twe wͻn ho (fri ho), na wͻ’ka sε: ”Woi yε nkonyaa anaa naadaasεm a εbetwamu“

    [3] Wͻ’fa no atorɔsɛm, na wͻ’di wͻn apεdeε hunu akyi. Na asεm biara wͻ neberε

    [4] Ampa sε (Qur’aan) de amanebͻ a afutuo ne adesua (ahodoͻ pii) wͻ mu abrε wͻn

    [5] Adwen ne nimdeε a εkͻ aso mu (wͻ mu), nanso afutuo no ho amma wͻn mfasoͻ

    [6] Enti twe wo ho fri wͻn ho. Ɛda a Ɔfrεfoͻ (Israafiil) bεfrε (wͻn) akͻ asεm kεseε mu no

    [7] (Aniwuo bεma) w’abrε wͻn ani ase; wͻ’bepue afri adakamena no mu tesε mmεbε a wͻ’abͻ asanteε

    [8] Wͻ’de mmirika tεntε na εbεkͻ Ɔfrεfoͻ no hͻ. (Saa Da no) boniayεfoͻ no bεka sε: ”Saa Da yi yε Ɛda a emu yε den! “

    [9] Noa nkorͻfoͻ dii wͻn anim kan buu Y’akoa no ᴐtorofo. Wͻ’kaa sε: “Bͻdamfoͻ.“ Wͻ’kasa tiaa no, hunahunaa no, poo no

    [10] Enti osu frεε ne Wura Nyankopͻn sε: (Awurade) “Wͻ’abu afa me so, enti boa (me)“

    [11] Enti Ye’buee ͻsoro apono maa nsuo hwie guu pii

    [12] Yε’maa nsuwa-nsuwa nso puee wͻ asaase no so, na (ͻsoro ne asaase so) nsuo no hyia bͻͻ mu sεdeε yahyehyε ato hͻ no

    [13] Enti Yε’soaa no wͻ (nsuom hyεn a) yεde nnua ne nnadewa na ayε so

    [14] Na (nsuom hyεn no) nam (nsuo no so) a Y’ani hwε. (Saa nsuyire yi yε) akatua ma obia w’anye annie

    [15] Ampa sε, Y’agya de ayε nsεnkyerεnee. Enti obi wͻhͻ a ͻde betu nehofoͻ

    [16] Sεdeε M’asotwee ne Mekͻkͻbͻ (huu) siteε

    [17] Ampa sε Y’ama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻhͻ a ͻde betu neho foͻ

    [18] Aad (Nkorͻfoͻ no) faa no atorᴐsԑm. Na sεdeε M’asotwee ne Mekͻkͻbͻ (huu) siteε

    [19] Nokorε sε, Y’εsomaa mframa denden bi a εbͻ toatoaso baa wͻn so wͻ da bͻne bi mu

    [20] Ɛtetee nnipa maa wͻ’yεε sε akyiresua dua bi a yatu aseε da hͻ

    [21] Sεdeε M’asotwee ne Mekͻkͻbͻ (huu) siteε

    [22] Ampa sε Y’ama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻhͻ a ͻde betu neho foͻ

    [23] Samuudfoͻ no faa kͻkͻbͻ no atorᴐsԑm

    [24] Deε wͻ’kaeε ne sε: “Onipa baako pε a ͻwͻ yεn mu na yeni n’akyi? Nokorε sε, εneε na yε’wͻ ͻyera ne abͻdamsεm paa mu

    [25] Enti yεn (dodoͻ yi) mu no, ͻno nko ara na εsεsε yεde Afutusεm no ma no? Daabi, ͻyε nkontomponi, asoͻden (nipa)”

    [26] Ɔkyena wͻ’behunu nea ͻyε nkontomponi, asoͻden (nipa) no

    [27] Nokorε sε Yε’resoma yoma bedeε de ayε wͻn nsͻhwε. Enti wodeε hwε wͻn na si aboterε

    [28] Na ka kyerε wͻn sε, yakyε nsuo no mu ama (wͻn ne yoma no), obiara bεkͻ nsuo no mu wͻ ne berε (a yahyε ama no) mu

    [29] Nanso wͻ’frεε wͻn yͻnko no na ͻfaa (sekan) de wͻͻ (yoma) no kum no

    [30] Sεdeε M’asotwee ne Mekͻkͻbͻ (huu) siteε

    [31] Nokorε sε, Yε’somaa nteamu baako pε na εbaa wͻn soͻ, na wͻ’bεyεε gͻsͻͻ tesε mmabaa a awoͻ na abubu asin-asin a εwͻ mmoa adidieε

    [32] Ampa sε Y’ama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻhͻ a ͻde betu neho foͻ

    [33] Lut nkorͻfoͻ no anye kͻkͻbͻ no anni

    [34] Nokorε sε Yε’somaa aboͻ nsuo tͻ guu wͻn so, gyesε Lut abusuafoͻ nko ara (na asotwee no bi anka wͻn), Yε’gyee wͻn wͻ anadwo a etwa toᴐ no mu

    [35] (Ɛyε) adom a efri Yεn hͻ. Saa ara na Ye’tua wͻn a wͻ’yi (Nyankopͻn) ayε no ka

    [36] Ampa sε (Lut) bͻͻ wͻn kͻkͻ wͻ Y’asotwee no ho, nanso wͻn adwen ansi wͻn pi wͻ kͻkͻ bͻ no ho

    [37] Ampa sε wͻ’pεε sε wͻ’hwim n’ahͻhoͻ fri nensam. Na Yefiraa wͻn ani (kaa sε): “Ɛneε monka M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ no nhwε “

    [38] Ampa sε, daa asotwee no sͻͻ wͻn mu ahomakye paa

    [39] Enti monka M’asotwee ne Mekͻkͻbͻ no nhwε

    [40] Ampa sε Y’ayε Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde betu neho foͻ

    [41] Ampa sε kͻkͻbͻ no baa Farao nkorͻfoͻ no hͻ

    [42] Wͻ’faa Yε’nsεnkyerεnee no nyinaa atorᴐsԑm. Enti Yε’de Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε no Tumi no pari sͻͻ wͻn mu dendeenden

    [43] Enti mo (mu) boniayεfoͻ no kyεn woi nom (a y’aseε wͻn no)? Anaasε modeε moanya (bͻhyε) wͻ Twerεsεm no mu sε y’ayi mu afri (asotwee no) mu

    [44] Anaasε deε wͻ’ka nesε: ”Yε’deε yε’yε dͻm (kεseε) enti yεbedi nkonim

    [45] Yε’bεka wͻn dͻm no agu ama wͻ’adane wͻn akyi adwane

    [46] Aane, Dͻnhwere no ne εberε a yεde ahyε wͻn bͻ; na Dͻnhwere no ano yε den na (εyε berε nso) a emu (nsɛm) yε nyono

    [47] Nokorε sε, abͻneεfoͻ no wͻ ͻyera ne abͻdamsεm paa mu

    [48] Ɛda a yεbεtwe wͻn ase wͻ fͻm wͻ wͻn anim so akͻ egya no mu no, (yεbεka akyerε wͻn sε): ”Monka Ogya no atenka no nhwε “

    [49] Nokorε sε Yε’de nhyehyεeε na abͻ biribiara

    [50] Na Y’ahyεdeε no deε εyε baako pε, εtesε wa’bͻ w’ani prε

    [51] Ampa sε Y’asεe (amanfoͻ bi) a na wͻ’te sε mo. Enti obi wͻhͻ a ͻde betu neho foͻ

    [52] Dwuma a wͻ’die biara no nso y’atwerε no wͻ Nwoma no mu

    [53] Biribiara, ketewa ne kεseε nyinaa yatwerε

    [54] Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ Aheman mu ne nsubͻnten ho

    [55] Wͻ Nokorε Ahennwa no ho wͻ Ɔhene Tumfoͻ no a, Otumi adeε nyinaa yε no hͻ

    Surah 55
    Ar-Rahmaan

    [1] Ahummͻborͻ Hene (Nyankopͻn)

    [2] Ɔno na W’akyerε (Nkͻmhyεni) Qur’aan no

    [3] Ɔno na Ɔbͻͻ onipa

    [4] Kyerεε no kasa nkyerεkyerεmu

    [5] Awia ne bosome nnam wͻ nhyehyεε so

    [6] Wira mu nhoma (anaasε nsoromma) ne nnua nso (nyinaa) berε wͻn ho ase (ma Nyankopͻn)

    [7] Ɛna W’apagya ͻsoro, εna Ɔde nsania ato ho

    [8] Sεdeε monyε mfomsoͻ wͻ ade susuo ho

    [9] Na moma nsania no nyina pεpεεpε, na monnte adeε a mobesusuo no so

    [10] Ɛna Ɔde asaase no ato hͻ ama abͻdeε (a wͻ’tumi tena asaase soͻ)

    [11] Emu na nnuaba, ne akyiresua a εbͻ esa-esa wͻ

    [12] Ne nnuaba (ahodoͻ tesε aburoo, ayuo, atokoͻ ne deε εkeka ho) a εwͻ nhahamma a nyεmmoa weε, εne nnuaba a etu hwa pa

    [13] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [14] Ɔno na Ɔde nԑteε a awoͻ bͻͻ onipa tesε ayowa anaa kukuo a yanwene atotoo

    [15] Ɛna Ɔbͻͻ Jinnfoͻ no nso fri ogya frama (anaa) ogya kεterεma mu

    [16] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [17] Apueε mmienu no Wura, ne Atͻeε mmienu no Wura

    [18] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [19] Ɔno na W’ama ͻpo mmienu no (nsupa ne nkyene nsuo) behyia mu

    [20] Ɛhyeε da ne mmienu ntεm a emu biara ntumi mmu mfa baako soͻ

    [21] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [22] Y’eyi nhwenepa ne aboͻ a εhyerεn wͻ (ͻpo no) mmienu mu

    [23] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [24] Ɔno na nsuom hyεn a εnenam po so tesε mmepͻ atenten no yε Nedea

    [25] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [26] Adeε a εwͻ (asaase) soͻ biara befri hͻ

    [27] Na εbεka wo Wura Nyankopͻn Kεseε Onimuonyamfoͻ no animuonyam nko ara

    [28] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [29] Wͻn a wͻ’wͻ soro ne wͻn a wͻ’wͻ asaase so nyinaa bisa no. Da biara N’animuonyam da adi

    [30] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [31] Mo akuo mmienu no (Jinn ne nnipa) Yε’bεtoto (montotoeε anaasε yεbebu mo atεn no) ama mo

    [32] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [33] Jinn ne nnipa fekuo, sε mobetumi akͻ soro ne asaase ntweaso babiara a motumi kͻ. Nanso montumi nkͻ gyesε monya tumi anaa nyinasoͻ bi (fri Nyankopͻn hͻ ansa)

    [34] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [35] Ɔbεsoma ogya tanaa ne yaawa (a yananee) aba moso, na montumi mmͻ mo ho ban

    [36] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [37] Sε ͻsoro mu dwidwa a afei εbεyε kͻͻ tesε aboa nwoma (a yahyε no) kͻͻ

    [38] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [39] Saa Da no yemmisa onipa anaa Jinn biara bͻne ho asεm

    [40] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [41] Y’εde abͻneεfoͻ no nsohyεdeε na εbehu wͻn, enti yε’bεsͻ wͻn mu wͻ wͻn apampamu nwii ne wͻn nnan mu (na atwe wͻn aseε)

    [42] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [43] Woi ne Amanehunu gya no a abͻneεfoͻ no faa no atorͻsεm no

    [44] Wͻ’betwa ahyia wͻ (Ogya) a ayε hyehyeehye ne nsuo a ayε hye atrasoͻ no ntεm

    [45] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [46] Obi a osuro sε obegyina ne Wura Nyankopͻn anim no ͻwͻ Turo mmienu

    [47] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [48] Nnua mman a atrεtrε sononko-sononko ayε mu mma

    [49] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [50] Asutire mmienu bi wͻ mu a εtenee

    [51] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [52] Na nnuaba biara a egu mmienu mmienu wͻ ne mmienu nyinaa mu

    [53] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [54] W’agyegye adamu wͻ mpa anaa ahennwa a emu kuntu no yε kyeme ntoma a yadi mu adwini a ԑyԑ fԑ so. Aheman no mmienu no mu nnuaba no bεn (wͻn)

    [55] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [56] Mmaa a wͻ’hwε wͻn ani so yie (anaasε wͻ’fεre adeε) a onipa (biara) anaasε Jinn mfaa wͻn ho nkaa wͻn da wͻ ne mmienu mu

    [57] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [58] Wͻn (ho fε) tesε dwetε ne sika aboͻ a εhyerεn

    [59] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [60] Enti εnyε papa akatua ne papa

    [61] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [62] (Turo) mmienu no akyiri nso, Turo mmienu (foforͻ) bi nso wͻ hͻ

    [63] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [64] (Turo mmienu no mu) nhahan yԑ mono, εyε bunu paa

    [65] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [66] Nsuo aniwa mmienu bi wͻ ne mmienu mu a epue ba aberε biara

    [67] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [68] Nnuaba ne akyiresua ne ‘Rumaan’ (nyinaa) bi wͻ ne mmienu mu

    [69] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [70] Mmaa papa ahoͻfεfoͻ wͻ mu

    [71] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [72] Mmaa ahotewfoͻ a wͻn ani akεseε fεfεεfε hyehyε ntoma dan mu

    [73] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [74] Onipa biara anaasε Jinn nnii kan mfaa ne ho nkaa wͻn da

    [75] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [76] W’agyegye adamu wᴐ atε anaa mpikyi anaa sumuε a εyε ahahamono ne ‘Kapεt’ fεfεεfε so

    [77] Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ

    [78] Nhyira ne wo Wura Nyankopͻn din, Ɔno na Kεseyε ne Animuonyam yε Nedea

    Surah 56
    Al-Waaqi’a

    [1] Sε Asεm (kεseε a εrebesie) no nya si a

    [2] Nkontompo biara nni si a ebesie no ho

    [3] (Saa Da no), yεbεbrε (nnipa no) bi ase, ama (ebinom nso) so

    [4] Sε asaase woso nwosoeε (denden) no

    [5] Na yebubu mmepͻ gͻsͻgͻsͻ –

    [6] Na εyε sε mfuturo a εretu hwete a

    [7] (Saa Da no) mobεyε akuo ahodoͻ mmiεnsa

    [8] Wͻn a wͻ’yε Nifa so foͻ no; hwan nom ne wͻn a wͻ’yε Nifa so foͻ no

    [9] Ɛne wͻn a wͻ’yε Benkum so foͻ no; hwan nom ne wͻn a wͻ’yε benkum so foͻ no

    [10] Ɛne (gyidie ho nyuma mu) adikanfoͻ no; wͻn ne (daakye no mu) adikanfoͻ

    [11] Woinom na wͻ’bεbεn (Nyankopͻn)

    [12] Wͻ Anigyeε Aheman no mu

    [13] Dodoͻ no befri tetefoͻ no mu

    [14] Ԑna kakraabi nso befri nkyirimma no mu

    [15] Wͻ’bεtena ahennwa a yεde sika kͻkͻͻ ne dwetε na anwene so

    [16] Wͻ’bεgyegye ada mu ahwε wͻn ho wͻn ho anim

    [17] Mmeranteε a wͻ’te nkwa mu daa na wͻ’nnwu da bedi wͻn hͻ akͻneaba (asom wͻn)

    [18] Wͻ’de nkoraa ne sanya nkuruwaa ne gyansee a nsa korͻgyee wͻ mu

    [19] Wͻn ti mmpae wͻn, na wͻ’mmoro nso

    [20] Ne nnuaba biara a wͻn ara bεhwε mu ayi deε wͻ’pε

    [21] Ne nnomaa nnam biara a wͻn kͻn dͻ

    [22] Ne (mmaa) akronkron ahoͻfεfoͻ a wͻn ani akεse-akεse

    [23] (Wͻn ho fε) tesε nhwene pa bi a yahyε da de asie abͻ ho ban

    [24] (Woi) yε akatua ma dwuma (pa) a wͻ’diiε no

    [25] Wͻ’nnte nsεm hunu anaa kasa bͻne biara wͻ hͻ

    [26] Gyesε ‘Salaaman Salaaman’ Asomdweε! Asomdweε

    [27] Ɛna Nifasofoͻ no; hwan nom ne Nifaso foͻ no

    [28] (Wͻn wͻ) nnua bi a εho yε trͻmtrͻm a nkasεε nni ho bi mu

    [29] Ne nkwadu a abͻ esa-esa

    [30] Ne enyunu a εbae trε mu

    [31] Ne nsuo a εtene ba (abrε biara)

    [32] Ne nnuaba a abu soͻ

    [33] (Nnuaba no berε) to nntwa, na yennsi wͻn ho kwan nso

    [34] (Wͻn) wͻ aban soroͻ a εwͻ soro so

    [35] Nokorε sε Ya’bͻ wͻn (mmeͻε foforͻ) paa

    [36] Ɛna Y’ama wͻn ayε mmabunu

    [37] Ɔdͻ ne ahomeka (wͻ wͻn mu); na wͻn (nyinaa) bͻ atipεn

    [38] (Woi) wͻ Nifaso foͻ no

    [39] Dodoͻ no befri tetefoͻ no mu

    [40] Na dodoͻ no nso afri nkyirimma yi mu

    [41] Ɛna Benkum so foͻ no; hwan nom ne Benkum so foͻ no

    [42] (Wͻn) wͻ mframa hyew ne nsuo hyeε mu

    [43] Ne wisie tumm nyunu mu

    [44] (Saa wisie no) nyε nyunu na (wͻ’nnya emu) anigyeε anaa papa biara

    [45] Nokorε sε, kane no na wͻ’gye wͻn ani

    [46] Na wͻ’tͻ kͻ bͻne akεseε so

    [47] Na wͻ’ka sε: “Sε yewu na yε’yε mfuturo ne nnompe a, nokorε sε yεbεsan anyane yεn

    [48] Anaasε yεn agyanom tetefoͻ no (nso)

    [49] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Tetefoͻ no ne nkyirimma no (nyinaa)

    [50] Nokorε sε yε’bεboa wͻn ano akͻ εberε a yahyε no wͻ saa Da no mu no“

    [51] Afei mo ayerafoͻ no a mofaa (nokorε no) nkontompo no

    [52] Mobedidi afri dua Zaqqum so

    [53] Na mode ahyε (mo) afru ma

    [54] Na moanom nsuo hyeε agu so

    [55] Na (mo) bεnom no sεdeε yoma a sukͻm deno renom nsuo

    [56] Woi na εbεyε wͻn brεsuo a yεde bεma wͻn akwaaba wͻ (daakye) akatua Da no

    [57] Yεn na Yε’bͻͻ mo na afei adεn nti na monye nnie

    [58] Moahunu (ahobaeε) a mohwie gu (ͻbaa awodeε mu) no

    [59] Mo na mobͻ (akͻdaa no) anaasε Yε’ne Ɔbͻͻ Adeε no

    [60] Yεn na Y’ahyehyε owuo de ato mo soͻ; na entumi mmu mfa Yεn so

    [61] Sε Yε’bεsesa mo tebea yi abͻ mo akͻ (tebea foforͻ) a mo nnnim mu

    [62] Ampa sε, monim mmͻeε a edi kan no; afei adεn na monfa nkͻ adwen-dwene mu

    [63] Moahunu (nneεma) a modua no

    [64] Mona moma no fifiri na enyin, anaasε Yεn na Yε’ma no fifiri na enyin

    [65] Sε Yε’pε a anka Yε’bεma no ayam (anaasε Yε’bεma no asεe) ama mo atwa adwo

    [66] (Ama moasu sε): “Nokorε yabͻ ka.”

    [67] Aane, yahwere (y’agyapadeε)

    [68] Moahunu nsuo a monom no

    [69] Mo na mosiane fri mununkum no mu ba, anaasε Yεn na Yesiane ba

    [70] Sε Yε’pε a anka Yε’bεma no ayε nkyene-nkyene. Adεn na afei monna (Nyankopͻn) aseε

    [71] Moahunu egya a mosͻ no

    [72] Mona mobͻ ne nnua no anaasε Yεn na Yε’bͻeε

    [73] Y’ayε egya no nkaeε (a mode bεkae Amanehunu gya no), εsan nso wͻ mfasoͻ dema onipa biara a ohia gya, ne εserε so akwantufoͻ no

    [74] Enti bͻ wo Wura Nyankopͻn Kεseε no abodin

    [75] Mede faako a nsoromma kͻtͻ di nse

    [76] Nokorε sε, εyε nsedie a εso paa sε anka monim a

    [77] Nokorε sε, εyε Qur’aan animuonyam (Nwoma) noa

    [78] Ɛwͻ Nwoma a yε’bͻ ho ban no mu

    [79] Abᴐfoᴐ ahotewfoᴐ no na wᴐ’sᴐ mu

    [80] (Qur’aan) yε Adiyisεm a efri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ

    [81] Enti saa Asεm yi na mobu no animtia

    [82] Ɛna moayε po a mopo (Qur’aan no sε εnam so) na monya mo akͻnhoma

    [83] Afei adεn na sε (obi a ͻrewuo nkwa no) duru ne mene mu a (monsi nkwa no kwan)

    [84] Na saa berε no na morehwε

    [85] (Saa berε no) Yε’bεn no kyεn mo, nanso monnhunu

    [86] Sε anka monhyε tumi bi ase a mobebu akonta a

    [87] Adεn na momma (nkwa) no nsan n’akyi (nkͻ onipa no mu bio) sε moyε nokwafoͻ ampa a

    [88] Enti sε (saa nipa no) ka wͻn a wͻ’bεn (Nyankopͻn) no ho a

    [89] (Obenya) ahomegyeε, ne akͻnhoma ne Anigyeε Aheman no

    [90] Na sε ͻka Nifaso foͻ no nso ho a

    [91] Ɛneε asomdweε nka wo, Nifaso foͻ no

    [92] Na mmom sε ͻka wͻn a wͻ’po nokorԑ, ayerafoͻ no ho nso a

    [93] Ɛneε nsuo-hyeε na yεde bεma no brεsuo

    [94] Na yakͻhye no wͻ Amanehunu gya no mu

    [95] Nokorε sε, ampa woi ne Nokorε pefee no

    [96] Enti bͻ wo Wura Nyankopͻn Kεseε no abodin tontom no

    Surah 57
    Al-Hadiid

    [1] Adeε a εwͻ soro ne asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin tontom no. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no

    [2] Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahennie yε Nedea. Ɔno na Ɔma nkwa εna Ɔma (obi) wuo, na Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumi

    [3] Ɔne Odikanfoͻ no, ne Okyidifoͻ no, Ɔno na Ɔda adi pefee, εna Osuma, na Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ

    [4] Ɔno na Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase, εna Ɔde Neho sii Tumi Ahenwa no soͻ. Onim deε εkͻ asaase mu, ne deε efri mu nso pue, ne deε esiane fri soro (ba asaase soͻ) ne deε (efri asaase so) fro kͻ hͻ. Faako a mowͻ biara no Ɔka mo ho. Nyankopͻn deε Ohu dwuma a modie nyinaa

    [5] Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahennie yε Nedea. Nyankopͻn hͻ na nsԑm nyinaa kowie

    [6] Ɔma adesaeε wura adekyeε mu, εna Ɔma adekyeε nso wura adesaeε mu. Ɔno na Onim deε εwͻ akoma mu

    [7] Monye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no ni, na monyi deε W’ama mo abedi ho adeε no mu bi ma. Enti wͻn a wͻ’agye adie wͻ mo mu na wͻ’yi (wͻn agyapadeε mu bi) dema no, wͻn wͻ akatua kεseε paa

    [8] Deεn na εha mo a enti monnye Nyankopͻn nnie? Abrε a Ɔsomafoͻ no refrε mo sε monye mo Wura Nyankopͻn ni, aberε a moasuae akyerε no; sε moyε agyidiefoͻ ampa a

    [9] Ɔno na Osiane nsεnkyerεnee pefee ma N’akoa sεdeε obeyi mo afri esum no mu akͻ εhyεn no mu. Nokorε sε, Nyankopͻn yε ayεmyε hene mamo, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ

    [10] Deεn na εha mo a enti monnyi (moagyapadeε) wͻ Nyankopͻn kwan soͻ? Aberε nso a Nyankopͻn na ͻsoro ne asaase so akoradeε wͻ no? Momu wͻn a wͻ’yii (wͻn agyapadeε) na wͻ’koeε ansa na nkonimdie no (reba no, ne wͻn a aka no) nnsε. Woi nom na wͻn wͻ gyinaberε a εsoo paa mu kyεn wͻn a (nkonimdie no) akyi na wͻ’yii wͻn (agyapadeε) na wͻ’koeε no. Na mmom Nyankopͻn (de ade) papa ahyε wͻn nyinaa bͻ. Nyankopͻn ne dwuma a modie nyinaa ho Amanebͻfoͻ

    [11] Hwan na ͻbεbͻ Nyankopͻn bosea pa ama Ͻde abͻ ho ama no? Ɔno na Ɔwͻ akatua a animuonyam wͻ mu paa

    [12] Ɛda no na wobehunu agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no sε wͻ’nhyerεnee ahyerεn di wͻn anim ne wͻn nifa so. (Yε’bεka akyerε wͻn sε): “Mowͻ anigyesεm nnε! Aheman a nsubͻnten nenam aseε no, emu na (mo) bεtena. Ԑno ne nkonimdie kεseε no

    [13] Ɛda no na nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa no bεka akyerε wͻn a wͻ’agye adie no sε: “Montwεn yεn na yεnfa monhyerεnee no (nante bi)”. Yε’bεka akyerε wͻn sε: “Monsan nkͻ moakyi (wͻ wiase) nkͻpε nhyerεnee”. Na fasuo bi a εpono wͻ mu bεba abetware wͻn’tεm. Na emu no ahummͻborͻ na εwͻ hͻ, na akyire no nso yε asotwee

    [14] (Nkͻnkͻnsafoͻ no) bεfrε (agyidiefoͻ no) sε: “Na yεnnka mo ho (wͻ wiase)?“ (Agyidiefoͻ no) bεka sε: “Aane, nanso modaadaa moho, εna motwεnee (sε ebia agyidiefoͻ no bedi nkoguo), na moadwen ansi mo pi, na apεdeε hunu daadaa mo kͻpem sε Nyankopͻn ahyεdeε no baeε, na (ͻbonsam) daadaafoͻ no daadaa mo wͻ Nyankopͻn ho “

    [15] Enti εnnε da yi, yε’nnye mpata biara mfri mo hͻ, anaasε wͻn a wͻ’annye annie no hͻ. Mofie ne egya no mu, εno ne mokyitaafoͻ, na εhͻ yε nnkyi bͻne paa

    [16] Enti εberε no nnso maa agyidiefoͻ no sε wͻ’bεbrε wͻn akoma ase ama Nyankopͻn nkaekaeε ne deε yasiane a εyε nokorε no, na wͻn ankͻyε sε wͻn a yedii kan maa wͻn Nyamesom Nwoma no? Ɛberε yεε tenten maa wͻn, enti wͻn akoma yεε den. Na na wͻn mu dodoͻ no ara yε nsԑmɔnefoͻ

    [17] Monhunu sε, Nyankopͻn nyane asaase wͻ newuo akyi. Ampa sε Y’akyerεkyerε nsεm no mu pefee sεdeε mobεte aseε

    [18] Nokorε sε mmarima a wͻ’yε adͻeε ne mmaa a wͻ’yε adͻeε na wͻ’bͻ Nyankopͻn bosea pa no, yεde bεbͻ ho ama wͻn, na wͻn wͻ animuonyam akatua (da hͻ Daakye)

    [19] Wͻn a wͻ’agye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no adie no, wͻn ne nokwafoͻ no, ne mogya ho adansefoͻ no wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. Wͻ’benya wͻn akatua ne wͻn nhyerεnee. Wͻn a wͻ’nnye nnie na wͻ’fa Yεn Nsεm no atorͻsεm no nso, saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no

    [20] Monhunu sε, wiase asetena yi yε agodie ne ahurusie ne afεεfεdeε ne ahotuo a εda montεm, ne agyapadeε ne mma ho apere-apereε. Ne mfatoho tesε mfudeε a nsutͻ akyi no akuafoͻ anigye nennuaba no ho, afei wobehunu sε ahoa afei na adwan. Daakye no asotwee a ano yε den paa wͻ hͻ, ne bͻnefakyε a efri Nyankopͻn hͻ ne nyetumu. Wiase asetena deε εyε anigyesεm a εyε nnaadaa

    [21] Monsi akan nkͻ mo Wura Nyankopͻn bͻnefakyε no mu, nhwehwԑ Aheman a ne tεtrεtε bεyε sε ͻsoro ne asaase tεtrεtε a yasiesie ama wͻn a wͻ’agye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no die no. Woi yε Nyankopͻn adom, Ɔde ma obi a Ɔpε. Na Nyankopͻn ne Adom Kεseε no Wura no

    [22] Mmusuo biara a εbesi wͻ asaase soͻ, anaasε εbεto mo nnipa dua no, na εwͻ Nwoma mu ansa na Y’ama no asi. Nokorε sε εno deε εyε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn

    [23] Sεdeε mowerε nnho (pii) wͻ deε moahwereε no ho, na monfa deε yεde ama mo no nso nntu mo ho. Nyankopͻn deε Ɔmpε obi a ͻyε ahomasoͻ na otu neho no asεm

    [24] (Saa ara nso na Ɔmpε) wͻn a wͻ’yε pεpεε na wͻ’hyε amanfoͻ ma wͻ’yε pεpεε no (asεm). Na obi a ͻbεdane n’akyi ama (nokorε no), nokorε sε Nyankopͻn ne Ɔdefo, Ɔne Ayeyie Wura no

    [25] Ampa sε Yε’de nkyerεkyerεmu ne nyinasoͻ pefee somaa Y’asomafoͻ no, de Nwoma no ne nsania kaa wͻn ho sεdeε adasamma begyina so ayε biribiara pεpεεpε, εna Y’asiane dadeε a ano yε den papaapa na mfasoͻ pii nso wͻ so ama nnipa, sεdeε Nyankopͻn de behunu obia ͻboa no ne N’asomafoͻ no wͻ kokoa mu. Nokorε sε Onyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε

    [26] Ampa sε Yε’somaa Noa ne Abraham, na Yε’maa wͻn asefoͻ no nkͻmhyε (adwuma) ne Nwoma. Wͻn mu bi faa kwantenenee no, na wͻn mu dodoͻ no ara na wͻ’buu akohwi bra

    [27] Afei Yε’maa Y’asomafoͻ no bεfaa wͻn anamͻn so, na Yε’maa Mar’yam ba Yesu bedii so, na Yε’maa no Injeel, na Yε’maa wͻn a wͻ’dii n’akyi no ayεmyε ne ahummͻborͻ akoma. Na ‘Rah’baaniyya’ no deε, εyε sakratom a wͻn ara na wͻ’yͻeε, εnyε Yεn na Yε’hyehyε maa wͻn , (na mmom wͻ’yεε no) sε wͻ’de hwehwε Nyankopͻn nyetumu; nanso w’annhwε so yie sεdeε anka εsεsε wͻ’hwε soͻ no. Enti Yε’de wͻn a wͻ’gye dii wͻ wͻn mu no akatua maa wͻn, na mmom na wͻn mu dodoͻ no ara yε abͻnefoͻ

    [28] Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn, na monye Nesomafoͻ no nni, na Ɔbεma mo N’ahummͻborͻ no mu kyεfa mmienu, na W’ama mo nhyerεnee a mode bεnanteε, na Ɔde mo bͻne akyε mo. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [29] Sεdeε wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no behunu sε wͻ’nni tumi biara wͻ Nyankopͻn adom no so; na adom no deε Nyankopͻn nsam na εwͻ, na Ɔde ma obi a Ɔpε. Onyankopͻn ne Adom Kεseε no Wura no

    Surah 58
    Al-Mujaadila

    [1] (Nkͻmhyεni), ampa sε Nyankopͻn ate (ͻbaa) no a ͻne wo rekasa fa nekunu ho na ͻde n’asεm ato Nyankopͻn anim no asεm no, na Nyankopͻn te mo mmienu nkͻmmͻ no. Nokorε sε Onyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, na Ɔno ara nso na Ohu biribiara

    [2] Wͻn a wͻ’gyae wͻn yerenom wͻ momu sε wͻ’afrε wͻn sε wͻn maame nti no, εnyε wͻn maamenom ne wͻn. Wͻn maamenom ne wͻn a wͻ’woo wͻn. Nokorε sε wͻ’keka abususεm ne nkontomposεm. Nokorε sε Onyankopͻn ne Bͻnefafri Hene, Ɔne Bͻnefakyε Hene

    [3] Wͻn a wͻ’gyae wͻn yerenom sε wͻ’afrε wͻn sε wͻn maame nti, na afei wͻ’resan wͻn akyi wͻ asεm a wͻ’kaeε no ho no, εsεsε wͻ’ma ͻdͻnkͻ faahodie ansa na wͻ’de wͻn ho aka wͻn ho. Woi ho na Nyankopͻn retu mo foͻ. Nyankopͻn ne dwuma a modie ho amanebᴐfoᴐ

    [4] Na obia onnya (dͻnkͻ no), ͻbεkyene kͻm bosome mmienu atoatoa so ansa na wͻ’de wͻn ho aka wͻn ho, na obi a ontumi (akͻm kyene no) bεma ahiafoͻ aduosia aduane. Woi na εkyerε sε moagye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no adi. Na woinom ne Nyankopͻn mmra. Na wͻn a wͻ’nnye nnie no wͻ asotwee a εyε ya paa

    [5] Nokorε sε wͻn a wͻ’ko tia Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no, yεbegu wͻn anim ase sεdeε yeguu wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no anim aseε no; na ampa sε Y’asiane nsεnkyerεnee pefee. Na boniayεfoͻ no deε wͻn wͻ animguaseε asotwee

    [6] Ɛda a Nyankopͻn benyane wͻn nyinaa no, Obebisa wͻn dwuma a wͻ’diiε no ho asεm. Nyankopͻn atwerε ato hͻ, aberε a wͻn deε wͻn werε afire. Onyankopͻn deε Odi biribiara ho adanseε

    [7] Enti wonhunuu sε Nyankopͻn Nim deε εwͻ soro ne asaase soᴐ? Agyina biara a (nnipa) mmiεnsa betuo no Ɔno na Ɔka wͻn ho nnan, anaasε (deε nnipa) nnum (betuo no) na Ɔka wͻn ho nsia, anaasε (nnipa no) dodoͻ nnuru saa anaasε εboro saa a (ne nyinaa) Ɔka wͻn ho wͻ baabi a wͻn wͻ biara; afei Wusͻreε da no Ɔbεbͻ wͻn dwuma a wͻ’diiε no (nyinaa) ho amaneε. Nokorε sε Nyankopͻn ne Biribiara ho Nimdefoͻ

    [8] Wonhunuu wͻn a yεbraa wͻn agyinatuo na afei wͻ’san kͻͻ deε y’abra wͻn no mu no? Wͻ’tu bͻne ne ͻtan ne Ɔsomafoͻ no so atuateε ho agyina. Sε (saa nkorͻfoͻ no) ba wo hͻ a, wͻ’de nkyea a Nyankopͻn mfa nkyeaa woͻ no na εkyea woͻ, na wͻ’ka no wͻ wͻn akoma mu sε: “Adεn na Nyankopͻn ntwe y’aso wͻ deε yε’ka no ho?“ Amanehunu gya no ara som bo ma wͻn; wͻ’bεhye wͻ mu; na εhͻ yε nnkyi bͻne paa

    [9] Mo a moagye adie, sε motu agyina a monhwε na moantu bͻne ne ͻtan ne Ɔsomafoͻ no so atuateε ho agyina, na montu papayε ne Nyamesuro ho agyina; na monsuro Nyankopͻn a yεbεboa mo nyinaa ano wͻ Nehͻ no

    [10] Agyinatuo a efri ͻbonsam hͻ no ne deε ͻde bεma wͻn a wͻ’agye adie no werε ahoͻ, nanso ontumi nnha wͻn wͻ hwee ho, gyesε Nyankopͻn ma kwan. Onyankopͻn na εsεsε agyidiefoͻ no de wͻn ho to Nesoͻ

    [11] Mo a moagye adie, sε yεka kyerε mo sε, momae mu wͻ asetena no mu a, momae mu. Nyankopͻn bεbae mu ama mo. Na sε yεka sε, monsͻre nso a, monsͻre. Nyankopͻn bεpagya wͻn a wͻ’agye adie wͻ mo mu no, ne wͻn a yama wͻn nimdeε no agyina gyinaberε a εkorͻn. Onyankopͻn deε Ɔne dwuma a modie no ho amanebͻ Wura

    [12] Mo a moagye adie, sε morebesusu asεm bi ho akyerε Ɔsomafoͻ no a moma adͻeε bi nni mo nsusueε no anim kan. Saa na εyε ma mo, εna εho nso teε. Sε moannya nso a, nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔno ara ne Mmͻborͻhunufoͻ

    [13] Mosuro sε mobεyε adͻeε ansa na mode monsusueε no aba? Sε moanyε koraa a Nyankopͻn de momfomsoͻ no akyε mo, enti monfrε Nyame wͻ nebrε mu, na monyi Zaka, na monyε sotie ma Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no. Na Nyankopͻn deε Ɔne dwuma a modie no ho amanebͻ Wura

    [14] Wonhunuu wͻn a wͻ’fa wͻn a Nyankopͻn abufuo wͻ wͻn soͻ no ayͻnkoͻ no? Wͻ’nnka mo (agyidiefoͻ no) ho, εna wͻ’nnka wͻn (Yudafoͻ no) ho nso, na wͻ’di nse wͻ nkontompo so aberε nso a wͻ’nim (sε asεm a wͻ’redi ho nseε no nyε nokorε)

    [15] Nyankopͻn asiesie asotwee a εyε ya paa ato wͻn hͻ. Nokorε sε bͻne paa na wͻ’reyε no

    [16] Wͻ’de wͻn nsedie no ayε kyεm, enti wͻ’si (amanfoͻ) kwan fri Nyankopͻn kwan no so. Enti wͻ’benya animguaseε asotwee

    [17] Wͻn agyapadeε ne wͻn mma no ho mma mfasoͻ biara mma wͻn nntia Nyankopͻn . Saa nkrͻfoͻ no ne Egya no mu foͻ no; emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ

    [18] Ɛda a Nyankopn benyane wͻn nyinaa no, wͻ’bedi nse akyerε no sεdeε wͻ’redi nse akyerε mo yi, na wͻn adwen yε wͻn sε wͻn wͻ nyinasoͻ bi. Nokorε sε wͻ’ne nkontompofoͻ no

    [19] Ɔbonsam adi wͻn so nkonim, enti w’ama wͻn werε afri Nyankopͻn ho nkakaeε. Saa nkorͻfoͻ no ne ͻbonsam fekuo no. Nokorε sε ͻbonsam fekuo no ne brεguofoͻ no

    [20] Nokorε sε wͻn a wͻ’ko tia Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no, saa nkorͻfoͻ no bεka animguaseεfoͻ no ho

    [21] Nyankopͻn ahyehyε sε: “Ampa sε Mene M’asomafoͻ no bedi nkonim”. Nokorε sε Nyankopͻn Ne Ɔhoͻdenfoͻ, na Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε

    [22] Wonnya amanfoͻ bi a wͻ’gye Nyankopͻn ne Da a etwa toͻ no die, na wͻ’pε wͻn a wͻ’ko tia Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no asεm; sε (saa nnipa no) yε wͻn agyanom anaasε wͻn mma anaasε wͻ’yε wͻn nnuanom anaasε wͻn abusuafoͻ mpo a. Saa nkorͻfoͻ no na Nyankopͻn atwerε gyidie ahyε wͻn akoma mu, de Honhom a efri Nehͻ ahyε wͻn den, na Ɔde wͻn bεkͻ Aheman no a nsubͻnten nenam aseε no mu, emu na wͻ’bεtena. Nyankopͻn agye wͻn atum, εna wͻn nso agye no atum. Saa nkorͻfoͻ no ne Nyankopͻn Fekuo no. Nokorε sε, Onyankopͻn Fekuo no ne nkonimdifoͻ no

    Surah 59
    Al-Hashr

    [1] Adeε a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin; Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Nyansafoͻ no

    [2] Ɔno na Ɔmaa wͻn a wͻ’po nokorε a wͻn wͻ wͻn a yεmaa wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu no tu frii wͻn afie mu wͻ asuo-twa a edikan no mu. Moanwene ho da sε wͻ’betu, wͻn adwen yεε wͻn sε wͻn aban denden no bεbͻ wͻn ho ban afri Nyankopͻn nsam. Nanso Nyankopͻn fri baabi a na wͻ’nnwen no saa baa wͻn so, na Ɔbͻͻ huu guu wͻn akoma mu, wͻ’de wͻn ara wͻ’nsa ne agyidiefoͻ no nso nsa bubuu wͻn afie. Enti mo a mowͻ ani monfa woi nyε adesua

    [3] Sε εnyε sε na Nyankopͻn (adikan) ahyehyε amantuo na ama wͻn a, anka Ɔbεtwe wͻn aso paa wͻ wiase ha; na ogya no asotwee no wͻ hͻ ma wͻn Daakye

    [4] Efrisε wͻ’ko tia Nyankopͻn ne Nesomafoͻ, na obia ͻko tia Nyankopͻn no deε, nokorε sε Nyankopͻn asotwee ano yε den paa

    [5] Akyiresua dua biara a motwa tweneeε anaasε mogyae maa no gyinaa nenhini soͻ no, na εyε Nyankopͻn akwamma mu, sεdeε Ɔbegu abͻneεfoͻ no anim aseε

    [6] Asadeε biara a efri wͻn hͻ a Nyankopͻn demaa Nesomafoͻ no, moantena pͻnkͻ so anaa yoma so; na mmom Nyankopͻn de tumi ma N’asomafoͻ no deko tia obia Ɔpε. Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi

    [7] Asadeε biara a efri nkuro no mufoͻ no hͻ a Nyankopͻn demaa Nesomafoͻ no, εwͻ Nyankopͻn ne Nesomafoͻ ne abusua ne nyanka ne ahiafoͻ ne akwantufoͻ, sεdeε εnkͻba sε ebedi akͻneaba wͻ momu adefoͻ no nko ara ntεm. Deε Ɔsomafoͻ no de ama mo no monye, na deε w’abra mo no nso montwe moho mfri ho; na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn asotwe no ano yε den paa

    [8] (Asadeε no mu kyεfa nso) wͻ amantufoͻ ahiafoͻ no a y’atu wͻn afri wͻn afie na (wͻn ahwere) wͻn agyapadeε na wͻ’rehwehwε Nyankopͻn adom ne Nenyetumu, na wͻ’reboa Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no. Saa nkorͻfoͻ no ne nokwafoͻ no

    [9] Ɛna (asadeε no mu kyεfa bi nso wͻ Ansoaarfoͻ) no a wͻ’dii (amantufoͻ no) anim kan tenaa kuro no mu a wͻ’asͻ gyidie no mu no; wͻ’dͻ wͻn a wͻ’atu amantuo abεsoε wͻn no, na ahoͻyaa biara nni wͻn (Ansoaarfoͻ no) akoma mu fa deε yεde ama (amantufoͻ) no ho, na sε (Ansoaarfoͻ no) ho kyere wͻn mpo a wͻ’pε ma (amantufoͻ no) mpo kyεn wͻn ara wͻn ho. Obia yεbεbͻ ne ho ban afri adefodepε ho no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no

    [10] Ɛna (asadeε no mu kyεfa bi nso wͻ) wͻn a wͻ’baa wͻn akyi na wͻ’kaa sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, fa yεn bͻne kyε yεn, ne yenuanom a wͻ’de gyidie dii y’anim kan no; na εmma yenya wͻn a wͻ’agye adie no ho tan biara wͻ y’akoma mu. Ye’Wura Nyankopͻn, nokorε sε Wone Ayεmyε Wura, na Wone Mmͻborͻhunufoͻ Hene“

    [11] Wonhunuu wͻn a wͻ’dii nkͻnkͻnsa no? Wͻ’ka kyerεε wͻn nuanom boniayεfoͻ no a wͻn wͻ wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu no sε: ”Sε εba sε yε’retu mo a, nokorε sε yεn nso yε’betu ne mo akͻ, na yentie obiara da ka moho; na sε wͻ’ko tia mo nso a, yε’bεboa mo”. Nyankopͻn di ho adanseε sε nokorε, wͻ’yε atorofoͻ

    [12] Sε yetu wͻn a wͻ’nnka wͻn ho ne wͻn nntu, na sε yεko tia wͻn nso a wͻ’mmoa wͻn; sε wͻ’bεboa wͻn mpo a wͻ’bεdane wͻn akyi (adwane); afei wͻ’nnya nkonim die

    [13] Moho suro a εwͻ wͻn akoma mu no so kyεn Nyankopͻn (ho suro). Efrisε wͻ’yε nnipa a wͻ’nni nteaseε

    [14] Wͻ’nntumi mmͻ mu ne mo nnko, na mmom gyesε nkuro a aban denden wͻ mu so, anaasε fasuo bi akyi. Ɔkoo a εda wͻn ara wͻn ntεm no ano yεden yie. W’adwen yε wo sε wͻn wͻ koroyε, nanso mpaepaemu wͻ wͻn akoma mu. Efrisε wͻ’yε nnipa a wͻ’nnwen

    [15] Wͻn mfatoho tesε wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan (Banuu Qainuuqa) a wͻ’nni akyiri no. Wͻ’kaa wͻn dwumadie so aba hwεe, na wͻn wͻ asotwe a εyε ya paa

    [16] (Wͻn aboafoͻ no) mfatoho tesε ͻbonsam, εberε a ͻbεka akyerε onipa sε, po (Nyame); εberε a (onipa no) bεpo (Nyame) no, (deε bonsam) ka ne sε: ”Medeε m’atwe me ho afri woho; nokorε sε mesuro Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no “

    [17] Enti wͻn mmienu awieε ne bonsam gyem, εhͻ na wͻ’bεtena. Abͻnefoͻ no akatua ne no

    [18] Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn, na ͻkra biara (ntwa n’ani) nhwε dwuma a (wadi) de ato hͻ ama (neho) ͻkyena; na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne dwuma a modie nyinaa ho amane bͻ Wura

    [19] Na monhwε na moankͻyε sε wͻn a wͻn werε afri Nyankopͻn na enti Ɔmaa wͻn werε frii wͻn ara wͻn ho no. Saa nkorͻfoͻ no ne abͻnefoͻ no

    [20] Amanehunu gya no mu foͻ no ne ͻsoro aheman no mufoͻ no nnsε. Ɔsoro aheman no mufoͻ no wͻ’ne nkonimdifoͻ no

    [21] Sε Yesianee saa Qur’aan yi maa bepͻ a, anka wobehunu sε (bepͻ no) de ahobraseε redwidwa εnam Nyankopͻn ho suro nti. Yε’reyε saa mfatoho yi ama nnipa sεdeε wͻ’bεfa adwen

    [22] Ɔne Nyankopͻn no a awurade foforͻ biara nnihͻ ka Neho no: Kokoam ne Badwam Nimdefoͻ no, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no, Ɔdεεfoͻ Hene no

    [23] Ɔno ne Nyankopͻn no a awurade foforͻ biara nni hͻ ka Neho no; Ɔhene no a tumi nyinaa hyε nensa, Kronkron Hene no, Asomdwiε Hene no, Abodweԑ Hene no, Ahoban bͻ Hene no, Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔkasa prεko a obiara ntumi ne no nni asie, Otumfoͻ no a Akεsesεm fata no. Ahotew Hene ne Nyankopͻn, Ɔso kyεn sε wͻ’de biribi toto Neho

    [24] Ɔne Nyankopͻn; Ɔbͻͻ Adeε no, Ɔyεfo no, Ɔnyomfo no: Ɔno na abodin papa nyinaa wͻ no. Deε εwͻ soro ne asaase so nyinaa bͻ no abodin; na Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no

    Surah 60
    Al-Mumtahana

    [1] Mo a moagye adie, monhwε na moanfa M’atamfo ne moatamfo no ayͻnkoͻ. Mode ͻdͻ bεma wͻn wͻ aberε a w’apo Nokorε no a aba mohͻ no, na wͻ’retu Ɔsomafoͻ no ne mo (afri moafiee) sε moagye mo Wura Nyankopͻn no adie nti? Sε mobaa sε morebεbͻ Mekwan no ho mmͻden ahwehwε Me nyetumu εna modͻ wͻn wͻ kokoa mu, aberε nso a Menim deε mode suma ne deε moda no adie? Momu biara a ͻbεyε saa no ampa sε w’ayera afri ͻkwan tenenee no so

    [2] Sε wͻ’tumi di moso nkonim a wᴐ’bεyε moatamfo, atene wͻn nsa ne wͻn kεterεma wͻ moso de ayε mo bͻne; deε wͻ’pε nesε anka mobԑpo (Nokorԑ no)

    [3] Moabusua ne momma no ho mma mfasoͻ mma mo wͻ Owusͻreε da no. Obebu montεm atεn atete montεm. Nyankopͻn deε Ohu dwuma a modie nyinaa

    [4] Ampa sε mfatoho pa paa wͻ Abraham ne wͻn a wͻ’ka neho no (suban) mu ma mo. Ɛberε a wͻ’ka kyerεε wͻn nkorͻfoͻ no sε: “Yε’deε yatwe yεn ho afri mo ne adeε a mofri Nyankopͻn akyi som no ho. Y’apo mo, na ͻtan ne okyire ahyε aseε wͻ yε’ne mo ntεm dabiara kosi sε mobεgye Nyankopͻn nko ara adie. Gyesε Abraham asεm a ͻka kyerεε n’agya sε: ‘’Mεsrε bͻne fakyε ama wo, na menni hwee ho tumi wͻ Nyankopͻn hͻ ma wo no. Ye’Wura, Woso na yεde yεn ho toͻ, na Wohͻ na yεdane yεn ho ba, na Wohͻ na yε’bεsan aba

    [5] Ye’Wura Nyankopͻn, εmfa yεn nyε nsͻhwε mma wͻn a wͻ’nnye nnie no, na Ye’Wura Nyankopͻn, fa yεn bͻne kyε yεn. Nokorε sε Wone Otumfoͻ a Wotumi ade nyinaa yε, Wo ne Onyansafoͻ no”

    [6] Ampa sε, mfatoho pa paa wͻ wͻn (suban) mu dema mo, (titiriw) dema obi a n’ani da Nyankopͻn ne Da a etwa toͻ no soͻ. Na obi a ͻbεdane neho afri ho no, nokorε sε, Nyankopͻn deε W’anya Neho, na Ɔne Ayeyie Hene no

    [7] Ebia Nyankopͻn de ͻdͻ bεto mo ne wͻn a ͻtan da mo ne wͻn ntεm no ntεm. Na Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ

    [8] Nyankopͻn nnsi mo kwan wͻ wͻn a wͻ’nnko ntiaa mo wͻ Nyamesom ho, anaa wͻ’nntuu mo mfrii moafie mu no ho sε mobεyε wͻn papa anaa mone wͻn bedi no yie. Nokorε sε, Nyankopͻn pε wͻn a wͻne (amanfoͻ) di no yie no asεm

    [9] Wͻn a Nyankopͻn si mo ho kwan sε mone wͻn bεfa ayͻnkoͻ no ne wͻn a wͻ’ne mo ko wͻ Nyamesom ho, na wͻ’tu mo fri moafie mu, na wͻ’boa ma yetu mo. Obi a ͻbεfa wͻn yͻnkoͻ no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻnefoͻ no

    [10] Mo a moagye adie, sε agyidiefoͻ mmaa no tu amantuo (fri Maka) ba mo hͻ a, monyε wͻn ho nhwehwε mu yie. Nyankopͻn deε Onim wͻn gyidie. Sε mohunu sε wͻ’yε agyidiefoͻ (ampa) a, monhwε na moansan amfa wͻn amma boniayεfoͻ no. Wͻ’nni (agyidiefoͻ mmaa no) ho kwan (sε wͻ’ware wͻn), wͻn nso nni kwan wͻ (kaafirfoͻ mmarima no nso) ho. Monfa deε wͻn (kununom tuaa no wͻ saa mmaa no ho no) mma wͻn (kununom kaafirfoͻ no). Ԑnyε bͻne mma mo sε mobεware wͻn wͻ aberε a moatua wͻn tri aseda ama wͻn. Monhwε nso na mone kaafirfoͻ mmaa ankͻso anware, na momisa (etire ase da a) motuaeε (wͻ moyere kaafirfoͻ no ho), na wͻn nso wͻ’misa deε wͻn nso tuaa (wͻ wͻn yerenom a wͻ’abεyε agyidiefoͻ no ho). Woi ne Nyankopͻn atemmuo, Ɔno na Obu montεm atεn. Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Onyansafoͻ

    [11] Sε mohwere moyere nom bi ma wͻ’kͻdi Kaafirfoͻ no hͻ, na (mobisa wͻn tiri aseda no nasε wͻ’ammfa amma mo), na moberε ba (na modi wͻn so nkonim a), moma wͻn a wͻn yerenom kͻ no (etire aseda a) εtesε (deε wͻ’tuaa no wͻ wͻn yerenom no ho no) pεpεεpε (wͻ asadeε a wͻ’benya no mu). Na monsuro Nyankopͻn no a mogye no die no

    [12] Nkͻmhyεni, sε agyidiefoͻ mmaa no ba wo hͻ besuae kyerε wo sε: “Wͻ’mfa biribi mmata Nyankopͻn ho, na wͻ’mmͻ korͻno, na wͻ’mmͻ adwamman, na wͻn nnkum wͻn mma, na wͻ’nni nsekuro a εyε ntwatosoͻ anaasε nkontompo, na wͻ’nnte wo so atua wͻ ayεmyε ho a, gye wͻn nsuaeε no, na srε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε ma wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [13] Mo a moagye adie, monhwε na moannfa amanfoͻ no a Nyankopͻn bo afu wͻn no ayͻnkoͻ, ampa sε wͻ’anya Daakye no ho abamubuo sεdeε boniayεfoͻ no anya abamubuo ama wͻn a wͻn wͻ adakamena mu no ho no

    Surah 61
    As-Saff

    [1] Adeε a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no

    [2] Mo a moagye adie, adεn nti na moka asεm a monnyε

    [3] Ɛyε abufusεm kεse wͻ Nyankopͻn anim sε mobεka asεm na monyε

    [4] Nokorε sε Nyankopͻn pε wͻn a wͻ’ko wͻ Nekwan so wͻ santen mu tesε fasuo a egyina hͻ pintinn no asεm

    [5] Kae εberε a Mose ka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: “Menkorͻfoͻ, adεn nti na moreha me, aberε a monim sε meyε Nyankopͻn Somafoͻ mamo? Enti εberε a wͻ’mane (firii kwan pa no soͻ) no, Nyankopͻn maa wͻn akoma manee. Na Onyankopͻn deε Ɔntene nnipa bͻnefoͻ no

    [6] Kae εberε a Mar’yam ba Yesu kaa sε: ”Israel mma, nokorε sε meyε Onyankopͻn Somafoͻ mamo, a merehyε Tora a edii m’anim kan no mma; na mede Ɔsomafoͻ a ͻbεba wͻ m’akyi a ne din ne Ahmad no (ho asεm) rehyε mo bͻ. . Nanso εberε a ( cno Ahmad no ) de nkyerεkyerεmu ne nyinaso pefee no berεε wͻn no, asεm a wͻ’kaeε ne sε: “Woi deε εyε nkonyaa pefee “

    [7] (Onipa) bͻnefoͻ bεn na ͻkyεn obi a otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, na (saa nipa no) refrε amanfoͻ kͻ Islam (som no mu)? Abͻnefoͻ no deε Nyankopͻn nnkyerε wͻn kwan

    [8] Wͻ’pε sε wͻ’de wͻn ano dum Nyankopͻn nhyerεnee no, nanso Nyankopͻn bεma Nenhyerεnee no atim, sε boniayεfoͻ no mpε mpo a

    [9] Ɔno na Ɔde kwankyerԑ ne nokorε som no asoma Nesomafoͻ no sεdeε ͻde bεma no adi ᴐsom nyinaa so nkonim, sε wɔn a wɔ’de biribi bata Nyame ho no mpε mpo a

    [10] Mo a moagye adie, enti menkyerε mo adwadie a εbεgye mo afri asotwee yaaya no mu

    [11] Monye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no ni, na monfa moagyapadeε ne mokraa mͻ mmͻden wͻ Nyankopͻn kwan no so. Ɛno mmom na εyε papa mamo, sε anka monim a

    [12] (Sε moyε saa a) Nyankopͻn de mo bͻne bεkyε mo na Ɔde mo akͻ Aheman no a nsubͻnten nenam aseε no mu, ne asetena pa no mu wͻ Aheman a εwͻ hͻ daa no mu. Woi ne nkonimdie kεseε no

    [13] Deε mopε bio ne mmoa a efri Nyankopͻn hͻ ne nkonimdie a abεn no. Enti fa anigyesεm no ho bͻhyε ma agyidiefoͻ no

    [14] Mo a moagye adie, monyε Nyankopͻn aboafoͻ sεdeε Mar’yam ba Yesu ka kyerεε asuafoͻ no sε: “Hwan na ͻbεboa me wͻ Nyankopͻn (kwan soͻ)?“ Asuafoͻ no kaa sε: “Yε’ne Nyankopͻn aboafoͻ no“. Enti Israel mma no mu fekuo bi gye dii, ԑna fekuo bi nso anye anni; enti Yε’boaa wͻn a wͻ’gye diiε no tiaa wͻn atamfoͻ no, enti wͻ’bεyεε nkonimdifoͻ

    Surah 62
    Al-Jumu’a

    [1] Adeε a εwͻ soro ne adeε a εwͻ asaase so nyinaa bͻ Ɔhene, Kronkron, Otumfoͻ, Nyansafoͻ Nyankopͻn no abodin

    [2] Ɔno na W’ayi Ɔsomafoͻ afri fratamfoͻ no mu a ͻrekenkan Nensεm no kyerε wͻn, na ͻrete wͻn ho (fri abosomsom fii ho), εna ͻrekyerε wͻn (Qur’aan) Nwoma no ne Nyansa no, εwom sε kane no na anka wͻn wͻ ͻyera pefee mu deε

    [3] (Wasan nso asoma no ama) wͻn mu wᴐn a wͻ’nnya mεkaa wͻn ho. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no

    [4] Woi yε Nyankopͻn adom, Ɔdema obi a Ɔpε. Nyankopͻn na Adom kεseε no yε Nedea

    [5] Wͻn a yεde Tora hyεε wͻn nsa na wͻ’amfa anyε adwuma no, wͻn mfatoho tesε afunumu a ͻso nkrataa. Mfatoho bͻne paa na εwͻ hͻ ma amanfoͻ no a wͻ’fa Nyankopͻn nsεm no atorᴐsԑm. Nyankopͻn deε Ɔnkyerε abͻnefoͻ no kwan

    [6] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Mo Yudafoͻ, sε moadwen yε mo sε monko ara ne Nyankopͻn adͻfo, na nnipa a aka no deε wͻ’nka ho a, εneε moma mokͻn nͻ owuo, sε moyε nokwafoͻ ampa a

    [7] Nanso wͻn kͻn nnͻ (owuo) da, εnam dwuma a wͻnsa adi ato wͻn anim no ho nti. Nyankopͻn deε Onim abͻnefoͻ no

    [8] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Nokorε sε, owuo no a moredwane no no, ampa sε ͻbehyia mo, na afei moasan akͻ Kokoa mu ne Badwa mu Nimdefoͻ no hͻ, na afei W’abͻ mo dwuma a modiiε no (nyinaa) ho amaneε

    [9] Mo a moagye adie, sε yεyε Azaan dema Efiada Nyame frε no a, monyε no ntεm nkͻkaekae Nyankopͻn, na monyae adwadie no. Woi na εyε papa ma mo, sε anka monim a

    [10] Nasε mowie Nyamefrε no a, monhwete wͻ asaase no so na monkͻhwehwε Nyankopͻn adom no; na monkae Nyankopͻn pii sεdeε mobedi nkonim

    [11] Nanso sε wͻ’hunu adwadideε, anaa anigyesεm bi a, na wͻ’akyere akͻgu so, na wͻ’agya wo hͻ ama wogyina hͻ. Ka sε: “Deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no yε kyεn anigyesεm ne adwadie no. Onyankopͻn na Ɔkyε akyεdeε pa paa, anaa Ͻbᴐ nnipa akᴐnhoma pa

    Surah 63
    Al-Munaafiquun

    [1] Sε nkͻnkͻnsafoͻ no ba wo hͻ a, asεm a wͻ’ka ne sε: “Yedi adanseε sε ampa woyε Nyankopͻn Somafoͻ”. Nyankopͻn Nim yie sε woyε Nesomafoͻ. Nyankopͻn di ho adanseε sε nokorε, nkͻnkͻnsafoͻ no yε atorofoͻ

    [2] Wͻ’de wͻn nsedie no ayε kyεm, enti wͻ’si (amamfoͻ) kwan fri Nyankopͻn kwan no so. Nokorε sε, ade bͻne paa na wͻ’reyε no

    [3] Efrisε, wͻ’gye dii εna wͻ’san poo nokorε no; yasi wͻn akoma ano enti wͻ’nnte (asεm) ase

    [4] (Nkͻmhyεni), sε wohu wͻn a w’ani gye wͻn nnipa dua no ho; sε wͻ’kasa nso a wotie wͻn asεm. Wͻ’te sε dunsini bi a yahyε no atadeε. Wͻn adwen yε wͻn sε nteamu biara tia wͻn. Wͻ’ne atamfoͻ no, enti yε ahwεyie wͻ wͻn ho. Nyankopͻn nnomee nka wͻn. Sεdeε wͻ’si dane wͻn ho (fri nokorε no ho no)

    [5] Sε yεka kyerε wͻn sε: Momra na Nyankopͻn Somafoͻ no bεsrε bͻnefakyε ama mo a, wͻ’woso wͻn ti, na wobehunu sε wͻ’resi (afoforͻ) nso kwan, na wͻ’reyε ahomasoͻ

    [6] Ԑyε asεm korͻ ma wᴐn, wosrε bͻnefakyε ma wͻn o, anaasε w’ansrε bͻnefakyε amma wͻn o, Nyankopͻn mfa wͻn bͻne nkyε wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn nkyerε amanfoͻ abͻneεfoͻ no kwan

    [7] Wͻn na wͻ’ka sε: “Monhwε na moanyi mo sika wͻ wͻn a wͻ’ka Nyankopͻn Somafoͻ no ho no ho kͻpem sε wͻn ho bεkyere wͻn’’. Aberε nso a Nyankopͻn na ͻsoro ne asaase so akoradeε wͻ no. Nanso nkͻnkͻnsafoͻ no nni nteaseε

    [8] Deε wͻ’ka ne sε: ”Sε yεsan kͻ Madina a, atumfoͻ no betu mpapahwekwafoͻ no afri (kuro no) mu hͻ”. Tumi no deε Nyankopͻn ne Nesomafoͻ ne agyidiefoͻ no na εwͻ wͻn, nanso nkͻnkͻnsafoͻ no nnim

    [9] Mo a moagye adie, monhwԑ na moamma moagyapadeε ne momma annsi mo Nyankopͻn nkaekaeε ho kwan; na obia ͻbεyε saa no, saa nkorͻfoͻ no ne berεguofoͻ no

    [10] Monyi deε Yε’de akyε mo no mu bi ma (wͻ Nyame kwan so) ansa na owuo aba mo mu bi so na w’ankͻka sε: “Me Wura Nyankopͻn, sε Wotwεn maa me berε kakra a, anka mεyε adͻeε na maka apapafoͻ no ho

    [11] Sε ͻkra bi berε so a, Nyankopͻn mmͻ nnto hͻ. Nyankopͻn ne dwuma a modie no ho amanebͻ Wura

    Surah 64
    At-Taghaabun

    [1] Deε εwͻ soro ne deε a εwͻ asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin. Ɔno na Ahennie no wͻ no, na Ɔno na aseda ne nkamfoͻ wͻ no; Ɔno na ͻwͻ biribiara so tumi

    [2] Ɔno na Ɔbͻͻ mo, εna momu bi yε agyidiefoͻ, εna mo mu bi nso yε (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ. Onyankopͻn deε Ohu deε moyε nyinaa

    [3] Nokorε na Ɔde bͻͻ soro ne asaase; εna Ɔnwenee mo, na Ɔnwenee mo yie. Ne hͻ ne monkyi

    [4] Onim deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa), εna Onim deε mode suma ne deε moda no adie. Nyankopͻn na Onim deε εwͻ akoma mu (nyinaa)

    [5] Wͻn a wͻ'dii kan no a wͻ’faa nokorԑ no atorᴐsԑm no ho asεm no mmaa mo hͻ? Wͻ’kaa wͻn dwumadie so aba hwεe, na wͻn wͻ asotwee a εyεya paa

    [6] Deε ԑnam so maa no baa saa ne sԑ, wͻn Asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn, nanso asεm a wͻ’kaeε ne sε: “Nnipa na wͻ’rebεkyerε yεn kwan?” Enti wͻ’poe, na wͻ’danee wͻn ho (fri nokorε no ho), Onyankopͻn deε Onhia (wͻn). Nyankopͻn ne Ͻdefoᴐ, Ɔne Ayeyie Hene no

    [7] Wͻn a wͻ’po nokorԑ no adwen yε wͻn sε yennyane wͻn (wͻ wͻn wuo no akyi). Ka sε: Aane, mede Me Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε sε yεbenyane mo, na afei yabͻ mo dwuma a modiiε no ho amaneε. Ԑno yε adeε a εyε mmrε koraa ma Nyankopͻn

    [8] Enti monye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no, ne Nhyerεnee a Y’asianee aba no ni. Onyankopͻn ne dwuma a modie no nyinaa ho amane bͻ Wura

    [9] Ɛda a Ɔbεboa moano ama Nhyiamu Da no, saa Da no ne Adehwerε ne mfasoͻ da no. Obi a ͻbεgye Nyankopͻn adie na ͻbedi dwuma pa no, yεbεpepa ne bͻne afri ne so, na yεde no akͻ Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, wͻ’bεtena mu afe bͻͻ. Woi ne nkonimdie kεseε no

    [10] Wͻn a wͻ’nnye nnie na wͻ’fa Yε’nsεm no atorͻsεm no nso, saa nkorͻfoͻ no ne egya no mu foͻ no, emu na wͻ’bεtena; nnkyi bͻne paa ne hͻ

    [11] Mmusuo biara a εbesie no na Nyankopͻn ama ho kwan. Obiara a ͻbεgye Nyankopͻn adie no Ɔtene n’akoma. Onyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ

    [12] Monyε sotie ma Nyankopͻn, na monyε sotie nso ma Ɔsomafoͻ no; na mmom sε modane moho (fri nokorε no ho a), Y’asomafoͻ no asεdeε ara ne sε wͻ’bεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu

    [13] Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno. Onyankopͻn na agyidiefoͻ no mfa wͻn ho nto Nesoͻ

    [14] Mo a moagye adie, nokorε sε moyerenom ne mommanom no mu bi yε moatamfoͻ, enti monyε wͻn ho ahwεyie. Sε mode mfomsoͻ fri, na moyi moani fri so, na mode bͻne kyε a, nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [15] Mo agyapadeε ne momma yε nsͻhwε ma mo, na Nyankopͻn hͻ na akatua kεseε paa wͻ

    [16] Enti monsuro Nyankopͻn sεdeε mobetumi, na montie, na moni so, na monyε tema, na εbεyε ama mo kraa. Obia yεbεgye no afri ne kraa adefodepε mu no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no

    [17] Sε mobͻ Nyankopͻn bosea papa a Ɔde bεbͻ ho ama mo, na Ɔde mo bͻne akyε mo. Onyankopͻn ne Aseda Wura, Ɔne Ntooboaseε Hene

    [18] Kokoam ne Badwam Nimdefoͻ no, Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no

    Surah 65
    At-Talaaq

    [1] Nkͻmhyεni, sε mogyae mmaa no a, monyae wͻn wͻ wͻn berε (a yahyehyε) no mu; monsese εberε no na monsuro Nyankopͻn, mo Wura no. Monhwε na moantu wͻn anfri wͻn afie mu, na εmma wͻn ara nso nntu; gyesε ebia wͻ’bu ahohwi bra bi a εda adie. Woi ne Nyankopͻn mmra. Obia obebu Nyankopͻn mmra soͻ no, nokorε sε w’adi ne kraa amim. Wonnim sε ebia εno akyi no Nyankopͻn bεma asεm foforͻ bi aba

    [2] Enti sε wͻn (Idda) berε (bosome mmiεnsa) no so a, momfa ayεmyε nsͻ wͻn mu, anaasε mone wͻn ni mpaepaemu wͻ kwan pa so; na moma momu nnipa mmienu a wͻ’di nokorε ni ho adanseε, na moni adanseε no ma Nyankopͻn. Woi na yεde tu obia osuro Nyame ne Da a etwa toͻ no foͻ. Obia obesuro Nyankopͻn no Ɔbebue kwan ama no

    [3] Na W’abᴐ no akᴐnhoma afri faako a onni ho anidaasoͻ koraa. Obia ͻde ne ho bεto Nyankopͻn soͻ no, Ɔsombo ma no. Nokorε sε Nyankopͻn deε N’ahyεdeε (biara) yε hͻ. Ampa sε Nyankopͻn de nhyehyεε ato biribiara ho

    [4] Mommaa no mu bi nso a wͻn atwa bra no, sε moadwen nnsi mo pi wͻ wͻn ho a, wͻn (Idda) berε no yε bosome mmiεnsa; na wͻn nso a wͻ’nyεε bra da no nso (bosome mmiεnsa saa ara). Apemfoͻ no nso wͻn berε ne εberε a wͻ’bεsoε wͻn adesoa no (anaasε εberε a wͻ’bεwoͻ). Obi a ͻbesuro Nyankopͻn no, Ɔbεma n’asεm ayε bͻkͻͻ ama no

    [5] Woi ne Nyankopͻn ahyεdeε a W’asiane ama mo. Na obia ͻbesuro Nyankopͻn no Ɔbεpepa ne bͻne afri ne so, na W’ama n’akatua ayε kεse ama no

    [6] Moma (mmaa) no ntena faako a moteε sεdeε moahoͻden siteε, na monhwε na moanha wͻn amma wͻn ho ankyere wͻn. Sε wͻ’yε apemfoͻ a momͻ wͻn akͻnhoma nkosi sε wͻ’de wͻn adesoa no bεto hͻ. Nasε wͻ’ma (mmͻfra no) nufuoͻ mamo a, monfa wͻn akatua ma wͻn; na monfa ͻkwan pa so ntoto biribiara wͻ montεm pεpεεpε; nasε moma no yε den ma moho a (anaasε agya ne εnna no monnte moho ase a), εneε obi foforͻ mma (abͻfra no) nufoͻ mma (agya) no

    [7] Obia nensam wͻ bie no, onyi no sεdeε nensam wͻ bie, na nea nensam nni bie no nso onyi no sεdeε Nyankopͻn de ama no. Nyankopͻn mfa adesoa nsoa ͻkra bi, gyesε deε n’ahoͻden betumi. Ahokyerε akyi no Nyankopͻn bεma no ayε mmrε

    [8] Nkuro dodoᴐ sԑn na wͻ’tee wͻn Wura Nyankopͻn ahyεdeε ne N’asomafoͻ no so atua? Yε’maa no buu akonta a ano yε den paa, na Yε’de asotwee a emu yε den twee n’aso

    [9] Enti ͻkaa ne dwumadie no so aba hwεe, na n’asεm no awieε yε berεguo

    [10] Nyankopͻn asiesie asotwee a ano yε den ama wͻn, enti mmadwemmafoͻ a moagye adie, monsuro Nyankopͻn. Ampa sε Nyankopͻn asiane Afutusεm de abrε mo

    [11] (W’asan nso asoma) Ɔsomafoͻ a ͻrekenkan Nyankopͻn nsεm pefee no (kyerε mo) sεdeε ͻde beyi wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no afri esum no mu de wͻn akͻ εhyεn no mu. Obia ͻbεgye Nyankopͻn adi na ͻbedi dwuma pa no, Ɔde no bεwura Aheman no a nsubͻnten nenam aseε no mu ama no atena hͻ afe bͻͻ. Ampa sε Nyankopͻn akyε no akyεdeε papa paa

    [12] Nyankopͻn na Ͻbͻͻ soro nson εna asaase nso (dodoͻ) te saa ara. Ahyεdeε no siane ba ne mmienu ntԑm sεdeε mobehunu sε nokorε, Onyankopͻn wͻ tumi wͻ biribiara so, na Onyankopͻn Nimdeε nso atwa biribiara ho ahyia

    Surah 66
    At-Tahriim

    [1] Nkͻmhyεni, adεn na worebra woho wͻ adeε a Nyankopͻn ama wo ho kwan wͻ ho? Wode hwehwε sε wo yerenom bεgye wo atum? Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    [2] Ampa sε Nyankopͻn ahyehyԑ ama mo fa (ᴐkwan a mobεfa so) adane monsedie. Onyankopͻn ne mo Kyitaafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Onyansafoͻ no

    [3] Ɛberε a Nkͻmhyεni ne neyere mu baako (Hafsa) dii asomsεm nkͻmmͻ bi, na (ͻbaa no) kͻbͻͻ (ͻbaa foforͻ, Aisha) amaneε no, Nyankopͻn bͻͻ no (deε ͻbaa no ayε no) ho amaneε; (Nkͻmhyεni) daa (asεm no) bi adi na ͻbͻ faa ebi nso so. Na εberε a (Nkͻmhyεni) de εhoo amaneε bͻͻ (Hafsa) no, ͻkaa sε: “Hwan na ͻbͻͻ wo woi ho amaneε?” (Nkͻmhyεni) kaa sε: ”Onimdefoͻ no a Ɔbͻ biribiara ho amaneε no na Ɔbͻͻ me amaneε “

    [4] Sε mo mmienu (Hafsa ne Aisha) sakra moadwen kͻ Nyankopͻn hͻ a, (anka εyε ma mo), na ampa sε moakoma adane kͻ woi so (sε mobetia Nkͻmhyεni apεdeε); na sε motaa moho akyi ko tia no a, εneε nokorε sε Nyankopͻn ne ne Kyitaafoͻ, εne Gabriel ne agyidiefoͻ apapafoͻ no, εna εno akyiri no, Soro abͻfoͻ nso taa akyire

    [5] Sε ogyae mo awadeε a, ebia ne Wura Nyankopͻn de εyerε a wͻ’kyεn mo bεhyε moanan mu ama no (a wͻ’yε) Muslimifoͻ mmaa, agyidiefoͻ mmaa, sotiefoᴐ mmaa, adwen sakrafoᴐ mmaa, Nyamesomfoͻ mmaa, akyiriwiafoᴐ mmaa, mmaa a wͻn aware pεn, ne mmaa mmabunu

    [6] Mo a moagye adie, momͻ mo ne moabusuafoͻ ho ban mfri egya no a nenyentia yε nnipa ne aboͻ a Soro abͻfoͻ ahoͻdenfoͻ a wͻn asεm yε den na wͻ’hwε soͻ no ho. (Saa Soro abͻfoͻ no) nnyε asoͻden wͻ deε Nyankopͻn ahyε wͻn (sε wͻ’nyε no ho), na mmom deε (Nyame) hyε wͻn sε wͻ’nyε no na wͻ’yε

    [7] Mo a moapo nokorԑ, monhwε na moampa kyεw nnε Da yi. Dwuma a na modie no so akatua na yεde atua mo ka

    [8] Mo a moagye adie, monsakra moadwen nkͻ Nyankopͻn hͻ wͻ nokorε adwen sakra mu. Ebia na Nyankopͻn apepa mobͻne afri mo so, na Ɔde mo kͻ Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, wͻ Ɛda no a Nyankopͻn nngu Nkͻmhyεni no ne wͻn a wͻ’agye adi aka neho no anim aseε no. Wͻn nhyerεnee bεhyerεn adi wͻn anim ne wͻn nifa so; wͻ’bεka sε: “Ye’ Wura Nyankopͻn, ma yεn nhyerεnee no nyina mma yεn, na fa yεn bͻne kyε yεn. Nokorε sε, Wona wowͻ biribiara so tumi

    [9] Nkͻmhyεni, kotia boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no, na yε den wͻ wͻn so. Wͻn asetena mu ne Amane hunu gyem, na nnkyi bͻne paa ne hͻ

    [10] Nyankopͻn reyε mfatoho bi ama (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no fa Noa yere ne Lut yere ho. Na saa mmaa mmienu yi ware nkoa a wͻ’yε Yε’nkoa apapafoͻ mmienu. Nanso (mmaa mmienu yi) dii wͻn kununom hwammͻ, enti wͻn mmienu ho amma mfasoͻ wͻ hwee ho amma wͻn antia Nyankopͻn, na yεkaa sε: “Mo mmienu monkͻka wͻn a wͻ’rekͻ egya no mu no ho na mone wͻn nkͻ mu.”

    [11] Nyankopͻn resan ayε mfatoho bi ama wͻn a wͻ’agye adie no, fa Farao yere (Aasiya) ho, εberε a ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, si fie wͻ Wohͻ wͻ Aheman no mu mame, na gye me fri Farao neyεε no mu, na gye me fri nnipa bͻnefoͻ no nsam

    [12] Ɛna Imran babaa Mar’yam a ͻhwεε ne ho so yie no, Yε’homee Y’εhonhom guu ne mu, na ͻgyee ne Wura Nyankopͻn nsεm no ne Ne Nwoma no dii, na ͻka ahobraseεfoͻ mmaa no ho

    Surah 67
    Al-Mulk

    [1] Nhyira (Wura no) ne Nea Ahennie no wͻ Nensa mu no, Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumii

    [2] Ɔno na Ɔbͻͻ owuo ne nkwa sε Ɔde bεsͻ mo ahwε (de akyerε) mo mu nea odi dwuma pa. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Bͻnefakyε Hene no

    [3] Ɔno na W’abͻ soro nson a εtoatoa soͻ. Wonnhunu deε atͻ sin wͻ Ahummͻborͻ Hene no abͻdeε no mu; enti san hwε bio, woahunu baabi a apaepaeε

    [4] Afei dane w’ani hwε, na san hwε bio, nhwεeε no bedane aba wͻ hͻ ama w’ani so ayε wo basaa abrε kwa

    [5] Nokorε sε, Yε’de nkanea (nsoromma) asiesie ͻsoro a, εwͻ wiaseε no, εna Y’ayε (saa nkanea) no akodeε a yεto bͻ abonsamfoͻ no; Y’asiesie Ogya tanaa asotwee ato wͻn hͻ nso

    [6] Wͻn a wͻ’nnye wͻn Wura Nyankopͻn nnie no (nso wͻ) Amanehunu gya asotwee, na nnkyi bͻne paa ne hͻ

    [7] Sε yεto wͻn gu (egya no) mu a, wͻ’bεte sε εrepͻ soͻ na εrehuro

    [8] Abufuo reyε ama (egya) no apae. Ԑberε biara a yεbεto (Kaafirfoͻ no mu) nnipa kuo bi agu mu no, (egya no) so Awεnfoͻ no bebisa wͻn sε: “Enti Kͻkͻbͻni biara amma mohͻ (amεbͻ mo kͻkͻ)

    [9] Wͻ’bεka sε: ”Aane, nokorε sε Kͻkͻbͻni baa yεn hͻ, nanso yԑfaa (asԑm no) atorosԑm, na yε’kaa sε: ”Nyankopͻn nsianee hwee (maa obiara); na nokorε sε modeε mowͻ ͻyera kεseε paa mu

    [10] Wͻ’bεka sε: ”Sε yetiee (Asomafoͻ no asεm no), anaasε yε’dwenee ho a, anka y’ammεka Amane hunu gya no mu foͻ no ho

    [11] Wͻ’bεka wͻn bͻne deε, nanso Amanehunu gya no mu foͻ no (ne Nyame ahummͻborͻ) ntεm kwan ware

    [12] Nokorε sε wͻn a wͻ’suro wͻn Wura (Nyankopͻn) wͻ kokoamu no benya bͻnefakyε ne akatua kεseε paa

    [13] Mode moasεm sie o, anaa nso moda no adi o, nokorε sε, Ɔno Ne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ no

    [14] Enti Nea Ɔbͻͻ adeε no Onnim (N’abͻdeε)? Ɔne Onitefo a Onim biribiara mu yie, Amanebͻ Wura no

    [15] Ɔno na W’ayε asaase aberε no ase ama mo, enti monfa emu akwan no so, na monidi wͻ N’akͻnhoma no mu, na Nehͻ na Owusͻreε no wͻ

    [16] Anaasε moho atͻ mo sε, Nea Ɔwͻ soro no mma asaaase no mmene mo sε εwoso a

    [17] Anaasε moho atͻ mo sε Nea Ɔwͻ soro no mma mframa den bi mmͻ mo (sεdeε εbͻͻ Aadfoͻ no)? (Ԑhͻ na) mobehunu sεdeε Me kͻkͻbͻ (akyiri asεm) siteε

    [18] Ampa sε, wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan no buu (Asomafoͻ no) atorᴐfoᴐ; na sεdeε M’abufuhyeε (a εbaa wͻn so no) siteε

    [19] Anaasε wͻ’nhunuu nnomaa a wͻn wͻ wͻn apampamu a, wͻ’tu bae wͻn ntaban mu san ka to mu no? Obiara nkuta wͻn mu, na mmom Ahummͻborͻ Hene no ara. Nokorε sε, Ɔno na Ohunu biribiara

    [20] Sε εnnyε Ahummͻborͻ Hene no a, hwan bio ne moasraafoͻ a, wͻ’bεboa mo? Nokorε sε, boniayεfoͻ no wͻ nnaadaa paa mu

    [21] Sε osi N’akͻnhoma ho kwan a, hwan bio na ͻbεbͻ mo akͻnhoma? Nanso wͻ’kͻ so te atua dwane (Nokorε no)

    [22] Enti obi a ͻnam a w’asi neti ase ama n’anim wͻ fͻm no na atenee, anaasε obi a, ͻnam a w’atene ne ho nam kwan tenenee soͻ

    [23] (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Ɔno na W’abͻ mo, εna W’ama mo aso ne ani ne akoma; (nanso) aseda kakraabi na mode da (no) aseε “

    [24] Ka sε: “Ɔno na W’ama moase atrε wͻ asaase no soͻ, na Nehͻ na mobehyia“

    [25] Wͻ’ka sε: “Ɛberε bεn na saa Bͻhyε yi besie, sε moyε nokwafoͻ ampa a “

    [26] (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Ɛho nimdeε no deε εwͻ Nyankopͻn hͻ, na medeε meyε kͻkͻbͻni pefee “

    [27] Ɛberε a wͻ’behunu sε ato (wͻn awie) no, boniayεfoͻ no anim bεyε awerεho (anaasε mͻbͻmͻbͻ), na yεbεka akyerε wͻn sε: “Woi na na morefrε (sε εmmra mosoͻ) no

    [28] Ka sε: “Monhwε, sε εba sε Nyankopͻn mame ne wͻn a wͻ’ka meho no wu, anaasε Ohu yεn mmͻbͻ a, hwan na ͻbεgye boniayεfoͻ no afri asotwee yaaya no mu?”

    [29] Ka sε: Ɔne Ahummͻborͻ Hene no. Y’agye no adi, na Neso na yεde yεn ho toͻ, enti mobehunu obi a ͻwͻ ͻyera pefee mu paa

    [30] Ka sε: “Monhwε, sε εba sε monsuo mmem kͻ fͻm a, hwan na (ͻbefri Nyankopͻn akyi) ama mo nsu korͻgyee a εretene

    Surah 68
    Al-Qalam

    [1] Nuun; Mede Twerεdua ne Adeε a wͻ’de (Twerεdua no) twerε no di nse sε

    [2] (Nkͻmhyεni), wommͻͻ dam wͻwo Wura Nyankopͻn adom no ho

    [3] Nokorε nso sε, wowͻ akatua a, εtoͻ nntwa da

    [4] Nokorε nso sε, wowͻ suban pa a εkorͻn paa so

    [5] Enti wobehunu, na wͻn nso behunu

    [6] Momu nea w’abͻ dam

    [7] Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn na Onim obi a w’ayera afri Ne kwan no soͻ, Ɔno ara nso na Onim ateneneefoͻ no

    [8] Enti entie wͻn a wͻ’fa nokorԑ no atorᴐsԑm no

    [9] Wͻ’pεsε, anka wogo woho (ma wͻn), na wͻnso ayε bͻkͻͻ (ama wo)

    [10] Entie obi a odi nse hunu bebrebe biara

    [11] (Obi a) ͻka nkyisεm, nsekubͻni a ͻde (nkorͻfoͻ ho) nsεm nenam

    [12] (Obi a) osi papayε ho kwan, mmratofoͻ, bͻneyεfoͻ no

    [13] Otrimuͻdenfoͻ a bͻne nkͻmra nyinaa ͻwͻ mu bie, εno akyi nso ͻbͻ ntεtε-busua

    [14] Efirisε ͻwͻ sika ne mma (pii) nti

    [15] Sε yεrekenkan Yεn Nsεm kyerε no a, deɛ ɔka ne sɛ, tetefoͻ no anansesεm

    [16] Yε’bεhyε no nnso wͻ ne hwene so

    [17] Nokorε sε, Y’asͻ (Makafoͻ no) ahwε sεdeε Yε’sͻͻ Afuo wurafoͻ no hwεeε no, εberε a wͻ’kaa ntam sε, wͻ’bεte afuo no mu nnͻbae no anͻpa tutuutu no

    [18] W’annka sε, (In Shaa’a-Laah) sε Nyankopͻn pε a

    [19] Enti mmusuo bi fri wo Wura Nyankopͻn hͻ betwaa (afuo no) ho hyiae (hyee no pasaa) wͻ εberε a, na wͻn adeda

    [20] Adeε kyeeε no na (afuo no ahye) ayε tumm a hwee nni (asaase no) soͻ

    [21] Adeε kyee anͻpa tutuutu no wͻ’frεfrεε wͻn ho (kaa sε)

    [22] “Sε mobεte momfudeε no a, εneε monkͻ moafuo no mu anͻpa tutuutu”

    [23] Enti wͻ’sii mu kͻe; na wͻ’berεε wͻn nne ase (kaa sε)

    [24] “Momma ohiani biara nnwura (afuo yi) mu mma moha nnε “

    [25] Anͻpa no, wͻ’de wͻn adwen (bͻne) no sii mu kͻͻ (afuo no mu) wͻ tumi so

    [26] Ɛberε a wͻ’hunuu (afuo) no, wͻ’kaa sε: “Nokorε sε, yayera (kwan no)“

    [27] Daabi, (εnyε kwan na ya yayera, na mmom ya’dwen bͻne nti) ahwere yεn

    [28] Wͻn mu nnipa papa no (anaasε wͻn mu adantamu no) kaa sε: “M’annka ankyerε mo sε, adεn na mo mmͻ (Nyankopͻn) abodin?”

    [29] Wͻ’kaa sε: “Kronkron Hene ne ye’ Wura Nyankopͻn. Nokorε sε, ya’yε bͻne”

    [30] Afei wͻ’danee wͻn ho hwεε wͻn ho wͻn ho anim bᴐᴐ wͻn ho soboᴐ

    [31] Wͻ’kaa sε: Ao, adi ayε yεn. Nokorε sε y’ayε bͻne paa

    [32] Ebia ye’ Wura Nyankopͻn de deε εyε kyεn no bεhyε yεn anan mu. Nokorε sε, ye’Wura Nyankopͻn na yɛde ya’ni to no soɔ“

    [33] Saa ara na Wiase asotwee no teε, nokorε sε, Daakye asotwee no deε εso paa, sε anka wcnim a

    [34] Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no benya Anigyeε Aheman no wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ

    [35] Enti Yε’bεyε Muslimifoͻ no sε abͻneεfoͻ no

    [36] Ɛdeεn na εha mo? Sεn na mosi bu atεn yi

    [37] Anaasε mowͻ Nwoma bi a emu na mokenkan—

    [38] a, nokorԑ sԑ mowͻ deε mopε wͻ mu

    [39] Anaasε moanya nsedie bͻhyε bi afri Yεn hͻ dekosi Atemmuda sε, deε mopε biara no monsa bεka

    [40] (Nkͻmhyεni), bisa wͻn sε, wͻn mu hwan na odi (saa asεm no) ho agyinamu, anaa adanseε

    [41] Anaasε wͻn wͻ (anyame) ahokafoͻ? Ɛneε ma wͻnfa wͻn (anyame) ahokafoͻ no mmra, sε wͻ’yε nokwafoͻ ampa a

    [42] Ɛda a jhann kjsej no ho bjpa (Onyankopcn Hann) no, yεbεfrε wͻn sε wͻ’mfa wͻn anim mutu fͻm, nanso wͻ’nntumi

    [43] Wͻn ani bewu, na animguaseε bemene wͻn. Ampa sε, εberε a na wͻn ho tͻ wͻn (wͻ wiaseε) no, na yεfrε wͻn sε wͻ’mfa wͻn anim mutu fͻm (nanso wͻ’annyε)

    [44] Enti gyae Mene obi a, ͻfa saa Asεm yi nkontompo no; Yε’de no nkakra nkakra bεsͻ wͻn mu aberε a wͻ’nnim ho hwee

    [45] Mato mebo ase na ama wͻn; nokorε sε, Metrim pͻ deε emu yε den yie

    [46] Anaasε (Nkͻmhyεni, Nsεmpa a woka kyerε wͻn no), wobisa wͻn εho akatua εna enti ayε εka asoa wͻn

    [47] Anaasε Asumade (Lawhul Mah’fuuz) no wͻ wͻn hͻ a, enti wͻ’twerε

    [48] Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε ma wo Wura Nyankopͻn atemmuo no, na hwε na w’annkͻyε sε adwene adamfo (Yuunus) a osu frεε ne Wura Nyankopͻn wͻ εberε a neho kyeree no a na ͻredi awerεhoͻ no

    [49] Sε nensa annka ne Wura Nyankopͻn adom no a, anka (ͻkaa bonsu no yεm, nanso N’adom no nti) yεtoo no twenee asaase pataa bi so wͻ εberε a na ͻfata soboͻ

    [50] Enti ne Wura Nyankopͻn yii no de no kaa apapafoͻ no ho

    [51] Sε wͻn a wͻ’nnye nnie no te (Qur’aan mu) Afutusεm no a, na εkaa wͻn ko a anka wͻ’de wͻn ani (abu wo anikyeε) atwa wo afri hͻ; na deε wͻ’ka ne sε: “Nokorԑ wabͻ dam.”

    [52] (Qur’aan adwuma ara ne sε) εyε Afutusεm de ma amansan nyinaa

    Surah 69
    Al-Haaqqa

    [1] Nokorε paa no

    [2] Ɛdeεn ne Nokorε paa no

    [3] Na εdeεn na εbεkyerε wo sεdeε Nokorε paa no siteε

    [4] Samuudfoͻ ne Aadfoͻ faa Mobͻmuu, Dede ne Gyegyeegye Da no sԑ atorᴐsԑm

    [5] Enti Samuudfoͻ no, yεde Nteamu denden bi a εborosoͻ na εsεee wͻn

    [6] Aadfoͻ no nso yεde mframa bͻne huhuuhu bi a εpͻ soͻ na εsεee wͻn

    [7] (Mframa no) toaa so bͻͻ wͻn anadwo (nna) nson ne adekyeε (nna) nwͻtwe, na εhͻ na wohunu nkorͻfoͻ no sε wͻ'deda hͻ tesε akyiresua dua (anaasε bεtene) a tokuro da mu hoo

    [8] Enti w’ahunu wͻn mu bi nea ͻkaaeε

    [9] Ɛna Farao ne wͻn a wͻ’dii n’anim kan no, ne nkuro bi a yεdanee wͻn butuuε no nso de bͻne baae

    [10] Wͻ’yεε wͻn Wura Nyankopͻn Asomafoͻ no asεm ho asoͻden, enti Ͻde asotwee a emu yε den twee wͻn aso

    [11] Nokorε sε, εberε a nsuo no yiriiε (wͻ Noa pεn soͻ) no, Yε’de motenaa nsuo mu hyεn mu

    [12] Sεdeε Y’εde bεyε afutusεm ama mo, na obi a ͻwͻ aso debεto netri mu

    [13] Sε yεbͻ Totorobεnto no mu bͻ prεko a

    [14] Na yε’pagya asaase ne mmepͻ, na εyam yam prεko a

    [15] Saa Da no na εberε no aso

    [16] Ɔsoro mu besunsuan wͻ saa Da no ama no ayε mmrε, (n’ahoͻden no bεsa)

    [17] Na Soro abͻfoͻ begyina-gyina nentweaso, na (Soro abͻfoͻ) nwͻtwe na wͻ’bεsoa wo Wura Nyankopͻn Ahennwa no wͻ wͻn apampamu saa da no

    [18] Saa Da no, yεde mobεba (mo Wura Nyankopͻn anim), na momu biara asumasεm nnsuma

    [19] Enti obi a, yεde (ne dwumadie ho) Nwoma bεma no wͻ nensa nifa mu no, (ͻde anigyeε) bεka sε: “Momra mεgye me Nwoma no nkenkan bi

    [20] Na menim yie sε, mehyia m’akontabuo

    [21] Enti obenya ahotͻ asetena

    [22] Wͻ Aheman a εkorͻn no mu

    [23] Emu nnuaba no bεn (wͻn)

    [24] (Yε’bεka akyerε wͻn sε): “Monfa anigyeε nnidi na monom, εnam deε moyε detoo moanim wͻ nna a atwa mu no mu no nti

    [25] Na mmom obi a yεde ne Nwoma bεma no wͻ nensa benkum mu no, ͻbεka sε: Ɛkaa menko a, anka yannfa me Nwoma no amma me koraa

    [26] Mennnim sεdeε m’akontabuo besi ayε

    [27] Kaa menko na anka (mawu) ama asεm asa

    [28] Mahonyadeε ho amma me mfasoͻ

    [29] Metumii afri mensa

    [30] (Yε’bεka akyerε Soro abͻfoͻ no sε): ”Monsͻ ne mu, na mongu no mpokyerε

    [31] Afei monfa no nwura Amanehunu gya no mu

    [32] Afei monfa nkͻnsͻnkͻnsͻn a ne tenten yε basamu aduͻson no nkyekyere no

    [33] Nokorε sε, na ͻnnye Nyankopͻn Kεseε no nni

    [34] Na ͻnnhyε mma wͻ’nnidi mma ahiafoͻ no bi

    [35] Enti Ɛnnε deε onni ͻdͻfo biara wͻ ha

    [36] Onni aduane nso (a obedie), gyesε akuro mu nsuo (ne efii)

    [37] Obiara nni hͻ a obedie gyesε abͻnefoͻ no

    [38] Mede adeε a moani hunu

    [39] Ne adeε a moani nnhunu di nse sε

    [40] Nokorε, (Qur’aan) yε Ɔsomafoͻ Nimuonyamfoͻ (Gebriel) no asεm

    [41] Na εnnyε ͻdwomtoni asεm. Mogyidie a εwͻ mu no sua

    [42] Na εnnyε ntafowayifoͻ nso kasaa, - εho adwen a modwen no sua

    [43] (Qur’aan) yε Adiyisεm a efiri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ

    [44] Sε anka (Nkͻmhyεni) abͻ netrim aka atorͻsεm bi ato Yεn so a

    [45] Anka Y’asͻ ne mu wͻ nensa nifa

    [46] Na Y’atwa n’akoma nkomena mu afri ne ho

    [47] Na momu biara nnihͻ a, anka obetumi asi Yεn neho kwan

    [48] Nokorε sε (Qur’aan) yε Afutusεm ma Nyame-surofoͻ no

    [49] Na nokorε sε, Yenim yie sε, momu binom wͻ hͻ a wͻ’nnye nnie

    [50] Nokorɛ sɛ (Qur’aan) yε akomasεeε ma boniayεfoͻ no

    [51] Ampa nso sε, εno ne Nokorε pefee no

    [52] Enti bͻ wo Wura Nyankopͻn Kεseε no abodin

    Surah 70
    Al-Ma’aarij

    [1] Obisafoͻ bi abisa fa asotwee a εrebesi –

    [2] Ama boniayεfoͻ no a, enni obi a obesi ho kwan no ho asεm

    [3] (Saa asotwee no) firi Sorokͻ akwan Wura Nyankopͻn no hͻ

    [4] Soro abͻfoͻ ne Honhom no (Gabriel) de dakoro fro kͻ Nehͻ a nensusueε yε (wiase nsusueε) mfie mpem aduonum

    [5] Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε, aboterε pa (a yaw die anaa apenesie biara nni ho)

    [6] Nokorε sε wͻ’hunu (asotwee) no wͻ akyirikyiri

    [7] Ɛna Yε’nso Yε’hunu no sε abεn

    [8] Ɛda a ͻsoro bεyε sε yaawa a ananee

    [9] Na mmepͻ nso bεyε sε aboa nwii a εrehu korͻ

    [10] (Saa Da no) adamfoͻ mmisa adamfoͻ (asεm)

    [11] Wͻ’behu wͻn ho deε. Ɔbͻneni no bεpε mpo sε, anka saa Da no asotwee no, ͻde ne ba bεyε mpata

    [12] Ne neyere ne nenua

    [13] Ne nebusuani a ͻyεε no yie

    [14] Ne deε εwͻ asaase so nyinaa na afei w’anya ne ho (afri asotwee no mu)

    [15] Daabi, (εnyε yie saa), nokorε sε εyε Amane-hunu gya noa

    [16] Ɛworͻ (onipa) tiri ho nwoma (ne nehonam wedeε no nyinaa ma ԑkͻto ne nnompe)

    [17] (Egya no) refrε obi a obrekyi, na ͻdane neho fri (Nokorε no) ho kͻ

    [18] Na ͻboa sika ano na ͻyε ho pεpεε (anaa ͻbͻ hoo ayεmuͻnyono)

    [19] Nokorε sε, onipa suban ne sԑ, ᴐyԑ mpepreho. (Ɔpε biribiara ntεm)

    [20] Sε bͻne bi to no a, na n’aba mu abu (anaasε na w’apa aba)

    [21] Sε papa bi nso to no a, na w’abu n’ani agu (n’asεdeε) so

    [22] Gyesε Nyamefrε foͻ no

    [23] Wͻn a wͻ’kuta wͻn Nyamefrε mu daadaa no

    [24] Ne wͻn a wͻn agyapadeε mu asεdeε bi a yahyehyε (sε wͻ’yi dema) wͻ mu

    [25] Dema aserεfoͻ ne mmͻborͻwafoͻ no

    [26] Ne wͻn a wͻ’gye Atemmuda no die

    [27] Ne wͻn a wͻ’suro wͻn Wura Nyankopͻn asotwee no

    [28] Efirisε, wͻn Wura Nyankopͻn asotwee no nnyε abodweε asεm koraa

    [29] Ne wͻn a wͻ’hwε wͻn mmarima so yie

    [30] Gyesε wͻn yere nom (nko ara so), anaasε wͻn mfenaa a wͻ’yε wͻn dea. Saa nkorͻfoͻ no deε nokorԑ sԑ wͻ’nni soboͻ biara

    [31] (Na mmom) obi a obefri (mmaa a yakyerε mu) yi akyi akͻpε foforͻ no, saa nkorͻfoͻ no ne wͻn a w’ato mmara no

    [32] Ne wͻn a wͻ’di nokorε wͻ nhwεsodeε a yεde ahyε wͻn nsa, san di wͻn bͻhyε soͻ

    [33] Ne wͻn a wͻ’gyina pintinn di nokorε wͻ wͻn adansedie mu

    [34] Ne wͻn a wͻ’hwε wͻn Nyamefrε so yie

    [35] Saa nkorͻfoͻ no na wͻ’bεtena Aheman no mu wͻ animuonyam mu no

    [36] Ԑdeεn na εha boniayεfoᴐ no a enti wᴐ’repere wᴐn ho ba wohͻ, atwetwe wᴐn kᴐn ahahaa wᴐn ani atwa wo ho ahyia

    [37] Akuo-akuo wᴐ nifa so ne benkum soᴐ yi

    [38] Enti wͻn mu nnipa biara pε sε ͻkͻ Anigyeε Aheman no mu (wͻ aberε a ͻnnyε ho adwuma)

    [39] Daabi da, nokorε sε wͻ’nim adeε a Yε’bͻͻ wͻn frii mu

    [40] Enti Mede Apueε ahodoᴐ no ne Atͻeε ahodoᴐ no Wura Nyankopͻn di nse sε: Nokorε, Yε’wͻ tumi

    [41] Sε Yε’sesa wͻn de wͻn a wͻ’yε kyεn wͻn bεhyε wͻn anan mu, na εno ntumi mmu mfa yεn so, (anaasε εnnyε den mma Yεn)

    [42] Enti (Nkͻmhyεni), wodeε gyae wͻn ma wͻ’nkeka wͻn nsεm hunu no, na wͻ’ni agorͻ nkosi sε wͻ’behyia wͻn Da a y’ahyε wͻn ho bͻ no

    [43] Ɛda no a wͻ’de ahoͻherε bepue afri adakamena mu, na wᴐ’bԑyԑ tesε deε wͻ’rekͻ faako a wͻn anidaasoͻ bi wͻ no

    [44] Wͻn ani bewu, na animguaseε bεmene wͻn. Saa Da no na yahyε wͻn ho bᴐ no

    Surah 71
    Nuh

    [1] Nokorε sε Yε’somaa Noa maa no kͻͻ nenkorͻfoͻ hͻ. (Yε’ka kyerεε no) sε: “Bͻ wo nkorͻfoͻ no kͻkͻ ansa na asotwee yaaya no aba wͻn so

    [2] (Noa) kaa sε: ”Menkorͻfoͻ meyε kͻkͻbͻni pefee ma mo

    [3] Sε: “Monsom Nyankopͻn na monsuro no, na monyε sotie ma me

    [4] (Sε moyε saa a) Ɔde mobͻne no mu bi bεkyε mo, na W’ama mo εberε akosi εberε a yahyε ato hͻ no. Nokorε sε Onyankopͻn berε no so a, yenntu nnhyε da, sε anka monim a

    [5] (Noa) kaa sε: ”Me Wura (Nyankopͻn) m’afrε me nkorͻfoͻ no anadwo ne adekyeε mu

    [6] Nanso mefrε no nnyε nkͻsoͻ biara mma wͻn, na mmom dwanee na wͻ’redwanee

    [7] Ԑberε biara a mεfrε wͻn sεdeε Wode wͻn bͻne bεkyε wͻn no, wͻ’de wͻn nsa teaa sisi wͻn aso, de wͻn ntoma katakata wͻn ho, na wͻ’tͻ kͻ (bͻne) so, na wͻ’yε akεsesεm yε ahomasoͻ papaapa

    [8] Afei m’atea mu afrε wͻn pefee mu

    [9] M’asan akasa akyerε wͻn wͻ badwa mu, asan akasa akyerε wͻn wͻ kokoa mu

    [10] M’aka akyerε wͻn sε: “Monsrε mo Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε; nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene

    [11] Ɔbεma nsuo atͻ fri soro ama no abu mo so

    [12] Na W’ama mo ahonyadeε (anaa sika) ne mma pii, na W’ama mo anya mfuo, na W’ama mo nsubͻnten

    [13] Ɛdeεn na εha mo a enti monhwehwε nkͻsoͻ ne kεseyε wͻ Nyankopͻn hͻ

    [14] Ampa sε Ɔnam akwan hodoͻ so na abͻ mo

    [15] Monhunuu sεdeε Nyankopͻn asi abͻ ͻsoro nson a, εtoatoa soͻ

    [16] Ɛna W’ayε bosome no nhyerεnee wͻ mu, εna W’ayε awia no nso kanea

    [17] Nyankopͻn na W’ama mo afifi mfifiriε pa wͻ asaase no soͻ

    [18] Afei Ɔbεma mo asan akͻ asaase no mu, na W’ama mo apue pue paa (wͻ Atemmuda)

    [19] Nyankopͻn na W’ayε asaase de asε hͻ atrε mu ama mo

    [20] Sεdeε mobεnante emu akwan a, εtrε no soͻ

    [21] Noa kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε, wͻ’ate me so atua, na wͻ’di obi a n’agyapadeε ne ne mma mmfa nkͻsopa bi mma no, gyesε berεguo no akyi

    [22] Na wͻn abͻ pͻ kεseε bi paa

    [23] Wͻ’ka sε: “Monhwε na moanyae mo anyame no (som); Monhwε na monnyae ‘Wadda’ anaa ‘Suwaa-a’ anaa ‘Yaguusa’ εne ‘Ya’uuqa’ εne ‘Nasra’ (som da)

    [24] Nokorε sε, wͻn ayera nnipa pii; na abͻneεfoͻ no deε (Awurade), εmma wͻn nnya nkͻsoͻ biara, na mmom ma wͻ’nyera anna ma wͻnsopa

    [25] Wͻn bͻne nti nsuo faa wͻn na wͻ’bεsan nso akͻ Amanehunu gyem, na wͻ’nnya ͻboafoͻ wͻ Nyankopͻn akyi

    [26] Noa kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, ennya boniayεfoͻ no mu biara wͻ asaase no so

    [27] Efrisε, sε Wogyae wͻn a, wͻ’bεyera Wonkoa no; na abͻnefoͻ boniayεfoͻ nko ara na wͻ’bεwo wͻn

    [28] Me Wura Nyankopͻn, fa mene m’awofoͻ ne obiara a, ͻde gyidie bewura me fie ha, ne agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa bͻne kyε yεn. Na abͻnefoͻ no deε εmma wͻ’nnya nkͻsoͻ, na mmom ma wͻ’nsopa

    Surah 72
    Al-Jinn

    [1] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Yayi akyerε me sε, Jinn fekuo bi tiee (Qur’aan yi mu nsεm na wͻ’kͻeε no), wͻ’ka kyerεε (wͻn nkorͻfoͻ) sε: ”Nokorε sε, y’ate akenkan bi a εyε nwanwa

    [2] Ɛkyerε kwan kͻ kwan tenenee no so, enti yε’deε y’agye adi, na yεnnfa obiara mmata ye’Wura Nyankopͻn ho (nnsom no)

    [3] Nokorε sε, Ɔne ye’Wura (Nyankopͻn), Animuonyam Hene a Netumi korͻn no, Onni yere na Onni ba nso

    [4] Nokorɛ sɛ nkwaseafoͻ bi a εwͻ yεn mu no twa nkontompo a εborosoᴐ paa deto Nyankopͻn so

    [5] Yε’deε na yε’dwen sε, onipa ne Jinn ntumi ntwa nkontompo nnto Nyankopͻn so

    [6] Nokorε sε, mmarima no bi wͻ nnipa mu a, wͻ’hwehwε ntwitwageε firi Jinn mmarima no mu bi hͻ, enti wͻ’ma (nnipa no) tͻkͻso di nsεmmͻne

    [7] Nokorε sε, wᴐ’dwen sεdeε mo (nnipa no mu bi) dwen sε Nyankopͻn nnsoma (ᴐsomafoͻ) biara no

    [8] Nokorε sε, na yεrehwehwε (kwan) sε, yεbeduru ͻsoro hͻ (akͻtie adwen a, εhͻfoͻ no refa), nanso yehunuu sε, awεnfoͻ ahoͻdenfoͻ ne ogya tanaa ayε hͻ mma

    [9] Na anka yεkͻtena (ͻsoro) tenabea no mu baabi sεdeε yεbεtie (ͻsoro asafo no adwen a, wͻ’refa). Na seesei deε obi a (ͻbεkͻ hͻ) akotie no, ͻbεkͻ akͻto ogya tanaa a εretwεn no

    [10] Nokorε nso sε yɛ’nnnim sε bͻne na Ɔrehwehwε ama asaase so foͻ, anaasε ͻkwan kyerε bi na wͻn Wura Nyankopͻn rehwehwε ama wͻn

    [11] Nokorε sε yεn mu bi yε apapafoͻ, na ebinom nso nte saa, yegu ahodoͻ a yε’nam akwan sononko-sononko

    [12] Yenim yie sε, yenntumi nwane Nyankopͻn wͻ asaase yi so, na yenntumi nso nntu nwane no (wͻ ewiem)

    [13] Enti εberε a yε’tee tenenee no ho asεm no, yε’gye dii. Na obi a ͻbεgye Nyankopͻn adie no, onsuro papa ho asisie (sε ne papa so bεteε), anaa bͻne nso ho asisie (sε yεde bͻne a ͻnyͻeε bεma no)

    [14] Yεn mu bi yε Muslimifoͻ, εna yεn mu bi nso ayera anaa wͻn amane afri kwan tenenee no soͻ. Enti obi a ͻbεyε Muslim aberε ne ho ase (ama Nyankopͻn) no, saa nkorͻfoͻ no na wᴐn afa tenenee kwan no

    [15] Na mmom ayerafoͻ no deε wͻ’ne Amane-hunu gya no nnyentia no

    [16] Sε wͻ’regyina pintinn wͻ ͻkwan tenenee no so a, anka Yε’bεma wͻn nsuo anom ama abu (wͻn) so

    [17] Sεdeε Yε’de bεyε wͻn nsͻhwε. Na obi a ͻbεtwe ne ho afri ne Wura Nyankopͻn Afutusεm no ho no, Ɔbεma no akͻ asotwee kεseε paa mu

    [18] Nokorε sε, Nyamefrε bea biara wͻ Nyankopͻn, enti monhwε na moannsu anfrε obiara (wͻ hͻ) ka Nyankopͻn nko ara ho

    [19] Nokorε sε, εberε a Nyankopͻn akoa (Muhammad) gyina hͻ rebͻ mpae sufrε no no, εkaa kakraabi sε anka (Jinnfoͻ no) kͻkyere guu no so wͻ akͻnkͻn so

    [20] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Medeε me Wura Nyankopͻn na mesu frε no, na mennfa biribi mmata ne ho “

    [21] Ka sε: “Medeε menni bͻne anaasε papa so tumi bi dema mo’’

    [22] Ka sε: “Obiara nntumi nnye me mfiri Nyankopͻn nsam, na mefri n’akyi nso a mennya dwanekͻ bea

    [23] Mmom (m’adwuma nesε) mεbͻ nsεm a efiri Nyankopͻn hͻ no ho dawuro. Enti obi a ͻbεte Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no so atua no, nokorε sε, ͻwͻ Amanhunu gya a, ͻbεtena mu afe bͻͻ

    [24] (Abosomsomfoͻ no de asoͻden saa ara) kͻpem εberε a, wͻ’behunu deε yahyε wͻn ho bͻ no, εhͻ na wͻ’behunu obi a n’aboafoͻ nni ahoͻden na (wͻn) dodoͻ nso yε kakraabi

    [25] (Nkͻmhyεni), ka sε: “Medeε mennim sε deε yahyε mo ho bͻ no abεn, anaasε me Wura Nyankopͻn de bεhyε εberε tenten bi

    [26] Ahuntasεm mu Nimdefoͻ (Nyame), Ɔnna N’ahuntasεm adi nnkyerε obiara

    [27] Gyesε Ɔsomani a W’ayi no. Nokorε sε, Ɔma Awεnfoͻ di n’anim ne n’akyi

    [28] Sεdeε Obεhunu sε ampa, wͻ’abͻ wͻn Wura Nyankopͻn asεm no ho dawuro. (Ne nimdeε) atwa deε εwͻ wͻn hͻ no (nyinaa) ho ahyia, na Wakan biribiara nso dodoͻ, (anaasε Onim biribiara dodoͻ)

    Surah 73
    Al-Muzzammil

    [1] Wo a wode bomo anaa ntoma akata wo ho

    [2] Sͻre anadwo (bͻ mpaeε), na fa (εberε) kakraabi (da gye wa’home)

    [3] Fa anadwo no mu fa (bͻ mpaeε), anaasε te (εberε) no so kakra

    [4] Anaasε fa (εberε no) bi ka ho; na fa ntooboaseε kenkan Qur’aan no sεdeε efata ma ԑho nte

    [5] Nokorε sε, Yε’de asεm a, emu yε duro paa bεma wo

    [6] Nokorε sε, anadwo berε mpaebͻ (Tahajud) no emu yε du, etu awͻse, na εma asεm no nso kͻ (onipa no mu) anaasε εma no te asεm no ase yie

    [7] Nokorj sj adekyej (berj) mu no,wo wc dwumadie pii

    [8] Na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin, na fa woho ma no kora-kora-kora

    [9] Apueε ne Atͻeε Wura ne no, Awurade foforͻ biara nnihͻ ka ne ho, enti fa no yε wo Kyitaafoͻ

    [10] Na si aboterε wͻ deε wͻ’rekeka no ho, na fa kwan pa so twe wo ho fri wͻn ho

    [11] Na gyae Mene wͻn a, wͻ’fa no atorᴐsԑm no, wͻn a wͻ’anya wͻn ho no; na wodeε to wobo ase ma wͻn kakra

    [12] Nokorε sε, Yεn hͻ na dadewεnfoͻ ne Amanehunu gya wͻ

    [13] Ɛne aduane a, ehia anaa etwi (onipa mene mu) ne asotwee a εyε ya paa (no nso wͻ)

    [14] Ɛda no a asaase ne mmepͻ bεwoso nwoso kεseε no, mmepͻ no bεyε sε anwea a yaboa ano na εredwirie

    [15] Nokorε sε, Y’asoma Ɔsomafoͻ aba monkyεn a ͻrebedi moho adanseε, sεdeε Yε’somaa Ɔsomafoͻ (Mose) kͻͻ Farao hͻ no

    [16] Nanso Farao yεε asoͻden tiaa Ɔsomafoͻ (Mose), enti Yε’sͻͻ no mu nsͻdene

    [17] Sε moannye Ɛda a εbεma nkͻdaa afu dwono no anni a, sεn na mobesi abͻ moho ban (wͻ saa Da no a)

    [18] Ɔsoro besunsuan asin-asin wͻ mu no? Nyankopͻn bͻhyε deε εyε hͻ

    [19] Nokorε sε, woi yε Afutusεm, enti obi a ͻpε no ͻnfa kwan a εkͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ no so

    [20] Wo Wura Nyankopͻn Nim yie sε, εkame ayε sε, wosͻre de anadwo no mu nkyεmu mmiεnsa mu mmienu bͻ mpaeε. Ɛtͻ dabi nso a, wokyε (anadwo no) mu mmienu; (εtͻ dabi nso a) woyi anadwo no nkyεmu mmiεnsa no mu baako (debͻ mpaeε), wͻn a wͻ’ka woho no mu bi nso saa ara. Nyankopͻn na Osusu adesaeε ne adekyeε. Onim sε monntumi nnsese, enti Wahu mo mmͻbͻ. Enti monkenkan Qur’aan no mu deε εyε mmrε (ma mo). Onim yie sε ayarefoͻ wͻ mo mu, ebinom nso tu kwan wͻ asaase no so kͻ hwehwε Nyankopͻn adom, ebinom nso reko wͻ Nyankopͻn kwan so. Enti monkenkan (Qur’aan no) mu deε εyε mmrε; na monfrε Nyame wͻ nebrε mu, na monyi Zaka, na momͻ Nyankopͻn bosea a εyε bosea pa. Adepa biara a mobεyε ato moanim no, monsa bεka no wͻ Nyankopͻn hͻ; εno na εyε paa na εno nso ne akatua a εsom boͻ. Na monsrε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε; nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

    Surah 74
    Al-Muddaththir

    [1] Wo a ntoma kata wo ho

    [2] Sͻre na bͻ (amanfoͻ) kͻkͻ

    [3] Na kamfo wo Wura (Nyankopͻn) kεseyε, (anaa da wo Wura Nyame kɛseyɛ adi)

    [4] Na di w’ataadeε ni

    [5] Na twe wo ho fri (abosomsom) fii ho

    [6] Na εnnyε adͻeε bi na εnhwehwε (wiase) mfasoͻ

    [7] Na si aboterε ma wo Wura Nyankopͻn

    [8] Nasε yεbͻ Totorobεnto no mu a

    [9] Saa Da no bεyε Ɛda a, εyε den

    [10] (Saa da no) εnyε mmrε mma boniayεfoͻ no (koraa)

    [11] Gyae obi a Menko ara na Mebͻͻ no no ma Me

    [12] Na Mama no ahonya ama abu soͻ

    [13] Ɛne mma mmarima a wͻ’tete ne ho

    [14] Ɛna M’ayε asetena mu nso bͻkͻͻ ama no

    [15] Afei ͻsan hwehwε mpo sε Menfa bi nka ne ho

    [16] Daabi da, Nokorε sε, ͻko tia Yεn Nsεm no papaapa

    [17] Mԑma mmusuo kεseε bi afro no

    [18] Nokorε sε, w’adwen, εna w’abͻ pͻ (bͻne)

    [19] Due nka no, sεdeε osi bͻͻ pͻ bͻne no

    [20] Due nka no bio, sεdeε osi bͻͻ pͻ bͻne no

    [21] Afei ͻhwεε (ne ho hyiae)

    [22] Afei omunae, εna ͻkaa n’ani ntͻn sii soͻ

    [23] Afei ͻdanee ne ho na ͻyεε ahomasoͻ

    [24] Afei ͻkaa sε: “ Woi nnyε hwee, na mmom tetefoͻ no ntafowa

    [25] Woi nnyε hwee, na mmom nipa kasaa’’

    [26] Mede no bewura Amanehunu gya Saqara no mu

    [27] Na εdeεn na εbεkyerε wo sεdeε Amane-hunu gya Saqara no siteε

    [28] Ennyae obi (wͻ aberε a εnnsεe no), na εnnfa obi nso ho nnkyε no

    [29] Ɛhye onipa honam sesa no bͻ no biri tumm

    [30] (Soro abͻfoͻ) du nkron na wͻ’hwε soͻ

    [31] Soro abͻfoͻ na Ya’yε wͻn Amanhunu gya no so hwεfoͻ; na Ya’yε wͻn dodoͻ (dunkron no,) sεdeε εbεyε suntidua ama wͻn a wͻ’nnye nnie no; na εbεma wͻn a y’ama wͻn Nyame-som ho Nwoma no gyidie asi pi, na gyidie foforͻ bεsan abεka wͻn a wͻ’agye adie no gyidie ho, na wͻn a yε’maa wͻn Nyamesom ho Nwoma no ne agyidiefoͻ no akoma nnhinhim, na afei wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no, ne wͻn a wͻ’nnye nnie no bεka sε: ‘’Ɛdeεn na Nyankopͻn de saa mfatoho yi repε akyerε?’’ Saa ara na Nyankopͻn yera obi a Ɔpε, εna Ɔkyerε obi a Ɔpε nso kwan. Obiara nnim wo Wura Nyankopͻn Asraafoͻ no, (anaa wͻn dodoͻ), gyesε Ɔno ara. Woi yε Afutusεm dema adasamma

    [32] Daabi, Mede bosome

    [33] Ne anadwo, εberε a εbεdane neho (akͻ)

    [34] Ne Anͻpa, εberε a animu bεteteε no di nse sε

    [35] Nokorε, (Amanehunu gya no) yε (mmusuo) akεseε no mu baako

    [36] Ɛyε kͻkͻbͻ dema adasamma

    [37] (Ɛyε kͻkͻbͻ) dema momu obi a ͻpεsε onya nkͻsoͻ anaasε ͻka akyire

    [38] Yε’de onipa biara kraa asi awowa ama (ͻno ara) n’adwuma a odiiε

    [39] Mmom nifa so foͻ no deε

    [40] Wͻn wͻ Aheman mu rebisa

    [41] Abͻneεfoͻ no sε

    [42] “Ɛdeεn na εde mo kͻͻ Amane hunu gya no mu?”

    [43] Wͻ’bεka sε: ”Na yεnnka wͻn a wͻ’frε Nyame no ho

    [44] Afei na yεnnka wͻn a, wͻ’ma ahiafoͻ biribi die no ho

    [45] Na yεka ahohwifoͻ no ho ne wͻn ka nsεm hunu

    [46] Na yεnnnye Atemmuda no nni

    [47] Kͻpem sε, (owuo a) εda biribiara adi pefee no bεtoo yεn.’’

    [48] Enti (saa nkorͻfoͻ no), otwitwagyeni biara ntwitwagyeε ho mma mfasoͻ mma wͻn

    [49] Na deεn na εha wͻn a, enti wͻ’retwe wͻn ho afiri Afutusεm no ho a

    [50] W’ayε (wͻn ho) sε mfunumuu a, wabͻhu

    [51] a wᴐ’redwane gyata

    [52] Daabi, wͻn mu nipa biara pεsε yεnto nkrataa (a, obiara din wͻ nedeε soͻ) nhwete ma no

    [53] Hwε, Daabi da, (saa nkorͻfoͻ no) nnsuro Daakye (Atemmuda) no

    [54] Daabi, Qur’aan yε Afutusεm

    [55] Enti obi a ͻpε no ͻnfa ntu ne ho fo

    [56] Nanso wͻ’nnfa nntu wͻn ho fo, gyesε Nyankopͻn pε; Ɔno ne Obi a εsεsε yesuro no, na yε’yε Neho ahwεyie, na Ɔno ne Obi a Ɔde bͻne kyε

    Surah 75
    Al-Qiyaama

    [1] Mede Owusͻreε Da no di nse

    [2] Mesan de (gyidieni) kraa a ᴐbᴐ ne ho soboᴐ (wͻ bͻne bi a w’ayε ho anaa papa bi a w’annyε ho) di nse

    [3] Enti onipa dwen sε, Yε’moaboa ne nnompe ano (nnyane no mmu no atεn)

    [4] Daabi, Yε’wͻ tumi sε nensa teaa ano no (mpo) Yε’yε no pεpεεpε

    [5] Nanso onipa pε sε ͻkͻso yε bͻne kͻ n’anim

    [6] Obisa (dedi fεw) sε: “Ɛberε bεn ne Owu-sͻreε Da no?”

    [7] Sε aniwa so te nyinam

    [8] Na bosome yε tumm (anaasε bosome hwere nenhyerԑnee)

    [9] Na yεka Awia ne Bosome bom a

    [10] Saa Da no onipa bεka sε: ”Dwane kͻbea wͻ hen?”

    [11] Daabi, dwane kͻbea biara nni hͻ

    [12] Saa Da no, wo Wura Nyankopͻn hͻ nko ara ne Ahomegye bea

    [13] Saa Da no, yε’bεbͻ onipa adwuma a, odi too n’anim ne deε εkaa akyire (a obuu n’ani guu soᴐ) ho amaneε

    [14] Aane, onipa no ara nim neho

    [15] Ɔpa kyεw mpo a, (ne kyεw pa no ho mma mfasoͻ biara)

    [16] (Nkͻmhyεni), εnnanedane wo kεterεma mmpere Adyisεm no ho (sε wo werε befri nti)

    [17] Nokorε sε, Yεn na (Qur’aan no) anoboa, εnesε (yεbεkyerε wo) n’akenkan no da Yεnsoͻ

    [18] Enti sε Yε’rekenkan (kyerε wo a), di akenkan no akyi

    [19] Afei nekyerεkyerεmu no nso Yε’so na εda (sε Yε’kyerεkyerε mu kyerε woͻ)

    [20] Daabi, Nanso mopε seesei wiase (asetena) yi

    [21] Na mobu moani gu Daakye deε no so

    [22] Saa Da no ebinom anim bεhyerεn

    [23] Ahwε wͻn Wura Nyankopͻn

    [24] Saa Da no ebinom nso anim bemuna kusuu

    [25] (Saa nkorͻfoͻ no) adwen sε mmusuo kεseε bi reba wͻn so

    [26] Aane, Sε (nkwa no) duru (owufoͻ no) mene mu a

    [27] Wͻ’ka sε: “Hwan na ͻbεgye no”

    [28] (Owufoͻ no) behunu sε, nokorε, ͻne (wiase) redi mpaapaemu

    [29] Na (owufoͻ no refa) ma anantu ne anantu kᴐka bom

    [30] Saa Da no wo Wura Nyankopͻn hͻ na yεka kͻ

    [31] Enti (boniayεni no) annye (Qur’aan) anni, εna wannfrε Nyame nso

    [32] Na mmom obuu no atorͻsεm danee n’akyi demaae

    [33] Afei ͻde ahomasoͻ kunkon kͻͻ n’abusuafoͻ hͻ

    [34] Due nka wo. Enti Due

    [35] Due nka wo bio, Enti Due

    [36] Enti onipa dwen sε yε’bεgyae no kwa

    [37] Na ͻnnyε nkwa-boaa a, efiri ahobae a, ehwie anaa epue ba no mu

    [38] Ansa na ͻreyε mogya-toa, εna (Nyankopͻn) bͻͻ (no) yεε (no) pεpεεpε

    [39] Ɛna Ͻyεε no mmienu, ͻbarima ne ͻbaa

    [40] Enti (Nyankopͻn a, ͻnam anwanwa kwan a yakyerε yi so bͻͻ onipa no), Onni tumi sε Ɔbenyane owufoͻ aba nkwa mu (bio)

    Surah 76
    Ad-Dahr

    [1] Nokorε sε εberε bi baa onipa so a, na ͻnnyε biribi a yεbͻ din

    [2] Nokorε sε, Yε’bͻͻ onipa firi (ͻbarima ne ͻbaa) ahobae a adi afra mu sε yε’resͻ no ahwε, enti Y’ama no aso ne ani

    [3] Nokorԑ sε, Y’akyerε no ͻkwan no;- Deε ͻfa so a obeyi (Nyankopͻn) ayε anaa deε ͻfa so a obeyi (Nyankopͻn) boneayε

    [4] Nokorε sε, Y’asiesie dadeԑ nkͻnsͻnkͻnsͻn ne dadewεnfoͻ ne Amanehunu gya ato hͻ ama (Kaafirfoͻ) boneayεfoͻ no

    [5] Ampa sε, apapafoͻ no bεnom kuruwa bi mu a, (emu nsuo no) deε yε’de afra ne ‘Kaafuur’ anaasε Kamfa

    [6] Ɛyε asutire bi a Nyankopͻn nkoa no bεnom mu (nsuo), na εbεtene abu so

    [7] (Saa apapafoͻ no ne wͻn a) wͻ’di wͻn bͻhyε soͻ, san suro Ɛda no a, emu bͻne trε kͻ akyirikyiri no

    [8] Na wͻ’ma ohiani ne awisiaa ne deduani aduane di, εnam Nyankopͻn ho dͻ nti

    [9] (Deε wͻ’ka ne sε): Yε’deε yεrema mo aduane adi de ahwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam; yε’nhwehwε akatua anaa aseda bi wͻ mo hͻ

    [10] Efirisε, ye’suro muna ne ahokyerε Da kεseε a efri yεn Wura Nyankopͻn hͻ no

    [11] Enti Onyankopͻn beyi wͻn afri saa Da no bͻne mu, ama wͻn ahyia anigyeε ne ahosεpε

    [12] Aboterε a wͻ’nyaaeε no ho nti, Ɔde Aheman ne serekye (anaa kyeme) ntoma betua wͻn ka

    [13] Wͻ’bεgyegye ada mu wͻ Ahennwa so wͻ (Aheman no) mu; wͻ’nnhunu awia (hyew) anaasε awͻ a ano yε den wͻ hͻ

    [14] (Aheman no mu nnua no) nyunu no bεbεn akata wͻn so, na emu nnuaba no nso bεbεn wͻn paa (ama neteε ayε mmrε ama wͻn)

    [15] Nkuruwa bi nso a εyε dwetε, ne senya nkuruwa betwa wͻn ho ahyia

    [16] Senya nkruwaa a εhyerεn tesε dwetε. Y’asusu no pεpεεpε (sεdeε wͻ’pε no)

    [17] Yε’bεma wͻn asan anom kuruwa bi a, (emu nsuo no) afradeε yε ‘Zanjabiil’ wͻ (Aheman no) mu

    [18] Asutire bi wͻ (Aheman no) mu, yεfrε no ‘Salsabiil’

    [19] Mmeranteε a wͻn mfie no tesε deε εteε daa bedi wͻn ho akͻneaba (asom wͻn); sε wohu (saa mmeranteε) no a wobεka sε nhwene pa bi a y’ato apetee

    [20] Na sε wohwε (Aheman no mu) a, εhͻ na wohunu anigyeε ne Ahennie kεseε

    [21] Wͻ’befira serekye ntoma pa a εyε ahahan-mono, εna ago; na yεde dwetε nkapo asiesie wͻn. Na wͻn Wura Nyankopͻn bεma wͻn nsu kronkron anom

    [22] (Yε’bεka akyerε wͻn sε): “Nokorε, woi ne moakatua, mommͻden a mobͻeε no so aseda nie”

    [23] (Nkͻmhyεni), nokorε sε, Yεn na Ye’siane Qur’aan no nkrankakra ma woͻ

    [24] Enti nya aboterε fama wo Wura Nyankopͻn atemmuo no, na entie wͻn mu bͻneεni anaasε boniayεni biara

    [25] Na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin anͻpa ne anyumerε

    [26] Anadwo no mu bi nso fa w’anim butu fͻm fama no, na fa anadwo no mu berε tenten tontom no

    [27] Nokorε sε, saa nkorͻfoͻ yi pε seesei (wiase asetena yi), na wͻ’bu wͻn ani gu Ɛda a emu (asεm) yε den (a εda wͻn anim) no so

    [28] Yεn na Yε’bͻͻ wͻn, hyεε wͻn mpamuden; sε Yε’pε a Yε’bεsesa wͻn korakora de wͻn sεso (foforͻ) abεhyε wͻn anam mu

    [29] Nokorε sε, saa (Qur’aan yi) yε afutusεm (mamo), enti obi a ͻpε no ͻnfa ͻkwan a εkͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ no so

    [30] Ԑnnyε sεdeε mopε, (na εbεyε hͻ) na mmom sεdeε Nyankopͻn pε. Nokorε, Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ

    [31] Ɔde obi a Ɔpε Wura N’ahummͻborͻ no mu; na abͻneεfoͻ no deε W’asiesie asotwee a εyε ya paa ato wͻn hͻ

    Surah 77
    Al-Mursalaat

    [1] Mede mframa a, εrebͻ toatoasoͻ

    [2] Na εfa mframa a ano yε den

    [3] Ne (Soro abͻfoͻ a, wͻ’de nsumunaeε no) hwete kͻ meamea

    [4] Ne wͻn a wͻ’paepae Nokorε ne nkontompo no mu

    [5] Ne Abͻfoͻ a, wͻ’de Adiyisεm no berε Nkͻmhyεfoͻ no

    [6] Deyε nyinasoͻ anaa kͻkͻbͻ no di nse sε

    [7] Nokorԑ deԑ yahyԑ ho bᴐ no besi

    [8] Sε Nsoromma (nhyerεnee) pepa fri hͻ

    [9] Nasε ͻsoro sunsuan asin-asini

    [10] Nasε mmepͻ bubu gͻsͻͻ

    [11] Nasε εberε a yahyε ama Asomafoͻ no duru hͻ a

    [12] Yε’de ahyε da bεn

    [13] Yε’de ahyε Aseni Da (anaa nokorε ne nkontompo mpaapaamu Da no)

    [14] Ԑdeεn na εbεkyerε wo sεdeε Aseni Da no (huu) siteε

    [15] Saa Da no, due nka wͻn a wͻ’faa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no

    [16] Y’ansεe adikanfoͻ no (a wͻ’annye annie) no

    [17] Saa ara na Yε’bεma nkyirimma yi nso atoa wͻn soͻ

    [18] Saa ara na Yε’deyε abͻneεfoͻ no

    [19] Saa Da no, due nka wͻn a wͻ’faa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no

    [20] Y’ammͻ mo amfiri nsuo a yebu no animtia mu

    [21] Ɛna Yε’dehyεε bea bi a εhͻ dwoͻ (wͻ awodeε mu)

    [22] Kͻpem εberε bi a yahyehyε ato hͻ

    [23] Ɛna Yε’totoo no pεpεεpε. Hwε sεdeε yesi toto ntotoeε pa

    [24] Saa Da no, due nka wͻn a wͻ’faa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no

    [25] Yε’nyεε asaase no tenabea a εgye

    [26] Ateasefoͻ ne awufoͻ

    [27] Ɛna Yε’de mmepͻ atenten asisi soͻ, εna Yε’ma mo nsuo a εyε dε nom

    [28] Saa Da no due nka wͻn a wͻ’faa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no

    [29] (Saa Da no, yεbεka akyerε wͻn sε): “Monkͻ deε mobuu no atorͻsεm no mu

    [30] Monkͻ enyunu a, εwͻ nkorabata mmiεnsa no mu

    [31] Ɛnyε enyunu, na εnyε mfasoͻ biara nso (mma wͻn) wͻ gyaframa no ho

    [32] Nokorε sε, (saa gya no) turituri gyasrama a, εtesε abrosan

    [33] Tesε nyoma nsikaa-nsikaa’’

    [34] Saa Da no, due nka wͻn a wͻ’faa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no

    [35] Saa Da no, wͻ’ntumi nnkasa,36. Na yε’mma wͻn kwan na wͻ’apa kyεw

    [36] Na yε’mma wͻn kwan na wͻ’apa kyεw

    [37] Saa Da no, due nka wͻn a wͻ’faa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no

    [38] Mpaepae mu anaasε Aseni Da no nie, Y’aboa mo ne tetefoͻ no nyinaa ano

    [39] Enti sε mowͻ pͻ bi bͻ a, εneε momͻ ntia Me

    [40] Saa Da no, due nka wͻn a wͻ’faa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no

    [41] Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ enyunu mu, ne nsuo aniwa ho

    [42] Ne nnuaba ahodoͻ a wͻn kͻn dͻ

    [43] (Yε’bεka akyerε wͻn sε): “Dwuma (pa) a modiiε no ho nti no, monfa anigyeε nnidi na monom “

    [44] Nokorε sε, saa ara na Ye’tua apapafoͻ no (dwumadi pa) no so ka

    [45] Saa Da no, due nka wͻn a wͻ’faa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no

    [46] (Abͻneεfoͻ), monidi, na monye moani berε tiaa bi, nokorε sε, moyε abͻneεfoͻ

    [47] Saa Da no, due nka wͻn a wͻ’faa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no

    [48] Sε yεkakyerε wͻn sε, momͻ momu ase (nsom Onyankopͻn) a, wͻ’mmͻ wͻn mu ase

    [49] Saa Da no, due nka wͻn a wͻ’faa (Owusͻreε Da) no sε atorͻsεm no

    [50] Enti (Qur’aan yi mu nsεm) akyi asεm bεn bio na wͻ’bεgye adie

    Surah 78
    An-Naba’

    [1] Ɛfa εdeεn ho na wͻ’rebisa wͻn ho wͻn ho no

    [2] Ɛfa Amanebͻ (anaasε Asεm) kεseε no ho asεm no anaa

    [3] Ɛno na wͻ’regye ho akyinnyeε no

    [4] Nokorε sε wͻ’behunu

    [5] Nokorε bio sε wͻ’behunu

    [6] Yεnfaa asaase nsεε hͻ ntrεε mu

    [7] Ɛna Y’ayε mmepͻ tesε epie de atintim soͻ

    [8] Ɛna Y’abͻ mo mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε)

    [9] Ɛna Y’ayε monna no ahomegyeε (berε paa)

    [10] Ɛna Y’ayε anadwo (sε) akatasoͻ (ama mo)

    [11] Ɛna Y’ayε adekyeε no (εberε a mode) hwehwε akͻnhoma

    [12] Ɛna Y’asi ͻsoro nson a εyε den papaapa wͻ mo apampamu

    [13] Ɛna Y’ayε kanea a εhyerεn papaapa wͻ mu

    [14] Ɛna Ye’siane nsuo firi mununkum no mu ma no bu soͻ

    [15] Sεdeε Yε’de bεma nnuaba ne mfudeε afifire

    [16] Na turo mu nneεma nso bεka abͻmu yuu

    [17] Nokorε sε Asenni Da no yε εberε a y’ahyε ato hͻ

    [18] Ɛda a yε’bεbͻ Totorobεnto no mu no, mobεba no akuo-akuo

    [19] Na ͻsoro bebue na ayε apono

    [20] Mmepͻ nso betutu afri hͻ na (asaase so) ayε sε kum-aforͻteε

    [21] Nokorε sε, Amanehunu gya no tε baabi retwεn

    [22] Ɛhͻ ne abͻneεfoͻ no nnkyi

    [23] Wͻ’bεtena mu mfi tenten

    [24] Wͻ’nnya nnyunu wͻ hͻ, na wͻ’nnya anom deε biara nso nnka nnhwε

    [25] Gyesε nsuo hyeε a aben papaapa ne ekuro mu nsuo (na wͻ’bεnom)

    [26] Akatua a εfata (wͻn) ne no

    [27] Nokorε sε, na wͻ’nnsuro (wͻn dwumadi bͻne no ho) akontabuo no

    [28] Wͻ’faa Yεn Nsεm no atorͻsεm paa

    [29] Biribiara nso y’atwerε ato hͻ wͻ Nwoma mu

    [30] Enti monka (modwumadi bͻne no so aba) nhwε, na Yε’mmfa hwee nka moho gyesε asotwee

    [31] Nokorε sε, nkonimdie wͻ Nyame-surofoͻ no

    [32] (Wͻ’benya) Turo, ne bobe

    [33] Ɛne mmabaawa a wͻ’bͻ tipεn

    [34] Ne nkuruwa a yahyehyε no ma-ma

    [35] Wͻ’nnte nsεm hunu anaa nkontomposεm biara wͻ hͻ

    [36] Akatua a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ, εyε akyεdeε a εsom bo

    [37] Ͻsoro ne Asaase ne deε εwͻ mfinfii no Wura, Ahummͻborͻ Hene no, obiara nni hᴐ a (obenya akokoᴐduro) sε ͻne no bεkasa

    [38] Ɛda a Honhom no ne Soro abͻfoͻ no bεto santen no, obiara nnkasa gyesε obi a Ahummͻborͻ Hene no ama no kwan, na ͻbεka asεm a εyε

    [39] Saa Da no yε nokorε, enti obi a ͻpε no, ͻnfa ne Wura Nyankopͻn hͻ nyε ne nnkyi

    [40] Nokorε sε Yε’rebͻ mo kͻkͻ fa asotwee a abεn no ho. Ɛda a onipa behunu dwuma a nensa adi ato n’anim no, boniayεni no bεka sε: “Ɛkaa menkoa anka meyε mfuturo”

    Surah 79
    An-Naazi’aat

    [1] Mede (Soro abͻfoͻ a wͻ’yi abͻneεfoͻ no nkwa wͻ) ahometeε soͻ

    [2] Ne (Soro abͻfoͻ a wͻ’yi apapafoͻ no nkwa) wͻ anigyeε ne ahosεpε soͻ

    [3] Ne (Soro abͻfoͻ a), wͻ’dware sε asudwarefoͻ de Nyankopͻn ahyεdeε no ba

    [4] Na wͻ’yε ntεntεm sε akansifoͻ

    [5] Na wͻ’toto Nyankopͻn Ahyεdeε no di nse sε

    [6] Ɛda a awosoͻ no bεwoso deε edikan

    [7] Na deε εtͻso mmienu no bεtoa soͻ no

    [8] Saa Da no, akoma bεbͻ binim (ama onipa ho awoso)

    [9] Ebinom ani bewu

    [10] Wͻ’ka sε: “Enti yε’bεsan anyane aba nkwa tebea mu bio

    [11] Aberε a (y’awu) ayε nnompe a, ahunu?”

    [12] Wͻ’ka sε: “Sε (Wusͻreε no yε nokorε ampa a), εneε na yεresan aba nkwa mu bio no bεyε brεguo (ama yεn Kaafirfoͻ no)“

    [13] (Owusͻreε no) yε Nteamu baako pε

    [14] Na deε wͻ’behunu ara nesε, wͻ’anyane afri owuo mu na wͻn wͻ asaase soͻ

    [15] Enti Mose ho asεm no abeduru wo hͻ

    [16] Ɛberε a ne Wura Nyankopͻn frεε no wͻ Bonhwa kronkron Tuwa mu hͻ no

    [17] Ɔka kyerεε no sε: “Kͻ Farao hͻ, na nokorε sε wate atua, ayε bͻne atra so “

    [18] Na ka kyerε no sε: “Wopε sε woyε kronkron

    [19] Na menkyerε wo kwan nkͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ na nya Neho suro?”

    [20] Ɔde Nsεnkyerεnee akεseε no kyerεε no

    [21] Nanso ᴐfaa no atorᴐsԑm, yεε asoͻden nso

    [22] Afei ͻdanee n’akyi maae, bͻͻ mmͻden (sε ͻbεko atia Mose ne ne Nyankopͻn)

    [23] Ɔboaboaa nenkorͻfoͻ ano paee mu (detoo wͻn anim)

    [24] Ɔkaa sε: “Me ne mo wura kokuroko no “

    [25] Enti Nyankopͻn de daakye ne seseei (wiase) asotwee no twee n’aso

    [26] Nokorε sε, adesua wͻ woi mu dema obi a osuro Nyankopͻn

    [27] Enti (nnipa), mo mmͻeε na εyε den anaasε ͻsoro? Ɔno na Ɔbͻeε

    [28] Pagyaa ne soro kͻ, siesieε, totoo no pεpεεpε

    [29] Ɛna n’anadwo no nso W’ayε no esum, εna W’ama n’adekyeε nso nhyerεnee

    [30] Ɛna εno akyiri no, Ɔde asaase sii hͻ sε kosua trεε mu

    [31] Maa emu nsuo ne emu nwira puepueeε

    [32] Ɛna Ɔde mmepͻ nso atintim so pintinn

    [33] (Woi nom) yε akͻnhoma mamo ne mo nyεmmoa

    [34] Sε Mmusuo Da kεseε no ba a

    [35] Saa Da no na onipa bεkae ne mmͻden a ͻbͻeε

    [36] Amanehunu gya bεda adi pefee ama obi a ohunu

    [37] Na obi a ͻtee atua dii bͻne

    [38] Na (ᴐhwԑԑ mu) yii wiase asetena yi no

    [39] Nokorε sε, Amanehunu gya no mu ne ne fiee

    [40] Na obi a ͻno deε osuroo sε ͻbegyina ne Wura Nyankopͻn anim, na osii ne kraa ho kwan frii honam apεdeε anaa honam akͻnͻdeε ho no

    [41] (Saa nipa no) fiee ne ͻsoro aheman no mu

    [42] Wͻ’rebisa wo εberε no ho asεm sε, εberε bεn na ebesie

    [43] (Ɛberε a εbesie no deε) deεn na wo (betumi) aka fa ho

    [44] Nebrε a εbesie no deε εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ

    [45] Na wo (Nkͻmhyεni) deε woyε kͻkͻbͻni ma obi a osuro (saa Da no)

    [46] Ɛda a (wͻn a wͻ’nnye nnie no) behunu (saa Da) no no, εbεyε wͻn sε anyumerε mu anaa anͻpa mu berε tiaa bi na wͻ’de tenaa (wiaseε)

    Surah 80
    ‘Abasa

    [1] (Nkͻmhyεni) anim sesaae, na ͻdanee ne ho

    [2] Efirisε onifirani no baa ne hͻ

    [3] Na εdeεn na εbεkyerε wo sε ebia (saa onifirani no) bεyε kronkron

    [4] Anaasε ͻde afutuo no bεto n’adwene mu ama afutuo no ho aba no mfasoͻ

    [5] Obi a ͻhwε ne ho sε ͻsom bo no

    [6] Ɔno mmom na wotie no

    [7] Sε wannyε kronkron a, εho asεm nna wo so

    [8] Obi a wabͻ mmͻden aba wo hͻ

    [9] Na osuro (Nyankopͻn no)

    [10] Ɔno mmom na w’ayi w’adwen afri ne soͻ

    [11] Daabi, εyε Afutusεm

    [12] Enti obi a ͻpε no, ͻmfa ntu (ne ho) fo

    [13] Ɛwͻ Animuonyam Nwoma (a εwͻ Nyankopͻn hͻ) no mu

    [14] (Nwoma a) εkorͻn wͻ Animuonyam ne kronkron yε mu

    [15] Wͻ (Soro abͻfoͻ) Atwerεfoͻ nsam

    [16] (Atwerεfoͻ) Animuonyamfoͻ apapafoͻ no

    [17] Due nka onipa. Sεdeε neboniayε siteε

    [18] Ͻbͻͻ no fri adeε bεn mu

    [19] Ɔbͻͻ no fri ahobae mu, εna Osiesiee no

    [20] Afei Ɔyɛε ne kwan so dwoodwoo maa no

    [21] Afei na W’asan ama no awu na W’asie no wͻ adakamena mu

    [22] Nasε Ɔpε nso a na W’anyane no (afri owuo mu)

    [23] Daabi, nanso (onipa) nyε deε (Nyankopͻn) ahyε ( no sε ͻnyε)

    [24] Enti onipa nhwε n’aduane (ahyε ase)

    [25] Yehwie nsuo no ma ebuso paa

    [26] Afei na Y’ama asaase no apaepae paa

    [27] Na Y’ama nnuaba afifi wͻ so

    [28] Ne bobe ne wira ne mfudeε ahodoͻ

    [29] Ne nku dua ne akyiresua dua

    [30] Ne Turo a yagye ho a nnua ateten ahyε mma

    [31] Ne nnuaba ne wira a mmoa weε

    [32] Ԑyԑ akᴐnhoma mamo ne monnyεmoa

    [33] Nasε nteamu denden no ba a

    [34] Saa Da no onipa bedwane ne nua

    [35] Ne ͻmaame ne nepapa

    [36] Ne neyere ne ne mma

    [37] Saa Da no, wͻn mu nipa biara ani bεbere wͻ asεm a εfa ͻno ara ne ho a, obi deε mmfa ne ho ho

    [38] Saa Da no, ebinom anim bεhyerεn

    [39] Asere wͻ anigyeε mu

    [40] Saa Da no, ebinom nso anim bεyε mfuturo

    [41] Esum bεkata wͻn so, na animguaseε bεka wͻn

    [42] Saa nkorͻfoͻ no ne (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ nnipa bͻnefoͻ no

    Surah 81
    At-Takwiir

    [1] Sε yεbobͻ awia ma nenhyerεne no fri hͻ na εyε tumm

    [2] Na sε Nsoromma tete hwe

    [3] Na sε mmepͻ tutu fri hͻ

    [4] Na sε yεto yoma bedeε a ͻnyem abosome du asaworam

    [5] Na yεboa nkeka-boaa ano wͻ faako

    [6] Na sε ogya tͻ po mu na ehuru, anaasε eyiri ma no kabom yε ͻpo baako

    [7] Na sε yεka akra ne (honam) bͻ mu

    [8] Na yebisa abaayaa (akokoaa) a, yasie no animono so sε

    [9] “Ɛdeεn bͻne na ͻyεeε a yekum no?”

    [10] Na sε yebue (obiara adwuma a, odiiε ho) Nwoma no mu

    [11] Na sε ͻsoro nkatanimu no yi na efri netebea hͻ

    [12] Na yεsͻ Amanehunu gya no ano

    [13] Na yεde ͻsoro Aheman no bεn (agyidiefoͻ no) a

    [14] (Ɛhͻ na) ͻkra biara behunu (dwuma pa anaasε dwuma bͻne a) ͻde aba

    [15] Mede Nsoromma a

    [16] Epue na εnante kͻtͻ

    [17] Ne anadwo, sε εde nesum no ba (bεkata biribiara so)

    [18] Ne ahomakye, εberε a εbεhome ayi nenhyerεnee no adie no di nse sε

    [19] Nokorε, (Qur’aan) yε Ɔbͻfoͻ Nimuonyamfoͻ no asεm (a, Nyankopͻn de asomaa no)

    [20] (Ɔbͻfoͻ Gabriel) a ͻwͻ Tumi ne diberε wͻ Animuoyam Hene no anim no

    [21] (Gabriel) a (Abofoͻ) yε sotie ma no, Nokwafoͻ no

    [22] Enti moyͻnko (Muhammad) mmͻͻ dam

    [23] Ԑyε ampa sε, ohunuu (Gabriel) pefee wͻ wiem

    [24] (Muhammad) nyε obi a ͻde Asumade no sie, bͻho ayεmuͻnyono

    [25] (Qur’aan) nyε ͻbonsam a y’abͻ no dua no asεm

    [26] Na afei εhen na morekͻ yi

    [27] Nokorε sε (Qur’aan) yε afutusεm ma amansan nyinaa

    [28] (Titiriw) dema mo mu obi a ͻpε sε onya kwankyerε

    [29] Na εnnyε sεdeε mopε, na mmom sεdeε Onyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no pε (na εbεyε hͻ)

    Surah 82
    Al-Infitaar

    [1] Sε ͻsoro mu sunsuan

    [2] Na sε Nsoromma tete hwe na etu pete

    [3] Na sε ͻpo yiri na ebu faso

    [4] Na sε Adakamena so buebue a

    [5] Ɛna ͻkra biara behunu deε (ͻyε de too) n’anim ne deε εkaa akyire

    [6] Onipa, εdeεn adeε paa na adaadaa wo wͻ wo Wura Adom Hene no ho

    [7] (Wo Wura) no a Ɔbͻͻ wo, nwenee wo siesiee wo, totoo wo pεpεεpε

    [8] De wo too mfonini biara a Ɔpε mu

    [9] Aane, nanso monnye Atemmuo no nni

    [10] Nokorε sε, (Soro abͻfoͻ) Awεnfoͻ ka moho

    [11] Atwerεfoͻ Animuonyamfoͻ no

    [12] Wͻ’nim deε moyε (nyinaa)

    [13] Nokorε sε, apapafoͻ no bεwͻ anigyeε mu

    [14] Nokorε nso sε, abͻneεfoͻ no bεkͻ Amanehunu gya no mu

    [15] Wͻ’bεkͻ mu wͻ Akatua da no

    [16] Na wͻ’mmfri mu

    [17] Ԑdeεn na εbεkyerε wo sεdeε Akatua da no siteε

    [18] Bio, εdeεn na εbεkyerε wo sεdeε Akatua da no siteε

    [19] Ɛyε Da a, ͻkra bi nni tumi a ͻde bεboa ͻkra bi wͻ biribi ho; na saa Da no tumi nyinaa wͻ Nyankopͻn

    Surah 83
    Al-Mutaffifiin

    [1] Due nka asisiefoͻ no

    [2] Wͻn a sε wͻ’hyε (biribi tesε kookoo anaa aburoo anaa nkyene anaa εmoo) afri (obi hͻ a) wͻ'hyε ma εyε mma

    [3] Na sε wͻ’rehyε anaasε wͻ’resusu (ama obi a) wͻ’te so (bͻ saa nipa no nyansa korͻno)

    [4] Enti saa nkorͻfoͻ no nnwen sε yεbenyane wͻn

    [5] Ama Ɛda kεseε bi

    [6] Ɛda a nnipa nyinaa begyina Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn anim no

    [7] Daabi, Abͻnefoͻ no Nwoma wͻ ‘Sijjinn’ mu

    [8] Na εdeεn na εbεkyerε wo adeε a εyε ‘Sijjnn’ no

    [9] Ɛyε Nwoma a yatwerε (fa abͻneεfoͻ no nyuma ho)

    [10] Saa Da no, due nka wͻn a wͻ’fa (Nokorε no) sε atorͻsεm no

    [11] Wͻn a wͻ’fa Akatua da no atorᴐsԑm no

    [12] Na obiara nnihͻ a ᴐfa no atorᴐsԑm, gyesε mmaratoni, ͻbͻneεni

    [13] Sε yεrekenkan Yεn Nsεm no kyerε no a, deε ͻka ne sε: “Tetefoͻ no anansesεm”

    [14] Daabi, (Dwumadi bͻne a) wͻ’nsa aka no awe naakyee wͻ wͻn akoma mu

    [15] Daabi, saa Da no yεde ntwaremu betware wͻn ne wͻn Wura Nyankopͻn ntεm

    [16] Afei yεde wͻn bεkͻ Amanehunu gya no mu

    [17] Afei yεbεka sε: “Woi na mofaa no atorͻsεm no “

    [18] Aane, nokorε sε apapafoͻ no Nwoma wͻ ‘illiyyiin

    [19] Na εdeεn na εbεkyerε wo deε εyε ‘Illiyyuun’ no

    [20] Ɛyε (apapafoͻ no nyuma a y’atwerε) ho Nwoma

    [21] (Soro Abͻfoͻ) a wͻ’bεn (Nyankopͻn) no di ho adanseε

    [22] Nokorε sε, apapafoͻ no wͻ anigyeε mu

    [23] Wͻ Animuonyam Ahennwa so rehwε (deε εrekͻ soͻ)

    [24] Wohunu anigyeε no nhyerεnee wͻ wͻn anim

    [25] Yε’bεma wͻn nsa kronkron a yatua ano anom

    [26] Nentuano no yε ‘Misk’. Woi so na wͻn a, wͻ siakan (wc nnepa ho no) nsiakan

    [27] ‘Tasniim’ na yεde bεfra (saa nsa no)

    [28] (‘Tasniim no) yε Asutire bi a wͻn a wͻ’bεn (Nyankopͻn) no bεnom mu (nsuo)

    [29] Nokorε sε na abͻneεfoͻ no sere wͻn a, wͻ’agye adie no

    [30] Sε wᴐ’retwa mu (wͻ agyidiefoͻ no) ho a, (boniayεfoͻ no) bͻ wͻn ani kyerε wͻn ho wͻn ho (dedi agyidiefoͻ no ho fεw)

    [31] Sε wͻ’san kͻ wͻn nkorͻfoͻ no hͻ a, wͻ’san kͻ no fεw die so

    [32] Sε wͻ’hu (agyidiefoͻ) no a, asεm a wͻ’ka ne sε: “Nokorε sε, saa nkorͻfoͻ yi ayera paa.”

    [33] Nanso yεnsomaa wͻn sε wͻ’mεhwε (agyidiefoͻ no) so

    [34] Saa Da no deε, wͻn a wͻ’agye adie no bεsere wͻn a wͻ’annye annie no

    [35] (Wͻ’tete) Animuonyam Ahennwa so rehwε (deε εrekͻ soͻ)

    [36] Enti boniayεfoͻ no nyaa deε na wͻ’yε no so akatua pεpεεpε

    Surah 84
    Al-Inshiqaaq

    [1] Sε ͻsoro sunsuan asin-asin

    [2] Na otie ne Wura Nyankopͻn ahyεdeε a, εyε n’asεde (sε ͻyε sotie dema ne Wura Nyankopͻn ahyεdeε)

    [3] Na sε asaase no mu twe

    [4] Na oyi deε εwͻ ne mu nyinaa fri adi, na εda mpan

    [5] Na otie ne Wura Nyankopͻn ahyεdeε a, εyε n’asεde (sε ͻyε sotie dema ne Wura Nyankopͻn ahyεdeε)

    [6] Onipa dasani, bͻ mmͻden paa (di dwuma) a εkͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, na nokorε sε wobehyia no, (anaasε wobehyia wo dwumadie no so akatua, sε εyε papa anaasε bͻne)

    [7] (Saa Da no) obi a, yεde ne (Dwumadie ho) Nwoma bεma no wͻ nensa nifa mu no

    [8] (Saa nipa no) bebu nkonta a εyε mmrε

    [9] Na ͻbεdane neho akͻ n’abusafoͻ hͻ wͻ anigyeε mu

    [10] Na mmom obi a yεde ne Nwoma bεfa n’akyi ama no wͻ n’akyi no

    [11] Obesu afrε owuo

    [12] Na ͻbεkͻ Ogya frama mu

    [13] (Ԑberε a na ͻwͻ wiaseε no) na n’ani gye wͻ n’abusuafoͻ mu

    [14] Nokorε sε na ͻdwen sε ͻnnsan nnkͻ (Nyankopͻn) hͻ bio

    [15] Aane, nokorε sε na ne Wura Nyankopͻn hu no (abrε biara)

    [16] Mede tͻ-wia, anaasε εberε a awia akͻtͻ ama ewiem ayε kͻͻ no

    [17] Ne Anadwo, ne adeε biara a anadwo ka no soͻ, anaasε εboa ano wͻ faako

    [18] Ne εberε a bosome benyini atwa kanko no di nse sε

    [19] “Nokorε, mobεforo afri gyinabrε mu, akͻ gyinabrε mu (wͻ wiase ne Daakye)

    [20] Na afei εdeεn na εha wͻn a enti wͻ’nnye (Nokorε no) nnie

    [21] Na sε yεrekenkan Qur’aan kyerε wͻn a wͻ’mmfa wͻn anim mmutu fͻm

    [22] Aane, wͻn a wͻ’nnye nnie no fa no sε atorͻsεm

    [23] Nyankopͻn deε Onim deε wͻ’de suma

    [24] Enti fa asotwee yaaya no ho anohoba no bͻ wͻn

    [25] Na mmom wͻn a wͻ’agye (Nokorε no) adie na wͻ’di dwuma pa no deε, wͻn wͻ akatua a enni awieε

    Surah 85
    Al-Buruuj

    [1] Mede ͻsoro a, ekuta Nsoromma akεseε

    [2] Ne εda a yahyε ho bͻ no

    [3] Ne ͻdanseni no, ne adeε a, ͻredi ho adanseε no di nse sε

    [4] Due nka wͻn a wͻ’tuu Amena (de agyidiefoͻ guu mu hyee wͻn)

    [5] Wͻ ogya tanaa a, yasͻ ano mu no

    [6] Ɛberε a, na wͻ’te (ogya) no ho no

    [7] Wͻ’hunuu adeε a wͻ’de yεε agyidiefoͻ no

    [8] Ɛnyε hwee ho nti na wͻ’hyεε wͻn aniεyaa, na mmom sε wͻn agye Otumfoͻ, Ayeyie Wura Nyankopͻn no adi nti

    [9] (Nyankopͻn) no a, ͻsoro ne Asaase so Ahennie yε Nedea no. Onyankopͻn deε Odi biribiara ho adanseε

    [10] Wͻn a wͻ’tan agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no ani, na wͻn ansakra wͻn adwene no, wͻ’benya Amanehunu gya no mu asotwee, na wͻ’san wͻ ͻhyeε asotwee

    [11] Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie, na wͻ’di dwuma pa no, wͻ’benya Ahemman a, nsubͻnten nenam aseε; na εno ne Nkonimdie kεseε no

    [12] Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn buma (anaasε N’asotwee) mu yε den papaapa

    [13] Nokorε sε, Ɔno na Ɔhyεε aseε bͻͻ adeε, εna Ɔbεsan de aba nkwa mu bio

    [14] Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔdͻ ne Ayεmyε Wura no

    [15] (Ɔne) Animuonyam Ahennwa Hene no

    [16] (Otumfoͻ a) Ɔyε deε Ɔpε

    [17] (Nkͻmhyεni), asraafoͻ no ho asεm no abeduru wo hͻ

    [18] (Ɛyε) Farao ne Samuud (asraafoͻ no)

    [19] Nanso wͻn a wͻ’nnye nnie no guso po (Nokorε no)

    [20] Nyankopͻn firi wͻn akyi atwa ahyia

    [21] Aane, εyε Qur’aan, Animuonyam (Nwoma) noa

    [22] Ɛwͻ (Nyankopͻn) Apaawa (Lawuhul-Mah’fuuz) a, (Soro abͻfoͻ) bͻ ho ban no so

    Surah 86
    At-Taariq

    [1] Mede ͻsoro, ne anadwo-Srafoͻ no di nse

    [2] Na εdeεn na εbεkyerε wo deε εyε Anadwo-Srafoͻ no

    [3] Ɛyε Nsoromma a, εhyerεn papaapa

    [4] Ɔkra biara nnihͻ a, ͻwεnfoͻ nni nesoͻ

    [5] Enti onipa nhwε adeε a yεbͻͻ no firii mu

    [6] Yεbͻͻ no frii nsuo a, epue ba mu

    [7] Epue fri sisie ne mfem-padeε ntεm

    [8] Ɛyε nokorε sε, Nyankopͻn wͻ tumi sε (onipa wu a) Onyane no san ba nkwa mu bio

    [9] Ɛda a, deε asuma biara bεda adie no

    [10] (Saa Da no) onipa nni tumi anaa ͻboafoͻ biara

    [11] Mede ͻsoro a, edi nsutͻ ho akͻneaba

    [12] Ne asaase a, ebue (ma nnͻbae ne nsuo puepue fri mu) no di nse sε

    [13] Nokorε, saa (Qur’aan yi) yε Asεm a εda nokorε ne nkontompo adie

    [14] Na εnyε fεw die

    [15] Nokorε sε, (abͻneεfoͻ no) rebͻ pͻ (atia Muhammad)

    [16] Na Me (Nyankopͻn) nso Merebͻ pͻ

    [17] Enti (Nkͻmhyεni), wodeε to wobo ase ma boniayεfoͻ no, na ma wͻn εberε kakra

    Surah 87
    Al-A’laa

    [1] Bͻ wo Wura Nyankopͻn Kokuroko no abodin

    [2] (Wo Wura) no a Ɔbͻͻ adeε, totoo biribiara pεpεεpε

    [3] Na Ɔyε nhyehyεε san kyerε (nipa) kwan

    [4] Na Ɔma nwira mono fifire

    [5] Na Ɔma no hoa, na edwan

    [6] (Nkͻmhyεni), Yε’bεkenkan (Qur’aan no) akyerε wo, na wowerε mmfi

    [7] Gyesε deԑ Nyankopͻn pε. Nokorε sε, Ɔno na Onim deε εda adie ne deε asuma

    [8] Na Yε’bεyε no mmrε ama wo ama no ayε mmrε

    [9] Enti tu (wͻn) fo, efrisε mfasoͻ wͻ afutuo no so

    [10] Obi a osuro Nyame no debetu neho fo

    [11] Na otibͻneni no deε ͻbεtwe neho afri ho

    [12] Ɔno na ͻbεkͻ egya kεseε no mu no

    [13] Onnwu wͻ mu, na onnya nkwa nso

    [14] Nokorε sε, obi a obedi neho nni anaasε ͻbεyε kronkron no adi nkonim

    [15] Na Ͻbͻ ne Wura Nyankopͻn abodin, yԑ Sala (anaa ͻfrε Nyame)

    [16] Nanso mopε saa wiase asetena yi

    [17] Aberε nso a Daakye deε no na εyε, εno nso na εwͻ hͻ daa

    [18] Nokorε sε, saa (afutuo) yi wͻ tetefoͻ no Nsεmpa no mu

    [19] Abraham ne Mose Nsεmpa Nwoma no

    Surah 88
    Al-Ghaashiya

    [1] Asεm kεseε a (nehuu) boro (nipa) soͻ no ho asεm no abeduru wo hͻ

    [2] Saa Da no, ebinom ani bewu

    [3] Adwumaden, ͻberεhunu

    [4] Wͻ’bεkͻ Ogya tanaa a, ano yε den paa mu

    [5] Yεbεma wͻn anom nsuo wͻ Nsuohyeε abura mu

    [6] Wͻ’nnya aduane nni, na mmom gyesε (nkasεε dua nyononyono bi a yεfrε no) ‘Doariin’ (na wͻ’bεweε)

    [7] Ɛnnyε wͻn honam yie, na εmmee wͻn nso

    [8] Saa Da no ebinom nso anim bεyε frͻmfrͻm fεfεεfε

    [9] Wͻn ani bεgye wͻn mmͻdemmͻ ho

    [10] Wͻ Animuonyam Aheman no mu

    [11] Wͻ’nnte nsεm hunu biara wͻ hͻ

    [12] Asutire a εretene bi wͻ mu

    [13] Animuonyam ahennwa bi a yama soͻ nso wͻ mu

    [14] Ne nhwehwε nkuruwaa a, esisi hͻ

    [15] Ne mpikyi (anaasε atԑ anaa Kushin) a, yato no santen

    [16] Ɛne kapεt papa a, εsesε hͻ

    [17] Enti wͻ’nhunuu sεdeε yasi abͻ Yoma

    [18] Ɛne ͻsoro sεdeε yasi apagya no

    [19] Ɛne mmepͻ, sεdeε yasi de atintim hͻ pintinn

    [20] Ɛne asaase sεdeε yasi aterε mu

    [21] Enti tu (wͻn) fo, efirisε woyε obi a wotu (amanfoͻ) foͻ

    [22] Wonyε obi a wohyε wͻn so

    [23] Na mmom obi a, ͻbεdane n’akyi ama na w’apo (nokorε) no

    [24] Nyankopͻn de asotwee kεseε no bεtwe n’aso

    [25] Nokorε sε Yεn hͻ na wͻ’bεsan aba

    [26] Nokorε bio nso sε wͻn akontabuo da Yεn so

    Surah 89
    Al-Fajr

    [1] Mede Ahomakye

    [2] Ne Anadwo du no

    [3] Ne (abͻdeε a egu) mmienu-mmienu ne Nea Ɔda mu Fua no

    [4] Ne εberε a anadwo befri hͻ akͻ, di nse

    [5] Enti nsedie wͻ woi mu dema mmadwemmafoͻ

    [6] Wonhunuu sεdeε wo Wura Nyankopͻn de yεε Aadfoͻ

    [7] (Kuro) Iramfoͻ no, adan atenten wura foͻ no a

    [8] Yε’mmͻͻ wͻn sεso (anaasε yenni wͻn adan no sεso) wͻ asaase soͻ

    [9] Ɛne Samuudfoͻ no a, na wͻ’dwa abotan mu wͻ bonhwa no mu hͻ (deyε wͻn atenaeε no)

    [10] Ɛne Farao, Asraafoͻ dͻm Wura, anaasε εpa Wura (a, na ͻbͻ nneduafoͻ wͻ εpa mu no)

    [11] Wᴐn a wᴐ’dii nsεmͻnee wͻ asaase no so

    [12] Enti maa bͻne dͻͻso pii wͻ soᴐ no

    [13] Wo Wura Nyankopͻn hwiee asotwe abaa-twa guu wͻn so

    [14] Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn tεhͻ rewεn

    [15] Onipa deε sε ne Wura Nyankopͻn sͻ no hwε, hyε no animuonyam, na Ɔyε no adom bi a, ͻka (detu neho) sε: “Me Wura Nyankopͻn ahyε me animuonyam

    [16] Na mmom sε Ɔsͻ no hwε na Ɔma neho kyere no wͻ akͻnhoma ho (anaasε Ɔma no hia no) a, ͻka sε: “Me Wura Nyankopͻn agu m’anim ase “

    [17] Daabi (ԑnte saa), nanso monnfa obuo mma agyanka (anaa awisiaa)

    [18] Afei monnhyε sε wͻ’didi a, wͻ’ma ahiafoͻ bi die

    [19] Afei modi awugyadeε adefodepε so

    [20] Na modͻ sika ma no bro so

    [21] Daabi, sε asaase bubu na εyε gͻsͻgͻsͻ

    [22] Na wo Wura Nyankopͻn ba a Soro abͻfoͻ no ato santen

    [23] Na saa Da no yεde Amanehunu gya no ba a, saa Da no onipa bεfa adwen anaasε obetu neho fo, na deεn mfasoͻ na adwen anaa afutuo no bεyε ama no

    [24] Ͻbεka sε: “Mehunuui a anka medii (dwuma pa) detoo m’anim maa me Daakye nkwa nna yi

    [25] Saa Da no asotwee a (Nyankopͻn debεtwe abͻneεfoͻ no aso no) obiara ntumi ntwe bi saa

    [26] Na sεdeε Obesi akyekyere (abͻneεfoͻ no wͻ nkͻnsͻnkͻnsͻn mu no), obiara ntumi nkyekyeree bi saa da

    [27] (Yεbεka akyerε apapafoͻ no sε): “Ɔkra a w’akoma atͻ wo yamu

    [28] San bra wo Wura Nyankopͻn hͻ, W’agye wo atom wonso w’agye no atom

    [29] Enti bεka Menkoa no ho

    [30] Na wura Me Soro aheman no mu’’

    Surah 90
    Al-Balad

    [1] Mede saa (Maka) kuro yi di nse sε

    [2] Wo (Nkͻmhyεni) wowͻ saa kuro yi mu ho kwan

    [3] Mesan de agya ne deε ͻwoeε di nse sε

    [4] Nokorε, Yε’bͻͻ onipa wͻ nkodene, abenedie ne abεbrεsε mu

    [5] Anaasε n’adwen yε no sε, obiara nni neso tumi

    [6] Ɔka (detu ne ho) sε: “M’asεe sika pii’’

    [7] Anaasε n’adwen yε no sε, obi nnhu no anaa

    [8] Ya’mmaa no ani mmienu

    [9] Ɛna kεterεma εna anofafa mmienu

    [10] Ɛna Y’akyerε no (papa ne bͻne) akwan tempͻn mmienu no

    [11] Nanso ͻmmͻ neho mmͻden sε ͻbεfa mmepͻ kwan no so

    [12] Ԑdeεn na εbεkyerε wo adeε a εyε mmepͻ kwan no

    [13] (Ɛne sε) wobεma ͻdͻnkͻ faahodie

    [14] Anaasε wobεma ano duane wͻ ԑkͻm berε mu

    [15] Fama awisiaa a ᴐyԑ busuani

    [16] Anaasԑ ohiani a wabᴐ fᴐm (anaa ohiani buruburoo)

    [17] Na afei ͻbεka wͻn a, wͻ’agye (Nokorε no) adie no ho, na ͻde aboterε ne ntooboaseε no atu foͻ, na ͻde ahummͻborͻ no ho afutuo no nso atu foͻ

    [18] Saa nkorͻfoͻ no ne Nifa so foͻ no

    [19] Wͻn a wͻ’po Yεn Nsεm no nso, wͻn ne Benkum so foͻ no

    [20] Wͻn so na yεde Egya no bεkata atwa ahyia

    Surah 91
    Ash-Shams

    [1] Mede Awia ne nenhyerεnee

    [2] Ne bosome, εberε a ebedi awia akyi

    [3] Ne adekyeε, εberε a εbεda (awia) animuonyam no adi

    [4] Ne adesaeε, εberε a εbεkata (abͻdeε) soͻ

    [5] Ne ͻsoro ne Nea Osii (ͻsoro no), anaa adeε a yεde yεε ͻsoro no

    [6] Ne Asaase ne Nea Ɔterεε (asaase no) mu

    [7] Ne (onipa) kraa, ne Nea Osiesiee no pεpεεpε

    [8] Na Oyii deε εyε bͻne, ne deε εyε papa adi kyerεε (ͻkra) no, di nse sε

    [9] Nokorε, obi a ͻbεyε ne kraa kronkron no adi nkonim

    [10] Na nea obetia ne kraa soͻ (anaa obegu ne kraa ho fii) no adi nkoguo

    [11] Samuudfoͻ de wͻn atuateε poo (wͻn Nkͻmhyεni Soalhu)

    [12] Ɛberε a, wͻn mu tibͻneεni no sͻre tee atua

    [13] Nyankopͻn Somafoͻ (Soalhu) ka kyerεε wͻn sε: “(Aboa no) yε Nyankopͻn yoma bedeε, enti moma no kwan na ͻnom nsuo (no bi)

    [14] Nanso wͻ’buu no ᴐtorofo, na wͻ’kum (yoma bedeε) no. Enti wͻn Wura Nyankopͻn de wͻn bͻne sεee wͻn pasaa kataa wͻn so pεpεεpε

    [15] Na Nyankopͻn deε Onsuro (deε Ɔyε biara) akyire asεm

    Surah 92
    Al-Lail

    [1] Mede εberε a, adesaeε bεkata (biribiara) soͻ

    [2] Ne εberε a adekyeε bεhyerεn

    [3] Ne Nea Ɔbͻͻ onini ne ͻbedeε, anaa adeε a yεde bͻͻ onini ne ͻbedeε di nse sε

    [4] “Nokorε, mommͻdemͻ gu sonoko-sonoko”

    [5] Enti obi a ͻbεyε ayεmyε, na ͻbesuro Nyankopͻn, (anaa ͻbεyε ahwεyie)

    [6] Na ͻbεgye papa no (anaa) deε εyε no adie no

    [7] Yε’bεma kwan pa no ayε mmerε ama no bͻkͻͻ

    [8] Na mmom obi a ͻbεyε pεpεε ahwε neho sε ͻsom bo

    [9] Na ͻbεpo papa no

    [10] Yε’bεma ahokyerε kwan no ayε bͻkͻͻ ama no de no akͻ ahokyerε mu.”

    [11] Ɛberε a ͻsεeε bεba nesoͻ no, n’agyapadeε no ho mma mfasoͻ mma no

    [12] Ɛyε nokorε sε, Yεn na yεkyerε kwan

    [13] Na εyε nokorε nso sε, Daakye no ne (saa wiase) a edi kan yi nyinaa yε Yεn dea

    [14] Enti Meretu mo fo fa Ogya tanaa no ho

    [15] Obi nnkͻ mu, gyesε otibͻneni no

    [16] (Otibͻneni) no a, ͻpo (Nokorε) na ͻdane n’akyi dema

    [17] Nyame-suroni no nso bεtwe ne ho afri (ogya tanaa no) ho

    [18] (Nyame-suroni) no a, oyi ne sika (Nyame nti) dete ne (kraa) ho no

    [19] Na enni (n’adwene mu) sε (ͻde papa a ͻreyε no) rehwehwε adom akatua bi afri obi hͻ

    [20] Na mmom ͻde hwehwε ne Wura Nyankopͻn Kokuroko no hͻ animuonyam

    [21] Na nokorε sε, n’ani bεgye (deε Nyankopͻn de bεma no no ho)

    Surah 93
    Ad-Duhaa

    [1] Mede Anͻpa-wia nhyerεnee no

    [2] Ne εberε a Anadwo ayε dinn no di nse sε

    [3] (Nkͻmhyεni), wo Wura Nyankopͻn mmpaa w’akyi, na N’ani nso nyae woho gyeԑ

    [4] Nokorε sε, Daakye no yε ma wo kyεn seesei

    [5] Na wo Wura Nyankopͻn bεkyε wo akyεdeε a, w’ani bεgye ho

    [6] W’annhu wo sε na wo yε agyanka, εna Ɔmaa wo tenaberε

    [7] Ɛna Ohunuu wo sε worehwehwε kwan tenenee no, εna Ɔkyerεε wo kwan

    [8] Ɛna Ohunuu wo sε ahia woͻ, εna Ɔmaa wonyaa wo ho

    [9] Enti awisiaa deε εnhyε no so

    [10] Na ͻsrεsrεfoͻ (anaa) obisafoͻ nso εnka n’anim (anaa) εmpamo no

    [11] Na mmom wo Wura Nyankopͻn adom no na bͻ ho dawuro

    Surah 94
    Ash-Sharh

    [1] (Nkͻmhyεni), Yemmuee anaa Yε’ntrεε w’akoma mu mmaa wo

    [2] Ɛna Y’ayi w’adesoa afri wo soͻ

    [3] (Adesoa) no a na emu yε duru (ma wo) wͻ w’akyi no

    [4] Ɛna Y’ama woso wͻ animuonyam mu

    [5] Nokorε sε, ahokyerε akyi ahotͻ na εwͻ hͻ

    [6] Nokorε sε, ahokyerε akyi ahotͻ na εwͻ hͻ

    [7] Enti sε wowie (adwuma a yεde ahyε wonsa no a) kͻso bͻ mmͻden

    [8] Na fa w’adwen ne wowerε nyinaa hyε wo Wura Nyankopͻn mu

    Surah 95
    At-Tiin

    [1] Mede Borͻdͻma ne Nkuu dua

    [2] Ne bepͻ Sinai

    [3] Ne saa ahotͻ Kuro yi (Maka) di nse sε

    [4] Nokorε, Y’abͻ onipa asi tebea papa paa so

    [5] Afei Yε’bεsan abrε no ase akͻ fͻm paa

    [6] Gyesԑ wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, wᴐn deε wͻn wͻ akatua (papa) a akwansideε biara nni ho anaasε εtoͻ nntwa da

    [7] Afei woi akyi εdeεn na εmma wonnye (Nyankopͻn) Atemmuo no nnie

    [8] Enti εnnyε Nyankopͻn ne atemmufoͻ no mu Otemmufo

    Surah 96
    Al-‘Alaq

    [1] Bͻ wo Wura Nyankopͻn a Ɔbͻͻ adeε no din na kenkan

    [2] (Wo Wura Nyankopͻn a) Ɔbͻͻ onipa firii mogya a abͻ toa mu

    [3] Kenkan na wo Wura Nyankopͻn ne Adom Hene no

    [4] Ɔno na Ɔde twerεdua kyerε adeε

    [5] Kyerε onipa adeε a onnim

    [6] Daabi, nokorε sε onipa te atua

    [7] Efirisε, ͻhwε neho sε ͻsombo

    [8] Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn hͻ ne (onipa) nnkyi

    [9] W’ahunu obi a osi

    [10] (Nyankopͻn) dͻnkͻ no kwan εberε a ɔrefrɛ Nyame

    [11] W’ahunu sε saa (nipa) no wͻ ͻkwan tenenee so

    [12] Anaasε ͻhyε (amanfoͻ) sε wͻ’nsuro Nyame nyε ahwεyie

    [13] W’ahunu sε obu (Nokorε) no sε atorͻsεm dane n’akyi dema

    [14] Anaasε onnim sε Nyankopͻn hunu (biribiara)

    [15] Daabi, sε w’annyae a, Yε’bεsͻ n’apampamu puaa no mu

    [16] Nkontomponi, debͻneεni apampam puaa no

    [17] Na ͻnfrε n’aboafoͻ

    [18] Na Yε’bεfrε (Amanehunu gya no mu Abͻfoͻ) Zabaaniya

    [19] Daabi, (Nkͻmhyεni) entie no, na mmom wodeε fa w’anim butu fͻm na twe woho bεn (Onyankopͻn)

    Surah 97
    Al-Qadr

    [1] Nokorε sε, Yesianee (Qur’aan) wͻ Tumi anaasԑ Nhyehyεε Anadwo no mu

    [2] Na εdeεn na εbεkyerε wo sεdeε Tumi anaa Nhyehyεε Anadwo no siteε

    [3] Tumi anaa Nhyehyεε Anadwo no (mu nhyira) kyεn bosome apem

    [4] Soro Abͻfoͻ ne Honhom no (Gabriel) siane (fri soro ba asaase so) wͻ (saa Anadwo no) mu wͻ wͻn Wura Nyankopͻn akwamma mu dema dwumadie biara

    [5] (Saa Anadwo no yε) asomdweε nko ara kosi sε ahomakye bεba

    Surah 98
    Al-Bayyina

    [1] Wͻn a w’apo nokorԑ a, wͻn wͻ wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu, ne abosomsomfoͻ no na wͻnntwee wͻn ho mfrii (neyεε bͻne ho) kͻpem sε, nyinasoͻ pefee no baa wͻn hͻ

    [2] Ɔsomafoͻ a ofiri Nyankopͻn hͻ rekenkan Nwoma a emu nsεm korͻgyee (kyerε wͻn)

    [3] Emu na Nwoma (a mmara nsεm ne ntotoeε pa ne ahyεdeε a), edi mmu no wͻ

    [4] Wͻn a ya’ma wͻn Nyamesom ho Nwoma no na wͻn ntεm mpaapaee, kͻpem akyire yi a, nyinasoͻ ne nkyerεkyerε mu pefee no baa wͻn hͻ

    [5] Yanhyε wͻn (sε wͻn nyε hwee) na mmom (deε yεhyεε wͻn) ne sε wͻ’nsom Nyankopͻn wͻ nokorε die mu, na wᴐ’nfa ᴐsom ma Ͻno nko ara wͻ anidie ne nokorε mu, na wͻnfrε Nyame wͻ nebrε mu, na wͻnyi Zaka; na εno ne ԑkwan a ԑkᴐ ͻsom a εtenee no soᴐ

    [6] Nokorε sε, wͻn a wͻ’po nokorԑ no a wͻn wͻ wͻn a yama wͻn Nyame som ho Nwoma no mu, ne abosomsomfoͻ no bεkͻ Amanehunu gyem. Wͻ’bεtena mu afe bͻͻ. Saa nkorͻfoͻ no ne abͻdeε bͻne no

    [7] Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻdeε papa no

    [8] Wͻn akatua wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ; (εne) Aheman no a εwͻ hͻ daa a nsubͻnten nenam aseε no. Emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ. Nyankopͻn agye wͻn atum, εna wͻn nso agye no atum. Saa akyεdeε (no) wͻ obi a osuro ne Wura Nyankopͻn

    Surah 99
    Az-Zalzala

    [1] Sε asaase woso ne nwosoeε no a

    [2] Na asaase yi n’adesoa no firi adi a

    [3] Na onipa ka sε: “Ɛdeεn na aba asaase soͻ a?”

    [4] Saa Da no asaase bεbͻ n’amaneε

    [5] Efirisε, wo Wura Nyankopͻn beyi no adi akyerε no

    [6] Saa Da no nnipa bepue akuoakuo sononkosononko akͻhwε wͻn nyuma

    [7] Obi a obedi dwuma pa bi a emu duro ketekete tesε aboboaa a (onipa) ani ntumi nhunu no (saa nipa no) behunu (naadeε)

    [8] (Saa ara) nso na obi a, obedi dwuma bͻne bi a emu duro ketekete tesε aboboaa a (onipa) ani ntumi nhunu no (ͻno nso) behunu (naadeε)

    Surah 100
    Al-‘Aadiyaat

    [1] Mede (apͻnkͻ a wͻ’rekͻ sa) na wͻ’retu mmirika home tehyeetehyee no

    [2] Ne wͻn tͻte a (etia εboͻ so a), na ate gya

    [3] Na wͻ’kͻto hyε (atamfoͻ no) so anͻpa tutuutu

    [4] Na εma mfuturo tu kͻ wiem

    [5] Na wͻ’bͻ wura (atamfoͻ no) dͻm no mu no di nse sε

    [6] Nokorε onipa ayi ne Wura Nyankopͻn boneayε

    [7] Ԑyε nokorε sε, ͻno ara di ho adanseε saa

    [8] Ԑyε nokorε nso sε onipa pε adepa paa ma no boro so

    [9] Anaasε onnim sε, sε adeε a εwͻ adaka-mena mu no firi adi a

    [10] Na adeε a εwͻ (onipa) akoma mu nso da adi a

    [11] Saa Da no nokorε sε (onipa behunu sε) wͻn Wura Nyankopͻn ne wͻn (dwuma a wͻ’diiε no ho) Amanebͻ Wura

    Surah 101
    Al-Qaari’a

    [1] Dede ne Gyegyeegye (Da) no

    [2] Ɛdeεn ne Dede ne Gyegyeegye (Da) no

    [3] Ɛdeεn na εbεkyerε wo sεdeε dede ne Gyegyeegye (Da) no siteε

    [4] (Ɛyε) Da a onipa bεyε sε akͻbͻnsͻ a, w’abͻ asanteε

    [5] Na mmepͻ nso bεyε sε aboa nwii a εrehu korͻ

    [6] (Saa Da no) obi a yεbεsusu (ne papa a ͻyͻeε na) emu bεyε duro (akyεn ne bͻne) no

    [7] Obenya asetena pa

    [8] Na mmom obi a ne (papa a ͻyͻeε) mu bεyε hare (akyεn ne bͻne) no

    [9] ‘Haawiya’ na εbεyε oni

    [10] Na εdeεn na εbεkyerε wo sεdeε ‘Haawiya’ no siteε

    [11] Ɛyε Ogya tanaa a, ano yε hye papaapa

    Surah 102
    At-Takaathur

    [1] (Wiase ahonyadeε) dodoͻ ho apere-apereε asi mo aso

    [2] (Mode no saa ara) kosi sε mobεkͻ akͻsra adakamena (anaasε mobewuo)

    [3] Daabi, sεdeε εteε biara no mobehunu

    [4] Daabi bio, sεdeε εteε biara no mobehunu

    [5] Daabi, sε anka monim no wͻ nimdeε pefee mu a

    [6] Anka nokorε sε mobehunu Amanehunu gya no (wͻ wiase)

    [7] Ansa na moahunu no ani kann (wͻ Atemmuda)

    [8] Afei saa Da no yεbebisa mo adom akyεdeε (a yεde maa mo degyee moani wͻ wiase) no ho asεm

    Surah 103
    Al-‘Asr

    [1] (Nyankopͻn) de εberε no di nse sε

    [2] Nokorε, onipa wͻ berεguo mu

    [3] Gyesε wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, na wͻ’de Nokorε no tu (amanfoͻ) foͻ, san de aboterε ne ntooboaseε no kasa kyerε (nnipa)

    Surah 104
    Al-Humaza

    [1] Due nka (onipa) biara a, odi nsekuro, yε wetεkyerε, ka nkyisεm

    [2] Saa (nipa) no a, waboa sika ano agu hͻ na ͻkan (na ͻnnfa bi nnyε Nyame adwuma no)

    [3] Ɔdwen sε ne sika no bεma no atena ase afe bͻͻ

    [4] Daabi da, ampa sε yεbεto no ama no akͻhwe Deε ebubu (biribiara) pasaa no mu

    [5] Na εdeεn na εbεkyerε wo Deε ebubu (biribiara) pasaa no

    [6] (Ɛyε) Onyankopͻn (abufuhyeε) gya bi a y’asͻ ano paa

    [7] A, epue wͻ (onipa) akoma mu

    [8] Nokorε sε yεde (saa gya no) bεkata wͻn so atwa ahyia

    [9] (Agu wͻn mpokyerε amantam wͻn) wͻ adum akεseε a εtrε bi mu

    Surah 105
    Al-Fiil

    [1] (Nkͻmhyεni), wonhunuu sεdeε wo Wura (Nyankopͻn) deyεε Asonofoͻ no

    [2] W’amma wͻn adwen (bͻne) no annyε kwa

    [3] Ɛberε a Ɔsomaa nnomaa akuo-akuo baa wͻn so

    [4] Maa wͻ’bεtotoo aboͻ a, yatoo a efri ‘Sijiil’ mu bobͻͻ wͻn

    [5] Yεε wͻn pasaa sε wira a mmoa aweε

    Surah 106
    Quraish

    [1] Deε akokwa Quraishfoͻ no

    [2] Deε akokwa wͻn a εne akwantuo a wͻ’tu no wͻ awͻ berε ne ahuhu berε mu no nti

    [3] Wͻnsom Efie woi (Ka’ba) Wura Nyankopͻn

    [4] (Nyankopͻn) no a, Ɔbͻ wͻn akͻnhoma fri ͻkͻm mu, na Ɔma wͻn akomatͻyamu firi ehuu mu no

    Surah 107
    Al-Maa’uun

    [1] W’ahunu nea ͻsom nkontompo som (anaa) ͻfa Atemmuo no atorᴐsԑm no

    [2] Saa (nipa no) bi ne obi a, ͻpamo agyanka

    [3] Na ͻnnhyε (amanfoͻ) sε wͻ’didi a wͻ’ma ahiafoͻ no nso bi

    [4] Enti due nka Nyamefrεfoͻ no

    [5] Wͻn a, wͻ’bu wͻn ani gu wͻn Nyamefrε soͻ no

    [6] Wͻn a wͻ’yε yεkyerε

    [7] Na wͻ’si mmoa ho kwan

    Surah 108
    Al-Kauthar

    [1] (Nkͻmhyεni), Y’akyε wo akyεdeε a εdͻͻso

    [2] Enti fa wo mpaebͻ ma wo Wura Nyankopͻn na bͻ okum afͻdeε

    [3] Nokorε sε, obia ͻtan woͻ no, ͻno na ͻyε ͻkͻntεkorͻ a n’ase ahyeε

    Surah 109
    Al-Kaafiruun

    [1] (Nkɔmhyɛni), ka sɛ: “(Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ

    [2] Mennsom adeε a mosom

    [3] Ɛna monso monnsom Nea mesom no

    [4] Na εmma sε mεsom adeε a moasom

    [5] Ɛna monso monnsom Nea mesom no

    [6] Mosom wͻ mo, menso mesom wͻ me

    Surah 110
    An-Nasr

    [1] Sε Nyankopͻn mmoa ne Nkonimdie no ba a

    [2] Wobehunu sε nnipa rewura Onyankopͻn som no mu akuo-akuo

    [3] Enti bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin na srε Nehͻ bͻnefakyε, nokorε sε Ɔno na Ɔde bͻne kyε

    Surah 111
    Al-Masad

    [1] Abii Lahab nsa asopa, na ͻbεsopa

    [2] N’ahonyadeε ne deε nensa aka biara ho mma mfasoͻ mma no

    [3] Yεbεhye no wͻ Ogya a εwͻ ogyaframa no mu

    [4] Ɔne ne yere no a, ͻsoa nnyentia no a

    [5] Ahoma a yawͻ no mmεsa gu nekͻn mu no

    Surah 112
    Al-Ikhlaas

    [1] (Nkͻmhyεni), ka sε: Ɔno Nyankopͻn Ɔyε Baako

    [2] Onyankopͻn, Ɔno na Ɔde Neho (na abͻdeε nyinaa dane no)

    [3] Wannwo ba, na obi nso annwo no

    [4] Na obiara nso ntesε Ɔno, anaasε yεde no susu no

    Surah 113
    Al-Falaq

    [1] Kasε: Mehwehwε ntwitwagyeε afiri Ahomakye Wura Nyankopͻn no hͻ

    [2] Ɛfa adeε a W’abͻ (biara) bͻne mu

    [3] (Mesan hwehwε sε, Ontwitwa nye me) wͻ esum mu bͻne mu, sε esum ba a

    [4] (Mesan mesu frε no sε ontwitwa nye me) wͻ Nkabrekyerefoͻ a wͻ’bͻ apͻ tete ntasuo gu soͻ no bͻne mu

    [5] (Mesu frε no bio sε, ontwitwa nye me) wͻ ahoͻyaafoͻ bͻne mu, sε wͻ’yε ahoͻyaa a

    Surah 114
    An-Naas

    [1] Kasε: “Mehwehwε ntwitwagyeε afiri nnipa Wura ( Nyankopͻn ) no hͻ

    [2] Ɔhene (a Ɔhwε) nnipa soͻ

    [3] Nnipa Nyankopͻn no

    [4] (Sε, wcntwitwa ngye me mfiri) ͻbonsam daadaafoͻ a, (ͻdaadaa nipa wie a) na w’atwe ne ho no bͻne mu

    [5] Ɔbonsam a ͻdaadaa nnipa wͻ akoma mu no

    [6] Ɛfa Jinn ne onipa bonsam (nyinaa bͻne mu)