Back to Languages

    Twi - Chapter 41

    Translation by Sheikh Haroun Ismaeel

    Verse 1

    Haa – Miim

    Verse 2

    (Woi yε) Adiyisεm a efri Ahummͻborͻ Hene Ɔdεεfoͻ Hene no hͻ

    Verse 3

    (Ɛyε) Nwoma a yakyerεkyerε emu nsεm no mu pefee; Qur’aan wͻ Arab (kasa mu) dema amanfoͻ a wͻ’nim

    Verse 4

    (Ɛyε) anigyesεm ne kͻkͻbͻ (Nwoma). Nanso dodoͻ no ara na atwe wͻn ho (afri ho) a enti wͻ’nntie

    Verse 5

    Deε wͻ’ka ne sε: “Y’akoma wͻ akatasoͻ mu wͻ deε morefrε yεn kͻ no, na akraa nso wͻ y’aso mu, na ntwaremu nso wͻ yε’ne wo ntεm, enti (kͻso) yε adwuma na nokorε sε yεn nso yε’reyε adwuma “

    Verse 6

    (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Meyε onipa tesε moara. Y’ayi akyerε me sε, mo Awurade no Ɔyε Awurade Baako, enti monfa kwan tenenee a εkͻ Nehͻ no so, na monsrε Nehͻ bͻnefakyε. Due nka wͻn a wͻ’de biribi bata Onyankopͻn ho no

    Verse 7

    Wͻn a wͻ’nnyi Zaka no, Daakye no wͻ’ne (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no

    Verse 8

    Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie na wͻre’di dwuma pa no wͻ akatua a εtoͻ ntwa da

    Verse 9

    (Nkͻmhyεni), ka sε: “Enti nokorε paa sε, moyi Nea Ɔde nna mmienu bͻͻ asaase no boniayε, san de biribi susu no? Abͻdeε nyinaa Wura no ne no

    Verse 10

    Na Ɔyεε mmepͻ de sisii soͻ, na Ohyiraa soͻ, εna Ɔde εnna nnan pεpεεpε hyehyεε εso nnuane no demaa wͻn a wͻ’bisa (akͻnhoma)

    Verse 11

    Afei Ɔdanee Neho kͻͻ soro, na εyε wisie, enti Ɔka kyerεε (ͻsoro) ne asaase sε: Mo mmienu monfa ahobraseε mmra, anaa momra no amemenemfe mu. Wͻ’kaa sε: ”Yεreba no wͻ ahobraseε mu“

    Verse 12

    Ɔde nna mmienu wiee ͻsoro nson; na Oyii ͻsoro no mu biara ahyεdeε kyerεε no. Ԑna Ɔde nkanea siesiee wiase soro no, (san yεε nkanea no) ban bͻ (a yεde pam abonsamfoͻ). Woi yε Otumfoͻ Nimdefoͻ no nhyehyεε

    Verse 13

    Sε wͻ’twi fa so a, εneε ka sε: “Merebͻ mo asotwee no ho kͻkͻ, asotwee a ԑtesε Aad ne Samuudfoͻ deε no “

    Verse 14

    Ɛberε a asomafoͻ no fri wͻn anim ne wͻn akyi baa wͻn hͻ (bεkaa sε): “Monhwε na moansom obiara gyesε Nyankopͻn nko ara no“. Asεm a wͻ’kaeε ne sε: “Sε anka Onyankopͻn pε (sε Ɔsoma obi) a anka Osianee Soro abͻfoͻ. Enti yε’deε deε yεde asoma mo no yεnnye nni

    Verse 15

    Enti Aadfoͻ no yεε ahomasoͻ wͻ asaase no so a wͻ’nni ho kwan (sε wͻ’yε). Deε wͻ’kaeε ne sε: “Hwan na neho yεden kyεn yεn? “Enti wͻ’nhunuu sε nokorε, Onyankopͻn no a Ɔbͻͻ wͻn no Ɔne Ɔhoͻdenfoͻ a Ɔkyεn wͻn? Na wͻ’ko tiaa Yεn nsεnkyerεnee no

    Verse 16

    Enti Yε’somaa mframa huhuu yunuyunu a ano yε den papaapa baa wͻn so wͻ nna bͻne bi mu, sεdeε Yε’bεma wͻn aka animguaseε asotwee no ahwε wͻ wiase ha. Daakye asotwee no bεyε animguaseε paa, na obiara nso mmoa wͻn

    Verse 17

    Samuudfoͻ nso Yε’kyerεε wɔn kwan no, nanso na wͻ’pε anifira (anaasε ͻyera) kyεn kwankyerε no. Enti ͻsεeε animguaseε asotwee no sͻͻ wͻn mu, εnam deε wͻn nsa kaeε no ho nti

    Verse 18

    Yε’gyee wͻn a wͻ’gye diiε no a na wͻ’suro Nyame no nkwa

    Verse 19

    Ɛda a yεbεboa Nyankopͻn atamfoͻ no ano aka wͻn so akͻ egya no mu no, wͻ’bεkͻ no akuo akuo

    Verse 20

    Kͻpem sε wͻ’bεba (asenni bea) hͻ, wͻn aso ne wͻn ani ne wͻn wedeε bedi adanseε atia wͻn wͻ dwuma a wͻ’diiε no ho

    Verse 21

    Wͻ’bεka akyerε wͻn wedeε no sε: “Adεn nti na modi adanseε atia yεn? ”Wͻn (wedeε no) bεka sε: “Onyankopͻn no a Ͻma biribiara kasa no na W’ama yεn akasa. Ɔno na Ɔbͻͻ mo wͻ εberε a edikan no, na Nehͻ na moasan aba no “

    Verse 22

    Moantumi amfa (moho) ansie (wͻ εberε a na moredi dwuma bͻne) sεdeε moaso ne moani ne mo wedeε bedi adanseε atia mo, na mmom modwenee sε deε moyε dodoͻ no Nyankopͻn Nnim

    Verse 23

    Moadwen (bͻne) a modwen faa mo Wura Nyankopͻn ho no na agu mo asuo anaa asopa mo, enti moabεka berεguofoͻ no ho

    Verse 24

    Enti sε wͻ’benya aboterε a, εneε egya no mu ne wͻn asetena. Sε wͻ’pε sε wͻ’yε biribi ma εsͻ (Nyankopͻn) ani a, wͻ’nnyε (nnipa) a wͻ’yε biribi ma εsͻ ani (wͻ saa Da no)

    Verse 25

    Na Y’ayi (abonsamfoͻ no) ayͻnkofoͻ ama wͻn (wͻ wiase), enti (abonsamfoͻ no) ma deε εwͻ wͻn anim ne deε εwͻ wͻn akyi no yε wͻn fε. Enti asεm no nokorε no atia wͻn fri Jinn ne nnipa aman-aman a w’adi wͻn anim kan atwamu kͻ no mu. Nokorε sε wͻn abrε agu

    Verse 26

    Deε boniayεfoͻ no kakyerε (wͻn ho) ne sε: “(Sε yεrekenkan) Qur’aan no a monhwε na moantie, (na mmom) monyε dede wͻ mu sεdeε mobεfa (wͻn) soͻ

    Verse 27

    Enti Yε’bεma wͻn a wͻ’nnye nnie no aka asotwee a ano yε den paa ahwε, na akatua bͻne paa na Yε’de betua wͻn deε na wͻ’yε no so ka

    Verse 28

    Amane hunu gyem ne Nyankopͻn atamfoͻ no akatua. Emu na wͻ’benya efie a wͻ’bεtena mu daa. (Woi yε) akatua ma (wͻn) εnam sε na wͻ’ko tia Nyankopͻn nsεnkyerεnee

    Verse 29

    Wͻn a wͻ’nnye nnie no bεka sε: “Ye’Wura Nyankopͻn, kyerε yεn wͻn a wͻn wͻ Jinn ne nnipa no mu a wͻ’yeraa yεn no na anka yε’ntiatia wͻn so wͻ yεn nan ase, na yεmerε wͻn ase korakora “

    Verse 30

    Nokorε sε, wͻn a wͻ’ka sε: ”Ya’Wurade ne Nyankopͻn na afei wͻ’agyina pintinn no, Soro abͻfoͻ siane ba wͻn so (wͻ εberε a wͻ’rewuo, bεka kyerε wͻn sε): Ɛmma monsuro, na momma mowerε nso nnho, na moma moani nye wͻ Soro aheman no a yahyε mo ho bͻ no ho

    Verse 31

    Yε’ne mo kyitaafoͻ wͻ wiase asetena no mu ne Daakye no nso; na mo wͻ deε mokraa kͻn dͻ biara wͻ (deε morekͻ) hͻ, na deε mobebisa biara nso monsa bεka

    Verse 32

    (Woi yε akyεdeε) a efiri Bͻnefakyε Wura, Mͻborͻhunufoͻ Hene no hͻ a yεde som hͻhoͻ

    Verse 33

    Hwan na ͻwͻ kasa pa kyεn obia ͻfrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ na (saa nipa) no di dwuma pa, na waka sε: “Nokorε meka Muslimifoͻ no ho? “

    Verse 34

    Papa ne bͻne nsε. Fa papa si (bͻne) kwan, na deε na anka ͻtan da wo ne no ntεm no ͻbεyε sε yͻnkoͻ a mobͻ kosua taferε

    Verse 35

    Ɛnyε obiara na obenya (saa adom yi), gyesε wͻn a wͻ’si aboterε, na εnyε obiara na obenya, gyesε obia ͻwͻ kyεfa a εsom bo paa

    Verse 36

    Sε naadaa sԑm bi fri ͻbonsam hͻ bԑdaadaa wo a hwehwε ntwitwagyeε fri Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no, na Ɔne Onimdefoͻ no

    Verse 37

    Nensεnkyerεnee no mu bi ne: Adesaeε ne adekyeε, ne awia ne bosome. Monhwε na moankoto amma awia anaa bosome, na mmom monkoto ma Nea Ɔbͻͻ wͻn no, sε (εyε nokorε sε) Ɔno nko ara na moresom no ampa a

    Verse 38

    Sε wͻ’yε ahomasoͻ a, εneε wͻn a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ no (a wͻ’ne Soro abͻfoͻ no) bͻ no abodin anadwo ne adekyeε na wͻ’mmerε (ho)

    Verse 39

    Nensεnkyerεnee no nso mu bi ne sε: Wohunu sε asaase awoͻ (anaa ͻpε asi soͻ a mfudeε biara nni soͻ); sε Ye’siane nsuo gu so a, na akanyan no na mfudeε afifi. Nea Onyane (asaase a awuo no) ampa sε Ɔno ara na Obenyane awufoͻ no. Nokorε sε Ɔwͻ tumi wͻ biribiara so

    Verse 40

    Nokorε sε wͻn a wͻ’sesa Yεn nsεm no, wͻ’nsumaa Yεn. Obi a Wusͻreε da no mu yεbεto no atwene egya no mu no na ͻyε, anaasε obi a ͻbεba asomdweε mu noa? Modeε monyε deε mopε. Nokorε sε N’ani tua deε moyε (nyinaa)

    Verse 41

    Nokorε sε, wͻn a wͻ’nnye Afutusεm no nnie wͻ εberε a abeduru wͻn hͻ no (benya asotwee). Nokorε sε (Qur’aan} yε Nwoma a εsom bo na edi mmu paa

    Verse 42

    Nkontompo ntumi mfiri animu anaa akyire mma mu da. (Ɛyε) Adiyisεm a efiri Onyansafoͻ, Ayeyie Wura Nyankopͻn no hͻ

    Verse 43

    (Nkͻmhyεni), asεm a wͻn aka akyerε woͻ biara no, wͻ’ka kyerεε asomafoͻ no a wͻ’dii w’anim kan no. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Otumfoͻ a ͻwͻ awerε tͻ a ano yε den paa

    Verse 44

    Sε Yε’yεε Qur’aan no wͻ potͻ kasa bi (mu) a, anka (Makafoͻ no) bεka sε: “Adεn na y’annyε emu nsεm no pefee (wͻ yεn kasaa mu)? Ɛdeεn (Nwoma na εwͻ) potͻ-kasa (mu) ne (Ɔsomafoͻ a ͻyε) Arabni?” (Nkͻmhyεni), ka sε: (Saa Nwoma yi) yε kwankyerε ne ayaresa (Nwoma) ma wͻn a wͻ’gye die no. Wͻn a wͻ’nnye nnie no deε akraa wͻ wͻn asom na wͻn ani afira (wͻ Qur’aan yi ho). Wͻ’ne amanfoͻ no a yεrefrε wͻn fri akyirikyiri no

    Verse 45

    Nokorε sε Yε’de Nwoma no maa Mose, nanso nkyinyeε baa mu. Sε εnyε asεm no na adikan wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ a, anka yabu wͻn ntεm atεn. Nokorε sε wͻn adwen nnsi pi wͻ (Qur’aan yi) ho

    Verse 46

    Obi a ͻyε papa no, ͻyε ma ne ho, na nea ͻyε bͻne no nso etia ͻno ara. Wo Wura Nyankopͻn deε Onni Nenkoa amim

    Verse 47

    Nehͻ nko ara na Dͻnhwere no ho nimdeε no wͻ; aduaba biara a εbefri n’abena mu afire, anaa ͻbaa biara a obeyinsεn anaasε ͻbεwoͻ no, ne (nyinaa) wͻ ne Nimdeε mu. Ԑda a yεbεfrε wͻn (abisa wͻn sε): “Wͻn a na mode wͻn bata Meho no wͻ hen no?” Wͻ’bεka sε: “Yε’rebͻ Wo amaneε sε (εnnε da yi) yεn mu biara nnihͻ a obetumi adi adanseε (sε Wowͻ obi a ͻka Wo ho)

    Verse 48

    Deε na kane no wͻ’su frε wͻn no ayi wͻn ama, wͻ’behunu sε wͻ’nni dwane-kͻbea (biara)

    Verse 49

    Onipa (Kaafir’ni) mmrε ho sε ͻsrε papa (fri Nyame hͻ), nanso sε bͻne bi to no a, na n’aba mu abu, na wapa aba

    Verse 50

    Nokorε sε, sε Yε’ma no ka Yεn hͻ ahummͻborͻ bi hwε wͻ akyire yi a ahokyerε bi too no a, nokorε deε ͻka nesε: “Woi firi me ara, na menye nni sε Dͻnhwere no bεba, na sε yεsan deme kͻ me Wura Nyankopͻn hͻ mpo a, mewͻ papa wͻ Nehͻ. Enti nokorε sε Yε’bεbͻ wͻn a wͻ’yii boniayε no dwuma (bͻne) a wͻ’diiε no ho amaneε, na Y’ama wͻn aka asotwee a emu yε duro ahwε

    Verse 51

    Sε Yε’de Y’adom bi dom onipa (Kaafirni) a, ͻdane ne ho de neho to neho so, na sε bͻne bi to no a, (εhͻ na) ͻbͻ mpaeε atenten

    Verse 52

    (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε moahunu, sε (Qur’aan yi)) firi Nyankopͻn hͻ na monnye nnie a, hwan na ͻwͻ yera mu kyεn obia ͻko tia (nokorε, na saa nipa no ayera kͻ) akyirikyiri? “

    Verse 53

    Yε’bεkyerε wͻn Yεn nsεnkyerεnee wͻ ewiem ne wͻn nnipa dua mu akͻpem sε εbεda adi ama wͻn sε, ampa, (Qur’aan no) ne Nokorε no. Enti εnsom bo sε, nokorε, wo Wura Nyankopͻn di biribiara ho Adanseε

    Verse 54

    Nokorε ampa sε, wͻn adwen nnsi wͻn pi wͻ wͻn Wura Nyankopͻn Nhyiamu (Da) no ho? Nokorε sε (Onyankopͻn) atwa biribiara ho ahyia