Back to Languages

    Twi - Chapter 44

    Translation by Sheikh Haroun Ismaeel

    Verse 1

    Haa – Miim

    Verse 2

    Mede Nwoma no a εda (biribiara) adi pefee no di nse sε

    Verse 3

    Nokorε, Ye’sianee (Qur’aan) no wͻ nhyira anadwo (Lailatul Qadr) no mu. Nokorε sε Yεn na Y’εbͻ (nnipa) kͻkͻ

    Verse 4

    (Saa anadwo no) mu na yεtoto dwumadie a edi mmu biara ho ntotoeε

    Verse 5

    Ahyεdeε a efiri Yεn hͻ. Nokorε sε Yεn na Yε’soma Asomafoͻ

    Verse 6

    (Ɛyε) ahummͻborͻ firi wo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, na Ɔne Onimdefoͻ no

    Verse 7

    Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfii Wura no, sε moadwen si mo pi ampa a

    Verse 8

    Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔma nkwa εna Okum; (Ɔne) mo Wura Nyankopͻn ne moagyanom tetefoͻ no nso Wura Nyankopͻn no

    Verse 9

    Aane, wͻn adwen nnsi wͻn pi, εna wͻ’redi agorͻ

    Verse 10

    Enti twεn εda no a wisie kumoo a εda adi pefee bεba ewiem no

    Verse 11

    Ɛbεkata nnipa so. (Boniayεfoͻ no bεka sε): “Woi yε asotwee a εyε ya paa

    Verse 12

    Ye‘Wura, yi asotwee no firi yεn so, Nokorε sε (afei deε) yε’yε agyidiefoͻ

    Verse 13

    Afutuo bεn bio, wͻ ԑberε a Ɔsomafoͻ aba wͻn hͻ rekyerεkyerε biribiara mu pefee

    Verse 14

    Nanso wͻ’dane wͻn ho firi ne ho, na wͻ’ka sε: obi na ͻkyerε no, ͻyε bͻdamfoͻ

    Verse 15

    Nokorε sε, Ye’beyi asotwee no (kakra). Nokorε sε mobεsan akͻ (mo bͻne no) mu

    Verse 16

    Ɛda a Yε’bεpari asͻ (wͻn) mu nsͻdene no, nokorε sε Yε’betua wͻn bͻne no so ka

    Verse 17

    Nokorε sε Yε’sͻͻ Faro nkorͻfoͻ a wͻ’dii wͻn anim kan no hwεe; na Ɔsomafoͻ Onimuonyamfoͻ no baa wͻn hͻ

    Verse 18

    (Bεka kyerεε wͻn) sε: ”Fa Onyankopͻn nkoa no mame“. Nokorε meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo

    Verse 19

    Na monhwε na moamma mohoso wͻ Nyankopͻn so. Nokorε sε mede tumi anaa nyinasoͻ pefee paa abrε mo

    Verse 20

    Mehwehwε ntwitwagyeε afiri me Wura nemo Wura Nyankopͻn no hͻ sε monnsi me aboͻ nnku me

    Verse 21

    Sε monnye me nni a monyae me komm

    Verse 22

    Enti (Mose) su frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “Saa nkorͻfoͻ yi yε nnipa bͻnefoͻ”

    Verse 23

    {Onyankopͻn ka kyerεε Mose sε}: “Fa Menkoa no nante anadwo, nokorε sε (Farao ne ne dͻm no) be ti mo

    Verse 24

    (Sε wone wo nkorͻfoͻ twa nsuo no wie a) gyae ͻpo a ayε dinn na emu akyekyε no Nokorε sε (Farao ne nenkorͻfoͻ) yε εdͻm a nsuo bεfa wͻn

    Verse 25

    Turo ne asutire dodoͻ sεn na wͻ’gyaaε

    Verse 26

    Ne mfuo ne adan pa

    Verse 27

    Ne nnepa a na wͻn anigye ho no

    Verse 28

    Saa na εteε. Yε’maa nnipa foforͻ bεtenaa wͻn anan mu

    Verse 29

    Enti ͻsoro ne asaase ansu wͻn, na yamma wͻn berε

    Verse 30

    Ampa sε Yε’gyee Israel mma no firii animguaseε asotwee no mu

    Verse 31

    (Yε’gyee wͻn) firi Farao nsam. Nokorε sε na ͻyε ahomasoͻ, na ͻka nsεmmͻnedifoͻ no ho

    Verse 32

    Ampa sε Yεde nimdeε yii (Israel mma) no maa wͻ’kyεn amansan no nyinaa (wͻ Mose berε so)

    Verse 33

    Yε’maa wͻn nsεnkyerεnee nso a nsͻhwε pefee wͻ mu

    Verse 34

    Nokorε sε saa nkorͻfoͻ (Qurashfoͻ) yi ka sε

    Verse 35

    “Ɛno ara ne yewuo a edi kan no, na yennyane yεn mfri owuo mu bio

    Verse 36

    Sε moyε nokwafoͻ ampa (sε yεbεsan anyane yεn afri owuo mu bio a) εneε momfa y’agya nom (a wͻn awuo no) mmra”

    Verse 37

    Saa nkorͻfoͻ yi na εyε, anaasε Tubbafoͻ no, ne wͻn a wͻ’dii wͻn anim kan noa? Yε’sεee wͻn (nyinaa) efirisε nokorε, na wͻ’yε abͻneεfoͻ

    Verse 38

    Ɛnnyε agodie nti na Yε’bͻͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ mfimfii no

    Verse 39

    Y’ammͻ ne mmienu wͻ (agorͻ so) na mmom nokorε nti, nanso wͻn mu pii nnim

    Verse 40

    Nokorε sε Aseni Da no yε εberε a yahyε ama wͻn nyinaa

    Verse 41

    (Ɛyε) Da a adamfoͻ ho mma mfasoͻ mma adamfoͻ bi, na wͻ’nnya mmoa nso

    Verse 42

    Gyesε obia Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no

    Verse 43

    Nokorε sε, dua Zaquum

    Verse 44

    Yε abͻneεfoͻ no aduane

    Verse 45

    Ɛtesε yaawa a yanane; ehuru wͻ (wͻn) yafunu mu

    Verse 46

    Tesε nsuo hyeε a εrehuro

    Verse 47

    (Yε’bεka akyerε Abͻfoͻ aniεdenfoͻ no sε): “Monyere no ntwe n’ase nkͻto Amanehunu gya no mfinfii

    Verse 48

    Na afei monhwie nsuohyeε asotwee ngu ne tiri so

    Verse 49

    “Ka hwε, (na w’adwen yε wo sε) wo ne otumfoͻ nimuonyamfoͻ no

    Verse 50

    Nokorε sε woi na na moadwen nnsi pi wͻ ho no

    Verse 51

    Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ baabi a ahotᴐ wͻ

    Verse 52

    Wͻ Aheman ne nsubͻnten mu

    Verse 53

    Wͻ’firafira serekye kyeme ntomapa duuduro bi ma wͻn anim kyerε wͻn ho wͻn ho anim

    Verse 54

    Saa (na εbεyε). Na Yε’de mmaa ahoͻfεfoͻ a wͻn ani-mma akεse-akεse bεka wͻn ho

    Verse 55

    Wͻ’de ahotᴐ bεfrε aduaba biara a (wͻ’pε)

    Verse 56

    Wͻ’nnka owuo nhwε (bio), gyesε owuo a edii kan no (ara), na Ɔbεbͻ wͻn ho ban afiri Amanehunu gya no asotwee no mu

    Verse 57

    (Woi yε) adom a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Ɛno ne nkonimdie kεseε paa no

    Verse 58

    Ampa sε Y’ama (Qur’aan yi) ayε mmrε wͻ wo kεterεma so sεdeε wͻ’bεkaeε

    Verse 59

    Enti wodeε twεn; nokorε sε wͻn (nso) retwεn